Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 22

Wode “Nyansa a Efi Soro No” Rebɔ Wo Bra Anaa?

Wode “Nyansa a Efi Soro No” Rebɔ Wo Bra Anaa?

1-3. (a) Sɛnea Solomon siesiee mmea mmienu no asɛm no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ nyansa a ɔde yɛɛ adwuma no yɛ adutwam? (b) Ɛdɛn na Yehowa de ahyɛ yɛn bɔ, na nsɛmmisa bɛn na ɛde aba?

 ASƐM no ayɛ den! Mmea mmienu reko akwadaa baako ho. Mmea no te fie baako; obiara awo babarima nnansa yi ara. Nkwadaa no baako awu, na baako a onwui no, obiara se ne ba no no. a Wɔn mmienu nko ara na ɛte, enti obiara nni hɔ a obedi asɛm no ho adanse. Ɛbɛyɛ sɛ wɔde asɛm no kɔɔ mpanyimfo bi anim, nanso ankosi aga. Ewiee ase no, wɔde asɛm no kɔtoo Israel hene Solomon anim. Wohwɛ a, Solomon betumi ahu nokware a ɛwɔ asɛm no mu?

2 Bere a mmea no regye akyinnye no, Solomon tiee wɔn kakra, ɛnna ɔkaa sɛ wɔnkɔfa sekan mmrɛ no. Afei, Ɔhene Solomon kaa sɛ wɔmpae akwadaa a onwui no mu mmienu, na wɔmfa fã mma mmea no biara. Ɛhɔ ara na akwadaa no maame paa no srɛɛ ɔhene no sɛ, ɔmfa ne ba no, ne ba a ɔda ne koma so no, mma ɔbea baako no. Nanso, ɔbea baako no de, nea na ɔreka ara ne sɛ, wɔmpae akwadaa no mu mmienu. Ɛbaa saa no, ɛmaa Solomon huu asɛm no mu nokware. Ná onim sɛ ɔbaatan biara wɔ ayamhyehye ma ne yam ba. Enti ɔde saa nimdeɛ no na ɛkaa asɛm no ma etwae. Solomon de akwadaa no maa ne maame, na ɔkaa sɛ: “Ɔno ne abofra no maame.” Wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ maame no koma tɔɔ ne yam!—1 Ahene 3:16-27.

3 Nyansa a Solomon de kaa asɛm no de, ɛyɛ adutwam. Wunhu saa? Bere a nkurɔfo tee sɛnea Solomon dii asɛm no, wɔn ho dwiriw wɔn, “efisɛ wohui sɛ Onyankopɔn nyansa wɔ ne mu.” Ampa, Solomon nyansa no de, Onyankopɔn hyɛɛ da na ɔde dom no. Ná Yehowa ama no “nyansa ne ntease koma.” (1 Ahene 3:12, 28) Yɛn nso ɛ? Wohwɛ a, Yehowa bɛma yɛn nyansa anaa? Aane. Onyankopɔn honhom kaa Solomon ma ɔkyerɛwee sɛ: “Yehowa ankasa na ɔma nyansa.” (Mmebusɛm 2:6) Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, wɔn a wɔyi wɔn koma mu hwehwɛ nyansa no, ɔbɛma wɔn bi, kyerɛ sɛ, ɔbɛma wɔatumi de nimdeɛ, ntease, ne nhumu abom ayɛ adepa. Ɛnde, yemmisa sɛ, yɛbɛyɛ dɛn na yɛanya nyansa afi Yehowa hɔ? Na yɛbɛyɛ dɛn na yɛde saa nyansa no abɔ yɛn bra?

Yɛbɛyɛ Dɛn ‘Ahwehwɛ Nyansa’?

4-7. Nneɛma nnan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya nyansa?

