Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 12

‘Onyankopɔn Ntene Anaa?’

‘Onyankopɔn Ntene Anaa?’

1. Sɛ nkurɔfo sisi yɛn anaa wɔsisi obi a, ɛyɛ a ɛka yɛn sɛn?

 NKURƆFO bi asisi aberewa kunafo bi agye ne sika a waboaboa ano ne nkwa nna nyinaa. Maame bi a onni abadae atow ne ba a wawo no tɛkyɛɛ akyene. Wɔde ɔbarima bi akɔto afiase sɛ wayɛ bɔne, nanso ɔnyɛɛ hwee. Wote nsɛm a ɛte saa a, ɛyɛ a ɛka wo sɛn? Yegye di sɛ etumi haw wo paa. Na sɛ ɛhaw wo a, ɛyɛ ne kwan so. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, nnipa de, sɛ biribi rekɔ so na eye a, yɛn ani gye, na sɛ enye nso a, etumi haw yɛn. Ɛno nti, sɛ obi sisi obi anaa obu no ntɛnkyea a, ebetumi ama yɛn bo afuw paa. Nea obi adi no bɔne no, ɛyɛ a yɛpɛ sɛ yɛpata no, na nea ɔyɛɛ bɔne no de, yɛpɛ sɛ mmara ne no di paa. Sɛ atɛntrenee anyɛ adwuma a, ebia yebebisa sɛ: ‘Enti nea ɛrekɔ so yi, Onyankopɔn nhu? Na sɛ ohu a, adɛn nti na ɔnyɛɛ ho hwee?’

2. Bere a Habakuk huu ntɛnkyea a ɛrekɔ so no, ɛdɛn na ɔyɛe, na adɛn nti na Yehowa bo amfuw no?

2 Efi tete besi nnɛ nyinaa, Yehowa asomfo anokwafo bi abisa nsɛm a ɛte saa. Wo de, yɛnhwɛ obi te sɛ odiyifo Habakuk. Ɔbɔɔ mpae bisaa Onyankopɔn sɛ: “Adɛn nti na woma mehwɛ ntɛnkyea a ɛyɛ asefem saa? Adɛn nti na woama awudisɛm, mmarato, nsɛmmɔnedi, ne atirimɔdensɛm abu so wɔ baabiara?” (Habakuk 1:3, Contemporary English Version) Bere a Habakuk bisaa saa asɛm no, Yehowa bo amfuw no. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yehowa ankasa na ɔde atɛntrenee duaa nnipa mu. Ampa, Yehowa de n’atɛntrenee no bi ahyɛ yɛn mu.

Yehowa Kyi Ntɛnkyea

3. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ntɛnkyea a ɛrekɔ so no, Yehowa hu sen yɛn?

3 Ntɛnkyea a ɛrekɔ so nyinaa, Yehowa ani tua; ohu biribiara. Bible ka nea ɛkɔɔ so wɔ Noa bere so ho asɛm sɛ: “Yehowa hui sɛ onipa de abɔnefosɛm ahyɛ asaase so ma, na nea osusuw ho wɔ ne komam nyinaa yɛ bɔne bere nyinaa.” (Genesis 6:5) Wo de, susuw saa asɛm no ho hwɛ. Yɛn de, ntɛnkyea kakra a yɛate ho asɛm anaa nea nkurɔfo de adi yɛn no, ɛno na yenim. Nanso Yehowa de, ntɛnkyea a ɛrekɔ so wɔ wiase baabiara no, ohu. Baako koraa nni hɔ a, onhu! Nea ɛsen saa no, otumi hu nsusuwii bɔne a ɛwɔ nnipa koma mu a ɛma yɛyɛ nneɛma bɔne no.—Yeremia 17:10.

4, 5. (a) Bible mu asɛm bɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa dwen wɔn a nkurɔfo bu wɔn ntɛnkyea no ho? (b) Yehowa ankasa nso, sɛn na wɔde ntɛnkyea no bi adi no?

