Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 13

“Yehowa Mmara Di Mu”

“Yehowa Mmara Di Mu”

1, 2. Adɛn nti na nnipa pii mfa nnipa mmara nyɛ hwee? Sɛ obi sua Onyankopɔn mmara a ɔbɛba abehu no sɛn?

 ƐNNƐ sɛ wokɔ aman pii so a, nkurɔfo mfa mmara nyɛ hwee bio. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, mpɛn pii no, nkurɔfo nte mmara no ase koraa. Afei nso, ebia na aban no yɛ nyiyim. Sɛ nkurɔfo de wɔn asɛm kɔ kɔɔto sɛ enni asɛm no mma wɔn a, mpɛn pii no, ɛkyɛ, na wɔsɛe wɔn ho sika nyinaa.

2 Nanso bɛyɛ mfe 2,700 ni, hwɛ asɛm a obi a ɔkyerɛw Bible no bi kae. Ɔkaa sɛ: “Hwɛ sɛnea medɔ wo mmara!” (Dwom 119:97) Ɛdɛn na ɛmaa odwontofo no de anigye kaa saa asɛm no? Ɛne sɛ, mmara a ɔkaa ho asɛm fɛfɛɛfɛ saa no, ɛnyɛ wiase atumfoɔ mmara; mmom ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn mmara. Bere a wugu so resua Yehowa mmara no, ebia wo nso, nkakrankakra w’ani begye Yehowa mmara ho te sɛ odwontofo no. Ɛbɛma woahu mmarahyɛfo kunini ne ɔtemmufo kunini no adwene.

Mmarahyɛfo Kunini No

3, 4. Ɛdɛn ne dɛn na Yehowa ayɛ a ɛma yehu sɛ ɔyɛ Mmarahyɛfo?

3 Bible ka sɛ: “Mmarahyɛfo ne Ɔtemmufo baako pɛ na yɛwɔ.” (Yakobo 4:12) Ampa, Yehowa nko ara na ɔfata sɛ ɔhyɛ mmara ma yɛn. Nsoromma, bosome, awia, okyinnsoromma, ne nea ɛkeka ho a ɛnenam wim mpo, ‘wim mmara’ a Yehowa ahyehyɛ no na ɛkyerɛ wɔn kwan. (Hiob 38:33) Yehowa abɔfo kronkron mpempem pii no nso, Yehowa mmara na ɛkyerɛ wɔn kwan. Wahyehyɛ wɔn akuwakuw. Ekuw biara ne ne dibea ne adwuma a Yehowa de ama wɔn.—Dwom 104:4; Hebrifo 1:7, 14.

4 Nnipa nso, Yehowa ama yɛn mmara. Yɛn mu biara wɔ ahonim anaa tiboa. Ɛte sɛ mmara bi a yɛakyerɛw wɔ yɛn mu a ɛma yehu nneɛma a Yehowa bu no sɛ ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. (Romafo 2:14) Ahonim anaa tiboa a Onyankopɔn de maa Adam ne Hawa no, na ɛyɛ adwuma pɛpɛɛpɛ, enti na wɔnhia mmara pii. (Genesis 2:15-17) Nanso, nnipa a bɔne wɔ yɛn ho yi de, yehia mmara pii na ama yɛatumi ayɛ nea Onyankopɔn pɛ. Yehowa Nyankopɔn de ne mmara maa agyanom te sɛ Noa, Abraham, ne Yakob, na wɔn nso de mmara no maa wɔn fiefo. (Genesis 6:22; 9:3-6; 18:19; 26:4, 5) Mose bere so no, Yehowa bɛyɛɛ Mmarahyɛfo wɔ ɔkwan foforo so. Saa bere no, ɔnam Mose so de mmara dodow bi maa Israel man no nyinaa. Ɛno na yɛfrɛ no Mose Mmara no. Nneɛma a Yehowa bu no sɛ ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne no, saa mmara no ma yehu mu kɔ akyiri.

