Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 11

‘N’akwan Nyinaa Tene’

‘N’akwan Nyinaa Tene’

1, 2. (a) Ntɛnkyea yayaayaw bɛn na wɔbuu Yosef? (b) Ɛdɛn na Yehowa yɛe wɔ ntɛnkyea no ho?

 WƆBUU aberante no ntɛnkyea yayaayaw. Ná aberante no ho yɛ fɛ, na na ɔnyɛɛ bɔne biara. Nanso wɔbɔɔ no kwaadu sɛ anka ɔrekɔto ɔbea bi mmonnaa. Wei nti, wɔde no too afiase. Aberante a yɛreka ne ho asɛm yi, ɔno ne Yosef. Ná ɛnyɛ wei ne nea edi kan a wɔabu no ntɛnkyea. Bere a odii mfe 17 no, ɔno ara ne nuanom yii no mae, na ɛkaa dɛ anka wɔkum no. Ne nuanom tɔn no ma ɔkɔyɛɛ akoa wɔ obi man so. Bere a ɔkɔɔ hɔ no, ne wura yere de ne ho hyehyɛɛ no sɛ ɔne no nna, nanso wampene. Wei nti, ne wura yere no twaa atoro too ne so, ɛno nti na wɔde no too afiase no. Ná Yosef asɛm no yɛ awerɛhow paa. Wohwɛ a, na ɛte sɛ nea onni kamafo biara.

2 Nanso nea ɛrekɔ so nyinaa, na Onyankopɔn a “ɔdɔ trenee ne atɛntrenee” no rehwɛ. (Dwom 33:5) Yehowa dii Yosef asɛm maa no, na ɔhwɛ ma wɔyii no fii afiase. Anso hɔ ara. Bere a Yosef fii afiase no, Yehowa pagyaw no ma onyaa dibea kɛse wɔ aban mu; ɛmaa no nyaa anuonyam paa. (Genesis 40:15; 41:41-43; Dwom 105:17, 18) Ɛmaa obiara hui sɛ Yosef nyɛɛ bɔne biara, na ɔde dibea kɛse a onyae no gyee Onyankopɔn nkurɔfo nkwa.—Genesis 45:5-8.

Wɔbuu Yosef ntɛnkyea de no too afiase

3. Adɛn nti na obiara mpɛ sɛ yebu no ntɛnkyea?

3 Yosef asɛm no ka koma paa, ɛnte saa? Yɛn mu hena na onhui sɛ wɔabu obi ntɛnkyea da, na yɛn mu hena nso na yɛmfaa bi nnii no da? Nokwasɛm ne sɛ, obiara nni hɔ a ɔpɛ sɛ yebu no ntɛnkyea anaa yesisi no. Adɛn ntia? Efisɛ Yehowa bɔɔ yɛn no, ɔde ne suban no bi duaa yɛn mu, na ne suban atitiriw no, baako ne atɛntrenee. (Genesis 1:27) Sɛ yebetumi ahu Yehowa yiye a, ɛsɛ sɛ yehu sɛnea atɛntrenee ho hia no. Ɛbɛma yɛn ani agye sɛnea ɔyɛ n’ade ho paa, na aka yɛn ama yɛatwe abɛn no kɛse.

Dɛn Ne Atɛntrenee?

4. Nnipa fam de, yɛka atɛntrenee a, ɛtaa kyerɛ sɛn?

4 Nnipa fam de, yɛka atɛntrenee a, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, nea mmara ka no, saa pɛpɛɛpɛ na atumfoɔ de bɛyɛ adwuma ama obiara. Nhoma bi ka sɛ “yɛka atɛntrenee a, ɛfa mmara ho, ɛfa nea nkurɔfo wɔ hokwan sɛ wɔyɛ, ne wɔn asɛde ho. Nea ɛfa ho bio ne sɛ, sɛ obi fata abasobɔ a, ɛsɛ sɛ yɛde ma no, na sɛ obi fata asotwe nso a, ɛsɛ sɛ yɛde ma no.” (Right and Reason—Ethics in Theory and Practice) Nanso ɛnyɛ saa na Yehowa atɛntrenee te. Ɛnyɛ sɛ ɔwɔ hokwan sɛ obu atɛn ara nti, obi yɛ biribi ketekete biara a na wama mmara no ne no adi no ferenkyemm.

