Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 7

Tumi a Ɔde Bɔ Ne Nkurɔfo Ho Ban—“Onyankopɔn Yɛ Yɛn Guankɔbea”

Tumi a Ɔde Bɔ Ne Nkurɔfo Ho Ban—“Onyankopɔn Yɛ Yɛn Guankɔbea”

1, 2. Bere a Israelfo duu Sinai mpɔtam hɔ wɔ afe 1513 A.Y.B. mu no, ɛdɛn na na ɛma ɛhɔ yɛ hu? Ɛdɛn na Yehowa kae a ɛmaa wɔn koma tɔɔ wɔn yam?

 NÁ ƐYƐ afe 1513 A.Y.B. mfiase. Saa bere no, na Israelfo no adu Sinai mpɔtam, na na ɛhɔ yɛ hu paa. Ɔkwan a na wɔrebetwa no, na ɛso yɛ hu sɛ. Baabi a na wɔn akwantu no de wɔn bɛkɔ akɔfa no, na ɛhɔ yɛ “sare kɛse a ɛso yɛ hu a awɔ a wɔn ano wɔ bɔre ne nkekantwɛre ahyɛ so ma.” (Deuteronomium 8:15, The New English Bible) Yɛreka yi nso, na aman a wɔtan Israelfo no betumi atow ahyɛ wɔn so. Wɔn Nyankopɔn Yehowa na na wama ne nkurɔfo no aba saa tebea yi mu. Enti wohwɛ a, obetumi abɔ wɔn ho ban ni?

2 Asɛm yi a Yehowa ka kyerɛɛ wɔn no maa wɔn koma tɔɔ wɔn yam paa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ankasa moahu nea mede yɛɛ Egyptfo no; mesoaa mo sɛnea ɔkɔre soa ne mma wɔ ne ntaban so de mo baa me nkyɛn.” (Exodus 19:4) Yehowa kaee ne nkurɔfo no sɛ ogyee wɔn fii Egyptfo no nsam te sɛ nea ɔkɔre asoa wɔn ne ntaban so, na ɔde wɔn koduu dwoodwoo. Nanso nneɛma foforo bi wɔ hɔ a enti yebetumi de Onyankopɔn ahobammɔ atoto “ɔkɔre ntaban” ho ama no afata.

3. Adɛn nti na yebetumi de Onyankopɔn ahobammɔ atoto “ɔkɔre ntaban” ho?

3 Ɔkɔre ntaban atɛtrɛtɛ a ahoɔden wom no, ɛnyɛ tu nko ara na ɔde tu. Sɛ ɔkɔre trɛw ne ntaban mu a, ne tenten bɛyɛ mita mmienu. Sɛ awia bɔ paa a, ɔtrɛw ne ntaban mu te sɛ kyiniiɛ de kata ne mma so na awia anhye wɔn. Sɛ awɔw ba a, ɔde ne ntaban kata ne mma ho sɛnea ɛbɛyɛ a awɔw renne wɔn. Sɛnea ɔkɔre bɔ ne mma ho ban no, saa ara na na Yehowa abɔ ne man Israel ho ban. Seesei a Onyankopɔn nkurɔfo no abedu sare no so no, sɛ wɔkɔ so di nokware ma no a, wɔbɛkɔ so anya ahobammɔ wɔ ne ntaban kɛse no nwini ase. (Deuteronomium 32:9-11; Dwom 36:7) Ɛnnɛ nso ɛ, Onyankopɔn bɔ ne nkurɔfo ho ban anaa?

Yehowa Ahyɛ Bɔ Sɛ Ɔbɛbɔ Ne Nkurɔfo Ho Ban

4, 5. Ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban no, adɛn nti na yebetumi anya mu awerɛhyem?