Mose Mmara No—N’apɔw So N’apɔw So

5. Mose Mmara no, na ɛyɛ den sɛ nnipa betumi ate ase anaa? Adɛn nti na woreka saa?

5 Ebetumi aba sɛ nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ na Mose Mmara no yɛ hwanyann, na na ɛyɛ den sɛ obi bɛte ase na ɔde ayɛ adwuma. Nanso, ɛnte saa koraa. Mose Mmara no nyinaa, ne dodow bɛyɛ 600 ne kakra. Woanhwɛ a, wobɛka sɛ ɛdɔɔso ara ma, nanso wo de hwɛ: Afe 2000 mu hɔ baabi no, na United States mmara dɔɔso ara ma sɛ wɔrekyerɛw a, mmara nhoma a wɔbenya no, ɛbɛboro nkratafa 150,000. Mfe mmienu biara, wɔde mmara foforo bɛyɛ 600 ka ho! Enti sɛ yɛde mmara bebrebe a nnipa ahyehyɛ toto Mose Mmara no ho a, na Mose Mmara no sua koraa. Nanso, ɛmaa Israelfo no akwankyerɛ wɔ nneɛma bi ho; saa nneɛma no, mmara a nnipa ahyehyɛ no nnɛ nka ho hwee mpo. Ma yɛnhwɛ saa nneɛma no bi.

6, 7. (a) Adɛn nti na mmara biara nni hɔ a ɛte sɛ Mose Mmara no? Asɛm bɛn na ɛho hia paa wɔ Mose Mmara no mu? (b) Ɛdɛn na na Israelfo no bɛyɛ de akyerɛ sɛ Yehowa na ɔyɛ wɔn sodifo?

6 Mose Mmara no maa Israelfo no hui sɛ Yehowa ne sodifo a ɛsɛ sɛ wɔtie no. Ɛno nti, mmara a nnipa ahyehyɛ biara nni hɔ a ɛte sɛ Mose Mmara no. Mose Mmara no mu asɛm a ɛho hia paa ne wei: “O Israel, tie: Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa baako. Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” Ɛdɛn na na Israelfo no bɛyɛ de akyerɛ sɛ wɔdɔ Onyankopɔn? Ná ɛsɛ sɛ wɔsom no, kyerɛ sɛ, na ɛsɛ sɛ wɔtie no, efisɛ ɔno ne wɔn sodifo.—Deuteronomium 6:4, 5; 11:13.

7 Sɛ Israelni tie wɔn a Yehowa ama wɔn tumi no a, na ɛkyerɛ sɛ, ogye tom sɛ Yehowa na ɔyɛ ne sodifo. Wɔn a Yehowa maa wɔn tumi no, ebi ne awofo, ɔman no mu mpanyimfo, atemmufo, asɔfo, ɛnna akyiri yi, ahemfo no nso bɛkaa ho. Yehowa kaa sɛ, sɛ obi tew atua tia saa mpanyimfo yi a, na ɛyɛ ɔno Yehowa na onipa no atew atua atia no. Wɔn a wɔdi tumi no nso, sɛ wɔde wɔn tumi sisi Israelfo no, anaa wɔmema wɔn ho so wɔ Israelfo no so a, na Yehowa bo befuw saa mpanyimfo no, anaa ɔbɛtwe wɔn aso. (Exodus 20:12; 22:28; Deuteronomium 1:16, 17; 17:8-20; 19:16, 17) Enti Israelfo nyinaa, sɛ wɔdi tumi oo, wɔhyɛ obi tumi ase oo, na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔtie Onyankopɔn sɛ ɔno na ɔyɛ wɔn sodifo.

