Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 25

“Yɛn Nyankopɔn Mmɔborɔhunu”

“Yɛn Nyankopɔn Mmɔborɔhunu”

1, 2. (a) Sɛ ɔbaatan ba resu a, ɛdɛn na ɔyɛ? (b) Hena na ɔwɔ ayamhyehye koraa kyɛn nea ɔbaatan wɔ ma ne ba?

 TWA asɛm yi ho mfoni hwɛ. Akwadaa bi a yɛawo no foforo resu anadwo dasuom. Ɔbaatan no tee ne ba no su ara, na n’ani ate. Efi bere a ɔwoo akwadaa no, nna baako sei nkɔɔ n’ani. Ɔde n’ani ato fam ahu nea ne ba no su no kyerɛ. Sɛ ɔte sɛ ɔresu a, otumi hu sɛ esu wei deɛ, ɔkɔm na ɛde no, anaasɛ esu wei de ɛbɛyɛ sɛ n’ani kum enti ɛsɛ sɛ ɔkorɔkorɔ no. Sɛ ɛdɛn na ama akwadaa no resu oo, sɛ dɛn oo, ɔbaatan no rentumi nyi n’ani, efisɛ ɔwɔ abadae na ɔyɛ nea obetumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a ne ba no begyae su.

2 Sɛ yɛreka atenka a nipa tumi nya ma ne yɔnko nipa a, abadae anaa ayamhyehye a ɔbaatan wɔ ma ne yafunum ba no, ebiara nni hɔ a ɛne no sɛ. Nanso mmɔborɔhunu ne ayamhyehye a yɛn Nyankopɔn Yehowa wɔ no, emu yɛ den koraa kyɛn nea ɔbaatan wɔ ma ne ba no. Sɛ yesua Yehowa suban fɛfɛɛfɛ yi ho ade a, ɛbɛboa yɛn ama yɛatwe abɛn no paa. Yenni kan nhwɛ sɛ mmɔborɔhunu kyerɛ sɛn, na nneɛma bɛn na Onyankopɔn yɛ de kyerɛ sɛ ɔwɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu?

Ɛdɛn Ne Mmɔborɔhunu?

3. Hebri adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase “hu mmɔbɔ” anaa “nya ayamhyehye” no, ɛkyerɛ sɛn?

3 Wohwɛ Bible mu a, wubehu sɛ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu, ebiara nkɔ nnyaw ne yɔnko. Hebri ne Greek nsɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ayamhyehye no, ɛyɛ bebree kwa. Ɛho nhwɛso ne Hebri adeyɛ asɛm a ɛne ra·chamʹ no. Mpɛn pii no, wɔtaa kyerɛ ase ‘hu obi mmɔbɔ’ anaa ‘ma wo yam nhyehye wo mma obi.’ Nhoma bi kyerɛ sɛ, adeyɛ asɛm ra·chamʹ no, wɔtaa de kyerɛ “ayamhyehye a ɛkɔ akyiri a obi nya ma obi. Sɛ yehu sɛ yɛn dɔfo bi rebrɛ anaa ɔrehu amane a, atenka a yenya ma no no, ɛno na ɔde saa adeyɛ asɛm ra·chamʹ no kyerɛkyerɛ mu.” Sɛ Bible reka sɛnea Yehowa te nka ma yɛn no a, ɛde saa Hebri adeyɛ asɛm no na ɛyɛ adwuma. Saa asɛmfua yi, ɛne Hebri adeyɛ asɛm a wɔkyerɛ ase “awode” no wɔ biribi yɛ, na wɔtumi kyerɛ ase mpo sɛ “ayamhyehye a ɔbaatan bi wɔ ma ne ba.” aExodus 33:19; Yeremia 33:26.

“Ɔbea werɛ betumi afi ne ba . . . anaa?”

4, 5. Abadae a ɔbaatan wɔ ma ne ba no, Bible de kyerɛkyerɛ ayamhyehye a Yehowa wɔ no mu. Ɛka no sɛn?

