Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 26

Onyankopɔn a ‘Oyi Ne Yam De Bɔne Kyɛ’

Onyankopɔn a ‘Oyi Ne Yam De Bɔne Kyɛ’

1-3. (a) Adesoa duruduruduru bɛn na na ɛsõ odwontofo Dawid, na dɛn na ɛkyekyee ne werɛ? (b) Sɛ yɛyɛ bɔne a, adesoa bɛn na ɛkɔfa bɛto yɛn so? Awerɛhyem bɛn na Yehowa de ma yɛn?

 ODWONTOFO Dawid kyerɛwee sɛ: “Me mfomso aboro me so, na ɛdɛn me sɛ adesoa duruduru. Madwudwo, na mabubu koraa.” (Dwom 38:4, 8) Ná Dawid nim sɛnea obi yɛ bɔne na n’ahonim haw no a, ɛte. Ɔkaa sɛ, ɛte sɛ nea onii no sõ adesoa duruduruduru bi. Nanso Dawid behuu biribi a ɛkyekyee ne werɛ paa. Ohui sɛ ɛwom sɛ Yehowa kyi bɔne, nanso onkyi ɔbɔnefo a wanu ne ho ayɛ nsakrae adan afi ne bɔne ho no. Ná Dawid gye di paa sɛ sɛ obi yɛ bɔne na onu ne ho a, Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde bɛkyɛ no. Ɔkaa sɛ: “O Yehowa, . . . wuyi wo yam de bɔne kyɛ.”—Dwom 86:5.

2 Yɛn nso, sɛ yɛyɛ bɔne a, yɛn tiboa tumi bu yɛn fɔ. Ɛma ɛyɛ te sɛ nea yeso adesoa duruduruduru bi. Sɛ yɛyɛ bɔne na yedi ho awerɛhow a, eye. Ɛboa yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi biara na yɛankɔyɛ saa bɔne no bio. Nanso sɛ yɛanhwɛ yiye a bɔne a yɛayɛ no, yebedi ho awerɛhow ama amene yɛn. Yɛn koma betumi abu yɛn fɔ ama yɛate nka sɛ, sɛ yenu yɛn ho sɛ dɛn mpo a, Yehowa remfa nkyɛ yɛn da. Sɛ yɛma bɔne a yɛayɛ no ho awerɛhow bebrebe hyɛ yɛn so a, Satan betumi afa so ama yɛn abam abu. Obetumi ama yɛate nka sɛ yɛnsɛ hwee wɔ Yehowa ani so, na yɛmfata sɛ yɛsom no.—2 Korintofo 2:5-11.

3 Nanso yemmisa sɛ, Yehowa hu yɛn sɛ mfaso biara nni yɛn so anaa? Daabida! Nneɛma a Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ paa no, emu baako ne sɛ ɔde bɔne kyɛ. Ɔma yɛn awerɛhyem wɔ n’Asɛm mu sɛ, sɛ yɛyɛ bɔne na yefi yɛn komam nu yɛn ho a, ɔno nso ayɛ krado sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. (Mmebusɛm 28:13) Nea ɛbɛma yɛagye adi paa sɛ Yehowa de bɔne kyɛ no, momma yɛnhwɛ nea enti a ɔde bɔne kyɛ ne sɛnea ɔyɛ no.

Nea Enti a Yehowa ‘Yi Ne Yam De Bɔne Kyɛ’

4. Dɛn na Yehowa nim fa yɛn ho, na nea onim fa yɛn ho nti, sɛn na ɔne yɛn di nsɛm?

4 Yehowa nim yɛn sintɔ ne nneɛma a yɛmmɔ mu mmɔden nyinaa. Dwom 103:14 ka sɛ: “Onim sɛnea ɔbɔɔ yɛn; ɔkae sɛ yɛyɛ dɔte.” Onim paa sɛ yɛyɛ dɔte, na esiane sɛ bɔne wɔ yɛn ho nti, ɛreyɛ ara ni na yɛredi mfomso. Asɛm a ɛne onim “sɛnea ɔbɔɔ yɛn” no ma yɛkae biribi. Ɛma yɛkae sɛnea Bible no de Yehowa toto ɔnwemfo ho, na ɔde yɛn toto kuku a ɔde dɔte nwene ho no. (Yeremia 18:2-6) Yehowa a ɔyɛ Ɔnwemfo Kɛse no nim sɛ bɔne a ɛwɔ yɛn ho nti, yɛyɛ mmerɛw. Afei nso, ebi de n’akwankyerɛ yɛ adwuma, ebi mfa nyɛ adwuma. Enti sɛ ɔne yɛn redi nsɛm a, ɔhwɛ sɛnea yɛn mu biara te, na wahu kwampa a ɔbɛfa so ayɛ saa.

