Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 31

”Mommɛn Onyankopɔn Na Ɔbɛbɛn Mo”

”Mommɛn Onyankopɔn Na Ɔbɛbɛn Mo”

1-3. (a) Sɛnea awofo ne wɔn mma a wɔawo wɔn foforo di agorɔ no, dɛn na ɛma yehu fa nnipa ho? (b) Sɛ obi yi ɔdɔ adi kyerɛ yɛn a, dɛn na ɛka yɛn ma yɛn nso yɛyɛ, na asɛm a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

 SƐ AWOFO hu sɛ wɔn ba a wɔawo no foforo reserew anaa ɔrennwennwen a, ɛma wɔn ani gye paa. Nea wɔtaa yɛ ne sɛ, wɔde wɔn moma tare abofra no moma so na wɔrewosowosow wɔn ti sereserew kyerɛ abofra no. Ɛyɛ a wɔhwɛ kwan sɛ abofra no bɛyɛ biribi. Wɔyɛ saa a, wubehu sɛ ɛnkyɛ na abofra no anwenwene, na n’ani agye. Serew a abofra no reserew no yɛ ɔkwan a ɔrefa so aka akyerɛ n’awofo no sɛ ɔno nso dɔ wɔn.

2 Abofra no serew no ma yehu biribi a ɛho paa wɔ nnipa ho. Ɛne sɛ ɔdɔ kɔ nea ɔdɔ wɔ. Saa ara na Onyankopɔn bɔɔ yɛn. (Dwom 22:9) Yɛrenyin nso a, ɔkwan a yɛfa so kyerɛ sɛ yɛdɔ afoforo no, na emu retrɛw. Ebia wobɛkae a bere a wusua no, w’awofo, w’abusuafo ne wo nnamfo yɛɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ wɔdɔ wo. Nea wɔyɛe no kaa wo koma paa, na ɛma wobɛpɛɛ wɔn asɛm. Bere rekɔ so no, ɔdɔ a wowɔ ma wɔn no nyinii anaa emu yɛɛ den. Ɔdɔ a wowɔ ma wɔn no nti, ɛyɛ a wo nso woyɛ nneɛma ma wɔhu sɛ wodɔ wɔn. Sɛ wode nea yɛaka yi toto wo ne Yehowa Nyankopɔn adamfofa no ho a, wuhu no sɛn? Biribi saa na ɛte anaa?

3 Bible ka sɛ: “Yɛda ɔdɔ adi, efisɛ ɔno na odii kan dɔɔ yɛn.” (1 Yohane 4:19) Nhoma yi mu no, ɔfã 1 kosi ɔfã 3 no kaee yɛn sɛ Yehowa Nyankopɔn de ne tumi, n’atɛntrenee, ne ne nyansa di dwuma wɔ ɔkwan bi so a ɛma yehu sɛ ɔwɔ ɔdɔ, na yenya so mfaso. Ɔfã a ɛto so 4 no mu nso, yehui sɛ Onyankopɔn ada ɔdɔ soronko bi adi akyerɛ wo ne nnipa nyinaa wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwanwa so. Ɛnde yemmisa yɛn ho asɛnhia yi. Ɛne sɛ: ‘Ɔdɔ a Yehowa ayi no adi akyerɛ me no, dɛn paa na me nso metumi ayɛ de akyerɛ sɛ medɔ no?’

