Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 20

“Ɔyɛ Koma Mu Nyansafo”​—Nanso Ɔbrɛ Ne Ho Ase

“Ɔyɛ Koma Mu Nyansafo”​—Nanso Ɔbrɛ Ne Ho Ase

1-3. Adɛn nti na yebetumi agye adi sɛ Yehowa brɛ ne ho ase?

 FA NO sɛ papa bi pɛ sɛ ɔkyerɛ ne ba ketewa ade pa bi. Asɛm a ɔrebɛka akyerɛ ne ba no, ɔpɛ sɛ ɛka ne ba no koma. Wohwɛ a, sɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ no? Ɛsɛ sɛ ogyina ntenten na ɔhwɛ akwadaa no anim teatea mu gu ne so anaa? Anaasɛ ɛsɛ sɛ ɔkotow na ɔne akwadaa no kasa bɔkɔɔ? Papa biara a ɔbrɛ ne ho ase na n’adwene mu dɔ no, ɔne ne ba no bɛkasa bɔkɔɔ.

2 Enti wohwɛ a, Yehowa yɛ Agya bɛn? Ɔma ne ho so, anaa ɔbrɛ ne ho ase; ne tirim yɛ den anaa ɔyɛ yɛn bɔkɔɔ? Yehowa nim biribiara, na onim nyansa sen obiara. Nanso, ebia woahyɛ no nsow sɛ nnipa a wɔn adwene mu abue na wɔnim ade no, wɔntaa mmrɛ wɔn ho ase. Bible ka sɛ: “Nimdeɛ de ahomaso ba.” (1 Korintofo 3:19; 8:1) Nanso Yehowa de, ɔyɛ “koma mu nyansafo,” nanso ɔbrɛ ne ho ase. (Hiob 9:4) Ɔwɔ dibea kɛse na n’anuonyam so, nanso ɔnyɛ ahantan. Adɛn nti na yɛreka saa?

3 Yehowa yɛ kronkron. Enti suban a egu nnipa ho fĩ te sɛ ahantan de, ebi nni ne mu koraa. (Marko 7:20-22) Afei nso, hwɛ asɛm a odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Yehowa. Ɔkaa sɛ: “Nea ɛbɛyɛ biara, wobɛkae na woakotow aboa me.” a (Kwadwom 3:20) Wunhu sɛ asɛm no yɛ nwanwa paa! Yehowa a ɔno ne Amansan Hene no pɛ sɛ ‘ɔkotow,’ kyerɛ sɛ, ɔpɛ sɛ ɔba fam na ɔne Yeremia yɛ pɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛboa onipa a n’asɛm yɛ mmɔbɔ saa no. (Dwom 113:7) Ampa, Yehowa brɛ ne ho ase. Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa brɛ ne ho ase? Sɛn na Yehowa ahobrɛase ma yehu sɛ onim nyansa? N’ahobrɛase no boa yɛn sɛn?

Nea Yehowa Yɛ De Kyerɛ Sɛ Ɔbrɛ Ne Ho Ase

4, 5. (a) Sɛ yɛka sɛ obi brɛ ne ho ase a, ɛkyerɛ sɛn, na sɛn na Yehowa kyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase? Sɛ obi brɛ ne ho ase a, ɛnkyerɛ sɛ n’ani nyɛ den anaa ɔyɛ bɛtɛɛ dodo. Sɛn na ɛda adi wɔ Yehowa ho? (b) Sɛn na Yehowa maa Dawid hui sɛ ɔno Yehowa brɛ ne ho ase, na Yehowa ahobrɛase boa yɛn sɛn?

