Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 29

“Moahu Kristo Dɔ” No”

“Moahu Kristo Dɔ” No”

1-3. (a) Ɛdɛn na ɛmaa Yesu ani gyee ho sɛ obesuasua n’Agya? (b) Nneɛma a Yesu yɛ de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ no, emu nea ɛwɔ he na yɛrebesusuw ho?

 WOAHU abarimaa bi a ɔrebɔ mmɔden sɛ obesuasua ne papa pɛn? Ebia sɛnea ne papa nantew, ɔkasa, anaa sɛnea ɔyɛ n’ade no, wubehu sɛ ɔno nso reyɛ saa pɛpɛɛpɛ. Ɛbɛyɛ kakra wobɛhwɛ no, adwene a ne papa wɔ wɔ papa ne bɔne ho no, na ɔno nso anya bi. Afei nso, gyidi a ne papa wɔ anaa ɔsom a ɔwom no, wobɛhwɛ na ɔno nso di akyi. Enti sɛ abofra bi hu sɛ ne papa pɛ n’asɛm a, ɛma ɔno nso nya ɔdɔ ne obu ma ne papa, na ɛno na ɛma n’ani gye ho sɛ obesuasua ne papa.

2 Yesu nso ɛ, sɛn na ɔte nka wɔ n’Agya a ɔwɔ soro no ho? Bere bi Yesu kaa sɛ: “Medɔ Agya no.” (Yohane 14:31) Obiara nni hɔ a obetumi adɔ Yehowa asen sɛnea ne Ba Yesu dɔ no no, efisɛ ɔne ne papa tenae mfe mpempem pii ansa na wɔrebɔ biribi foforo biara. Ɔdɔ a Yesu wɔ ma ne Papa no na ɛma n’ani gye ho sɛ obesuasua no.—Yohane 14:9.

3 Nhoma yi mu no, yɛadi kan asua sɛ, Yesu suasuaa Yehowa nyansa, sɛnea ɔde ne tumi yɛ adwuma, ne sɛnea obu atɛntrenee no pɛpɛɛpɛ. Ɛnde yemmisa sɛ, sɛn na Yesu suasuaa ɔdɔ a n’Agya wɔ no? Yɛrebɛhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a Yesu yɛ de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ. Baako, na otu ne ho ma boa afoforo. Mmienu, na ɔwɔ ayamhyehye ma nnipa. Mmiɛnsa, na oyi ne yam de bɔne kyɛ.

“Obiara Nni Hɔ a Ɔwɔ Ɔdɔ Kyɛn” Wei

4. Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ sen onipa biara wɔ asaase yi so?

4 Sɛ obi wɔ ɔdɔ kann a ɛno na ɛka no ma ɔde nneɛma bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi aboa afoforo. Saa ɔdɔ yi bi na Yesu yii no adi. Dɛn na ɔyɛe? Ɔno ankasa kae sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔwɔ ɔdɔ kyɛn obi a ɔde ne nkwa to hɔ ma ne nnamfo.” (Yohane 15:13) Yesu ankasa fii ne koma mu de ne nkwa a ɛyɛ pɛ anaa edi mu no bɔɔ afɔre maa yɛn. Nea ɔyɛe no kyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ kɛse ma nnipa. Onipa biara nni hɔ a watumi ayɛ saa. Ɛnyɛ wei nko ara na Yesu yɛe. Ɔyɛɛ nneɛma foforo a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ amapa.

5. Nneɛma a Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no de bɔɔ afɔre wɔ soro ansa na ɔreba asaase so no kyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ. Adɛn ntia?