4 Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnipa a yɛn adwene mu abue, anaa ɛsɛ sɛ yesua nhoma kɔ akyiri ansa na yɛanya nyansa afi Yehowa hɔ anaa? Daabi. Yehowa de, ne nyansa a ɔwɔ no, wayɛ krado sɛ ɔbɛma yɛn bi. Sɛ yefi he oo, yefi he oo, yɛasua nhoma kɔ akyiri oo, yensuaa nhoma nkɔɔ akyiri oo, obetumi ama yɛn nyansa. (1 Korintofo 1:26-29) Nanso, ɛsɛ sɛ yetu ho anammɔn ansa na ɔde ama yɛn, efisɛ Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnhwehwɛ nyansa.’ (Mmebusɛm 4:7) Enti ɛdɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya nyansa?

5 Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yesuro Onyankopɔn. Mmebusɛm 9:10 ka sɛ: “Yehowa suro ne nyansa mfiase [“ne nyansa ho anammɔntu a edi kan,” The New English Bible].” Sɛ yɛka nyansa paa a, ne fapem ne sɛ yebesuro Onyankopɔn. Adɛn nti na yɛreka saa? Kae sɛ, yɛka nyansa a, nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛde nimdeɛ bɛyɛ adepa. Yɛka sɛ yesuro Onyankopɔn a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛbɛbɔ hu na yɛn ho apopo wɔ n’anim. Mmom nea ɛkyerɛ ne sɛ, yebenya obu kɛse ama no, atie n’asɛm, na yɛanya ne mu awerɛhyem. Osuro a ɛte saa no, ɛyɛ ma yɛn, na ɛma yɛyɛ nneɛma pa. Ɛma yɛbɔ yɛn bra sɛnea Onyankopɔn pɛ, na ɛma yɛfa n’akwan so. Ɛno ne ade a mfaso wɔ so paa a yebetumi ayɛ wɔ yɛn abrabɔ mu, efisɛ sɛnea Yehowa pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra no, ɛboa yɛn biribiara mu.

6 Nea ɛtɔ so mmienu, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Sɛ yɛammrɛ yɛn ho ase a, yɛrentumi nnya nyansa mfi Onyankopɔn hɔ. (Mmebusɛm 11:2) Adɛn ntia? Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yebegye atom sɛ ɛnyɛ biribiara na yenim. Afei nso, yebegye atom sɛ ɛnyɛ nea yɛn adwene yɛ yɛn biara na ɛyɛ, enti yehia Yehowa adwene wɔ biribiara a yɛbɛyɛ mu. Yehowa “siw ahantanfo kwan,” nanso ahobrɛasefo de, n’ani gye ho sɛ ɔbɛma wɔn nyansa.—Yakobo 4:6.

7 Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm Bible no. Yehowa nyansa da adi wɔ n’Asɛm Bible mu. Sɛ yebenya saa nyansa no a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho hwehwɛ. (Mmebusɛm 2:1-5) Ade a ɛtɔ so nnan ne mpaebɔ. Sɛ yeyi yɛn komam srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma yɛn nyansa a, ɔde bɛma yɛn ama aboro so. (Yakobo 1:5) Sɛ yɛbɔ no mpae sɛ ɔmfa ne honhom mmoa yɛn a, ɔbɛyɛ. Ne honhom no betumi aboa yɛn ama yɛanya afotu pa wɔ n’Asɛm Bible mu. Saa afotu no betumi ama yɛahu sɛnea yebedi yɛn haw ho dwuma, sɛnea yɛbɛkwati asiane, ne sɛnea yebesisi gyinae pa.—Luka 11:13.

Sɛ yebenya Onyankopɔn nyansa a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho hwehwɛ

8. Sɛ yɛanya Onyankopɔn nyansa ampa a, ɛdɛn na nkurɔfo behu wɔ yɛn ho?

8 Yehui wɔ nhoma yi Ti 17 sɛ, sɛ yɛde Yehowa nyansa bɔ yɛn bra a, esi yɛn yiye. Enti, sɛ yɛanya Onyankopɔn nyansa ampa a, ɛbɛda adi wɔ sɛnea yɛbɔ yɛn bra no mu. Osuani Yakobo kyerɛɛ sɛnea obi a ɔwɔ Nyankopɔn nyansa bɔ ne bra. Ɔkyerɛw sɛ: “Nyansa a efi soro no de, nea edi kan, ɛho tew, ɛpɛ asomdwoe, ɛte asɛm ase, ɛyɛ asoɔmmerɛw; mmɔborɔhunu ne aba pa ayɛ no ma, ɛnyɛ nyiyim, na ɛnyɛ nyaatwom.” (Yakobo 3:17) Suban a Onyankopɔn nyansa ma yɛda no adi no, yɛrebɛka ho asɛm mmaako mmaako. Bere a yɛreyɛ saa no, wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘Nyansa a efi soro no, mede rebɔ me bra anaa?’