4 Ɛnyɛ ntɛnkyea a ɛrekɔ so no nko ara na Yehowa hu. Mmom, wɔn a nkurɔfo bu wɔn ntɛnkyea no, Yehowa dwen wɔn ho paa. Bere a aman bi tuu wɔn ani sii Yehowa nkurɔfo so teetee wɔn no, ɛyɛɛ Yehowa yaw sɛ “nkurɔfo dii wɔn ani na wɔteetee wɔn ma wɔtew nisu.” (Atemmufo 2:18) Ebia woahyɛ no nsow sɛ, nnipa bi wɔ hɔ a sɛ wɔhu sɛ ntɛnkyea pii rekɔ so a, ebedu baabi no, sɛ wɔhu bi a, ɛnhaw wɔn bio. Nanso Yehowa de, ɔnte saa koraa! Ntɛnkyea a ɛkɔɔ twi kɔɔ berɛman nyinaa, wahu bi. Wahu no saa bɛyɛ mfe 6,000 ni. Nanso, ɔda so ara kyi ntɛnkyea kɔkɔɔkɔ. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa kyi nneɛma te sɛ “tɛkrɛma a edi atoro,” “nsa a ehwie mogya a edi bem gu,” ne “ɔdansekurumfo a otwa nkontompo.”—Mmebusɛm 6:16-19.

5 Wo de, yɛnhwɛ ade foforo nso a ɛkyerɛ sɛ Yehowa kyi ntɛnkyea. Bere a na Israel akannifo rebu ntɛnkyea no, Yehowa kasa tiaa wɔn denneennen. Ɔde ne honhom kaa odiyifo bi ma obisaa wɔn sɛ: “Ɛnyɛ mo na anka ɛsɛ sɛ muhu nea ɛteɛ?” Sɛnea na saa mmarima a wɔn bra asɛe no de wɔn tumi resisi nkurɔfo no, Yehowa kaa ho asɛm; wamfa biribiara ansie. Owiei no, ɔkyerɛɛ nea ɛbɛba wɔn so. Ɔkaa sɛ: “Wobesu afrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn, nanso ɔremmua wɔn. Ɔde n’anim behintaw wɔn saa bere no, wɔn nneyɛe bɔne nti.” (Mika 3:1-4) Wei ma yehu sɛ Yehowa kyi ntɛnkyea ampa! Ɔno ankasa mpo, wɔde bi adi no! Mfe mpempem pii ni na Satan atwa Yehowa adapaa, nanso nsɛm a wakeka afa Yehowa ho no, baako koraa nyɛ nokware. (Mmebusɛm 27:11) Afei nso, yɛreka ntɛnkyea a emu yɛ yaw paa a ɛmaa Yehowa dii yaw a, ɛno ne ntɛnkyea a wɔbuu ne Ba no. Ne Ba no ‘anyɛ bɔne biara,’ nanso wɔkum no sɛ ɔdebɔneyɛni. (1 Petro 2:22; Yesaia 53:9) Enti yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ wɔn a nkurɔfo bu wɔn ntɛnkyea no, Yehowa hu ne nyinaa, na odwen wɔn ho papaapa.

6. Sɛ nkurɔfo bu yɛn ntɛnkyea a, anhwɛ a yɛbɛyɛ yɛn ade sɛn, na adɛn ntia?

6 Yenim sɛnea Yehowa te nka wɔ ntɛnkyea ho, nanso sɛ nkurɔfo bu yɛn ntɛnkyea anaa obi bu obi ntɛnkyea a, yɛn bo nnwo so koraa. Sɛ ɛba saa a, ɛnyɛ nwanwa. Efisɛ wɔbɔɔ yɛn wɔ Onyankopɔn suban so, na ntɛnkyea nso de, ɛne Yehowa suban biara nhyia. (Genesis 1:27) Ɛnde, adɛn nti na Onyankopɔn ama kwan ama ntɛnkyea rekɔ so?

