Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 6

Tumi a Ɔde Sɛe Ade—“Yehowa Yɛ Ɔko Mu Ɔkatakyi”

Tumi a Ɔde Sɛe Ade—“Yehowa Yɛ Ɔko Mu Ɔkatakyi”

1-3. (a) Ɛdɛn na na Egyptfo no pɛ sɛ wɔde yɛ Israelfo no? (b) Sɛn na Yehowa ko maa ne nkurɔfo?

 NÁ Israelfo no aka nsensɛnmu. Wɔkɔ a ɛnkɔ, wɔba a ɛmma. Wɔhwɛ benkum hwɛ nifa a, mmepɔw atenten na ɛtwetwere hɔ yi. Wɔhwɛ wɔn anim a, ɛpo na ɛda hɔ yi; wotwa a entwa. Wɔhwɛ wɔn akyi nso a, Egypt asraafo awudifo atirimɔdenfo na ɛsã wɔn yi. Ná wɔawe ataa so sɛ wɔbɛtɔre Israelfo no ase. a Ne nyinaa akyi no, Mose ka kyerɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo no sɛ wɔmmpa abaw. Ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ: “Yehowa ankasa bɛko ama mo.”—Exodus 14:14.

2 Ɛno mpo no, ɛbɛyɛ sɛ Mose su frɛɛ Yehowa, na Onyankopɔn kaa sɛ: “Adɛn nti na wusu frɛ me? . . . Fa wo poma no kyerɛ ɛpo no so, na emu bɛpae.” (Exodus 14:15, 16) Wo de, hwɛ nea esii. Bere a Yehowa ne Mose kasa wiei no, ɛhɔ ara na Yehowa ne ne bɔfo kasae, na mununkum dum no kodii Israelfo no akyi, na ɛbɛyɛ sɛ mununkum no trɛw yɛɛ sɛ ɔfasu, na egyee Israelfo no ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a Egyptfo no rentumi ntow nhyɛ wɔn so. (Exodus 14:19, 20; Dwom 105:39) Mose tenee ne nsa. Mframa a ano yɛ den bɔ faa ɛpo no so, na emu paee. Nsu no yɛɛ sɛ ɔfasu wɔ benkum ne nifa, na ɔkwan kɛse bɛdaa ɛpo no mu maa Israelfo no nyinaa tumi faa mu!—Exodus 14:21; 15:8.

3 Bere a Farao huu saa anwanwade no, na anka ɛsɛ sɛ ɔma n’asraafo no san wɔn akyi. Nanso ahantan nti, Farao kaa sɛ wɔntow nhyɛ Israelfo no so. (Exodus 14:23) Egyptfo no de mmirika sii ɛpo no mu sɛ wɔrekɔtow ahyɛ Israelfo no so. Nanso, ankyɛ na wɔn nteaseɛnam no nan fii ase hunhuanee, enti wɔantumi antow anhyɛ Israelfo no so. Bere a Israelfo no twaa ɛpo no wiei no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Teɛ wo nsa wɔ ɛpo no so na nsu no mmu mfa Egyptfo, wɔn nteaseɛnam, ne wɔn nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so no so.” Nsu a na ayɛ afasu no bu beguu mu, na ɛfaa Farao ne ne dɔm no!—Exodus 14:24-28; Dwom 136:15.

4. (a) Bere a Israelfo no duu Ɛpo Kɔkɔɔ no ho no, Yehowa kyerɛe sɛ ɔyɛ dɛn? (b) Sɛ ebinom te sɛ tumi a Yehowa wɔ no, ɛtɔ da a ɔde ko a, adwene bɛn na ebetumi aba wɔn tirim?

4 Nea Onyankopɔn yɛe de gyee Israelfo no wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no ma yehu ne ho nsɛm pii. Bere a Israelfo no duu Ɛpo Kɔkɔɔ no ho no, Yehowa kyerɛe sɛ ɔyɛ “ɔko mu ɔkatakyi.” (Exodus 15:3) Sɛ wote sɛ tumi a Yehowa wɔ no, ɛtɔ da a ɔde ko a, ɛdɛn na ɛba wo tirim? Ampa, ɔko ama nnipa bebree adi yaw ahu amane paa. Ɛtɔ da a, Onyankopɔn tumi no, ɔde kum nnipa. Ɛno nti, ɛyɛ wo sɛ ɛnyɛ papa sɛ wobɛbɛn no anaa?

