Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 17

‘O Hwɛ Sɛnea Onyankopɔn Nyansa Mu Dɔ!’

‘O Hwɛ Sɛnea Onyankopɔn Nyansa Mu Dɔ!’

1, 2. Ɛdɛn na na Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no ɛda a ɛtɔ so nson no, nanso ɛdɛn na esii saa da no mfiase?

 AGYE AGU! Adebɔ da a ɛtɔ so nsia no, ade a ɛwɔ anuonyam paa a Onyankopɔn bɔe ne onipa. Nanso prɛko pɛ, onipa hwee ase maa saa anuonyam no nyinaa sɛee. Ɛda a ɛtɔ so nsia a Yehowa bɔɔ onipa wiei no, ɔkaa sɛ “biribiara a wayɛ” no, “eye paa.” (Genesis 1:31) Nanso, ɛda a ɛtɔ so nson mfiase no, Adam ne Hawa kodii Satan akyi tew atua. Wɔkɔfaa bɔne, sintɔ, ne owu bɛsɛn yɛn kɔn mu.

2 Nea ɛkɔɔ so no nti, anhwɛ a wobɛka sɛ nea na Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no ɛda a ɛtɔ so nson no agye agu. Sɛnea nna nsia a ɔde bɔɔ ade no biara yɛ mfe mpempem pii no, saa ara na na ɛda a ɛtɔ so nson no nso bɛyɛ mfe mpempem pii. Ná Yehowa aka sɛ ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ kronkron. Enti anka ebedu sɛ saa da no mmra awiei no, na asaase nyinaa adan paradise ama nnipa a ɛte so nso, bɔne ne sintɔ biara nni wɔn ho. (Genesis 1:28; 2:3) Nanso, atuatew kɛse a ɛkɔɔ so yi nti, na ɛbɛyɛ dɛn na nea Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no atumi aba mu? Ɛdɛn na na Onyankopɔn bɛyɛ? Ná Yehowa de ne nyansa kɛse no bɛyɛ adwuma ama no ayɛ nwanwa paa.

3, 4. (a) Atuatew a ɛkɔɔ so wɔ Eden no, nyansakwan a Yehowa faa so dii ho dwuma no, ɛdɛn na ɛma yehu fa ne ho? (b) Bere a yɛrebesua Yehowa nyansa ho ade yi, ɛsɛ sɛ yegye nokwasɛm bi tom. Ɛyɛ nokwasɛm bɛn?

3 Yehowa yɛɛ asɛm no ho biribi ntɛm. Obuu wɔn a wɔtew atua wɔ Eden turom no fɔ. Saa bere no ara, ɔkaa asɛm dɛdɛɛdɛ bi de kyerɛe sɛ obeyi ɔhaw a atuatewfo no akɔtwe aba no afi hɔ. (Genesis 3:15) Nea Yehowa bɛyɛ de ayi ɔhaw no afi hɔ no, ɛhyɛɛ ase fii Eden, na na ebedi mfe mpempem pii. Ná ɔbɛyɛ no nkakrankakra akosi sɛ ɔhaw no nyinaa to betwa. Ɔkwan a na Yehowa bɛfa so ayi ɔhaw no afi hɔ no, ɛnyɛ kuntann, nanso nyansa wom paa. Enti sɛ obi de ne nkwa nna nyinaa sua ho ade dwinnwen ho mpo a, ɛremfono no da. Ade baako nso ne sɛ, nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ biara bɛba mu; ɛrenni huammɔ da. Yehowa beyi atirimɔdensɛm, bɔne, ne owu nyinaa afi hɔ, na nnipa a wɔbedi nokware ama no no, wɔn biribiara bewie pɛyɛ. Weinom nyinaa bɛyɛ hɔ ansa na ɛda a ɛtɔ so nson no aba awiei. Ɛba saa a, nsɛm a esisii nyinaa akyi no, nea Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ wɔ asaase so ne nea ɔbɛyɛ ama nnipa no bɛba mu wɔ bere a ɔhyɛe no pɛpɛɛpɛ!