Nea Yɛyɛ a Ɛkyerɛ Sɛ Yɛdɔ Onyankopɔn

4. Sɛ yɛka sɛ yɛdɔ Onyankopɔn a, nkurɔfo bebree nte ase, adɛn nti na yɛreka saa?

4 Yehowa ne ɔdɔ Farebae, na onim paa sɛ sɛ obi yi ɔdɔ adi kyerɛ ne yɔnko a, ɛma suban a ɛyɛ fɛ onii no wɔ da adi. Ɛwom nnipa bebree atew Onyankopɔn so atua, na wɔmfa no nyɛ hwee. Nanso onim paa sɛ, sɛ ɔkɔ so yi ne dɔ adi kyerɛ nnipa nyinaa a, ɛnyɛ dɛn ara a ebinom nso bɛdɔ no. Ampa ne ampa ara nnipa ɔpepem pii akyerɛ sɛ wɔdɔ Onyankopɔn. Awerɛhosɛm ne sɛ, seesei ɔsom ahorow a ɛwɔ wiase no ama nnipa bebree adwene atu afra. Enti yɛka sɛ obi dɔ Onyankopɔn a, wɔnnim nea ɛkyerɛ. Nnipa pii wɔ hɔ a, ɛda wɔn ano sɛ wɔdɔ Onyankopɔn nanso ɛyɛ wɔn sɛ wɔde wɔn kae ara na wɔawie. Ɛwom, sɛ obi de n’ano ka sɛ ɔdɔ Onyankopɔn a, eye. Ɛte sɛ abofra a ɔreserew kyerɛ n’awofo de akyerɛ sɛ ɔdɔ wɔn. Nanso bere a abofra no renyin no, ɔyɛ nneɛma bi ka ho de kyerɛ sɛ ɔdɔ n’awofo. Saa na ɛte, sɛ yɛdɔ Onyankopɔn a, ɛkɔ akyiri sen sɛ yɛde yɛn ano bɛka kɛkɛ.

5. Dɛn na Bible ka sɛ obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ Onyankopɔn, na nkyerɛkyerɛmu a Bible no de ma yɛn no, ɛboa yɛn sɛn?

5 Yehowa ma yehu nea obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ no. N’Asɛm ka sɛ: “Nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ ni: Ɛno ne sɛ yebedi n’ahyɛde so.” Sɛ yetie Onyankopɔn a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ no. Nanso wiase a yɛte mu seesei no, nnipa bebree wɔ hɔ a wɔmpɛ sɛ obi kyerɛ wɔn nea wɔnyɛ. Kyerɛwsɛm no de nkuranhyɛsɛm yi toa so sɛ: “Na [Onyankopɔn] ahyɛde nyɛ adesoa.” (1 Yohane 5:3) Mmara ne nnyinasosɛm a Yehowa de ma yɛn no, ɔpɛ sɛ ɛboa yɛn, na ɛnyɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔde hyɛ yɛn so. (Yesaia 48:17, 18) Sɛ yɛhwɛ Onyankopɔn Asɛm mu a, afotu pa bebree wom a ebetumi aboa yɛn ama yɛabɛn no. Adɛn nti na yɛreka saa? Momma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no atumi anyin. Ɛne sɛ yɛne no bɛbɔ nkɔmmɔ, yɛbɛsom no, na yɛabɔ mmɔden asuasua no.

Wo Ne Yehowa Nni Nkitaho

6-8. (a) Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so atie Yehowa? (b) Sɛ yɛkenkan Kyerɛwnsɛm no a, yɛbɛyɛ dɛn ama ayɛ anika na ayɛ anigye?

6 Asɛm a Ti 1 no de fii ase ne sɛ, “Wo de, fa no sɛ Onyankopɔn ne wo rebɔ nkɔmmɔ!” Yɛahu sɛ ebi asi da. Nnipa bi wɔ hɔ a, wɔne Onyankopɔn bɔɔ nkɔmmɔ. Obi te sɛ Mose sei, Onyankopɔn faa ne bɔfo so ne no kasae. Na yɛn nso ɛ? Ɛnnɛ de, Yehowa mfa abɔfo so nkasa nkyerɛ yɛn. Yehowa wɔ akwan pii a ɔfa so ne yɛn di nkitaho. Yɛbɛyɛ dɛn atie Yehowa?

7 Esiane sɛ “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu” nti, sɛ yɛkenkan Bible no a na yɛretie Yehowa. (2 Timoteo 3:16) Odwontofo no hyɛɛ Yehowa asomfo nyinaa nkuran sɛ wɔnkenkan no “awia ne anadwo.” (Dwom 1:1, 2) Egye bere ne animia na yɛatumi akenkan Bible no da biara. Sɛ yetumi yɛ saa nso a, yenya so mfaso. Sɛnea yehui wɔ Ti 18 mu no, Bible te sɛ krataa a ɛsom bo a efi yɛn soro Agya no hɔ. Enti ɛnsɛ sɛ yehu Bible akenkan sɛ ɛyɛ adesoa anaa adwuma. Sɛ yɛrekenkan Kyerɛwnsɛm no a, ɛsɛ sɛ yɛma no yɛ anika na ɛyɛ yɛn dɛ. Yɛbɛyɛ no sɛn?

