Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 23

“Ɔno Na Odii Kan Dɔɔ Yɛn”

“Ɔno Na Odii Kan Dɔɔ Yɛn”

1-3. Ɛdɛn na ɛma Yesu wu no yɛ soronko koraa?

 BƐYƐ mfe 2,000 ni na nkurɔfo dii barima bi asɛm buu no fɔ. Wɔyɛɛ no ayakayakade kum no, nanso na ɔnyɛɛ bɔne biara. Sɛ yɛhwɛ abakɔsɛm mu a, yebehu sɛ ɛnyɛ saa barima yi nko ara na yɛabu no fɔ akum no yayaayaw saa; n’anim ne n’akyi nyinaa, nkurɔfo ayɛ nnipa bebree saa. Nanso, saa barima no wu no de, ɛyɛ soronko koraa.

2 Aka kakra ama saa barima yi awu no, ohuu amane pii, na biribi a ɛyɛ nwanwa baa wim maa nkurɔfo hui sɛ asɛm a asi no yɛ biribi a ɛho hia. Ná awia gyina so, nanso esum baa asaase no so prɛko pɛ. Obi a ɔkyerɛw Bible no bi kaa sɛ, “owia ammɔ.” (Luka 23:44, 45) Afei, aka kakra ama barima no agu n’ahome a etwa to no, ɔkaa asɛm bi a yɛn werɛ remfi da. Ɔkaa sɛ: “Asa!” Ampa, wu a owui no yɛɛ adwuma titiriw bi paa. Afɔre a ɔde ne ho bɔe no, ɛno ne ɔdɔ kɛse paa a onipa ayi no adi.—Yohane 15:13; 19:30.

3 Ɔbarima a yɛreka n’asɛm yi, ɔno ne Yesu Kristo. Yesu amanehunu ne ne wu yayaayaw a esii Nisan 14, 33 Y.B. no, nnipa bebree nim. Nanso, biribi wɔ hɔ a ɛho hia paa a nkurɔfo mfaa wɔn adwene nkɔɔ so papa. Ɛwom, Yesu huu amane paa, nanso obi wɔ hɔ a ohuu amane kyɛn saa mpo. Nokware a ɛwom ne sɛ, obi wɔ hɔ a afɔre a ɔbɔɔ no saa da no, ɛkyɛn Yesu de no koraa. Saa nipa no dɔ de, ɔsoro oo, asaase so oo, biribiara ne no nsɛ. Ɛdɛn na saa nipa no yɛe? Asɛm yi ho mmuae bɛma yɛahu biribi a ɛho hia paa. Ɛno ne Yehowa dɔ.

Ɔdɔ a Ɛkyɛn Ɔdɔ Biara

4. Ɛdɛn na ɛmaa Roma sraani no hui sɛ Yesu yɛ onipa soronko, na asɛm bɛn na ɔsraani no kae?

4 Esum a ɛbae ansa na Yesu rewu ne asaasewosow kɛse a esii wɔ ne wu akyi no, ne nyinaa maa Roma sraani a ɔhwɛ ma wɔkum Yesu no ho dwiriw no. Ɔsraani no kaa sɛ: “Ampa ara, Onyankopɔn Ba ni.” (Mateo 27:54) Biribiara kyerɛ sɛ na Yesu yɛ onipa soronko. Hwɛ asɛm! Ná ɔsraani no aboa ama wɔakum Ɔsorosoroni Nyankopɔn no Ba a ɔwoo no koro no! Wohwɛ a, sɛn na na Agya no pɛ ne Ba no asɛm?

5. Mfe dodow sɛn na na Yehowa ne ne Ba no de atena soro?

5 Bible frɛ Yesu “abɔde nyinaa mu abakan.” (Kolosefo 1:15) Wo de hwɛ. Ansa na Yehowa rebɔ ɔsoro ne asaase no, na ne Ba no wɔ hɔ. Ɛnde yemmisa sɛ, mfe sɛn na na Agya no ne ne Ba no atena? Abɔde mu nyansapɛfo bi kyerɛ sɛ amansan yi adi mfe ɔpepepem 13. Saa mfe no, wubetumi de w’adwene abu ne dodow mpo? Sɛ nea abɔde mu nyansapɛfo reka no yɛ nokware mpo a, ɛkyerɛ sɛ Yehowa Ba no adi boro mfe ɔpepepem 13! Saa mfe no nyinaa, na Yehowa Ba no reyɛ dɛn?