Yehowa kyerɛe sɛ ɔyɛ “ɔko mu ɔkatakyi” wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho

Onyankopɔn Ko Nte Sɛ Nnipa Ko

5, 6. (a) Adɛn nti na ɛfata sɛ yɛfrɛ Onyankopɔn “asafo Yehowa”? (b) Onyankopɔn ko nte sɛ nnipa ko. Adɛn ntia?

5 Wohwɛ Bible mu a, wɔbɔ Onyankopɔn abodin sɛ “asafo Yehowa.” Wubehu saa abodin no bɛyɛ mpɛn ahanu aduosia wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu, na Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu nso, wubehu mmienu. (1 Samuel 1:11) Yehowa ne Otumfoɔ Pumpuni no, na odi abɔfo asafodɔm so. (Yosua 5:13-15; 1 Ahene 22:19) Saa abɔfo yi wɔ tumi paa, na ɛnyɛ den mma wɔn koraa sɛ wɔbɛsɛe Onyankopɔn atamfo. (Yesaia 37:36) Ɛnyɛ yɛn dɛ sɛ wobekum nnipa. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Onyankopɔn ko nte sɛ nnipa ko. Nnipa de, asɛm a ɛho nhia biara tumi kɔfa ɔko ba wɔn ntam. Asraafo ne amanyɔfo taa ka sɛ biribi pa bi nti na wɔkɔ ko, nanso bere nyinaa wobɛhwɛ no, na ɛyɛ anibere ne pɛsɛmenkominya na akɔfa ɔko no aba.

6 Nanso Yehowa de, onni ne koma akyi. Ɛnyɛ sɛ ofitii ara na ɔreyɛ biribi. Deuteronomium 32:4 ka sɛ: “Ɔbotan no, ɔyɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ, na n’akwan nyinaa teɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo a ntɛnkyea biara nni n’akwan mu, ɔtreneeni a obu atɛntrenee.” Onyankopɔn Asɛm kasa tia abufuhyew, atirimɔdensɛm, ne awudisɛm. (Genesis 49:7; Dwom 11:5) Enti Yehowa mfa ne tumi nsɛe ade kwa. Ɔntaa mfa ne tumi nkum nnipa, gye sɛ ɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. Ɛte sɛ asɛm a ɔmaa odiyifo Hesekiel kae no. Ɔkaa sɛ: “‘Nea mepɛ ne sɛ ɔbɔnefo bewu anaa? Ɛnyɛ nea m’ani gye ho mmom ne sɛ ɔbɛtwe ne ho afi n’akwan ho na wanya nkwa?’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.’”—Hesekiel 18:23.

7, 8. (a) Bere a na Hiob rehu amane no, ɛdɛn na odii mfomso kae? (b) Asɛm bɛn na Elihu kae a ɛmaa Hiob hui sɛ nea ɔno Hiob reka no nyɛ nokware? (d) Ɛdɛn na yebetumi asua afi Hiob asɛm no mu?

7 Ɛnde, adɛn nti na Yehowa de ne tumi sɛe ade? Ansa na yebebua saa asɛm no, ma yenni kan nhwɛ ɔtreneeni Hiob asɛm no. Satan kaa sɛ Hiob anaa onipa foforo biara nni hɔ a sɛ nsɔhwɛ to no a, obedi nokware ama Yehowa. Nea ɛbɛyɛ a nokware no bɛda adi nti, Yehowa maa kwan maa Satan sɔɔ Hiob hwɛe. Enti, Hiob yaree, ɔhweree n’agyapade, na ne mma nso wuwui. (Hiob 1:1–2:8) Ná Hiob nnim nea enti a ɔrehu amane, enti odii mfomso kaa sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara ɛnna Onyankopɔn retwe n’aso. Obisaa Onyankopɔn sɛ, adɛn nti na ‘watu n’ani asi no so,’ na ɔde no ayɛ ne “tamfo”?—Hiob 7:20; 13:24.

