Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 14

Yehowa Ama Yɛn “Agyede De Agye Nnipa Bebree”

Yehowa Ama Yɛn “Agyede De Agye Nnipa Bebree”

1, 2. Sɛn na Bible ma yehu sɛ nnipa asɛm yɛ mmɔbɔ, na ɛdɛn na ɛbɛma yɛatumi afi amanehunu no mu?

 BIBLE ka sɛ: “Abɔde nyinaa abom repenepene, na wɔahu amane.” (Romafo 8:22) Ɔsomafo Paul asɛm yi ma yehu sɛ yɛn asɛm yɛ mmɔbɔ. Amanehunu, bɔne, ne owu a abɛsensɛn yɛn kɔn mu yi, nnipa ani so de, asɛ yɛrentumi nyɛ ho hwee; asɛ anidaso nyinaa asa. Nanso Yehowa de, ɔnte sɛ nnipa; biribiara nni hɔ a ɔrentumi nyɛ. (Numeri 23:19) Atɛntrenee Nyankopɔn no ayɛ biribi a ɔde begye yɛn afi yɛn amanehunu mu. Ɛno ne agyede no.

2 Nneɛma a Yehowa de akyɛ nnipa nyinaa, kɛse a ɛwom paa ne agyede no. Agyede no nti, obetumi agye yɛn afi bɔne ne owu mu. (Efesofo 1:7) Agyede no na ɛma yenya anidaso sɛ yɛbɛtena ase daa wɔ soro anaa paradise asaase so. (Luka 23:43; Yohane 3:16; 1 Petro 1:4) Ɛdɛn koraa na yɛfrɛ no agyede no? Sɛn na agyede no ma yehu sɛ Yehowa atɛntrenee di mu paa?

Nea Ɛyɛe a Agyede Ho Behiae

3. (a) Ɛyɛɛ dɛn na agyede no ho behiae? (b) Adɛn nti na na Onyankopɔn ntumi mmu n’ani ngu Adam bɔne no so na ɔmma n’asefo ntena ase daa?

3 Adam bɔne nti na agyede no ho behiae. Bere a Adam yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no, nea ɔde gyaw n’asefo ne yare, awerɛhow, ɛyaw, ne owu. (Genesis 2:17; Romafo 8:20) Nea Adam yɛe no, na Onyankopɔn ntumi mmu n’ani ngu so na ɔmma Adam asefo ntena ase daa wɔ wɔn bɔne mu saa. Sɛ ɔyɛɛ saa a, anka ɛbɛkyerɛ sɛ ɔno ara n’asɛm a ɔkaa sɛ “bɔne akatua ne owu” no, wamfa anyɛ adwuma. (Romafo 6:23) Sɛ Yehowa amfa ɔno ara ne mmara anyɛ adwuma a, anka ɔsoro ne asaase so nyinaa, obiara bɛyɛ nea ɔpɛ ama biribiara ayɛ basaa; anka obiara remfa Onyankopɔn mmara nyɛ hwee!

4, 5. (a) Ɛdɛn na Satan yɛ de sɛee Onyankopɔn din, na adɛn nti na na ɛsɛ sɛ Yehowa ma obiara hu sɛ nsɛm a Satan kekae no nyɛ nokware? (b) Asɛm bɛn na Satan ka too Yehowa asomfo anokwafo so?

4 Yehui wɔ nhoma yi Ti 12 sɛ bere a Satan, Adam, ne Hawa tew Yehowa so atua wɔ Eden no, ɛkɔtwetwee nsɛmmisa bi a ɛho hia bae. Satan guu Onyankopɔn din kronkron no ho fĩ pɔtɔɔ. Nea na ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ Yehowa yɛ ɔtorofo, ne tirim yɛ den, ɔde ne tumi hyɛ nnipa so, na ɔmma yennya fahodi biara. (Genesis 3:1-5) Bere a Satan maa Adam ne Hawa yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no, Satan maa no kɔyɛɛ sɛ Onyankopɔn tirim a na wabɔ sɛ ɔbɛma atreneefo ahyɛ asaase so ma no, wantumi anni so. (Genesis 1:28; Yesaia 55:10, 11) Sɛ Yehowa anyɛ asɛm no ho hwee a, anka ɛbɛma abɔfo ne nnipa pii anya adwene sɛ gyama Yehowa tumidi nyɛ papa.