6. (a) Ɛdɛn na Yehowa Ba no yɛe wɔ soro ansa na ɔreba asaase so? (b) Ayɔnkofa a ɛda Yehowa ne ne Ba no ntam te sɛn?

6 Ɔba no de anigye som ne Papa sɛ “odwumayɛni a onim adwuma paa.” (Mmebusɛm 8:30) Bible ka sɛ: “Ade baako mpo ankwati [Ɔba no] amma.” (Yohane 1:3) Enti Yehowa ne ne Ba no na ɛboom yɛɛ nneɛma nyinaa. Wo de, hwɛ sɛnea wɔde anigye boom yɛɛ adwuma! Yɛn nyinaa yenim sɛ, ɔdɔ a ɛwɔ obi ne ne ba ntam de, ɛnyɛ ade ketewa. Ɔdɔ nso de, ɛyɛ “hama a edi mu a ɛde nkabom ba.” (Kolosefo 3:14) Ɛnam sɛ Yehowa ne ne Ba no tena kyɛɛ saa nti, ɔdɔ a ɛbɛyɛ sɛ ɛwɔ wɔn ntam de, yɛnka! Ɛno nti, biribiara kyerɛ sɛ ɔdɔ kɛse a aka Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no abom no, yenhuu bi da.

7. Bere a Yesu bɔɔ asu no, ɛdɛn na Yehowa ka faa ne ho?

7 Ɛwom, na Agya no dɔ ne Ba no paa, nanso ɔsomaa no baa asaase so ma yɛwoo no sɛ akwadaa ketewa. Nea Yehowa yɛe yi kyerɛ sɛ, ne Dɔba no fii ne ho mfe pii; ná ɔrennya no ne no ntena faako. Yehowa te soro nyinaa, na n’ani di Yesu akyi kosii sɛ onyin bɛyɛɛ barima a owie pɛyɛ. Bere a Yesu dii bɛyɛ mfe 30 no, ɔbɔɔ asu. Sɛnea Yehowa tee nka no de, ɛsɛ w’ani, enni sɛ obi ka kyerɛ wo. Agya no ara ankasa kasa fii soro sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no na magye no atom.” (Mateo 3:17) Nkɔmhyɛ a ɛfa Yesu ho nyinaa baa mu. Biribiara a Yehowa kaa sɛ ɔnyɛ no, ɔyɛe. Bere a ne Papa huu saa no, wo de hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei!—Yohane 5:36; 17:4.

8, 9. (a) Nisan 14, 33 Y.B. no, ɛdɛn na Yesu faa mu, na ɛkaa n’Agya a ɔwɔ soro no sɛn? (b) Adɛn nti na Yehowa maa ne Ba no huu amane na owui?

8 Afei yɛnhwɛ nea esii Nisan 14, 33 Y.B. no nso; wohwɛ a Yehowa tee nka sɛn? Saa bere no, Yesu asomafo no baako yii no mae maa aturuturafo bi bɛkyeree no anadwo no. Afei ne nnamfo guan gyaw no, na wɔdii n’asɛm bere a ɔnyɛɛ bɔne biara; ɔkwan a wɔfaa so dii n’asɛm nso, na etia mmara. Nkurɔfo dii ne ho agorɔ, wɔtetee ntasu guu no so, na wɔbobɔɔ no akuturuku. Wɔtwaa n’akyi mmaa maa n’akyi paapaee. Wɔde nnadewa bobɔɔ ne nsam ne ne nan mu fam dua ho, na wɔgyaw no sɛn dua no so maa nkurɔfo dii ne ho agorɔ. Yehowa Dɔba no faa yaw a emu yɛ den paa mu ma osu frɛɛ ne Papa. Afei, Yesu guu ahome a etwa to, kyerɛ sɛ, owui. Efi bere a Yehowa bɔɔ ade besi saa bere no, na ne Dɔba no nkwa mfii ne nsa da. Enti nea Yesu faa mu yi nyinaa, wohwɛ a, Yehowa tee nka sɛn?—Mateo 26:14-16, 46, 47, 56, 59, 67; 27:38-44, 46; Yohane 19:1.