8. Sɛn na Mose Mmara no boaa Israelfo no ma wɔyɛɛ kronkron?

8 Mose Mmara no maa Israelfo hui sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ kronkron. Nsɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “kronkron” ne “kronkronyɛ” no pue bɛboro mpɛn 280 wɔ Mose Mmara no mu. Mose Mmara no boaa Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔhuu ade a ɛho tew ne nea ɛho ntew. Ɛkyerɛɛ nneɛma bɛboro 70 a na ebetumi ama Israelni ho agu fĩ. Nneɛma a mmara no de ho akwankyerɛ mae no, ebi ne sɛnea wɔbedi wɔn ho ni, nnuan a ɛsɛ sɛ wɔdi ne nea ɛnsɛ sɛ wɔdi, ne ɔkwan pa a wɔbɛfa so ato nwura mpo agu. Mmara a ɛte saa no boae paa maa Israelfo no nyaa apɔwmuden. a Nanso, na biribi wɔ hɔ a ɛho hia kyɛn apɔwmuden. Mmara no boaa Israelfo no maa nneɛma bɔne a na aman a atwa wɔn ho ahyia no reyɛ no, wɔtwee wɔn ho fii ho. Ɛno nti, wɔkɔɔ so yɛɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Ma yɛnhwɛ ɛho nhwɛso bi.

9, 10. Ɔbea ne ɔbarima nna ne awo ho mmara bɛn na Yehowa de maa Israelfo no? Mfaso bɛn na na ɛwɔ saa mmara no so?

9 Mose Mmara no kaa sɛ, sɛ ɔbarima ne ɔbea da a, wɔn ho begu fĩ akosi bere bi. Sɛ wɔyɛ awarefo mpo na sɛ wɔda a, wɔn ho begu fĩ akosi bere bi. Afei nso, sɛ ɔbea wo a, na ne ho agu fĩ, gye sɛ nna bi twam ansa na ne ho atew. (Leviticus 12:2-4; 15:16-18) Saa mmara no nkyerɛ sɛ, sɛ ɔbarima ne ne yere da a, wɔayɛ biribi a ɛho ntew wɔ Onyankopɔn anim. Saa ara nso na sɛ ɔbea wo a, ɛnkyerɛ sɛ ne ho agu fĩ wɔ Onyankopɔn anim. (Genesis 1:28; 2:18-25) Mmom, Yehowa de saa mmara no maa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔbɛtwe wɔn ho afi atorosom ho, na wɔn ho atew wɔ Yehowa anim. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, aman a na atwa Israel ho ahyia no, wɔde ɔbea ne ɔbarima nna ne awo ho amanne bi frafraa wɔn som mu. Nneɛma a na Kaananfo yɛ wɔ wɔn som mu no, ebi ne mmea ne mmarima a na wɔsi tuutuu. Wei maa nnipa bebree yɛɛ nneɛma a ɛyɛ aniwu na ɛyɛ tan paa. Mose Mmara no amma kwan amma Israelfo no amfa nna ho nsɛm amfrafra Yehowa som mu ketekete koraa. b Mmara a Yehowa de maa Israelfo wɔ nna ne awo ho no, ɛboaa wɔn wɔ akwan foforo pii so.

10 Saa mmara no maa Israelfo no huu asɛm bi a ɛho hia paa. c Ɛwom, ɔbea ne ɔbarima nna ne awo yɛ akyɛde a ɛho tew a Onyankopɔn de ama nnipa. Nanso kae sɛ, ɛno na ɛnam so ama Adam bɔne no bi aka nnipa nyinaa. (Romafo 5:12) Enti, Onyankopɔn Mmara no maa Israelfo no kaee bere nyinaa sɛ wɔyɛ abɔnefo. Asɛm no ne sɛ, wɔwoo yɛn nyinaa wɔ bɔne mu. (Dwom 51:5) Sɛ yebetumi atwe abɛn yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no a, gye sɛ ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn na ogye yɛn.

11, 12. (a) Atɛntrenee ho ade bɛn na ɛwɔ Mose Mmara no mu? (b) Nneɛma bɛn na wɔde guu akwan mu wɔ Mose Mmara no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmu ntɛnkyea?