8 Sɛ worekenkan Bible mu asɛm bi a, ɛyɛ a twa ho mfoni. Fa w’adwene bu sɛ nnipa a worekan wɔn ho asɛm no, na wo ne wɔn na ɛwɔ hɔ. Bisa wo ho sɛ, ‘wɔyɛ nnipa bɛn, na wɔn asetena te sɛn, na adwene bɛn na wɔde yɛɛ nea wɔyɛe no?’ Afei nea woakenkan no, to wo bo ase dwen ho kɔ akyiri na bisa wo ho nsɛm a edidi so yi: ‘Dɛn na saa asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho? Ne suban bɛn na ɛda adi wɔ nea makenkan yi mu? Dɛn na Yehowa pɛ sɛ misua fi mu, na mɛyɛ dɛn de ayɛ adwuma wɔ m’abrabɔ mu?’ Kenkan Onyankopɔn Asɛm no, dwinnwen ho na fa bɔ wo bra. Sɛ woyɛ saa a, wubehu sɛ ampa Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi.—Dwom 77:12; Yakobo 1:23-25.

9. Hena ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ aso tie nea “akoa” no ka?

9 Yehowa san fa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so ne yɛn kasa. Sɛnea Yesu ka too hɔ no, awiei mmere mu a nneɛma mu ayɛ den no, ɔbɛpaw kuw ketewaa bi a wɔbɛma ne nkurɔfo honhom fam “aduan bere a ɛsɛ mu.” Wɔyɛ Kristofo mmarima bi a wɔde honhom kronkron asra wɔn. (Mateo 24:45-47) Saa akoa no ma yɛn nhoma ne nsɛmma nhoma a ɛboa yɛn ma yɛte Bible no ase yiye. Afei nso, wɔyɛ nhyehyɛe ma yɛkɔ Kristofo nhyiam nketewa ne akɛse. Sɛ yɛkenkan nhoma ahorow yi na yɛkɔ Kristofo nhyiam a, ɛma yɛn gyidi yɛ den na ɛma yɛbɛn Yehowa. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Monhwɛ sɛnea mutie asɛm yiye.” (Luka 8:18) Enti ɛho hia paa sɛ yɛyɛ aso tie akoa nokwafo a Kristo apaw no no, efisɛ Yehowa nam saa akoa no so ne yɛn kasa.

10-12. (a) Mpaebɔ yɛ akyɛde kɛse a efi Yehowa hɔ. Adɛn ntia? (b) Yɛbɛyɛ dɛn abɔ mpae ama asɔ Yehowa ani, na dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ yɛn mpaebɔ sɔ n’ani?

10 Seesei yɛahu akwan a Onyankopɔn fa so ne yɛn kasa. Ɛnde asɛm no ne sɛ, yɛn nso yebetumi ne no akasa anaa? Sɛ yedwen ho sɛ yebetumi ne Onyankopɔn akasa a, anhwɛ a ɛbɛbɔ yɛn hu. Fa no sɛ wopɛ sɛ wode asɛm bi a ehia wo paa kɔto obi te sɛ ɔmampanyin anaa ɔhene kɛse bi a ɔwɔ wo man mu anim. Wohwɛ a ɛbɛyɛ mmerɛw mpo sɛ wubenya no ne no akasa? Mmeae bi wɔ hɔ koraa a woremmɔ wo ho mmusu, efisɛ woanhwɛ yiye a wubetumi de wo nkwa mpo atwa so! Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Ester ne Mordekai bere so sei, sɛ na Persia hene no mmaa obi kwan sɛ ɔmmra n’anim, na onipa ko no kɔ a, na obetumi de ne nkwa mpo atwa so. (Ester 4:10, 11) Onipa mpo ni oo, na wo de hwɛ sɛ worekɔ Ade Nyinaa So Tumfoɔ a ɔno na odi ɔsoro ne asaase nyinaa so no anim. Ade yi, wɔn a wɔwɔ tumi paa mpo no, wɔte sɛ “mmebɛw” wɔ n’ani so. (Yesaia 40:22) Wohwɛ a ɛsɛ sɛ yɛn ho popo anaa yesuro sɛ yɛde yɛn asɛm bɛkɔ akɔto n’anim anaa? Daabi, ɛnsɛ sɛ yesuro koraa!