5. Romafo nhoma no ma yehu sɛ bɔne wɔ tumi paa, ɛkaa no sɛn?

5 Yehowa nim sɛ bɔne wɔ hɔ yi, ɛwɔ tumi paa. N’Asɛm Bible no kyerɛ mu sɛ bɔne wɔ tumi a ɛkyerɛ nnipa nea wɔnyɛ, na egyigye nnipa kɔ owu mu. Ɛnde, yemmisa sɛ, tumi a bɔne wɔ no, sɛn na ɛte? Sɛ wohwɛ Romafo nhoma no mu a, ɔsomafo Paul kyerɛɛ mu sɛ: Yɛhyɛ “bɔne ase” te sɛ nea asogyafo hyɛ wɔn panyin ase no (Romafo 3:9); bɔne ‘di adasamma so’ sɛ ɔhene (Romafo 5:21); ‘ɛte yɛn mu’ (Romafo 7:17, 20); bɔne “mmara” yɛ adwuma wɔ yɛn mu bere nyinaa, na biribiara mu no, ɛpɛ sɛ ɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. (Romafo 7:23, 25) Wei ma yehu sɛ bɔne wɔ tumi paa wɔ yɛn so!—Romafo 7:21, 24.

6, 7. (a) Wɔn a wɔyɛ bɔne na wonu wɔn ho srɛ bɔnefakyɛ no, Yehowa hu wɔn sɛn? (b) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ bɔne biara a yɛbɛyɛ biara Onyankopɔn de bɛkyɛ yɛn?

6 Yehowa nim sɛ yɛn ani gye ho sɛ yebetie no na yɛayɛ n’apɛde. Nanso ɔsan nim sɛ, sɛ yɛtwe yɛn mu tann a, yɛrentumi nyɛ yɛn ade pɛpɛɛpɛ. Esiane sɛ ɔdɔ yɛn nti wama yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yɛyɛ bɔne na yɛsrɛ bɔnefakyɛ a, ɔno nso de bɛkyɛ yɛn. Dwom 51:17 ka sɛ: “Afɔre a ɛsɔ Onyankopɔn ani ne honhom a abubu; O Onyankopɔn, worempo koma a abubu na apɛtɛw.” Sɛ bɔne a yɛayɛ nti yɛn koma “abubu anaa apɛtɛw” a, ɛnyɛ ade a Yehowa bɛpo yɛn anaa obeyi n’ani ama yɛn da.

7 Yemmisa sɛ esiane sɛ Yehowa de bɔne kyɛ nti, ɛsɛ sɛ yɛgyaagyaa yɛn ho yɛ bɔne na yɛka sɛ, yɛn de, bɔne ne sintɔ wɔ yɛn ho nti yɛyɛ bɔne koraa a Yehowa de bɛkyɛ yɛn? Daabi, ɛnsɛ sɛ yenya saa adwene no. Yehowa nyɛ obi a ɔsosɔ bɔne so. Ne mmɔborɔhunu no, ɛwɔ baabi a ekodu. Wɔn a wɔhyɛ da yi wɔn ani yɛ bɔne a wɔnnu wɔn ho no, ɔremfa nkyɛ wɔn da. (Hebrifo 10:26) Nanso, sɛ ohu sɛ obi ayɛ bɔne na wanu ne ho asesa afi ne bɔne ho a, ɛno de, wayɛ krado sɛ ɔde bɛkyɛ no. Sɛ yɛhwɛ Bible mu a, yehu mfatoho ne nsɛm bi a ɛka koma a ɛma yehu sɛ Yehowa de bɔne kyɛ. Momma yensusuw ebi ho, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛ ampa Yehowa de bɔne kyɛ, na ɔwɔ ɔdɔ.

Yehowa De Bɔne Kyɛ a Na Ɔde Akyɛ

8. Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, dɛn na ɔyɛ, na wei ma yɛte nka sɛn?