“Ɛho Tew, Ɛpɛ Asomdwoe”

9. Sɛ yɛka sɛ yɛn ho tew a ɛkyerɛ sɛn? Suban a nyansa ma yɛda no adi no, adɛn nti na Bible dii kan bɔɔ ahotew din?

9 “Nea edi kan, ɛho tew.” Sɛ yɛka sɛ yɛn ho tew a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, efĩ biara nni yɛn abrabɔ ho, na yɛn adwene ne yɛn koma nyinaa mu tew fitaa. Bible ma yehu sɛ koma mu na nyansa wɔ. Nanso koma a adwemmɔne ne akɔnnɔ bɔne agu ho fĩ de, nyansa a efi Nyankopɔn nkyɛn rentumi ntena mu. (Mmebusɛm 2:10; Mateo 15:19, 20) Mfomso wɔ nnipa ho de, nanso sɛ yɛma yɛn koma mu tew a, ɛbɛma ‘yɛafi bɔne ho na yɛayɛ papa.’ (Dwom 37:27; Mmebusɛm 3:7) Enti suban a nyansa ma yɛda no adi no, ɛfata sɛ Bible dii kan bɔɔ ahotew din, wunhu saa? Sɛ yɛn abrabɔ ne yɛn som ho ntew a, ɛbɛyɛ dɛn mpo na suban a aka a nyansa a efi soro ma yɛda no adi no, yɛatumi anya bi?

10, 11. (a) Adɛn nti na ehia sɛ yɛyɛ asomdwoe nnipa? (b) Sɛ wuhu sɛ woafom wo nua Kristoni a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ de kyerɛ sɛ woyɛ asomdwoe nipa? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

10 “Ɛpɛ asomdwoe.” Sɛ yɛwɔ nyansa a efi Yehowa hɔ a, yɛbɛyere yɛn ho ne obiara atena asomdwoe mu, efisɛ asomdwoe ka Onyankopɔn honhom aba no ho. (Galatifo 5:22) “Asomdwoe” a ‘ɛka Yehowa nkurɔfo bom’ ma yɛyɛ baako no, yɛbɔ mmɔden paa sɛ yɛrensɛe no. (Efesofo 4:3) Sɛ yehu sɛ asomdwoe a ɛwɔ yɛne obi ntam asɛe a, yɛyere yɛn ho ma asomdwoe san ba. Adɛn nti na wei ho hia? Bible ka sɛ: ‘Monkɔ so ntena asomdwoe mu. Na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn no ne mo bɛtena.’ (2 Korintofo 13:11) Enti bere tenten a yɛkɔ so tena asomdwoe mu no, asomdwoe Nyankopɔn no bedi yɛn akyi. Sɛnea yɛne yɛn nuanom Kristofo tena no, ɛka yɛne Yehowa ayɔnkofa. Ɛdɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛyɛ asomdwoe nnipa? Yɛnhwɛ nhwɛso bi.

