Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Nea na Onyankopɔn Pɛ Ni?

So Nea na Onyankopɔn Pɛ Ni?

KENKAN atesɛm krataa biara. Hwɛ television, anaasɛ tie radio. Wobɛte anaa wubehu nsɛmmɔnedi, akodi, ne amumɔyɛsɛm ho nsɛm pii! Susuw w’ankasa wo dadwen ahorow ho hwɛ. Ebia wo dɔfo bi a ɔyare anaasɛ wawu ama woahaw pii. Ebia wote nka sɛ onipa pa Hiob a ɔkae sɛ “awerɛhow ahyɛ me ma” no.—Hiob 10:15, The Holy Bible in the Language of Today.

Bisa wo ho sɛ:

  • So eyi ne asetra a Onyankopɔn pɛe sɛ me ne nnipa nyinaa nya?

  • Ɛhe na metumi anya mmoa de agyina me nsɛnnennen ano?

  • So anidaso bi wɔ hɔ sɛ yebenya asomdwoe wɔ asase so da bi?

Bible ma saa nsɛmmisa yi ho mmuae a abotɔyam wom.

BIBLE KYERƐKYERƐ SƐ ONYANKOPƆN DE SAA NSAKRAE YI BƐBA ASASE SO.

“Ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:4

“Apakye behuruw sɛ ɔforote.”—Yesaia 35:6

“Afuraefo aniwa bebue.”—Yesaia 35:5

‘Wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa befi adi.’—Yohane 5:28, 29

“Ɔmamfo no mu bi nnkɛse dɛ, Meyar.”—Yesaia 33:24, Fante Bible

“Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.”—Dwom 72:16

NYA NEA BIBLE KYERƐKYERƐ SO MFASO

Mpere wo ho nka sɛ nneɛma a wɔaka ho asɛm wɔ nkratafa a edi eyi anim no nyɛ ade a ɛbɛba ankasa. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma saa nneɛma yi abam, na Bible kyerɛkyerɛ ɔkwan a ɔbɛfa so de aba no mu.

Nanso, Bible yɛ nea ɛsen saa. Ɛbɛma woanya asetra a abotɔyam wom ankasa mprempren mpo. Wode gye bere kakra susuw w’ankasa wo dadwen ne wo haw ahorow ho hwɛ. Ebia ebi yɛ sikasɛm, abusua mu nsɛnnennen, yare, anaa wo dɔfo bi a wawu. Bible betumi aboa wo ma woagyina nsɛnnennen a worehyia nnɛ no ano, na ɛde nsɛmmisa a ɛte sɛ nea edidi so yi ho mmuae a ebetumi ama woanya abotɔyam ma:

  • Dɛn nti na yehu amane?

  • Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina yɛn dadwen ahorow ano?

  • Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn abusua asetra ayɛ anigye kɛse?

  • Sɛ yewu a, ɛhe na yɛkɔ?

  • So yebehu yɛn adɔfo a wɔawuwu no bio?

  • Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn bɛma ne bɔhyɛ ahorow a ɛfa daakye ho no abam?

Nhoma yi a worekenkan no kyerɛ ankasa sɛ w’ani begye ho sɛ wubehu nea Bible kyerɛkyerɛ. Nhoma yi bɛboa wo. Hyɛ no nsow sɛ nkyekyɛm ahorow no ho nsɛmmisa wɔ kratafa no ase. Nnipa ɔpepem pii ani agye nsɛm a wobisa na wɔma ho mmuae no ho bere a wɔne Yehowa Adansefo resusuw Bible no ho no. Yɛhwɛ kwan sɛ wo nso w’ani begye ho. Bere a woresua nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa a ɛyɛ anigye na abotɔyam wom mprempren no, ɛmmra sɛ wubenya Onyankopɔn nhyira!