Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 21

Yesu Ma Yehu “Onyankopɔn Nyansa”

Yesu Ma Yehu “Onyankopɔn Nyansa”

1-3. Bere a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ ne kurom no, ɛdɛn na ɛhɔfo no yɛe, na adɛn ntia?

 NÁ Yesu wɔ hyiadan mu rekyerɛkyerɛ. Wohwɛ wɔn a ɛretie no no anim a, wuhu sɛ wɔn ho adwiriw wɔn paa. Ná wɔnim Yesu dedaw, efisɛ wɔn kurom hɔ ara na onyinii. Ná wayɛ kapenta adwuma wɔ hɔ mfe pii. Adan a na nkurɔfo tete mu wɔ kurom hɔ no, ɛbɛyɛ sɛ Yesu ka ho bi na wɔsisii. Ebetumi aba nso sɛ kɔndua ne dade a wɔde funtum wɔn nsaase no, Yesu na ɔde ne nsa yɛe. a Ɛnde yemmisa sɛ, Yesu a kan no na ɔyɛ kapentani yi, nkurɔfo no betie ne nkyerɛkyerɛ anaa?

2 Wɔn a na ɛretie Yesu no, pii ho dwiriw wɔn, na wɔbisae sɛ: “Ɛhe na onipa yi nyaa nyansa?” Wɔsan nso bisae sɛ: “Ɛnyɛ oyi ne kapenta no? Ɛnyɛ ɔno ne Maria ba” no? (Mateo 13:54-58; Marko 6:1-3) Awerɛhosɛm ne sɛ, kurow a Yesu nyinii wom no, emufo no nyaa adwene sɛ, ‘Wei de, sɛ ɔyɛ kapentani kɛkɛ. Ɔnyɛ onipa titiriw biara; ɔte sɛ yɛn ara.’ Asɛm a na Yesu reka no, na nyansa wom paa, nanso wɔpoo no. Ná wɔnnim baabi a Yesu nyaa ne nyansa no fii.

3 Ɛnde yemmisa sɛ, ɛhe na Yesu nyaa ne nyansa fii? Yesu kaa sɛ: “Nea mekyerɛkyerɛ no nyɛ me dea, na mmom ɛyɛ nea ɔsomaa me no dea.” (Yohane 7:16) Ɔsomafo Paul nso kaa sɛ Yesu ‘ama yɛahu Onyankopɔn nyansa.’ (1 Korintofo 1:30) Nyansa a Yehowa wɔ no, ɛno bi pɛpɛɛpɛ na na ne Ba Yesu nso wɔ. Ɛno nti, Yesu tumi kaa sɛ: “Me ne Agya no yɛ baako.” (Yohane 10:30) Momma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ, ampa ɔwɔ “Onyankopɔn nyansa” no bi.

Nea Yesu Kyerɛkyerɛe

4. (a) Ɛdɛn paa na na edi Yesu nkyerɛkyerɛ mu akoten, na adɛn nti na na saa asɛm no ho hia paa? (b) Adɛn nti na na Yesu afotu yɛ papa bere nyinaa, na adɛn nti na ɛboaa wɔn a wɔde yɛɛ adwuma no?

4 Nea edi kan: Yɛnhwɛ nea Yesu kyerɛkyerɛe. Nea na edi Yesu nkyerɛkyerɛ mu akoten paa ne “Ahenni ho asɛmpa” no. (Luka 4:43) Ahenni no ho asɛm a Yesu kyerɛkyerɛe no, na ɛho hia paa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Ahenni no na Yehowa nam so bɛtew ne din ho, na wama obiara ahu sɛ ɔno na ɔfata paa sɛ odi tumi. Ahenni no ara nso na ɔnam so de nhyira a enni awiei bɛbrɛ nnipa. Bere a Yesu rekyerɛkyerɛ no, ɔmaa yɛn afotu pa a yebetumi de abɔ yɛn bra da biara. Yesu ma yehui sɛ ɔno ne “Ɔfotufo Nwonwafo” a Bible hyɛɛ ne ho nkɔm no. (Yesaia 9:6) Adɛn nti na na Yesu afotu yɛ nwanwa saa? Ná onim Onyankopɔn Asɛm no yiye paa, na na onim sɛnea Yehowa pɛ sɛ nnipa som no. Afei nso, sɛnea nnipa dwen ne sɛnea yɛyɛ yɛn nneɛma no, na ɔte ase paa, na na ɔdɔ a ɔwɔ ma nnipa nso yɛ kɛse paa. Enti, na n’afotu yɛ papa bere nyinaa, na ɛboaa wɔn a wɔde yɛɛ adwuma no. Yesu kaa “daa nkwa nsɛm.” Ampa, sɛ yɛde n’afotu bɔ yɛn bra a, ɛde yɛn bɛkɔ nkwagye mu.—Yohane 6:68.