9 Sɛnea Yehowa tee nka de, yɛrenhu sɛnea yɛbɛkyerɛ mu mpo. Asɛm a ɛyɛ yaw tumi yɛ Yehowa yaw, enti sɛnea ne Ba no wu no kaa no no, yɛrennya nsɛm a yɛde bɛkyerɛ mu mpo. Nanso nea enti a Yehowa maa ne Ba no wui de, yebetumi akyerɛ mu. Adɛn nti na Yehowa faa asɛm a ɛyɛ yaw saa mu? Yehowa aka anigyesɛm bi akyerɛ yɛn wɔ Yohane 3:16. Asɛm a ɛwɔ hɔ no, ɛho hia paa ma enti ebinom ka sɛ, ɛyɛ Nsɛmpa no nyinaa na yɛabɔ no mua wɔ hɔ. Ɛhɔ ka sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa. Ɛno nti, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no ansɛe, na mmom wanya daa nkwa.” Enti ɔdɔ na ɛmaa Yehowa faa saa ateetee no nyinaa mu. Akyɛde a Yehowa de ama yɛn no, kyerɛ sɛ, ne Ba no a ɔsomaa no ma obewu maa yɛn no, ɛno ne ɔdɔ a ɛkyɛn ɔdɔ biara.

‘Onyankopɔn de ne ba a ɔwoo no koro no mae’

Onyankopɔn Ani So No, Ɛdɛn Paa Ne Ɔdɔ?

10. Ɛdɛn na nnipa hia, na ntease a nkurɔfo wɔ wɔ “ɔdɔ” ho no, wobɛka ho asɛm sɛn?

10 Ɛdɛn paa ne “ɔdɔ”? Nkurɔfo pii ka sɛ ade a nnipa hia paa wɔ abrabɔ mu ne ɔdɔ. Sɛ yenya wo obi to hɔ ngɛɛ a, enkosi sɛ obewu no, ade a ɔhwehwɛ paa ne ɔdɔ. Enti sɛ nkurɔfo dɔ no a, ɛma n’ani gye. Ebinom mpo de, sɛ wɔte nka sɛ obiara nnɔ wɔn a, wɔtumi fa mu wu. Wei nyinaa akyi no, nea ɛyɛ nwanwa ne sɛ, ɛyɛ den sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ ɔdɔ mu. Nanso baabi a wobɛfa biara, ɔdɔ na ɛda nkurɔfo ano. Nhoma mu oo, nnwom mu oo, anwensɛm mu oo, ɔdɔ nko ara. Nanso emu biara nni hɔ a ɛma nkurɔfo hu ade pɔtee a ɛne ɔdɔ. Sɛ yɛbɛka a, yɛaka ɔdɔ ho asɛm ara ma afei mpo de, nkurɔfo nhu nea ɛkyerɛ.

11, 12. (a) Ɛhe na yebetumi asua ɔdɔ ho ade pii, na adɛn ntia? (b) Ɔdɔ ahorow bɛn na ɛwɔ Greek kasa a na wɔka no tete no mu, na nsɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ɔdɔ” no, nea ɛwɔ he na wɔde ayɛ adwuma mpɛn pii wɔ Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.) (d) Asɛmfua a·gaʹpe a wɔde ayɛ adwuma wɔ Bible mu no, ɛkyerɛ sɛn?

