Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 10

‘Suasua Sɛnea Onyankopɔn’ De Tumi Yɛ Adwuma No

‘Suasua Sɛnea Onyankopɔn’ De Tumi Yɛ Adwuma No

1. Sɛ onipa nya tumi na sɛ wanhwɛ yiye a, ɛdɛn na obetumi ayɛ?

 YƐKA asɛm bi sɛ: “Baabi a tumi wɔ no, akyinnye nni hɔ.” Saa asɛm yi ma yehu sɛ, sɛ onipa nya tumi na wanhwɛ yiye a, obetumi de ne tumi no asisi nkurɔfo. Awerɛhosɛm ne sɛ, yɛyɛ nnipa a bɔne wɔ yɛn ho nti, ɛnkyɛ koraa na yɛde yɛn tumi resisi afoforo. Yɛhwɛ abakɔsɛm nyinaa mu a, yehu sɛ, “onipa di onipa so ma ewie no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Sɛ onipa di tumi na sɛ ɔdɔ biara nnim a, ɛma nkurɔfo hu amane paa.

2, 3. (a) Sɛnea Yehowa de ne tumi yɛ adwuma no yɛ soronko. Adɛn ntia? (b) Tumi a nnipa wɔ no, ebi ne dɛn, na tumi a yɛwɔ biara no, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛde adwuma?

2 Nanso Yehowa Nyankopɔn de, ɔnte saa koraa. Ɔwɔ tumi kyɛn obiara, nanso ɔmfaa ne tumi nsisii obiara da, na ɔrenyɛ bi nso da. Yɛahu wɔ nhoma yi ti ahorow a edi wei anim mu sɛ, tumi a Yehowa de bɔ ade, nea ɔde sɛe ade, nea ɔde bɔ ne nkurɔfo ho ban, ne nea ɔde yɛ nneɛma nyinaa foforo no, ɔdɔ a ɔdɔ yɛn nti na ɔde yɛ adwuma, na ɔde yɛ adepa bere nyinaa. Sɛ yedwinnwen ɔkwan a Onyankopɔn fa so de ne tumi yɛ adwuma no ho a, ɛka yɛn ma yɛtwe bɛn no. Ɛno ma ‘yesuasua Onyankopɔn’ wɔ sɛnea ɔde ne tumi yɛ adwuma no ho. (Efesofo 5:1) Nanso, nnipa a yɛnsɛ hwee yi, tumi bɛn na yɛwɔ?

3 Kae sɛ, wɔbɔɔ onipa wɔ “Onyankopɔn suban” so sɛnea ɔte. (Genesis 1:26, 27) Enti, yɛn nso yɛwɔ tumi kakra. Tumi a yɛwɔ no, ebi ne sɛ, yetumi yɛ adwumaden nya biribi; yetumi nya tumi kakra wɔ ebinom so; yetumi ma nkurɔfo sesa wɔn adwene ne wɔn nneyɛe wɔ nneɛma bi ho, ɛnkanka wɔn a wɔdɔ yɛn no. Tumi a yɛwɔ no, ebi nso ne yɛn ahoɔden ne ahonyade. Odwontofo no kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Wo na nkwa fi wo.” (Dwom 36:9) Enti tumi a yɛwɔ biara, Onyankopɔn na ɔde ama yɛn, anaa ɔno na wama kwan ama yɛanya. Ɛno nti, yɛpɛ sɛ yɛde tumi a yɛwɔ biara yɛ adwuma ma ɛsɔ n’ani. Yɛbɛyɛ no sɛn?

Ɔdɔ Na Ehia Paa

4, 5. (a) Yɛpɛ sɛ yɛde tumi yɛ adwuma yiye a, ɛdɛn na ehia paa? Sɛn na Onyankopɔn ayɛ ho nhwɛso? (b) Sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛde yɛn tumi ayɛ adwuma?