8 Bere a Dawid yɛɛ bɔne a onuu ne ho no, ɔkaa sɛ: “Mekaa me bɔne kyerɛɛ wo; mankata me mfomso so. . . . Na wo nso wode me bɔne ne me mfomso kyɛɛ me.” (Dwom 32:5) Hebri asɛmfua a yɛakyerɛ ase wɔ Twi mu sɛ ‘ɔde kyɛɛ’ me no, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ “wubepagyaw biribi” anaa “wobɛma biribi so.” Sɛnea wɔde adi dwuma wɔ Dwom 32:5 no kyerɛ sɛ, woreyi bɔne a obi ayɛ anaa sɛnea n’ahonim bu no fɔ no afi ne so. Enti Dawid tee nka sɛ bɔne a na wayɛ a ayɛ sɛ adesoa wɔ ne so no, Yehowa pagyawee anaa oyi fii ne so. Wei maa Dawid kɔn mu dwoo no, kyerɛ sɛ bɔne a na wayɛ ho adwinnwen a na ayɛ sɛ adesoa a ɛso no no, ɛso tewee. (Dwom 32:3) Yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ sɛ yenya Yesu afɔre no mu gyidi na yɛsrɛ bɔnefakyɛ a, Onyankopɔn beyi yɛn bɔne no afi yɛn so.—Mateo 20:28.

9. Sɛ yenu yɛn ho na Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɔkwan a ɔma ɛbɛda yɛne yɛn bɔne ntam no, ne tenten yɛ ahe?

9 Sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ no, Dawid de mfatoho kamakama bi kyerɛkyerɛɛ mu ma emu daa hɔ yiye. Ɔkaa sɛ: “Sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no, saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no.” (Dwom 103:12) Owia yi ne ti wɔ apuei, na ɛkɔtɔ wɔ atɔe. Yemmisa sɛ, sɛ wufi apuei rekɔ atɔe a, ne tenten yɛ sɛn? Nea ɛwom ne sɛ, ɔkwan a ɛda apuei ne atɔe ntam no, yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu. Ɛware paa, nea ɛwom mpo ne sɛ, ebiara nam ne kwan na ɛnyɛ ade a ebehyia da. Ɔbenfo bi kaa sɛ, “yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu ɔkwan a ɛda apuei ne atɔe ntam no.” Nsɛm a Yehowa de ne honhom kaa Dawid ma ɔkyerɛwee no ma yehu sɛ, sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, oyi fi yɛn ho kɔ akyirikyiri; yɛrentumi koraa mfa yɛn adwene mmu ɔkwan no tenten.

‘Mo bɔne bɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma’

10. Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛnsɛ sɛ yɛte nka da sɛ bɔne no bɛtena yɛn so yɛn nkwa nna a aka nyinaa. Adɛn nti na yɛreka saa?

10 Ade aka w’ataade fitaa mu da? Ebia woyɛɛ nea wubetumi biara sɛ wubesi ama afi mu, nanso ɛnyɛ ne nyinaa na ɛkɔe. Yehowa kaa biribi a ɛma yehu sɛ ɔde bɔne kyɛ a na ɔde akyɛ. Ɔkaa sɛ: “Ɛwom, mo bɔne te sɛ koogyan, nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; ɛwom, ayɛ kɔɔ te sɛ kɔben, nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ oguan nwi.” (Yesaia 1:18) Kɔben ne “koogyan” yɛ ntoma kɔkɔɔ bi. a (Nahum 2:3) Sɛ yɛyɛ bɔne a, ɛte sɛ nea efĩ aka yɛn ataade mu. Sɛ yɛtwe yɛn mu tann sɛ dɛn mpo a, yɛn ankasa rentumi nyi nkekae no mfi hɔ. Nanso Yehowa de, sɛ yɛn bɔne a yɛayɛ no ayɛ kɔɔ te sɛ koogyan anaa kɔben mpo a, obetumi ama ayɛ fitaa sɛ sukyerɛmma anaa oguan nwi. Sɛ yɛyɛ bɔne na Yehowa de kyɛ yɛn a, ɛnsɛ sɛ yenya adwene da sɛ bɔne no da so ara tetare yɛn ho anaa ɛbɛtena yɛn so yɛn nkwa nna nyinaa. Wayi afi hɔ koraa.

11. Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɔtow gu n’akyi. Saa asɛm no kyerɛ sɛn?