4 Yehowa nyansa ma yɛn ho dwiriw yɛn, ɛnte saa? Ɔsomafo Paul kyerɛwee sɛ: ‘O hwɛ sɛnea Onyankopɔn nyansa mu dɔ!’ (Romafo 11:33) Bere a yɛrebesua Onyankopɔn nyansa ho ade no, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye nokwasɛm bi tom. Ɛne sɛ, sɛ yɛtwe yɛn mu ne bɛtene yɛ pɛ mpo a, Yehowa nyansa a enni ano no, ketekete bi na yebehu. (Hiob 26:14) Nea edi kan no, yɛka nyansa paa a, ɛne dɛn?

Yɛka Nyansa Paa a, Ɛne Dɛn?

5, 6. Adɛn nti na ehia sɛ yenya nimdeɛ ansa na yɛanya nyansa? Yehowa nimdeɛ te sɛn?

5 Ɛsono nyansa, ɛnna ɛsono nimdeɛ. Yebetumi anya nimdeɛ pii wɔ kɔmputa so, nso obiara nni hɔ a ɔbɛka sɛ kɔmputa nim nyansa. Nanso, nyansa ne nimdeɛ na ɛnam. (Mmebusɛm 10:14) Wo de hwɛ o, sɛ yare bi reteetee wo paa na worepɛ obi a obetumi aboa wo ama wo ho atɔ wo a, wobɛkɔ obi a onni ayaresa ho nimdeɛ papa biara anaa obi a onni ayaresa ho nimdeɛ koraa nkyɛn sɛ ɔnsa wo yare? Daabi, worenyɛ saa da! Enti sɛ yebenya nyansa paa a, gye sɛ yenya nimdeɛ a edi mu.

6 Nimdeɛ a Yehowa wɔ no, enni ano. Yehowa yɛ “mmeresanten Hene,” enti ɔno nko ara ne obi a ɔte hɔ daa. (Adiyisɛm 15:3) Mfe pepeankoma a ɔde atena hɔ nyinaa no, onim nea akɔ so biara. Bible ka sɛ: “Abɔde biara nni hɔ a ahintaw wɔ n’anim, na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee wɔ nea ɛsɛ sɛ yebu akontaa kyerɛ no no anim.” (Hebrifo 4:13; Mmebusɛm 15:3) Yehowa na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa, enti onim nneɛma a wabɔ no ho biribiara. Afei nso, biribiara a nnipa ayɛ fi bere a ɔbɔɔ wɔn no, onim ne nyinaa. Yehowa hwehwɛ obiara koma mu, na ohu nea ɛwom nyinaa. (1 Beresosɛm 28:9) Yehowa de onipa pɛ ama no, enti sɛ ohu sɛ yɛreyɛ adepa a, ɛma n’ani gye. Ɔno ne “mpaebɔ Tiefo” no, na otumi tie nnipa mpempem pii mpaebɔ bere koro mu! (Dwom 65:2) Bio nso, Yehowa tumi kae biribiara pɛpɛɛpɛ.

7, 8. Sɛn na Yehowa de ntease, nhumu, ne nyansa yɛ adwuma?

7 Ɛnyɛ nimdeɛ nko na Yehowa wɔ, na mmom ɔwɔ ntease ne nhumu nso. Wei kyerɛ sɛ, sɛ asɛm bi si a, onim nneɛma a ɛkeka boom maa asɛm no sii. Ɔhwɛ asɛm no ho biribiara, enti otumi hu asɛm no ani so yiye. Ɔhwɛ nea esii no, na otumi kyerɛ sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne, ɛho hia anaa ɛho nhia. Afei nso, ɔnhwɛ nea etua aniwa, mmom ɔhwɛ komam. (1 Samuel 16:7) Enti, Yehowa wɔ ntease ne nhumu, na saa suban yi kyɛn nimdeɛ. Nyansa nso de, ɛkyɛn ntease mpo.

8 Yɛka sɛ obi nim nyansa a, ɛkyerɛ sɛ ɔde nimdeɛ, nhumu, ne ntease abom reyɛ adwuma. Nea ɛwom ne sɛ, kasa a wɔdii kan de kyerɛw Bible no, nsɛm a wɔkyerɛɛ ase “nyansa” no, ebi nkyerɛase traa ne “adwuma pa.” Enti Yehowa de ne nimdeɛ ne ne ntease yɛ adwuma pa ma n’atirimpɔw ba mu, na n’atirimpɔw nso de, ewie yiye bere nyinaa. Yehowa de ne nimdeɛ a ɛdɔɔso ne ne ntease a emu dɔ no na esisi gyinae. Ɛno nti, gyinae biara a obesi no yɛ papa paa, na ɔkwan a ɔfa so di ho dwuma nso yɛ papa paa. Yɛka nyansa paa a, nea ɛkyerɛ no no! Yehowa ma yehu sɛ asɛm a Yesu kae yi yɛ nokware turodoo. Yesu kaa sɛ: “Nyansa nam ne nnwuma so di bem.” (Mateo 11:19) Nneɛma a Yehowa ayɛ no soro ne asaase so no nyinaa di adanse sɛ onim nyansa.