4 Sɛ yɛka sɛ obi brɛ ne ho ase a, ɛkyerɛ sɛ ɔnyɛ dwɛɛ. Afei nso, ɔnyɛ ahomaso anaa ahantan. Obi a ɔbrɛ ne ho ase no, odwo, ɔwɔ abotare, na ɔte asɛm ase. (Galatifo 5:22, 23) Nanso, sɛ obi wɔ saa suban yi a, ɛnkyerɛ sɛ n’ani nyɛ den anaa ɔyɛ bɛtɛɛ dodo. Enti sɛ yɛka sɛ Yehowa brɛ ne ho ase a, ɛnkyerɛ sɛ, sɛ ntɛnkyea rekɔ so a, ne bo rentumi mfuw anaa ɔrentumi mfa ne tumi nsɛe ade. Mmom no, esiane sɛ Yehowa brɛ ne ho ase na odwo nti, otumi hyɛ ne ho so paa, na ɔde ne tumi kɛse no yɛ adwuma sɛnea ɛsɛ. (Yesaia 42:14) Afei nso, Yehowa ahobrɛase ma yehu sɛ onim nyansa. Adɛn nti na yɛreka saa? Nhoma bi a ɛka Bible ho asɛm ka sɛ: “Obi a ɔbrɛ ne ho ase no, . . . pɛsɛmenkominya ketekete sei mpo nni ne mu; obi a ɔte saa nko ara na yɛka sɛ ɔyɛ nyansafo.” Enti obi a ɔmmrɛ ne ho ase no, yebetumi aka sɛ ne nyansa nyɛ nyansa papa. Ɛnde yemmisa sɛ, Yehowa ahobrɛase boa yɛn sɛn?

Agya a n’adwenem dɔ no, odwo na ɔbrɛ ne ho ase ma ne mma

5 Ɔhene Dawid too dwom maa Yehowa sɛ: “Wode wo nkwagye kyɛm ma me, wo nsa nifa na ekura me mu, na w’ahobrɛase ma meyɛ kɛse.” (Dwom 18:35) Enti yɛbɛka a, Yehowa baa fam anaa ɔbrɛɛ ne ho ase sɛnea ɛbɛyɛ a ɔno Dawid a n’asɛm yɛ mmɔbɔ yi, Yehowa bɛbɔ ne ho ban na wahwɛ no da biara. Dawid hui sɛ, sɛ wɔbegye no afi n’atamfo nsam, na wabɛyɛ ɔhene kɛse a, gye sɛ Yehowa brɛ ne ho ase na ɔboa no. Yehowa akyerɛ sɛ ɔyɛ Papa a ɔwɔ ɔdɔ na odwo. Enti sɛ ɛnyɛ n’ahobrɛase a ɛma no ba fam sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛboa yɛn a, anka yɛn mu hena paa na obetumi anya anidaso sɛ obenya nkwa?

6, 7. (a) Sɛ Bible ka sɛ Yehowa brɛ ne ho ase a, ɛnte sɛ nnipa ahobrɛase. Adɛn ntia? (b) Ahobrɛase ne nyansa na ɛnam. Kyerɛkyerɛ mu. Hena na ɔyɛ ahobrɛase ho nhwɛso paa?

6 Ahobrɛase yɛ suban pa a ɛsɛ sɛ nnipa anokwafo nya bi. Ahobrɛase ne nyansa na ɛnam. Ɛho nhwɛso ni: Mmebusɛm 11:2 ka sɛ: “Nyansa ne ahobrɛasefo na ɛte.” Nanso, Bible ma yehu sɛ ɛnyɛ nnipa ahobrɛase no bi na Yehowa wɔ. Adɛn ntia? Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, sɛ Bible ka sɛ onipa brɛ ne ho ase a, ɛkyerɛ sɛ saa nipa no nim sɛ ɛnyɛ biribiara na n’ahoɔden anaa ne nyansa betumi ayɛ. Ade nyinaa so Tumfoɔ no de, otumi ade nyinaa yɛ, gye sɛ biribi a ɔyɛ a ebebu ne mmara so. (Marko 10:27; Tito 1:2) Afei nso, Yehowa ne Ɔsorosoroni no, enti ɔnhyɛ obiara ase. Ɛno nti Yehowa ahobrɛase nte sɛ nnipa ahobrɛase.

7 Nanso Yehowa brɛ ne ho ase, na odwo. Ɔkyerɛkyerɛ n’asomfo sɛ, sɛ obi benya nyansa paa a, ɛsɛ sɛ odwo. N’Asɛm Bible ka “odwo a efi nyansam” ho asɛm. b (Yakobo 3:13) Yɛnhwɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ Yehowa brɛ ne ho ase.