11 Mose Mmara no maa Israelfo no hui sɛ Yehowa atɛntrenee wie pɛyɛ. Mose Mmara no kaa sɛ, sɛ obi yɛ bɔne a, na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ bɔne a ɔyɛe no ho na wɔma no ho asotwe. Sɛ yɛka atɛntrenee a, saa na ɛkyerɛ. Enti, Mmara no kaa sɛ: “Nkwa nsi nkwa ananmu, aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, na ɛnan nsi ɛnan ananmu.” (Deuteronomium 19:21) Enti sɛ obi di bɔne a, na ɛnsɛ sɛ wɔtwe n’aso ma no boro bɔne a odii no so. Ná Onyankopɔn atɛntrenee yi di akoten wɔ Mose Mmara no nyinaa mu. Enti sɛ yɛte saa asɛm yi ase a, ɛnna yɛbɛte Kristo Yesu agyede afɔre no nso ase. Yebehu wei ho nsɛm pii wɔ nhoma yi Ti 14.—1 Timoteo 2:5, 6.

12 Adwuma baako nso a Mose Mmara no yɛe ne sɛ, ɛde nneɛma bi guu akwan mu sɛnea ɛbɛyɛ a atemmufo no remmu ntɛnkyea. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ obi bɔ obi sobo sɛ wayɛ bɔne a, anyɛ yiye koraa no, na ɛsɛ sɛ wɔnya adansefo mmienu wɔ asɛm no ho ansa na wɔagye atom sɛ asɛm no yɛ nokware. Sɛ obi twa asɛm to obi so a, na wɔtwe n’aso denneennen. (Deuteronomium 19:15, 18, 19) Nneɛma bi te sɛ nyansakorɔno, kɛtɛasehyɛ anaa braeb nso, na Mose Mmara no bara no denneennen. (Exodus 23:8; Deuteronomium 27:25) Aguadi mu mpo, na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo hwɛ sɛ wɔde Yehowa atɛntrenee bɛyɛ adwuma pɛpɛɛpɛ, kyerɛ sɛ, wɔrensisi obiara. (Leviticus 19:35, 36; Deuteronomium 23:19, 20) Biribiara kyerɛ sɛ, na Mose Mmara no ye, ɛmaa biribiara kɔɔ so pɛpɛɛpɛ, na ɛboaa Israelfo no paa!

Mmɔborɔhunu Ne Atɛntrenee Dii Akoten Wɔ Mmara No Mu

13, 14. Ɛdɛn na ɛwɔ Mose Mmara no mu a ɛkyerɛ sɛ, korɔmfo ne nea wɔawia n’ade no nyinaa, obiara nya atɛntrenee?

13 Mose Mmara no, wohwɛ a na emu yɛ den dodo, na na mmɔborɔhunu biara nni mu anaa? Ɛnte saa koraa! Onyankopɔn honhom maa Ɔhene Dawid kyerɛwee sɛ: “Yehowa mmara di mu.” (Dwom 19:7) Ná Dawid nim paa sɛ Mose Mmara no kyerɛkyerɛ sɛ yenhu nnipa mmɔbɔ, yɛnnhwɛ nnipa anim, na yennsisi obiara. Ɛdɛn na ɛwɔ Mmara no mu a ɛma yehu saa?