5 Yehowa asomfo anokwafo nso, Satan twaa atoro too wɔn so. Ɔkaa sɛ nea wɔnya fi Yehowa hɔ nti na wɔsom no, na sɛ wɔhu amane a, baako mpo nni hɔ a ɔbɛkɔ so adi Onyankopɔn nokware. (Hiob 1:9-11) Atoro a Satan twa too Onyankopɔn ne n’asomfo so no, ɔkwan a na Onyankopɔn bɛfa so ama yɛahu emu nokware no, na ɛno ho hia koraa sen gye a obegye nnipa afi amanehunu mu. Ɛno nti, sobo a na Satan abɔ Yehowa de asɛe ne din no, Yehowa hui sɛ ɛfata sɛ ɔyɛ ho biribi ma nokware da adi. Ɛnde, ɛdɛn na na Yehowa bɛyɛ ama nokware ada adi, na wagye nnipa afi amanehunu mu nso?

Wɔde Agyede No Tuaa Nea Ɛyerae No Pɛpɛɛpɛ

6. Ɔkwan a Onyankopɔn faa so gyee nnipa no, Bible ka ho asɛm akwan horow so. Ebi ne sɛn?

6 Ɔkwan a Yehowa faa so dii asɛm no ho dwuma no kyerɛ sɛ ɔwɔ mmɔborɔhunu paa, na n’atɛntrenee nso di mu. Onipa biara nni hɔ a anka obetumi ayɛ no saa. Nanso Onyankopɔn de, anyɛ den amma no koraa, na sɛnea odii ho dwuma no nso, nyansa wom paa. Ɔkwan a Yehowa faa so gyee nnipa no, Bible ka ho asɛm akwan horow so. Etumi ka no sɛ wɔagye yɛn, wɔapata ama yɛn, anaa wɔatɔ yɛn. (Dwom 49:8, ase hɔ asɛm; Daniel 9:24; Galatifo 3:13; Kolosefo 1:20; Hebrifo 2:17) Nanso, asɛm a etumi kyerɛkyerɛ mu yiye paa ne nea Yesu ankasa kae no. Ɔkaa sɛ: “Onipa Ba no . . . ; wamma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa ayɛ agyede [Greek, lyʹtron] de agye nnipa bebree.”—Mateo 20:28.

7, 8. (a) Wokɔ Kyerɛwnsɛm no mu a, “agyede” kyerɛ sɛn? (b) Ɛdɛn na ɛma yehu sɛ agyede kyerɛ biribi a ɛne biribi yɛ pɛ?

7 Ɛdɛn ne agyede? Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase agyede no, adeyɛ asɛm a efi mu no kyerɛ “gyaa no anaa sane no.” Ná wɔde saa asɛm no kyerɛ sika a wɔtua ma wɔgyaa nkurɔfo a wɔakyere wɔn wɔ ɔko mu de wɔn agu afiase. Enti yebetumi akyerɛ agyede ase sɛ, biribi a yetua de gye biribi a akodi baabi. Yɛkɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a, “agyede” (koʹpher) fi adeyɛ asɛm a ɛkyerɛ “kata so” mu. Yɛbɛyɛ ho nhwɛso a, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔmfa amane ‘nyeyɛ’ adaka no ho, anaa ɔmfa ‘nkata’ adaka no ho. Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “agyede” no, asɛmfua a ɛte saa ara na wɔkyerɛɛ ase ‘fa yeyɛ’ anaa ‘fa kata’ ho no. (Genesis 6:14) Wei boa yɛn ma yehu sɛ agyede san kyerɛ kata bɔne so.—Dwom 65:3.