8 Aberante bi a ne din de Elihu maa Hiob hui sɛ asɛm a ɔno Hiob reka no nyɛ nokware. Elihu kaa sɛ: “Wugye di paa sɛ woyɛ ɔtreneeni, a enti woka sɛ, ‘Meteɛ sen Onyankopɔn’?” (Hiob 35:2) Ampa, ɛnyɛ papa sɛ yebenya adwene sɛ yenim nyansa kyɛn Onyankopɔn, na enye nso sɛ yɛbɛka sɛ ɔne yɛn anni no yiye. Elihu kaa sɛ: “Ɛrentumi mma da sɛ nokware Nyankopɔn no bɛyɛ bɔne! Na ɛrentumi mma da sɛ ade nyinaa so Tumfo no bɛyɛ adebɔne!” Akyiri yi, Elihu san kaa sɛ: “Ade nyinaa so Tumfo no de, sɛnea ɔte no, ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase; ne tumi sõ. Na n’atɛntrenee ne ne trenee bebrebe no, ɔremmu so da.” (Hiob 34:10; 36:22, 23; 37:23) Yebetumi anya ahotoso sɛ, Onyankopɔn de, ɔnko basabasa; ansa na ɔbɛko no, na ɛfata sɛ ɔyɛ saa. Momma yɛnkae saa asɛm yi bere a yɛrebɛhwɛ nea enti a, edu bere bi a, asomdwoe Nyankopɔn no ko no.—1 Korintofo 14:33.

Nea Enti a Edu Baabi a Asomdwoe Nyankopɔn No Ko

9. Adɛn nti na Onyankopɔn yɛ kronkron nanso ɔko?

9 Bere a Mose kamfoo Onyankopɔn sɛ ɔyɛ “ɔko mu ɔkatakyi” no, ɔsan kaa sɛ: “O Yehowa, anyame no mu hena na ɔte sɛ wo? Hena na ɔte sɛ wo, wo a wo kronkronyɛ nni ano?” (Exodus 15:11) Odiyifo Habakuk nso kyerɛw sɛ: “W’aniwa yɛ kronkron dodo sɛ ɛbɛhwɛ adebɔne, na wuntumi nhwɛ mma amumɔyɛ nkɔ so.” (Habakuk 1:13) Ɛwom, Yehowa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn, ɛnna ɔyɛ kronkron, ɔyɛ ɔtreneeni, na obu atɛntrenee nso. Esiane sɛ ɔyɛ kronkron na obu atɛntrenee nti, ɛtɔ da a, na ɛho abehia sɛ ɔde ne tumi sɛe ade. (Yesaia 59:15-19; Luka 18:7) Enti sɛ Onyankopɔn ko a, ɛnkyerɛ sɛ ɔnyɛ kronkron. Mmom, ɔyɛ kronkron nti na ɔko.—Exodus 39:30.

10. Ɛdɛn na na ɛsɛ sɛ Yehowa yɛ na ama ɔtan a ɛho asɛm wɔ Genesis 3:15 no afi hɔ? Nhyira bɛn na atreneefo benya?

10 Yɛnhwɛ nea esii bere a Adam ne Hawa, nnipa mmienu a Onyankopɔn dii kan bɔɔ wɔn no, tew atua tiaa Onyankopɔn no. (Genesis 3:1-6) Bere a wɔtew atua no, sɛ Yehowa anyɛ ho hwee a, anka ɔsɛee ne dibea sɛ Amansan Hene no. Esiane sɛ ɔyɛ trenee Nyankopɔn nti, na ɛsɛ sɛ obu wɔn kumfɔ. (Romafo 6:23) Wohwɛ Bible nkɔmhyɛ a edi kan no a, Yehowa kaa sɛ ɔtan bɛda ɔno Yehowa asomfo ne “ɔwɔ” no, anaa Satan, akyidifo ntam. (Adiyisɛm 12:9; Genesis 3:15) Ná Yehowa nim sɛ, gye sɛ ɔsɛe Satan ansa na ɔtan yi afi hɔ. (Romafo 16:20) Sɛ wɔsɛe Satan a, ɛbɛyɛ nhyira kɛse ama nnipa a wotie Onyankopɔn. Ɛba saa a, Satan rennaadaa nnipa bio, na asaase nyinaa bɛdan paradise. (Mateo 19:28) Enkosi sɛ saa bere no bɛba no, wɔn a wodi Satan akyi no bɛkɔ so asɔre atia wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, wɔbɛtan wɔn ani, na wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛyɛ ama wɔagyae Onyankopɔn som. Edu baabi a, Yehowa ko ma ne nkurɔfo.