14 Ɛnnɛ wokɔ aman bi so a, wubehu sɛ ɛhɔ mmara di boa abɔnefo mmom kyɛn wɔn a yɛadi wɔn bɔne no. Ebi ne sɛ, sɛ obi wia ade a, wɔtumi de no to afiase. Nanso nea yewiaa ne nneɛma no, ebia ne nsa renka nneɛma no bio, nso ɔbɛkɔ so atua tow ama yɛde atɔ aduan ama korɔmfo no adi, na yɛde bi nso atua dan a ɔda mu no ka. Afiase adan a ɛwɔ hɔ nnɛ no, na ebi nni tete Israel. Israelfo no, sɛ obi yɛ bɔne na ɛsɛ sɛ wɔtwe n’aso a, na Mose Mmara no kyerɛ asotwe a ɛsɛ sɛ wɔde ma no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremmoro so. (Deuteronomium 25:1-3) Sɛ obi wia ade a, na ɛsɛ sɛ ɔde ade a owiae no ara bi kɔma ne wura. Afei nso, na ɛsɛ sɛ ɔde bi ka ho ma ne wura no. Sɛn na na ɛsɛ sɛ ɔde ka ho? Asɛm no na ɛbɛkyerɛ. Ebetumi aba sɛ Mmara no maa atemmufo no tumi sɛ wɔn ankasa nhwɛ sɛnea asɛm no te na wɔnhu nea wɔbɛyɛ. Ebia wɔbɛhwɛ sɛnea korɔmfo no anu ne ho na wɔakyerɛ nea ɛsɛ sɛ otua ka ho. Ɛno nti na sɛ wohwɛ nea Exodus 22:7 ka sɛ korɔmfo no ntua nka ho a, ɛdɔɔso paa sen nea Leviticus 6:1-7 ka sɛ ɔntua no.

15. Sɛ obi kum nipa na wanhyɛ da a, sɛn na na Mmara no ma no nya mmɔborɔhunu ne atɛntrenee?

15 Mose Mmara no ma yehu sɛ Yehowa wɔ mmɔborɔhunu paa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yehowa kaa no wɔ Mmara no mu sɛ, bɔne a nnipa yɛ no, ɛnyɛ ne nyinaa na wɔhyɛ da. Ɛho nhwɛso ni. Sɛ obi kum nipa na wanhyɛ da, na sɛ oguan kɔ guankɔbea nkurow a na ɛwowɔ Israel mmeaemmeae no baako mu sɛnea Mmara no kyerɛ a, na wɔrenkum no. Sɛ okodu guankɔbea kurow no mu a, na wɔma atemmufo a wɔfata hwehwɛ n’asɛm no mu. Sɛ atemmufo no wie a, na ɛsɛ sɛ onipa no tena kurow no mu kosi sɛ ɔsɔfo panyin no bewu. Sɛ ɔsɔfo panyin no wu a, ɛnde na obetumi akɔtena baabiara a ɔpɛ. Enti sɛ obi kum nipa na sɛ wanhyɛ da a, na Onyankopɔn hu no mmɔbɔ. Saa mmara no ara nso maa Israelfo no hui sɛ nnipa nkwa som bo paa ma Yehowa.—Numeri 15:30, 31; 35:12-25.

16. Ɛdɛn na na ɛwɔ Mmara no mu a ɛkyerɛ sɛ obi ntumi ntiatia obi fahodi so?

16 Mose Mmara no san maa Israelfo no hui sɛ ɛnsɛ sɛ obiara tiatia obi fahodi so. Wo de, hwɛ sɛnea Mmara no twitwa gyee wɔn a na wɔde ka. Mmara no kaa sɛ, sɛ obi de wo ka a, enni kwan sɛ wobɔ wura onipa no fie kogye ne biribi de si awowa. Mmom, ɛsɛ sɛ wugyina abɔnten ma nea ɔde wo ka no de nea ɔde resi awowa no brɛ wo. Enti, na obi ntumi mmɔ nwura obi fie sɛnea ɔpɛ. Sɛ obi de wo ka na wugye ne ntama si awowa a, na ɛsɛ sɛ wode ne ntama no kɔma no ansa na ade asa, efisɛ na obehia de akata ne ho anadwo na awɔw anne no.—Deuteronomium 24:10-14.

17, 18. Sɛ yɛreka ɔko ho asɛm a, sɛn na na ɛsono Israelfo no wɔ aman a aka no ho? Adɛn ntia?