Asɛm Bi a Ɛho Hia

7. Asɛm bɛn na Satan ka faa Yehowa ho wɔ Eden turo no mu?

7 Sɛ yebehu nea enti a Onyankopɔn ama kwan ama ntɛnkyea rekɔ so a, ma yɛnhwɛ asɛm bi a esii wɔ Eden turo no mu. Yɛahu sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ hokwan sɛ odi asaase ne wɔn a wɔte so nyinaa so. (Dwom 24:1; Adiyisɛm 4:11) Nanso, bere a Yehowa bɔɔ nnipa no, ankyɛ koraa na obi sɛee Yehowa din. Ɔsan nso kaa sɛ sɛnea Yehowa di ne tumi no nyɛ papa. Ɛdɛn na ɛkɔfaa wei bae? Nea ɛte ne sɛ, bere a Yehowa bɔɔ Adam, onipa a odi kan no, ɔde no tenaa Paradise, na na dua bi si turo mu hɔ. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ odi saa dua no so aba. Sɛ wantie a, ɛdɛn na na ɛbɛto no? Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Owu na wubewu.” (Genesis 2:17) Ahyɛde a Onyankopɔn de maa Adam ne ne yere Hawa no, na ɛnyɛ den sɛ wɔbedi so. Nanso, Satan yɛe ara maa Hawa begye dii sɛ Onyankopɔn yɛ katee dodo. Ɛdɛn na Satan ka kyerɛɛ Hawa sɛ odi dua no so aba a obenya? Satan twaa atoro kyerɛɛ Hawa sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu. Mmom Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.”—Genesis 3:1-5.

8. (a) Asɛm a Satan ka kyerɛɛ Hawa no, adwene bɛn na na ɔpɛ sɛ Hawa nya? (b) Nsɛm bɛn na Satan keka faa Onyankopɔn din ne ne tumidi ho?

8 Asɛm a Satan kae no, nea na ɔrepɛ akyerɛ ara ne sɛ Yehowa de biribi a ɛsɛ sɛ Hawa hu asie no. Afei nso, na Satan repɛ akyerɛ sɛ Yehowa anka nokware ankyerɛ Hawa. Nea Satan yɛe no nti, Hawa nyaa adwene sɛ onii a yɛfrɛ no Yehowa no, ɔnyɛ onipa papa. Nea Satan yɛe no sɛee Onyankopɔn din paa. Afei nso, ɔkasa tiaa ɔkwan a Yehowa fa so di tumi no. Satan anka sɛ ɛnyɛ Yehowa na odi nneɛma nyinaa so tumi; ɛno de, wannye ho kyim koraa. Mmom, nea na ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ, Yehowa mfata sɛ odi nnipa so, na ɔkwan a ɔfa so di tumi no nso nyɛ papa; ɛmmoa wɔn a odi wɔn so no.

9. (a) Asoɔden a Adam ne Hawa yɛe no, ɛdɛn na efii mu bae, na nsɛmmisa a ɛho hia bɛn na ɛkɔtwetwe bae? (b) Adɛn nti na Yehowa ankum Adam, Hawa, ne Satan amonom hɔ ara?