5. Nneɛma a Yesu kaa ho asɛm wɔ Bepɔw So Asɛnka no mu no, ebi ne dɛn?

5 Yesu nkyerɛkyerɛ no, na nyansa wom paa. Ade baako paa a yɛde hu saa ne Bepɔw So Asɛnka no. Ɛho asɛm wɔ Mateo 5:3–7:27. Ɛbɛyɛ sɛ Yesu de simma 20 pɛ na ɛkaa saa asɛm no nyinaa. Nanso, afotu a ɛwom no, entwam da. Sɛnea na nyansa wom saa bere no, saa ara na ɛte nnɛ; wode bɔ wo bra a, ebesi wo yiye. Yesu kaa nneɛma pii ho asɛm wɔ Bepɔw So Asɛnka no mu. Ebi ne sɛnea yebetumi ne nnipa atena yiye (5:23–26, 38-42; 7:1-5, 12), sɛnea yɛbɛbɔ bra pa (5:27-32), ne nea ɛbɛma yɛn abrabɔ asi yɛn yiye (6:19-24; 7:24-27). Nanso, bere a Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔretie no no sɛ wɔmfa afotu pa no mmɔ wɔn bra no, ɔkyerɛɛ nea enti a ɔreka saa, na ɔde mfatoho nso kaa ho ma wɔtee ase.

6-8. (a) Yesu kaa sɛ ɛnsɛ sɛ yedwinnwen haw yɛn ho. Nea ɔkae no, adɛn nti na ntease wom? (b) Nyansa a ɛwɔ Yesu afotu no mu no fi Onyankopɔn hɔ. Ɛdɛn na ɛkyerɛ saa?

6 Yɛhwɛ nea yebedi ne nea yɛbɛhyɛ sei a, Yesu de ɛho afotu maa yɛn wɔ Mateo ti 6 sɛ, enhia sɛ yedwinnwen ho haw yɛn ho. Yesu kaa sɛ: “Munnyae sɛ mudwinnwen mo nkwa ho sɛ dɛn na mubedi anaa dɛn na mobɛnom, anaa mo nipadua ho sɛ dɛn na mobɛhyɛ.” (Nkyekyɛm 25) Onipa biara hia aduan ne ntaade, enti sɛ yedwen ɔkwan a yɛbɛfa so anya saa nneɛma no ho a, ɛnyɛ nwanwa. Nanso Yesu kaa sɛ ‘yennyae sɛ yedwinnwen’ saa nneɛma no ho. b Adɛn ntia?

7 Momma yɛnhwɛ nea enti a Yesu kaa sɛ yennyae adwinnwen no, na yebehu sɛ nea ɔkae no ntease wom. Yehowa na ɔmaa yɛn nkwa ne nipadua, enti wohwɛ a, ɔrentumi mma yɛn aduan a ɛbɛma yɛatumi atena nkwa mu ne ataade anaa ntama a yɛde bɛkata yɛn nipadua ho? (Nkyekyɛm 25) Sɛ Onyankopɔn ma nnomaa aduan, na ɔhyɛ nhwiren ataade ma ɛyɛ fɛ a, wunhu sɛ ɔbɛhwɛ nnipa a yɛsom no no akyɛn saa koraa! (Nkyekyɛm 26, 28-30) Enti wohwɛ mu a, ntease biara nnim sɛ yebedwinnwen ahaw yɛn ho. Sɛ yedwinnwen a, ɛrentumi mfa da koro mpo nka yɛn nkwa ho. c (Nkyekyɛm 27) Ɛdɛn na ɛbɛma yɛagyae adwinnwen? Yesu tuu yɛn fo sɛ: Monkɔ so mfa Onyankopɔn som nni kan wɔ mo asetena mu. Wɔn a wɔde Nyankopɔn som di kan no betumi anya awerɛhyem sɛ nea wɔhia no da biara no, wɔn soro Agya no de ne nyinaa ‘bɛka ho’ ama wɔn. (Nkyekyɛm 33) Ne korakora no, Yesu de afotu bi a nyansa wom paa maa yɛn. Ɔkaa sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛde ɔkyena haw yɛn ho. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wudwinnwen ɔkyena ho de haw wo ho? (Nkyekyɛm 34) Afei nso, nneɛma bi wɔ hɔ a, ebetumi aba sɛ ɛrensi da. Saa nneɛma no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedwinnwen ho de haw yɛn ho? Sɛ yɛde afotu pa a Yesu de maa yɛn no bɔ yɛn bra a, yebenya asomdwoe. Nneɛma a nkurɔfo de haw wɔn ho wɔ wiase no, yɛremfa nhaw yɛn ho.