4 Sɛ Bible reka sɛnea Yehowa wɔ ayamhyehye ma yɛn no a, ɛde toto abadae a ɔbaatan wɔ ma ne ba ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛte ase yiye. Yesaia 49:15 ka sɛ: “Ɔbea werɛ betumi afi ne ba a otua nufu ano anaa? Ne yam renhyehye [ra·chamʹ] no mma ne yam ba anaa? Sɛ mmea yi werɛ befi mpo a, me de, me werɛ remfi wo da.” Sɛnea Bible ka asɛm no ma yehu sɛ ayamhyehye a Yehowa wɔ ma ne nkurɔfo no kɔ akyiri paa. Adɛn nti na yɛreka saa?

5 Ɛbɛyɛ den sɛ wubehu sɛ ɔbaatan bi a wawo ne ba foforo bɛka sɛ ɔremma no aduan anaa ɔrenhwɛ no. Efisɛ maame no nim sɛ akwadaa a wawo no foforo de, ɔrentumi mma ne ho aduan na kampɛsɛ wahwɛ ne ho mpo; biribiara ni a, gye sɛ maame no ara yɛ ma no. Enti ɛsɛ sɛ maame no yi ɔdɔ adi kyerɛ no, na onya bere ma no. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ abaatan bi wɔ hɔ a, sɛ wɔwo a wɔmma wɔn ani nkɔ wɔn mma ho, ɛnkanka ‘mmere a nneɛma mu ayɛ den’ a nnipa bebree nni “tema” yi. (2 Timoteo 3:1, 3) Nanso Yehowa de, ose: “Me de, me werɛ remfi wo da.” Ayamhyehye a Yehowa wɔ ma wɔn a wɔsom no no, ɛso rentew da. Sɛnea Yehowa yam hyehye no ma yɛn no, yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu mpo. Ɛkyɛn nea ɔbaatan wɔ ma ne ba koraa. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ Bible ho ɔbenfo bi reka Yesaia 49:15 ho asɛm no, ɔkaa sɛ: “Nsɛm a ɛwɔ saa kyerɛwsɛm no mu no, sɛ yɛhwɛ Apam Dedaw no mu nyinaa a ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne asɛm a ɛma yehu sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn paa. Sɛ asɛm foforo bi wɔ hɔ a ɛkyɛn no de a, ɛnde nea ɛbɛka sua.”

6. Adwene bɛn na nnipa bebree wɔ wɔ ayamhyehye ho, nanso awerɛhyem bɛn na Yehowa de ma yɛn?

6 Sɛ obi wɔ ayamhyehye a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ mmerɛw na onni akokoduru anaa? Saa na nnipa bebree adwene yɛ wɔn. Bere a Yesu wɔ asaase so no, na Roman nyansapɛfo bi wɔ hɔ. Ná yɛfrɛ no Seneca, na na wagye din paa. Ɔkaa asɛm bi sɛ: “Nnipa a wɔn adwene sua anaa wɔyɛ mmerɛw na wɔwɔ ayamhyehye.” Ná Seneca kyerɛkyerɛ Stoafo nyansapɛ. Ná Stoafo kyerɛkyerɛ sɛ, nnipa de wowɔ hɔ a, ɛnsɛ sɛ biribiara ma wudi yaw anaa wudi awerɛhow. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wugye w’ani. Seneca kaa sɛ, obi yɛ nyansafo a obetumi aboa obi a ne ho akyere no anaa obi a ɔwɔ ahohia mu, nanso ɛnsɛ sɛ onya ayamhyehye ma onipa no anaa ɛnsɛ sɛ nea onipa no refa mu ma ne werɛ how, anyɛ saa a ɛbɛsɛe n’asomdwoe. Sɛ obi wɔ saa pɛsɛmenkominya adwene no a, ayamhyehye a ɛde ayamhyehye de ɔrennya bi mma ne yɔnko da. Nanso Yehowa de, ɔnte saa koraa. Wama yɛn awerɛhyem wɔ N’asɛm mu sɛ ɔwɔ ‘tema ne mmɔborɔhunu.’ (Yakobo 5:11, ase hɔ asɛm) Adesua yi mu no, yebehu sɛ obi wɔ ayamhyehye a, ɛnkyerɛ sɛ ɔyɛ mmerɛw, mmom ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ suban pa paa. Yenim sɛ Yehowa yɛ Agya a ɔdɔ ne mma, enti momma yɛnhwɛ nea Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ɔwɔ ayamhyehye.