9 Bere bi akyi no, Adam ne Hawa nyinaa yɛɛ Yehowa so asoɔden. Dua a Yehowa kaa sɛ mma wɔnnni so aba no, wɔdii. Ná Onyankopɔn aka sɛ wɔdi bi a wɔbewu, na wɔdii no, wɔwui nso. Atoro a Satan dii no kɔtwetwee nsɛmmisa bi a ɛho hia bae. Ebi ne sɛ: Enti Yehowa na ɔwɔ hokwan paa sɛ odi nnipa so, anaa onipa na ɛsɛ sɛ odi ne yɔnko nipa so? Tumi a Yehowa redi no, ɔredi no yiye anaa? Ná anka Yehowa betumi de ne tumi a ɛkyɛn tumi biara no akum Adam ne Hawa ne Satan nyinaa amonom hɔ ara. Nanso yɛnhyɛ no nsow sɛ, Satan anka sɛ Onyankopɔn nni tumi. Mmom, Onyankopɔn din ne ɔkwan a ɔfa so di tumi na ɔkaa ho asɛm. Enti sɛ Onyankopɔn kum Adam ne Hawa ne Satan a, anka ɛno remma obiara nhu sɛ Onyankopɔn tumidi na ɛyɛ papa. Mmom, anka ɛno bɛma nkurɔfo anya adwene sɛ nea Satan kae nyinaa yɛ nokware. Yemmisa sɛ, sɛ nnipa yi Onyankopɔn si nkyɛn na onipa di ne yɔnko nipa so a, ebesi wɔn yiye anaa ɛrensi wɔn yiye? Ɛno de, na ɛsɛ sɛ ɛbere gu mu ansa na yɛahu nokware a ɛwɔ mu.

10. Efi tete besi nnɛ nyinaa, ɛdɛn na afi nnipa amammu mu aba?

10 Efi bere a atuatew no kɔɔ so wɔ Eden besi nnɛ, mfe mpempem pii atwam. Ɛdɛn na yɛahu? Nnipa asɔ amammu pii ahwɛ; ebi ne kankabi amammu, ka-bi-ma-menka-bi amammu, kwasafo amammu, ne komunis amammu. Ɛdɛn na afi mu aba? Nea Bible aka no, ɛno pɛpɛɛpɛ na yehu. Ɛne sɛ: “Onipa di onipa so ma ewie no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ odiyifo Yeremia kaa sɛ: “O Yehowa, minim sɛ onipa kwan nni ne nsam. Sɛnea onipa nam a obetutu ne nan mpo, enni ne nsam.”—Yeremia 10:23.

11. Adɛn nti na Yehowa ama kwan ama nnipa rehu amane?

11 Ná Yehowa nim dedaadaw sɛ, sɛ nnipa yi no si nkyɛn, na onipa di ne yɔnko nipa so a, ɛde ɔhaw ne amanehunu na ɛbɛbrɛ yɛn. Ɛnde, ma a Yehowa ama kwan ama onipa adi ne yɔnko nipa so a akɔfa amanehunu aba yi, ɛkyerɛ sɛ ɔntene anaa? Ɛnte saa koraa! Wo de, yɛnyɛ mfatoho yi: Fa no sɛ yare bi abɔ wo ba, na yɛanyɛ no oprehyɛn a, ebetumi akum no. Wunim sɛ yɛyɛ no oprehyɛn a, ɛbɛyɛ no yaw paa, na wudwen ho a na wo werɛ ahow. Wunim nso sɛ, sɛ yɛyɛ wo ba no oprehyɛn no a, ne yare no bɛkɔ na wanya apɔwmuden. Onyankopɔn nso nim sɛ ma a wama kwan ama onipa redi ne yɔnko nipa so no, ɛbɛma yɛadi yaw na yɛahu amane, na na Yehowa aka ato hɔ dedaw mpo sɛ saa na ɛbɛba. (Genesis 3:16-19) Ná onim nso sɛ, sɛ obetumi ayi ɛyaw ne amanehunu nyinaa afi hɔ a, gye sɛ ɔma nnipa nyinaa hu nsunsuanso bɔne a atuatew no de aba no. Ɔyɛ saa a, ɛnna asɛm a Ɔbonsam ama aba ne tumidi ho no, obesiesie no korakora, a ɛho asɛm rensɔre bio.