11 Nanso sɛnea Bible kyerɛkyerɛ ɔdɔ mu no, ɛtɔ asom paa. Nhoma bi ka sɛ: “Ɔdɔ de, yɛde yɛn nneyɛe na ɛkyerɛ.” (Vine’s Expository Dictionary of New Testament Words) Bible ma yehu sɛ Yehowa ayɛ nneɛma pii de akyerɛ sɛ ne yam ye, na ɔdɔ nnipa. Wo de, hwɛ ɔdɔ kɛse a Yehowa yii no adi kyerɛɛ yɛn bere a ɔde ne Ba no bɔɔ afɔre maa yɛn no. Biribiara nni hɔ a ebetumi akyerɛ ɔdɔ mu asen wei! Nhoma yi ti a edi hɔ ne nea ɛtoatoa so no, yebehu nneɛma foforo pii a Yehowa ayɛ de akyerɛ ne dɔ. Afei nso, nsɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ɔdɔ” wɔ Bible mu no, ebetumi aboa yɛn ama yɛahu ɔdɔ ho ade pii aka ho. Greek kasa a na wɔka no tete no, nsɛmfua nnan na wɔkyerɛɛ ase “ɔdɔ.” a Saa nsɛmfua nnan no, nea wɔde yɛɛ adwuma paa wɔ Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu ne a·gaʹpe. Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu ka sɛ “saa asɛmfua no kyerɛ ɔdɔ mu yiye paa.” Adɛn ntia?

12 Wohwɛ Bible mu a, a·gaʹpe kyerɛ ɔdɔ a Onyankopɔn mmara nti yɛda no adi. Enti ɛnyɛ sɛ yɛpɛ obi asɛm anaa yɛn ani gye ne ho nti na yenya a·gaʹpe dɔ ma no. Ɛkɔ akyiri sen ɔdɔ foforo biara. Saa ɔdɔ no, yɛda no adi kyerɛ obiara, efisɛ yenim sɛ ɛyɛ adepa, na saa na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Nea ɛma a·gaʹpe dɔ anaa Kristofo dɔ yi kyɛn so koraa ne sɛ, ɛma yɛde nea yɛpɛ to nkyɛn yɛ nea ɛbɛboa nkurɔfo. Wo de, san hwɛ Yohane 3:16 bio. Ɛhɔ se, “Onyankopɔn dɔ wiase paa. Ɛno nti, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae.” Ɛyɛ “wiase” bɛn? Ɛno ne nnipa a wɔbetumi anya nkwa. Saa nnipa yi, wɔn mu pii wɔ hɔ a, wɔda so ara reyɛ bɔne. Sɛnea na Yehowa dɔ n’adamfo nokwafo Abraham no, wohwɛ a saa na ɔdɔ saa nkurɔfo no? (Yakobo 2:23) Daabi. Mmom, Yehowa dɔ nti, ɔma ne papayɛ so obiara so. Sɛ ɛma ɔhwere ade kɛse mpo a, ɛnhaw no. Ɔpɛ sɛ obiara sakra n’adwene, na ɔsesa n’akwan. (2 Petro 3:9) Nnipa pii yɛ saa, enti ɔde anigye gye wɔn tom ma wɔbɛyɛ ne nnamfo.

13, 14. Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ mpɛn pii no Kristofo dɔ fi komam?

13 Nanso ebinom wɔ hɔ a, sɛnea Bible de asɛmfua a·gaʹpe yɛ adwuma no, ɛnyɛ saa koraa na wɔte ase. Wɔn adwene yɛ wɔn sɛ, saa ɔdɔ no mfi komam, na mmom ɛyɛ biribi a yɛasua agu yɛn tirim kwa. Nanso nokware a ɛwom ne sɛ, a·gaʹpe dɔ anaa Kristofo dɔ a yɛreka ho asɛm yi fi komam. Ɛho nhwɛso ni. Bere a Yohane kyerɛwee sɛ, “Agya no dɔ Ɔba no,” ɔde asɛmfua a·gaʹpe na ɛyɛɛ adwuma. Wohwɛ a, saa ɔdɔ no mfi komam anaa? Hyɛ no nsow sɛ, bere a Yesu kaa sɛ: “Agya no pɛ Ɔba no asɛm” no, ɔde asɛmfua phi·leʹo na ɛyɛɛ adwuma. (Yohane 3:35; 5:20) Enti sɛ Yehowa ka sɛ ɔdɔ obi a, ɛtaa ba sɛ ɔpɛ onipa no asɛm nso. Nanso, ɛnyɛ wɔn a Yehowa pɛ wɔn asɛm nko ara na ɔdɔ wɔn. Bere nyinaa, Yehowa nyansa ne ne mmara na ɔhwɛ ho yi ne dɔ adi.