8 Yesu afotu no, bɛyɛ mfe 2,000 ni na ɔde maa yɛn. Biribiara kyerɛ sɛ, sɛnea na nyansa wom saa bere no, ɛnnɛ nso, saa ara na nyansa wom. Wunhu sɛ nyansa a ɛwɔ Yesu afotu no mu no fi Onyankopɔn hɔ? Nnipa afotu a eye paa mpo, etumi twam, na wɔtumi sesa mu. Wobɛhwɛ no, na wɔde foforo abesi ananmu. Nanso, Yesu nkyerɛkyerɛ de, entwam da. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwanwa, efisɛ “Onyankopɔn asɛm” na Ɔfotufo Nwanwafo Yesu kae.—Yohane 3:34.

Sɛnea Yesu Kyerɛkyerɛe

9. Ɛdɛn na asraafo bi ka faa Yesu nkyerɛkyerɛ ho, na adɛn nti na yɛrentumi nka sɛ wɔhaahaa wɔn ani?

9 Nea ɛtɔ so mmienu: Yesu daa Onyankopɔn nyansa adi wɔ ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe mu. Bere bi, asraafo bi a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔkyere Yesu no antumi ankyere no, mmom wɔsan kɔe kɔkaa sɛ: “Obiara nkasae saa da.” (Yohane 7:45, 46) Asɛm a asraafo no kae no, ɛnyɛ sɛ wɔhaahaa wɔn ani. Ná ɛyɛ nokware paa. Nnipa a atena ase nyinaa, Yesu a ‘ofi soro’ no ne onipa a na ɔwɔ nimdeɛ ne suahu sen obiara. (Yohane 8:23) Sɛnea ɔkyerɛkyerɛe no, onipa biara nni hɔ a obetumi akyerɛkyerɛ saa. Ɔkwan a Ɔkyerɛkyerɛfo nyansafo no faa so kyerɛkyerɛe no, yɛnhwɛ emu mmienu pɛ.

“Ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no maa nnipadɔm no ho dwiriw wɔn”

10, 11. (a) Adɛn nti na Yesu mfatoho tu mpɔn saa? (b) Mfatoho bɛn na Yesu yɛe a ɛma yesua biribi a ehia paa?

10 Ɔde mfatoho yɛɛ adwuma yiye. Bible ka sɛ: “Yesu de mfatoho na ɛkaa eyinom nyinaa kyerɛɛ nnipadɔm no. Nokwasɛm ne sɛ, wankasa ankyerɛ wɔn a wanyɛ mfatoho.” (Mateo 13:34) Onyankopɔn asɛm a emu dɔ mpo, Yesu tumi de nneɛma a yehu no daa yɛɛ mfatoho de kyerɛkyerɛɛ mu. Ɛyɛ nwanwa paa; wunhu saa? Nneɛma a Yesu de yɛɛ mfatoho no, ebi ne: Akuafo a wɔredua nneɛma, mmea a wɔreto paanoo, nkwadaa a wɔredi agorɔ wɔ gua so, mpataayifo a wɔretwe asau, nguanhwɛfo a wɔrehwehwɛ wɔn nguan a wɔayera. Weinom nyinaa yɛ nneɛma a na wɔn a wɔretie no no hu no daa. Sɛ yɛde nneɛma a nkurɔfo nim kyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm a emu dɔ mu a, wɔtumi te ase ntɛm, ɛka wɔn tirim, na ɛka wɔn koma.—Mateo 11:16-19; 13:3-8, 33, 47-50; 18:12-14.