4 Sɛ yebetumi de yɛn tumi ayɛ adwuma yiye a, ɔdɔ ne ade a ehia paa. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn de ne tumi yɛ adwuma no a, yehu sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Wo de, kae Onyankopɔn suban atitiriw nnan a yɛkaa ho asɛm wɔ nhoma yi Ti 1 no. Suban atitiriw no ne tumi, atɛntrenee, nyansa, ne ɔdɔ. Saa suban nnan yi, nea ɛwɔ he na edi mu akoten paa? Ɛyɛ ɔdɔ. Bible ka wɔ 1 Yohane 4:8 sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.” Ampa, yɛka ɔdɔ a, ɛno ara ne Yehowa; nea ɔyɛ biara, ɔdɔ ntia. Biribiara a ɔde ne tumi yɛ no, ɔyɛ no ɔdɔ mu, na ɛboa wɔn a wɔdɔ no no.

5 Yɛn nso, ɔdɔ na ɛbɛma yɛde yɛn tumi ayɛ adwuma yiye. Bible koraa ka kyerɛ yɛn sɛ ɔdɔ “yam ye” na “ɛnhwehwɛ nea ɔno nko ara hia.” (1 Korintofo 13:4, 5) Enti sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, wɔn a yɛwɔ wɔn so tumi kakra no, yɛrenhyɛ wɔn so, na yɛrenteetee wɔn. Mmom no, yebedi wɔn ni, na yɛadwen wɔn ho. Yɛde yɛn apɛde bɛto nkyɛn na yɛayɛ wɔn de ama wɔn.—Filipifo 2:3, 4.

6, 7. (a) Dɛn ne Onyankopɔn suro, na sɛn na saa suban yi boa yɛn ma yɛde yɛn tumi yɛ adwuma yiye? (b) Ma mfatoho a ɛkyerɛ sɛ, sɛ yɛdɔ Onyankopɔn a, yɛrenyɛ biribiara a n’ani nnye ho.

6 Ɔdɔ ma yenya suban foforo bi a ɛno nso boa yɛn ma yɛde yɛn tumi yɛ adwuma yiye. Saa suban no ne nyamesuro, anaa Onyankopɔn suro. Ɛboa yɛn sɛn? Mmebusɛm 16:6 ka sɛ: “Yehowa suro na ɛma obi dan fi bɔne ho.” Biribiara kyerɛ sɛ tumi a yɛde sisi nkurɔfo no, ɛka nneɛma bɔne a ɛsɛ sɛ yɛdan yɛn ho fi ho no ho. Sɛ yesuro Onyankopɔn paa a, yɛremfa yɛn tumi nteetee wɔn a wɔhyɛ yɛn ase. Adɛn ntia? Ade baako ne sɛ, sɛnea yedi tumi wɔ nkurɔfo so no, yenim sɛ yebebu ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn. (Nehemia 5:1-7, 15) Nanso, ɛnyɛ ɛno nko ara nti na ɛsɛ sɛ yesuro Nyankopɔn. Biribi foforo a ɛho hia paa nso wɔ hɔ. Wohwɛ kasa a wɔdii kan de kyerɛw Bible no a, nsɛm a wɔkyerɛɛ ase “suro” no, ɛtaa kyerɛ obu ne nidi a emu dɔ a yɛwɔ ma Nyankopɔn. Enti Bible ma yehu sɛ, sɛ yɛdɔ Onyankopɔn a, ɛno na ɛbɛma yɛasuro no. (Deuteronomium 10:12, 13) Sɛ yebu Onyankopɔn paa a, yɛbɛhwɛ yiye sɛ yɛrenyɛ biribiara a n’ani nnye ho. Ɛnyɛ sɛ yesuro sɛ ɔbɛtwe yɛn aso nti na yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛbɛhaw no, na mmom ɔdɔ a yɛdɔ no ntia.

