Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 18

Nyansa Wɔ “Onyankopɔn Asɛm” Mu

Nyansa Wɔ “Onyankopɔn Asɛm” Mu

1, 2. Yehowa akyerɛw biribi a ɛte sɛ krataa abrɛ yɛn. Ɛyɛ dɛn ade, na adɛn nti na ɔde abrɛ yɛn?

 OBI a wopɛ n’asɛm paa a ɔwɔ akwantu mu akyerɛw krataa abrɛ wo pɛn? Nneɛma a ɛma yɛn ani gye paa no, baako ne sɛ obi a wopɛ n’asɛm paa akyerɛw krataa a emu nsɛm yɛ dɛ abrɛ wo. Wo nsa ka krataa bi saa a, ɛma wuhu sɛnea ne ho te, wuhu nea ɛrekɔ so wɔ n’abrabɔ mu, na wuhu nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ. Wei nyinaa ma w’ani gye. Sɛ saa nipa no atu kwan kɔ akyirikyiri mpo a, krataa a ɛte saa ma wote nka sɛ ɔbɛn wo pɛɛ.

2 Ɛnde wohwɛ a, biribi wɔ hɔ paa a ebetumi ama yɛn ani agye asen sɛ yebenya krataa afi Onyankopɔn a yɛdɔ no no hɔ anaa? Yehowa akyerɛw biribi a ɛte sɛ krataa abrɛ yɛn. Ɛno ne n’Asɛm Bible no. Yɛkenkan Bible a, yebehu ne nipaban, nneɛma a wayɛ, nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ, ne nea ɛkeka ho. Yehowa pɛ sɛ yɛtwe bɛn no, ɛno nti na ɔde n’Asɛm no ama yɛn no. Onyankopɔn nim nyansa paa, ɛno nti ɔkwan a ɛyɛ papa paa na wafa so ama yɛahu nea ɔpɛ sɛ yɛte fi ne hɔ no. Ɔkwan a wɔfaa so kyerɛw Bible no ne nsɛm a ɛwɔ mu no, ɛma yehu sɛ Yehowa nyansa kɔ akyiri yiye.

Adɛn Nti Na Onyankopɔn Maa Wɔkyerɛw N’Asɛm No?

3. Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so de ne Mmara maa Mose?

3 Ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Adɛn nti na Yehowa amfa n’ano ankasa amfi soro ankyerɛ nnipa?’ Nea ɛwom ne sɛ, mmere bi wɔ hɔ a Yehowa kasa fii soro kyerɛɛ nnipa; ɔkasa faa abɔfo so. Mose Mmara no sei, bere a ɔde rema Israelfo no, ɔfaa abɔfo so na ɛkasae. (Galatifo 3:19) Ná ɛnne a efi soro no yɛ hu yiye. Ɛmaa Israelfo no bɔɔ hu paa, enti wɔkaa sɛ mma Yehowa ankasa ne wɔn nnkasa, na mmom ɔmfa Mose so nkasa nkyerɛ wɔn. (Exodus 20:18-20) Ɛno nti, mmara bɛyɛ 600 a ɛwɔ Mose Mmara no mu no, Yehowa de n’ano na ɛkaa emu nsɛm nyinaa kyerɛɛ Mose.

4. Sɛ Mose ankyerɛw Onyankopɔn mmara no anto hɔ a, wohwɛ a anka ɛdɛn na ɛbɛba?

4 Sɛ Mose ankyerɛw Mmara no anto hɔ a, wohwɛ a anka ɛdɛn na ɛbɛba? Wugye di sɛ anka Mose betumi akae nea Yehowa ka kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ, na waka ne nyinaa akyerɛ Israel man no anaa? Wɔn mma ne wɔn nananom a na wɔbɛba akyiri yi nso ɛ? Wugye di sɛ na nkurɔfo no bɛkae biribiara a Mose ka kyerɛɛ wɔn no, na wɔn nso aka akyerɛ nkyirimma no anaa? Bere a Onyankopɔn de n’ano kaa Mmara no mu nsɛm no, sɛ wamma wɔankyerɛw anto hɔ a, wugye di sɛ anka Israelfo no nsa bɛka Mmara no pɛpɛɛpɛ? Daabida. Yɛmfa no sɛ wopɛ sɛ woka asɛm bi kyerɛ nnipa dodow bi, ɛnna wokaa asɛm no kyerɛɛ baako. Wuwiei no, woka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ nea odi hɔ na nea odi hɔ no nso nka nkyerɛ nea odi hɔ nkosi nea otwa to no so. Nea ɛtaa ba ne sɛ, ebedu nea otwa to no so no, na asɛm no adan koraa. Nanso Onyankopɔn Mmara no de, na ɛrentumi nnane da. Adɛn ntia?