14 Sɛnea yɛahu no, Yehowa suban nyinaa di mu, ewie pɛyɛ, na ɛyɛ fɛ. Nanso, ɔdɔ yɛ fɛ sen ne nyinaa. Ɔdɔ na ɛtwe yɛn bɛn Yehowa paa. Anigyesɛm ne sɛ, Yehowa suban nyinaa, ɔdɔ na edi mu akoten paa. Adɛn nti na yɛreka saa?

“Onyankopɔn Ne Dɔ”

15. Ɛdɛn na Bible ka fa Yehowa dɔ ho, na adɛn nti na ɛnka bi saa mfa ne suban a aka no ho? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

15 Nea Bible ka fa Yehowa dɔ ho no, ɛnka bi saa mfa ne suban atitiriw a aka no ho. Bible nka sɛ Onyankopɔn ne tumi anaa Onyankopɔn ne atɛntrenee anaa mpo Onyankopɔn ne nyansa. Onyankopɔn saa suban mmiɛnsa no, ɔno na efi no, na ɔda no adi sen obiara. Nanso ne suban titiriw a ɛtɔ so nnan no de, nea Bible ka fa ho no da mu fua. Ɛka sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.” b (1 Yohane 4:8) Ɛno kyerɛ sɛn?

16-18. (a) Adɛn nti na Bible ka sɛ “Onyankopɔn ne dɔ”? (b) Nneɛma a Yehowa abɔ no asaase so nyinaa, adɛn nti na ɛfata sɛ onipa na ɔde no gyinaa hɔ maa ɔdɔ?

16 Sɛ Bible ka sɛ “Onyankopɔn ne dɔ” a, ɛnkyerɛ sɛ ɔdɔ ne Onyankopɔn yɛ ade koro. Yɛrentumi nnane asɛm no nka no sɛ “ɔdɔ ne Onyankopɔn.” Ɔdɔ yɛ suban, na Yehowa yɛ kɛse koraa sen suban biara. Ɔyɛ Nyankopɔn a ɔwɔ adwene, ɔwɔ atenka ne suban foforo pii. Nanso Yehowa suban nyinaa, ɔdɔ na ɛyɛ kɛse paa. Nhoma bi ka 1 Yohane 4:8 ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn ho biribiara yɛ ɔdɔ.” Saa asɛm yi, yɛbɛte ase sɛn? Ɛne sɛ: Tumi a Yehowa wɔ no, ɛno na ɛma otumi yɛ nneɛma. N’atɛntrenee ne ne nyansa na ɛkyerɛ sɛnea ɔyɛ n’ade. Nanso ɔdɔ na ɛkanyan Yehowa ma ɔyɛ ne biribiara. Sɛ Yehowa reda ne suban a aka no biara adi a, ne dɔ di mu akoten bere nyinaa.

17 Yɛtaa ka sɛ ɔdɔ de, ɛno ara ne Yehowa. Ɔdɔ a Nyankopɔn mmara nti yɛda no adi no, sɛ yɛpɛ sɛ yesua ho ade a, gye sɛ yesua Yehowa ho ade. Nnipa nso tumi da saa ɔdɔ no bi adi. Ɛdɛn na ɛma yetumi yɛ saa? Bere a Yehowa rebɔ nnipa no, wo de hwɛ asɛm a ɔka kyerɛɛ ne Ba no. Ɔkaa sɛ: “Ma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛnea yɛte.” (Genesis 1:26) Nneɛma a Nyankopɔn abɔ no asaase so nyinaa, nnipa nko ara na wɔbetumi asuasua wɔn soro Agya no na wɔada ɔdɔ adi. Kae sɛ Yehowa de nneɛma a wabɔ na egyinaa hɔ maa ne suban atitiriw no. Nanso, ɛyɛ onipa na Yehowa de no gyinaa hɔ maa ne suban a edi akoten paa no; ɛno ne ɔdɔ.—Hesekiel 1:10.

18 Sɛ yeyi yɛn yam dɔ nkurɔfo, kyerɛ sɛ, yɛde nea yɛpɛ to nkyɛn yɛ nea nkurɔfo hia ma wɔn a, na yɛresuasua Yehowa suban a ɛyɛ kɛse paa no. Wei te sɛ nea ɔsomafo Yohane kyerɛwee no. Ɔkaa sɛ: “Yɛda ɔdɔ adi, efisɛ ɔno na odii kan dɔɔ yɛn.” (1 Yohane 4:19) Ɛnde yemmisa sɛ, sɛn na Yehowa dii kan dɔɔ yɛn?

