Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 27

“Hwɛ Sɛnea Ne Papayɛ Dɔɔso Fa!”

“Hwɛ Sɛnea Ne Papayɛ Dɔɔso Fa!”

1, 2. Henanom na wɔnya Yehowa papayɛ so mfaso, na dɛn na Bible no ka fa Yehowa papayɛ ho?

 WO DE twa nea edidi so yi ho mfoni hwɛ: Awia no rekɔtɔ. Nnamfo bi te abɔnten regye wɔn ani, wɔredidi rebɔ nkɔmmɔ serew. Baabi foforo nso, okuani bi ato n’ani rehwɛ n’afuw na n’ani agye, efisɛ wahu sɛ nsu amuna; afi ase repete gu ne nnɔbae no so, efisɛ na ne nnɔbae no hia nsu paa. Baabi foforo nso, awarefo bi ani agye paa, efisɛ wɔn ba ketewa afi ase renantew; saa da no ne da a edi kan a wɔn ba no retutu.

2 Yehowa Nyankopɔn papayɛ nti na ama saa nkurɔfo yi nyinaa ani agye. Wɔn a wɔkɔ asɔre no wɔ asɛm bi ɛda wɔn ano, ɛne sɛ: “Onyankopɔn ye.” Nanso sɛnea Bible no ka Yehowa papayɛ ho asɛm no, ɛkyɛn nea wɔka no. Ɛka sɛ: “Hwɛ sɛnea ne papayɛ dɔɔso fa!” (Sakaria 9:17) Nanso yɛreka yi, nkurɔfo kakraa bi na ɛte saa nsɛm no ase yiye. Enti yemmisa sɛ, sɛ yɛka sɛ Yehowa Nyankopɔn ye a, ɛkyerɛ sɛn, na sɛn na yɛn mu biara nya Yehowa papayɛ no so mfaso?

Ɔkwan a Ɛkyɛn So a Yehowa Fa So Yi Ne Dɔ Adi

3, 4. Ɛdɛn ne papayɛ, na dɛn nti na yebetumi aka sɛ akwan a Yehowa fa so kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn no, baako ne papayɛ?

3 Ɛnnɛ, nkurɔfo de asɛmfua “papa” di dwuma sɛnea wɔpɛ biara. Nanso Bible mu de, saa asɛmfua no kyerɛ obi a efĩ ne nkekae biara nni ne ho. Enti sɛ yɛreka obi a ne papayɛ kyɛn so a, ɛyɛ Yehowa. Nea ɔyɛ nyinaa kyerɛ. Ne suban ahorow te sɛ ne tumi, n’atɛntrenee ne ne nyansa nyinaa di mũ na ɛyɛ papa. Nanso nea ɛwom paa ne sɛ, ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn no na epia no ma ɔyɛ yɛn papa. Adɛn nti na yɛreka saa?

4 Sɛ obi ye a, ɛno na epusuw no ma ɔyɛ nneɛma pa de boa afoforo. Ɔsomafo Paul kaa sɛ, yɛn nnipa mpo, sɛ obi yɛ nipa pa a, yɛpɛ n’asɛm sen obi a ɔteɛ. (Romafo 5:7) Obi a ɔteɛ di Onyankopɔn mmara so pɛpɛɛpɛ. Nanso nipa pa de, ɔyɛ nea ɛsen saa; bere nyinaa ɔhwehwɛ akwan a ɔbɛfa so aboa nkurɔfo. Saa ti yi bɛma yɛahu sɛ saa pɛpɛɛpɛ na Yehowa te. Biribiara da adi sɛ ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn no na ɛma ɔyɛ yɛn papa.

5-7. Bere bi, obi frɛɛ Yesu “Ɔkyerɛkyerɛfo Pa,” nanso wampene. Adɛn ntia? Yesu de nea ɔyɛe no kyerɛɛ yɛn ade titiriw bi. Ɛyɛ dɛn?