5, 6. Nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, Yehowa kaa sɛ Mose nyɛ no dɛn? Yehowa Asɛm a wɔakyerɛw ama yɛn no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛyɛ nhyira?

5 Yehowa nyansa nti na ɔmaa wɔkyerɛw ne nsɛm no too hɔ. Ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kyerɛw nsɛm yi to hɔ, efisɛ apam a me ne wo ne Israel reyɛ yi gyina nsɛm yi so.” (Exodus 34:27) Saa bere no na wɔfii ase kyerɛw Bible. Ɛyɛ afe 1513 A.Y.B. Bɛyɛ mfe 1,610 a edi hɔ no, nnipa bɛyɛ 40 a wɔkyerɛw Bible no bi no, Yehowa kasa kyerɛɛ wɔn ɛnna wɔkyerɛwee. “Ɔfaa akwan horow so kasa kyerɛɛ wɔn mpɛn pii.” (Hebrifo 1:1) Eduu baabi no, akyerɛwfo a wɔdi nokware hwɛɛ nea na Bible akyerɛwfo no akyerɛw no so kyerɛw bi pɛpɛɛpɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkora Bible no so.—Esra 7:6; Dwom 45:1.

6 Momma yɛnka! Bible a Yehowa de ama yɛn no, ɛyɛ nhyira kɛse paa. Obi akyerɛw krataa abɛkyekye wo werɛ pɛn? Ebia krataa no maa w’ani gyei paa, enti wode siei, na ɛreyɛ ara ni na woakɔfa akan. Bible te sɛ krataa a Yehowa akyerɛw abrɛ yɛn. Esiane sɛ Yehowa kyerɛw n’asɛm no nti, yetumi kenkan no daa dwinnwen emu nsɛm no ho. (Dwom 1:2) Bere biara a yɛpɛ no, yebetumi anya “Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye.”—Romafo 15:4.

Adɛn Nti Na Nnipa Na Yehowa Maa Wɔkyerɛw Bible No?

7. Nnipa na Yehowa maa wɔkyerɛw Bible no. Sɛn na ɛma yehu ne nyansa?

7 Yehowa nyansa nti, nnipa na ɔmaa wɔkyerɛw n’Asɛm no. Wo de hwɛ oo: Sɛnea yɛkan Bible a ɛka yɛn koma no, sɛ abɔfo na Yehowa maa wɔkyerɛw Bible no a, wohwɛ a, anka ɛbɛka yɛn koma saa? Sɛ abɔfo na ɛkyerɛw Bible no a, sɛnea wɔhu Yehowa no, ɛno na anka wɔbɛka akyerɛ yɛn. Afei sɛnea wɔdɔ Yehowa ne sɛnea wɔde anigye som no no, ɛno na anka wɔbɛka ho asɛm. Nnipa anokwafo a wɔsom Yehowa no, wɔn nko ara na anka abɔfo no bɛka wɔn ho asɛm akyerɛ yɛn. Abɔfo nso de, wɔkorɔn kyɛn nnipa koraa. Bɔne biara nni wɔn ho. Wɔn nimdeɛ, wɔn suahu, ne wɔn ahoɔden kyɛn nnipa bam. Enti sɛ abɔfo kyerɛw biribi brɛ yɛn a, yɛbɛyɛ dɛn ate ase?—Hebrifo 2:6, 7.