Abɔde Ma Yehu Yehowa Nyansa

9, 10. (a) Nyansa bɛn na Yehowa da no adi, na sɛn na ɔde ayɛ adwuma? (b) Sɛn na nkwammoaa ma yehu Yehowa nyansa?

9 Obi ato ne bo ase adi adwini anaa wayɛ nsaanodwuma kamakama bi ama ayɛ wo fɛ pɛn? Nea wuhui no kyerɛ sɛ, onipa a ɔyɛɛ saa adwuma no nim adwuma yiye. (Exodus 31:1-3) Nyansa biara a nnipa de yɛ nsaanodwuma no, Yehowa na ɔde ma, na ɔwɔ saa nyansa no bi kyɛn obiara. Ɔhene Dawid kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Meyi wo ayɛ efisɛ sɛnea woyɛɛ me no yɛ hu na ɛyɛ nwonwa. Wo nnwuma yɛ nwonwa, na minim eyi paa.” (Dwom 139:14) Ampa, sɛ yesua nipadua ho ade kɔ akyiri a, ɛma yehu sɛ Yehowa wɔ nyansa paa, na ɛma yɛn ho dwiriw yɛn.

10 Yɛnyɛ nhwɛso baako: Nkwaboaa baako fi wo maame hɔ na baako fi wo papa hɔ, ɛnna ɛka bɔɔ mu maa wo nkwa fii ase. Ɛka bɔɔ mu wiei no, ankyɛ na emu fii ase sɛ ɛrekyekyɛ ayɛ bebree. Ɛdede mu ara na wobɛyɛɛ onipa. Enti wote hɔ yi, woyɛ nkwammoaa bɛyɛ ɔpepepepem 100. Nkwammoaa dodow no ara yɛ nketenkete paa. Sɛ woka bɛyɛ 10,000 bom a, ne kɛse nyinaa bɛyɛ sɛ pin ti. Nanso, nneɛma a ɛwɔ nkwaboaa biara mu no dɔɔso koraa kyɛn nneɛma a ɛwɔ afiri anaa faktri biara a nnipa ayɛ mu. Abɔde mu nyansapɛfo ka sɛ nkwaboaa baako biara te sɛ kurow a yɛato fasu afa ho. Ɛwɔ apon deda ho, enti ɛnyɛ biribiara kɛkɛ na etumi wura mu; nhyehyɛe wom a etumi ma nneɛma di akɔneaba kama. Ɛwɔ nhyehyɛe a ɛma nneɛma a ɛwom no tumi di nkitaho; anyinam ahoɔden a ehia no, ɛno ankasa tumi yɛ; nneɛma a enhia bio no, ɛwɔ kwan a ɛfa so tow gu anaasɛ ɛdan no yɛ no foforo. Ɛwɔ bammɔ nhyehyɛe, ɛnna ɛwɔ biribi wɔ mfinimfini te sɛ aban asoɛe a ɛhwɛ ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ. Afei nso, nkwaboaa betumi akyɛ ne mu mmienu ama foforo no ayɛ te sɛ dedaw no pɛpɛɛpɛ wɔ bere tiaa bi mu!

11, 12. (a) Akwadaa renyin wɔ ne maame yam a, ɛdɛn na ɛma ne nkwammoaa no biara hu nipadua akwaa a ɛbɛba abɛyɛ? Sɛn na wei ne asɛm a ɛwɔ Dwom 139:16 no hyia? (b) Sɛn na nnipa adwene anaa nnipa amemene ma yehu sɛ sɛnea Yehowa yɛɛ yɛn no, “ɛyɛ nwonwa”?

