Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 8

Tumi a Ɔde Siesie Ade—Yehowa ‘Reyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo’

Tumi a Ɔde Siesie Ade—Yehowa ‘Reyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo’

1, 2. Nneɛma bɛn na ebetumi afi yɛn nsa nnɛ, na ɛba saa a, ɛka yɛn sɛn?

 ADE a akwadaa de di agorɔ a n’ani gye ho paa no, sɛ ɛyera anaa ɛsɛe a, osu yayaayaw. Sɛ wohwɛ sɛnea ɔresu no a, wo werɛ bɛhow! Nanso, sɛ ne maame anaa ne papa kohu ade a ayera no, anaa ɔyɛ no yiye ma no a, wobɛhwɛ na wagyae su apopa n’anim reserew. Ne maame anaa ne papa de, ɛnyɛ den mma wɔn koraa sɛ wɔbehu ade a ayera no anaasɛ wɔbɛyɛ no yiye ama akwadaa no. Nanso akwadaa de, nea ne maame anaa ne papa ayɛ no, ɛyɛ no nwanwa paa. Afei ɔno na onie; ade a na ɛyɛ no sɛ ayera anaa asɛe koraa no, ne nsa asan aka bio!

2 Yehowa yɛ Agya a ɔsen agya biara, na biribiara a yɛn adwene yɛ yɛn sɛ afi yɛn nsa koraa no, obetumi ama yɛn nsa aka bio. Obiara nim sɛ, ɛnyɛ ade a nkwadaa de di agorɔ na yɛreka ho asɛm. “Mmere a emu yɛ den” yi mu no, nneɛma a ebetumi afi yɛn nsa no, ɛsom bo koraa kyɛn nneɛma a nkwadaa de di agorɔ. (2 Timoteo 3:1-5) Nneɛma a ɛsom bo ma nnipa no, dodow no ara betumi afi yɛn nsa. Saa nneɛma no bi ne afie, ahode, adwuma, ne yɛn apɔwmuden mpo. Afei nso, sɛ yehu sɛnea nnipa resɛe asaase, na wɔretɔre nnua ne mmoa bebree ase no a, ɛma yɛn werɛ how. Nanso, ade a ɛma yɛn werɛ how paa na etwa yɛn nsono mu ne sɛ obi a yɛpɛ n’asɛm bewu. Ɛba saa a, etumi bubu yɛn, na ɛyɛ yɛn sɛ yɛn werɛ remfi da.—2 Samuel 18:33.

3. Awerɛkyekyesɛm bɛn na ɛwɔ Asomafo Nnwuma 3:21, na ɛdɛn na Yehowa bɛfa so ama aba mu?

3 Wei nti, sɛ yɛba behu sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde bɛyɛ ade nyinaa foforo a, ɛma yenya awerɛkyekye paa! Nea yɛrebesua wɔ ti yi mu no bɛma yɛahu sɛ Onyankopɔn wɔ tumi a ɔde bɛyɛ nneɛma pii ama yɛn, na ɔbɛyɛ nso. Bible aka mpo sɛ, Yehowa abɔ ne tirim sɛ ‘obesiesie nneɛma nyinaa.’ (Asomafo Nnwuma 3:21) Mesia Ahenni a Yehowa Ba Yesu Kristo di so no, ɛno na Yehowa de besiesie nneɛma nyinaa. Adanse a ɛwɔ hɔ no ma yehu sɛ Ahenni no fii ase dii tumi wɔ soro afe 1914. a (Mateo 24:3-14) Ɛdɛn na obesiesie anaa ɛdɛn na ɔbɛyɛ no foforo no? Ma yɛnhwɛ nneɛma akɛseakɛse a Yehowa bɛyɛ no foforo no bi. Saa nneɛma no baako de, yɛrekasa yi koraa wayɛ dedaw, na yɛwɔ mu bi mpo. Nea aka no de, daakye na Yehowa bɛyɛ no foforo ama nnipa nyinaa.

Nokware Som a Wɔama So Bio

4, 5. Ɛdɛn na ɛtoo Onyankopɔn nkurɔfo afe 607 A.Y.B., na anidaso bɛn na Yehowa ma wɔnyae?