5, 6. (a) Hebri ne Greek nsɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “atɛntrenee” no, ɛkyerɛ sɛn? (b) Sɛ yɛka sɛ Onyankopɔn bu atɛntrenee a, ɛkyerɛ sɛn?

5 Sɛ yebetumi ate biribiara a ɛfa Yehowa atɛntrenee ho ase yiye a, gye sɛ yɛhwɛ Hebri ne Greek nsɛmfua a wɔdii kan de yɛɛ adwuma bere a wɔkyerɛw Bible no. Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔde nsɛmfua atitiriw mmiɛnsa na egyinaa hɔ maa atɛntrenee. Asɛmfua no baako a wɔtaa kyerɛ ase “atɛntrenee” no, wɔtumi nso kyerɛ ase “nea ɛteɛ.” (Genesis 18:25) Nsɛmfua mmienu a ɛka ho no nso wɔtaa kyerɛ ase “trenee.” Wokɔ Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu a, asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “trenee” no, wɔkyerɛ ase “ade a ɛteɛ anaa atɛntrenee.” Enti yɛbɛka paa a, trenee ne atɛntrenee reyɛ akyerɛ ade koro.—Amos 5:24.

6 Enti sɛ Bible ka sɛ Onyankopɔn bu atɛntrenee a, na ɛreka akyerɛ yɛn sɛ ɔyɛ nea ɛtene, na nea ade da no, ɔde to hɔ. Saa na ɔyɛ ma obiara; ɔnyɛ nyiyim. (Romafo 2:11) Enti, ɛnyɛ ade a Onyankopɔn bɛyɛ ade a ɛntene da. Ɔnokwafo Elihu kaa sɛ: “Ɛrentumi mma da sɛ nokware Nyankopɔn no bɛyɛ bɔne! Na ɛrentumi mma da sɛ ade nyinaa so Tumfo no bɛyɛ adebɔne!” (Hiob 34:10) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa rentumi mmu ntɛnkyea da. Adɛn nti na yɛreka saa? Nneɛma atititiw mmienu bi ntia.

7, 8. (a) Adɛn nti na Yehowa ntumi mmu ntɛnkyea? (b) Sɛ Yehowa ne afoforo reyɛ biribi a, ɛdɛn na ɛma ɔyɛ adetrenee, na obu atɛntrenee?

7 Nea edi kan, Yehowa yɛ kronkron. Yehui wɔ nhoma yi Ti 3 sɛ, Yehowa ho tew, ɔtene, na efĩ ne nkekaawa biara nni ne ho. Enti, ɛnyɛ ade a obetumi ayɛ biribi a ɛntene, na ɔrentumi mmu ntɛnkyea nso da. Yɛnhwɛ nea ɛno kyerɛ. Esiane sɛ yɛn soro Agya no yɛ kronkron nti, yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ, ɔrenyɛ ne mma basabasa da. Ná Yesu wɔ Yehowa mu awerɛhyem a ɛte saa. Ade rebɛkye ama Yesu awu no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “Agya Kronkron, wo ara wo din . . . nti, hwɛ wɔn [asuafo no] so.” (Yohane 17:11) Yɛhwɛ Kyerɛwnsɛm no mu a, Yehowa nko ara na yɛfrɛ no “Agya Kronkron.” Ɛfata sɛ yɛfrɛ no saa, efisɛ agya biara nni hɔ a ɔyɛ kronkron te sɛ Yehowa. Ná Yesu wɔ awerɛhyem paa sɛ n’Agya bɛbɔ n’asuafo no ho ban, efisɛ n’Agya no yɛ kronkron, ne ho tew, na bɔne biara nni ne ho.—Mateo 23:9.