11 Nokwasɛm ne sɛ, nkwammoaa nyinaa nyɛ pɛ. Sɛ akwadaa renyin wɔ ne maame yam a, nkwaboaa baako a ɛhyɛɛ ase no mu kyekyɛ yɛ bebree. Afei, emu kyekyɛ yɛ nkwammoaa ahorow ahorow a ebiara ne adwuma a ɛyɛ. Ebi ba bɛyɛ ntini; afoforo ba bɛyɛ nnompe, ebi nso ba bɛyɛ honam, mogya, ne aniwa. Akwankyerɛ a ɛma nkwaboaa biara hu honam akwaa a ɛbɛba abɛyɛ no, wɔakyerɛw wɔ nkwaboaa no mu dedaw. Saa akwankyerɛ no na yɛfrɛ no DNA no. Anwanwasɛm ne sɛ, honhom kronkron kaa Dawid ma ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Meyɛ mogyatɔw mpo no, w’aniwa huu me; bere a wɔnwenee m’akwaa nyinaa no, wɔkyerɛw ho asɛm wɔ wo nhoma mu.”—Dwom 139:16.

12 Nipadua akwaa no bi wɔ hɔ a, sɛnea ɛyɛ adwuma no, ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase. Wo de, hwɛ nnipa adwene anaa nnipa amemene. Sɛnea amemene yɛ adwuma no, ɛyɛ nwanwa ara ma ebinom kyerɛ sɛ, biribiara nni amansan yi mu a ɛyɛ nwanwa saa. Ntini nkwammoaa a ɛwɔ nnipa amemene mu no bɛyɛ ɔpepepem 100. Ɛte sɛ nsoromma dodow a ɛwɔ nsorommakuw a yɛn asaase yi wom no mu. Nkwammoaa no mu biara ne nkwammoaa foforo mpempem akeka atoatoam. Abɔde mu nyansapɛfo ka sɛ, nhoma a egu nhomakorabea a ɛwɔ wiase nyinaa no, woboaboa emu nsɛm ano a, ebetumi akɔ amemene no mu. Nokwasɛm ne sɛ, nsɛm a ebetumi akɔ amemene no mu no, yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu mpo. Ɛmfa ho sɛ abɔde mu nyansapɛfo de mfe pii asua akwaa a “ɛyɛ nwonwa” yi ho ade no, wɔgye tom sɛ sɛnea amemene yɛ adwuma no, ebia wɔrentumi nte ase nwie da.

13, 14. (a) Ɛdɛn na ntɛtea ne mmoa foforo tumi yɛ a, ɛma yehu sɛ Yehowa ‘de nyansa ahyɛ’ wɔn mu, na ɛdɛn na wei ma yehu fa nea ɔbɔɔ wɔn no ho? (b) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ “nyansa” na Yehowa de yɛɛ nneɛma bi te sɛ ananse ntentan?

13 Nneɛma pii na Yehowa abɔ a ɛma yehu sɛ ɔwɔ nyansa, na onipa yɛ emu baako pɛ. Dwom 104:24 ka sɛ: “O Yehowa, wo nnwuma dɔɔso! Nyansa na wode ayɛ ne nyinaa. Wo nsa ano adwuma ahyɛ asaase so ma.” Nneɛma a Yehowa abɔ a atwa yɛn ho ahyia no, emu biara ma yehu sɛ Yehowa wɔ nyansa. Yɛhwɛ ntɛtea sei a, wɔyɛ abɔde bi a “wɔde nyansa ahyɛ” wɔn mu. (Mmebusɛm 30:24) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wohwɛ ntɛtea a, biribiara a wɔyɛ no, wuhu sɛ nhyehyɛe da ho paa. Ntɛtea no bi wɔ hɔ a, wɔde mmoawa nketenkete bi kɔ wɔn bɔn mu. Wɔhwɛ mmoawa no te sɛ nea wɔreyɛn wɔn, na mmoawa no nso ma ntɛtea no nya aduan di. Ntɛtea no bi nso yɛ wɔn ho sɛ akuafo. Wɔdua wɔn “nnɔbae,” na ɛma wɔnya wɔn ano aduan. Mmoa foforo pii wɔ hɔ a sɛnea Yehowa bɔɔ wɔn nti wɔtumi yɛ nneɛma a ɛyɛ nwanwa paa. Nwansena sei, sɛnea otumi tu dannan ne ho wɔ mframa mu no, ewimhyɛn biara nni hɔ a ɛbɛto no. Nnomaa binom nso tumi tu kɔ akyirikyiri paa. Ebinom wɔ hɔ a nsoromma na ɛkyerɛ wɔn kwan. Ebinom nso, tumi bi a efi asaase mu (earth’s magnetic field) na ɛboa wɔn. Afoforo nso, Onyankopɔn ayɛ biribi te sɛ map ahyɛ wɔn mu a ɛkyerɛ wɔn kwan. Nneɛma a ɛyɛ nwanwa a mmoa tumi yɛ yi, abɔde mu nyansapɛfo de mfe pii na asua ho ade. Anokwa, yebetumi aka sɛ Onyankopɔn a ɔma mmoa tumi yɛ saa nneɛma yi nyinaa no, ɔyɛ onyansafo paa!