8 Nhoma bi ka sɛ asɛmfua “agyede” (koʹpher) no, bere nyinaa ɛkyerɛ “biribi a ɛne biribi yɛ pɛ.” (Theological Dictionary of the New Testament) Enti sɛ wɔbetumi agye obi afi bɔne mu anaa wɔakata ne bɔne so a, ɛsɛ sɛ wɔtua biribi. Ade a wɔbetua no, ɛsɛ sɛ ɛne nea bɔne no ama asɛe no yɛ pɛpɛɛpɛ anaa etua ho ka nyinaa. Ɛno nti, Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israelfo no kaa sɛ: “Nkwa nsi nkwa ananmu, aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, na ɛnan nsi ɛnan ananmu.”—Deuteronomium 19:21.

9. Adɛn nti na nnipa a ɛwɔ Yehowa mu gyidi de mmoa bɔɔ afɔre, na Yehowa buu wɔn afɔre no sɛn?

9 Efi Habel bere so na nnipa a ɛwɔ Onyankopɔn mu gyidi de mmoa bɔɔ afɔre maa Nyankopɔn. Afɔre a wɔbɔe no kyerɛ sɛ, na wɔgye tom sɛ wɔyɛ abɔnefo, na ehia sɛ wɔgye wɔn fi wɔn bɔne mu. Onyankopɔn hyɛɛ wɔn bɔ sɛ ɔnam ‘aseni’ bi so begye wɔn, na wɔgyee saa asɛm no nso dii. (Genesis 3:15; 4:1-4; Leviticus 17:11; Hebrifo 11:4) Yehowa ani sɔɔ afɔre a wɔbɔe no, na ogyee wɔn toom sɛ n’asomfo. Nanso mmoa a wɔde bɔɔ afɔre no antumi ankata wɔn bɔne so, efisɛ nnipa som bo sen mmoa. (Dwom 8:4-8) Ɛno nti, Bible ka sɛ: “Anantwinini ne mpɔnkye mogya ntumi nyi bɔne mfi hɔ.” (Hebrifo 10:1-4) Mmoa a wɔde bɔɔ afɔre no, na ɛyɛ agyede afɔre a wɔbɛbɔ no daakye no ho mfoni kɛkɛ.

“Agyede a Ɛfata”

10. (a) Nea obetua agyede no, hena na na ɛsɛ sɛ ɔne no yɛ pɛ, na adɛn ntia? (b) Adɛn nti na na onipa baako pɛ na ehia sɛ wɔde no bɔ afɔre?

10 Ɔsomafo Paul kaa sɛ: “Obiara rewu wɔ Adam mu.” (1 Korintofo 15:22) Enti onipa a bɔne biara nni ne ho te sɛ Adam na na ɛsɛ sɛ ɔde ne nkwa gye yɛn. (Romafo 5:14) Abɔde foforo biara nni hɔ a na obetumi atua agyede no sɛnea Yehowa atɛntrenee hwehwɛ, gye obi a ne nkwa wie pɛyɛ a owu ne Adam bɔne no bi anka no. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, obi a ne nkwa wie pɛyɛ te sɛ Adam, na na obetumi atua ‘agyede a ɛfata ama obiara.’ (1 Timoteo 2:6) Ná enhia sɛ wɔde nnipa mpempem pii bɔ afɔre de gye Adam asefo nyinaa. Ɔsomafo Paul kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛnam onipa baako [Adam] so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae.” (Romafo 5:12) Esiane sɛ ‘ɛnam onipa baako so na owu bae’ nti, Onyankopɔn nso ‘nam onipa’ baako pɛ so na egyee nnipa nyinaa fii bɔne ne owu mu. (1 Korintofo 15:21) Onyankopɔn yɛɛ no sɛn?