Nea Enti a Nnipa Som Onyankopɔn

12. Yɛhwɛ Hiob asɛm no a, sobo bɛn na Satan abɔ nnipa?

12 Bere a Satan kaa sɛ Onyankopɔn mfata sɛ odi nnipa so, na ɔkwan a ɔfa so di tumi nso nyɛ papa no, ɛnyɛ Onyankopɔn din nko na ɔsɛee no; ɔkaa ne tumidi nso ho asɛmmɔne. Afei nso, otwaa atoro too Onyankopɔn asomfo so. Ɔkaa sɛ ɛnyɛ adwempa na wɔde som no. Wei ho nhwɛso ne asɛm a Satan ka faa ɔtreneeni Hiob ho kyerɛɛ Yehowa no. Ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fi ne nea ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Woahyira ne nsa ano adwuma so, na ne nyɛmmoa nso, wɔn ase atrɛw asaase so. Wopɛ a, teɛ wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa, na hwɛ sɛ ɔrennyina w’anim nnome wo anaa.”—Hiob 1:10, 11.

13. Bere a Satan bɔɔ Hiob sobo no, ɛdɛn paa na na ɔrepɛ akyerɛ, na wei fa nnipa nyinaa ho sɛn?

13 Satan kyerɛe sɛ nea ama Hiob resom Yehowa ne sɛ, Yehowa de ne tumi na abɔ ne ho ban, kyerɛ sɛ, ɔde ne tumi na atɔ Hiob. Nea na Satan reka ara ne sɛ, nneɛma pa a Hiob nya fi Onyankopɔn hɔ nti na ɔresom no. Satan kyerɛe sɛ, sɛ nneɛma a Onyankopɔn de ama Hiob no fi ne nsa a, ɔbɛdome Onyankopɔn. Ná Satan nim sɛ, sɛ yɛreka obi a “ɔyɛ onipa a ɔteɛ a n’abrabɔ di mu, osuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho fi bɔne ho” a, a Hiob da mu fua. Enti, na Satan adwene ne sɛ, sɛ otumi ma Hiob sɔre tia Onyankopɔn a, obetumi ama onipa biara nso ayɛ saa. Nea na Satan reka ara ne sɛ, wɔn a wɔsom Onyankopɔn nyinaa, nea wɔnya fi ne hɔ nti na wɔsom no. Asɛm a edi hɔ a Satan ka kyerɛɛ Yehowa no na ɛma yehu saa. Ɔkaa sɛ: “Nea onipa wɔ nyinaa, ɔde bɛma de apere ne nkwa.”—Hiob 1:8; 2:4.

14. Sobo a Satan de abɔ nnipa nyinaa akyi no, ɛdɛn na abɛda adi?

14 Nea Satan kekae nyinaa akyi, abɛda adi sɛ nnipa pii akɔ amanehunu mu, nanso wɔakɔ so asom Yehowa nokware mu te sɛ Hiob. Nokwaredi a wɔde asom Yehowa no ama ne koma atɔ ne yam. Wei nti, Yehowa betumi de ne nsa akyerɛ wɔn so aka akyerɛ Satan sɛ, ahomaso a ɔde kaa sɛ, sɛ nnipa kɔ amanehunu mu a wɔbegyae Onyankopɔn som no, ɛyɛ atoro. (Hebrifo 11:4-38) Ampa, nnipa a wɔdɔ Onyankopɔn nnanee wɔn akyi nkyerɛɛ no. Sɛ ɔhaw a emu yɛ den to wɔn, na wɔn ani so tan wɔn mpo a, wɔde wɔn ho nyinaa to Yehowa so hwehwɛ ahoɔden a wɔde begyina mu.—2 Korintofo 4:7-10.

15. Atɛn a Yehowa buu no tete ne nea obebu no daakye no, ɛdɛn na ebia ebinom bebisa afa ho?

15 Yehowa ama yɛahu sɛ ɔfata sɛ odi nnipa so. Yɛabehu nso sɛ ɛnyɛ nneɛma a ɔde ma yɛn nti na yɛsom no. Bible ma yehu sɛ ɔkwan a Yehowa faa so dii saa nsɛm yi ho dwuma no kyerɛ sɛ obu atɛntrenee, nanso ɛnyɛ ɛno nko ara na ɛma yehu sɛ Yehowa yɛ adetrenee bere nyinaa. Bible ma yehu sɛ tete no, Yehowa buu nnipa bi ne aman bi atɛn. Bible san ma yehu sɛ Yehowa bebu nnipa atɛn daakye. Ɛdɛn na ɛma yenya awerɛhyem sɛ atɛn a Yehowa buu no tete no fata, na atɛn a obebu no daakye nso bɛyɛ atɛntrenee?