5 Ansa na Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no reba asaase so no, na hokwan ne dibea a ɔwɔ wɔ soro nyɛ asɛm ketewa. Ná ɔne Yehowa ne abɔfo bebree na ɛwɔ soro, na na ɔne wɔn ntam yɛ kama. Nanso asetena kamakama a na ɔwom wɔ soro no nyinaa akyi no, Onyankopɔn Ba a ɔdɔ no yi “maa biribiara fii ne nsa, na ɔfaa akoa tebea bɛyɛɛ onipa.” (Filipifo 2:7) Ofii ne pɛ mu gyaa biribiara hɔ ne nnipa abɔnefo bɛtenae. Ɔbɛtenaa wiase a ‘ɛda ɔbɔnefo no tumi mu’ no mu. (1 Yohane 5:19) Nneɛma a Onyankopɔn Ba no de bɔɔ afɔre no kyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ kɛse.

6, 7. (a) Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, nneɛma bɛn na ɔyɛ de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ amapa? (b) Asɛm a ɛka koma bɛn na ɛwɔ Yohane 19:25-27 a ɛma yehu sɛ na Yesu wɔ ɔdɔ kann?

6 Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, daa na ɔyɛ nneɛma de boa afoforo de kyerɛ sɛ ɔdɔ wɔn. Ná afoforo ho hia no koraa sen ɔno ara ne ho. Nneɛma a ɛma obi ho dwo no wɔ asetena mu no, ɔde bɔɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi de ne bere ne n’ahoɔden nyinaa ayɛ asɛnka adwuma no. Ɔkaa sɛ: “Sakraman wɔ abon, na ewim nnomaa wɔ mmerebuw, na onipa Ba no de, onni baabi a ɔde ne ti to.” (Mateo 8:20) Ná Yesu yɛ kapentani a onim adwuma paa. Anka obetumi agye bere asi dan fɛfɛɛfɛ atena mu adwudwo ne ho. Anaasɛ anka obetumi ayeyɛ nkongua a ɛyɛ fɛ atɔn anya sika ato ne ho. Nanso, wanyɛ saa. Wamfa ne nimdeɛ ne adwuma a onim yɛ no ampɛ sika ne ahonyade.

7 Sɛ yɛkenkan asɛm a ɛwɔ Yohane 19:25-27 a, Yesu yɛɛ biribi wɔ hɔ a ɛka koma a ɛma yehu sɛ ɔwɔ ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim. Wo de, twa ho mfoni hwɛ. Saa awia a na Yesu sɛn dua no so a ɔrebewu no, ɛbɛyɛ sɛ na nneɛma bebree rekɔ so wɔ n’adwenem. Brɛ a na ɔrebrɛ nyinaa akyi no, nneɛma a na ɔredwen ho no bi ne nea ɛbɛto n’asuafo no ne asɛnka adwuma no. Ade baako a na ehia Yesu ne sɛ obedi nokware akosi owu mu, na wahyɛ n’Agya din anuonyam. Enti nea ɛwom paa ne sɛ, na nnipa nyinaa daakye wɔ ne nsam! Nanso, aka kakra ama Yesu agyaa ne home mu na wawu no, ɔyɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ odwen ne maame Maria ho paa. Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no, na Maria yɛ okunafo. Yesu ka kyerɛɛ ɔsomafo Yohane sɛ ɔnhwɛ Maria, na ɔmfa no sɛ ɔno ara ne maame. Ɛno akyi no, Yohane de Maria kɔɔ ne fie. Yesu yɛɛ saa nhyehyɛe yi sɛnea ɛbɛyɛ a ne maame Maria benya nea obedi, ne baabi a ɔde ne ti bɛto, ne nea ɛbɛboa no ama wakɔ so asom Yehowa yiye. Nea Yesu yɛe yi kyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ kann, ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim!