5 Sɛnea Yehowa da papayɛ adi no, obiara nni hɔ a ɔbɛto no. Aka kakra ma wɔakum Yesu no, ɔbarima bi baa ne nkyɛn bebisaa no asɛm bi. Ɔbarima no frɛɛ Yesu sɛ “Ɔkyerɛkyerɛfo Pa.” Nanso Yesu kaa sɛ: “Adɛn nti na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako pɛ; ɔno ne Onyankopɔn.” (Marko 10:17, 18) Ebia ɛbɛyɛ wo nwanwa sɛ Yesu maa ɔbarima no saa mmuae no. Ná Yesu nim nkyerɛkyerɛ paa, enti adɛn nti na ɔmaa ɔbarima no huu sɛ nea ɔkae no wanka no yiye?

6 Ɛbɛyɛ sɛ bere a ɔbarima no frɛɛ Yesu “Ɔkyerɛkyerɛfo Pa” no, na ɔde rehoahoa no ama ne tirim ayɛ no dɛ. Ná Yesu brɛ ne ho ase, na na ɔpɛ sɛ obiara hu sɛ n’Agya a ɔwɔ soro no nko ara na ɔyɛ papa, enti ɔno na ɔfata sɛ yɛde anuonyam no ma no. (Mmebusɛm 11:2) Ɛno da nkyɛn a, na Yesu de saa asɛm no rekyerɛkyerɛ nokwasɛm titiriw bi. Ɛne sɛ, Yehowa nko ara na ɔwɔ tumi a obetumi de akyerɛ sɛ biribi yɛ papa anaa ɛnyɛ papa, efisɛ ɔno ne ɔsorosoroni a ɔwɔ tumi sen obiara wɔ amansan yi mu. Bere a Adam ne Hawa yɛɛ asoɔden kodii papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no, na ɛkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn ho nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. Nanso Yesu de wanyɛ saa, mmom ogye toom sɛ ne Papa na ɔfata sɛ ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne.

7 Afei nso na Yesu nim sɛ ade papa biara, Yehowa hɔ na efi. “Akyɛde pa ne akyɛde a edi mu biara” fi ne hɔ. (Yakobo 1:17) Sɛnea Yehowa yi ne yam kyɛ ade no ma yehu sɛ oye. Momma yɛnhwɛ nea enti a yɛreka saa.

Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Yehowa Ye Paa

8. Nneɛma bɛn na Yehowa yɛ ma nnipa a ɛkyerɛ sɛ oye?

8 Obi biara a watena asaase so pɛn anya Yehowa papayɛ so mfaso. Dwom 145:9 ka sɛ: “Yehowa da ne papayɛ adi kyerɛ obiara.” Nneɛma bɛn saa na Yehowa ayɛ de ada ne papayɛ adi akyerɛ obiara? Bible ka sɛ: “Ɔkɔɔ so dii ne ho adanse, efisɛ ɔyɛɛ nneɛma papa. Ɛne sɛ, ɔmaa osu tɔ fii soro maa mo, ɔmaa mo mmere a aduan ba, ɔmaa mo aduan di mee, na ɔde anigye hyɛɛ mo koma ma.” (Asomafo Nnwuma 14:17) Sɛ wunya aduan bi a ɛyɛ dɛ paa na woredi a, ɛyɛ a wote nka sɛn? Sɛnea Yehowa yɛɛ asaase no nti na yenya nnuan pa saa. Wayɛ asaase no wɔ ɔkwan bi so a, nsu di akɔneaba; wei na ɛma nsu tɔ. Afei wahyehyɛ “mmere a aduan ba” wɔ asaase no so. Ɛnyɛ saa nhyehyɛe yi a, anka yɛrennya nnuan a ɛyɛ dɛ saa nni. Wei nyinaa Yehowa papayɛ ntia. Nanso ɛnyɛ wɔn a wɔdɔ Yehowa nko ara na wɔnya ne papayɛ so mfaso; ɛso obiara so. Yesu kaa sɛ: “Ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so, na ɔma osu tɔ gu atreneefo ne abɔnefo so.”—Mateo 5:45.

9. Ɔkwan bɛn so na aduaba a yɛfrɛ no apple anaa aprɛ ma yehu Yehowa papayɛ?