Yehowa Yam Hyehyee No Maa Israel Man No

7, 8. Ateetee bɛn na Israelfo faa mu wɔ Egypt, na ɛdɛn na Yehowa yɛɛ wɔ ho?

7 Sɛnea Yehowa ne Israelfo no dii nsɛm no, ɛma yehu paa sɛ ɔwɔ ayamhyehye. Bere a Yosef wui akyi no, Israelfo mpempem pii a na wɔwɔ Egypt no bɛyɛɛ nkoa, na Egyptfo no dii wɔn ani paa. Egyptfo no ‘maa asetena fonoo wɔn, na wɔhyɛɛ wɔn maa wɔyɛɛ adwumaden. Wɔmaa wɔwɔw dɔte de yɛɛ birikisi na wɔmaa wɔyɛɛ nnwuma nyinaa bi.’ (Exodus 1:11, 14) Bere a Israelfo no ho hiahiaa wɔn no, wɔsu frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn. Bere a Onyankopɔn a ɔwɔ ayamhyehye no tee wɔn sufrɛ no, ɔtee nka sɛn, na dɛn na ɔyɛ de boaa wɔn?

8 Nea Yehowa nkurɔfo refa mu no maa ne werɛ howee paa. Ɔkaa sɛ: “Amane a me nkurɔfo a wɔwɔ Egypt no rehu nyinaa m’ani tua, na mate apini a wosi esiane sɛ wɔhyɛ wɔn de wɔn yɛ adwuma nti. Minim wɔn brɛ nyinaa.” (Exodus 3:7) Ateetee a na ne nkurɔfo no nam mu ne nisu a na wɔretew no, na Yehowa rentumi ntena hɔ a ɔrente nka mma wɔn. Bere a yɛresua nhoma yi Ti 24 no, yebehui sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ tema. Obi wɔ tema ma obi a, ɛkyerɛ sɛ onii no su yɛ ne su na n’amane yɛ n’amane. Enti tema wɔ hɔ yi, ɛne ayamhyehye na ɛnam; baako nkɔ nnyaw ne yɔnko. Nanso, ɛnyɛ sɛ Yehowa tee nka maa ne nkurɔfo no kɛkɛ, ɛnna ɔbobɔɔ ne nsa guu ne bo. Mmom saa atenka no maa otuu anammɔn yɛɛ biribi de boaa wɔn. Yesaia 63:9 ka sɛ: “Ne dɔ ne n’ahummɔbɔ nti, ogyee wɔn.” Yehowa de ne “nsa a ɛyɛ den” gyee Israelfo no fii Egypt. (Deuteronomium 4:34) Ɔfaa anwanwakwan so maa wɔn nsa kaa aduan, na ɔsan de wɔn baa asaase a na ɔde ahyɛ wɔn bɔ no so.

9, 10. (a) Bere a Israelfo no kɔtenaa Bɔhyɛ Asaase no so no, adɛn nti na na ehia sɛ Yehowa gye wɔn mpɛn pii? (b) Yefta bere so no, ateetee bɛn na Israelfo no faa mu a na ehia sɛ Yehowa gye wɔn, na dɛn na ɛma ogyee wɔn?

9 Yehowa ayamhyehye no anso hɔ ara. Akyiri yi a Israelfo no kɔtenaa Bɔhyɛ Asaase no so no, wɔyɛɛ Yehowa so asoɔden mpɛn bebree, na ɛno nti wɔhuu amane. Nanso wɔyɛ bɔne no a na wɔasan adan wɔn ho abɛpa Yehowa kyɛw sɛ onhu wɔn mmɔbɔ, na ɔmfa nkyɛ wɔn. Bere biara wɔbɛba no, na Yehowa de akyɛ wɔn, na wagye wɔn. Adɛn ntia? “Efisɛ na ne man . . . no yɛ no mmɔbɔ.”—2 Beresosɛm 36:15; Atemmufo 2:11-16.