“Wɔyɛɛ No Mmɔbɔ”

8. Greek asɛm a Bible de kyerɛkyerɛɛ ayamhyehye a Yesu wɔ mu no, ɛkyerɛ sɛn?

8 Ná Yesu wɔ ayamhyehye te sɛ n’Agya pɛpɛɛpɛ. Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ na Yesu yɛ obi a sɛ ohu sɛ nkurɔfo refa yaw anaa amanehunu mu a, ne yam hyehye no ma wɔn na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ biribi de aboa wɔn. Bere a Bible no reka Yesu ahummɔbɔ ho asɛm no, ɛde Greek asɛm bi yɛɛ adwuma. Wɔakyerɛ Greek asɛm no ase wɔ Twi mu sɛ “wɔyɛɛ no mmɔbɔ.” Ɔbenfo bi kaa sɛ saa Greek asɛm no kyerɛ: “Atenka bi a emu yɛ den paa a obi nya a wuhu sɛ efi ne koma mu tɔnn. Greek kasa mu no, sɛ obi de saa asɛm no di dwuma a ɛkyerɛ sɛ onipa no wɔ ayamhyehye paa.” Yɛrebesusuw nhwɛso ahorow bi ho. Ɛbɛma yɛahu sɛ ayamhyehye a na Yesu wɔ no kaa no ma ɔboaa nkurɔfo.

9, 10. (a) Adɛn nti na na Yesu ne n’asomafo no pɛ sɛ wɔkɔhyɛ baabi a ɛhɔ yɛ dinn? (b) Ná Yesu rekogye n’ahome, ɛnna nnipadɔm bi bepuee ne so. Dɛn na ɔyɛe, na adɛn ntia?

9 Ayamhyehye ne ahummɔbɔ a Yesu wɔ nti, ɔboaa nkurɔfo ma wɔbehuu Onyankopɔn. Asɛm a ɛwɔ Marko 6:30-34 no ma yehu nea enti paa a Yesu huu nkurɔfo mmɔbɔ na ɔboaa wɔn. Wo de ma yɛnhwɛ nea esii. Ná asomafo no aka asɛm no akyerɛ nkurɔfo ama wɔn ani agye. Wɔbaa Yesu nkyɛn de anigye bɛkaa nea wɔhui ne nea wɔtee nyinaa ho asɛm kyerɛɛ no. Nanso na nnipadɔm bi abɔ dɔmpem wɔ hɔ, enti Yesu ne n’asomafo no annya bere koraa annidi. Yesu de, sɛnea yenim no no, ɔyɛ obi a ɔde n’ani to fam hwɛ nea ehia nkurɔfo na wayɛ biribi de aboa wɔn. Ohui sɛ n’asomafo no abrɛ, enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra, mommɛsen nkɔhyɛ baabi a atew ne ho, na monhome kakra.” Enti wɔfaa ɔkorow na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Galilea Po no atifi fam sɛ wɔrekɔpɛ baabi a ɛhɔ yɛ dinn ahome. Nanso wɔrekɔ no, nnipadɔm no hui na ebi nso tee ho asɛm. Baabi a na Yesu ne n’asuafo no te korow mu a wɔrekɔ no, nnipa bebree tuu mmirika kɔɔ mpoano hɔ, na wɔkoduu hɔ mpo ansa na Yesu ne n’asuafo no redu hɔ!

10 Sɛnea nnipadɔm no beguu Yesu ne n’asuafo no so nti, wɔannya bere koraa anhome. Wei maa Yesu bo fuwii anaa? Daabida! Bere a ohuu nnipadɔm a wɔgyinagyina mpoano hɔ retwɛn no no, wɔn ho yɛɛ no mmɔbɔ. Marko kyerɛwee sɛ: “Ohuu nnipadɔm kɛse bi, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo. Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.” Yesu hui sɛ nnipadɔm a wɔgyinagyina hɔ no, na obiara hia Onyankopɔn akwankyerɛ. Ná wɔte sɛ nguan a wɔagyaa wɔn a wɔnenam basabasa. Na wɔnni hwɛfo biara a ɔbɛbɔ wɔn ho ban na wakyerɛ wɔn kwan. Nyamesom akannifo a na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ nkurɔfo yi so kyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn ho ade no, na Yesu nim sɛ wɔnnɔ wɔn, na wɔn asɛm mfa wɔn ho. (Yohane 7:47-49) Nnipadɔm yi asɛm yɛɛ Yesu mmɔbɔ, enti ofii ase kaa “Onyankopɔn Ahenni no” ho asɛm kyerɛɛ wɔn. (Luka 9:11) Ná Yesu nnim sɛnea nkurɔfo no bɛyɛ wɔn ade wɔ asɛm a ɔbɛka akyerɛ wɔn no ho, nanso hyɛ no nsow sɛ, odii kan huu wɔn mmɔbɔ ansa na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn. Enti sɛ yɛbɛka no kwan foforo so a, ɛnyɛ bere a Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn wiee no na onyaa ayamhyehye maa wɔn. Mmom ayamhyehye a na ɔwɔ ma wɔn nti na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.