17 Sɛ Israelfo rekɔ ɔko a, ɛno mpo na Mmara no kyerɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne nea enni sɛ wɔyɛ. Sɛ Onyankopɔn nkurɔfo no kɔ ɔko a, ɛnyɛ tumidi anaa nkonimdi kɛkɛ nti na na wɔkɔ. Mmom, na wɔko ma Onyankopɔn, efisɛ na ɔko no yɛ “Yehowa Akodi.” (Numeri 21:14) Sɛ Israelfo ne kurow bi rekɔko a, nea na wɔtaa yɛ ne sɛ, wɔdi kan ka kyerɛ kurow no mufo sɛ wɔnyɛ nea ɛde asomdwoe bɛba. Sɛ kurow no mufo ampene a, ɛnde na Israelfo no betumi atwa kurow no ho ahyia aka wɔn ahyem. Nanso, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ no sɛnea Onyankopɔn mmara kyerɛ. Israelfo asraafo de, sɛ wɔkɔ ko a, na enni sɛ wɔto mmea mmonnaa anaa wɔkunkum nkurɔfo basabasa te sɛ nea asraafo pii ayɛ fi tete no. Ɔdomankoma agyapade a na ɛwɔ atamfo no asaase so mpo, na ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka, na na ɛnsɛ sɛ wɔtwitwa nnua a yedi so aba. d Asraafo a na ɛwɔ aman foforo so de, na wɔnni mmara biara a ɛte saa.—Deuteronomium 20:10-15, 19, 20; 21:10-13.

18 Sɛ wote sɛ aman bi mu no, nkwadaa kɔ sogya a, ɛnyɛ wo ahometew anaa? Tete Israel no, ɔbarima biara a onnii mfe 20 no, na wɔmma no nkɔ sogya. (Numeri 1:2, 3) Sɛ ɔbarima di boro mfe 20 mpo, na sɛ osuro sɛ ɔbɛkɔ ɔko a, na wɔmma no nkɔ bi. Sɛ ɔbarima ware foforo a, edi afe ansa na wɔama no akɔ ɔko. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na ɛbɛma watumi awo n’abakan ansa na wakɔ ɔko de ne nkwa akɔto asiane mu. Mmara no ka sɛ, na saa nhyehyɛe yi bɛma aberante a waware foforo no ‘atena fie na wama ne yere ani agye.’—Deuteronomium 20:5, 6, 8; 24:5.

19. Nhyehyɛe bɛn na na ɛwɔ mmara no mu a ɛbɔɔ mmea, nkwadaa, mmusua, ne akunafo ho ban?

19 Mmea, nkwadaa, ne mmusua nso, Mose Mmara no bɔɔ wɔn ho ban. Afei nso, nhyehyɛe bi wɔ Mmara no mu a ɛma wɔnyaa nea wɔhia. Mmara no kaa sɛ awofo mma wɔn ani nkɔ wɔn mma ho bere nyinaa, na wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma wɔnhu Yehowa. (Deuteronomium 6:6, 7) Mmara no san kaa sɛ, ɛyɛ bɔne paa sɛ obi ne ne busuani bɛda, na obiara a ɔbɛyɛ saa bɔne no, wɔnkum no. (Leviticus, ti 18) Afei nso, Mmara no baraa awaresɛe. Awaresɛe de, ɛtaa tetew abusua mu, na ɛma abusua no mufo di yaw, na wɔhu amane paa. Mmara no hwɛe sɛ akunafo ne nnyanka nsa bɛka nneɛma a wɔhia. Ɛsan kaa sɛ, ɛnsɛ sɛ obiara teetee akunafo ne nnyanka. Obiara a ɔbɛteetee wɔn no, na Onyankopɔn bɛtwe n’aso paa.—Exodus 20:14; 22:22-24.

20, 21. (a) Adɛn nti na Mose Mmara no maa Israelfo kwan ma wɔwaree mmea bebree? (b)Adɛn nti na Yehowa maa awaregyae ho kwan kakra?