9 Sɛ yɛto yɛn ani hwɛ asaase yi so a, nneɛma bebree atwa yɛn ho ahyia a ɛma yehu Yehowa papayɛ. Ebi ne sɛ, awia bɔ, nsu tɔ, na wudua ade nso a ɛba. Nanso nnipa bebree nkyerɛ ho anisɔ. Wo de, hwɛ aduaba a ɛne apple anaa aprɛ sei. Wokɔ aman pii so a, ɛnyɛ na. Aduaba no yɛ fɛ, ɛyɛ dɛ, nsu wɔ mu, na nnuannuru bebree nso ayɛ mu ma. Wunim sɛ wiase nyinaa, apple ahorow ahorow bɛyɛ 7,500 na ɛwɔ hɔ? Ebi yɛ kɔkɔɔ, ebi yɛ green, na ebi nso yɛ yellow. Ebi soso, ebi susua, na ebi kɛse reyɛ ayɛ te sɛ atoã. Sɛ aprɛ aba da wo nsam a, wuhu no ketekete bi. Nanso sɛ efifi na enyin a, na abɛyɛ dua fɛfɛɛfɛ a ɛsow aba dɛdɛɛdɛ. (Solomon Dwom 2:3) Afe biara, sɛ edu March kosi May bosome no mu a, wubehu sɛ apple dua no agu nhwiren fɛfɛɛfɛ. Afei, September kosi November bosome no mu nso, dua no sow aba. Afe biara, apple dua betumi asow aba a emu duru bɛyɛ sɛ kilogram 400, anaa bɛyɛ sɛ semente nwɔtwe mu duru. Ebetumi asow saa ara mfe 75.

Yehowa ‘ma osu tɔ fi soro ma mo, ɔma mo mmere a aduan ba’

Aba ketewaa yi nyin bɛyɛ dua a etumi ma nnipa aduan mfe pii

10, 11. Sɛnea Onyankopɔn yɛɛ yɛn nipadua no ma yehu sɛ oye. Ɔkwan bɛn so?

10 Esiane sɛ Yehowa ye nti, ɔyɛɛ yɛn nipadua no kwan bi so a ɛyɛ “nwonwa.” Nneɛma a wabɔ no, yetumi sua ho ade pii ma yɛn ani gye. (Dwom 139:14) Nhwɛso ahorow a yɛkaa ho asɛm wɔ ti yi mfiase no, wo de san dwen ho hwɛ. Sɛ anka wugyina hɔ bi na worehwɛ nea ɛrekɔ so no a, anka dɛn na ɛbɛma w’ani agye paa? Ebia akwadaa no a ɔreserew no afono na ɛbɛyɛ wo fɛ, anaa sɛnea nsu no retɔ gu afuw no so na ɛbɛyɛ fɛ. Anaa wo de, ebia bere a owia no rekɔtɔ no, sɛnea eyiyi kɔla ahorow ahorow no na ɛyɛ wo fɛ. Yehowa bɔɔ yɛn ani no wɔ kwan bi so a, ɛma yetumi hu kɔla ahorow ahorow mpempem pii! Afei nso sɛnea ɔbɔɔ yɛn aso no nti, yetumi te nnyigyei ahorow a ɛyɛ dɛ. Sɛ yɛte sɛ yɛn dɔfo bi rekasa a, awɔse tumi gu yɛn. Sɛ mframa rebɔ fa nnua mu a, yetumi te. Bio nso, sɛ yɛte sɛ akwadaa bi ani agye resereserew a, ɛma yɛn nso yɛn ani gye. Adɛn nti na yetumi hu na yɛte saa nneɛma yi nyinaa? Bible ka sɛ: “Aso a ɛte asɛm ne ani a ehu ade; Yehowa na ɔyɛɛ abien no nyinaa.” (Mmebusɛm 20:12) Nanso nipadua akwaa no, emu mmienu pɛ na yɛaka ho asɛm yi.