8 Nea ɛtɔ so mmienu, Onyankopɔn yɛ ɔdɔ. Ne dɔ yɛ kɛse paa, na pɛsɛmenkominya biara nni ne mu. Sɛ ɔne afoforo reyɛ biribiara a, ɔdɔ a ɛte saa ma ɔyɛ adetrenee, na obu atɛntrenee. Yɛka ntɛnkyea a, egu ahorow. Ebi ne nnipa mu nyiyim ne animhwɛ. Mpɛn pii no, adifudepɛ ne pɛsɛmenkominya na ɛma nkurɔfo bu ntɛnkyea. Ɛnkyerɛ ɔdɔ koraa. Nanso, Bible ka ɔdɔ Nyankopɔn no ho asɛm sɛ: “Yehowa teɛ, na ɔdɔ adetrenee.” (Dwom 11:7) Yehowa ka ɔno ara ne ho asɛm sɛ: “Me, Yehowa, medɔ atɛntrenee.” (Yesaia 61:8) Sɛnea yɛabehu sɛ Onyankopɔn pɛ adetrenee na obu atɛntrenee no, ɛmma wunnya awerɛkyekye anaa?—Yeremia 9:24.

Yehowa Wɔ Mmɔborɔhunu, Na N’atɛntrenee Wie Pɛyɛ

9-11. (a) Sɛn na Yehowa de n’atɛntrenee ne ne mmɔborɔhunu bom yɛ adwuma? (b) Sɛnea Yehowa ne nnipa abɔnefo di no, sɛn na ɛma yehu sɛ obu atɛntrenee, na ɔwɔ mmɔborɔhunu nso?

9 Yehowa atɛntrenee wie pɛyɛ te sɛ ne suban afoforo a aka a ɛyɛ fɛ no; n’atɛntrenee di mu akwan nyinaa mu. Mose kamfoo Yehowa sɛ: “Ɔbotan no, ɔyɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ, na n’akwan nyinaa teɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo a ntɛnkyea biara nni n’akwan mu, ɔtreneeni a obu atɛntrenee.” (Deuteronomium 32:3, 4) Asɛm biara nni Yehowa atɛntrenee ho. Ɔnyere mu denneennen, ɛnna ɔngow mu bebree nso.

10 Yehowa de atɛntrenee reyɛ adwuma a, ɔde mmɔborɔhunu ka ho. Dwom 116:5 ka sɛ: “Yehowa wɔ ayamhyehye na ɔyɛ ɔtreneeni [“obu atɛntrenee,” The New American Bible]; yɛn Nyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufo.” Ampa, Yehowa bu atɛntrenee, na ɔwɔ mmɔborɔhunu nso. Yɛka sɛ Yehowa bu atɛntrenee a, ɛnkyerɛ sɛ onni mmɔborɔhunu, ɛnna yɛka sɛ ɔwɔ mmɔborɔhunu nso a, ɛnkyerɛ sɛ ommu atɛntrenee. Sɛ Yehowa da mmɔborɔhunu adi a, ɛnkyerɛ sɛ wagow n’atɛntrenee mu dodo. Afei nso, ɛnkyerɛ sɛ n’atɛntrenee mu yɛ den dodo nti na ehia sɛ ɔda mmɔborɔhunu adi. Mmom, ɔtaa de n’atɛntrenee ne ne mmɔborɔhunu bom yɛ adwuma bere nyinaa. Ma yɛnhwɛ wei ho nhwɛso.