11 Ná Yesu taa yɛ mfatoho de kyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔsua biribi a ehia paa. Esiane sɛ ɛnyɛ den sɛ yɛbɛte mfatoho ase nti, na Yesu de mfatoho kyerɛkyerɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔretie no no bɛkɔ so akae. Mfatoho a Yesu yɛe no, bebree wɔ hɔ a, sɛnea ɔkaa ne Papa ho asɛm no, ɛyɛ den sɛ yɛn werɛ befi. Wo de, yɛnhwɛ ɔba desɛefo mfatoho no. Nea Yesu ka faa Yehowa ho no, yɛn werɛ rentumi mfi da. Saa mfatoho no ma yehu sɛ, sɛ obi yɛ bɔne na onu ne ho paa a, Yehowa behu no mmɔbɔ na wasan agye no aba ne nkyɛn.—Luka 15:11-32.

12. (a) Sɛn na Yesu de nsɛmmisa yɛɛ adwuma wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu? (b) Nkurɔfo a na wɔrekeka sɛ Yesu tumi no mfi Onyankopɔn no, ɛdɛn na Yesu yɛe a ɛma wɔkaa wɔn ano toom?

12 Ɔde nsɛmmisa yɛɛ adwuma yiye. Yesu de nsɛmmisa yɛɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma nkurɔfo adwen nsɛm ho akɔ akyiri, ahwehwɛ adwene a wɔkura mu, na wɔasi gyinae. (Mateo 12:24-30; 17:24-27; 22:41-46) Bere bi, nyamesom mpanyimfo no bisaa tumi a Yesu de yɛ adwuma no ho asɛm sɛ efi Onyankopɔn hɔ anaa. Yesu bisaa wɔn sɛ: “Ɛhe na Yohane nyaa tumi a ɔde bɔɔ asu no? Efi soro anaasɛ efi nnipa?” Asɛm a Yesu bisae no pem wɔn, enti obiara ka kyerɛɛ ne yɔnko sɛ: “Sɛ yɛka sɛ, ‘Efi soro’ a, ɔbɛka sɛ, ‘Ɛnde adɛn nti na moannye no anni?’ Nanso yɛyɛ dɛn ka sɛ, ‘Efi nnipa’?” Nea ɛwom ne sɛ, “ná wosuro nnipadɔm no, efisɛ na wɔn nyinaa bu Yohane sɛ ɔyɛ odiyifo ankasa.” Awiei koraa no, wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Yennim.” (Marko 11:27-33; Mateo 21:23-27) Asɛm tiawa a Yesu bisaa wɔn no maa wɔn asɛm kaa wɔn tirim, na ɛmaa adwemmɔne a ɛwɔ wɔn koma mu no daa adi.

13-15. Yesu mfatoho a ɛfa Samariani yamyefo ho no, sɛn na ɛma yehu Yesu nyansa?

13 Ɛtɔ mmere bi a, na Yesu de mfatoho ne nsɛmmisa bom yɛ adwuma. Ɔyɛ mfatoho a, na otumi bisa nsɛm ka ho ma nkurɔfo a wɔretie no no dwen ho kɔ akyiri. Bere bi, Yudani bi a ɔyɛ mmaranimfo bisaa Yesu nea ehia sɛ obi yɛ na wanya daa nkwa. Yesu twee n’adwene sii Mose Mmara no so. Mmara no kaa sɛ yɛnnɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nipa. Ná ɔbarima no pɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔtreneeni, enti obisaa Yesu sɛ: “Hena paa ne me yɔnko?” Yesu yɛɛ mfatoho bi de maa no mmuae. Mfatoho no ni: Ná Yudani barima bi nko ara retu kwan, ɛnna akorɔmfo-werɛmfo kɔtow hyɛɛ no so boroo no, na wɔgyaw ne hɔ kɔe a na ɔreyɛ awu. Yudafo mmienu betwaam wɔ kwan no so. Ná baako yɛ ɔsɔfo, ɛnna baako yɛ Lewini. Nanso wɔn mmienu nyinaa ammoa ɔbarima no. Afei Samariani bi betwaam wɔ hɔ. Bere a ohuu ɔbarima a nkurɔfo apirapira no no, n’asɛm yɛɛ no mmɔbɔ. Enti ɔtoo ne bo ase kyekyeree n’akuru no, na ɔde no kɔɔ ahɔhodan bi mu sɛ wɔnhwɛ no mma ne ho ntɔ no. Bere a Yesu rewie n’asɛm no, obisaa Yudani mmaranimfo no sɛ: “Nnipa baasa yi, wɔn mu hena na wususuw sɛ ɔde ne nneyɛe kyerɛe sɛ ɔyɛ ɔbarima a ɔkɔtɔɔ akorɔmfo-werɛmfo mu no yɔnko?” Nea na obetumi aka ara ne sɛ: “Nea ohuu no mmɔbɔ no.”—Luka 10:25-37.