Yehowa Na Odii Kan Dɔɔ Yɛn

19. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɔdɔ ne ade titiriw a ɛmaa Yehowa bɔɔ ade?

19 Ɔdɔ nyɛ ade foforo. Wohwɛ a, ɛdɛn koraa na ɛkaa Yehowa ma ofii ase bɔɔ ade? Ɛnyɛ sɛ na n’ani nka anaa na ɔrepɛ obi aka ne ho nti na ɔbɔɔ ade. Yehowa nhia biribiara; ne ho so no akwankorɔ. Enti onhia biribi na obi ayɛ ama no. Ɛnam sɛ ɔdɔ na ɛka yɛn ma yɛyɛ nneɛma pa ma nkurɔfo nti, Yehowa nso, ɔdɔ na ɛkaa no ma ɔbɔɔ abɔfo ne nnipa baa nkwa mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso ani begye. Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no, ɔno ne “Onyankopɔn adebɔ mfiase no.” (Adiyisɛm 3:14) Bere a Yehowa bɔɔ ne Ba no wiei no, Yehowa nam ne so, kyerɛ sɛ, Odwumayɛni a Waben yi so yɛɛ nneɛma a aka nyinaa. Abɔfo na Yehowa nam ne Ba no so dii kan bɔɔ wɔn. (Hiob 38:4, 7; Kolosefo 1:16) Yehowa maa abɔfo no fahodi, enti wɔtumi yɛ nea wɔpɛ. Afei nso, ɔma wɔnyaa nyansa ne atenka. Wei nti, wɔtumi dodɔ wɔn ho, na wɔfa wɔn ho nnamfo. Nea ɛsen ne nyinaa no, wɔtumi dɔ Yehowa Nyankopɔn, na wɔfa no adamfo. (2 Korintofo 3:17) Enti abɔfo da ɔdɔ adi, efisɛ Yehowa na edii kan dɔɔ wɔn.

20, 21. Nneɛma bɛn na na atwa Adam ne Hawa ho ahyia a na edi adanse sɛ Yehowa dɔ wɔn, nanso ɛdɛn na wɔyɛe?

20 Nnipa nso, yɛda ɔdɔ adi efisɛ Yehowa na edii kan dɔɔ yɛn. Bere a Yehowa bɔɔ Adam ne Hawa no ara na ofii ase de ɔdɔ guaree wɔn. Sɛ wɔto wɔn ani hwɛ baabiara wɔ Paradise a na wɔte wɔ Eden no a, na biribiara kyerɛ sɛ Yehowa dɔ wɔn. Wo de, tie nea Bible aka: “Yehowa Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden a ani kyerɛ apuei fam; ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwenee no no kɔtenae.” (Genesis 2:8) Woakɔ baabi a yɛaduadua nnua ne nhwiren ama ɛhɔ ayɛ fɛ paa pɛn? Ɛdɛn na ɛmaa ɛhɔ yɛɛ wo fɛ paa? Ɛyɛ sɛnea na awia nenam nnua no mu fɛfɛɛfɛ no, anaa nhwiren ahorow ahorow fɛfɛɛfɛ a na ɛwɔ hɔ no? Ɛyɛ nsu a na ɛreworo so, nnomaa su, ne mmoa nketenkete su, anaa sɛnea na nnua ne nnuaba ne nhwiren ama ɛhɔ ayɛ huam no? Ampa, turo biara yɛ fɛ, nanso turo biara nni hɔ a ɛbɛto Eden turo no. Adɛn nti na yɛreka saa?