11 Sɛ wuhu sɛ woafom wo nua Kristoni a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Yesu kaa sɛ: “Enti sɛ wode w’akyɛde reba afɔremuka ho, na wokae wɔ hɔ sɛ wo nua wɔ biribi tia wo a, gyaw w’akyɛde no afɔremuka no anim na kɔ. Di kan ne wo nua no nkosiesie mo ntam; afei san bra na bɛbɔ w’afɔre.” (Mateo 5:23, 24) Wubetumi de saa afotu no ayɛ adwuma na woakɔ wo nua no nkyɛn. Sɛ worekɔ ne nkyɛn a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ wode yɛ wo botae? Fa yɛ wo botae sɛ ‘morekosiesie mo ntam.’ b Sɛ mubetumi asiesie mo ntam a, nkɔka nkyerɛ no sɛ wei nyɛ asɛm a ɛsɛ sɛ ɔma ɛhaw no, mmom gye tom sɛ woayɛ ade ama no ahaw no. Sɛ wo botae ne sɛ worekɔhwehwɛ asomdwoe, na woyɛ wo biribiara asomdwoe mu a, ɛnde mubetumi asiesie asɛm no, na sɛ ehia a, obiara apa kyɛw, na obiara de ne yɔnko bɔne akyɛ no. Sɛ wumia w’ani hwehwɛ asomdwoe a, ɛkyerɛ sɛ wode Onyankopɔn nyansa na ɛbɔ wo bra.

“Ɛte Asɛm Ase, Ɛyɛ Asoɔmmerɛw”

12, 13. (a) Asɛm a wɔakyerɛ ase “ɛte asɛm ase” wɔ Yakobo 3:17 no, ɛkyerɛ sɛn? (b) Ɛdɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛte asɛm ase?

12 “Ɛte asɛm ase.” Sɛ yɛka sɛ obi te asɛm ase a, ɛkyerɛ sɛn? Nhomanimfo kyerɛ sɛ, Greek asɛm a wɔkyerɛɛ ase “ɛte asɛm ase” wɔ Yakobo 3:17 no, n’asekyerɛ yɛ den. Nea asɛmfua no kyerɛ ne sɛ, onipa no ntwe asɛm tenteenten. Wɔn a ɛkyerɛ kasa ase no, nsɛm a wɔde kyerɛ saa Greek asɛmfua no ase no, ebi ne “odwo,” “abotare,” ne “ayamye.” Sɛnea yɛahu no, suban a nyansa a efi soro ma yenya no, ebi ne ntease. Enti ɛdɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛte asɛm ase?

13 Filipifo 4:5 ka sɛ: “Momma nnipa nyinaa nhu sɛ mote asɛm ase.” Nkyerɛase foforo kenkan sɛ: “Monyɛ nnipa a nkurɔfo nim mo sɛ mote asɛm ase.” (The New Testament in Modern English; J. B. Phillips na ɔyɛe) Hyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ sɛnea yehu yɛn ho ɛnna kyerɛwsɛm no reka, mmom ɛreka sɛnea nkurɔfo hu yɛn, anaa sɛnea nkurɔfo nim yɛn. Obi a ɔte asɛm ase no, ɔnka sɛ sei na mmara no aka, enti kyenkyen ara a obiara nyɛ no saa pɛpɛɛpɛ. Ɔnka nso sɛ nea ɔno pɛ no, ɛno ara na obiara nyɛ. Mmom no, wayɛ krado sɛ obetie ebinom adwene, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɔde nea wɔreka no ayɛ adwuma. Afei nso, obi a ɔte asɛm ase no, odwo na ɔnyɛ nnipa basabasa. Wei yɛ suban a ɛsɛ sɛ Kristoni biara nya bi, nanso asafo mu mpanyimfo paa na ehia sɛ wɔnya no kɛse. Sɛ asafo mu mpanyimfo dwo a, ɛma afoforo twe bɛn wɔn. (1 Tesalonikafo 2:7, 8) Ɛyɛ papa sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘Enti nkurɔfo nim me sɛ me yam ye, mentwe asɛm tenteenten, na midwo?’

14. Ɛdɛn na yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ ‘yɛyɛ asoɔmmerɛw’?