11 Sɛnea yɛte ade hua no nso yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ye. Ehua ahorow a yɛn hwene tumi te no, ɛyɛ ɔpepem bebree. Ebi ne sɛ, sɛ obi renoa aduan a yɛpɛ paa a, yetumi te ne hua. Yɛte nhwiren hua, yɛnam kwae mu a, nhaban a atetew agu fam no, yɛte ne hua, na yɛreto gya nso a, wusiw a efi mu ba no, yetumi te ne pampan. Ɛno da nkyɛn a, Yehowa bɔɔ yɛn kwan bi so a, sɛ yɛte sɛ mframa bi rebɔ fa yɛn ho, yetumi te sɛ ɛyɛ dɛ. Afei nso, sɛ yɛn dɔfo bi bam yɛn a, yenya atenka bi; ɛma yehu sɛ ɔdɔ yɛn. Ɛnyɛ ɛno nko ara, sɛ wofa aduaba bi to wo nsam a, wutumi hu sɛ ɛho yɛ tromtrom, na sɛ wode wo se si mu a, wutumi te ne dɛ. Sɛ aduaba no mu nsu ka wo tɛkrɛma so a, wutumi te ne hua ne nnuannuru a ɛwom no nyinaa. Wei nyinaa ma yehu sɛ, sɛ Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Wo papayɛ dɔɔso sɛ! Wode asie ama wɔn a wosuro wo no” a, edi ka. (Dwom 31:19) Wɔn a wɔdɔ Yehowa na wɔbɛn no no, ɔwɔ nneɛma pii ma wɔn. Ebi ne dɛn?

Yehowa Ama Yɛn Nneɛma Pa a Yebenya So Mfaso Afebɔɔ

12. Akyɛde bɛn na Yehowa de ama yɛn a ɛsom bo koraa sen aduan? Adɛn ntia?

12 Yesu kaa sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: ‘Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom nso.’” (Mateo 4:4) Yehowa nsɛm a ɛwɔ Bible mu no, ɛso wɔ mfaso koraa sen aduan a yedi. Efisɛ ebetumi ama yɛanya daa nkwa. Ti 8 no mu no, yehui sɛ awiei mmere yi mu no, Yehowa de ne tumi reboa nkurɔfo ama wɔasom no, na wama nokware som so bio. Afei nso, ɔde ne nkurɔfo nyinaa aba honhom fam paradise no mu. Ade titiriw a ɛwɔ honhom fam paradise no mu ne sɛ, Yehowa ama yɛn honhom fam aduan bebree ama no abu yɛn so.

13, 14. (a) Odiyifo Hesekiel nyaa oyikyerɛ bi. Dɛn na ohui, na nea ohui no fa yɛn ho sɛn? (b) Nneɛma bɛn na Yehowa de ama n’asomfo anokwafo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtena ase daa?

13 Odiyifo Hesekiel nyaa yikyerɛ bi. Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa sɛnea Onyankopɔn bɛyɛ nneɛma nyinaa foforo ho no, oyikyerɛ a Hesekiel nyae yi ka ho. Hesekiel huu asɔrefie bi a wɔasiesie ama ayɛ fɛfɛɛfɛ, na anuonyam ahyɛ no ma. Ohui sɛ nsu bi retene fi asɔrefie hɔ; efii ase ketekete, ɛrekɔ nyinaa na ɛretrɛw, na na emu nso redɔ. Eduu baabi no, eyiri bɛyɛɛ asubɔnten kɛse. Baabi a ɛtene fae biara, ɛde nhyira baa hɔ. Afei nso, na nnua sisi asubɔnten no ho. Ná wɔbedi n’aba, na wɔde n’ahaban asa yare. Bere a asubɔnten no kɔbɔɔ Ɛpo a Awu a ɛyɛ nkyenenkyene no mu no, ɛpo no baa nkwa mu bio, na mpataa bebree nso baa mu! (Hesekiel 47:1-12) Yemmisa sɛ, na weinom nyinaa kyerɛ sɛn?