4 Ade baako a Yehowa ayɛ dedaw ne sɛ, wama nokware som so bio. Nea ɛbɛma yɛate ase no, ma yɛnhwehwɛ Yuda ahemman no abakɔsɛm mu kakra. Saa nhwehwɛmu no bɛma yɛahu sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde yɛ nneɛma foforo.—Romafo 15:4.

5 Bere a atamfo sɛee Yerusalem afe 607 A.Y.B. no, ɛbɛyɛ sɛ Yudafo a na wɔdɔ Yehowa no werɛ howee paa. Wɔn kurow a na ɛda wɔn koma so no, atamfo no sɛee no pasaa, na wɔdwiriw n’afasu gui. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, asɔrefie fɛfɛɛfɛ a Solomon sii no mpo, atamfo no sɛee no pasaa. Nanso, ɛhɔ nko ara ne baabi a na wɔsom Yehowa yiye wɔ asaase so. (Dwom 79:1) Yudafo a wɔankum wɔn no, wɔsoaa wɔn kɔɔ Babilon. Yerusalem danee amamfo so; wuram mmoa nko ara na na ɛnenam hɔ. (Yeremia 9:11) Nnipa ani so de, na anidaso nyinaa asa. (Dwom 137:1) Ɛwom sɛ na Yehowa aka ato hɔ dedaadaw sɛ atamfo bɛsɛe Yerusalem kurow no, nanso ɔmaa wɔnyaa anidaso sɛ, ɛno akyi no, wɔbɛkyekye kurow no bio.

6-8. (a) Bɔhyɛ bɛn na tete adiyifo pii kaa ho asɛm, na sɛn na ɛbaa mu maa Yudafo no? (b) Sɛn na saa bɔhyɛ ahorow no aba mu wɔ yɛn bere yi so?

6 Nea ɛwom paa ne sɛ, bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛsan akyekye Yerusalem no, sɛ wohwɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a, wubehu sɛ adiyifo bebree kaa ho asɛm. b Yehowa nam adiyifo no so hyɛɛ bɔ sɛ Israel asaase no bɛsan abɔ aduan bebree, nnipa pii bɛtena hɔ, na ɔbɛbɔ wɔn ho ban afi wuram mmoa ne atamfo ho. Yehowa kaa sɛ, wɔn asaase no bɛyɛ sɛ paradise ankasa! (Yesaia 65:25; Hesekiel 34:25; 36:35) Nea ɛkyɛn ne nyinaa no, ɔkaa sɛ wɔbɛsan ama nokware som so bio, na wɔasan asi asɔrefie no. (Mika 4:1-5) Saa nkɔmhyɛ no maa Yudafo a na wɔde wɔn kɔ Babilon no nyaa anidaso, na ɛboaa wɔn ma wɔtumi tenaa hɔ mfe 70.

7 Yehowa bere a wahyɛ dui no, Babilonfo no gyaee Yudafo no, enti wɔsan baa Yerusalem, na wɔsan besii Yehowa asɔrefie no wɔ hɔ. (Esra 1:1, 2) Bere tenten a wɔsom Yehowa yiye no, Yehowa hyiraa wɔn maa wɔn asaase no bɔɔ aduan pii, na nneɛma kɔɔ yiye maa wɔn. Ɔbɔɔ wɔn ho ban fii wɔn atamfo ho, na wamma wuram mmoa a na wɔatena wɔn asaase no so mfe pii no anyɛ wɔn bɔne biara. Wohwɛ a, ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gyee paa sɛ Yehowa de ne tumi boaa wɔn maa wɔn nsa kaa nneɛma a wɔhweree no. Wunhu saa? Nanso, nneɛma a na Yehowa ahyɛ ho bɔ no, na wei yɛ ɛho mframa kɛkɛ. Ná ɛbɛba mu kɛse paa wɔ “awiei nna no mu,” kyerɛ sɛ, yɛn bere yi so, bere a wɔde Ɔhene Dawid Aseni a na wɔahyɛ ne ho bɔ fi teteete no asi ahengua so no.—Yesaia 2:2-4; 9:6, 7.