Yehowa Ahobrɛase Nti, Ɔde Adwuma Hyɛ Ebinom Nsa, Na Otie Wɔn

8-10. (a) Adɛn nti na ɛyɛ nwanwa sɛ Yehowa de adwuma hyɛ ebinom nsa na otie wɔn? (b) Bere bi a ade nyinaa so Tumfoɔ no ne n’abɔfo no hyiae no, ɛdɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase?

8 Sɛnea Yehowa yi ne yam de adwuma hyehyɛ ebinom nsa na otie wɔn no, ɛno koraa yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase; ɛka koma paa. Ɛyɛ nwanwa paa sɛ Yehowa yɛ saa, efisɛ ɔno de, onhia obiara mmoa ne obiara afotu. (Yesaia 40:13, 14; Romafo 11:34, 35) Nanso, nhwɛso bebree wɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ Yehowa brɛ ne ho ase.

9 Wo de, yɛnhwɛ asɛntitiriw bi a esii wɔ Abraham asetena mu. Abraham nyaa ahɔho mmiɛnsa bi, na ɔfrɛɛ baako “Yehowa.” Ahɔho no, na wɔyɛ abɔfo. Nanso wɔn mu baako de, ɔbaa Yehowa din mu, na ɔyɛɛ ne biribiara wɔ Yehowa din mu. Sɛ saa ɔbɔfo no rekasa anaa ɔreyɛ biribi a, na ɛte sɛ nea Yehowa ankasa na ɔrekasa anaa ɔreyɛ saa ade no. Yehowa nam saa ɔbɔfo no so ka kyerɛɛ Abraham sɛ, wate “osũ ne nteɛm a Sodom ne Gomora ama aba no,” na ano yɛ den. Yehowa kaa sɛ: “Mɛkɔ akɔhwɛ sɛ osũ ne nteɛm a mate no, saa na wɔreyɛ anaa, na sɛ ɛnte saa nso a mehu.” (Genesis 18:3, 20, 21) Asɛm a ade nyinaa so Tumfoɔ Yehowa kae yi nkyerɛ sɛ ɔno ara ‘bɛkɔ’ asaase so akɔhwɛ. Mmom ɔsan somaa abɔfo ma wɔkɔsii n’anan kɔhwɛe. (Genesis 19:1) Adɛn nti na ɔyɛɛ saa? Enti Yehowa a otumi hu ade nyinaa no, wohwɛ a na ɔno ankasa ntumi ‘nhu’ nea ɛrekɔ so wɔ hɔ no? Ná obehu aboro so. Nanso Yehowa ahobrɛase nti, ɔde saa adwuma no hyɛɛ abɔfo no nsa sɛ wɔnkɔhwehwɛ nea ɛrekɔ so no mu, na wɔnkɔhwɛ Lot ne n’abusua wɔ Sodom.

10 Afei nso, Yehowa tie ebinom adwenkyerɛ. Bere bi, ɔka kyerɛɛ n’abɔfo no sɛ obiara nkyerɛ ɔkwan a obetumi afa so adaadaa ɔhemmɔne Ahab ama wakowu wɔ ɔko mu. Ná Yehowa nhia mmoa a ɛte saa mfi abɔfo no hɔ. Nanso, ogyee ɔbɔfo baako adwenkyerɛ toom, na ɔkaa sɛ ɔnkɔyɛ nea waka no. (1 Ahene 22:19-22) Wunhu sɛ Yehowa brɛ ne ho ase paa?

11, 12. Ɛdɛn na ɛmaa Abraham hui sɛ Yehowa brɛ ne ho ase?

11 Nnipa a yɛnsɛ hwee yi mpo, sɛ biribi haw yɛn na yɛpɛ sɛ yɛka kyerɛ Yehowa a, ɔyɛ aso tie yɛn. Wo de hwɛ. Bere bi, Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔpɛ sɛ ɔsɛe Sodom ne Gomora. Ɔkaa saa no, asɛm no pem ɔtreneeni Abraham paa. Abraham kaa sɛ: “Worentumi nni asɛm a ɛte saa da!” Afei ɔka kaa ho sɛ: “Asaase nyinaa temmufo no renyɛ nea ɛteɛ anaa?” Obisaa Yehowa sɛ, sɛ ohu atreneefo 50 wɔ nkurow no mu a ɔbɛsɛe no anaa. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔrensɛe hɔ. Ɛnna Abraham bisaa Yehowa sɛ, sɛ onya nnipa 45 a, ɛno nso ɔbɛsɛe hɔ anaa. Afei ɔtew so baa 40. Ɛno nso Yehowa kaa sɛ ɔrensɛe hɔ. Ne nyinaa akyi, Abraham tew so ara beduu nnipa du. Saa bere no, ebetumi aba sɛ na Abraham nnya nhuu sɛnea Yehowa mmɔborɔhunu te papa. Yehowa nyaa abotare, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa n’adamfo Abraham kaa nea ɛhaw no nyinaa kyerɛɛ no.—Genesis 18:23-33.