11 Wɔde bɔne awo nnipa nyinaa, na esiane sɛ bɔne akatua ne owu nti, yɛn nyinaa fata owu. (Romafo 5:12) Nanso, Yehowa ani nnye ɔbɔnefo wu ho. Ɔyɛ ‘Onyankopɔn a oyi ne yam de bɔne kyɛ, ɔwɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu.’ (Nehemia 9:17) Nanso, esiane sɛ ɔyɛ kronkron nti, ɔnsosɔ bɔne so. Ɛnde, nnipa a wɔde bɔne awo yɛn yi, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ada mmɔborɔhunu adi akyerɛ yɛn? Nokwasɛm bi wɔ Bible mu a ɛho hia paa, na ɛno na ɛma yenya saa asɛmmisa yi ho mmuae. Ɛne sɛ: Agyede a wɔnam so begye nnipa nkwa no, Yehowa atua. Saa ntotoe a Yehowa fi ɔdɔ mu ayɛ ama yɛn yi, sɛ yedu nhoma yi Ti 14 a, yebesua ho ade pii. Agyede no ma yehu sɛ Yehowa atɛntrenee di mu, na ne mmɔborɔhunu nso dɔɔso paa. Agyede no nti, abɔnefo a wɔanu wɔn ho no, Yehowa betumi ahu wɔn mmɔbɔ. Nanso, ɔreyɛ saa nyinaa no, n’atɛntrenee no de, ɔntoto no ase, na ɔngow mu.—Romafo 3:21-26.

Yehowa Atɛntrenee Ma Yɛtwe Bɛn No

12, 13. (a) Adɛn nti na Yehowa atɛntrenee ma yɛtwe bɛn no? (b) Ɛdɛn na Dawid hu faa Yehowa atɛntrenee ho, na sɛn na ebetumi akyekye yɛn werɛ?

12 Yehowa atɛntrenee mpam yɛn mfi ne ho, mmom ɛtwe yɛn bɛn no. Bible ma yehu paa sɛ, sɛ Yehowa rebu atɛntrenee a, ɔde ɔdɔ ne ayamhyehye ka ho. Ma yɛnhwɛ wei ho nhwɛso, na ɛbɛka yɛn koma paa.

13 Yehowa atɛntrenee wie pɛyɛ, enti odi n’asomfo nokware, na ɔbata wɔn ho bere nyinaa. Yehowa atɛntrenee nti, sɛnea odi n’asomfo nokware na ɔbata wɔn ho no, odwontofo Dawid hui wɔ ɔno ara n’asetena mu. Dawid hui sɛ Yehowa yɛ adamfo a ɔbata ne ho, ɛnna ohuu sɛnea Yehowa ne afoforo nso faa adamfo. Ɛno nti, Dawid kaa sɛ: “Yehowa dɔ atɛntrenee, na ɔrennyaw n’anokwafo. Ɔbɛhwɛ wɔn so daa.” (Dwom 37:28) Saa asɛm yi ma yɛn koma tɔ yɛn yam paa! Wɔn a wɔdi yɛn Nyankopɔn no nokware no, ɔrennyaw wɔn mu da. Yehowa atɛntrenee nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbata yɛn ho, na ɔma n’ani ku yɛn ho.—Mmebusɛm 2:7, 8.