11 Yehowa pɛ sɛ yɛne no kasa, enti wayɛ nhyehyɛe kama bi a ɛma yetumi yɛ saa; ɛne sɛ yetumi bɔ no mpae. Abofra ketewaa mpo betumi anya gyidi abɔ mpae akyerɛ Yehowa wɔ Yesu din mu. (Yohane 14:6; Hebrifo 11:6) Nneɛma a ato yɛn a ɛyɛ yɛn yaw ne yɛn koma mu nsɛm a ɛyɛ den paa sɛ yɛbɛka akyerɛ obi no, Yehowa de, yebetumi aka akyerɛ no wɔ mpaebɔ mu. (Romafo 8:26) Sɛ yɛrebɔ mpae a, enhia sɛ yɛma yɛn nsɛm yɛ te sɛ nea yɛn ano atew, yɛkyekye nsɛm ho anaa yɛworo nsɛm bebree gu Yehowa so sɛ yɛde resɔ n’ani. (Mateo 6:7, 8) Nanso Yehowa nhyɛɛ mmara biara sɛ yɛne no nkasa mpɛn dodow sei anaa bere tenten sei. N’Asɛm no mpo hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yennnyae mpaebɔ da!’—1 Tesalonikafo 5:17.

12 Kae sɛ Yehowa nko ara na Bible frɛ no “mpaebɔ Tiefo,” na oyi ne yam tie yɛn. (Dwom 65:2) Sɛ n’asomfo anokwafo bɔ mpae a, ɛyɛ a ohu no sɛ ɛyɛ adwuma sɛ obetie anaa ɛyɛ adesoa bi ma no anaa? Daabi! Mmom n’ani gye ho paa sɛ obetie yɛn mpaebɔ. N’Asɛm Bible no de mpaebɔ a ɛte saa toto aduhuam ho. Aduhuam nso de, sɛ wɔrehyew na wote ne hua a, wuhu sɛ ɛyɛ huam na ɛma wo home ka wo ho. (Dwom 141:2; Adiyisɛm 5:8; 8:4) Ntotoho yi ama yɛabehu sɛ, sɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa asomfo bɔ no mpae a, n’ani gye ho paa sɛ obetie, na wei hyɛ yɛn nkuran paa. Enti sɛ wopɛ sɛ wobɛn Yehowa a, brɛ wo ho ase na bɔ no mpae mpɛn pii da biara. Hwie wo koma mu nsɛm nyinaa gu Yehowa so, mfa biribiara nsie no. (Dwom 62:8) Nneɛma a ɛhaw wo ne nea ɛma w’ani gye no, ka ho asɛm kyerɛ Yehowa. Afei nso, nneɛma a wo soro Agya no ayɛ ama wo no, da no ase na yi no ayɛ. Woyɛ saa a, adamfofa a ɛwɔ wo ne no ntam no mu bɛyɛ den.

Som Yehowa

13, 14. Sɛ yɛka sɛ obi resom Yehowa a ɛkyerɛ sɛn, na adɛn nti na ɛfata sɛ yɛyɛ saa?

13 Sɛ yɛne Yehowa Nyankopɔn di nkitaho a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ obi rekasa ɛnna obi retie sɛnea yɛne yɛn nnamfo ne yɛn abusuafo yɛ no. Mmom yɛne Yehowa di nkitaho a, ɛkyerɛ sɛ yɛresom no, na yɛde nidi ne anuonyam a ɛfata no no rema no. Nea ɛte ne sɛ biribiara a yɛbɛyɛ wɔ asetena mu no, ɛsɛ sɛ nokware som di yɛn anim kan. Sɛ yɛsom Yehowa a, na yɛreka akyerɛ no sɛ yefi yɛn koma mu nyinaa dɔ no na nsuo mu oo, awia mu oo, yɛne no bɛnantew. Yehowa asomfo anokwafo a wɔwɔ soro ne asaase so no, nokware som na ɛka wɔn bom. Ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu bi, na ɔtee sɛ ɔbɔfo bi de asɛm bi reto dwa. Ɔbɔfo no kaa sɛ: “Monsom Nea ɔyɛɛ ɔsoro ne asaase ne ɛpo ne nsuti no.”—Adiyisɛm 14:7.