7 Mfatoho bi ni: Wo de, hwɛ papa bi a ɔne ne ba abarimaa ntam yɛ kama. Akwadaa no ara tumi hu sɛ ne papa pɛ n’asɛm paa, na onsi no fam koraa. Akwadaa no nim nso sɛ ne papa pɛ sɛ ɔyɛ akwadaa pa, na sɛ ɔyɛ asoɔden a, ɔbɛtea no. Ne nyinaa akyi no, akwadaa no hu ne papa a, onguan te sɛ nea wahu kakae. Mmom, ɔdɔ ne papa paa. Nea akwadaa no pɛ paa ne sɛ ɔbɛyɛ nneɛma a ɛbɛma ne papa ani agye. Saa ara na sɛ yesuro Onyankopɔn a yɛbɛyɛ. Esiane sɛ yɛdɔ yɛn soro Agya Yehowa nti, yɛhwɛ yiye paa sɛ yɛrenyɛ biribi a ɛbɛma wadi awerɛhow wɔ ne koma mu. (Genesis 6:6) Mmom, yɛpɛ sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛbɛma ne koma atɔ ne yam. (Mmebusɛm 27:11) Ɛno nti na yɛpɛ sɛ yɛde yɛn tumi yɛ adwuma yiye no. Ma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi ayɛ saa.

Abusua Mu

8. (a) Tumi bɛn na okununom wɔ wɔ abusua mu, na sɛn na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma? (b) Ɛdɛn na okunu bɛyɛ de akyerɛ sɛ odi ne yere ni?

8 Ma yenni kan nhwɛ abusua mu. Efesofo 5:23 ka sɛ: “Ɔyere ti ne ne kunu.” Tumi a Onyankopɔn de ama ɔbarima no, sɛn na ɛsɛ sɛ ɔde yɛ adwuma? Bible ka kyerɛ okununom sɛ wɔne wɔn yerenom ntena ‘wɔ nimdeɛ mu, na wonni mmea no ni sɛ anwenne a ɛyɛ mmerɛw.’ (1 Petro 3:7) Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘nidi’ no, ɛkyerɛ “edi mu, . . . obu.” Edu baabi nso a wotumi kyerɛ ase ‘akyɛde’ ne ‘ɛsom bo.’ (Asomafo Nnwuma 28:10; 1 Petro 2:7) Sɛ ɔbarima di ne yere ni a, ɔrenhwe no da. Afei nso, ɔrengu n’anim ase, na ɔremmu no animtiaa mma ɔnte nka sɛ ɔyɛ nipahunu. Mmom, ohu sɛ ne yere som bo, na odi no ni. Sɛ ɔne ne yere nko ara na ɛwɔ hɔ oo, sɛ wɔwɔ nnipa mu oo, ɔde ne kasa ne ne nneyɛe kyerɛ sɛ ne yere som bo ma no. (Mmebusɛm 31:28) Sɛ ɔbarima yɛ ne yere saa a, ɛma ne yere dɔ no na obu no. Na nea ɛkyɛn saa koraa no, ɛma Onyankopɔn gye no tom.

Okunu ne ɔyere, sɛ obiara dɔ ne yɔnko na obiara di ne yɔnko ni a, ɛkyerɛ sɛ wɔde wɔn tumi reyɛ adwuma yiye

9. (a) Tumi bɛn na ɔyerenom wɔ wɔ abusua mu? (b) Dɛn na ebetumi aboa ɔyere bi ma ɔde ne dom akyɛde aboa ne kunu, na dɛn na ebefi mu aba?

9 Ɔyerenom nso wɔ tumi bi wɔ abusua mu. Wohwɛ Bible mu a, wubehu mmea a na wɔsuro Onyankopɔn na wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ wɔn kununom ase. Nanso na wɔdi kan tu anammɔn yɛ nneɛma bi de boa wɔn kununom ma wɔyɛ adepa anaasɛ na wɔboa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensi gyinae bɔne biara. (Genesis 21:9-12; 27:46–28:2) Ebetumi aba sɛ ɔyere bi nim ade sen ne kunu, anaasɛ ebetumi aba sɛ onim nneɛma bi yɛ sen ne kunu. Nanso, ɛsɛ sɛ onya “obu kɛse” ma ne kunu, na ‘ɔbrɛ ne ho ase’ ma no ‘te sɛ nea ɔreyɛ ama Awurade.’ (Efesofo 5:22, 33) Sɛ ɔyere de si n’ani so sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛremma ɔmfa ne nimdeɛ mmu ne kunu animtiaa anaa ɔremfa nhyɛ ne so. Mmom ɔde ne nimdeɛ ne ne dom akyɛde bɛtaa ne kunu akyi. “Ɔbea nyansafo” a ɔte saa ne ne kunu bɛyɛ baako na wɔahyɛ wɔn abusua no den. Ɔyɛ saa a, ɛbɛma ɔne Onyankopɔn ntam akɔ so ayɛ kama.—Mmebusɛm 14:1.