11 Bere bi owuyare bi bɔɔ Hesekia, na Yehowa gyee no fii mu. Bere a ɔtoo nnwom de daa Onyankopɔn ase no, ɔkaa sɛ: “Woatow me bɔne nyinaa agu w’akyi.” (Yesaia 38:17) Wɔ ha no, nea na Hesekia repɛ akyerɛ ne sɛ sɛ obi yɛ bɔne na onu ne ho a, ɛte sɛ nea Yehowa atow onii no bɔne no agu n’akyi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhu anaa ɔrenkae bio. Nhoma bi a ɛkyerɛ Bible mu nsɛm ase kaa sɛ: “Yebetumi akyerɛ saa asɛm yi ase wɔ ɔkwan foforo so sɛ: Woama no ayɛ te sɛ nea menyɛɛ [bɔne] biara, te sɛ nea hwee nsii.” Saa asɛm yi ka koma paa, wunhu saa?

12. Odiyifo Mika ma yehu sɛ, sɛ Yehowa de bɔne kyɛ a, oyi fi hɔ korakora. Ɔkaa no sɛn?

12 Yehowa faa odiyifo Mika so hyɛɛ nkɔm sɛ ne nkurɔfo bɛsan aba wɔn asaase so. Mika kaa biribi a ɛkyerɛ sɛ ogye di paa sɛ, sɛ nkurɔfo no nu wɔn ho a, Yehowa de wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn. Ɔkaa sɛ: “Hena na ɔyɛ Onyankopɔn te sɛ wo, . . . na oyi n’ani fi n’agyapade a aka no mmarato so? . . . Wobɛtow wɔn bɔne nyinaa agu ɛpo ase tɔnn.” (Mika 7:18, 19) Saa nsɛm yi, wɔn a na wɔwɔ hɔ wɔ Mika bere so no, na ɛbɛka wɔn koma paa. Sɛ obi tow ade ma ne kɔtɔ “ɛpo ase tɔnn” a, na ɛbɛyɛ den paa sɛ ne nsa bɛka bio. Nsɛm a Mika kae yi ma yehu sɛ, sɛ Yehowa de bɔne kyɛ a, oyi fi hɔ korakora.

13. Yesu nsɛm a ɛne sɛ “fa yɛn aka kyɛ yɛn” no, ɛkyerɛ sɛn?

13 Bere a Yesu reka sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ no, ɔde obi a ɔde ka na ɛyɛɛ ntotoho. Yesu kaa sɛ, ɛyɛ a yɛmmɔ mpae sɛ: “Fa yɛn aka kyɛ yɛn.” (Mateo 6:12) Yesu de bɔne totoo ɛka ho. (Luka 11:4) Sɛ yɛyɛ bɔne a, ɛte sɛ nea yɛde Yehowa ‘ka.’ Greek adeyɛ asɛm a wɔakyerɛ ase ‘fa kyɛ’ no, nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ nea ɛkyerɛ ne sɛ: “Wubegyae ɛka bi mu ama no aka a worenni akyi bio.” Enti ɔkwan bi so no, sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛte sɛ nea watwa ɛka biara a yɛde mu no. Sɛ obi yɛ bɔne na onu ne ho a, saa asɛm yi betumi akyekye ne werɛ. Ɛka a Yehowa atwam no, ɔrenka sɛ yɛntua bio da!—Dwom 32:1, 2.

14. Asɛm a ɛne momma “wɔmpopa mo bɔne” no, ɔkwan bɛn so na ɛma yɛte Yehowa bɔnefakyɛ ase yiye?

14 Asomafo Nnwuma 3:19 san kaa biribi foforo a ɛma yehu sɛ Yehowa de bɔne kyɛ a na ɔde akyɛ. Ɛhɔ ka sɛ: “Enti monsakra mo adwene, na monnan mo ho, mma wɔmpopa mo bɔne.” Greek adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase “popa” no, ebetumi akyerɛ sɛ “woretwa biribi mu anaa woresɛe biribi.” Abenfo bi koraa de, wɔkyerɛ sɛ ɛte sɛ nea obi akyerɛw biribi na worepopa. Ebia obi bebisa sɛ, ɛbɛyɛ dɛn na wei ayɛ yiye? Efisɛ tete no, adubiri a na wɔde kyerɛw ade no, na wɔde bidie, aneneduru ne nsu na ɛyɛ. Sɛ obi de saa adubiri no kyerɛw ade na sɛ ɔpɛ sɛ ɔpopa no amonom hɔ ara a, nea na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne sɛ, ɔde sapɔw bɛbɔ nsu mu na ɔde atwitwiw so na apopa. Saa mfatoho kamakama yi ma yehu sɛnea Yehowa mmɔborɔhunu te. Sɛ ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛte sɛ nea ɔde sapɔw abɔ nsu mu na wapopa yɛn bɔne no nyinaa afi hɔ.

15. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ yehu fa ne ho?

15 Saa mfatoho ahorow a yɛasusuw ho yi, sɛ yedwinnwen ho yiye paa a, ɛma yehu sɛ sɛ yɛyɛ bɔne na sɛ yefi yɛn koma mu nu yɛn ho a, Yehowa nso beyi ne yam de yɛn bɔne akyɛ yɛn. Ɔpɛ sɛ da biara yɛkae saa asɛm no. Ɛnsɛ sɛ yesuro da sɛ bɔne a ɔde akyɛ yɛn no, daakye ɔbɛsan atwe yɛn aso wɔ ho. Biribi foforo wɔ hɔ a Bible no aka a ɛma yehu sɛ, ampa Yehowa mmɔborɔhunu so. Ɛne sɛ, sɛ ɔde bɔne kyɛ a, ɔnkae bio.

Yehowa pɛ sɛ yehu sɛ ‘oyi ne yam de bɔne kyɛ’

“Wɔn Bɔne Nso, Merenkae Bio”

16, 17. Sɛ Bible ka sɛ Yehowa renkae yɛn bɔne bio a, dɛn na ɛkyerɛ, adɛn nti na woreka saa?

16 Wɔn a Yehowa ne wɔn yɛɛ apam foforo no, ɔhyɛɛ wɔn bɔ bi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mede wɔn mfomso bɛkyɛ wɔn, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.” (Yeremia 31:34) Wei kyerɛ sɛ, sɛ Yehowa de bɔne kyɛ a, ɔrentumi nkae saa bɔne no bio anaa? Daabi, ɛnkyerɛ saa. Nnipa bebree a wɔyɛɛ bɔne a ɔde kyɛɛ wɔn no, Bible no ka wɔn bɔne no ho asɛm. Wɔn mu baako ne Dawid. (2 Samuel 11:1-17; 12:13) Wei kyerɛ sɛ Yehowa nim bɔne a wɔyɛe no. Enti sɛ yɛkenkan Bible a, yebehu bɔne a wɔyɛe, sɛnea wɔnuu wɔn ho, ne sɛnea Onyankopɔn de wɔn bɔne kyɛɛ wɔn. Yehowa maa wɔkyerɛw saa nneɛma yi nyinaa guu hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya so mfaso. (Romafo 15:4) Ɛnde yemmisa sɛ, sɛ Bible ka sɛ wɔn a Yehowa de wɔn bɔne akyɛ wɔn no, ɔnkae wɔn bɔne no bio a, ɛkyerɛ sɛn?

17 Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm ase ka sɛ, Hebri kasa mu no, sɛ wɔka sɛ obi nkae biribi bio a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ ne werɛ afi bibiri a asi atwam. Mmom nea ɛka ho bio ne sɛ, ɔsan yɛ biribi wɔ nea asi no ho. Enti ɛha no, sɛ obi kae bɔne a obi ayɛ a, nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔbɛyɛ biribi de atwe onii no aso. (Hosea 9:9) Nanso sɛ Onyankopɔn ka sɛ ‘ɔrenkae yɛn bɔne bio’ a, na ɔrema yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yɛyɛ bɔne na yenu yɛn ho na ɔde kyɛ yɛn a, daakye ɔrenkɔfa saa bɔne no ho asɛm mma mmɛtwe yɛn aso wɔ ho bio. (Hesekiel 18:21, 22) Enti sɛ Yehowa nkae yɛn bɔne bio a, nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔrennwinnwen ho bio. Saa asɛm yi kyekye yɛn werɛ paa. Onyankopɔn de bɔne kyɛ, na sɛ ɔde kyɛ nso a, ɔrenkae bio.

Ɔhaw a Bɔne a Yɛyɛ De Ba Yɛn So No, Onyankopɔn Bɔ Yɛn Ho Ban Fi Ho Anaa?