8 Bere a wɔde Yesu sii ɔsoro Ahenni no so hene afe 1914 no, ankyɛ koraa na ɔde sii n’ani so sɛ ɔbɛboa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ asaase so no ama wɔasom Onyankopɔn yiye. Sɛnea Persia hene Kores gyaee Yudafo no ma wɔfii Babilon afe 537 A.Y.B. no, Yesu nso yii n’akyidifo no fii atorosom nyinaa mu, nea Bible frɛ no “Babilon Kɛse” no. (Adiyisɛm 18:1-5; Romafo 2:29) Efi afe 1919 reba no, nokware Kristofo asan resom Yehowa sɛnea ɔpɛ sɛ yɛsom no. (Malaki 3:1-5) Efi saa bere no, Yehowa nkurɔfo asom no wɔ ne honhom fam asɔrefie a watew ho no mu, kyerɛ sɛ, nhyehyɛe biara a Nyankopɔn de agu akwan mu a ɛboa ma yetumi som no yiye no, yɛde yɛ adwuma. Adɛn nti na saa nhyehyɛe no ho hia yɛn nnɛ?

Nokware Som a Wɔama So Bio—Nhyira a Ɛde Aba

9. Asomafo no nyinaa wui no, ɛdɛn na Kristoman de baa nokware som so, nanso ɛdɛn na Yehowa ayɛ wɔ yɛn bere yi mu?

9 Hwɛ nea esii tete no. Kristofo a edii kan no som Yehowa yiye, na na wɔne ne ntam yɛ kama. Nanso Yesu ne asomafo no ka too hɔ sɛ, bere bi bɛba a, nkurɔfo de atoro nkyerɛkyerɛ bɛfra nokware som mu ama nokware som so akata. (Mateo 13:24-30; Asomafo Nnwuma 20:29, 30) Bere a Yesu asomafo no nyinaa wui no, Kristoman nsɔrensɔre bebree bae. Asɔfo no fii ase kyerɛkyerɛɛ atoro nkyerɛkyerɛ, na wɔkodii abosonsomfo amammerɛ ne wɔn amanne akyi. Anka ɛsɛ sɛ wɔboa nkurɔfo ma wɔtwe bɛn Onyankopɔn, nanso wɔkyerɛkyerɛe sɛ Onyankopɔn yɛ Baasakoro, na wɔkaa sɛ saa nkyerɛkyerɛ no, ɛnyɛ ade a nnipa betumi ate ase. Wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo sɛ wɔnkɔ bɔneka, kyerɛ sɛ, wɔnka wɔn bɔne nkyerɛ asɔfo no na ama Onyankopɔn de wɔn bɔne akyɛ wɔn. Wɔsan kyerɛkyerɛe sɛ, wɔmmɔ mpae nkyerɛ Maria ne “ahotefo,” na ɛnyɛ Yehowa. Atoro nkyerɛkyerɛ a wɔkɔfa bae no tenaa hɔ mfe pii, nanso ɛnnɛ, ɛdɛn na Yehowa ayɛ? Ɛwom, atoro nkyerɛkyerɛ adɔɔso, na nnipa a wɔdi bɔne nso adɔɔso kyɛn bere biara. Nanso, Yehowa de ne tumi kɛse no ama nokware som so bio! Ɛnyɛ sɛ yɛreka aboro so. Nea ɛwom ne sɛ, nneɛma a ɛho hia paa a akɔ so wɔ yɛn bere yi mu no, baako ne nokware som a Yehowa ama so bio no.

10, 11. (a) Nneɛma mmienu bɛn na ɛka bom yɛ honhom fam paradise no, na wobɛyɛ dɛn atumi abɛka ho? (b) Nnipa bɛn na Yehowa de wɔn aba honhom fam paradise no mu, na ɛdɛn na wɔbenya kwan ahu?