12 Animdefo ne nnipa a asua nhoma kɔ akyiri no, dodow sɛn na wɔbenya abotare atie obi a ne nhomanim nnu baabiara? c Nanso, yɛn Nyankopɔn a ɔbrɛ ne ho ase no de, onya abotare tie nnipa a ɛte saa. Nkɔmmɔ a Yehowa ne Abraham bɔe no maa Abraham san hui sɛ Yehowa “bo mfuw ntɛm.” (Exodus 34:6) Ebia Abraham behui sɛ enni kwan sɛ Ɔsorosoroni no reyɛ biribi a, ɔka ho asɛm. Enti Abraham paa Yehowa kyɛw mprenu sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo mma wo bo mmfuw me.” (Genesis 18:30, 32) Yebetumi aka sɛ, Yehowa bo amfuw n’adamfo Abraham. Ampa, “odwo a efi nyansam” de, Yehowa wɔ bi paa.

Yehowa Wɔ Ntease

13. Asɛm “ntease” a ɛwɔ Bible mu no, ɛkyerɛ sɛn, na sɛn na saa asɛm no ma yehu sɛnea Yehowa te paa?

13 Yehowa wɔ suban foforo bi a ɛyɛ fɛ paa. Ɛno ne ntease. Saa suban no nso ma yehu sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Awerɛhosɛm ne sɛ, bɔne a ɛwɔ nnipa ho nti, ɛyɛ a yenni ntease. Yɛahu sɛ, sɛ nnipa ne abɔfo ka wɔn asɛm kyerɛ Yehowa a, ɔyɛ aso tie wɔn. Ɛnyɛ ɛno nko. Sɛ wɔbisa no biribi na ɛnto ne mmara nko ara de a, ɔyɛ ma wɔn. Asɛm “ntease” a ɛwɔ Bible mu no, ne nkyerɛase traa ne “gyae ma ɛnka.” Ntease a Yehowa wɔ no nso ma yehu sɛ onim nyansa paa. Yakobo 3:17 ka sɛ: “Nyansa a efi soro no de, . . . ɛte asɛm ase.” Yehowa, nyansa nyinaa wura no, ɛdɛn na ɔyɛ a ɛma yehu sɛ ɔwɔ ntease? Ade baako ne sɛ Yehowa tumi dannan ne ho yɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ biara. Kae sɛ, Yehowa ma yehu sɛ otumi yɛ ne ho nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ biara ma nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no ba mu. (Exodus 3:14) Wei kyerɛ sɛ Yehowa yɛ obi a ɔwɔ ntease, na otumi dannan ne ho yɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ biara.

14, 15. Hesekiel nyaa anisoadehu bi a na ɛfa Yehowa teaseɛnam a ɛwɔ soro no ho. Ɛdɛn na saa teaseɛnam no ma yehu fa Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no ho? Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ teaseɛnam no ne nnwumakuw a nnipa ahyehyɛ mu?

