Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhoma no Akyi Nsɛm

Nhoma no Akyi Nsɛm

Yesaia 40:11 ka Yehowa Nyankopɔn ho asɛm sɛ: “Ɔbɛhwɛ ne nguan sɛ oguanhwɛfo. Ɔde ne basa bɛboaboa nguan mma no ano, na waturu wɔn wɔ ne kokom.” Sɛ wohwɛ oguan ba a ɔhyɛ oguanhwɛfo no kokom no a, sɛ wutumi twe bɛn wo soro Agya no saa a, anka wompɛ? Ɛnde, ɛdɛn na wobɛyɛ na woatumi atwe abɛn Yehowa?