14 Asɔrefie ho anisoadehu a Hesekiel nyae no, na ɛkyerɛ sɛ Yehowa bɛma nokware som so bio, na nkurɔfo bɛsan asom Yehowa sɛnea ɔpɛ. Hesekiel hui sɛ, asubɔnten no retene nyinaa, na emu retrɛw na na emu dɔ ara na ɛredɔ. Saa ara nso na nneɛma a Onyankopɔn de ama ne nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtena ase daa no, ɛbɛdɔɔso ayɛ bebree. Efi bere a Yehowa maa nokware som so bio wɔ afe 1919 mu no, ɔde nneɛma pa bebree ahyira ne nkurɔfo. Ebi ne Bible ahorow, nhoma ahorow a yɛde sua Bible, asafo nhyiam ne ɔmantam nhyiam ahorow. Weinom aboa nnipa ɔpepem pii ama wɔabehu nokware no. Yehowa afa saa nneɛma yi so akyerɛkyerɛ ne nkurɔfo ama wɔahu nneɛma bi a ɔde agu akwan mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbenya nkwa. Nneɛma a wakyerɛkyerɛ yɛn no, nea ɛyɛ titiriw paa ne nea ɛfa Kristo agyede afɔre ho no. Yesu agyede afɔre no nti, obiara a ɔdɔ Onyankopɔn na osuro no no betumi anya ahonim pa ne anidaso sɛ obetumi atena ase daa. a Ɛwom, awiei mmere yi mu no, nkurɔfo bebree ani nnye, efisɛ wɔntie Yehowa asɛm. Nanso Yehowa nkurɔfo de, wɔn ani gye paa, efisɛ biribiara a wɔhia na ama wɔn gyidi ayɛ den na wɔabɛn Yehowa no, Yehowa de ma wɔn.—Yesaia 65:13.

15. Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu no, Yehowa papayɛ bɛtene te sɛ asubɔnten ama nnipa anokwafo. Ɔkwan bɛn so?

15 Asubɔnten a Hesekiel nyaa ho yikyerɛ no, sɛ wiase bɔne ba n’awiei mpo a, ɛbɛkɔ so ara atene. Nea ɛte ne sɛ, Kristo Mfirihyia Apem no mu no, ɛbɛkɔ so atrɛw na emu bɛdɔ mpo asen nnɛ. Sɛ saa bere no du a, mfaso a ɛwɔ Yesu agyede afɔre no so no, Yehowa bɛma yɛn nsa aka ne nyinaa, na nkakrankakra ɔbɛboa nnipa anokwafo ama bɔne afi wɔn ho ama wɔakɔ pɛyɛ mu. Saa bere no, yɛn ani begye ankasa, efisɛ yebehu Yehowa papayɛ, na yebehu sɛ oye!

Suban Ahorow a Yehowa Papayɛ Nti Ɔda No Adi

16. Bible no ma yehu sɛ Yehowa papayɛ nti, oyi suban afoforo bi adi. Ebi ne dɛn?

16 Sɛ yɛka sɛ Yehowa ye, anaa yɛreka ne papayɛ ho asɛm a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ oyi ne yam kyɛ ade kɛkɛ. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Metwam wɔ w’anim, na mɛma woahu me papayɛ nyinaa, na mɛbɔ me din Yehowa no wɔ w’anim.” Akyiri yi, kyerɛwnsɛm no kaa sɛ: “Yehowa betwaam wɔ n’anim kae sɛ: ‘Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye, nea ne bo mfuw ntɛm, nea ne dɔ a enni huammɔ nni ano, na ne nokwaredi dɔɔso.’” (Exodus 33:19; 34:6) Wei ma yehu sɛ suban afoforo a ɛyɛ fɛ wɔ hɔ a Yehowa papayɛ nti, ɛyɛ a oyi no adi. Ma yɛnhwɛ emu mmienu pɛ.

17. Sɛ yɛka sɛ obi yɛ ɔdomfo a, ɛkyerɛ sɛn? Dɛn na Yehowa ayɛ ama nnipa abɔnefo a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔdomfo?