8. Ɛdɛn na Yehowa maa kwan maa wɔn a wɔkyerɛw Bible no de wɔn adwene yɛe? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

8 Esiane sɛ nnipa na Yehowa maa wɔkyerɛw Bible no nti, ama yɛn nsa aka nea yehia paa. Bible yɛ nhoma a ‘efi Onyankopɔn home mu,’ nanso nnipa tumi te emu nsɛm no ase, na ɛka yɛn koma. (2 Timoteo 3:16) Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa tumi yɛɛ saa? Nea ɔyɛe ne sɛ, mpɛn pii no, ɔmaa nnipa no ankasa dwenee ho huu “nsɛm a ɛyɛ dɛ” a wɔde bɛkyerɛw nsɛm a “ɛyɛ nokware no pɛpɛɛpɛ.” (Ɔsɛnkafo 12:10, 11) Ɛno nti, sɛ wokenkan Bible a, wuhu sɛ ɛsono sɛnea wɔkyerɛw nhoma biara. Onipa no suban ne adwuma a ɔyɛ na na ɛbɛkyerɛ sɛnea ɔbɛkyerɛw ne nhoma no. a Nanso, “Onyankopɔn honhom kronkron na ɛmaa” saa mmarima yi “kasae.” (2 Petro 1:21) Ɛno nti, Bible a wɔkyerɛwee no yɛ “Onyankopɔn asɛm” ankasa.—1 Tesalonikafo 2:13.

“Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu”

9, 10. Esiane sɛ nnipa na Yehowa maa wɔkyerɛw Bible no nti, sɛ yɛkan a ɛka yɛn koma paa. Adɛn ntia?

9 Esiane sɛ nnipa na Yehowa maa wɔkyerɛw Bible nti, emu nsɛm no tumi ka yɛn koma paa. Mmarima a Yehowa maa wɔkyerɛw Bible no, wɔyɛ nnipa a wɔwɔ atenka te sɛ yɛn ara. Esiane sɛ wɔyɛ nnipa a wɔtɔ sin te sɛ yɛn ara nti, nsɔhwɛ ne ateetee a yɛrefa mu no, ɛno ara bi na wɔn nso faa mu. Mmere bi wɔ hɔ a, na Yehowa honhom ma wɔkyerɛw wɔn awerɛhow ne wɔn anigye ho asɛm. Afei nso, na honhom no ma wɔkyerɛw ɔhaw a wɔrefa mu. (2 Korintofo 12:7-10) Nea na wɔrefa mu no, na wɔn ankasa tumi kyerɛkyerɛ mu yiye. Sɛnea wɔkaa wɔn nsɛm no, sɛ ɔbɔfo na ɛkyerɛw a, anka ɔrentumi nka no saa.

10 Yɛnhwɛ Israel hene Dawid. Bere bi, Dawid yɛɛ bɔne a emu yɛ duru. Ɛno akyi no, ɔhyehyɛɛ nnwom bi, na ɔkaa ne koma mu asɛm kyerɛɛ Onyankopɔn de srɛɛ bɔnefakyɛ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Hohoro me ho fi me bɔne ho. Me mmarato no, minim paa, na me bɔne wɔ m’anim daa nyinaa. Hwɛ! Wɔwoo me no, na bɔne wɔ me ho, na bɔne mu na me maame nyinsɛn me. Ntow me mfi w’anim nkyene, na nyi wo honhom kronkron mfi me so. Afɔre a ɛsɔ Onyankopɔn ani ne honhom a abubu; O Onyankopɔn, worempo koma a abubu na apɛtɛw.” (Dwom 51:2, 3, 5, 11, 17) Wokan saa asɛm yi a, wunhu sɛ na Dawid werɛ ahow paa? Sɛ ɛnyɛ onipa a bɔne wɔ ne ho na ɔbɛkasa sei a, ɛnde hena bio?

Adɛn Nti Na Bible Ka Nnipa Ho Nsɛm Pii Saa?

11. Nkurɔfo asetena mu nsɛm bɛn na Yehowa de baa Bible mu sɛ “ɛnkyerɛkyerɛ yɛn”?

11 Ade foforo bi nso wɔ hɔ a ɛma Bible mu nsɛm ka yɛn koma paa. Ɛne sɛ, nsɛm a ɛwom no, dodow no ara fa nnipa ho. Wɔn a ɛsom Onyankopɔn ne wɔn a ɛnsom no nyinaa ho nsɛm wom bi. Yɛkan Bible a, yehu nea wɔfaa mu wɔ asetena mu, yehu nneɛma a ɛma wɔhuu amane ne nneɛma a ɛmaa wɔn ani gyei. Afei nso, gyinae a wɔsisii no, yehu nea efii mu bae. Nsɛm a ɛtete saa no, wɔde baa Bible mu sɛ “ɛnkyerɛkyerɛ yɛn.” (Romafo 15:4) Nnipa abrabɔ mu nsɛm a wɔkyerɛwee no, Yehowa de kyerɛkyerɛ yɛn ma ɛka yɛn koma. Ma yɛnhwɛ wei ho nhwɛso bi.