14 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa? Wo de hwɛ Yehowa suban ahorow a ɛyɛ fɛ a yɛasusuw ho wɔ nhoma yi mu no. Ebi ne sɛ ɔyɛ kronkron, ɔwɔ tumi, otumi hyɛ ne ho so, obu atɛntrenee, ɔwɔ akokoduru, ɔwɔ mmɔborɔhunu, nyansa, ahobrɛase, ɔdɔ, ayamhyehye, ɔyɛ nokwafo na oye. Suban fɛfɛɛfɛ a yɛabobɔ so yi, sɛnea Yehowa da no adi no, obiara nni hɔ a ɔto no. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa yi suban ahorow yi nyinaa adi no a, ɔnyɛ Otitiriw biara kɛkɛ. Mmom ɔyɛ onuonyamfo a odi mu, kyerɛ sɛ yɛrentumi mfa yɛn adwene koraa mmu sɛnea ɔte. N’anuonyam korɔn sen yɛn koraa. (Yesaia 55:9) Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa na ɔfata paa sɛ odi amansan nyinaa so, na ɔfata sɛ yɛsom no. Ɛnde asɛm no ne sɛ, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa?

15. Dɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛresom Yehowa wɔ “honhom ne nokware mu,” na sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam a, hokwan bɛn na yenya?

15 Yesu kaa sɛ: “Onyankopɔn yɛ Honhom, na wɔn a wɔsom no no, ɛsɛ sɛ wɔsom no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:24) Sɛ yɛka sɛ obi resom Onyankopɔn wɔ “honhom mu” a, nea ɛkyerɛ ne sɛ Onyankopɔn honhom wɔ ne so, na ɔma ɛkyerɛ no kwan. Ɛno da nkyɛn a, ɔsom a yɛde ma Yehowa no, ɛsɛ sɛ ɛne nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no hyia. Sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo hyiam a, ɛma yenya akwannya soronko a yɛde bɛsom Yehowa wɔ “honhom ne nokware mu.” (Hebrifo 10:24, 25) Sɛ yehyiam na yɛbom to nnwom yi Yehowa ayɛ, yɛbɔ mpae tie n’Asɛm na yɛma mmuae a, ɛkyerɛ sɛ yɛresom no sɛnea ɔpɛ.

16. Ahyɛde kɛse bɛn paa na wɔde ama nokware Kristofo, na adɛn nti na yɛn ani gye ho paa sɛ yebedi saa ahyɛde no so?

16 Afei nso, sɛ yɛka Yehowa ho asɛm kyerɛ nkurɔfo a, ɛkyerɛ sɛ yɛresom no na yɛreyi no ayɛ. (Hebrifo 13:15) Ahyɛde a Yesu de ama nokware Kristofo no, baako a edi mu akoten paa ne sɛ yɛbɛka Yehowa Ahenni ho asɛmpa akyerɛ nkurɔfo. (Mateo 24:14) Yɛde ahokeka di saa asɛm yi so, efisɛ yɛdɔ Yehowa. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Satan Ɔbonsam a ɔyɛ “wiase yi nyame,” no “afura wɔn a wonnye nni no adwene ani,” na ɔrekeka atosɛm fa Yehowa Nyankopɔn ho no a, ɛhaw yɛn, enti yɛpɛ sɛ yedi Yehowa ho adanse kyerɛ nkurɔfo ma wɔhu sɛ Satan mmom na ɔyɛ ɔtorofo. (2 Korintofo 4:4; Yesaia 43:10-12) Sɛ yedwinnwen Yehowa suban ahorow a ɛyɛ fɛ no ho a, ɛka yɛn koma paa. Enti yɛpɛ sɛ yɛka ne ho asɛm kyerɛ nkurɔfo ma wɔhu sɛ yɛn Nyankopɔn no suban yɛ fɛ. Akwannya a yɛanya a yɛde reboa nkurɔfo ma wɔahu yɛn soro Agya no na wɔadɔ no sɛnea yɛdɔ no no, ɛyɛ biribi a yɛrentumi mfa ntoto hwee ho.

17. Nneɛma bɛn bio na yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa na yebu no, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde koma a edi mu som no?