4 Yehowa betumi abɔ n’asomfo ho ban ama bi aka. Ɔno ne “ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn.” Saa abodin no ma yehu sɛ ne tumi nti, ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribi a, obiara rentumi nsiw no kwan. (Genesis 17:1) Sɛnea ɛpo asorɔkye rebɔ a, biribiara ntumi nsiw no kwan no, saa ara na sɛ Yehowa de ne tumi reyɛ adwuma a, biribiara ntumi nsiw no kwan. Esiane sɛ Yehowa tumi yɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ biara nti, ebia yebebisa sɛ, ‘Yehowa pɛ sɛ ɔde ne tumi bɔ ne nkurɔfo ho ban anaa?’

5 Mmuae no yɛ aane! Yehowa ama ne nkurɔfo anya awerɛhyem sɛ ɔbɛbɔ wɔn ho ban. Dwom 46:1 ka sɛ: “Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden, ahohia mu boafo a ɔwɔ hɔ daa.” Esiane sɛ Onyankopɔn ‘ntumi nni atoro’ nti, yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ, ɛbɔ a wahyɛ sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban no, obedi so. (Tito 1:2) Ma yɛnhwɛ mfatoho bi a Yehowa ayɛ, ɛbɛma yɛate sɛnea ɔbɔ yɛn ho ban no ase yiye.

6, 7. (a) Bere a wɔrekyerɛw Bible no, sɛn na na oguanhwɛfo bɔ ne nguan ho ban? (b) Mfatoho bɛn na ɛwɔ Bible mu a ɛma yehu sɛ Yehowa ayi ne komam sɛ ɔbɛbɔ ne nguan ho ban na wayɛ wɔn brɛbrɛ?

6 Yehowa yɛ yɛn Hwɛfo, na “yɛyɛ ne man ne n’adidibea nguan.” (Dwom 23:1; 100:3) Sɛ yɛreka mmoa a wɔhia ahobammɔ paa a, nguan ka ho. Bere a wɔrekyerɛw Bible no, sɛ obi yɛ oguanhwɛfo a, na ɛsɛ sɛ onya akokoduru sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi abɔ ne nguan ho ban afi agyata, mpataku, asisi, ne akorɔmfo ho. (1 Samuel 17:34, 35; Yohane 10:12, 13) Nanso, edu mmere bi a, na ɛsɛ sɛ oguanhwɛfo no yɛ nguan no bɔkɔɔ na watumi abɔ wɔn ho ban. Sɛ oguan bi anwo wɔ nguammuw mu na ɔkɔwo baabi a, ɛnam sɛ oguan a wawo foforo no nni ahoɔden nti, oguanhwɛfo a odwen ne nguan ho no bɔ oguan no ho ban. Afei, oguanhwɛfo no fa oguan ba a wawo no tɛkyɛɛ no de no ba nguammuw no mu.

‘Obeturu wɔn wɔ ne kokom’

7 Yehowa de ne ho totoo oguanhwɛfo ho, sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya awerɛhyem sɛ wayi ne komam sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban. (Hesekiel 34:11-16) Kae Yehowa ho asɛm a ɛwɔ Yesaia 40:11 a yesusuw ho wɔ nhoma yi Ti 2 no mu no. Ɛhɔ ka sɛ: “Ɔbɛhwɛ ne nguan sɛ oguanhwɛfo. Ɔde ne basa bɛboaboa nguan mma no ano, na waturu wɔn wɔ ne kokom.” Ɛyɛ dɛn na oguan ba tumi kɔhyɛ oguanhwɛfo “kokom,” kyerɛ sɛ, ne soro ataade ntwontwo mu? Ebia oguan ba no bɛkɔ oguanhwɛfo no nkyɛn, na ɔde ne ho akotwitwiw ne nan ho mpo. Nanso, oguanhwɛfo no na ɛsɛ sɛ ɔkotow fa oguan ba no, na ɔde no hyɛ ne kokom brɛoo. Wei ma yehu sɛ yɛn Guanhwɛfo Kɛse Yehowa ayi ne komam sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban na wayɛ yɛn brɛbrɛ!