“Ɔteɛɛ ne nsa kaa no”

11, 12. (a) Israelfo bere so no, sɛn na na wɔbu akwatafo? Bere a ɔbarima bi a “kwata ayɛ ne ho nyinaa” baa Yesu nkyɛn no, dɛn na Yesu yɛe? (b) Bere a Yesu de ne nsa kaa kwatani no, wohwɛ a kwatani no tee nka sɛn?

11 Ayamhyehye ne ahummɔbɔ a Yesu wɔ no maa ɔyɛɛ biribi de boaa wɔn a wɔrehu amane no. Nnipa a na yare reteetee wɔn no mu bebree kɔɔ Yesu nkyɛn efisɛ na wɔnim sɛ ɔwɔ ayamhyehye ne ahummɔbɔ. Ɛho nhwɛso kamakama ni. Bere bi, na nkurɔfo bebree di Yesu akyi. Ɛhɔ ara na ɔbarima bi a “kwata ayɛ ne ho nyinaa” baa Yesu nkyɛn. (Luka 5:12) Israelfo bere so no, na wɔwɔ baabi a wɔde akwatafo kogu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛbɔ nnipa a aka ho ban na kwata no bi anyɛ wɔn. (Numeri 5:1-4) Nanso akyiri yi, nyamesom akannifo no ara hyehyɛɛ mmara maa wɔn a wɔyare kwata no. Mmara a wɔhyehyɛe no, na ano yɛ hyew, ɛno nti, na nkurɔfo ne akwatafo nni no yiye koraa. a Nanso bere a ɔkwatani no baa Yesu nkyɛn no, hwɛ nea Yesu yɛe: “Ɔkwatani bi nso baa ne nkyɛn bebuu nkotodwe paa no kyɛw sɛ: ‘Sɛ wopɛ a, wubetumi asa me yare.’ Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔteɛɛ ne nsa kaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mepɛ! Wo ho ntɔ wo.’ Na amonom hɔ ara kwata no tu yerae, na ne ho tɔɔ no.” (Marko 1:40-42) Ná Yesu nim sɛ mmara mma kwan sɛ kwatani no ba nnipadɔm mu. Nanso Yesu ampam no sɛ ɔmpɛ baabi mfa. Mmom ohuu no mmɔbɔ, na ɔyɛɛ biribi maa ɛyɛɛ obiara nwanwa. Ɔde ne nsa kaa no!

12 Wohwɛ a bere a Yesu de ne nsa kaa kwatani no, kwatani no tee nka sɛn? Osuahu bi a Dɔkta bi nyae bɛma yɛahu sɛnea ɛbɛyɛ sɛ kwatani no tee nka. Dɔkta no, yɛfrɛ no Paul Brand. Yare titiriw paa a ɔsa ne kwata. Bere bi, ɔhwɛɛ kwatani bi yare wɔ India. Dɔkta no kaa sɛ sɛnea na ɔpɛ sɛ ɔsa yare no, na ɔrekyerɛkyerɛ mu akyerɛ kwatani no. Esiane sɛ na kwatani no nte kasa no nti, sɛ dɔkta no ka a, na obi akyerɛ ase akyerɛ kwatani no. Bere a dɔkta no rekasa nyinaa na ne nsa da kwatani no abati. Nea wɔhui ara ne sɛ kwatani no resu. Dɔkta no bisaa no sɛ: “Adɛn, mankasa yiye anaa?” Kwatani no maa nea ɔrekyerɛ ase no ka kyerɛɛ dɔkta no sɛ, daabi oo, mmom ɔse nea enti a ɔresu ne sɛ wode wo nsa ato n’abati. Ɔse mfe bebree ni, obiara nsoo ne mu da, gye nnɛ. Enti wutumi hu sɛ kwatani a Yesu de ne nsa kaa no no, n’ani gyei paa, na onyaa mfaso bi a ɛsen saa koraa. Yesu nsa kɛkɛ a ɔde kaa no no tuu ne yare bɔne no. Afei nso, daakye ɔne n’abusuafo bɛsan abom bio asom Yehowa Nyankopɔn.