14 “Ɛyɛ asoɔmmerɛw.” Greek asɛmfua a wɔakyerɛ ase “ɛyɛ asoɔmmerɛw” no, ɛha nko ara na epue wɔ Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu. Bible ho ɔbenfo bi ka sɛ, saa Greek asɛmfua no, “wɔtaa de kyerɛ sɛnea asogyafo yɛ setie.” Ɛkyerɛ “obi a n’asɛm nyɛ den” anaa “obi a ɔyɛ setie.” Obi a ɔde nyansa a efi soro bɔ ne bra no, da biara wayɛ krado sɛ obetie nea Bible ka. Ɔnyɛ obi a ɔka asɛm a obi nka bi. Mmom, sɛ ɔyɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ biribi na sɛ obi de Bible ma ohu sɛ nea ɔreyɛ no nye, anaa adwene a ɔde reyɛ no mfata a, otie, na ɔsesa n’adwene ntɛm. Saa na nkurɔfo nim sɛ wote anaa?

“Mmɔborɔhunu Ne Aba Pa Ayɛ No Ma”

15. Ɛdɛn ne mmɔborɔhunu? Bere a Yakobo 3:17 kaa “mmɔborɔhunu” ho asɛm no, ɛkaa “aba pa” nso kaa ho. Adɛn ntia?

15 “Mmɔborɔhunu ne aba pa ayɛ no ma.” c Nyansa a efi soro no, suban baako a ɛma yenya nso ne mmɔborɔhunu, efisɛ Bible ka sɛ ‘mmɔborɔhunu ayɛ no ma.’ Hyɛ no nsow sɛ bere a Bible kaa “mmɔborɔhunu” ho asɛm no, ɛkaa “aba pa” nso kaa ho. Wei fata, efisɛ Bible taa ka sɛ obi a ɔwɔ mmɔborɔhunu no, ayamhyehye a ɔwɔ ma nnipa nti, ɔyɛ nneɛma pa bebree ma wɔn. Nhoma bi kyerɛ mmɔborɔhunu ase sɛ “yebedi obi amanehunu ho awerɛhow, na yɛayɛ biribi de aboa no.” Enti obi a ɔde nyansa a efi Onyankopɔn hɔ bɔ ne bra no, ɔnyɛ obi a onni tema a nimdeɛ kɛkɛ na ehia no, mmom ɔdɔ nnipa, ohu nnipa mmɔbɔ, na ɔyɛ nkurɔfo papa. Ɛnde, ɛdɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ mmɔborɔhunu ayɛ yɛn ma?

16, 17. (a) Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn akyi no, ɛdɛn bio na ɛma yɛyɛ asɛnka adwuma no, na adɛn ntia? (b) Nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ mmɔborɔhunu ayɛ yɛn ma?

16 Ade baako a ehia paa ne sɛ yɛbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo. Ɛdɛn na ɛka yɛn ma yɛyɛ saa adwuma yi? Ade kɛse paa a ɛma yɛyɛ saa adwuma no ne ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn. Mmɔborɔhunu ne ayamhyehye a yɛwɔ ma nnipa nso ka ho bi na yɛka asɛmpa no. (Mateo 22:37-39) Ɛnnɛ, nnipa pii wɔ hɔ a “wɔayɛ sɛ nguan a wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ a wonni hwɛfo.” (Mateo 9:36) Nyamesom mpanyimfo atorofo no mfa nokware a ɛwɔ Bible mu no nkyekye nkurɔfo werɛ, mmom wɔdaadaa wɔn. Wei nti, akwankyerɛ pa a ɛwɔ Bible mu ne nhyira a Ahenni no de bɛba asaase so nnansa yi ara no, nkurɔfo nnim ho hwee. Enti sɛ yɛhwɛ sɛnea nkurɔfo nnim Onyankopɔn Ahenni no ho hwee saa no a, ɛma yɛn yam hyehye yɛn ma wɔn. Ɛno nti, yɛyɛ nea yebetumi biara ka nneɛma pa a Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama nnipa no kyerɛ wɔn.