8. (a) Henanom na Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ wɔn ho ban, na sɛn na Mmebusɛm 18:10 aka ho asɛm? (b) Sɛ obi benya ahobammɔ wɔ Onyankopɔn din mu a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

8 Ɛnyɛ obiara kɛkɛ na Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ ne ho ban. Wɔn a wɔtwe bɛn no nko ara na wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ wɔn ho ban. Mmebusɛm 18:10 ka sɛ: “Yehowa din yɛ abannennen. Emu na ɔtreneeni guan kɔ, na onya ahobammɔ.” Bere a wɔrekyerɛw Bible no, ɛtɔ da a na nkurɔfo sisi abantenten wɔ sare so de yɛ guankɔbea. Nanso, sɛ asɛm reyɛ ato obi na ɔrepɛ ahobammɔ a, ɔno na na ɛsɛ sɛ oguan kɔ abantenten no mu. Saa ara na guankɔbea a yɛhwehwɛ wɔ Onyankopɔn din mu no te. Sɛ yɛrehwehwɛ guankɔbea wɔ Onyankopɔn din mu a, ɛnyɛ Onyankopɔn din no nko ara na ɛsɛ sɛ yɛbɔ. Onyankopɔn din nyi nkonyaa, enti ɛnyɛ ne din no kɛkɛ a yɛbɛbɔ no na ɛbɛma yɛanya ahobammɔ. Mmom no, ɛsɛ sɛ yehu Onii a okura saa din no, na yɛde yɛn ho to no so. Afei nso, ɛsɛ sɛ yetie no na yedi ne mmara so. Yehowa yam ye paa, efisɛ wahyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ yegye no di a, ɔbɛyɛ abannennen ama yɛn, na wabɔ yɛn ho ban!

“Yɛn Nyankopɔn . . . Betumi Agye Yɛn”

9. Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ Yehowa ano kwa na ɔde ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ ne nkurɔfo ho ban?

9 Ɛnyɛ Yehowa ano kwa na ɔde ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban. Sɛ yɛkenkan Bible a, yehu sɛ tete no, ɔyɛɛ anwanwade pii de kyerɛe sɛ otumi bɔ ne nkurɔfo ho ban. Israel man no sei, Yehowa de ne tumi “nsa” no gyee wɔn fii wɔn atamfo a wɔn ho yɛ den nsam mpɛn pii. (Exodus 7:4) Yehowa de ne tumi bɔɔ ankorankoro bi nso ho ban.

10, 11. Bible mu nsɛm bɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa de ne tumi bɔɔ ebinom ho ban?

10 Bere a Hebrifo mmerante mmiɛnsa bi a yɛfrɛ wɔn Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego ankotow Ɔhene Nebukadnesar sika honi no, ɔhene no bo fuwii, na ohunahunaa wɔn sɛ ɔde wɔn begu fononoo a ogya redɛw buruburuburuw wom no mu. Nebukadnesar, ɔhene a saa bere no, na ɔwɔ tumi sen obiara wɔ asase so no twaa Onyankopɔn mpoa sɛ: “Onyame bɛn na obetumi agye mo afi me nsam?” (Daniel 3:15) Ná mmerante mmiɛnsa no wɔ awerɛhyem paa sɛ wɔn Nyankopɔn no wɔ tumi a ɔde bɛbɔ wɔn ho ban, nanso wɔannya adwene sɛ nea ɛbɛyɛ biara ɔbɛbɔ wɔn ho ban. Enti, wɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: “Sɛ ɛba no saa a, yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no betumi agye yɛn.” (Daniel 3:17) Asɛm no ne sɛ, wɔmaa fononoo no mu yɛɛ hyew mpɛn nson kyɛn sɛnea na wɔtaa yɛ no no, nanso wɔn Nyankopɔn a ne tumi kyɛn obiara no ani so de, na ɛnyɛ hwee koraa. Onyankopɔn bɔɔ wɔn ho ban, na ɛmaa ɔhene no gye toom kaa sɛ: “Onyame biara nni hɔ a obetumi agye onipa sɛ oyi.”—Daniel 3:29.