Onyankopɔn Atɛntrenee Di Mu

Yehowa ‘rempra atreneefo nka abɔnefo ho’ da

16, 17. Sɛ asɛm bi si a, ɛnyɛ bere nyinaa na nea nnipa bɛka afa ho no yɛ nokware. Adɛn ntia?

16 Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ: “N’akwan nyinaa teɛ.” (Deuteronomium 32:4) Saa asɛm no yɛ nokware. Onipa biara nni hɔ a obetumi aka sɛ n’akwan nyinaa tene. Efisɛ sɛ asɛm bi si a, mpɛn pii no, ɛyɛ a yentumi nhu asɛm no mu nyinaa, enti nea yɛka no ntaa nyɛ nokware. Wo de, hwɛ obi te sɛ Abraham. Bɔne bebrebe a na ɛrekɔ so wɔ Sodom nyinaa akyi no, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ mma ɔnnsɛe kurow no. Obisaa Yehowa sɛ: “Enti ampa ara sɛ wobɛpra atreneefo aka abɔnefo ho?” (Genesis 18:23-33) Biribiara kyerɛ sɛ, na Yehowa renyɛ saa da. Ɔtreneeni Lot ne ne mma mmea no koduu Soar kurow no mu asomdwoe mu ansa na Yehowa ‘rema sɔfe ne ogya atɔ afi soro agu Sodom so.’ (Genesis 19:22-24) Nanso Yona de, bere a Onyankopɔn huu Niniwefo mmɔbɔ no, ne “bo fuwii yiye.” Ná Yona adi kan aka akyerɛ Niniwefo no sɛ wɔn bɔne nti Yehowa bɛsɛe wɔn. Bere a wɔnuu wɔn ho na Yehowa huu wɔn mmɔbɔ no, Yona bo fuwii sɛ Yehowa ansɛe wɔn.—Yona 3:10–4:1.

17 Yehowa maa Abraham awerɛhyem sɛ obu atɛntrenee. Ɛno nti, sɛ ɔsɛe abɔnefo a, obegye atreneefo nkwa. Nanso Yona de, na ɛsɛ sɛ Yehowa ma ohu sɛ ɔno Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo. Sɛ abɔnefo sakra wɔn akwan a, ‘oyi ne yam de wɔn bɔne kyɛ wɔn.’ (Dwom 86:5) Nnipa binom twe nkurɔfo aso denneennen de kyerɛ sɛ wɔwɔ tumi. Ebinom nso suro sɛ, sɛ wɔhu nnipa mmɔbɔ a, nkurɔfo bɛka sɛ wɔyɛ mmerɛw. Nanso Yehowa de, ɔnte saa koraa. Ɔno de, sɛ ehia sɛ ohu nnipa mmɔbɔ a, ohu wɔn mmɔbɔ.—Yesaia 55:7; Hesekiel 18:23.