14 Abɔde mu nyansapɛfo asua nneɛma pii afi nyansa a Yehowa de bɔɔ ade no mu. Nneɛma a Onyankopɔn abɔ no, abɔde mu nyansapɛfo binom hyɛ da sua sɛnea wɔbɛhwɛ so ayɛ nneɛma foforo. Sɛ woato wo bo ase ahwɛ sɛnea ananse nwene ntentan a, wo ho bedwiriw wo. Yɛreka yi, ebia woahu bi pɛn; ɛyɛ fɛ paa! Nanso abɔde mu nyansapɛfo de, sɛnea aboa no to ne bo ase di adwini no, ɛno na ɛyɛ wɔn nwanwa paa. Wohwɛ ananse ntentan a, ɛbɛyɛ wo sɛ ɛyɛ mmerɛw, nanso ɛyɛ den sen dade. Sɛn paa na ne den te? Nhama a ɛwɔ ananse ntentan mu no, sɛ ne kɛse te sɛ nhama a yɛde nwene asau, ɛnna ntentan no nso kɛse te sɛ asau a, anka ebetumi akyere wimhyɛn kɛse a ɛnam wim! Ampa, saa nneɛma yi nyinaa, “nyansa” na Yehowa de yɛe.

Hena na ɔde ‘nyansa hyɛɛ’ asaase so mmoa yi mu?

Ne Nyansa Kodu Soro

15, 16. (a) Ɛdɛn na nsoromma a ɛwɔ wim no ma yehu fa Yehowa nyansa ho? (b) Yehowa na ɔda abɔfo asafodɔm kɛse no ano, na ɔhwɛ ma wɔn nyinaa yɛ adwuma bere nyinaa. Sɛn na wei ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyansafo?

15 Nneɛma a Yehowa abɔ ma yehu ne nyansa wɔ amansan nyinaa mu. Yɛkaa nsoromma ho asɛm kɔɔ akyiri wɔ nhoma yi Ti 5. Ɛmaa yehui sɛ nsoromma a ɛwɔ wim no, Yehowa antow ampete hɔ kɛkɛ. Yehowa nyansa nti, wahyehyɛ ‘mmara wɔ wim,’ na saa mmara no ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ hɔ. Nsoromma a ɛwɔ soro no, wahyehyɛ no akuwakuw, na wakeka akuwakuw no bi abom ayɛ no akuw akɛse. Akuw akɛse no nso, wakeka bi abom ayɛ no akuw akɛse paa. (Hiob 38:33) Enti sɛ Yehowa frɛ nsoromma a ɛwɔ soro no “asraafo” a, ɛnyɛ nwanwa koraa! (Yesaia 40:26) Nanso, asraafo foforo bi wɔ hɔ a ɛma yehu sɛ Yehowa wɔ nyansa yiye paa.