Onyankopɔn Sɛe Abɔnefo

11. Adɛn nti na na ehia sɛ Onyankopɔn de nsuyiri ba asaase nyinaa so?

11 Mmere a Onyankopɔn gyee ne nkurɔfo no, baako ne Noa bere so Nsuyiri no. Genesis 6:11, 12 ka sɛ: “Na asaase asɛe wɔ nokware Nyankopɔn no ani so, na na amumɔyɛ ahyɛ so ma. Ampa, bere a Onyankopɔn hwɛɛ asaase no, ohui sɛ asɛe, efisɛ na ɔhonam nyinaa asɛe wɔn akwan wɔ asaase so.” Enti wohwɛ a, na Onyankopɔn bɛma kwan ama nnipabɔnefo asɛe apapafo kakra a na aka wɔ asaase so no anaa? Daabi. Yehowa hui sɛ, ehia sɛ ɔde nsuyiri ba asaase nyinaa so bɛsɛe nnipa a awudisɛm ne brabɔne aguare wɔn no.

12. (a) Ɛdɛn na Yehowa ka faa Abraham ‘aseni’ no ho? (b) Adɛn nti na Yehowa kaa sɛ ɔbɛsɛe Amorifo no?

12 Biribi a ɛte saa nti na Onyankopɔn de atemmu baa Kaananfo no so. Yehowa kaa sɛ Abraham aseni bi bɛba, na ɔno na asaase so mmusua nyinaa bɛfa ne so anya nhyira. Nea ɛbɛyɛ a saa atirimpɔw no bɛba mu no, Onyankopɔn kaa sɛ ɔde Kaanan asaase no bɛma Abraham asefo. Saa asaase no, wɔn a na ɛte so no, na wɔfrɛ wɔn Amorifo. Wugye di sɛ na ɛfata sɛ Onyankopɔn betu saa nkurɔfo no afi wɔn asaase so anaa? Yehowa kaa sɛ ɔbɛtwɛn mfe 400 ansa na watu wɔn afi asaase no so. Ɔkaa sɛ ɔbɛtwɛn akosi sɛ ‘Amorifo benya wɔn bɔne so akatua,’ anaa wɔn bɔne bɛyɛ ma abu so. b (Genesis 12:1-3; 13:14, 15; 15:13, 16; 22:18) Eduu saa bere no, na Amorifo bra asɛe pɔtɔɔ. Ná abosonsom ne awudisɛm ahyɛ Kaanan asaase so ma. Afei nso, na aguamansɛm a ɛkɔɔ twi kɔɔ brɛman nyinaa bi wɔ asaase no so. (Exodus 23:24; 34:12, 13; Numeri 33:52) Nkurɔfo a na wɔte asaase no so no, na wɔhyew wɔn mma wɔ ogya mu de wɔn bɔ afɔre. Enti wohwɛ a, Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron no bɛma ne nkurɔfo atena abɔnefo a wɔte saa mu? Daabi! Ɔkaa sɛ: “Asaase no ho agu fĩ, na mede ne bɔne ho akatua bɛba no so, na ɛbɛfe so nnipa agu.” (Leviticus 18:21-25) Nanso, ɛnyɛ obiara na Yehowa kum no. Kaananfo a na ɛwɔ koma pa te sɛ Rahab ne Gibeonfo no de, ogyee wɔn nkwa.—Yosua 6:25; 9:3-27.

Ɔko Ma Ne Din

13, 14. (a) Adɛn nti na na ehia sɛ Yehowa tew ne din ho? (b) Ɛdɛn na Yehowa yɛe de tew ne din ho?

13 Esiane sɛ Yehowa yɛ kronkron nti, ne din nso yɛ kronkron. (Leviticus 22:32) Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Wo din ho ntew.” (Mateo 6:9) Bere a Satan kekaa atosɛm faa Yehowa ne ne tumidi ho, a Adam ne Hawa tew Yehowa so atua wɔ Eden no, ɛmaa Onyankopɔn din ho guu fĩ. Ná Yehowa ntumi mmu n’ani ngu dinsɛe ne atuatew a ɛte saa so da. Ná ɛsɛ sɛ ɔtew ne din a wɔagu ho fĩ no ho.—Yesaia 48:11.

14 San hwɛ Israelfo no asɛm no bio. Ɛnam sɛ na Israelfo da so yɛ nkoa wɔ Egypt nti, na ayɛ sɛ ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham sɛ n’aseni so na asaase so mmusua nyinaa bɛfa anya nhyira no remma mu. Nanso, bere a Yehowa gyee Israelfo, na ɔyɛɛ wɔn ɔman no, ɔtew ne din ho. Enti odiyifo Daniel bɔɔ mpae kyerɛɛ Nyankopɔn sɛ: “O Yehowa yɛn Nyankopɔn, wo na wode nsa a ɛyɛ den yii wo man fii Egypt asaase so, a wode agye din.”—Daniel 9:15.