14. Mmara a Yehowa de maa Israelfo no ma yehu sɛ odwen mmɔborɔwafo ho. Ɛdɛn na ɛkyerɛ saa?

14 Onyankopɔn de n’atɛntrenee di ma mmɔborɔwafo. Mmara a Yehowa de maa Israelfo no ma yehu sɛnea odwen mmɔborɔwafo ho. Wo de hwɛ, Onyankopɔn yɛɛ nhyehyɛe fɛfɛɛfɛ bi wɔ Mose Mmara no mu, na ɛmaa nnyanka ne akunafo nsa kaa nneɛma a wɔhia. (Deuteronomium 24:17-21) Yehowa hui sɛ na asetena betumi ayɛ den ama nnyanka ne akunafo, enti ɔno ankasa bɛyɛɛ wɔn Agya bɔɔ wɔn ho ban. Na ‘obuu atɛntrenee maa nnyanka ne akunafo.’ a (Deuteronomium 10:18; Dwom 68:5) Yehowa bɔɔ Israelfo no kɔkɔ sɛ, sɛ wɔsisi mmea ne nkwadaa a wɔnni kamafo, na wɔsu frɛ no a, obetie wɔn sufrɛ. Ɔkaa sɛ: “M’abufuw bɛdɛw.” (Exodus 22:22-24) Ɛwom sɛ Yehowa ntaa mfa abufuw, nanso sɛ obi hyɛ da sisi nkurɔfo, ɛnkanka, mmɔborɔwafo ne wɔn a wɔnni kamafo a, ɛma ne bo fuw, na sɛ ne bo fuw a, ɛfata.—Dwom 103:6.

15, 16. Ade baako bɛn paa na ɛkyerɛ sɛ Yehowa nhwɛ nnipa anim?

15 Yehowa ama yɛn awerɛhyem nso sɛ “ɔnyɛ nyiyim na onnye adanmude” anaa braeb. (Deuteronomium 10:17) Nnipa a ɛwɔ tumi wɔ wiase yi mu no, wɔtaa di ma asikafo ne wɔn a wɔwɔ din. Yehowa de, ɔnte saa koraa. Ɔnhwɛ nnipa anim, na ɔnyɛ nyiyim nso. Ma yɛnhwɛ ade baako bi a ɛkyerɛ paa sɛ Yehowa nhwɛ nnipa anim. Ɛne sɛ, kwan a Onyankopɔn abue ama yɛn sɛ yɛmmɛsom no na yennya daa nkwa no, ɛnyɛ nnipa atitiriw bi nko ara na ɛwɔ hɔ ma wɔn. Mmom no, Bible ka sɛ “ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ nea ɛteɛ no, ogye no tom.” (Asomafo Nnwuma 10:34, 35) Saa hokwan kamakama yi, Yehowa abue ama obi biara. Sɛ onipa no te sɛn oo, ɔte sɛn oo, ɔyɛ tuntum oo, ɔyɛ kɔkɔɔ oo, ofi he oo, ofi he oo, hokwan no wɔ hɔ ma obiara. Enti sɛ yɛka sɛ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim na ɔnyɛ nyiyim a, ɛnyɛ nokware anaa?

16 Ma yɛnhwɛ ade foforo a Yehowa de n’atɛntrenee yɛ: ɛno ne sɛnea ɔne wɔn a wɔbu ne mmara so di.

Ɔremma Nea Odi Fɔ Mfa Ne Ho Nni

17. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ntɛnkyea a abu so wɔ wiase yi mu no nkyerɛ sɛ Yehowa mmu atɛntrenee?

17 Ebia ebinom bɛka sɛ: ‘Sɛ Yehowa nsosɔ bɔne so a, ɛnde adɛn nti na ntɛnkyea abu so ama nnipa bebree rehu amane, na nnipa abrabɔ aporɔw wɔ wiase saa?’ Nneɛma bɔne a ɛrekɔ so no nkyerɛ sɛ Yehowa mmu atɛntrenee. Bɔne a nnipa nya fii Adam hɔ no na akɔfa ntɛnkyea pii a ɛrekɔ so wɔ wiase bɔne yi mu no aba. Afei nso, nnipa pii wɔ wiase yi mu a wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔrentie Yehowa asɛm, na ne nyinaa ka ho bi na ntɛnkyea abu so saa no. Nanso ɛrenkyɛ, ne nyinaa to betwa.—Deuteronomium 32:5.

18, 19. Yɛyɛ dɛn hu sɛ wɔn a wɔhyɛ da bu Yehowa mmara so no, ɔremma wɔmfa wɔn ho nni?