16 Yehui wɔ nhoma yi Ti 4 sɛ, yɛfrɛ Onyankopɔn “asafo Yehowa,” efisɛ ɔda abɔfo asafodɔm kɛse bi ano. Wei ma yehu sɛ Yehowa wɔ tumi paa. Ɛnde, ne nyansa ba mu sɛn? Wo de hwɛ: Yehowa ne Yesu yɛ adwuma bere nyinaa; wɔnte nnaa da. (Yohane 5:17) Ɛno nti, yebetumi aka sɛ, abɔfo a wɔsom Yehowa no nso yɛ adwuma bere nyinaa. Kae sɛ, abɔfo korɔn sen nnipa. Wɔwɔ nyansa ne tumi kyɛn nnipa. (Hebrifo 1:7; 2:7) Nanso, Yehowa ma saa abɔfo no nyinaa yɛ adwuma daa. Wɔde anigye yɛ adwuma pa; ‘wotie n’asɛm,’ na ‘wɔyɛ n’apɛde.’ Wɔayɛ saa ara mfe ɔpepepee. (Dwom 103:20, 21) Wei ma yehu sɛ Yehowa a ɔhwɛ ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ saa no, ɔyɛ Onyansafo ampa!

Yehowa “Nko Ara Na Ɔyɛ Onyansafo”

17, 18. Adɛn nti na Bible ka sɛ Yehowa “nko ara na ɔyɛ onyansafo,” na adɛn nti na ɛwɔ sɛ ne nyansa no yɛ yɛn nwanwa paa?

17 Wei nyinaa nti, Bible ka sɛ Yehowa wɔ nyansa kyɛn obiara, na ɛnyɛ nwanwa koraa. Nhwɛso bi ni. Bible ka sɛ Yehowa “nko ara na ɔyɛ onyansafo.” (Romafo 16:27) Yehowa nko ara na ne nyansa di mu. Ɔno ne nyansa nyinaa Wura. (Mmebusɛm 2:6) Ɛno nti, Yesu nim nyansa kyɛn nnipa ne abɔfo a Yehowa abɔ wɔn nyinaa de, nanso wamfa ne ho anto ɔno ara ne nyansa so. Mmom nea n’Agya ka kyerɛɛ no no, ɛno na ɔkae.—Yohane 12:48-50.

18 Yehowa nyansa da mu fua. Hwɛ sɛnea ɔsomafo Paul kaa ho asɛm: “O hwɛ sɛnea Onyankopɔn ahonyade ne ne nyansa ne ne nimdeɛ mu dɔ! Yɛrentumi mpɛɛpɛɛ n’atemmu mu nwie da, na yɛrentumi nhwehwɛ n’akwan mu nwie da!” (Romafo 11:33) Sɛnea Paul kaa “O” no ma yehu sɛ na asɛm no yɛ no nwanwa paa. Greek asɛmfua a ɔde gyinaa hɔ maa ‘emu dɔ’ no, wubetumi akyerɛ ase “amena donkudonku.” Enti, nsɛmfua a ɔde kaa n’asɛm no ma wutumi hu nea na ɔrekyerɛ no yiye paa. Sɛ yedwinnwen Yehowa nyansa ho a, ɛte sɛ amena donkudonku anaa ekũ tenteenten bi a yɛrehwɛ mu a yentumi nhu ase. Emu dɔ anaa ɛsõ ara ma wuntumi nhu sɛnea ne kɛse te mpo na akɔba sɛ wubehu emu nyinaa. (Dwom 92:5) Sɛ yɛhwɛ Yehowa nyansa a, wunhu sɛ yɛyɛ nkyene a na yɛayera mu?

19, 20. (a) Dɛn nti na ɔkɔre yɛ Onyankopɔn nyansa ho sɛnkyerɛnne a ɛfata? (b) Ɛdɛn na Yehowa ayɛ a ɛma yehu sɛ otumi hu nneɛma a ɛbɛba daakye?

19 Ade foforo bi nso wɔ hɔ a ɛma yetumi ka sɛ Yehowa “nko ara na ɔyɛ onyansafo.” Ɛne sɛ: Ɔno nko ara na otumi hu nea ɛbɛba daakye. Kae sɛ, esiane sɛ ɔkɔre hu ade kɔ akyiri nti, Yehowa de no toto ne nyansa ho. Ɔkɔre bi wɔ hɔ a ne mu duru bɛyɛ kilogram nnum pɛ, nanso n’ani sõsõ sen onipa a wanyin ani. Ɔkɔre ani hu ade yiye paa. Ɛno nti sɛ ɔwɔ wim nohoa mpo a, otumi hu mmoa nketenkete paa wɔ fam bɛkye wɔn! Bere bi, Yehowa ankasa kaa ɔkɔre ho asɛm sɛ: “N’ani hu ade wɔ akyirikyiri.” (Hiob 39:29) Saa ara na Yehowa tumi hwɛ ade kɔ “akyirikyiri”; otumi hu nea ebesi daakye mpo!