15. Adɛn nti na Yehowa gyee Yudafo no fii Babilon?

15 Wo de, hwɛ oo, bere a Daniel bɔɔ saa mpae no, na Yudafo no pɛ sɛ Yehowa san gye wɔn bio de tew ne din ho. Saa bere no de, Yudafo no asoɔden nti, na yɛatu wɔn ase kɔ Babilon. Wɔn ahenkurow Yerusalem nso, na wɔasɛe no pasaa. Ná Daniel nim sɛ, sɛ Yehowa de Yudafo no san ba wɔn kurom a, ɛbɛhyɛ Yehowa din anuonyam. Enti Daniel bɔɔ mpae sɛ: “O Yehowa, fa kyɛ yɛn. O Yehowa, yɛ aso tie yɛn na keka wo ho! O me Nyankopɔn, wo din nti, ntwentwɛn wo nan ase, efisɛ wo din na ɛda wo kurow ne wo man so.”—Daniel 9:18, 19.

Ɔko Ma Ne Nkurɔfo

16. Sɛ Yehowa ko ma ne din a, ɛkyerɛ sɛ odwen ɔno nko ara ne ho anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

16 Sɛ Yehowa ko ma ne din a, ɛkyerɛ sɛ odwen ɔno nko ara ho na obiara asɛm mfa ne ho anaa? Daabi, efisɛ sɛ ɔko ma ne din de kyerɛ sɛ ɔyɛ kronkron, na sɛ obu atɛntrenee a, ɛma ɔbɔ ne nkurɔfo ho ban nso. Fa Genesis ti 14 yɛ nhwɛso. Bible ka wɔ hɔ sɛ ahemfo nnan bi kyeree Abraham wɔfase Lot ne n’abusua kɔe. Onyankopɔn boaa Abraham maa no dii asraafodɔm a na wɔn ho yɛ den paa no so nkonim ma ɛyɛɛ nwanwa! Sɛ wohwɛ “Yehowa Akodi nhoma no” mu a, ɛbɛyɛ sɛ saa nkonimdi yi na wodii kan kyerɛw wom. Akodi bi a wɔanka ho asɛm wɔ Bible mu no, wɔakyerɛw ɛno nso ho asɛm wɔ saa nhoma no mu. (Numeri 21:14) Ná nkonimdi pii bedidi so aba.

17. Bere a Israelfo duu Kaanan asaase no so no, ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa ko maa ne nkurɔfo? Ma ɛho nhwɛso.

17 Aka kakra ama Israelfo adu Kaanan asaase no so no, Mose maa wɔn awerɛhyem sɛ: “Yehowa mo Nyankopɔn bedi mo anim, na ɔbɛko ama mo sɛnea mo ankasa muhui sɛ ɔyɛ maa mo wɔ Egypt no.” (Deuteronomium 1:30; 20:1) Nokwarem no, Yehowa ko maa ne nkurɔfo, na ɔma wodii nkonim akɛse akɛse wɔ wɔn atamfo so. Saa nkonimdi yi hyɛɛ ase fii Yosua a obesii Mose anan no so, na ɛtoaa so besii atemmufo no bere so de kosii ahemfo a wodii nokware wɔ Yuda no so.—Yosua 10:1-14; Atemmufo 4:12-17; 2 Samuel 5:17-21.

18. (a) Adɛn nti na yebetumi agye adi sɛ Yehowa nsesae? (b) Sɛ ɔtan a wɔaka ho asɛm wɔ Genesis 3:15 no mu yɛ den paa a, ɛdɛn na ebesi?

18 Yehowa nsesae, na ne tirim a wabɔ sɛ ɔbɛma asaase yi adan paradise a asomdwoe wom no nso, ɛnsesae. (Genesis 1:27, 28) Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, Onyankopɔn kyi abɔnefosɛm. Na ne nkurɔfo de, ɔdɔ wɔn paa; ɛrenkyɛ koraa, obegye wɔn. (Dwom 11:7) Nokwarem no, ɔtan a wɔkaa ho asɛm wɔ Genesis 3:15 no, ɛrenkyɛ, emu bɛyɛ den yiye, na atamfo bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so ateetee wɔn paa. Nea ɛbɛyɛ na Yehowa atew ne din ho na wabɔ ne nkurɔfo ho ban no, ɔbɛsan akyerɛ sɛ ɔyɛ “ɔko mu ɔkatakyi”!—Sakaria 14:3; Adiyisɛm 16:14, 16.