14 Anwanwasɛm bi wɔ Bible mu, na ɛno nso ma yehu paa sɛ Yehowa tumi dannan ne ho yɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ biara. Bere bi, odiyifo Hesekiel nyaa anisoadehu bi, na ohuu Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro a abɔfo na ɛwom no. Ohuu teaseɛnam kakraka bi. Yɛbɛka a, saa teaseɛnam no yɛ Yehowa ankasa kar, na ɔno ara na etwi saa teaseɛnam no bere nyinaa. Sɛnea teaseɛnam no kɔ no, ɛyɛ nwanwa paa. Teaseɛnam no wɔ ntwahonan akɛse a emu biara wɔ afã nnan. Aniwa tuatua ho nyinaa, enti etumi hu baabiara. Sɛ ɛrekɔ a, etumi de n’ani kyerɛ baabiara prɛko pɛ bere a ennyina anaa ɛnnan ne ho. Saa teaseɛnam kɛse yi, ɛnkɔ bɔkɔbɔkɔ te sɛ kar kɛse bi a nnipa ayɛ. Etumi tu mmirika te sɛ anyinam, na ɛhyɛ tokuru mu mpo a, etumi dan ne ho bere a ennyina! (Hesekiel 1:1, 14-28) Ampa, Yehowa ahyehyɛde no te sɛ amansan Hene Yehowa no ara. Etumi dannan ne ho yɛ nea ɛpɛ sɛ ɛyɛ biara. Biribi si a, prɛko pɛ, wobɛhwɛ na ɛde nneɛma agu akwan mu adi ho dwuma.

15 Sɛnea Yehowa tumi dannan ne ho yɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ biara no, nnipa ntumi nyɛ bi da. Sɛ biribi si a, ebia nnipa ne nnwumakuw bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ biribi de adi nea asi no ho dwuma, nanso ɛyɛ a wɔntumi nyɛ no ntɛm. Yɛnhwɛ mfatoho yi. Keteke bi wɔ hɔ a ɛso paa, na ingyin a ɛda mu nyɛ asɛm ketewa. Enti wuhu a, na wo yam ahye wo. Keteke a ɛte saa no, sɛ biribi si a, wohwɛ a ebetumi agyina prɛko pɛ? Wo de, fa no sɛ biribi abɛtɔ keteke no kwan mu; ɛrentumi nnan ne ho da. Na ɛbɛyɛ den paa nso sɛ ebetumi agyina prɛko pɛ. Sɛ keteke no bɔ breki a, ɛbɛkɔ n’anim bɛyɛ kwansin baako anaa kilomita mmienu ansa na atumi agyina! Saa ara na nnwumakuw a nnipa ahyehyɛ te. Nnwumakuw no mpanyimfo yɛ wɔn asɛm bawee, na wɔnni ntease. Ahantan nti, mmere dane a, ɛyɛ a nnipa mpɛ sɛ wɔdane wɔn ho bi. Sɛnea nnipa asɛm yɛ bawee nti, ama nnwuma pii agu, na ama nkurɔfo atu aban pii mpo agu. (Mmebusɛm 16:18) Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ, Yehowa ne n’ahyehyɛde no de, ɛnte saa!

Sɛnea Yehowa Da Ntease Adi

16. Bere a Yehowa rebɛsɛe Sodom ne Gomora no, nea ɛkɔɔ so wɔ ɔne Lot ntam no ma yehu sɛ Yehowa wɔ ntease paa. Kyerɛkyerɛ mu.

16 Yɛnhwɛ Sodom ne Gomora sɛe ho asɛm no bio. Yehowa bɔfo de akwankyerɛ a emu da hɔ paa maa Lot ne n’abusua. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munguan nkɔ bepɔw no so.” Nanso, na Lot mpɛ sɛ ɔkɔ hɔ. Enti ɔsrɛe sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo, mma me nnkɔ hɔ!” Ná Lot suro sɛ, sɛ oguan kɔ bepɔw no so a, obewu. Enti ɔsrɛe sɛ wɔmma ɔne n’abusua nguan nkɔ kurow bi a ɛbɛn hɔ mu. Yɛfrɛ hɔ Soar. Nanso, nkurow a na Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe no no, na Soar ka ho. Afei nso, na biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ Lot suro. Sɛ Lot kɔɔ bepɔw no so a, anka nea ɛbɛyɛ biara Yehowa bɛbɔ ne ho ban! Nanso, Yehowa tiee Lot adesrɛ no. Enti ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Lot sɛ: “Mate. Eyi mu nso mehu wo mmɔbɔ; merensɛe kurow a woaka ho asɛm no.” (Genesis 19:17-22) Nea esii no ma yehu sɛ Yehowa wɔ ntease paa, wunhu saa?

17, 18. Yɛhwɛ Niniwefo asɛm no a, ɛdɛn na Yehowa yɛe wɔ ho a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ntease?