20 Esiane sɛ na Mmara no bɔ mmea, nkwadaa, ne mmusua ho ban nti, ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Ɛnde ɛyɛɛ dɛn na Mmara no penee so maa mmarima waree mmea bebree?’ (Deuteronomium 21:15-17) Sɛ yɛkae sɛ ɛsono Israelfo no amammerɛ ne sɛnea na wɔyɛ wɔn nneɛma, ɛnna ɛsono yɛn amammerɛ ne sɛnea yɛyɛ yɛn nneɛma nnɛ a, ɛno na ɛbɛma yɛahu nea enti a Mmara no maa kwan maa mmarima waree mmea bebree no. (Mmebusɛm 18:13) Bere a Yehowa bɔɔ Adam ne Hawa wɔ Eden no, ɔkaa sɛ ɔbea baako ne ɔbarima baako na ɛsɛ sɛ wɔware, na na ɛsɛ sɛ wɔtena wɔn nkwa nna nyinaa. (Genesis 2:18, 20-24) Nanso, bere a Yehowa de Mose Mmara no maa Israelfo no, na awaredodow ase atim wɔ Israelfo no mu akyɛ. Ná Yehowa nim paa sɛ, ne mmara atitiriw te sɛ nea ɛkasa tia abosonsom no mpo, ne ‘nkurɔfo a wɔn aso yɛ den’ no bebu so mpɛn pii. (Exodus 32:9) Enti Yehowa hui sɛ ne nhyehyɛe a ɛfa aware ho a na Israelfo no amane afi ho no, ɛnyɛ saa bere no na na ɔbɛtenetene ne nyinaa. Nanso kae sɛ, ɛnyɛ Yehowa na ɔkaa sɛ Israelfo no nware mmea bebree. Mmom, Yehowa hwɛe sɛ Mose Mmara no bɛbɔ mmea ho ban, na wɔn kununom anyɛ wɔn basabasa.

21 Ebinom nso nhu nea enti a Mose Mmara no maa kwan sɛ, sɛ ɔbea yɛ biribi a ɛyɛ asefem a, ne kunu betumi agyaa no. (Deuteronomium 24:1-4) Yesu kaa sɛ Yudafo no “komaden nti” na Onyankopɔn maa kwan ma wɔgyaa wɔn yerenom. Nanso, Yehowa amma saa ade no ankɔ so ankyɛ. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnni aware ho mmara a Yehowa de maa yɛn mfiase no so.—Mateo 19:8.

Mmara No Hyɛɛ Ɔdɔ Ho Nkuran

22. Sɛn na Mose Mmara no hyɛɛ ɔdɔ ho nkuran, na henanom na na ɛsɛ sɛ Israelfo no dɔ wɔn?

22 Ɔman bɛn na ɛwɔ hɔ nnɛ a atumi ahyɛ mmara sɛ ɔmanfo no nnodɔ wɔn ho? Ebi nni hɔ. Nanso Mose Mmara no de, ade a ɛhyɛɛ ho nkuran paa ne ɔdɔ. Sɛ yɛhwɛ Deuteronomium nhoma no nko ara mu a, yebehu sɛ wɔde “ɔdɔ” aka nsɛm wɔ akwan horow so bɛboro mpɛn 20. Mmara no nyinaa mu no, nea ɛtɔ so mmienu a ɛyɛ kɛse ne “dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Leviticus 19:18; Mateo 22:37-40) Ɛnyɛ Israelni nko ara na na ɛsɛ sɛ Israelfo no dɔ no, na mmom na ɛsɛ sɛ wɔdɔ ahɔho a wɔabɛtena wɔn mu nso. Yehowa kaee Israelfo no sɛ wɔn nso ayɛ ahɔho wɔ obi man so pɛn. Ná ɛsɛ sɛ Israelfo dɔ ahiafo ne mmɔborɔwafo, na wɔboa wɔn ma wɔn nsa ka nneɛma a wɔhia. Afei nso, na ɛnsɛ sɛ wɔsisi wɔn. Mmoa a wɔde nneɛma soa wɔn mpo, na ɛsɛ sɛ wɔnya tema bi ma wɔn. Ná ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wɔn basabasa.—Exodus 23:6; Leviticus 19:14, 33, 34; Deuteronomium 22:4, 10; 24:17, 18.