13, 14. (a) Bere a na Yesu rebɛn Nain kurow no, nnipadɔm bɛn na ohyiaa wɔn, dɛn na ohui a na ɛyɛ awerɛhow paa? (b) Ayamhyehye ne ahummɔbɔ a Yesu wɔ no maa ɔyɛɛ biribi de boaa okunafo a ofi Nain no, dɛn na ɔyɛe?

13 Ayamhyehye ne ahummɔbɔ kaa Yesu ma ɔyɛɛ biribi boaa wɔn a na wɔahwere wɔn adɔfo. Wɔn a na wɔahwere wɔn adɔfo a na wɔredi awerɛhow no, wɔn asɛm yɛɛ Yesu mmɔbɔ. Yɛnhwɛ asɛm bi a esii a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Luka 7:11-15 no. Saa asɛm yi sii bere a Yesu bɛn kurow bi a wɔfrɛ no Nain a ɛwɔ Galilea no. Saa bere no, na Yesu de bɛyɛ afe ne abosome nkron ayɛ ne som adwuma no. Bere a Yesu bɛn kurow no pon ano no, ohyiaa nnipadɔm bi a na wɔfi kurow no mu rekɔ asiei. Yesu huu biribi a na ɛyɛ awerɛhow paa. Nea na wawu a wɔrekosie no no, na ɔyɛ aberante a ne maame di no bakoro. Ná maame no san yɛ okunafo. Ebetumi aba sɛ bere a ne kunu wui a wɔrekosie no no, na maame no di dɔm mu sei ara. Nanso afei de ne ba barima baako pɛ a ɔboa no ma ne nsa kɔ n’ano no, ɔno nso na awu yi. Nnipa a na ɛka ne ho a wɔrekosie ne ba no, ebetumi aba sɛ na ebi kura nneɛma a wɔde rebɔ awerɛhow nnwom, na na ebi nso retwa agyaadwo. (Yeremia 9:17, 18; Mateo 9:23) Nanso, okunafo a ne ba awu a ɔredi awerɛhow no na Yesu de n’adwene sii no so. Saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn a na wɔso ne ba no amu no, na ɔbɛn wɔn paa.

14 Bere a Yesu huu ɔbaatan a na ɔredi awerɛhow no, ‘ɔyɛɛ Yesu mmɔbɔ.’ Yesu kaa awerɛkyekyesɛm bi kyerɛɛ maame no sɛ: “Gyae su.” Afei ɔkɔɔ wɔn a wɔso amu no nkyɛn na ɔde ne nsa kaa amu no. Ɛhɔ ara wɔn a wɔso amu no ne nnipadɔm no gyinae, na ɛhɔ yɛɛ dinn. Afei Yesu kasae; ɔkasaa sɛ obi a ɔwɔ tumi. Ɔka kyerɛɛ amu no sɛ: “Aberante, mise wo sɛ, sɔre!” Dɛn na esii? “Aberante a wawu no sɔre tenaa ase, na ofii ase kasae” te sɛ obi a wada hatee a yɛanyan no! Afei Bible no ka asɛm bi a ɛka koma paa. Ɛka sɛ: “Na Yesu de no maa ne maame.”