10. (a) Tumi bɛn na Onyankopɔn de ama awofo? (b) Asɛmfua “nteɛso” kyerɛ sɛn, na sɛn na ɛsɛ sɛ awofo tene wɔn mma so? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

10 Awofo nso, Onyankopɔn ama wɔn tumi. Bible ka sɛ: “Agyanom nso, monnhyɛ mo mma abufuw, na mmom monkɔ so ntete wɔn Yehowa nteɛso ne ne kasakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Wokɔ Bible mu a, asɛmfua “nteɛso” betumi akyerɛ “ntetee ne nkyerɛkyerɛ.” Ntenesoɔ boa nkwadaa. Sɛ yɛma wɔn akwankyerɛ ma wɔhu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne nea enni sɛ wɔyɛ a, ɛboa wɔn nkakrankakra ma wɔnyin kama bɛyɛ mpanyin pa. Bible ka sɛ ntenesoɔ ne akwankyerɛ a yɛde ma nkwadaa no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ no ɔdɔ mu. (Mmebusɛm 13:24) Wei nti, “nteɛso abaa” no, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma atirimɔden so da. Ɛnsɛ sɛ yɛde teetee nkwadaa anaa yɛde hwe wɔn pirapira wɔn. a (Mmebusɛm 22:15; 29:15) Sɛ awofo twe wɔn mma aso yayaayaw a ɔdɔ biara nnim a, ɛkyerɛ sɛ wɔredi tumi bɔne. Ɛba saa a, nkwadaa no werɛ bɛhow paa. (Kolosefo 3:21) Nanso, sɛ awofo tene wɔn mma so sɛnea ɛsɛ na ɛfata a, nkwadaa no behu sɛ wɔn awofo dɔ wɔn, na wɔpɛ sɛ esi wɔn yiye daakye.

11. Ɛdɛn na nkwadaa yɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ wɔde wɔn tumi anaa wɔn ahoɔden reyɛ adwuma yiye?

11 Nkwadaa nso ɛ? Tumi anaa ahoɔden a wɔwɔ no, wɔbɛyɛ dɛn de ayɛ adwuma yiye? Mmebusɛm 20:29 ka sɛ: “Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden.” Nokwarem no, ade a mfaso wɔ so paa a mmerante ne mmabaawa betumi de wɔn ahoɔden ayɛ ne sɛ wɔde bɛsom yɛn “Bɔfo Kɛse” no. (Ɔsɛnkafo 12:1) Ɛsɛ sɛ nkwadaa kae sɛ wɔn nneyɛe betumi ama wɔn awofo ani agye na ebetumi nso ama wɔadi awerɛhow. (Mmebusɛm 23:24, 25) Sɛ nkwadaa tie wɔn awofo a wɔsuro Onyankopɔn no, na wɔyɛ adepa a, ɛma wɔn awofo koma tɔ wɔn yam. (Efesofo 6:1) Suban a ɛte saa ‘sɔ Awurade ani.’—Kolosefo 3:20.

Asafo Mu

12, 13. (a) Tumi a mpanyimfo no wɔ wɔ asafo no mu no, sɛn na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma? (b) Nea enti a ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nguan no brɛbrɛ no, fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.

12 Yehowa ama yɛn ahwɛfo a wɔdi yɛn anim wɔ Kristofo asafo no mu. (Hebrifo 13:17) Saa mmarima a wɔfata sɛ wɔdi asafo no anim no, ɛsɛ sɛ wɔde tumi a Onyankopɔn de ama wɔn no yɛ adwuma de boa wɔn nuanom Kristofo a wɔhia mmoa, na wɔboa wɔn nso ma wɔne Yehowa ntam yɛ kama. Esiane sɛ mpanyimfo no yɛ ahwɛfo nti, wɔbetumi de wɔn tumi ahyɛ wɔn nuanom Kristofo so anaa? Daabida! Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no brɛ wɔn ho ase, na wɔhu nea Yehowa pɛ sɛ wɔyɛ wɔ asafo no mu ne nea enni sɛ wɔyɛ. (1 Petro 5:2, 3) Bible ka kyerɛ ahwɛfo anaa mpanyimfo no sɛ: “Monhwɛ Onyankopɔn asafo a ɔde ɔno ara ne Ba mogya tɔe no so yiye.” (Asomafo Nnwuma 20:28) Saa asɛm no mu yɛ du paa, ɛno nti ɛsɛ sɛ mpanyimfo no dɔ obiara a ɔwɔ asafo no mu na wɔyɛ no brɛbrɛ.