‘Agyede a ɛfata obiara’

11. (a) Nea obetua agyede no, sɛn na na ‘ɔbɛka owu ahwɛ ama obiara’? (b) Adɛn nti na agyede no so mfaso no, Adam ne Hawa rentumi nnya bi? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

11 Yehowa yɛɛ nhyehyɛe maa onipa a bɔne biara nni ne ho fii ne pɛ mu de ne nkwa bɔɔ afɔre. Romafo 6:23 ka sɛ: “Bɔne akatua ne owu.” Nea na obefi ne pɛ mu de ne nkwa atua agyede no, na ‘ɔbɛka owu ahwɛ ama obiara.’ Enti yɛbɛka a, na ɛkyerɛ sɛ obetua Adam bɔne no ho ka. (Hebrifo 2:9; 2 Korintofo 5:21; 1 Petro 2:24) Ná wei de mfaso kɛse na ɛbɛba, efisɛ agyede no nti, Adam asefo a wɔbɛsom Nyankopɔn no, na wɔbeyi owu afi wɔn so. Ɛba saa a, na wɔbɛtetew wɔn ho afi bɔne ne owu ho. aRomafo 5:16.

12. Sɛ yetua ɛka baako a, nnipa pii nya so mfaso. Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.

12 Yɛnyɛ mfatoho yi: Fa no sɛ kurow a wote mu no, emu nnipa dodow no ara yɛ adwuma wɔ faktri kɛse bi mu. Mo a moyɛ adwuma no bi no, yetua mo ka yiye, enti munya nea mopɛ biara. Afei yɛnkɔda nsɔre a, adwuma yi na yɛato mu yi. Ɛbaa no sɛn a, yɛse ɔpanyin a ɔda adwuma no ano adi sika ama ɛka kɛse abɛtɔ hɔ. Wei nti, mo adwuma afi mo nsa, na muntumi ntua mo ho aka. Onipa baako korɔno nti, awarefo, nkwadaa, ne wɔn a adwuma no de wɔn ka nyinaa rehu amane. Wohwɛ a anidaso bi wɔ hɔ? Aane! Sikani bi a ne yam ye yɛe sɛ obetwitwa agye mo. Onim sɛ faktri no boa kurom hɔfo paa. Afei nso, wɔn a na ɛyɛ adwuma wɔ faktri no mu ne wɔn mmusua asɛm yɛ no mmɔbɔ. Enti okotuaa ɛka a adwuma no de no, na ɔsan buee adwuma no bio. Ɛka a otuae no nti, adwumayɛfo bebree ne wɔn mmusua ne wɔn a na adwuma no de wɔn ka nyaa ahotɔ. Saa ara na bere a Yesu tuaa Adam bɔne no ho ka no, nnipa mpempem nso nya mfaso pii.

Hena Na Otuaa Agyede No?

13, 14. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa de agyede no maa adasamma? (b) Hena na wɔtuaa agyede no maa no, na adɛn nti na na ɛho hia sɛ wɔtua biribi a ɛte saa?

13 Yehowa nko ara na na obetumi de ‘Oguammaa a oyi wiase bɔne fi hɔ no’ ama yɛn. (Yohane 1:29) Nanso, ɛnyɛ ɔbɔfo biara kɛkɛ na Onyankopɔn somaa no sɛ ommegye nnipa. Nea ɛwom ne sɛ, na Satan atwa atoro ato Yehowa asomfo so sɛ, nea wɔnya fi Yehowa hɔ nti na wɔsom no. Enti nea Yehowa somaa no no, ɔno na na obetumi ama nokware a ɛwom ada adi paa, a ɛho asɛm rensɔre bio. Ampa, Yehowa bɔɔ afɔre kɛse paa. Ɔsomaa ne Ba a ɔwoo no koro no, ne Ba a ‘na ɔpɛ n’asɛm yiye’ no maa no bewu maa yɛn. (Mmebusɛm 8:30) Onyankopɔn Ba no fi ne pɛ mu “maa biribiara fii ne nsa,” kyerɛ sɛ, ogyaw biribiara a na ɔwɔ wɔ soro. (Filipifo 2:7) Yehowa yɛɛ anwanwade bi. Ɛne sɛ, oyii n’Abakan no nkwa fii soro bɛhyɛɛ Yudani baabun Maria yam. (Luka 1:27, 35) Sɛ ɔbɛyɛ onipa a, na wɔbɛfrɛ no Yesu. Nanso, edin foforo a Bible de frɛ no ne Adam a ɔtɔ so mmienu. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na bɔne biara nni ne ho te sɛ Adam; na ɔte sɛ Adam pɛpɛɛpɛ. (1 Korintofo 15:45, 47) Ɛno nti, na Yesu betumi de ne nkwa a ewie pɛyɛ no abɔ afɔre de atua agyede no ama nnipa abɔnefo.