10 Yɛmfa nea esii wɔ Yefta bere so nyɛ nhwɛso. Israelfo no dan wɔn akyi kyerɛɛ Yehowa kɔsom anyame foforo. Enti Yehowa maa kwan maa Amonfo dii wɔn ani mfe 18. Akyiri yi Israelfo no sakrae. Bible ma yehu sɛ: “Woyiyii ananafo anyame no fii wɔn nkyɛn, na wɔsom Yehowa. Ɛno nti, wantumi anhwɛ Israelfo amanehunu no bio.” b (Atemmufo 10:6-16) Bere a wɔnuu wɔn ho na wɔsakrae no, na Yehowa yi n’ani a ɛnyɛ yiye. Enti ayamhyehye Nyankopɔn no faa Yefta so gyee Israelfo no fii wɔn atamfo nsam.—Atemmufo 11:30-33.

11. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa ne Israelfo dii no a, ɛdɛn na ɛma yehu fa ayamhyehye ho?

11 Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa ne Israelfo dii no a, ɛdɛn na ɛma yehu fa ayamhyehye ho? Ade titiriw a yɛahu ne sɛ, obi a ɔwɔ ayamhyehye no, sɛ ohu sɛ ne yɔnko rehu amane a, ɔte nka ma no, nanso ɔmfa nso hɔ ara. Sɛ wobɛkae ɔbaatan a yɛkaa ne ho asɛm no a, sɛ ɔte sɛ ne ba no resu a, abadae a ɔwɔ no na ɛka no ma ɔyɛ biribi de boa ne ba no. Saa na Yehowa nso te, sɛ ɔte sɛ ne nkurɔfo resu frɛ no a, onsisi n’aso. Ayamhyehye a ɔwɔ no, ɛka no ma otwitwa gye wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛtɔ wɔn. Ɛno da nkyɛn a, sɛnea Yehowa ne Israelfo no dii no ma yehu sɛ, sɛ obi wɔ ayamhyehye a ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ mmerɛw. Ayamhyehye a Yehowa wɔ no na ɛma ɔko gyee Israelfo no fii wɔn atamfo nsam. Nanso yemmisa sɛ, Yehowa ayamhyehye no, ɔda no adi kyerɛ n’asomfo sɛ kuw nko ara, anaa ɛyɛ a ɔda no adi kyerɛ ne somfo biara?

Yehowa Wɔ Ayamhyehye Ma Onipa Biara

12. Ɔkwan bɛn so na Mmara no ma yehu sɛ Yehowa wɔ ayamhyehye ma onipa biara?

12 Sɛ yɛhwɛ Mmara a Onyankopɔn de maa Israel man no a, ɛma yehu sɛ ɔwɔ ayamhyehye ma onipa biara. Wo de, hwɛ sɛnea na odwen ahiafo ho. Ná Yehowa nim sɛ tebea bi a obi nhwɛ kwan betumi asi ama wadi hia. Sɛn na na Yehowa pɛ sɛ Israelfo no ne ahiafo tena? Ɔhyɛɛ da ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Mmɔ wo nua hiani no atirimɔden, na mma wo nsam nnyɛ den wɔ no so. Yi wo yam pɛ biribi ma no, na ɛnsɛ sɛ woyɛ no amemenemfe so. Yehowa wo Nyankopɔn bɛhwɛ ho ahyira biribiara a woyɛ so.” (Deuteronomium 15:7, 10) Ɛnyɛ ɛno nko ara, ɔsan ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ, sɛ wɔretwa wɔn afuw mu nnɔbae a, wɔnnya nea ɛwɔ ano ano no. Afei nso nea ɛbɛka wɔ ase no, mma wɔnnsesaw. Mmom wɔnnyaw mma ahiafo no mmɛsesaw. (Leviticus 23:22; Rut 2:2-7) Mmara a Yehowa de maa Israelfo no ma yehu sɛ na odwen wɔn ho paa. Sɛ na Israelfo no de yɛ adwuma a, na ɛremma onnibiefoɔ ne mmɔborɔwafo nsrɛsrɛ aduan. Wei ma yehu paa sɛ wɔn a na wɔhia mmoa no, na Yehowa wɔ ayamhyehye ma wɔn.