13 Yebetumi de wei ayɛ mfatoho. Fa no sɛ, wo yɔnko berɛbo bi de n’ade a ɛda ne koma so paa ama wo sɛ hwɛ so ma no. Wunim sɛ ade a w’adamfo no de ama wo no, ɔtɔɔ no aboɔden paa. Ɛno nti, wobɛhwɛ so yiye paa na ansɛe, ɛnte saa? Mpanyimfo no nso, Onyankopɔn de biribi a ɛsom bo ma no paa ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ so. Ɛyɛ dɛn ade? Ɛyɛ anuanom a wɔwɔ asafo no mu no. Bible de wɔn toto nguan ho. (Yohane 21:16, 17) Yehowa nguan da ne koma so paa, na onsi wɔn fam. Nokwasɛm ne sɛ, ɔde ne Ba Yesu Kristo a ɔwoo no koro no mogya a ɛsom bo no na ɛtɔɔ wɔn. Ade a Yehowa de tɔɔ ne nguan no, ne bo yɛ den kyɛn biribiara. Mpanyimfo no brɛ wɔn ho ase, na bere nyinaa wɔkae sɛ Yehowa tɔɔ nguan no aboɔden paa. Ɛno nti wɔn ani ku nguan no ho yiye.

‘Tɛkrɛma Wɔ Tumi’

14. Tumi bɛn na tɛkrɛma wɔ?

14 Bible ka sɛ: “Owu ne nkwa wɔ tɛkrɛma nsam [anaa “tɛkrɛma tumi mu,” ase hɔ asɛm].” (Mmebusɛm 18:21) Nea ɛwom ne sɛ, tɛkrɛma anaa yɛn anom asɛm betumi asɛe ade pii. Yɛn nyinaa, sɛ obi ka asɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ yɛn a, ɛtɔ da a, etumi haw yɛn paa. Ɛnte saa? Tɛkrɛma wɔ tumi a ɛde yɛ ade yiye nso. Mmebusɛm 12:18 ka sɛ: “Anyansafo tɛkrɛma de, ɛsa yare.” Ampa, sɛ obi ka asɛm a ɛyɛ dɛ kyerɛ yɛn a, ɛte sɛ aduru a edwudwo koma, na ɛma yɛn ho tɔ yɛn fɔmm. Yɛnhwɛ wei ho nhwɛso.

15, 16. Sɛn na yebetumi de yɛn tɛkrɛma ahyɛ afoforo nkuran?

15 Bible ka wɔ 1 Tesalonikafo 5:14 sɛ: “Wɔn a wɔabotow no, monkyekye wɔn werɛ.” Yehowa asomfo a wɔdi nokware mpo, ɛtɔ da a wɔtumi nya adwenemhaw. Ɛdɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn? Yi wo yam kamfo wɔn wɔ ade pɔtee bi a woahu wɔ wɔn ho. Woyɛ saa a, ɛbɛma wɔahu sɛ sɛɛ wɔsom bo ma Yehowa. Ka Bible mu asɛm a ebetumi akyekye wɔn werɛ kyerɛ wɔn, asɛm a ɛbɛma wɔahu sɛ wɔn a wɔn “koma abubu” na wɔn “abam abu” no, Yehowa dwen wɔn ho paa, na ɔdɔ wɔn. (Dwom 34:18) Sɛ yɛde yɛn tɛkrɛma anaa yɛn anom asɛm kyekye nkurɔfo werɛ a, na yɛresuasua yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu a “ɔkyekye wɔn a wɔabotow werɛ no.”—2 Korintofo 7:6, New American Standard Bible.