18 Ampa, nnipa a wɔwɔ koma pa na wɔpɛ sɛ wɔtwe bɛn Yehowa no, oyi mmɔborɔhunu kɛse adi kyerɛ wɔn, nanso ɔrenhwɛ mma nnipa ngu ne din kronkron no ho fĩ afebɔɔ. (Dwom 74:10, 22, 23) Atɛntrenee Nyankopɔn no nyɛ obi a yedi ne ho fɛw, na nkurɔfo a wɔasi wɔn bo sɛ bɔne ara na wɔbedi no, ɔbɛma wɔanya asotwe a ɛfata wɔn. Yehowa yɛ “Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye, nea ne bo mfuw ntɛm, nea ne dɔ a enni huammɔ nni ano, na ne nokwaredi dɔɔso. . . . Nanso ɔremma nea odi fɔ mfa ne ho nni da.” (Exodus 34:6, 7) Saa asɛm yi nti, wɔn a wɔhyɛ da bu Yehowa mmara so no, ɛyɛ a Yehowa taa twe wɔn aso.

19 Wo de, yɛnhwɛ sɛnea Onyankopɔn ne tete Israel man no dii. Bere a Israelfo no kɔtenaa Bɔhyɛ Asase no so mpo no, wɔkɔɔ so yɛɛ Yehowa so asoɔden mpɛn pii. Ɛwom sɛ nneɛma bɔne a wɔyɛe no maa Yehowa “werɛ howee” de, nanso wampo wɔn prɛko pɛ. (Dwom 78:38-41) Mmom, ohuu wɔn mmɔbɔ, na ɔmaa wɔn akwannya sɛ wɔmfa nsesa wɔn adwene. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “M’ani nnye ɔbɔnefo wu ho; nea mepɛ ne sɛ ɔbɔnefo bɛsesa n’akwan na wanya nkwa. Enti monsan, monsan mfi mo akwammɔne so. O Israel fi, adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ muwuwu?” (Hesekiel 33:11) Esiane sɛ nkwa som bo ma Yehowa nti, ɔsomaa n’adiyifo kɔɔ Israelfo no nkyɛn mpɛn pii sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbegyae nneɛma bɔne a na wɔreyɛ no. Nanso, na wɔn mu dodow no ara asen wɔn kɔn, enti wɔantie Yehowa asɛm ansakra wɔn adwene. Esiane sɛ Yehowa din kronkron no ho hia no nti, eduu baabi no, ɔmaa kwan maa Israelfo no atamfo dii wɔn so nkonim.—Nehemia 9:26-30.

20. (a) Sɛnea Yehowa ne Israelfo no dii no, ɛdɛn na ɛma yehu fa ne ho? (b) Adɛn nti na ɛfata sɛ Bible de gyata gyina hɔ ma Nyankopɔn atɛntrenee?

20 Yɛhwɛ sɛnea Yehowa ne Israelfo no dii a, ɛdɛn na yehu fa ne ho? Ade baako a yehu ne sɛ, Yehowa ani hu biribiara, enti nneɛma bɔne a nkurɔfo yɛ no, ohu ne nyinaa, na etumi ma ne werɛ how paa. (Mmebusɛm 15:3) Yehu nso sɛ, abɔnefo a wɔnu wɔn ho no, ɛyɛ a ohu wɔn mmɔbɔ, na ɛno ma yenya awerɛkyekye. Afei nso, yɛahu sɛ ɔmpere ne ho mmu atɛn. Yehowa abotare nti, ɛyɛ a nnipa bebree nya adwene sɛ, ɔrentwe abɔnefo aso da. Nanso, saa asɛm no nyɛ nokware, efisɛ sɛnea Onyankopɔn ne Israelfo no dii no ma yehu sɛ n’abotare wɔ baabi a ekosi. Yehowa nte sɛ nnipa a ɛtɔ da a wɔsuro sɛ wɔbebu atɛntrenee no. Ɔno de, ɔwɔ akokoduru a ɔde bu atɛntrenee. Ɛno nti na Bible de gyata gyina hɔ ma akokoduru a Yehowa de bu atɛntrenee no. Ɛfata sɛ yɛde gyata ka Onyankopɔn tenabea ne n’ahengua ho asɛm. Efisɛ gyata gyina hɔ ma akokoduru a yɛde bu atɛntrenee. b (Hesekiel 1:10; Adiyisɛm 4:7) Wei nti, yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ, ɛbɔ a wahyɛ sɛ obetu ntɛnkyea ne nsisi afi asase so no, obedi so. Enti, sɛnea Yehowa bu atɛn no, yebetumi abɔ no mmua sɛ: sɛ ehia sɛ ɔde ne nan si fam a, ɔyɛ, na sɛ ehia sɛ ɔda mmɔborɔhunu adi nso a, ɔyɛ saa.—2 Petro 3:9.