17 Ɔsom a yɛde ma Yehowa no, ɛkɔ akyiri koraa sen nea yɛaka ho asɛm yi. Ɛsɛ sɛ biribiara a yɛyɛ wɔ yɛn asetena mu no kyerɛ sɛ yɛsom Yehowa. (Kolosefo 3:23) Sɛ yegye tom paa sɛ Yehowa ne Awurade Tumfoɔ no a, biribiara a yɛbɛyɛ wɔ yɛn abrabɔ mu no, yɛbɛhwɛ sɛ ɛne n’apɛde hyia. Enti sɛ yɛne yɛn abusuafo na ɛwɔ hɔ oo, sɛ yɛwɔ adwuma mu oo, yɛne nkurɔfo nsɛnnii mu oo, sɛ yɛn nko ara nso na yɛwɔ oo, kyerɛ sɛ biribiara a yɛbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Yehowa akwankyerɛ. Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea yebetumi biara sɛ yɛde “koma a edi mu” bɛsom Yehowa. (1 Beresosɛm 28:9) Sɛ yɛde koma a edi mu som Yehowa a, yɛrenyɛ yɛn ho dua-buroni, kyerɛ sɛ yɛwɔ nnipa mu a, ɛte sɛ nea yɛresom Yehowa nanso na yɛredi bɔne wɔ sum ase. Sɛ yɛn koma di mu a, yɛrenyɛ nyaatwom wɔ yɛn som mu, na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa nti ɛbɛyɛ yɛn tan mpo sɛ yɛbɛbɔ saa bra no. Afei nso, esiane sɛ yesuro Yehowa paa nti, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde koma a edi bɛsom no. Bible no ma yehu sɛ wɔn a wɔde koma a edi mu som Yehowa no, wɔn nko ara na wɔbetumi abɛyɛ ne nnamfo paa.—Dwom 25:14.

Sɛnea Yebesuasua Yehowa

18, 19. Ɛwom sɛ bɔne wɔ nnipa ho, nanso adɛn nti na yebetumi asuasua Yehowa Nyankopɔn?

18 Ɔfã biara a ɛwɔ nhoma yi mu no, wɔayi ti baako asi hɔ a ɛboa yɛn ma yehu ɔkwan a yebetumi afa so ‘asuasua Onyankopɔn, efisɛ yɛyɛ ne mma a ɔdɔ yɛn.’ (Efesofo 5:1) Ade baako a ehia paa a ɛsɛ sɛ yɛkae ne sɛ, ɛwom sɛ yɛyɛ abɔnefo de, nanso yebetumi asuasua sɛnea Yehowa de ne tumi yɛ adwuma, sɛnea obu atɛntrenee, sɛnea ɔyɛ n’ade nyansam, ne sɛnea oyi ne dɔ adi no. Nea Yehowa din no kyerɛ no ma yehu sɛ obetumi ayɛ ne ho nea ɔpɛ biara sɛnea ɛbɛyɛ a n’atirimpɔw bɛbam. Sɛnea Yehowa te no, ɛboro yɛn adwene ne yɛn ntease so. Ɛno kyerɛ sɛ yɛrentumi nsuasua no anaa? Daabi, yebetumi.

19 Onyankopɔn bɔɔ yɛn wɔ ne suban so. (Genesis 1:26) Wei nti, nneɛma a Nyankopɔn abɔ wɔ asaase so a nkwa wom nyinaa, nnipa da mu fua. Suban a yenya fii awo mu ne sɛnea nkurɔfo a yɛne wɔn te yɛ wɔn ade no, ɛnyɛ ɛno na epiapia yɛn ma yɛyɛ nea yɛyɛ. Mmom Yehowa akyɛ yɛn biribi a ɛsom bo. Ɛne sɛ, ɔde yɛn pɛ ama yɛn, enti yɛn ankasa tumi sisi gyinae a yɛpɛ. Ɛwom sɛ yɛtɔ sin na bɔne wɔ yɛn ho de, nanso yɛn ara yebetumi akyerɛ onipa ko a yɛpɛ sɛ yɛyɛ. Afei, yɛnkae sɛ Onyankopɔn din san kyerɛ sɛ obetumi ama n’asomfo ayɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ biara. Enti wopɛ sɛ wunya ɔdɔ, wuhu nyansa, wubu atɛntrenee anaa wode tumi a wowɔ no yɛ adwuma wɔ ɔkwampa so anaa? Yehowa betumi de ne honhom no aboa wo ama nea wopɛ sɛ woyɛ no, woayɛ saa pɛpɛɛpɛ! Ɛba saa a, wo de hwɛ nneɛma papa a wubetumi ayɛ!