14 Hena na na Yesu betua saa agyede no ama no? Dwom 49:7 ka sɛ, otuaa agyede no ‘maa Onyankopɔn.’ Nanso yemmisa sɛ, ɛnyɛ Yehowa no ara na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔntua agyede no anaa? Ɛyɛ ɔno a. Wohwɛ nea Yehowa yɛe no a, yebetumi aka sɛ, ade a ɛyɛ ne dea na ɔno ara asan atɔ anaa? Enti agyede no nsom bo anaa? Ɛnte saa koraa. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, agyede no ma yesua biribi titiriw fa Yehowa atɛntrenee ho. Bere a Yehowa de ne Ba a ɔdɔ no no tuaa agyede no, ɔkyerɛe sɛ ɔno ankasa nso de n’atɛntrenee a edi mu no yɛ adwuma. Sɛ ɛbɛma wafa ɛyaw mu sɛ dɛn mpo a, ɔde yɛ adwuma.—Genesis 22:7, 8, 11-13; Hebrifo 11:17; Yakobo 1:17.

15. Adɛn nti na na ehia sɛ Yesu hu amane na owu?

15 Afe 33 Y.B. mu mfiase no, sɛnea ɛbɛyɛ a Yesu Kristo betumi atua agyede no nti, ɔyɛɛ komm maa atamfo teetee no. Ɔmaa kwan maa wɔkyeree no, wɔtwaa atoro too ne so, wɔdii n’asɛm buu no fɔ, na wɔbɔɔ no asɛndua mu. Wohwɛ a, na ehia paa sɛ Yesu hu amane pii saa anaa? Aane, efisɛ asɛm a Satan kaa sɛ Onyankopɔn somfo biara nni hɔ a ɔbɛsom no akosi awiei no, na ɛsɛ sɛ Yesu ma no da adi sɛ saa asɛm no nyɛ nokware. Yesu nkwadaaberem no, Onyankopɔn amma kwan amma Herode ankum no. (Mateo 2:13-18) Nanso, bere a Yesu nyinii a Satan de sɔhwɛ baa ne so no, na Yesu te nea ɛrekɔ so no ase paa. Otumi gyinaa pintinn maa obiara hui sɛ nsɛm a Satan kekae no nyɛ nokware. b Ɛwom sɛ atamfo teetee Yesu paa, nanso esiane sɛ na “odi nokware, bɔne nni ne mu, efĩ nni ne ho, wɔatew no afi abɔnefo ho” nti, otumi ma ɛdaa adi paa sɛ Yehowa wɔ asomfo a sɔhwɛ biara a wɔbehyia no, wɔbɛsom no akosi awiei. (Hebrifo 7:26) Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ aka kakra ama Yesu awu no, ɔteɛɛm sɛ: “Asa!”—Yohane 19:30.

Sɛnea Yesu Wiee Ne Nkwagye Adwuma No

16, 17. (a) Yesu wusɔre akyi no, sɛn na ɔtoaa so yɛɛ ne nkwagye adwuma no? (b) Adɛn nti na na ehia sɛ Yesu ‘kopue Onyankopɔn anim ma yɛn’?