12. Nnipa a wɔantie Yehowa asɛm a wɔn ho nsɛm wɔ Bible mu no, ɛboa yɛn sɛn?

12 Nnipa a wɔantie Yehowa asɛm ne amumɔyɛfo mpo, Bible ka wɔn ho asɛm, na nea ɛtoo wɔn nso, ɛka ho asɛm. Wɔn ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no boa yɛn ma yehu nea enti a suban a wɔdaa no adi no nye koraa. Nhwɛso bi ni. Anka Bible betumi aka no tiawa sɛ ɛyɛ bɔne sɛ wubeyi w’adamfo ama. Nanso sɛ wokenkan sɛnea Yuda yii Yesu mae no a, wunhu sɛ ɛma wote asɛm no ase yiye paa? (Mateo 26:14-16, 46-50; 27:3-10) Bible mu nsɛm a ɛte saa ka yɛn koma paa, na ɛboa yɛn ma yehu suban bɔne biara a ɛwɔ yɛn ho na ama yɛasesa.

13. Sɛn na Bible boa yɛn ma yenya suban pa?

13 Bible ka Onyankopɔn asomfo anokwafo pii nso ho asɛm. Sɛnea wɔdii nokware na wɔbataa Yehowa ho no, ɛho asɛm wɔ Bible mu. Yehu suban pa a wɔdaa no adi no, na sɛ yesua a, ɛbɛma yɛatwe abɛn Onyankopɔn. Wo de, yɛmfa gyidi nyɛ nhwɛso. Bible kyerɛkyerɛ gyidi mu, na ɛma yehu nea enti a yehia gyidi na yɛatumi asɔ Onyankopɔn ani. (Hebrifo 11:1, 6) Bible san ka nea ebinom yɛe a ɛkyerɛ sɛ na wɔwɔ gyidi. Bere bi, Abraham yɛe sɛ ɔde Isak rebɔ afɔre. Wohwɛ nea ɔyɛe no a, wunhu sɛ ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ gyidi paa? (Genesis, ti 22; Hebrifo 11:17-19) Nhwɛso a ɛtete saa ma yɛte “gyidi” ase paa. Enti Yehowa nka nkyerɛ yɛn kɛkɛ sɛ yennya suban pa. Mmom, wama yɛn nhwɛso wɔ Bible mu a ɛbɛboa yɛn ama yɛanya suban pa. Wei ma yehu sɛ ɔyɛ nyansafo paa!

14, 15. Ɛdɛn na Bible ka fa ɔbea bi a ɔbaa asɔrefie hɔ no ho? Yɛhwɛ nea Bible ka faa ne ho no a, ɛdɛn na ɛma yehu fa Yehowa ho?

14 Nnipa asetena mu nsɛm a ɛwɔ Bible mu no, ɛma yehu sɛnea Yehowa te paa. Yɛnhwɛ ɔbea bi a Yesu huu no wɔ asɔrefie hɔ. Saa bere no, na Yesu te bɛn nnaka a wɔde sika gu mu no, na na ɔrehwɛ nkurɔfo a wɔreyi ntoboa no. Asikafo pii baa hɔ, na wɔde “nea wɔanya ama aboro so no bi” beguu nnaka no mu. Nanso, Yesu gyenee n’ani hwɛɛ ɔbea kunafo hiani bi. Sika a okunafo no de beguu mu no, na ɛyɛ “nkaprɛ mma abien a ɛnsom bo ahe biara.” b Ɛno ne ne sika a na aka nyinaa. Wei maa Yesu kaa asɛm bi a saa ara na anka Yehowa nso bɛka. Ɔkaa sɛ: “Nea saa ɔbea kunafo hiani yi de agu mu no, ɛdɔɔso sen nea wɔn a aka no nyinaa de beguu mu no.” Asɛm a Yesu kae no ma yehu sɛ sika a okunafo no de guu mu no, ɛdɔɔso kyɛn nea wɔn a aka nyinaa de beguu mu.—Marko 12:41-44; Luka 21:1-4; Yohane 8:28.