11 Yehowa yɛɛ biribi foforo nso a ɛyɛ nwanwa paa a ɛma yehu sɛ ɔwɔ tumi a ɔde bɔ nneɛma ho ban. Ɛne sɛ, oyii ne Ba a ɔwoo no koro no nkwa bɛhyɛɛ Yudani baabun Maria yam. Ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Maria sɛ ‘obenyinsɛn, na wawo ɔbabarima.’ Ɔbɔfo no san kaa sɛ: “Honhom kronkron bɛba wo so, na Ɔsorosoroni no tumi bɛkata wo so.” (Luka 1:31, 35) Saa bere no, na Onyankopɔn Ba no hia ahobammɔ paa. Yemmisa sɛ, bɔne ne sintɔ a ɛwɔ Maria ho no, na ebi bɛka akwadaa a ɔda ne yam no anaa? Ná Satan betumi apira akwadaa a ɔda yafunu mu no anaasɛ na obetumi akum no? Daabida! Yehowa bɔɔ Maria ho ban paa wɔ ne nyinsɛn mu, enti, na sintɔ biara, wudini biara, anaa adaemone biara rentumi nsɛe akwadaa a ɔda yafunu mu no. Bere a Yesu renyin no, Yehowa kɔɔ so bɔɔ ne ho ban. (Mateo 2:1-15) Onyankopɔn kɔɔ so bɔɔ ne Dɔba no ho ban kosii sɛ ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre.

12. Adɛn nti na tete no, Yehowa yɛɛ anwanwade de bɔɔ ne nkurɔfo bi ho ban?

12 Adɛn nti na Yehowa yɛɛ anwanwade de bɔɔ ne nkurɔfo bi ho ban? Mpɛn pii no, ɛnyɛ nnipa no nti na ɔyɛɛ anwanwade no. Mmom, biribi a ɛho hia paa nti na ɔyɛɛ saa. Ɛno ne sɛ n’atirimpɔw bɛba mu, efisɛ n’atirimpɔw ho hia no paa sen onipa biara. Wo de hwɛ oo, bere a Yesu yɛ akwadaa no, na ehia paa sɛ Onyankopɔn bɔ ne ho ban ma ɔtena nkwa mu efisɛ ɛno na na ɛbɛma Onyankopɔn atirimpɔw aba mu na akowie sɛ nnipa nyinaa betumi anya daa nkwa. Anwanwade a Yehowa yɛe de bɔɔ n’asomfo ho ban no, ɔhwɛ maa wɔkyerɛw ne nyinaa wɔ Bible mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akan. Saa nsɛm no nyinaa, “wɔakyerɛw sɛ ɛnkyerɛkyerɛ yɛn, na yɛnam yɛn animia ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.” (Romafo 15:4) Ampa, saa nsɛm no nyinaa hyɛ yɛn gyidi den wɔ yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ tumi nyinaa wura no mu. Nanso ɛnnɛ, ahobammɔ bɛn na yebetumi ahwɛ kwan afi Onyankopɔn hɔ?

Ɛnnɛ Onyankopɔn Bɔ Yɛn Ho Ban Fi Adebɔne Biara Ho Anaa?

13. Ɛyɛ nhyɛ sɛ Yehowa de ne tumi twitwa gye yɛn anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