16 Yesu kaa sɛ “asa,” nanso na onnya nwiee ne nkwagye adwuma no. Yesu wui no, ne nnansa so na Yehowa nyanee no fii awufo mu. (Asomafo Nnwuma 3:15; 10:40) Nokware a Yesu di maa Yehowa nti, Yehowa nyanee no fii awufo mu. Afei nso, Yehowa nyanee ne Ba no sɛnea ɛbɛyɛ a obenya kwan abɛyɛ Onyankopɔn Sɔfo Panyin na wawie ne nkwagye adwuma no. (Romafo 1:4; 1 Korintofo 15:3-8) Ɔsomafo Paul kaa sɛ: ‘Bere a Kristo bae sɛ sɔfo panyin no, okowuraa kronkronbea hɔ prɛko, na okonyaa nkwagye a ɛwɔ hɔ daa maa yɛn. Nanso ɛnyɛ mpɔnkye ne anantwi mogya na ɔde kɔɔ hɔ, na mmom ɔno ankasa ne mogya. Na Kristo ankɔ kronkronbea a wɔde nsa yɛe, a na egyina hɔ ma kronkronbea paa no mu, na mmom ɔkɔɔ ɔsoro ankasa. Ɛno nti seesei wakopue Onyankopɔn anim ama yɛn.’—Hebrifo 9:11, 12, 24.

17 Ná Kristo ntumi mfa ne mogya paa nkɔ soro. (1 Korintofo 15:50) Mmom, nea na mogya no kyerɛ no, ɛno na ɔde kɔe: ɛno ne ne nkwa a ewie pɛyɛ a ɔde bɔɔ afɔre bere a na ɔyɛ onipa no. Afei, okopuee Onyankopɔn anim, na ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ onnye afɔre a ɔbɔe no ntom na ɔmfa nnye nnipa abɔnefo nkwa. Afɔre a Yesu bɔe no, Yehowa gye toom anaa? Aane, ogye toom. Nea ɛma yehu sɛ ogye toom ne nea ɛkɔɔ so Pentekoste 33 Y.B. no. Saa bere no, wɔhwiee honhom kronkron guu asuafo bɛyɛ 120 so wɔ Yerusalem. (Asomafo Nnwuma 2:1-4) Saa asɛm no maa asuafo no ani gyei; ɛyɛɛ wɔn nwanwa. Nanso, nneɛma akɛse bebree a na agyede bɛma Onyankopɔn nkurɔfo anya no, na wei yɛ ne mfiase kwa.

Agyede No So Mfaso

18, 19. (a) Akuw mmienu bɛn na agyede no maa asomdwoe baa wɔne Onyankopɔn ntam? (b) “Nnipakuw kɛse” no, seesei agyede no boa wɔn sɛn, na daakye nso ɛbɛboa wɔn sɛn?

18 Paul krataa a ɔde kɔmaa Kolosefo no, ɔkaa wom sɛ Yesu mogya a ohwie gui wɔ asɛndua no so nti, ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔnam Kristo so bɛka nneɛma nyinaa abom, kyerɛ sɛ, Nyankopɔn bɛma asomdwoe aba ɔno Nyankopɔn ne nnipa ntam. Paul san kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, akuw mmienu, kyerɛ sɛ, “ɔsoro nneɛma” ne “asaase so nneɛma,” na Onyankopɔn bɛma asomdwoe aba ɔne wɔn ntam. (Kolosefo 1:19, 20; Efesofo 1:10) Ekuw a edi kan no yɛ Kristofo 144,000 a wɔama wɔn anidaso sɛ wɔne Kristo Yesu bɛyɛ ahemfo ne asɔfo wɔ soro, na wɔbedi asaase so. (Adiyisɛm 5:9, 10; 7:4; 14:1-3) Wɔne Yesu bɛbom ayɛ adwuma de aboa ahobrɛasefo a ɛwɔ asaase so ama wɔanya agyede no so mfaso nkakrankakra akosi mfe apem no awiei.—1 Korintofo 15:24-26; Adiyisɛm 20:6; 21:3, 4.