14 Mfatoho a Yesu mae yi, ɛdɛn na ɛma yehu fa ne nyansa ho? Yesu bere so no, sɛ Yudafo no ka “yɔnko” a, na ɛkyerɛ wɔn a wɔdi Yudafo amammerɛ so nko ara; Samariafo de, na wɔmma mu koraa. (Yohane 4:9) Bere a Yesu reyɛ ne mfatoho no, sɛ ɔdanee asɛm no kaa no sɛ Samariani mmom na akorɔmfo-werɛmfo no pirapiraa no ɛnna Yudani bi kɔboaa no a, wohwɛ a anka ɛbɛma Yudani mmaranimfo no anya wɔn a wɔnyɛ Yudafo ho adwempa anaa? Yesu nyansa nti, ɔkaa asɛm no sɛ Samariani na oyii ne yam boaa Yudani. Afei nso, bere a Yesu de mfatoho no reba awiei no, obisaa asɛm a ɛbɛma Yudani mmaranimfo no ahu nea obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ ne “yɔnko.” Wohwɛ mu a, asɛm a mmaranimfo no bisae ne sɛ: ‘Hena na ɛsɛ sɛ medɔ no sɛ me yɔnko?’ Nanso Yesu de, nea obisae ne sɛ: “Nnipa baasa yi, wɔn mu hena na wususuw sɛ ɔde ne nneyɛe kyerɛe sɛ ɔyɛ ɔbarima . . . no yɔnko?” Ɛnyɛ nea opirae a obi daa ayamye adi kyerɛɛ no no na Yesu twee adwene sii ne so, mmom nea ɔtwee adwene sii ne so ne Samariani a ɔdaa ayamye adi no. Sɛ yɛka sɛ obi yɛ yɔnko pa a, ɔno ne obi a sɛ obi fi he oo, ofi he oo, oyi ne yam boa no. Nyansa a Yesu de yɛɛ ne mfatoho no na ama yɛahu nea yɔnko pa kyerɛ.

15 Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ ‘ɔkwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe’ no maa nkurɔfo ho dwiriw wɔn na wɔtwe bɛn no. (Mateo 7:28, 29) Bere bi sei, “nnipadɔm pii” tenaa Yesu nkyɛn nnansa; wɔannyaw ne hɔ ankodidi mpo!—Marko 8:1, 2.

Sɛnea Yesu Bɔɔ Ne Bra

16. Ɛdɛn na Yesu yɛ de ‘kyerɛe’ sɛ Onyankopɔn nyansa na na ɛkyerɛ no kwan?

16 Nea ɛtɔ so mmiɛnsa: Yesu nam sɛnea ɔbɔɔ ne bra so daa Yehowa nyansa adi. Yetumi de nyansa bɔ bra, na ɛsow aba pa. Osuani Yakobo bisae sɛ: “Mo mu hena na ɔyɛ onyansafo.” Afei ɔno ara buaa n’asɛm no sɛ: “Ɔmfa n’abrabɔ pa nkyerɛ.” (Yakobo 3:13, The New English Bible) Sɛnea Yesu bɔɔ ne bra no ‘kyerɛe’ sɛ Onyankopɔn nyansa na ɛkyerɛ no kwan. Yesu abrabɔ ne sɛnea ɔne nkurɔfo tenae nyinaa kyerɛe sɛ, ɔde nyansa yɛɛ adwuma. Momma yɛnhwɛ sɛnea ɔyɛɛ no.

17. Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu yɛɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ, na wanyɛ biribiara ammoro so da?