15 Nnipa bebrebe a ɛbaa asɔrefie hɔ saa da no, okunafo yi nko ara na Yesu kaa ne ho asɛm; Yehowa nso hwɛ maa wɔkyerɛw wɔ Bible mu. Wohwɛ a, adɛn ntia? Yehowa de saa asɛm yi kyerɛ yɛn sɛ, ɔyɛ Onyankopɔn a woyɛ biribi ma no a ɛyɛ no fɛ. Sɛ yeyi yɛn yam yɛ nea yebetumi nyinaa ma Yehowa a, n’ani sɔ. Sɛ nea yetumi yɛ no nnu nea ebinom yɛ mpo a, n’ani sɔ. Wohwɛ sɛnea Yehowa de ɔbea kunafo no asɛm no akyerɛ yɛn sɛ n’ani sɔ nea yɛyɛ ma no no a, ɛnka wo koma anaa?

Ɛnyɛ Biribiara Na Bible Kyerɛkyerɛ Mu Kɔ Akyiri

16, 17. Nsɛm bi wɔ hɔ a, Yehowa amma wɔankyerɛw wɔ Bible mu. Adɛn nti na ɛno ma yehu sɛ ɔwɔ nyansa paa?

16 Sɛ worekyerɛw krataa akɔma obi a wopɛ n’asɛm a, ɛnyɛ biribiara na wubetumi aka ho asɛm. Enti wubedwen ho paa ahu nea ehia sɛ wokyerɛw. Wohwɛ Bible mu a, wubehu sɛ Yehowa nso maa wɔkyerɛw nkurɔfo bi ho nsɛm, ɛne nsɛm bi a esisii. Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na Bible ka biribiara a ɛwɔ asɛm no mu. (Yohane 21:25) Ebi ne sɛ, sɛ Bible ka sɛnea Onyankopɔn buu nnipa bi atɛn a, ɛnkyerɛkyerɛ biribiara mu fekɔfekɔ. Nsɛm bi wɔ hɔ a, Yehowa amma wɔankyerɛw wɔ Bible mu, ɛno mpo ma yehu sɛ ɔwɔ nyansa paa. Adɛn nti na yɛreka saa?

17 Sɛnea wɔkyerɛw Bible no, ɛboa yɛn ma yehu nea ɛwɔ yɛn koma mu paa. Hebrifo 4:12 ka sɛ: ‘Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu, na ano yɛ nnam sen sekan anofanu biara, na etumi wura mu kɔpaapae ɔkra ne honhom mu, na etumi hu komam adwene ne emu nsusuwii.’ Bible mu asɛm wura yɛn mu, na ɛma yehu adwene a yɛwɔ ne nea enti a yɛyɛ nneɛma bi. Nnipa bi wɔ hɔ a, biribiara, wɔbenya ho asɛm aka. Sɛ obi te saa na sɛ ɔkan Bible na wanhu nea ɔrepɛ nyinaa a, ɔnte ne ho ase. Obi a ɔte saa no, obetumi anya adwene mpo sɛ, Yehowa nni dɔ, ɔnyɛ nyansafo, na ommu atɛntrenee nso.

18, 19. (a) Sɛ yɛkenkan Bible, na nea yɛrehwehwɛ no, yɛanhu ne nyinaa amonom hɔ ara mpo a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛhaw yɛn? (b) Ɛdɛn na yehia na ama yɛatumi ate Bible ase, na sɛn na wei ma yehu sɛ Yehowa yɛ onyansafo kɛse?