19 “Asaase so nneɛma” no, ɛno ne nnipa a ɛwɔ anidaso sɛ wɔbenya asetena a ewie pɛyɛ wɔ Paradise wɔ asaase so. Adiyisɛm 7:9-17 ka wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ “nnipakuw kɛse” a wɔbenya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu. Nanso, seesei a saa bere no nnya mmae mpo no, agyede no boa wɔn paa. Bible ka sɛ: “Wɔahoro wɔn ntaade na wɔama ayɛ fitaa wɔ Oguammaa no mogya mu” dedaw. Esiane sɛ wɔwɔ gyidi wɔ agyede no mu nti, seesei mpo agyede no boa wɔn ma wɔtumi twe bɛn Onyankopɔn. Ɛho nhwɛso ni. Onyankopɔn abu wɔn atreneefo, na wɔyɛ ne nnamfo! (Yakobo 2:23) Yesu afɔre no nti, wɔtumi de ‘ahotoso ba adom ahengua no anim.’ (Hebrifo 4:14-16) Sɛ wɔyɛ bɔne na Onyankopɔn de kyɛ wɔn a, na ɔde akyɛ wɔn koraa. (Efesofo 1:7) Ɛwom, bɔne da so wɔ wɔn ho, nanso wɔwɔ ahonim pa. (Hebrifo 9:9; 10:22; 1 Petro 3:21) Enti ɛnyɛ daakye na wɔrehwɛ kwan sɛ asomdwoe bɛba wɔne Onyankopɔn ntam; seesei mpo, asomdwoe wɔ wɔn ntam! (2 Korintofo 5:19, 20) Mfe Apem no mu no, wɔde nkakrankakra ‘benya ahofadi afi ɔporɔw a ɛde wɔn ayɛ nkoa no mu,’ na akowie sɛ wɔbenya “anuonyam ahofadi a ɛwɔ hɔ ma Onyankopɔn mma no.”—Romafo 8:21.

20. Sɛ woto wo bo ase dwen agyede no ho yiye paa a, ɛka wo sɛn?

20 Agyede no nti, yɛka sɛ “aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn”! (Romafo 7:25) Agyede no, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛte ase, nanso emu dɔ, na ɛsom bo paa ma ɛyɛ nwanwa. (Romafo 11:33) Sɛ yɛto yɛn bo ase dwen agyede no ho yiye paa a, ɛka yɛn koma, na ɛtwe yɛn bɛn atɛntrenee Nyankopɔn no bere nyinaa. Nea Yehowa, Onyankopɔn a “ɔdɔ trenee ne atɛntrenee” no ayɛ ama yɛn nyinaa nti, ɛsɛ sɛ yɛkamfo no sɛnea odwontofo no yɛe no.—Dwom 33:5.

a Adam ne Hawa de, na wɔrentumi nnya agyede no so mfaso. Mose Mmara no kaa biribi faa onipa a ɔhyɛ da kum obi ho. Ɛkaa sɛ: “Owudifo a ɔfata owu de, ɛnsɛ sɛ mugye agyede biara de gye no nkwa.” (Numeri 35:31) Ná Adam ne Hawa nim nea Onyankopɔn aka, nanso wɔboapa buu so. Enti na ɛfata sɛ wɔwu. Asoɔden a wɔyɛe nti, anidaso a na wɔwɔ sɛ wɔbɛtena ase daa no, ɛbɔɔ wɔn.

b Efi Yesu nkwadaaberem besi bere a onyin nyinaa, na bɔne biara nni ne ho. Nanso sɛ na obetumi awu agye yɛn afi bɔne a Adam de bae no mu a, na ɛsɛ sɛ onyin ansa, na ɛnyɛ bere a na ɔyɛ akwadaa no. Kae sɛ, Adam hyɛɛ da na obuu Onyankopɔn mmara so. Ná onim paa sɛ nea ɔreyɛ no yɛ bɔne, na na onim nsunsuanso a ɛde bɛba nso. Wei nti, sɛ Yesu betumi abɛyɛ “Adam a odi akyiri,” na watumi akata Adam bɔne no so a, na ɛsɛ sɛ onyin bɛyɛ obi a onim nea ɔreyɛ na ama watumi asi gyinae adi nokware ama Yehowa. (1 Korintofo 15:45, 47) Enti nokware a Yesu dii wɔ n’asetenam, ne ne nkwa a ɔde bɔɔ afɔre no nyinaa, Bible ka ho asɛm sɛ “adetrenee baako” a ɛmaa Onyankopɔn buu nnipa atreneefo.—Romafo 5:18, 19.