17 Sɛ obi yɛ bɔne na onu ne ho paa a, Yehowa hu no mmɔbɔ, na oyi ne yam de kyɛ no; saa na Yehowa te. Yɛnhwɛ bere a Yehowa somaa Yona sɛ ɔnkɔ Niniwe no. Ná Niniwefo no tirim yɛ den, na na wɔyɛ awudifo. Yona faa Niniwe kurow no mu, na ɔkaa asɛm a Yehowa de asoma no no kyerɛɛ kurom hɔfo no. Asɛm tiawa yi na Yehowa de somaa Yona: Aka nna 40 na wɔasɛe kurow kɛse no. Ɔkaa asɛm no wiei no, biribiara sesae prɛko pɛ. Niniwefo na asakra wɔn adwene yi!—Yona, ti 3.

18 Bere a Niniwefo no sakraa wɔn adwene no, ɛsono nea Yehowa yɛe, ɛnna ɛsono nea Yona nso yɛe. Nea Niniwefo yɛe no nti, Yehowa sesaa n’adwene, na ɔde wɔn bɔne kyɛɛ wɔn. Wanyɛ ne ho “ɔko mu ɔkatakyi” ansɛe wɔn. d (Exodus 15:3) Nanso Yona de, ɔyɛɛ n’asɛm bawee; Niniwefo no asɛm anyɛ no mmɔbɔ koraa. Anka ɛsɛ sɛ osuasua Yehowa na onya ntease, nanso ɔyɛɛ n’ade te sɛ keteke a yɛaka ho asɛm no. Yona de, wanya aka sɛ yɛbɛsɛe Niniwefo no, sɛe ara na ɛsɛ sɛ yɛsɛe wɔn! Ná Yona nni abotare, enti Yehowa too ne bo ase kyerɛkyerɛɛ no ma osuaa biribi a ne werɛ remfi da. Osuaa ntease ne mmɔborɔhunu.—Yona, ti 4.

Yehowa wɔ ntease, na onim nea yebetumi ayɛ ne nea yɛrentumi nyɛ

19. (a) Sɛ yɛhwɛ nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ no a, adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔwɔ ntease? (b) Yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 19:17 no a, adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa yɛ Owura a ‘oye na ɔwɔ ntease’ ne ahobrɛase paa?

19 Ne korakora no, nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ no ma yehu sɛ ɔwɔ ntease. Ɔhene Dawid kaa sɛ: “Onim sɛnea ɔbɔɔ yɛn; ɔkae sɛ yɛyɛ dɔte.” (Dwom 103:14) Yehowa nim nea yebetumi ayɛ ne nea yɛrentumi nyɛ, na bɔne ne sintɔ a ɛwɔ yɛn ho nso, onim koraa sen yɛn. Ade a yɛrentumi nyɛ de, Yehowa renka sɛ yɛnyɛ da. Bible ka sɛ awuranom bi wɔ hɔ a, “woye na wɔte asɛm ase,” ebinom nso wɔ hɔ a, “wɔn asɛm yɛ den.” (1 Petro 2:18) Wohwɛ a, Yehowa yɛ Owura bɛn? Wo de, hwɛ asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 19:17. Ɛka sɛ: “Nea ɔdom mmɔborɔwa no, ɔde bɔ Yehowa bosea.” Biribiara kyerɛ sɛ Yehowa yɛ owura a oye na ɔwɔ ntease. Efisɛ adepa biara a obi bɛyɛ ama mmɔborɔwafo no, ohu. Nea Bible mu asɛm yi kyerɛ nso ne sɛ, nea ɔbɔɔ soro ne asaase ne emu nneɛma nyinaa no, nnipa a yɛnsɛ hwee yi mpo, sɛ yɛyɛ nneɛma pa ma mmɔborɔwafo a, ɔfa no sɛ ɔde yɛn ka, na otua ma yɛn! Momma yɛnka, Yehowa ahobrɛase de, adutwam!

20. Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa tie yɛn mpaebɔ na obua?