10 Nokware som a Yehowa ama so bio nti, ɛnnɛ, nokware Kristofo wɔ honhom fam paradise, na Yehowa ma enya nkɔso daa. Ɛdɛn na ɛka bom ma yenya honhom fam paradise no? Ɛyɛ nneɛma atitiriw mmienu. Nea edi kan ne nokware som a yɛde ma Yehowa, nokware Nyankopɔn no. Waboa yɛn ma yetumi som no bere a atoro nkyerɛkyerɛ biara ntumi nnaadaa yɛn. Wahyira yɛn ama yenya honhom fam aduan. Saa nhyira no nti, yetumi sua yɛn soro Agya no ho ade, yetumi yɛ n’apɛde, na yetumi twe bɛn no. (Yohane 4:24) Honhom fam paradise no ho ade a ɛtɔ so mmienu no, ɛfa nnipa ho. Sɛnea Yesaia hyɛɛ nkɔm no, “awiei nna” yi mu no, Yehowa akyerɛkyerɛ n’asomfo sɛnea wɔbɛtena asomdwoe mu. Wakyerɛkyerɛ yɛn sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛkɔ ɔko. Yɛn bɔne ne yɛn mfomso nyinaa akyi no, ɔboa yɛn ma yɛhyɛ “suban foforo” no. Bere a yɛrebɔ yɛn ho mmɔden sɛ yɛbɛsom no no, ɔde ne honhom kronkron no boa yɛn, na ne honhom no ma yenya suban pa. (Efesofo 4:22-24; Galatifo 5:22, 23) Sɛ woma Onyankopɔn honhom kyerɛ wo kwan a, ɛnde na woka honhom fam paradise no ho ampa.

11 Nnipa a Yehowa dɔ wɔn no, wɔn na ɔde wɔn aba honhom fam paradise no mu. Saa nkurɔfo no, wɔdɔ Yehowa, wɔpɛ asomdwoe, na “wohu sɛ wohia Onyankopɔn akwankyerɛ.” (Mateo 5:3) Sɛ Yehowa yɛ nneɛma nyinaa foforo na ɔma asaase nyinaa dan paradise a, saa nkurɔfo no na wɔbehu.

“Hwɛ! Mereyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”

12, 13. (a) Nneɛma a Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no foforo no, adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛbɛba mu honam fam nso? (b) Sɛnea Yehowa kaa wɔ Eden no, n’apɛde ma asaase ne sɛn, na adɛn nti na yɛwɔ awerɛhyem sɛ n’apɛde no bɛba mu daakye?

12 Nneɛma a Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no foforo no, bebree aba mu wɔ honhom fam, na ɛbɛsan aba mu honam fam. Sɛ yɛhwɛ odiyifo Yesaia sei a, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ bere bi bɛba a ayarefo, mpakye, anifuraefo, ne wɔn a wɔn aso asiw nyinaa, wɔbɛsa wɔn yare, na wɔbɛmene owu mpo afebɔɔ. (Yesaia 25:8; 35:1-7) Bɔhyɛ a ɛtete saa no, annya mmamu honam fam wɔ tete Israel, efisɛ yare ne owu amfi hɔ saa bere no. Yɛn bere yi mu nso, yɛahu sɛ Yehowa ayɛ nneɛma bebree foforo wɔ honhom fam paradise no mu, na yebetumi anya awerɛhyem sɛ biribiara a wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama nnipa nyinaa no, ɛbɛba mu honam fam. Yɛyɛ dɛn hu saa?

13 Eden turom pɛɛ na Yehowa kaa sɛ n’apɛde ne sɛ nnipa a wɔbɛtena asaase so no benya anigye, apɔwmuden, ne asomdwoe. Wɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbea no sɛ wɔnhwɛ asaase ne mmoa a ɛwɔ so nyinaa so, na wɔnyɛ asaase nyinaa paradise. (Genesis 1:28) Ɛnyɛ ɛno koraa na yehu no nnɛ yi. Nanso, nya awerɛhyem sɛ, nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, ɛbɛba mu; ɛrenyɛ kwa da. (Yesaia 55:10, 11) Yesu na Yehowa ayɛ no Ɔhene wɔ Onyankopɔn Ahenni no so, na Yesu na ɔbɛma wiase nyinaa adan Paradise.—Luka 23:43.

14, 15. (a) Yehowa ka sɛ ɔbɛyɛ “nneɛma nyinaa foforo” a, ɛkyerɛ sɛn? (b) Paradise asetena bɛyɛ sɛn, na dɛn paa na worehwɛ kwan?