15. (a) Bible ma yehu sɛ, bere a nkurɔfo rehu amane no, ahummɔbɔ a Yesu wɔ nti ɔboaa wɔn. Wei ma yehu sɛ ahummɔbɔ ne nneyɛe na ɛkɔ? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Sɛnea Yesu daa ayamhyehye adi no, yɛbɛyɛ dɛn asuasua?

15 Nsɛm a esisii a yɛaka ho asɛm yi, dɛn na yesua fi mu? Emu biara mu no, wubehu sɛ ayamhyehye wɔ hɔ yi, ɛne nneyɛe na ɛkɔ. Bere biara a Yesu behu sɛ nkurɔfo rehu amane no, ɛyɛ a ɛyɛ no mmɔbɔ. Ahummɔbɔ no na na ɛma ɔyɛ biribi de boa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn ho bɛtɔ wɔn. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu? Esiane sɛ yɛyɛ Kristofo nti, ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ afoforo na yɛboa wɔn ma wɔbɛyɛ Kristo asuafo. Nea enti paa a yɛyɛ saa adwuma yi ne sɛ, yɛdɔ Onyankopɔn. Nanso momma yɛnkae sɛ biribi foforo a enti yɛka asɛm no kyerɛ afoforo ne sɛ wɔn ho yɛ yɛn mmɔbɔ. Sɛ yehu nkurɔfo mmɔbɔ sɛnea na Yesu wɔ ahummɔbɔ no a, yɛn koma bɛka yɛn ama yɛayɛ nea yebetumi nyinaa aka asɛmpa no bi akyerɛ wɔn. (Mateo 22:37-39) Yɛn nuanom a wɔrehu amane na wɔredi awerɛhow no nso yɛbɛyɛ dɛn ada ayamhyehye ne ahummɔbɔ adi akyerɛ wɔn? Yɛrentumi nyɛ anwanwade nyi wɔn amanehunu no mfi hɔ. Saa ara nso na yɛrentumi nnyan wɔn adɔfo a wɔawuwu no. Nanso ayamhyehye a yɛwɔ no bɛka yɛn ama yɛayɛ nneɛma bi de aboa wɔn anaa yɛaka nsɛm bi ama wɔahu sɛ yedwen wɔn ho.—Efesofo 4:32.

“Agya Fa Kyɛ Wɔn”

16. Bere a Yesu sɛn asɛndua no so mpo no, dɛn na ɔyɛe a na ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde bɔne kyɛ?

16 Yesu yɛɛ biribi de kyerɛɛ sɛ osuasua ɔdɔ a n’Agya wɔ no pɛpɛɛpɛ. Ná ‘oyi ne yam de bɔne kyɛ.’ (Dwom 86:5) Bere a ɔsɛn dua no so mpo, na wayɛ krado sɛ ɔde bɔne bɛkyɛ. Ɛwom, na Yesu rebewu animguase wu. Afei nso, nnadewa a na wɔde abobɔ ne nsa ne ne nan mu nti na ɔte yaw ankasa. Nanso ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ ɔnyɛ biribi. Wɔn a na wɔayɛ no ayakayakade a wɔreku no no, wanka ankyerɛ Yehowa sɛ ɔntwe wɔn aso. Mmom nsɛm a Yesu ka twaa tow ne sɛ: “Agya fa kyɛ wɔn, efisɛ wonnim nea wɔreyɛ.”—Luka 23:34. b

17-19. Bere a ɔsomafo Petro yii Yesu maa mprɛnsa no, dɛn na Yesu yɛe a na ɛkyerɛ sɛ ɔde Petro bɔne akyɛ no?