Sɛ yɛda mmɔborɔhunu ne ayamhyehye adi kyerɛ nkurɔfo a, ɛkyerɛ sɛ yɛde “nyansa a efi soro no” rebɔ yɛn bra

17 Nneɛma bɛn bio na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ mmɔborɔhunu ayɛ yɛn ma? Kae Yesu mfatoho a ɛfa Samariani bi ho no. Ohuu ɔkwantuni bi a ɔda kwankyɛn a akorɔmfo-werɛmfo ahwe no agye ne ho nneɛma nyinaa. Samariani no yam hyehyee no, enti “ohuu no mmɔbɔ” kyekyeree n’akuru no, na ɔhwɛɛ no. (Luka 10:29-37) Wei ma yehu sɛ, sɛ obi wɔ mmɔborɔhunu a, ɔyɛ nneɛma pa de boa nkurɔfo, anaa ɛnte saa? Bible ka sɛ “yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ɛnkanka wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu no.” (Galatifo 6:10) Ma yɛnhwɛ nneɛma a yebetumi ayɛ no bi. Yebetumi de kar akɔfa yɛn nua Kristoni bi a ne mfe akɔ anim akɔ asafo nhyiam na yɛasan de no aba fie. Yebetumi akɔboa onuawa bi a ne kunu awu ama wasiesie nneɛma bi a asɛe wɔ ne fie. (Yakobo 1:27) Obi a n’abam abu nso, yebetumi aka “asɛmpa” bi de akyekye ne werɛ. (Mmebusɛm 12:25) Sɛ yetumi yɛ nneɛma a ɛtete saa de boa nkurɔfo a, ɛkyerɛ sɛ yɛde nyansa a efi soro no rebɔ yɛn bra.

“Ɛnyɛ Nyiyim, Na Ɛnyɛ Nyaatwom”

18. Sɛ yɛde Onyankopɔn nyansa bɔ yɛn bra a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ yeyi fi yɛn mu, na adɛn ntia?

18 “Ɛnyɛ nyiyim.” Sɛ yɛde Onyankopɔn nyansa bɔ yɛn bra a, ɛremma yɛnyɛ nyiyim, na yɛremfa ɔman a yefi mu nhoahoa yɛn ho. Sɛ yɛde nyansa a ɛte saa bɔ yɛn bra a, ɛremma sɛ yɛbɛpɛ obi asɛm akyɛn obi anaa yɛbɛyɛ animhwɛ. Yɛbɛbɔ mmɔden paa ayi saa adwene no afi yɛn mu. (Yakobo 2:9) Yɛrenhwɛ obi nhomanim, ne sika, anaa dwumadi a ɛhyɛ ne nsa wɔ asafo no mu ansa na yɛayɛ biribi ama no; saa ara nso na yɛrenhwɛ yɛn nua Kristoni biara ho nka sɛ ebia ɔyɛ ohiani nti, yebebu no animtiaa. Sɛ Yehowa ada ne dɔ adi akyerɛ nnipa a ɛte saa a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛdɔ wɔn.

19, 20. (a) Greek asɛm a egyina hɔ ma “nyaatwom” no, ɛkyerɛ sɛn? (b) Ɛdɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛwɔ “onuadɔ a nyaatwom nnim”? Adɛn nti na ehia sɛ yɛyɛ saa?

19 “Ɛnyɛ nyaatwom.” Greek asɛm a egyina hɔ ma “nyaatwom” no betumi akyerɛ “obi a oyi kɔnsɛt.” Tete no, Greekfo ne Romafo a na wɔyi kɔnsɛt no, sɛ wɔreyi kɔnsɛt a na wɔtaa de kaakaamotobi kata wɔn anim. Enti Greek asɛm a egyina hɔ ma “nyaatwom” no, akyiri yi, na wɔde kyerɛ obi a ɔde ne nipaban sie, anaa obi a ɔdaadaa nkurɔfo. Ɛno nti, sɛ yɛde Onyankopɔn nyansa bɔ yɛn bra a, yɛremfa yɛn nipaban nsie yɛn nuanom Kristofo, na yɛrennaadaa wɔn. Afei nso, saa nyansa yi bɛboa yɛn ama yɛayi yɛn koma mu adɔ anuanom nyinaa.