20. Sɛ yesuasua Yehowa a, adepa bɛn na efi mu ba?

20 Wubetumi ayɛ nneɛma a ɛsɔ w’Agya a ɔwɔ soro no ani, na ama ne koma atɔ ne yam. (Mmebusɛm 27:11) Ɛbɛma woatumi ‘asɔ n’ani koraa,’ efisɛ onim nea wubetumi ayɛ ne nea worentumi nyɛ. (Kolosefo 1:9, 10) Afei sɛ wokɔ so suasua suban pa a w’Agya a ɔda wo koma so no wɔ no a, ɛbɛma woanya akwannya kɛse bi. Ɛne sɛ, nnipa a wɔnnim Onyankopɔn a enti wɔwɔ sum mu no, wubetumi ama wɔahu nokware hann no. (Mateo 5:1, 2, 14) Yehowa suban a ɛyɛ fɛ ne n’anuonyam no, wobɛda no adi ama nkurɔfo ahu. Wei yɛ anuonyamhyɛ kɛse paa!

“Mommɛn Onyankopɔn Na Ɔbɛbɛn Mo”

Bɔ mmɔden sɛ wobɛtwe abɛn Yehowa bere nyinaa

21, 22. Wɔn a wɔdɔ Yehowa nyinaa, ɛdɛn na wɔbɛkɔ so ayɛ no daa?

21 Asɛm tiawa a wɔaka akyerɛ yɛn wɔ Yakobo 4:8 no, ɛnyɛ ade a yɛyɛ no da koro. Sɛ yɛkɔ so di nokware a, yɛbɛkɔ so atwe abɛn Yehowa bere nyinaa; ɛte sɛ akwantu bi a ɛmma awiei da. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yehowa de, yɛrentumi nsua ne ho ade nwie da. Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ Yehowa ho ade nyinaa na yɛasua wɔ nhoma yi mu no. Nea Bible ka fa yɛn Nyankopɔn ho no, afei koraa na yɛafi ase resua! Bible no ankasa mpo, ɛnyɛ Yehowa ho nsɛm nyinaa na ɛwom. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ, ɔsom adwuma a Yesu bɛyɛɛ wɔ asaase so no, sɛ yɛka sɛ yɛrekyerɛw ne nyinaa a, ‘anka nhoma mmobɔwee a wɔbɛkyerɛw no renkɔ wiase mpo.’ (Yohane 21:25) Wo de hwɛ, Onyankopɔn Ba mpo na yɛreka ne ho asɛm sei, na ɔno a ɔyɛ Agya no!

22 Sɛ yɛtena ase daa mpo a, yɛrentumi nsua Yehowa ho ade nwie da. (Ɔsɛnkafo 3:11) Wo de hwɛ nhyira a ɛda hɔ retwɛn yɛn! Sɛ yɛtena ase mfe ɔha, mfe mpempem, anaa mfe ɔpepepeepee mpo a, nea yebesua afa Yehowa Nyankopɔn ho de, buburugyaa. Ɛno mpo no, yebehu sɛ yɛwɔ nneɛma pa pii a ɛsɛ sɛ yesua fa Yehowa ho. Yɛde anigye bɛhwɛ kwan sɛ yebesua ne ho ade pii, efisɛ daa yɛbɛte nka sɛ odwontofo a ɔkyerɛw asɛm a edi so yi. Ɔkaa sɛ: “Eye ma me sɛ mɛbɛn Onyankopɔn.” (Dwom 73:28) Yɛkɔ paradise a, sɛnea ɛhɔ bɛyɛ dɛ no, yɛrentumi nka mpo. Yebenya kwan ayɛ nneɛma ahorow ahorow bebree, na biribiara nni hɔ a ɛbɛyɛ dɛ asen hokwan yebenya abɛn Yehowa afebɔɔ no.

23. Ɛdɛn na yɛhyɛ wo nkuran sɛ yɛ?

23 Yehowa akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn. Enti wo nso, fa wo koma, wo kra, w’adwene ne w’ahoɔden nyinaa dɔ no bi. Saa bere yi ara na ɛsɛ sɛ woyɛ saa. (Marko 12:29, 30) Fi wo koma mu dɔ Yehowa na bata ne ho denneennen. Da biara, gyinae a wubesi no, sɛ ɛyɛ ketewa oo, sɛ ɛyɛ kɛse oo, fa kyerɛ sɛ wo koma so ade ne sɛ daa wobɛyɛ nea ɛbɛma woakɔ so abata w’Agya a ɔwɔ soro no ho denneennen. Kɔ so twe bɛn Yehowa daa, na ɔno nso bɛbɛn wo afebɔɔ!