17 Nhwɛso foforo wɔ Bible mu a ɛka koma a ɛma yehu sɛ Yesu de bɔne kyɛ. Ɛno ne bere a ɔde ɔsomafo Petro bɔne kyɛɛ no no. Akyinnye biara nni ho sɛ, na Petro dɔ Yesu paa. Anadwo a ade rebɛkye ama wɔakum Yesu wɔ Nisan da a ɛtɔ so 14 no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, mayɛ krado sɛ me ne wo bɛkɔ afiase ne owu mu mpo.” Nanso, nnɔnhwerew kakraa bi akyi, Petro yii Yesu mae. Ɔkaa no mprɛnsa mpo sɛ onnim Yesu baabiara! Ne mprɛnsa so a Petro kaa sɛ onnim Yesu baabiara no, Bible no ka sɛ: “Awurade dan ne ho, na ɔhwɛɛ Petro anim.” Bɔne a Petro yɛe no bubuu no, na ɛyɛɛ no yaw paa. Ɛno nti, “opue kosui pii.” Ade kyee a wɔkum Yesu no, ebetumi aba sɛ ɔsomafo Petro bisaa ne ho sɛ, ‘Enti nea mayɛ yi, Awurade de bɛkyɛ me ni?’—Luka 22:33, 61, 62.

18 Sɛ Petro bisaa saa asɛm no a, ɛnde ankyɛ koraa na onyaa ho mmuae. Wɔnyan Yesu Nisan da a ɛtɔ so 16 anɔpa, na biribiara kyerɛ sɛ saa da no, Yesu kɔsraa Petro. (Luka 24:34; 1 Korintofo 15:4-8) Obi a na wagyina nnipa anim ayi no ama mprɛnsa de, dɛn paa na ɛmaa Yesu yɛe sɛ ɔbɛhyɛ da anya ne ho bere? Ná Petro anu ne ho, na ebetumi aba sɛ na Yesu pɛ sɛ ɔma ohu sɛ ɔda so ara dɔ no, na ɔsom bo ma no. Nanso, Yesu amfa anso hɔ ara. Ɔsan yɛɛ biribi de kyerɛɛ sɛ ɔde Petro bɔne akyɛ no.

19 Bere bi akyi no, Yesu baa n’asuafo no nkyɛn wɔ Galilea Po no ho. Saa da no, Yesu hyɛɛ da bisaa Petro a na wayi ne Wura ama mprɛnsa no sɛ ɔdɔ no anaa. Bere a Yesu bisaa no ne mprɛnsa so no, Petro yii n’ano sɛ: “Awurade, wunim nneɛma nyinaa; wunim sɛ mepɛ w’asɛm.” Nokwasɛm ne sɛ, na Yesu tumi hu nea ɛwɔ nnipa koma mu, enti na onim paa sɛ Petro dɔ no. Nanso Yesu de akwannya no maa Petro mprɛnsa sɛ ɔmpae mu nka sɛ ɔdɔ no. Ɛno da nkyɛn a, Yesu de adwuma bi hyɛɛ Petro nsa sɛ ‘ɔmma Ne nguan nkumaa aduan,’ na ɔnyɛn wɔn. (Yohane 21:15-17) Ɛwom, na wɔde dwumadi maa Petro sɛ ɔnka asɛmpa no nkyɛe. (Luka 5:10) Nanso afei de, Yesu de asɛde titiriw bi hyɛɛ ne nsa sɛ ɔnhwɛ wɔn a wɔbɛba abɛyɛ Kristo asuafo no so. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Yesu maa Petro adwuma titiriw bi wɔ asuafo no dwumadi mu. Wei maa Petro hui sɛ na Yesu wɔ ne mu ahotoso paa, na ogye no di. Ɛno akyi bere tiaa bi no, adwuma a asomafo no yɛe no, Yesu de Petro dii dwuma wɔ ɔkwan soronko so. (Asomafo no Nnwuma 2:1-41) Ɛbɛyɛ sɛ bere a Petro hui sɛ Yesu de ne bɔne akyɛ no na ɔda so ara gye no di no, ne koma tɔɔ ne yam paa.

‘Woahu Kristo Dɔ’ No Anaa?

20, 21. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ‘ahu Kristo dɔ’ no yiye?