19. (a) Sɛnea Onyankopɔn de tumi a ɔde sɛe ade yɛ adwuma no, fa mfatoho kyerɛ nea enti a ebetumi ama yɛabɛn no. (b) Sɛnea Onyankopɔn anigye ho sɛ ɔbɛko ama yɛn no, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn sɛn?

19 Wo de, fa no sɛ aboa bi atow ahyɛ ɔbarima bi yere ne ne mma so, ɛnna ɔbarima no akokum aboa no agye wɔn. Wohwɛ a, ɔbarima no yere ne ne mma bo befuw no sɛ wakum aboa no agye wɔn anaa? Daabi, mmom wobehu sɛ ɔdɔ wɔn, enti wɔbɛda no ase paa sɛ wagye wɔn. Yɛn nso, sɛ Onyankopɔn de ne tumi sɛe ade a, enni sɛ ɛno ma yɛtwe yɛn ho fi ne ho. Ɛno koraa na ɛsɛ sɛ ɛma yɛdɔ no paa, efisɛ ko a ɔko no, ɔde bɔ yɛn ho ban. Afei nso, ne tumi a enni ano no nti, ɛsɛ sɛ obu a yɛwɔ ma no no yɛ kɛse. Ɛbɛma ‘yɛasom Onyankopɔn sɛnea ɔpɛ wɔ onyamesuro ne ahopopo mu.’—Hebrifo 12:28.

Bɛn “Ɔko Mu Ɔkatakyi” No

20. Yehowa akodi a ɛho nsɛm wɔ Bible mu no, sɛ yɛnte bi ase yiye a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na adɛn ntia?

20 Nokwarem no, ɔko a Yehowa ko no, ɛnyɛ ne nyinaa na Bible kyerɛkyerɛ mu ma yehu nea enti a ɔko. Nanso ade baako a yenim ne sɛ: Yehowa tumi a ɔde sɛe ade no, ɔmfa nsɛe ade basabasa, ɔmfa nsisi nkurɔfo, na ɔmfa nni awurukasɛm. Mpɛn pii no, sɛ yɛkan Bible mu asɛm bi, na yɛhwɛ nea ɛma wɔkaa saa asɛm no, na yɛhwehwɛ ɛho nsɛm foforo a, ɛma yɛte ase yiye. (Mmebusɛm 18:13) Wei nyinaa akyi no, sɛ yɛante ase a, nea ɛwɔ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yebesua Yehowa ho ade pii na yɛadwinnwen ne suban a ɛyɛ fɛ no ho akɔ akyiri. Sɛ yɛyɛ wei a, yebehu sɛ yɛwɔ nneɛma pii a yebegyina so anya yɛn Nyankopɔn Yehowa mu awerɛhyem.—Hiob 34:12.

21. Yehowa yɛ “ɔko mu ɔkatakyi” de, nanso sɛn paa na ɔte?

21 Sɛ ehia sɛ Yehowa ko a, ɔyɛ ne ho “ɔko mu ɔkatakyi,” nanso wei nkyerɛ sɛ ntɔkwa yɛ ne dɛ. Bere a Hesekiel nyaa anisoadehu a ohuu ɔsoro teaseɛnam no, ohui sɛ Yehowa ayɛ krado sɛ ɔne n’atamfo rekɔko. Nanso Hesekiel hui sɛ nyankontɔn atwa Onyankopɔn ho ahyia, na nyankontɔn nso de, ɛyɛ asomdwoe ho sɛnkyerɛnne. (Genesis 9:13; Hesekiel 1:28; Adiyisɛm 4:3) Biribiara kyerɛ sɛ, Yehowa dwo na ɔpɛ asomdwoe. Ɔsomafo Yohane kyerɛw sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Yehowa suban no, ɔde ebiara yɛ adwuma sɛnea ɛfata. Onyankopɔn wɔ tumi, nanso ɔyɛ ɔdɔ. Enti ɛyɛ akwannya kɛse paa na yɛanya sɛ yebetumi abɛn no!

a Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ sɛ, “nteaseɛnam 600, asraafo 50,000 a wɔtete apɔnkɔ so, ne asraafo a wɔnam fam a wɔn dodow bɛyɛ 200,000 na na ɛsã” Hebrifo no.—Jewish Antiquities, II, 324 [xv, 3].

b Ɛda adi sɛ “Amorifo” a wɔde yɛɛ adwuma wɔ ha no fa Kaananfo nyinaa ho.—Deuteronomium 1:6-8, 19-21, 27; Yosua 24:15, 18.