16 Ade foforo bi nso wɔ hɔ a yebetumi de tumi a yɛn tɛkrɛma wɔ no ayɛ. Ɛne sɛ, nkurɔfo a wɔn abam abu paa no, yebetumi de ahyɛ wɔn den. Wunim onua bi a ne ho nipa awu anaa? Sɛ yɛka kyerɛ no sɛ, ɛyɛ yɛn yaw paa sɛ asɛm a ɛte saa ato no a, ebetumi akyekye ne werɛ. Wunim onua anaa onuawa bi a ne mfe akɔ anim a n’adwene yɛ no sɛ ne so nni mfaso wɔ asafo no mu anaa? Sɛ yɛkasa ma ɛtɔ ne koma so a, ɛbɛma wahu sɛ ne ho hia, na ɔsom bo. Wunim obi a yareɛ koankorɔ reteetee no anaa? Wubetumi afrɛ no tɛlefon so, wubetumi akyerɛw no krataa, anaa wubetumi akɔsra no na woaka awerɛkyekyesɛm akyerɛ no. Sɛ woyɛ saa a, ebetumi ahyɛ no den. Sɛ yɛde yɛn tɛkrɛma ka asɛm ma “ɛhyɛ nkurɔfo den” a, wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛma Ɔbɔadeɛ no ani agye!—Efesofo 4:29.

17. Ade a ehia paa bɛn na yebetumi de yɛn tɛkrɛma ayɛ ama nkurɔfo anya so mfaso? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa adwuma no?

17 Tumi a tɛkrɛma wɔ no, ade baako a ehia paa a yebetumi de ayɛ ne sɛ yɛde bɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa akyerɛ nkurɔfo. Mmebusɛm 3:27 ka sɛ: “Wɔn a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔn papa no, mfa nkame wɔn, bere a wowɔ tumi a wode bɛboa no.” Ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛka asɛmpa a egye nkwa no kyerɛ nkurɔfo. Asɛmpa a egye nkwa a Yehowa de adom yɛn no, ɛnsɛ sɛ yɛde kame nkurɔfo. (1 Korintofo 9:16, 22) Nanso, asɛm no ne sɛ, sɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no?

Ade a ehia paa a yebetumi de yɛn tumi anaa yɛn ahoɔden ayɛ ne sɛ yɛde bɛka asɛmpa no

Fa ‘W’ahoɔden Nyinaa’ Som Yehowa

18. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ?

18 Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no pia yɛn ma yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no kɛse. Sɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no? Sɛnea ɔpɛ sɛ yɛyɛ no no, obiara betumi ayɛ no saa. Sɛ yɛte sɛn oo, yɛte sɛn oo, yebetumi ayɛ. Bible se: “Sɛ moreyɛ biribiara a, mumfi ɔkra nyinaa mu nyɛ no sɛnea moreyɛ ama Yehowa na ɛnyɛ nnipa.” (Kolosefo 3:23) Yesu kaa sɛ mmara a ɛyɛ kɛse paa no, ɛno ne: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Marko 12:30) Ampa, Yehowa pɛ sɛ yɛn mu biara dɔ no na yefi yɛn kra nyinaa mu som no.

19, 20. (a) Sɛ yɛka ɔkra a, yɛn koma, yɛn adwene, ne yɛn ahoɔden nyinaa ka ho. Ɛnde adɛn nti na Yesu bobɔɔ ebiara din mmaako mmaako wɔ Marko 12:30? (b) Sɛ yɛka sɛ yemfi yɛn kra nyinaa mu nsom Yehowa a, ɛkyerɛ sɛn?