18. Sɛ obi yɛ bɔne na onu ne ho na Onyankopɔn de kyɛ no a, ɛnkyerɛ sɛ ɔhaw a ebefi ne bɔne no mu aba no, wade ne ho afi ho. Adɛn ntia?

18 Ɛwom sɛ obi yɛ bɔne na onu ne ho a, Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde bɛkyɛ no. Nanso wei kyerɛ sɛ bɔne a onipa no yɛe ho nsunsuanso nso, wade ne ho afi ho anaa? Ɛnte saa koraa. Yɛrentumi nyɛ bɔne mfa yɛn ho nni saa. Paul kaa sɛ: “Nea onipa dua no, ɛno ara na otwa.” (Galatifo 6:7) Ebia bɔne a yɛyɛe no nti, yebehyia ɔhaw ahorow bi. Nanso sɛ ɛba saa a, ɛnkyerɛ sɛ Yehowa de yɛn bɔne akyɛ yɛn nso ɔpɛ sɛ ebi kɔ yɛn ani de kyerɛ yɛn nyansa. Enti sɛ Kristoni bi hyia ɔhaw wɔ n’abrabɔ mu a, ɛnsɛ sɛ onya adwene sɛ, gyama bɔne bi a wayɛ atwam no, ɛno na Yehowa retwe n’aso wɔ ho. (Yakobo 1:13) Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, sɛ yɛyɛ bɔne a, ɛho nsunsuanso no, ɛnyɛ ne nyinaa na Yehowa bɔ yɛn ho ban fi ho. Bɔne ahorow no bi wɔ hɔ a sɛ obi yɛ a, ɛho nsunsuanso no bi ne sɛ, n’aware begu, nyinsɛn a ɔnhwɛ kwan bepue mu, obetumi anya nna mu yare, nkurɔfo nnye no nni anaa wɔremmu no bio. Saa nsunsuanso bɔne yi, ɛyɛ yaw de, nanso woyɛ ho hwee a ɛrenyɛ yiye. Sɛ wobɛkae a, bere a Dawid ne Bat-Seba sɛe aware na okum Uria no, Yehowa de Dawid bɔne kyɛɛ no. Nanso bɔne a Dawid yɛe no ho nsunsuanso ne ɛho haw no de, Yehowa ammɔ ne ho ban amfi ho.—2 Samuel 12:9-12.

19-21. (a) Sɛn na mmara a na ɛwɔ Leviticus 6:1-7 no boaa nea wɔafom no ne ɔbɔnefo no nyinaa? (b) Sɛ bɔne a yɛayɛ no ahaw afoforo a, dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma Yehowa ani agye?

19 Bɔne no bi wɔ hɔ a, ɛho nsunsuanso no tumi yɛ kɛse paa, titiriw bere a nea yɛyɛe no ahaw afoforo. Wo de, ma yɛmfa asɛm a ɛwɔ Leviticus ti 6 no nyɛ nhwɛso. Mose Mmara no kaa sɛ, sɛ ɛkɔba sɛ Israelni bi bɔ ne yɔnko Israelni bi korɔno, osisi no, anaa obu no fa so gye ne ho biribi a, wayɛ bɔne kɛse. Ebetumi aba sɛ ɔbɔnefo no annye ne mfomso antom, na mpo ɔkaa atoro ntam sɛ ɔnyɛɛ hwee. Ɛba saa a, ebia esiane sɛ obiara anhu anaa adanse biara nni hɔ nti, ɔbɛfa ne ho adi; wɔrentwe n’aso. Nanso yɛmfa no sɛ akyiri yi, ne tiboa buu no fɔ, ɛnna ɔbɛkaa ne bɔne. Sɛ Onyankopɔn betumi de ne bɔne akyɛ no a, nneɛma mmiɛnsa bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Baako, nea abedi ne hɔ no, ɛsɛ sɛ ɔde kɔ. Mmienu, nea ɔfae no, wɔbebu ho ka na wɔakyɛ mu nnum, na wafa nnum no mu baako de aka nea ɔfae no ho akɔma ne wura. Enti yɛmfa no sɛ, sɛ ɔfaa 100 a, ɔde 20 bɛka ho ama ayɛ 120 na ɔde akɔ. Afei ɔde odwennini bɛkɔ akɔbɔ afɔdi afɔre. Ɔyɛ wei nyinaa wie a, mmara no ka sɛ: “Ɔsɔfo no mpata mma no wɔ Yehowa anim, na bɔne biara a wayɛ a ama wadi fɔ no, wɔde bɛkyɛ no.”—Leviticus 6:1-7.