13, 14. (a) Ɔkwan bɛn so na Dawid nsɛm no ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa dwen yɛn mu biara ho? (b) Nhwɛso bɛn na yebetumi de akyerɛ sɛ Yehowa bɛn wɔn a “wɔn koma abubu” anaa wɔn a “wɔn abam abu”?

13 Ɛnnɛ nso, yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no dwen yɛn mu biara ho paa. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ amane biara yɛrehu no, n’ani tua na onim. Odwontofo Dawid kyerɛwee sɛ: “Yehowa ani wɔ atreneefo so, na ɔyɛ aso ma wɔn sufrɛ. Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu; ogye wɔn a wɔn abam abu.” (Dwom 34:15, 18) Nnipa a kyerɛwnsɛm yi reka wɔn ho asɛm no, Bible ho ɔbenfo bi kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Wɔn koma abubu na wɔn abam abu; bɔne a ɛwɔ wɔn ho nti, wɔabotow na wɔte nka sɛ wɔnsɛ hwee anaa wɔn so nni mfaso.” Wɔn a wɔte saa no, ebia wɔte nka sɛ Yehowa wɔ akyirikyiri, na wɔn ho nhia no na kampɛsɛ wadwen wɔn ho. Nanso, saa nsɛm no nyɛ nokware. Nsɛm a Dawid kae no ma yenya awerɛhyem sɛ, “wɔn a wɔte nka sɛ wɔnsɛ hwee anaa wɔn so nni mfaso no,” ɛnyɛ ade a Yehowa beyi wɔn baako ahyɛ wɔn nsa da. Yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunufo no nim sɛ, sɛ yɛte nka saa a, saa bere no na yehia no paa, na ɔno nso de, onni akyiri; ɔbɛn yɛn.

14 Wo de, ma yɛnhwɛ asɛm bi a esii. Ɔbaatan bi a ɔwɔ United States de mmirika de ne babarima a wadi mfe mmienu kɔɔ ayaresabea. Ná abofra no home a ensi so, na na yare no mu ayɛ den. Adɔktafo no hwɛɛ abofra no, wɔka kyerɛɛ ɔbaatan no sɛ, gye sɛ wɔgye ne ba no to hɔ ma ade kye. Saa anadwo no, wunim baabi a ɔbaatan no dae? Ɔdaa akongua mu wɔ ne ba no nkyɛn pɛɛ wɔ ayaresabea hɔ. Ade yi ne ba yi yare, ɔyɛ dɛn kɔ gyaw ne hɔ. Saa na yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no te? Ɔno mpo de yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛyɛ asen saa, efisɛ ɔbɔɔ yɛn wɔ ne suban so. (Genesis 1:26) Nsɛm a ɛka koma a ɛwɔ Dwom 34:18 no ma yehu sɛ, sɛ yɛn ‘koma bubu’ anaa yɛn ‘abam bu’ a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa dɔ yɛn; ‘ɔbɛn yɛn.’ Ɔyɛ ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ na ɔwɔ ayamhyehye ma ne mma, na wayɛ krado sɛ bere nyinaa ɔbɛboa yɛn.