13 Ɛwom sɛ Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban de, nanso ɛnyɛ nhyɛ sɛ ɔde ne tumi bɔ yɛn ho ban. Nokwasɛm ni, yɛn Nyankopɔn no nhyɛɛ yɛn bɔ sɛ amanehunu biara rento yɛn wɔ wiase wei mu. Yehowa asomfo anokwafo pii fa amanehunu a emu yɛ yaw mu; ebi ne ohia, ɔko, yare, ne owu. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no pefee sɛ, wɔn gyidi nti, wɔbetumi akunkum wɔn mu bi. Ɛno nti na Yesu sii so dua sɛ yemmia yɛn ani nnyina mu nkosi awiei no. (Mateo 24:9, 13) Sɛ Yehowa de ne tumi twitwa gye yɛn biribiara mu a, ɛbɛma Satan atwa Yehowa adapaa, na yɛn nso, ɔbɛka sɛ ɛnyɛ ɔdɔ a yɛdɔ Onyankopɔn nti na yɛsom no, na mmom n’ahobammɔ a yɛrepɛ ntia.—Hiob 1:9, 10.

14. Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa mmɔ n’asomfo nyinaa ho ban pɛpɛɛpɛ?

14 Tete mmere mu mpo, ɛnyɛ Yehowa asomfo no nyinaa na ɔde ne tumi gyee wɔn fii owu mu. Wo de, hwɛ obi te sɛ ɔsomafo Yakobo. Herode kum no bɛyɛ afe 44 Y.B. mu, nanso ɛno akyi pɛɛ no, Yehowa gyee Petro ‘fii Herode nsam.’ (Asomafo Nnwuma 12:1-11) Yakobo nua Yohane nso tenaa ase kyɛ senee Petro ne Yakobo nyinaa. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ yɛn Nyankopɔn no bɛbɔ n’asomfo nyinaa ho ban pɛpɛɛpɛ. Afei nso, ‘asiane to yɛn nyinaa bere a yɛnhwɛ kwan.’ (Ɔsɛnkafo 9:11) Ɛnde, sɛn na Yehowa bɔ yɛn ho ban nnɛ?

Yehowa Bɔ Yɛn Nkwa Ho Ban

15, 16. (a) Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa remma kwan da mma wɔnhyew n’asomfo ase? (b) Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛbɔ n’asomfo ho ban ɛnnɛ ne “ahohiahia kɛse” no mu?

15 Nea edi kan no, ma yɛnhwɛ kwan a Yehowa fa so bɔ yɛn nkwa ho ban. Yehowa remma kwan da mma wɔnhyew n’asomfo ase. Ɛnte saa a anka Satan akyere yɛn nyinaa awe dedaadaw. Wo de hwɛ: Satan na “odi wiase yi so,” na nea esi n’ani so ara ne sɛ obegu nokware som. (Yohane 12:31; Adiyisɛm 12:17) Aban a ɛwɔ tumi paa no bi abara yɛn asɛnka adwuma no wɔ wɔn man mu, na wɔayere wɔn ho sɛ wɔbɛtɔre yɛn ase korakora. Nanso, Yehowa nkurɔfo agyina pintinn, na wɔakɔ so aka asɛm no; wɔnnyaee da! Yehowa asomfo nnɔɔso, na wohwɛ wɔn a, asɛ wɔnni ahobammɔ. Ɛnde, adɛn nti na aman akɛse no ntumi mmaa wɔnnyaee asɛnka adwuma no? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yehowa de ne ntaban a ɛyɛ den no bɔ yɛn ho ban!—Dwom 17:7, 8.

16 “Ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu no, Yehowa bɛbɔ yɛn nkwa ho ban anaa? Sɛ Onyankopɔn resɛe abɔnefo a, ɛnsɛ sɛ yesuro. Bible ka sɛ, “Yehowa nim sɛnea obegye wɔn a wɔde onyamesom pa tena ase no afi sɔhwɛ mu na wakora abɔnefo so ama atemmu da na wasɛe wɔn.” (Adiyisɛm 7:14; 2 Petro 2:9) Enkosi sɛ saa bere no bɛba no, nneɛma mmienu bi de, yɛn adwene betumi asi yɛn pi wɔ ho bere nyinaa. Nea edi kan: Yehowa remma kwan mma wɔnhyew n’asomfo anokwafo ase mfi asase so da. Nea ɛtɔ so mmienu: Ɔbɛma wɔn a wɔbɛkɔ so adi nokware no daa nkwa wɔ wiase foforo a trenee wom a ɔde reba no mu. Sɛ ɛkɔba sɛ wɔn mu bi wu mpo a, obenyan no aba nkwa mu. Wɔn a wɔawuwu no, wɔnyerae, efisɛ Onyankopɔn werɛ mfii wɔn.—Yohane 5:28, 29.