20 Saa mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no ma yehu sɛ ɔwɔ mmɔborɔhunu paa. Nea yɛasisi no anaa yɛafa n’ade no nyaa so mfaso efisɛ ne nsa bɛsan aka ne nneɛma. Ɛno da nkyɛn a, nea ɔyɛɛ bɔne no gye ne mfomso tom a, ɛma nea yɛfaa n’ade no koma tɔ ne yam. Afei nso, nea ɔyɛɛ bɔne a onuu ne ho no, ɔno nso nya so mfaso. Ɛboa no ma otumi toto nneɛma yiye, na ɔsesa fi bɔne a ɔyɛe no ho. Efisɛ sɛ wanyɛ saa a, ɔrennya bɔnefakyɛ biara mfi Onyankopɔn hɔ.

21 Ɛwom ɛnyɛ Mose Mmara no na yɛde yɛ adwuma, nanso Mmara no ma yehu sɛnea Yehowa dwen. Na ɛma yɛte sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ no ase yiye. (Kolosefo 2:13, 14) Sɛ yɛyɛ bɔne ma no haw afoforo, na yɛyere yɛn ho siesie ɔhaw a akɔfa aba no a, ɛma Onyankopɔn ani gye. (Mateo 5:23, 24) Ebia ebehia sɛ yegye tom sɛ yɛayɛ bɔne, yedi fɔ, na yɛpa onii a yɛafom no no kyɛw. Sɛ yɛyɛ weinom nyinaa wie a, ɛno akyi ansa na yɛasrɛ Yehowa sɛ onnyina Yesu afɔre no so mfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn.—Hebrifo 10:21, 22.

22. Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛtɔ da a, dɛn na ɔsan yɛ?

22 Sɛnea agya biara a ɔdɔ ne ba yɛ no, sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛtɔ da a ɛyɛ a ɔteɛ yɛn so. (Mmebusɛm 3:11, 12) Sɛ Kristoni bi yɛ bɔne na onu ne ho, na sɛ ɔyɛ asafo mu panyin, asafo mu somfo, anaa ɔkwampaefo a, ebia ɛho behia sɛ wɔgye ne hokwan fi ne nsam. Hokwan a ɛda ne koma so no fi ne nsa a, ebia ɛbɛyɛ no yaw paa. Nanso saa nteɛso no nkyerɛ sɛ Yehowa mfaa ne bɔne nkyɛɛ no. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, Yehowa dɔ yɛn nti na ɔteɛ yɛn so. Enti sɛ yegye ne nteɛso no tom na yɛde yɛ adwuma a, yɛn ara na yenya so mfaso.—Hebrifo 12:5-11.

23. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yenya adwene da sɛ Yehowa rentumi mfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesuasua no na yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn?

23 Yɛabehu sɛ yɛn Nyankopɔn no yi ne ‘yam de yɛn bɔne kyɛ yɛn’! Saa asɛm yi kyekye yɛn werɛ paa. Sɛ yɛn bɔne te sɛn oo, ɛte sɛn oo, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ Yehowa rentumi mfa nkyɛ yɛn da. Sɛ yefi yɛn koma mu nu yɛn ho, yɛyɛ nneɛma bi de siesie ɔhaw a bɔne no akɔfa aba, na yefi yɛn koma nyinaa mu bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ onnyina Yesu afɔre no so mfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn a, yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ Yehowa de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. (1 Yohane 1:9) Momma yensuasua Yehowa na yɛmfa afoforo bɔne nkyɛ wɔn. Wo de dwen ho hwɛ, Yehowa nyɛ bɔne, nanso oyi ne yam de bɔne kyɛ. Ɛnde yɛn a bɔne adonnɔn yɛn no, wunnye nni sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de afoforo bɔne kyɛ wɔn anaa?

a Ɔbenfo bi kaa sɛ, “koogyan kɔla yɛ kɔɔ anaa gɔnn. Wusi no sɛn, anaa nsu bo no sɛ dɛn, kɔla no rensesa; ɛbɛkɔ so ayɛ gɔnn.”