20 Nneɛma pii wɔ Bible mu a edi adanse sɛ nea yɛreka yi yɛ nokware. Wohwɛ Bible mu a, wubehu nkɔmhyɛ anaa nsɛm pii a wɔkyerɛw too hɔ ansa na ɛresisi. Yehowa dii kan kaa ɔko ahorow a na ebesisi ne wɔn a na wɔbedi nkonim ho asɛm. Afei nso, ɔkaa sɛ aman bi benya tumi, na ebinom nso tumi befi wɔn nsa. Akwan a na asraafo mpanyimfo bɛfa so adi nkonim nyinaa nso, ɔkaa ho asɛm. Saa nsɛm yi bi wɔ hɔ a, ɔkaa ho asɛm too hɔ mfe pii ansa na ɛresisi.—Yesaia 44:25–45:4; Daniel 8:2-8, 20-22.

21, 22. (a) Adɛn nti na yɛrentumi nka sɛ Yehowa ahyehyɛ nea obiara bɛyɛ ato hɔ? Ma ɛho mfatoho. (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa de nyansa yɛ adwuma wɔ ɔdɔ mu?

21 Enti wei kyerɛ sɛ biribiara a wobɛyɛ wɔ wiase no, Onyankopɔn ahyehyɛ ato hɔ dedaw anaa? Ɔsom ahorow bi kyerɛ sɛ, saa na ɛte. Wɔkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ahyehyɛ obiara nkrabea ato hɔ. Sɛ saa asɛm yi yɛ nokware a, ɛnde na ɛkyerɛ sɛ Yehowa nyansa no, asɛm wɔ ho. Afei nso, anka ɛbɛkyerɛ sɛ, tumi a Yehowa de hu nea ebesi daakye no, ɔmfa nyɛ adwuma yiye. Wo de hwɛ: Sɛ wo nne yɛ dɛ paa na wunim nnwom to a, ɛkyerɛ sɛ wonam baabiara a na woreto nnwom anaa? Ɛnte saa koraa! Saa na Yehowa nso, ɔwɔ tumi a ɔde hu nea ɛbɛba daakye, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɔde saa tumi no yɛ adwuma. Sɛ ɔyɛ saa a, ɛremma yentumi nyɛ nea yɛpɛ. Nanso, Yehowa ama yɛn kwan sɛ yebetumi ayɛ nea yɛpɛ. Ɛyɛ akyɛde bi a ɔde ama yɛn, na ɔrennye mfi yɛn nsam da.—Deuteronomium 30:19, 20.

22 Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ, sɛ nkurɔfo ka sɛ Yehowa ahyehyɛ obiara nkrabea ato hɔ a, ɛkyerɛ sɛ, ɔwɔ nyansa de, nanso onni tema, na onnwen yɛn ho. Nso yenim sɛ ɔnte saa koraa! Bible ka sɛ Yehowa yɛ “koma mu nyansafo.” (Hiob 9:4) Wei nkyerɛ sɛ Yehowa wɔ koma a ɛda nnipa mu no bi. Mmom sɛ Bible ka koma ho asɛm a, mpɛn pii no, ɛyɛ a na ɛkyerɛ sɛnea obi te wɔ ne mu. Ebetumi akyerɛ adwene a obi de yɛ biribi ne atenka a ɔwɔ, te sɛ ɔdɔ. Enti Yehowa nyansa ne ne suban a aka nyinaa, ɔde yɛ adwuma wɔ ɔdɔ mu.—1 Yohane 4:8.

23. Yehowa nim nyansa kyɛn yɛn koraa. Ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛyɛ dɛn?

23 Nea ɛte ne sɛ, Yehowa nyansa di mu na yebetumi de yɛn ho ato so paa. Onyankopɔn nim nyansa kyɛn yɛn koraa. Ɛno nti, Bible tu yɛn fo sɛ: “Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho nto w’ankasa wo ntease so. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔbɛma w’akwan ateɛ.” (Mmebusɛm 3:5, 6) Afei, ma yɛnhwehwɛ Yehowa nyansa mu nkɔ akyiri na ama yɛatumi atwe abɛn yɛn Nyankopɔn a ɔno ne nyansa nyinaa wura no.