Twe Bɛn Atɛntrenee Nyankopɔn No

21. Sɛ yedwinnwen sɛnea Yehowa bu atɛntrenee ho a, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ ne ho, na adɛn ntia?

21 Sɛ yedwinnwen sɛnea Yehowa bu atɛntrenee ho a, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ɔyɛ ɔtemmufo a onni tema a n’asɛm yɛ den a nea ɔretwɛn ara ne sɛ obi bɛyɛ bɔne na watwe n’aso. Mmom, ɛsɛ sɛ yehu no sɛ Agya a ɔdɔ ne mma, na sɛ ehia sɛ ɔde ne nan si fam yɛ biribi a, ɔyɛ no saa; nea ɔyɛ biara nso boa ne mma. Yehowa yɛ Agya a obu atɛntrenee, na ɔde ne nan si fam yɛ nea ɛtene, nanso sɛ ne mma a wɔwɔ asaase so hia ne mmoa anaa ehia sɛ ɔde wɔn bɔne kyɛ wɔn a, ohu wɔn mmɔbɔ.—Dwom 103:10, 13.

22. Anidaso papa bɛn na Yehowa ama yɛanya, na ɛdɛn na ama yɛanya saa anidaso no?

22 Sɛ yɛka sɛ Yehowa bu atɛntrenee a, ɛnyɛ ɛno ara ne sɛ ɔbɛtwe abɔnefo aso; wei ma yɛn ani gye paa! N’atɛntrenee no nso ama yɛanya anidaso papa bi. Ɛno ne daa nkwa, aane, nkwa a edi mu a yebenya wɔ wiase a “trenee bɛtena” mu no. (2 Petro 3:13) Wei ma yehu sɛ Onyankopɔn atɛntrenee ma ɔhwehwɛ akwan a ɔbɛfa agye nnipa nkwa, na ɛnyɛ akwan a ɔbɛfa so atwe yɛn aso. Momma yɛnka, sɛ yɛte Yehowa atɛntrenee ase yiye a, ɛtwe yɛn bɛn no! Sɛnea Yehowa bu atɛntrenee no, yɛbɛto yɛn bo ase ahwehwɛ mu yiye wɔ eti a edidi so no mu.

a Asɛmfua “nnyanka” a ɛwɔ ha no kyerɛ sɛ, ɛnyɛ mmarimaa a wɔn papanom awuwu nko ara na Yehowa dwen wɔn ho, mmom odwen mmaayewa a wɔn papanom awuwu nso ho. Selofehad woo mmea nko ara; wanwo ɔbabarima. Nanso bere a owui no, Yehowa kaa sɛ wɔmfa n’agyapade mma ne mma mmea no. Gyinae a Yehowa sii no, ɔma wɔde hyɛɛ Mose Mmara no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛbɔ mmaayewa a wɔn papanom awuwu nyinaa ho ban.—Numeri 27:1-8.

b Bere bi a Yehowa rebu Israelfo a wɔanni nokware no atɛn no, ɔde ne ho totoo gyata ho.—Yeremia 25:38; Hosea 5:14.