19 Sɛ yɛka sɛ yemfi yɛn kra nyinaa mu nsom Nyankopɔn a, ɛkyerɛ sɛn? Sɛ yɛka ɔkra a, egyina hɔ ma onipa mũ no nyinaa, kyerɛ sɛ, yɛn koma, yɛn adwene, ne yɛn ahoɔden nyinaa ka ho. Sɛ yɛn koma, yɛn adwene, ne yɛn ahoɔden ka ɔkra no ho a, ɛnde adɛn nti na Yesu bobɔɔ ebiara din mmaako mmaako wɔ Marko 12:30? Wo de, yɛnyɛ mfatoho yi. Bere a wɔrekyerɛw Bible no, na onipa bi tumi tɔn ne ho (ne kra) kɔyɛ akoa ma obi. Nanso, ebetumi aba sɛ akoa no remfi ne koma nyinaa mu nsom ne wura no; ebia ɔremfa ne koma nyinaa, n’adwene nyinaa, ne n’ahoɔden nyinaa nsom no. (Kolosefo 3:22) Ɛno nti na bere a Yesu kaa “ɔkra” ho asɛm no, ɔsan kaa koma, adwene, ne ahoɔden ho asɛm mmaako mmaako no. Ɔyɛɛ saa de sii so dua sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho nyinaa, kyerɛ sɛ, yɛn biribiara som Onyankopɔn. Yɛn kra nyinaa a yɛde bɛsom Onyankopɔn no kyerɛ sɛ, yebeku yɛn ho de yɛn ahoɔden nyinaa asom no sɛnea yebetumi.

20 Sɛ yɛka sɛ yemfi yɛn kra nyinaa mu nsom Onyankopɔn a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ahoɔden ne yɛn bere a yɛde yɛ asɛnka adwuma no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa deɛ yɛ pɛpɛɛpɛ anaa? Ɛrentumi mma saa da. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, yɛn ahoɔden ne yɛn asetena mu nsɛm nyɛ pɛ. Wo de hwɛ oo, sɛ obi yɛ aberante anaa ababaawa a, ɔwɔ apɔwmuden, na ɔyɛ adwuma a ɔmmrɛ ntɛm. Ɛno nti, obetumi de bere pii ayɛ asɛnka adwuma no asen obi a n’ani afi a n’ahoɔden so atew. Obi a ɔnwaree a onni abusuafo a ɔhwɛ wɔn no, obetumi anya bere pii de ayɛ asɛnka adwuma no asen obi a waware a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ n’abusua. Sɛ yɛwɔ ahoɔden na yɛn asetena mu nsɛm ma yenya kwan yɛ asɛnka adwuma no pii a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye! Nanso ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia afoforo da, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho toto afoforo na yɛka sɛ nea wɔyɛ wɔ asɛnka adwuma mu no sua. (Romafo 14:10-12) Mmom, yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de hyɛ afoforo nkuran.

21. Ɛdɛn na ehia paa sɛ yɛde yɛn tumi anaa yɛn ahoɔden yɛ?

21 Yehowa de ne tumi yɛ adwuma yiye; ɔde ayɛ nhwɛso a edi mu ama yɛn. Bɔne wɔ yɛn ho de, nanso yɛpɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa suasua Yehowa. Nnipa a yɛwɔ wɔn so tumi kakra no, sɛ yeyi yɛn yam boa wɔn na yedi wɔn ni a, ɛkyerɛ sɛ yɛde yɛn tumi reyɛ adwuma yiye. Afei nso, yɛpɛ sɛ yɛde yɛn kra nyinaa yɛ asɛnka adwuma a egye nkwa no, efisɛ ɛno ne adwuma a Yehowa de ama yɛn sɛ yɛnyɛ. (Romafo 10:13, 14) Kae sɛ, nea ɛsɔ Yehowa ani ne sɛ yɛde yɛn kra nyinaa bɛyɛ nea yebetumi. Wohwɛ nea yɛaka yi nyinaa a, ɛnka wo koma sɛ yɛ nea wubetumi biara som yɛn Nyankopɔn a ɔte nnipa ase na ɔdɔ yɛn no anaa? Wei ne ade a ehia paa a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn tumi anaa yɛn ahoɔden yɛ.

a Hebri kasa a wɔde kyerɛw Bible no, asɛmfua “abaa” kyerɛ dua anaa poma. Ɛte sɛ nea oguanhwɛfo de ka ne nguan no. (Dwom 23:4) Enti sɛ Bible ka sɛ awofo wɔ “abaa” a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde akwankyerɛ ma wɔn mma wɔ ɔdɔ mu, na enni sɛ wɔtwe wɔn mma aso yayaayaw anaa wɔtwe wɔn aso atirimɔden so.