20 Ɔsomafo Petro kaa sɛ, esiane sɛ ‘yɛayɛ aso ama nokware no’ nti, ɛsɛ sɛ yenya “onuadɔ a nyaatwom nnim.” (1 Petro 1:22) Enti, ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom Kristofo no, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ no nnipa ani so. Yɛrenyɛ yɛn ho sɛ yɛpɛ yɛn nuanom asɛm bere a ɛnte saa wɔ yɛn koma mu. Ɛba saa a, na yɛredaadaa wɔn. Ɔdɔ a yɛwɔ ma anuanom no, ɛsɛ sɛ efi yɛn koma mu. Sɛ ɔdɔ no fi yɛn koma mu a, ɛbɛma yɛn nuanom Kristofo anya yɛn mu awerɛhyem, efisɛ wɔbehu sɛ yɛyɛ anokwafo. Sɛ yeyi yɛn koma mu saa ma anuanom a, ɛbɛma wɔn nso ayi wɔn koma mu ne yɛn abɔ, na ama obiara agye ne yɔnko adi na yɛanya asomdwoe wɔ asafo no mu.

‘Bɔ Nyansa Ho Ban’

21, 22. (a) Ɛyɛɛ dɛn na Solomon antumi ammɔ nyansa ho ban? (b) Yɛbɛyɛ dɛn abɔ nyansa ho ban, na mfaso bɛn na yebenya afi mu?

21 Nyansa a efi soro no yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ, enti ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho ban. Solomon kaa sɛ: “Me ba, . . . bɔ nyansa ne adwempa ho ban.” (Mmebusɛm 3:21) Awerɛhosɛm ne sɛ, Solomon ankasa antumi ammɔ nyansa ho ban. Bere a ɔbrɛɛ ne ho ase maa Onyankopɔn no de, na onim nyansa. Nanso ewiee ase no, Solomon kɔwaree aman foforo so mmea bebree, na wɔdanee ne koma fii Yehowa som kronkron no ho. (1 Ahene 11:1-8) Nea ɛtoo Solomon no ma yehu sɛ, sɛ yɛwɔ nimdeɛ na yɛamfa anyɛ adwuma yiye a, mfaso biara nni so.

22 Ɛdɛn na yɛbɛyɛ de abɔ nyansa ho ban? Ɛsɛ sɛ yɛkenkan Bible ne Bible ho nhoma a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no yɛ ma yɛn no daa. Nanso, ɛnyɛ ɛno nko na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɛsɛ sɛ yemia yɛn ani de nea yesua no bɔ yɛn bra. (Mateo 24:45) Onyankopɔn nyansa de, ɛsɛ sɛ yɛde bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu. Ɛbɛma yɛn abrabɔ asi yɛn yiye nnɛ. Ɛbɛma yɛatumi ‘aso nkwa ankasa no mu denneennen.’ Ɛbɛma yɛanya nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. (1 Timoteo 6:19) Sɛ yɛde nyansa a efi soro no bɔ yɛn bra a, ade kɛse paa a yebenya afi mu ne sɛ, ɛbɛma yɛatwe abɛn nyansa nyinaa wura, Yehowa Nyankopɔn pii.

a Asɛm a ɛwɔ 1 Ahene 3:16 no ma yehu sɛ na mmea no yɛ tuutuufo. Insight on the Scriptures nhoma no ka sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ na saa mmea yi yɛ tuutuufo, nanso ɛnyɛ sɛ na wɔsi tuutuu gye sika, mmom mpenatwe mu na wɔwoe. Ebetumi aba sɛ na wɔyɛ Yudafo mmea, anaa ahɔho a wɔabɛtena hɔ.”—Yehowa Adansefo na ɛyɛe.

b Greek asɛm a wɔkyerɛɛ ase ‘kosiesie mo ntam’ no, ɛkyerɛ sɛ “koyi ɔtan fi hɔ na monyɛ nnamfo; monka mmom; montena sɛnea na mote kan no, anaa monyɛ baako.” Enti wo botae ne sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wobɛma asomdwoe aba, na woayi yaw a ɛwɔ wo nua komam no afi hɔ.—Romafo 12:18.

c Bible nkyerɛase bi nso ka no sei, “ayamhyehye ne nnwuma pa ayɛ no ma.”—A Translation in the Language of the People; Charles B. Williams na ɔyɛe.