Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 2

“Yehowa Dɔ Atɛntrenee”

“Yehowa Dɔ Atɛntrenee”

Ɛnnɛ, ntɛnkyea abu so paa wɔ wiase, na nnipa bebree ka sɛ efi Onyankopɔn. Nanso, ɛnyɛ nokware. Bible ka nokwasɛm bi a ɛka koma paa. Ɛka sɛ, “Yehowa dɔ atɛntrenee.” (Dwom 37:28) Ɔfã yi mu no, yebehu sɛnea Yehowa akyerɛ sɛ ɔdɔ atɛntrenee ampa, na yebehu sɛnea saa asɛm yi bɛma nnipa nyinaa anya anidaso sɛ obeyi ntɛnkyea afi hɔ.

IN THIS SECTION

TI 11

‘N’akwan Nyinaa Tene’

Adɛn nti na Onyankopɔn atɛntrenee twe yɛn bɛn no?

TI 12

‘Onyankopɔn Ntene Anaa?’

Sɛ Yehowa kyi ntɛnkyea a, ɛnde adɛn nti na ntɛnkyea ahyɛ wiase ma saa?

TI 13

“Yehowa Mmara Di Mu”

Ɛbɛyɛ dɛn na mmara atumi ama ɔmanfo adodɔ wɔn ho?

TI 14

Yehowa Ama Yɛn “Agyede De Agye Nnipa Bebree”

Agyede no, ɛnyɛ den sɛ wobɛte ase, nanso emu dɔ, na ebetumi atwe wo abɛn Onyankopɔn.

TI 15

Yesu De “Atɛntrenee Bɛba Asaase So”

Tete no, sɛn na Yesu hwɛ maa atɛntrenee kɔɔ so? Sɛn na ɔrehwɛ ama atɛntrenee akɔ so nnɛ? Na sɛn na ɔbɛhwɛ ama atɛntrenee akɔ so daakye?

TI 16

‘Di Asɛntrenee’ Wɔ Wo Ne Onyankopɔn Nantew Mu

Sɛ yɛde nea ɛyɛ papa ne bɔne wɔ Yehowa ani so no bɔ yɛn bra, na yɛne nkurɔfo tena yiye a, ɛkyerɛ sɛ yɛde atɛntrenee reyɛ adwuma.