14 Sɛ asaase nyinaa dan Paradise a, hwɛ anigye a wubenya! Nea Yehowa aka afa saa bere no ho ni: “Hwɛ! mereyɛ nneɛma nyinaa foforo.” (Adiyisɛm 21:5) Wo de, fa w’adwene bu sɛnea wiase bɛyɛ saa bere no. Sɛ Yehowa de ne tumi sɛe wiase bɔne yi wie a, nea ɛbɛka ne “ɔsoro foforo ne asaase foforo.” Nea wei kyerɛ ne sɛ, aban foforo bi a ɛwɔ soro bedi asaase foforo no so, kyerɛ sɛ, ebedi nnipa a wɔdɔ Yehowa na wɔyɛ n’apɛde wɔ asaase so no so. (2 Petro 3:13) Saa bere no, Satan ne ahonhommɔne rennya tumi mfa nhaw obiara bio. (Adiyisɛm 20:3) Nnipa ahu amane mfe mpempem pii wɔ Satan ne ahonhommɔne nsam, nanso saa bere no de, nnipa bɛtete wɔn ho afi ɔtan ne nneɛma bɔne a Satan ne ahonhommɔne de ba no ho. Ahotɔ a ɛbɛba de, ɛnyɛ ebi ni!

15 Ɛba saa a, afei de, yebetumi ahwɛ asaase fɛfɛɛfɛ yi so sɛnea na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ no mfiase no. Sɛnea Yehowa bɔɔ asaase no, ɛno ankasa tumi siesie ne ho. Sɛ nkurɔfo amfa efĩ angu nsu ne nsubɔnten mu bio a, nsu no ara betumi ayi efĩ a ɛwom no ama emu atew kama; sɛ nnipa gyae akodi a, nsaase a ɔko asɛe no no, ebetumi abɛyɛ fɛfɛɛfɛ bio. Hwɛ anigye a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛboa ama asaase nyinaa ayɛ fɛfɛɛfɛ sɛ Eden turo. Saa bere no, nnua ne mmoa ahorow ahorow bebree bɛhyɛ asaase so ma! Nnipa renkunkum mmoa, na yɛrensɛe nnua bio. Nnipa nyinaa ne mmoa bɛtena asomdwoe mu, na yɛrensɛe ɔdomankoma agyapade bio. Nkwadaa mpo rensuro mmoa a wɔn ho yɛ hu.—Yesaia 9:6, 7; 11:1-9.

16. Yɛkɔ Paradise a, sɛn na Yehowa bɛyɛ yɛn foforo anaa obesiesie yɛn?

16 Yɛn ankasa nso, Yehowa bɛyɛ yɛn foforo anaa obesiesie yɛn. Armagedon akyi no, wɔn a wɔbenya nkwa no, wɔbenya ayaresa anwanwakwan so wɔ wiase nyinaa. Nea Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asaase so no, ɛno ara bi na ɔbɛyɛ no saa bere no. Ɔde tumi a Onyankopɔn de ama no no bebue anifuraefo ani, ɔbɛma asotifo ate asɛm, na wasa mpakye ne ayarefo yare. (Mateo 15:30) Nkwakoraa ne mmerewa bɛsan anya ahoɔden ne apɔwmuden, na wɔasan akeka wɔn ho bio te sɛ bere a na wɔyɛ mmerante ne mmabaa no. Ɛbɛma wɔn ani agye paa. (Hiob 33:25) Obiara a ne honam atwintwam no, ɛbɛsan ayɛ toromtorom; obiara a ne nan ne ne nsa akoakoa no, ɛbɛtenetene, na obiara a ne mu akoa no, ne mu bɛtene. Nnipa anokwafo nyinaa behu sɛ nneɛma a bɔne ne sintɔ de bae no, ɛde nkakrankakra refi hɔ. Yebefi yɛn koma mu ada Yehowa Nyankopɔn ase sɛ ɔde ne tumi ayɛ nneɛma nyinaa foforo saa! Afei ma yɛnhwɛ ade bi a ɛka koma paa a ɛbɛkɔ so saa bere no.

Wɔbenyan Awufo

17, 18. (a) Adɛn nti na Yesu kaa Sadukifo no anim? (b) Ɛdɛn na ɛmaa Elia srɛɛ Yehowa sɛ onnyan akwadaa no?

17 Asomafo no bere so no, na nyamesom mpanyimfo bi a yɛfrɛ wɔn Sadukifo nnye nni sɛ owusɔre wɔ hɔ. Yesu kaa wɔn anim. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moredi mfomso, efisɛ munnim Kyerɛwnsɛm no anaa Onyankopɔn tumi.” (Mateo 22:29) Ampa, Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde nyan awufo. Ɛdɛn na ɛkyerɛ saa?