15. Dɛn na Yehowa yɛ de boa yɛn mu biara?

15 Ɛnde yemmisa sɛ dɛn na Yehowa yɛ de boa yɛn mu biara? Sɛ yɛrefa ɔhaw bi mu a, ɛnyɛ bere nyinaa na oyi ɔhaw no fi hɔ. Nanso wɔn a wɔsu hwehwɛ Yehowa hɔ mmoa no, ɔde nneɛma bebree agu akwan mu a ebetumi aboa wɔn. Tebea biara a yɛbɛkɔ mu no, n’Asɛm Bible no betumi ama yɛn afotu pa a yɛde begyina ano. Asafo no mu nso, Yehowa ama yɛn ahwɛfo a wɔyɛ nea wɔbetumi biara sɛ wɔbɛboa yɛn, na wɔn nso, wɔwɔ ayamhyehye te sɛ Yehowa. (Yakobo 5:14, 15) Afei Yehowa yɛ “mpaebɔ Tiefo,” na ‘ɔde honhom kronkron ma wɔn a wobisa no no.’ (Dwom 65:2; Luka 11:13) Ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni bɛba abeyi abɛbrɛsɛ a yɛrefa mu no nyinaa afi hɔ. Nanso enkosi saa bere no, Onyankopɔn honhom no betumi ama yɛanya “tumi a ɛboro nnipa de so,” na yɛatumi agyina nea yɛrefa mu biara ano. (2 Korintofo 4:7) Nhyehyɛe a Yehowa ayɛ ama yɛn no nyinaa, yɛn ani sɔ paa. Momma yɛnkae sɛ weinom yɛ akwan a Yehowa refa so ada n’ayamhyehye adi akyerɛ yɛn.

16. Nneɛma a Yehowa yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ayamhyehye ma yɛn no, emu nea ɛwɔ he na ɛyɛ kɛse paa, na wei fa yɛn mu biara ho sɛn?

16 Nneɛma a Yehowa ayɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ayamhyehye no, ne kɛse paa ne ne Dɔba a ɔma obewu de gyee yɛn no. Esiane sɛ Yehowa dɔ yɛn nti na ɔde ne dɔba no bɔɔ afɔre maa yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a obegye yɛn afi bɔne ne owu mu. Kae sɛ, ɛyɛ wo nti na Yehowa maa Yesu bewui. Yohane Suboni papa Sakaria kae a ɔmmoa. Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ, saa nhyehyɛe no bɛma “yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu” ada adi ama obiara ahu.—Luka 1:78.

Dɛn Na Ɛbɛma Yehowa Ayi N’ani a Ɔrenna Ayamhyehye Adi?

17-19. (a) Ɔkwan bɛn so na Bible ma yehu sɛ, Yehowa ayamhyehye wɔ baabi a ɛkɔpem? (b) Adɛn nti na eduu baabi no, Yehowa annya ayamhyehye amma ne nkurɔfo no bio?

17 Ɛwom sɛ Yehowa wɔ ayamhyehye, nanso obiara kɛkɛ na ne yam hyehye no ma no anaa? Daabi ɛnyɛ saa na ɛte. Bible no ma yehu no pefee sɛ, wɔn a wɔkɔ so yɛ Yehowa so asoɔden na wɔmfa ne mmara nyɛ adwuma no, onni ayamhyehye biara ma wɔn. (Hebrifo 10:28) Sɛ yɛhwɛ Israelfo asɛm no a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu nea enti a ɛtɔ da a Yehowa nna ayamhyehye adi no.

18 Ɛwom sɛ Yehowa gyee Israelfo no fii wɔn atamfo nsam mpɛn pii, nanso eduu baabi no ogyaee. Wannya ayamhyehye amma wɔn bio. Ná Israelfo no aso yɛ den, na na abosonsom adidi wɔn ti. Wɔyɛe ara mpo de abosom fĩ baa Yehowa asɔrefi hɔ. (Hesekiel 5:11; 8:17, 18) Bible no san ma yehu sɛ: “Wɔkɔɔ so goruu nokware Nyankopɔn nkoa no ho buu ne nsɛm animtiaa, na wodii n’adiyifo no ho fɛw kosii sɛ Yehowa abufuw baa ne man so, kosii sɛ wɔannya ayaresa bio.” (2 Beresosɛm 36:16) Israelfo no yɛɛ asoɔden ara ama eduu baabi no na Yehowa nnya biribiara nnyina so nhu wɔn mmɔbɔ. Nneɛma bɔne a wɔyɛe no, edi sɛ Yehowa bo fuw wɔn. Ewiee wɔn sɛn?