18 Nanso sɛ yɛto yɛn bo ase de koma pa sua Bible, na sɛ nea yɛrehwehwɛ no, yɛanhu ne nyinaa amonom hɔ ara mpo a, ɛrenhaw yɛn. Adɛn ntia? Efisɛ nea Bible ka fa Yehowa ho no, yɛbɛhwɛ ne nyinaa, na ɛbɛma yɛahu sɛ nea ɔyɛ biara tene. Yɛnyɛ mfatoho bi: Yɛmfa no sɛ yɛrebɛpam ayeforo ataade. Yɛatwitwa ataade no awie, na ebia yenhu ataade no sin bi anaa yenhu baabi a yɛde esin bi bɛhyɛ. Nanso, ebia na yɛadi kan akeka asinasin dodow no ara asisi anim ama yɛahu sɛnea ataade no bɛyɛ. Saa ara na sɛ yɛresua Bible a ɛte. Nkakrankakra yehu Yehowa Nyankopɔn nipaban, na ebedu baabi no, na yɛahu no yiye paa. Enti sɛ yɛkan Bible mu asɛm bi na sɛ mfiase no yɛante ase anaa ɛyɛ yɛn sɛ nea Bible reka no, ɛnyɛ saa na Onyankopɔn suban te mpo a, esiane sɛ yɛasua nneɛma pii afa ne ho dedaw nti, yenim sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ, ɔyɛ nea ɛtene, na obu atɛntrenee bere nyinaa.

19 Enti sɛ yebetumi ate Bible ase a, ɛsɛ sɛ yɛde koma pa kenkan na yɛde koma pa sua. Sɛ wei nkyerɛ sɛ Yehowa yɛ onyansafo kɛse a, ɛnde dɛn bio? Abenfo betumi akyerɛw nhoma a “anyansafo ne animdefo” nko ara na ebetumi akan ate ase. Nanso, wɔrentumi nkyerɛw nhoma a nnipa a ɛwɔ koma pa nko ara na ebetumi akenkan ate ase. Nhoma a ɛte saa de, yɛn Nyankopɔn nyansafo no nko ara na atumi akyerɛw bi!—Mateo 11:25.

Nhoma a “Nyansa” Wom

20. Adɛn na Yehowa nko ara na obetumi akyerɛ yɛn nea yɛyɛ a ebesi yɛn yiye? Ɛdɛn na ɛwɔ Bible mu a ebetumi aboa yɛn?

20 Wokan Bible a, wubehu sɛ Yehowa kyerɛ yɛn nea yɛyɛ a ebesi yɛn yiye. Yehowa na ɔbɔɔ yɛn, enti ɔno na onim nea eye ma yɛn. Efi tete nyinaa, ade a ɛma nnipa nya akomatɔyam no, ɛnsesae. Onipa biara hia ɔdɔ, anigye, asomdwoe, ne nnamfo pa. “Nyansa” pii wɔ Bible mu. Sɛ yɛde bɔ yɛn bra a, ɛbɛma yɛn ani agye na asi yɛn yiye. (Mmebusɛm 2:7) Nhoma yi fã biara no, eti bi wom a ɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛde Bible mu afotu bɛbɔ yɛn bra. Momma yɛnhwɛ baako.

21-23. Afotu pa bɛn na ebetumi aboa yɛn na yɛamfa nkurɔfo ho abufuw anhyɛ yɛn mu?

21 Woahyɛ no nsow sɛ nnipa a wɔde nsɛm hyɛ wɔn mu, na wɔfa nkurɔfo ho abufuw no, wɔn ani ntaa nnye? Sɛ yɛde nkurɔfo ho abufuw hyɛ mu a, ɛma yɛbrɛ paa. Etumi gye yɛn adwene nyinaa, na ɛsɛe yɛn asomdwoe ne yɛn anigye. Abɔde mu nyansapɛfo ahwehwɛ mu ahu sɛ, sɛ obi de abufuw hyɛ ne mu a, obetumi anya komayare ne nyarewa foforo pii a yɛko a ɛnkɔ. Ansa na abɔde mu nyansapɛfo reyɛ wɔn nhwehwɛmu no, na Bible de afotu pa yi ama yɛn dedaadaw. Ɛka sɛ: “Mma abufuw nnhyɛ wo so, na mma abufuhyew kwan.” (Dwom 37:8) Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi ayi abufuw afi yɛn mu?