17. Yehowa nam n’Asɛm no so bɔ yɛn ho ban. Adɛn nti na yɛreka saa?

17 Ɛnnɛ mpo, Yehowa nam n’asɛm no so bɔ yɛn ho ban. ‘N’asɛm’ no betumi aboa yɛn ama yɛayɛ nsakrae akɛse wɔ yɛn abrabɔ mu ama yɛn ani agye. (Hebrifo 4:12) Sɛ yetie nea Bible ka a, ebetumi abɔ yɛn nkwa ho ban wɔ ɔkwan bi so. Yesaia 48:17 ka sɛ: “Me, Yehowa, mene . . . nea ɔkyerɛkyerɛ wo ma esi wo yiye.” Ɛyɛ ampa sɛ, sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm no bɔ yɛn bra a, ebetumi ama yɛanya apɔwmuden na yɛatena ase akyɛ. Wo de hwɛ, esiane sɛ yɛde Bible mu asɛm bɔ yɛn bra nti, yɛtwe yɛn ho fi aguamammɔ, nnubɔne, sigaret, ne ɔbra fĩ biara ho, efisɛ saa nneɛma no sɛe nnipa a wɔntie Onyankopɔn asɛm no bebree abrabɔ, na edi wɔn awu. (Asomafo Nnwuma 15:29; 2 Korintofo 7:1) Yɛda Onyankopɔn ase paa sɛ ɔnam n’Asɛm no so bɔ yɛn ho ban!

Yehowa Bɔ Yɛn Ho Ban Na Yɛne Ne Ntam Ansɛe

18. Ɛdɛn na Yehowa yɛ ma yɛn na yɛne ne ntam ansɛe?

18 Nea ɛho hia paa ne sɛ, Yehowa bɔ yɛn ho ban na yɛne ne ntam ansɛe. Nea ɔyɛ ne sɛ, ɔma yɛn nsa ka biribiara a ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi agyina pintinn wɔ sɔhwɛ mu, na yɛansɛe yɛne ne ntam. Enti nea Yehowa yɛ de bɔ yɛn ho ban no, ɛma yɛtena ase daa, na ɛnyɛ mfe kakraa bi. Nneɛma a ɛbɛma yɛakɔ so ne Onyankopɔn ntam ayɛ kama no, ma yɛnhwɛ bi.

19. Sɛn na Yehowa honhom betumi aboa ama yɛagyina pintinn wɔ sɔhwɛ biara a ɛbɛto yɛn mu?

19 Yehowa ne “mpaebɔ Tiefo” no. (Dwom 65:2) Sɛ abrabɔ mu yɛ den ma yɛn na yɛka yɛn koma mu asɛm kyerɛ Yehowa a, ebetumi ama yɛanya asomdwoe. (Filipifo 4:6, 7) Ebia ɔremma yɛn haw no ntu nyera de, nanso obebua yɛn mpaebɔ no. Obetumi ama yɛn nyansa a yɛde bɛyɛ yɛn haw no ho biribi. (Yakobo 1:5, 6) Yehowa tumi yɛ nea ɛsen saa. Ɔde honhom kronkron ma wɔn a wɔbisa no no. (Luka 11:13) Ne honhom no, tumi wom paa, enti sɔhwɛ anaa ɔhaw biara a ɛbɛto yɛn no, ebetumi aboa yɛn ama yɛagyina pintinn. Ebetumi ama yɛanya “tumi a ɛboro nnipa de so” de agyina mu akosi sɛ Yehowa beyi ateetee nyinaa afi hɔ wɔ wiase foforo a abɛn paa no mu.—2 Korintofo 4:7.