17 “Ɔdomfo.” Asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ɔdomfo no, wɔtumi kyerɛ ase nso sɛ “ayamhyehye.” Saa suban yi ma yehu sɛ, sɛ Yehowa ne afoforo redi nsɛm a, onya wɔn ho abotare, na ɛma wɔtumi bɛn no. Wɔn a wɔwɔ tumi no bi wɔ hɔ a, wɔpoopoo wɔn ani agu afoforo so, wɔyɛ afoforo kai-kai, wɔyɛ katee, na wɔyɛ kankabi. Yehowa wɔ tumi sen obiara, nanso ɔno de ɔnte saa. Mmom ɔyɛ yɛn brɛbrɛ, na ɔyɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ odwen yɛn ho. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Mesrɛ wo, gyina baabi a wowɔ no na ma w’ani so hwɛ atifi ne anaafo, apuei ne atɔe.” (Genesis 13:14) Bible nkyerɛase bebree wɔ hɔ a, wɔayi asɛm “mesrɛ wo” no afi kyerɛwsɛm yi mu. Nanso Bible abenfo bi ka sɛ, sɛ wohwɛ tete Hebri nsaano nkyerɛwee a wɔhwɛɛ so kyerɛɛ Bible no ase no mu a, ɛda adi sɛ nsɛm a Onyankopɔn kae no, na ɛnyɛ nhyɛ. Mmom na ɔredi Abraham ni, na na ɔresrɛ no sɛ ɔnyɛ biribi. Ɛnyɛ saa kyerɛwsɛm yi nko ara; wohwɛ Bible no mu a, wubehu nhwɛso afoforo a Yehowa de asɛm “mesrɛ wo” dii dwuma. (Genesis 31:12; Hesekiel 8:5) Wo de, dwen ho hwɛ sɛ amansan Hene no ne nnipa a wɔnsɛ hwee rekasa, na ɔreka sɛ “mesrɛ wo.” Wiase a yɛte mu yi, nnipa bebree mmu ade, wɔn tirim yɛ den, na wɔyɛ aniammɔnho, nanso sɛ yedwinnwen sɛnea yɛn Nyankopɔn Yehowa dwen yɛn ho na ɔbrɛ ne ho ase no a, ɛka yɛn koma paa.

18. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa “nokware dɔɔso,” na awerɛhyem bɛn na saa asɛm no ma yenya?

18 “Ne nokwaredi dɔɔso.” Wiase a yɛte mu nnɛ yi, nnipa pii nka nokware; wɔafura atoro sɛ ntama. Nanso, Bible no kae yɛn sɛ: “Onyankopɔn nyɛ onipa dasani na wadi atoro.” (Numeri 23:19) Sɛ wohwɛ Tito 1:2 mpo a, ɛka sɛ ‘Onyankopɔn ntumi nni atoro.’ Onyankopɔn de, ne papayɛ nti, ontumi nni atoro. Wei nti, yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ ɛbɔ biara a Yehowa ahyɛ no, obedi so. Afei nso, sɛ ɔka sɛ ɔbɛyɛ biribi a, sɛnea ɛte biara ɔbɛyɛ. Bible no mpo frɛ Yehowa “nokware Nyankopɔn.” (Dwom 31:5) Ɛnyɛ sɛ onni atoro kɛkɛ, na mmom ɔyɛ ɔnokwafo ankasa. Ɔnyɛ katasomuamuaso, ɔmfa nsɛm nsie, na sɛ nokware bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔka a, ɔka. Ɛno da nkyɛn a, nyansa bebrebe a ɔwɔ no, oyi ne yam yi no adi kyerɛ n’asomfo anokwafo. b Ɔmfa nso hɔ ara; ɔma n’asomfo hu nokware no, na ɔsan kyerɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔde nokware no bɛbɔ wɔn bra, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi ‘akɔ so anantew nokware no mu.’ (3 Yohane 3) Enti yemmisa sɛ, sɛ yɛhwɛ Yehowa papayɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn mu biara ma yɛyɛ?

‘Di Yehowa Papayɛ Ho Ahurusi’

19, 20. (a) Ɛdɛn na Satan yɛe a ɛmaa Hawa nyaa adwene sɛ Yehowa nyɛ papa na ne tirim yɛ den, na dɛn na akɔfa aba? (b) Sɛ yedwinnwen Yehowa papayɛ ho a, ɛma yɛte nka sɛn, na adɛn ntia?

19 Bere a Satan sɔɔ Hawa hwɛe wɔ Eden turo no mu no, ɔkekaa nsɛm bi a ɛbɛma Hawa anya adwene sɛ Yehowa nyɛ papa na ne tirim yɛ den. Ná Yehowa aka akyerɛ Adam sɛ: “Turom ha nnua nyinaa wutumi di nea wopɛ biara.” Yehowa maa wɔn nnua mpempem pii a wɔbetumi adi so aba; dua baako bi pɛ na ɔhyɛɛ da ka kyerɛɛ wɔn sɛ, mma wɔnnni. Nanso, hwɛ asɛm a Satan bisaa Hawa. Obisaa no sɛ: “Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn aka sɛ munnni turo yi mu dua biara so aba?” (Genesis 2:9, 16; 3:1) Enti nsɛm a Yehowa kae no, Satan kyinkyim no sɛnea ɛbɛyɛ a Hawa benya adwene sɛ Yehowa de biribi papa bi resie wɔn. Awerɛhosɛm ne sɛ, Hawa gyee Satan dii. Enti ɛmfa ho sɛ na Onyankopɔn ama wɔn nneɛma papa bebree no, Hawa fii ase nyaa adwene sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den. Efi saa bere no reba no, mmarima ne mmea bebree anya saa adwene no bi; wɔn adwene ne sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den.