18. Bible mu asɛm bɛn na ɛma yehu sɛ ɛnyɛ sɛ Yehowa fitii ara na ɔrebu atɛn?

18 Yehowa wɔ mmɔborɔhunu de, nanso ommu n’ani ngu bɔne so. Bere a Yehowa nkurɔfo de wɔn ho hyɛɛ abosonsom mu fee no, ɔkaa no denneennen sɛ: “Mebu wo atɛn sɛnea w’akwan te na mama woabu w’akyiwade nyinaa ho akontaa. Merenhu wo mmɔbɔ na me yam renhyehye me mma wo; mɛma w’akwan adan aba wo so.” (Hesekiel 7:3, 4) Enti sɛ nnipa yɛ asoɔden na wɔkɔ so yɛ bɔne a, Yehowa bebu wɔn atɛn sɛnea wɔn nnwuma te. Nanso, Yehowa mmu atɛn kwa. Ansa na obebu atɛn no, na ɔwɔ nnyinaso. Enti, osũ ne nteɛm denneennen a Sodom ne Gomora ma ɛbae no, bere a eduu Yehowa asom no, ɔkaa sɛ: “Mɛkɔ akɔhwɛ sɛ osũ ne nteɛm a mate no, saa na wɔreyɛ anaa.” (Genesis 18:20, 21) Nnipa de, sɛ yɛte asɛm a, yɛntaa nhwehwɛ mu nwie ansa na yɛabu atɛn; yɛtee medaase abraw ara na yɛama yɛn koraa so. Nanso Yehowa de, ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ ɔnte saa! Ampa, sɛnea Bible ka Yehowa ho asɛm no, “ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo a ntɛnkyea biara nni n’akwan mu.”—Deuteronomium 32:4.

Nya Awerɛhyem Sɛ Yehowa Bu Atɛntrenee

19. Sɛ Yehowa bu ankorankoro anaa nnipakuw bi atɛn na sɛ yɛnte ase a, ɛdɛn na yebetumi ayɛ?

19 Ɛnyɛ bere nyinaa na Bible ka nea enti a Yehowa buu nnipa bi atɛn, na saa ara nso na ɛnka atemmu pɔtee a Yehowa de bɛba ankorankoro anaa nnipakuw bi so daakye. Sɛ yɛkan Bible mu asɛm bi anaa nkɔmhyɛ bi na yɛannya ho nkyerɛkyerɛmu nyinaa a, yebetumi asuasua odiyifo nokwafo Mika. Ɔkyerɛw sɛ: “Mede ntoboase bɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no.”—Mika 7:7.

20, 21. Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛyɛ nea ɛtene bere nyinaa?

20 Yebetumi anya awerɛhyem sɛ biribiara mu no, Yehowa bɛyɛ nea ɛtene. Sɛ ntɛnkyea rekɔ so, na ɛte sɛ nea nnipa nyɛ ho hwee mpo a, Yehowa ahyɛ bɔ sɛ: “Me na mitua bɔne so ka; me ara metua ka.” (Romafo 12:19) Sɛ yɛde ntoboase twɛn Yehowa a, ɛbɛkyerɛ sɛ awerɛhyem a na ɔsomafo Paul wɔ no, yɛn nso yɛwɔ bi. Ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn nteɛ anaa? Daabida!”—Romafo 9:14.

21 Saa bere yi de, yɛte “mmere a emu yɛ den” mu. (2 Timoteo 3:1) Ntɛnkyea, ne “nneɛma a nkurɔfo yɛ de hyɛ nnipa so” ama nnipa pii rehu amane. (Ɔsɛnkafo 4:1) Nanso, Yehowa nsesae. Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, okyi ntɛnkyea, na wɔn a nkurɔfo bu wɔn ntɛnkyea no, odwen wɔn ho paa. Sɛ yɛkɔ so gyina Yehowa ne ne tumidi akyi a, ɔbɛhyɛ yɛn den ama yɛamia yɛn ani agyina mu akodu bere a n’Ahenni no bɛba ama wayi ntɛnkyea nyinaa afi hɔ.—1 Petro 5:6, 7.

a Yehowa kaa Hiob ho asɛm sɛ: “Obiara nte sɛ ɔno wɔ asaase so.” (Hiob 1:8) Ɛnde, ɛbɛyɛ sɛ Hiob tenaa ase wɔ Yosef wu akyi ansa na Mose rebɛyɛ Israel kannifo. Enti, saa bere no, na onipa biara nni hɔ a ɔsom Nyankopɔn nokware mu te sɛ Hiob.