22 Onyankopɔn Asɛm de afotu pa yi ma yɛn sɛ: “Onipa nhumu ma ɔtwentwɛn n’abufuw ase, na ɛyɛ anuonyam ma no sɛ obebu n’ani agu mfomso so.” (Mmebusɛm 19:11) Onipa a ɔwɔ nhumu no, sɛ obi ka asɛm anaa ɔyɛ biribi a, ɔmfa no traa, na mmom odwen ho kɔ akyiri. Nhumu ma yenya ntease, efisɛ ɛma yehu nea enti a onipa no kaa saa asɛm no anaa nea enti a ɔyɛɛ nea ɔyɛe no. Sɛ yehu sɛ ɛnyɛ adwene bɔne anaa abufuw na ɛmaa no yɛɛ saa, na ebia saa bere no na nneɛma nkɔ yiye mma no a, ɛbɛma yɛate ase, na ɛremma yɛn bo mfuw no.

23 Bible san de afotu pa yi ma yɛn. Ɛka sɛ: ‘Monkɔ so nnya mo ho abotare na obiara mfa ne yɔnko bɔne nkyɛ no korakora.’ (Kolosefo 3:13) Sɛ Bible ka sɛ ‘yɛnkɔ so nnya yɛn ho abotare’ a, nea ɛkyerɛ ne sɛ yebenya ntoboase ama nkurɔfo, na wɔn suban a yɛn ani nnye ho no nso, yɛremma ɛnhaw yɛn. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛremma nkurɔfo ho nyɛ yɛn ahi. Sɛ Bible ka sɛ ‘yɛmfa bɔne nkyɛ’ a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, yebeyi abufuw afi yɛn mu. Yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ onyansafo no nim sɛ, sɛ biribi titiriw biara nsiw wo kwan sɛ wode obi bɔne bɛkyɛ no a, ɛnde ɛsɛ sɛ wode kyɛ no. Sɛ yɛde nkurɔfo bɔne kyɛ wɔn a, ɛnyɛ wɔn nko ara na wɔnya so mfaso; yɛn ara nso, ɛma yɛn asom dwo yɛn. (Luka 17:3, 4) Wei ma yehu sɛ nyansa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu de, ɛdɔɔso paa!

24. Sɛ yɛde afotu pa a ɛwɔ Bible mu bɔ yɛn bra a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

24 Ɔdɔ kɛse a Yehowa wɔ ma yɛn nti, ná ɔpɛ sɛ ɔne yɛn di nkitaho, enti ɔfaa ɔkwan a edi mu paa so. Ɛne sɛ, ɔde honhom kronkron boaa nnipa maa wɔkyerɛw n’anom asɛm wɔ Bible mu. Ɛno nti, yehu Yehowa nyansa wɔ Bible mu. Ne nyansa “nni huammɔ da.” (Dwom 93:5) Enti sɛ yɛde Bible mu asɛm bɔ yɛn bra, na yɛka mu asɛm kyerɛ nkurɔfo a, ɛma yɛtwe bɛn yɛn Nyankopɔn a ɔno ne nyansa nyinaa wura no. Eti a edi hɔ wɔ nhoma yi mu no, yɛbɛhwɛ ade foforo nso a ɛma yehu sɛ Yehowa nim nyansa paa. Ɛno ne sɛnea otumi kyerɛ nea ɛbɛba daakye ne sɛnea otumi ma nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ba mu no.

a Obi te sɛ Dawid sei, na ɔyɛ oguanhwɛfo. Enti nimdeɛ a onyaa wɔ nguanhwɛ adwuma mu no, ɔde yɛɛ mfatoho bebree wɔ nhoma a ɔkyerɛwee no mu. (Dwom 23) Mateo nso, na ogyigye tow. Enti, na ɔtaa bu nkontaa, na sɛ ɔreka sika ho asɛm nso a, na ɔtaa kyerɛ ne dodow. (Mateo 17:27; 26:15; 27:3) Luka nso, na ɔyɛ dɔkta. Enti sɛ ɔreka yare ho asɛm a, na ɔkyerɛ mu kɔ akyiri.—Luka 4:38; 14:2; 16:20.

b Ná kaprɛ ba baako biara yɛ lepton. Saa bere no, na ɛno ne Yudafo sika a esua koraa. Ná lepton mmienu yɛ da koro akatua a yɛakyɛ mu 64 ayi mu 1. Nkaprɛ mmienu no, na entumi ntɔ akasanoma baako mpo. Nso nnomaa a na ahiafo tumi tɔ we no, nea na ne bo yɛ fo paa ne akasanoma.