18 Wo de, hwɛ asɛm bi a esii Elia bere so. Ná ɔbea kunafo bi ba a odi no ba koro awu da ne nsa so. Ná odiyifo Elia akɔsoɛ ɔbea kunafo no, enti ɛbɛyɛ sɛ akwadaa no wu no maa odiyifo no ho dwiriw no. Bere bi a ɔkɔm bae no, odiyifo no boae maa akwadaa no nyaa aduan dii, enti ɔkɔm no ankum no. Ebetumi aba sɛ na Elia abɛpɛ akwadaa no asɛm paa. Ná akwadaa no wu no ama ne maame koma abubu. Bere a ɔbea no kunu wui no, ne ba abarimaa yi na na ɔde no kyekye ne werɛ. Ɛbɛyɛ sɛ ne ba yi na na n’ani da no so sɛ, ɔbɔ aberewa a ɔbɛhwɛ no. Bere a okunafo no redi awerɛhow no, n’adwene yɛɛ no sɛ ebia wayɛ bɔne bi nti na Onyankopɔn retwe n’aso. Ná ɔbea no asɛm yɛ Elia mmɔbɔ paa. Enti ogyee akwadaa a wawu no fii ne maame nsa so de no kɔtoo ne dan mu. Ɛnna ɔsrɛɛ Yehowa Nyankopɔn sɛ ɔmma akwadaa no nkwa nsan mmra ne mu.—1 Ahene 17:8-21.

19, 20. (a) Ɛdɛn na Abraham yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ogye di sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde benyan awufo, na ɛdɛn na ɛma onyaa saa gyidi no? (b) Elia gyidi nti, ɛdɛn na Yehowa yɛe de hyiraa no?

19 Ɛnyɛ Elia na odii kan gye dii sɛ owusɔre wɔ hɔ. Mfe pii ansa na Elia reba no, ná Abraham gye di sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde nyan awufo. Ɛdɛn na ɛmaa Abraham nyaa gyidi saa? Bere a na Abraham adi mfe 100, na Sara adi mfe 90 no, Yehowa yɛɛ anwanwade ma wɔsan nyaa tumi anaa ahoɔden a wɔde bɛwo, enti Sara tumi woo ɔbabarima. (Genesis 17:17; 21:2, 3) Akyiri yi, bere a wɔn ba no nyinii no, Yehowa kaa sɛ Abraham mfa no nkɔbɔ afɔre. Abraham kyerɛe sɛ ɔwɔ gyidi. Ogye dii sɛ Yehowa betumi anyan ne dɔba Isak aba nkwa mu bio. (Hebrifo 11:17-19) Ná Abraham gyidi yɛ den paa. Ɛno nti na ɛbɛyɛ sɛ bere a ɔrebɛforo akɔ bepɔw no so sɛ ɔde ne ba no rekɔbɔ afɔre no, ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ ɔne Isak rekɔ aba no.—Genesis 22:5.

“Hwɛ, wo ba no te ase”!

20 Yehowa amma Abraham ankum Isak, enti owusɔre biara ho anhia saa bere no. Elia asɛm no de, na ɔbea kunafo no ba no awu dedaw, nanso na owui nkyɛe. Odiyifo Elia gyidi nti, Yehowa hyiraa no, na onyanee akwadaa no! Afei Elia de akwadaa no maa ne maame. Bere a ɔde no rema no no, ɔkaa asɛm bi a na maame no werɛ remfi da. Ɔkaa sɛ: “Hwɛ, wo ba no te ase”!—1 Ahene 17:22-24.

21, 22. (a) Adɛn nti na wɔyɛɛ owusɔre ahorow ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu? (b) Owusɔre a ɛbɛkɔ so wɔ Paradise no, nnipa dodow sɛn na wɔbenyan wɔn, na hena na obenyan awufo no?

21 Wei ne Bible mu kyerɛwtohɔ a edi kan a ɛma yehu sɛ Yehowa de ne tumi nyanee obi a wawu. Akyiri yi, Yehowa maa Elisa, Yesu, Paul, ne Petro nso tumi ma wɔnyanee awufo baa nkwa mu. Ɛwom, wɔn a wɔnyanee wɔn no san wuwui. Nanso, Bible kyerɛwtohɔ a ɛte saa no ma yehu nneɛma akɛse a Yehowa bɛyɛ no daakye.