20 Ɛnnɛ nso, sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa yɛ n’asomfo a, yehu sɛ odwo, na ɔbrɛ ne ho ase. Sɛ yɛde gyidi bɔ mpae a, otie yɛn. Ɛwom, ɔnsoma abɔfo mma wɔmmɛkasa nkyerɛ yɛn de, nanso ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ommua yɛn mpaebɔ. Kae sɛ, bere a ɔsomafo Paul ka kyerɛɛ ne nuanom Kristofo sɛ ‘wɔnkɔ so mmɔ mpae’ mma wɔnyi no mfi afiase no, ɔka kaa ho sɛ wɔmmɔ mpae “sɛnea ɛbɛyɛ a wobegyaa me ama mo ntɛm.” (Hebrifo 13:18, 19) Enti yɛbɔ mpae a, ebetumi ama Yehowa ayɛ biribi a ebia anka ɔrenyɛ!—Yakobo 5:16.

21. Yehowa brɛ ne ho ase, nanso adwene bɛn na ɛnsɛ sɛ yenya wɔ ne ho da? Wohwɛ sɛnea Yehowa brɛ ne ho ase no a, ɛka wo sɛn?

21 Yehowa brɛ ne ho ase, kyerɛ sɛ, odwo, ɔyɛ aso tie yɛn, ɔwɔ abotare ne ntease. Nanso, weinom biara nkyerɛ sɛ ɔbɛyɛ nhwɛhaa ama yɛabu ne mmara so. Kristoman mu asɔfo de, nsɛm a ɛbɛyɛ wɔn asɔremma dɛ na wɔka kyerɛ wɔn. Wɔtumi ka kyerɛ asɔremma no sɛ, sɛ wɔamfa Yehowa mmara ammɔ wɔn bra a, ɛnyɛ hwee. Ɛyɛ asɔfo no sɛ, sɛ wɔkeka saa a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ ntease. (2 Timoteo 4:3) Nnipa de, ahotɔ a yɛrepɛ nti, ade a yenim sɛ enye koraa a, na yɛreyɛ. Yewie a na yɛasan aka sɛ yɛwɔ ntease. Nanso, yɛka sɛ Yehowa wɔ ntease a, ɛnyɛ saa koraa na ɛkyerɛ. Yehowa yɛ kronkron; enti ɛremma da sɛ obebu ne mmara so. (Leviticus 11:44) Ɛsɛ sɛ yehu sɛ ade a ɛma Yehowa da ntease adi paa ne n’ahobrɛase, na ɛno nti, yɛdɔ no paa. Wo de hwɛ, ɔsoro ne asaase so nyinaa, Yehowa Nyankopɔn nim nyansa kyɛn obiara, na ɔbrɛ ne ho ase nso kyɛn obiara. Wudwen ho a, ɛte wo sɛn? Onyankopɔn a odwo, ɔwɔ abotare, na ɔwɔ ntease yi, sɛ wotwe bɛn no a, hwɛ sɛnea w’ani begye afa!

a Tetefo a wɔhwɛɛ Bible so kyerɛw bi anaa Sopherim no sesaa Bible mu asɛm yi kaa no sɛ, ɛyɛ Yeremia mmom na ɔkotowee, na ɛnyɛ Yehowa. Wohwɛ a na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ Onyankopɔn de, ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛka sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase saa aboa nnipa. Wei nti, Bible nkyerɛase bebree wɔ hɔ a, asɛm kamakama a kyerɛwsɛm yi ka no, wɔasesa no. Nanso, The New English Bible nkyerɛase no kyerɛ mu yiye paa. Ɛka sɛ Yeremia ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Kae, O kae, na kotow ma me.”

b Bible nkyerɛase bi ka no sɛ “ahobrɛase a efi nyansa mu.”

c Bible ka sɛ, sɛ obi nni abotare a, na ɔyɛ ahantan. (Ɔsɛnkafo 7:8) Yehowa abotare ma yɛsan hu sɛ ɔbrɛ ne ho ase paa.—2 Petro 3:9.

d Dwom 86:5 ka sɛ Yehowa ‘ye, na oyi ne yam de bɔne kyɛ.’ Bere a wɔrekyerɛ saa dwom yi ase akɔ Greek mu no, wɔkyerɛɛ ‘oyi ne yam de bɔne kyɛ’ no ase e·pi·ei·kesʹ, anaa “ntease.”