19 Afei de na Yehowa yam nhyehye no mma wɔn bio. Yehowa kaa sɛ: “Me yam renhyehye me, na ɛrenyɛ me awerɛhow, na merenhu mmɔbɔ; biribiara nni hɔ a ebesiw me kwan a ɛremma mensɛe wɔn.” (Yeremia 13:14) Ɛno nti ɔmaa Babilonfo bɛsɛee Yerusalem ne asɔrefie no, na wɔsoaa Israelfo no kɔɔ Babilon. Ɛyɛ awerɛhow paa sɛ nnipa betumi ayɛ bɔne akodu baabi a afei de Yehowa rennya ayamhyehye mma wɔn bio!—Kwadwom 2:21.

20, 21. (a) Sɛ Yehowa ka sɛ afei de wapem, ayamhyehye a wanya ama nnipa abedu saa bere yi no yɛ a, dɛn na ebesi? (b) Ti a edi hɔ no mu no, yebehu nhyehyɛe bi a Yehowa ayɛ a ɛma yehu sɛ ɔwɔ ayamhyehye. Ɛyɛ nhyehyɛe bɛn?

20 Ɛnnɛ nso ɛ? Yehowa nsesae. Esiane sɛ ɔwɔ ayamhyehye nti, ɔde ahyɛ N’adansefo nsa sɛ wɔnka “Ahenni no ho asɛmpa” wɔ wiase baabiara. (Mateo 24:14) Sɛ Yehowa hu sɛ obi wɔ koma pa, na ɔpɛ sɛ osua N’Ahenni no ho ade a, ɔboa no ma ɔte nea ɔresua no ase. (Asomafo Nnwuma 16:14) Nanso saa adwuma yi, yɛrenyɛ no afebɔɔ. Da koro da koro ɛbɛba awiei. Esiane sɛ Yehowa wɔ ayamhyehye nti, ɔrentena hɔ nhwɛ mma wiase a ɔhaw ne nnipabɔnefo ahyɛ mu mã yi rentena hɔ saa. Edu baabi na Yehowa hu sɛ ɛnsɛ sɛ ɔda ayamhyehye adi bio a, ɔbɛba abɛsɛe wiase bɔne yi, na ɛno mpo no, ayamhyehye na ɛbɛma no ayɛ saa. Ɔbɛhwɛ ama ne “din kronkron” no ho atew, na wagye n’asomfo a wɔdɔ no no. (Hesekiel 36:20-23) Yehowa beyi nneɛma bɔne nyinaa afi hɔ na ɔde wiase foforo aba. Abɔnefo de, Yehowa aka sɛ: “Merenhu obiara mmɔbɔ na me yam renhyehye me mma wɔn. Mɛma wɔn nneyɛe ho nsunsuanso aba wɔn ti so.”—Hesekiel 9:10.

21 Saa bere no nnya mmae no de, Yehowa wɔ ayamhyehye ma nnipa. Wɔn a wɔn akwan nteɛ a ebetumi ama Yehowa asɛe wɔn no mpo, ɔwɔ ayamhyehye ma wɔn. Ɛwom sɛ bɔne wɔ yɛn ho de, nanso sɛ yenu yɛn ho na yɛsakra a, nneɛma a Yehowa ayamhyehye nti ɔde agu akwan mu no, yebetumi anya baako so mfaso. Ɛne sɛ obetumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn. Yɛhwɛ Bible no mu a, yehu mfatoho ne nsɛm bi a ɛma yehu sɛ, Yehowa de bɔne kyɛ a na ɔde akyɛ. Ti a edi hɔ no mu no, yɛbɛhwɛ saa mfatoho ne nsɛm no bi.

a Nea ɛyɛ nwanwa ne sɛ, sɛ wohwɛ Dwom 103:13 a, saa Hebri adeyɛ asɛm ra·chamʹ no, ɛkyerɛ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye a agya tumi nya ma ne mma.

b Hebri asɛmfua a ɛne “wantumi anhwɛ” amanehunu no bio no, wɔkyerɛ ase tee sɛ, ɛyɛɛ ne kra ahometew anaa n’abotare sae. The New English Bible kenkan sɛ: “Na ontumi nhwɛ Israelfo amanehunu no bio.” Tanakh—A New Translation of the Holy Scriptures kyerɛ ase sɛ: “Ná ontumi nnyina Israelfo awerɛhow no ano bio.”