20. Sɛn na Yehowa betumi afa yɛn nuanom Kristofo so abɔ yɛn ho ban?

20 Ɛtɔ da a, Yehowa fa yɛn nuanom Kristofo so na ɛbɔ yɛn ho ban. Yehowa atwe yɛn abɛka “anuanom” a ɛwɔ wiase nyinaa no ho. (1 Petro 2:17; Yohane 6:44) Sɛ yɛn nuanom da ɔdɔ adi kyerɛ yɛn a, ɛma yehu sɛnea Onyankopɔn honhom kronkron tumi ka nnipa koma ma yɛyɛ adepa. Saa honhom no ma yɛsow aba, kyerɛ sɛ, ɛma yenya suban pa te sɛ ɔdɔ, ayamye, ne papayɛ. (Galatifo 5:22, 23) Enti sɛ amanehunu bi to yɛn, na onua bi koma ka no ma otu yɛn fo anaa ɔka nkuranhyɛ nsɛm bi kyerɛ yɛn a, yebetumi ada Yehowa ase sɛ ɔnam anuanom so hwɛ yɛn, na ɔbɔ yɛn ho ban.

21. (a) Honhom fam aduan a ɛba wɔ ne bere mu bɛn na Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so de ma yɛn? (b) Nneɛma a Yehowa yɛ de bɔ yɛn ho ban a ɛma yɛne ne ntam kɔ so yɛ kama no, w’ankasa, sɛn na aboa wo?

21 Yehowa yɛ biribi foforo nso de bɔ yɛn ho ban: ɔma yɛn honhom fam aduan wɔ bere a ɛsɛ mu. Nea ɛbɛyɛ na Bible mu asɛm ahyɛ yɛn den no, Yehowa de ahyɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nsa sɛ ɔmma yɛn honhom fam aduan. Saa akoa no ma yenya “aduan ɛbere a ɛsɛ mu.” Ɔma yenya nhoma bi te sɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Afei nso, yetumi kɔ jw.org wɛbsaet, asafo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam. Ɔnam saa akwan no so ma yenya nea yehia, na ɔma yenya no bere a yehia. (Mateo 24:45) Woate asɛm bi wɔ Kristofo nhyiam ase ama no ahyɛ wo den pɛn? Ebia wotee saa asɛm no fii mmuae a obi mae, ɔkasa a obi mae, anaa mpae a obi bɔe mu. Anaa woakan asɛm bi afi yɛn nsɛmma nhoma no bi mu ama aka wo koma pɛn? Kae sɛ, saa nneɛma yi nyinaa, Yehowa yɛ de bɔ yɛn ho ban na ama yɛne ne ntam akɔ so ayɛ kama.

22. Yehowa tumi a ɔde bɔ nneɛma ho ban no, sɛn na ɔde yɛ adwuma bere nyinaa, na mfaso bɛn na ɛwɔ so ma yɛn?

22 Biribiara kyerɛ sɛ Yehowa yɛ kyɛm “ma wɔn a wɔde no ayɛ wɔn guankɔbea nyinaa.” (Dwom 18:30) Yenim sɛ wiase wei mu de, ɛnyɛ ɔhaw biara na Yehowa de ne tumi gye yɛn fi mu. Mmom, ɔde ne tumi a ɔde bɔ nneɛma ho ban no yɛ adwuma ma n’atirimpɔw ba mu bere nyinaa. Ɔyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a ne nkurɔfo benya asetena pa daakye. Sɛ yɛtwe bɛn Yehowa na yɛkɔ so tena ne dɔ mu a, ɔbɛma yɛanya asetena pa afebɔɔ. Saa anidaso yi nti, amanehunu biara a worefa mu wɔ wiase wei mu no, fa no sɛ saa “amanehunu no wɔ hɔ bere tiaa bi na emu yɛ hare.”—2 Korintofo 4:17.