17 Nnipa a wɔmfa nyansa nyɛ adwuma no, wɔtaa yɛ ade tra so. Woahyɛ no nsow saa anaa? Ampa, ehia sɛ obi de nyansa yɛ adwuma na amma wanyɛ biribiara ammoro so. Esiane sɛ Onyankopɔn nyansa na Yesu de bɔɔ ne bra nti, ɔyɛɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ; wanyɛ biribiara ammoro so da. Ade a na ɛda Yesu koma so paa ne Yehowa som; ná ɛho hia no sen biribi foforo biara. Adwuma a na esi Yesu ani so paa ne asɛmpaka adwuma no. Ɔkaa sɛ: “Eyi nti na mebae.” (Marko 1:38) Wei ka ho bi nti na Yesu amfa sika ne ahonyade anhaw ne ho koraa no. Ɛbɛyɛ sɛ na onni ahonyade pii. (Mateo 8:20) Nanso, wei nkyerɛ sɛ na Yesu nnye n’ani. Yesu sɛ ne Papa a ɔyɛ “anigye Nyankopɔn” no. Ɛno nti, na n’ani gye, na na ɔma afoforo nso ani gye. (1 Timoteo 1:11; 6:15) Bere bi sei, Yesu kɔɔ ayeforohyia apontow bi ase. Baabi saa nso de, ɛyɛ a nkurɔfo to nnwom di asaw, na wɔgye wɔn ani. Nanso bere a ɔkɔɔ hɔ no, wanyɛ biribiara ansɛe nkurɔfo anigye. Mmom bere a wɔn nsã sae no, ɔmaa nsu danee nsã pa maa wɔn. Nsã nso de, ‘ɛma ɔdasani koma ani gye.’ (Dwom 104:15; Yohane 2:1-11) Bere a nkurɔfo too nsa frɛɛ Yesu sɛ ɔmmra wɔn fie mmedidi no, ogyee pii toom kɔe, na ɔkɔ nso a, na ɔtaa kyerɛkyerɛ wɔn.—Luka 10:38-42; 14:1-6.

18. Sɛnea Yesu ne n’asuafo no tenae no ma yehu sɛ ɔdaa nyansa a emu dɔ adi. Adɛn ntia?

18 Yesu daa nyansa a emu dɔ adi wɔ sɛnea ɔne nkurɔfo tenae mu. Ná Yesu nim n’asuafo no ho biribiara; wɔn adwene, sɛnea na wɔte nka wɔ nneɛma ho, ne adwene a wɔde yɛ nneɛma no, na onim ne nyinaa. Ná onim paa sɛ bɔne wɔ wɔn ho, nanso suban pa a na wɔwɔ no, otumi hui. Yesu asuafo no, Yehowa na ɛtwee wɔn baa ne nkyɛn, na Yesu tumi huu adepa a na obiara betumi ayɛ. (Yohane 6:44) Ɛwom, na asuafo no tumi di mfomso, nanso Yesu kyerɛe sɛ ɔwɔ wɔn mu awerɛhyem. Nea Yesu yɛ de kyerɛe sɛ ɔwɔ n’asuafo no mu awerɛhyem no, baako ne sɛ, ɔde adwumasono bi hyɛɛ wɔn nsa. Yesu de hyɛɛ asuafo no nsa sɛ wɔnka asɛmpa no, na na ɔwɔ wɔn mu awerɛhyem sɛ wɔbetumi ayɛ. (Mateo 28:19, 20) Yɛkan Asomafo Nnwuma no a, yehu sɛ asuafo no yeree wɔn ho yɛɛ adwuma a Yesu de maa wɔn no fekɔfekɔ. (Asomafo Nnwuma 2:41, 42; 4:33; 5:27-32) Biribiara kyerɛ sɛ, nya a Yesu nyaa asuafo no mu awerɛhyem no, na nyansa wom paa.

19. Ɛdɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ ‘odwo, na ɔbrɛ ne ho ase koma mu’?

19 Yehui wɔ nhoma yi Ti 20 sɛ, sɛ obi nim nyansa a, Bible ka sɛ ɔbrɛ ne ho ase, na odwo nso. Sɛ yɛreka obi a ɔbrɛ ne ho ase na odwo paa a, ɔno ne Yehowa; obiara nto no. Yesu nso ɛ? Sɛ yɛhwɛ sɛnea ɔne n’asuafo no tenaa ahobrɛase mu a, ɛka koma paa. Ná bɔne biara nni Yesu ho, enti na ɔsen asuafo no wɔ biribiara mu. Nanso wanyɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ ɔkyɛn wɔn. Wamma asuafo no annya adwene da sɛ wɔn ho nhia, na wode wɔn yɛ hwee a ɛrenyɛ yiye. Mmom, sintɔ a na ɛwɔ wɔn ho no, na ɔte ase, na sɛ wɔdi mfomso nso a, na onya wɔn ho abotare. (Marko 14:34-38; Yohane 16:12) Nkwadaa mpo, na wɔnsuro sɛ wɔbɛkɔ Yesu nkyɛn! Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wɔhui sɛ Yesu ‘dwo, na ɔbrɛ ne ho ase koma mu.’—Mateo 11:29; Marko 10:13-16.