20 Nokwasɛm ne sɛ ɔdɔ a Kristo wɔ no, Yehowa Asɛm no kyerɛkyerɛ mu kamakama. Enti ɔdɔ a Yesu wɔ no, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛyɛ? Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yenhu Kristo dɔ a ɛkyɛn nimdeɛ no.’ (Efesofo 3:19) Sɛnea yɛadi kan ahu no, Yesu abrabɔ ne ne som adwuma a ɔbɛyɛe a ɛho nsɛm wɔ Nsɛmpa no mu no, ɛkyerɛ yɛn nneɛma pii fa Kristo dɔ ho. Nanso sɛ yebetumi ahu ‘Kristo dɔ’ no yiye paa a, ɛnyɛ sɛ yesuaa ne ho ade wɔ Bible mu wie ara na asa. Mmom pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ.

21 Greek asɛm a wɔakyerɛ ase ‘hu’ no, ɛkyerɛ sɛ wobɛyɛ biribi ahu sɛnea ɛte anaa wubenya mu suahu. Sɛnea Yesu yii ne dɔ adi no, sɛ yɛn nso yefi yɛn koma mu de nneɛma a ehia afoforo di kan, yenya ayamhyehye ma afoforo, yɛyɛ nneɛma de boa wɔn, na yefi yɛn koma mu de bɔne kyɛ a, ɛbɛkyerɛ sɛ sɛnea Yesu tee nka no, yɛte ase anaa yɛahu. Sɛ yɛyɛ saa nneɛma yi a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛahu ‘Kristo dɔ a ɛkyɛn nimdeɛ no.’ Momma yɛnkae sɛ esiane sɛ Yesu suasuaa yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no nti, sɛ yɛn nso yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua Kristo a, ɛbɛma yɛabɛn Yehowa paa.

a Rabifo mmara no kaa sɛ, ɛsɛ sɛ bɛyɛ basafa nnan anaa anammɔn nsia da obiara ne kwatani ntam. Nanso, sɛ mframa rebɔ de a, ɛsɛ sɛ ɔkwatani no kɔ n’akyi koraa bɛyɛ basafa 100 anaa anammɔn 150. Nhoma bi kyerɛ sɛ, na rabini bi de ne ho sie akwatafo, na na rabini foforo nso totow abo bɔ akwatafo de pam wɔn. (Midrash Rabbah) Enti, na akwatafo nim sɛnea ɛyɛ yaw sɛ wɔbɛpo obi, ne sɛnea ɛhaw adwene sɛ wɔbebu obi animtiaa ayɛ biribi de akyerɛ sɛ wɔnhia no.

b Sɛ wohwɛ tete nsaano nkyerɛwee bebree mu a, wubehu sɛ Luka 23:34 no fã a edi kan no, wɔayi afi mu. Nanso, tete nsaano nkyerɛwee afoforo a edi mu no, sɛ wohwɛ mu a, wubehu saa nsɛm yi wom. Ɛno nti Wiase Foforo Nkyerɛase no ne nkyerɛase afoforo de saa asɛm no hyɛɛ hɔ. Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu reka Roma asraafo a wɔkum no no ho asɛm. Ná wɔnnim nea wɔreyɛ, efisɛ na wɔnnim onipa ko a Yesu yɛ. Yudafo a wɔkaa sɛ wɔmmɔ Yesu asɛndua mu a akyiri yi na wɔbɛba abenya Yesu mu gyidi no, ebetumi aba sɛ wɔn ho asɛm na na Yesu reka. (Asomafo Nnwuma 2:36-38) Nokwasɛm ne sɛ, nyamesom akannifo a wɔpiapiaa Romafo no sɛ wɔnkum Yesu no de, wɔdi fɔ efisɛ wɔn de, na wɔnim nea wɔreyɛ. Ná wɔnim sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba nanso na wɔpɛ sɛ wɔkum no. Enti saafo no bebree wɔ hɔ a, wɔrennya bɔnefakyɛ.—Yohane 11:45-53.