22 Paradise ba a, Yesu bɛyɛ “owusɔre ne nkwa” sɛnea ɔkae no. (Yohane 11:25) Obenyan nnipa ɔpepepeepee, kyerɛ sɛ, yennim wɔn dodow, na wama wɔanya kwan atena ase daa wɔ Paradise wɔ asaase so. (Yohane 5:28, 29) Wo de, hwɛ anigye a ɛbɛba saa bere no. Yɛn nnamfo ne yɛn abusuafo a owu atetew yɛne wɔn ntam bere tenten no, obenyan wɔn ama yɛasan ahu wɔn bio. Yɛbɛbam wɔn ayɛ wɔn atuu ama obiara ani agye papaapa! Saa bere no, nnipa nyinaa beyi Yehowa ayɛ wɔ ne tumi a ɔde nyan awufo no ho.

23. Ɛdɛn ne ade kɛse paa a Yehowa de ne tumi ayɛ, na sɛn na ɛma yenya anidaso paa sɛ nea yɛrehwɛ kwan daakye no bɛba mu?

23 Yehowa ayɛ biribi kɛse bi a ɛma yenya awerɛhyem paa sɛ obetumi anyan awufo aba nkwa mu bio. Ade kɛse paa a Yehowa de ne tumi ayɛ ne sɛ, onyanee ne Ba Yesu, na wama no tumi kyɛn abɔfo no nyinaa. Yehowa nko ara na ɔwɔ tumi kyɛn Yesu. Yesu nyan fii awufo mu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ nnipa bebree. (1 Korintofo 15:5, 6) Enti wɔn a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbegye owusɔre no adi mpo no, ɛsɛ sɛ saa asɛm yi ma wɔtumi gye di. Ampa, Yehowa wɔ tumi a ɔde nyan awufo ba nkwa mu bio.

24. Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa benyan awufo, na anidaso bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara kura mu pintinn?

24 Yehowa wɔ tumi a ɔde benyan awufo, na ɛyɛ ne koma so ade sɛ ɔbɛyɛ saa. Onyankopɔn de ne honhom kaa ɔbarima nokwafo Hiob ma ɔkaa sɛ Yehowa ani agyina paa sɛ obenyan awufo aba nkwa mu bio. (Hiob 14:15) Yegye di paa sɛ wo nso wopɛ sɛ wotwe bɛn yɛn Nyankopɔn no, yɛn Nyankopɔn a ne koma so ade ne sɛ ɔde ne tumi benyan awufo no. Ɛnte saa? Nanso, kae sɛ, akwan a Yehowa bɛfa so ayɛ nneɛma nyinaa foforo no, owusɔre yɛ emu baako pɛ. Enti kɔ so twe bɛn Yehowa bere nyinaa. Anidaso a wowɔ sɛ wubehu bere a Yehowa ‘bɛyɛ nneɛma nyinaa foforo’ wɔ paradise no, kura mu pintinn.—Adiyisɛm 21:5.

a Bere a Yehowa se ɔde ‘besiesie nneɛma nyinaa,’ anaa ɔde bɛyɛ nneɛma nyinaa foforo no, efii ase bere a ɔde Mesia Ahenni no sii hɔ na ɔde Ɔhene Dawid nokwafo no aseni sii ahengua so no. Ná Yehowa ahyɛ Dawid bɔ sɛ n’aseni na obedi ade afebɔɔ. (Dwom 89:35-37) Nanso, bere a Babilon sɛee Yerusalem afe 607 A.Y.B. no, Dawid aseni biara antena Onyankopɔn ahengua so bio wɔ asaase so. Wɔwoo Dawid aseni Yesu wɔ asaase so, na wɔde no sii ahengua so wɔ soro. Ɔno na ɔbɛyɛɛ Ɔhene a wɔhyɛɛ ne ho bɔ fi teteete no.

b Saa adiyifo yi nyinaa, Mose, Yesaia, Yeremia, Hesekiel, Hosea, Yoel, Amos, Obadia, Mika, ne Sefania kaa saa bɔhyɛ no ho asɛm.