20 Yehowa ho adwene a ɛmfata a Hawa nyae a nnipa bebree nso abenya no, yɛahu ɛyaw ne amanehunu bebree a akɔfa aba. Enti mommma yɛn werɛ mmfi asɛm a ɛwɔ Yeremia 31:12 no. Ɛhɔ ka sɛ: ‘Wɔbedi Yehowa papayɛ ho ahurusi.’ Ampa, ɛsɛ sɛ Yehowa papayɛ ma yedi ahurusi anaa ɛma yɛn ani gye ankasa. Ɛnsɛ sɛ yedwen adwemmɔne ma Onyankopɔn da, efisɛ ne papayɛ nni ano. Yebetumi de yɛn ho ato ne so koraa, efisɛ wɔn a wɔdɔ no no, ɔpɛ sɛ esi wɔn yiye.

21, 22. (a) Nneɛma bɛn na wopɛ sɛ woyɛ de kyerɛ sɛ w’ani sɔ Yehowa papayɛ a wada no adi akyerɛ wo no? (b) Yehowa suban bɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu, na ɔkwan bɛn so na ɛyɛ soronko wɔ papayɛ ho?

21 Sɛ yenya hokwan ka Onyankopɔn papayɛ ho asɛm kyerɛ afoforo a, ɛma yɛn ani gye. Bere a Dwom 145:7 reka Yehowa nkurɔfo ho asɛm no, ɛkaa sɛ: “Wɔkae wo papayɛ bebrebe no a, wɔbɛka ho asɛm pii.” Da biara, yenya Yehowa papayɛ so mfaso, anaa yɛbɛka a ɔyɛ biribi ma yɛn de kyerɛ sɛ oye. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, da biara hwehwɛ nneɛma pɔtee a Yehowa ayɛ ama wo, na da no ase wɔ ho. Sɛ yɛkɔ so ara dwinnwen Yehowa papayɛ ho, yɛda n’ase wɔ ho da biara, na yɛka ho asɛm kyerɛ afoforo a, ɛbɛboa ama yɛasuasua yɛn Nyankopɔn a oye no. Sɛ yesuasua Yehowa, na yɛn nso yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ayɛ nkurɔfo papa a, ɛbɛma yɛabɛn Yehowa paa. Ɔsomafo Yohane a na ne mfe akɔ anim no kyerɛwee sɛ: “Me dɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Nea ɔyɛ papa no fi Onyankopɔn.”—3 Yohane 11.

22 Yehowa papayɛ ne ne suban afoforo bi na ɛkɔ. Baako ne sɛ Onyankopɔn “dɔ a enni huammɔ nni ano.” (Exodus 34:6) Yehowa dɔ a enni huammɔ no de, ɛda mu fua; ɛyɛ soronko koraa wɔ ne papayɛ ho. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛno de, n’asomfo anokwafo nko ara na oyi no adi kyerɛ wɔn. Ti a edi hɔ no mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea oyi saa suban no adi.

a Nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama yɛn a ɛma yehu sɛ oye no, agyede no ne ne kɛse paa. Abɔfo mpempem a wɔgu soro no nyinaa, Yehowa anyi wɔn mu biara sɛ ommewu mma yɛn, sɛ ne Dɔba a ɔwoo no koro no.

b Mpɛn pii no, sɛ Bible no reka nokware ho asɛm a, ɛde toto hann ho. Odwontofo no too dwom bi sɛ: “Soma wo hann ne wo nokware.” (Dwom 43:3) Wɔn a wɔpɛ sɛ Yehowa kyerɛkyerɛ wɔn no, ɔma wɔhu ne hann anaa ɔma nokware no bu wɔn so.—2 Korintofo 4:6; 1 Yohane 1:5.