20. Yɛhwɛ Yesu ne Amanaman muni bea bi a na ahonhommɔne reteetee ne babea asɛm no a, adɛn nti na yebetumi aka sɛ na Yesu wɔ ntease?

20 Biribi foforo nso wɔ hɔ a Yesu yɛe a ɛma yehu sɛ na ɔwɔ Yehowa ahobrɛase no bi. Ná ɔwɔ ntease; sɛ ohu sɛ ehia sɛ ɔda mmɔborɔhunu adi a, na ɔyɛ saa. Wobɛkae a, bere bi, ɔbea bi a ɔyɛ Amanaman muni srɛɛ Yesu sɛ ɔnsa ne babea yare. Ná ahonhommɔne reteetee ne ba no dodo. Yesu yɛɛ nneɛma mmiɛnsa bi de kyerɛɛ ɔbea no sɛ ɔremmoa no. Nea edi kan, bere a ɔbea no srɛɛ no no, wammua no. Nea ɛtɔ so mmienu, ɔkaa sɛ Onyankopɔn somaa no Yudafo nkyɛn na ɛnyɛ Amanaman mufo. Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, ɔyɛɛ mfatoho bi de kyerɛɛ ɔbea no sɛ boa ara na ɔremmoa no. Nanso, na ɔbea no gyidi sõ, ɛno nti ɔkɔɔ so ara srɛɛ Yesu. Enti ɛdɛn na Yesu yɛe? Ade a ɔkaa sɛ ɔrenyɛ no, ɛno ara na ɔyɛe; ɔsaa ɔbea no babea no yare. (Mateo 15:21-28) Nea Yesu yɛe yi kyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase paa, wunhu saa? Kae nso sɛ, obi a onim nyansa paa na ɔbrɛ ne ho ase.

21. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho suasua Yesu suban, ne kasa, ne nea ɔyɛe?

21 Yesu ne onipa a onim nyansa sen obiara a watena asaase yi so pɛn. Enti yɛda Yehowa ase paa sɛ ɔnam Nsɛmpa no so ama yɛahu nea Yesu kae ne nea ɔyɛe! Momma yɛnkae sɛ, Yesu suasuaa ne Papa pɛpɛɛpɛ wɔ biribiara mu. Enti sɛ yesuasua Yesu suban, ne kasa, ne nea ɔyɛe a, na yɛresuasua Onyankopɔn nyansa no bi. Nhoma yi ti a edi hɔ no, yebehu sɛnea yebetumi de Onyankopɔn nyansa abɔ yɛn bra.

a Bere a wɔrekyerɛw Bible no, na kapentafo sisi adan yeyɛ nneɛma a yɛde dɔw mfuw, na na wɔyɛ nkongua, mpa, apono ne nea ɛkeka ho. Justin Martyr tenaa ase wɔ Yesu wu akyi bɛyɛ mfe ɔha. Ɔkyerɛw biribi faa Yesu ho. Ɔkaa sɛ: “Bere a ɔwɔ asaase so no, na ɔyɛ kapentani, na na ɔyɛ kɔndua ne nneɛma a yɛde funtum asaase.”

b Greek adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase ‘dwinnwen’ no, nea ɛkyerɛ ne sɛ “wobɛma w’adwene afi nea woreyɛ so.” Asɛmfua a wɔde yɛɛ adwuma wɔ Mateo 6:25 no, nea ɛkyerɛ ne sɛ obi de biribi bɛhaw ne ho ama ehu aka no akosi sɛ saa ade no begye n’adwene nyinaa na asɛe n’anigye.

c Nea ɛwom ne sɛ, abɔde mu nyansapɛfo ayɛ nhwehwɛmu ahu sɛ, sɛ obi de biribi haw ne ho boro so na adwinnwen hyɛ no so a, ebetumi ama wanya komayare ne yare foforo bebree, na ebetumi ama no awu ntɛm.