23. Nea ɔkyerɛw Dwom 119 no, ɛdɛn na ɔyɛe? Yɛn nso, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so sɛ yɛbɛyɛ?

23 Ɔman biara nni mmara a ɛboa ɔmanfo no te sɛ nea Yehowa de maa Israelfo no. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Hwɛ sɛnea medɔ wo mmara!” Ɔdɔ a na odwontofo no wɔ ma Yehowa mmara no, ɛnyɛ atenka bi a na ɛwɔ ne mu kɛkɛ. Mmom otiee saa mmara no, na ɔyeree ne ho de bɔɔ ne bra. Afei, ɔtoaa so sɛ: “Da mu nyinaa, ɛno na midwen ho.” (Dwom 119:11, 97) Ampa, na ogye bere sua Yehowa mmara no daa. Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a ɔresua Onyankopɔn mmara no nyinaa, na ɔdɔ a ɔwɔ ma mmara no nso reyɛ kɛse. Ɛnyɛ ɛno nko. Yehowa Nyankopɔn a ɔhyɛɛ mmara no nso, onyaa ɔdɔ kɛse maa no. Wo nso, sɛ wokɔ so sua Onyankopɔn mmara a, ɛbɛma woatwe abɛn Yehowa a ɔyɛ Mmarahyɛfo Kɛse ne atɛntrenee Nyankopɔn no kɛse.

a Wo de hwɛ, na mmara no hwehwɛ sɛ wɔkata tiafi so yiye, wɔyi ayarefo kogu baabi, na obiara a ne ho aka funu nso guare. Mfe mpempem pii akyi ansa na abɔde mu nyansapɛfo rete ase.—Leviticus 13:4-8; Numeri 19:11-13, 17-19; Deuteronomium 23:13, 14.

b Wohwɛ Kaananfo asɔrefie a, na wɔahyɛ da ayi adan bi a mmea ne mmarima a wɔkɔsom wɔ hɔ no si tuutuu wom. Nanso Mose Mmara no de, ɛkaa sɛ, sɛ ɔbarima ne ɔbea da a, wɔn ho begu fĩ akosi bere bi, enti ɛba saa a, na wɔrentumi nwura asɔrefie hɔ mpo. Ɛno nti sɛ Israelfo no di saa mmara no so a, na ɛrentumi mma da sɛ bere a wɔresom wɔ Yehowa asɔrefie hɔ no, wɔne obi bɛkɔ akɔda wɔ hɔ.

c Botae paa a wɔde yɛɛ Mose Mmara no ne sɛ wɔde bɛkyerɛkyerɛ Israelfo no. Nhoma bi mpo ka sɛ Hebri asɛmfua toh·rahʹ a wɔkyerɛɛ ase “mmara” no, nea ɛkyerɛ ne “nkyerɛkyerɛ.”—Encyclopaedia Judaica.

d Mmara no yii anim bisae sɛ: “Adɛn, dua yɛ onipa na woaka no ahyem?” (Deuteronomium 20:19) Yudani nimdefo bi a yɛfrɛ no Philo, a ɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no faa Bible mu asɛm yi kaa n’asɛm. Ɔkaa sɛ, Onyankopɔn adwene ne sɛ, “ɛnyɛ papa sɛ, sɛ nnipa bo fuw wɔn yɔnko nnipa a, wɔde wɔn anibere bɛkɔ akɔsoɛ nneɛma a ɛnyɛɛ wɔn bɔne biara so.”