21 Nea ɛte ne sɛ, Eden turo no de, Yehowa ankasa na ɔyɛe! Enti wutumi hu sɛ na ɛbɛyɛ fɛ papaapa. Nnua a ɛyɛ fɛ ne nnuaba a ɛyɛ dɛ nyinaa, na ebi wɔ hɔ. Ná turo no sõ paa, na na nsu nenam mu. Afei nso, na mmoa a wɔn ho yɛ fɛ na wɔn ho yɛ anika bebree wɔ hɔ. Biribiara a ɛma asetena yɛ dɛ na ɛyɛ anika no, na ebi wɔ hɔ, na na ne nyinaa yɛ Adam ne Hawa dea. Afei nso, na wɔwɔ adwuma pa, na na wɔn ani gye wɔn ho. Ampa, Yehowa na edii kan dɔ wɔn, na na ɛsɛ sɛ wɔn nso dɔ no bi. Nanso, wɔanyɛ saa. Anka ɛsɛ sɛ wɔdɔ wɔn soro Agya no na wɔtie n’asɛm, nanso pɛsɛmenkominya nti, wɔtee ne so atua.—Genesis, ti 2.

22. Atuatew a ɛkɔɔ so wɔ Eden no, sɛnea Yehowa dii ho dwuma no kyerɛ sɛ ne dɔ nni huammɔ. Adɛn ntia?

22 Nea Adam ne Hawa yɛe no, wo de hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ Yehowa yaw! Nanso, nea wɔyɛe no, ɛmaa ɔdɔ a Yehowa wɔ ma nnipa no tu yerae anaa? Daabi! Efisɛ Yehowa de, “oye; ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.” (Dwom 136:1) Enti ntɛm ara na ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔde nhyehyɛe bi begu akwan mu de agye Adam ne Hawa asefo a wɔpɛ sɛ wɔhu no na wɔdɔ no no. Nneɛma a Yehowa de agu akwan mu no, ebi ne ne Dɔba a ɔde no bɔɔ afɔre maa yɛn no. Ɛwom sɛ na ɛyɛ den ma Yehowa, nanso ɔde ne Ba no bɔɔ afɔre maa yɛn.—1 Yohane 4:10.

23. Nneɛma pii na ɛma Yehowa yɛ ‘anigye Nyankopɔn.’ Baako ne sɛn? Asɛm a ehia bɛn na yebenya ho mmuae wɔ eti a edi hɔ no mu?

23 Ampa, efi mfiase pɛɛ na Yehowa tuu anammɔn de kyerɛe sɛ ɔdɔ nnipa. Wayɛ nneɛma bebree de akyerɛ sɛ “ɔno na odii kan dɔɔ yɛn.” Ɔdɔ wɔ hɔ yi, ɛde nkabom ne anigye na ɛba. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ Bible ka sɛ Yehowa yɛ “anigye Nyankopɔn.” (1 Timoteo 1:11) Nanso, asɛm a ehia a ɛsɛ sɛ obiara bisa ne sɛ, ‘Enti Yehowa dɔ me paa?’ Yebenya ho mmuae wɔ eti a edi hɔ no mu.

a Asɛmfua phi·leʹo kyerɛ “ɔdɔ a obi wɔ ma obi a ɔpɛ n’asɛm paa, ɛte sɛ (ɔdɔ a obi wɔ ma ne yɔnko berɛboɔ anaa ne nua).” Wɔtaa de saa asɛmfua no yɛ adwuma wɔ Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu. Asɛmfua stor·geʹ kyerɛ ɔdɔ a obi wɔ ma ne busuani. Saa ɔdɔ no, 2 Timoteo 3:3 ka sɛ ɛho bɛyɛ den wɔ awiei mmere no mu. Asɛmfua eʹros kyerɛ ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ. Ɛwom sɛ Bible ka saa ɔdɔ yi ho asɛm, nanso enni Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu.—Mmebusɛm 5:15-20.

b Kyerɛwsɛm afoforo nso ka Onyankopɔn ho asɛm wɔ saa kwan no so. Ɛho nhwɛso ni: “Onyankopɔn yɛ hann.” Etumi ka nso sɛ, “Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyew ade.” (1 Yohane 1:5; Hebrifo 12:29) Nanso ɛsɛ sɛ yehu sɛ ntotoho na saa kyerɛwnsɛm yi reyɛ; ɛde Yehowa retoto nneɛma bi ho. Yehowa te sɛ hann, efisɛ ɔyɛ kronkron, na ɔyɛ ɔtreneeni. “Esum” biara anaa efĩ biara nni ne mu. Yebetumi nso de Yehowa atoto ogya ho, efisɛ otumi de ne tumi sɛe ade.