Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI BIAKO

Dɛn Ne Onyankopɔn Ho Nokwasɛm?

Dɛn Ne Onyankopɔn Ho Nokwasɛm?
  •  So Onyankopɔn dwen wo ho ankasa?

  • Onyankopɔn suban te dɛn? So ɔwɔ din?

  • So wubetumi abɛn Onyankopɔn?

1, 2. Dɛn nti na ɛtaa yɛ papa sɛ yebebisa nsɛm?

SO WOAHYƐ sɛnea mmofra bisa nsɛm no nsow? Wɔn mu pii fi ase sua kasa ara pɛ ná wɔrebisa nsɛm. Wɔhããhãã wɔn ani ma wɔn ti so hwɛ w’anim bisa wo nsɛm te sɛ: Dɛn nti na ewim yɛ bruu? Dɛn na wɔde yɛɛ nsoromma? Hena na ɔkyerɛɛ nnomaa sɛnea wonsu? Ebia wobɛbɔ mmɔden sɛ wubebua, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw. Mmuae a eye sen biara a wode bɛma no mpo bɛma wɔasan abisa wo sɛ: Dɛn ntia?

2 Ɛnyɛ mmofra nko na wobisa nsɛm. Bere a yɛrenyin no, yɛkɔ so bisa nsɛm. Yebisa nsɛm sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so, na yɛahu nneɛma a ebetumi apira yɛn a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ, anaa biribi a yɛpɛ sɛ yɛte ase. Nanso, ɛte sɛ nea nnipa pii gyae sɛ wobebisa nsɛm, titiriw nea ɛho hia paa no, na sɛ wobisa mpo a, wɔnhaw wɔn ho nhwehwɛ ho mmuae.

3. Dɛn nti na nnipa pii agyae mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛhwehwɛ nsɛmmisa a ɛho hia sen biara no ho mmuae?

3 Susuw asɛmmisa a ɛyɛ nhoma yi asɛmti no, nsɛm a wɔabisa wɔ nnianim asɛm no mu, anaa  nsɛmmisa a ɛwɔ saa ti yi mfiase no ho hwɛ. Eyinom yɛ nsɛm a ɛho hia sen biara a wubetumi abisa no bi. Nanso, nnipa pii agyae mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛhwehwɛ ho mmuae no. Dɛn ntia? So ɛho mmuae wɔ Bible mu? Ebinom te nka sɛ ɛyɛ den sɛ wɔbɛte mmuae a Bible de ma no ase. Ɛhaw afoforo nso sɛ nsɛm a wobebisa no betumi ama wɔn ani awu anaasɛ wɔn anim agu ase. Na ebinom ka sɛ ɛyɛ nyamesom akannifo ne akyerɛkyerɛfo na wobetumi ama nsɛmmisa a ɛtete saa no ho mmuae. Na wo nso ɛ?

4, 5. Dɛn ne nsɛm a ɛho hia sen biara a yebetumi abisa wɔ asetram no bi, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ ho mmuae?

4 Ɛda adi paa sɛ, w’ani gye ho sɛ wubenya asetram nsɛmmisa a ɛho hia no ho mmuae. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛtɔ bere bi a wubisa wo ho sɛ: ‘Asetra atirimpɔw ne dɛn? So asetra ara ni? Onyankopɔn te dɛn ankasa?’ Ɛfata sɛ wubebisa nsɛm a ɛtete saa, na ɛho hia sɛ worennyae ara kosi sɛ wubenya ɛho mmuae a edi mũ, na ntease wom. Yesu Kristo, ɔkyerɛkyerɛfo a wonim no yiye no kae sɛ: “Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mpem, na wobebue mo.”—Mateo 7:7.

5 Sɛ ‘wokɔ so hwehwɛ’ nsɛmmisa a ɛho hia no ho mmuae a, wubehu sɛ mfaso wɔ so paa sɛ wohwehwɛe. (Mmebusɛm 2:1-5) Ɛmfa ho nea ebia nnipa bi aka akyerɛ wo no, ɛho mmuae wɔ hɔ ankasa, na wubetumi ahu wɔ Bible mu. Ɛnyɛ den koraa sɛ wobɛte mmuae no ase. Nea ɛsen saa no, ɛma wunya anidaso ne anigye nso. Na ebetumi aboa wo ma woanya asetra a abotɔyam wom mprempren. Nea edi kan no, ma yensusuw asɛmmisa bi a ahaw nnipa pii adwene ho nhwɛ.

SO ONYANKOPƆN YƐ OTIRIMƆDENFO A ONNWEN NNIPA HO?

6. Dɛn nti na nnipa pii susuw sɛ Onyankopɔn nnwen amane a nnipa hu no ho?

6 Nnipa pii susuw sɛ saa asɛmmisa no ho mmuae yɛ yiw. Wɔka sɛ: ‘Sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho a, so anka wiase te sɛ nea ɛte yi?’ Akodi, nitan, ne awerɛhow atwa yɛn ho ahyia wɔ wiase yi mu baabiara. Na yɛn mu biara yare, yehu amane, na yɛn adɔfo wuwu. Enti, nnipa pii ka sɛ, ‘Sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho na ɔhaw ahorow a yehyia no ho asɛm haw no a, so anka ɔbɛma nneɛma a ɛte saa asisi?’

7. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔsom ahorow mu akyerɛkyerɛfo ama nnipa pii anya adwene sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den? (b) Dɛn na Bible kyerɛkyerɛ fa sɔhwɛ ahorow a yebetumi ahyia no ho?

7 Nea enye koraa no, ɛtɔ bere bi a ɔsom ahorow mu akyerɛkyerɛfo ma nkurɔfo nya adwene sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den. Ɔkwan bɛn so? Sɛ asiane bi si a, wɔka sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ. Nea saa akyerɛkyerɛfo no kyerɛ ankasa ne sɛ Onyankopɔn na ɔma asiane ahorow sisi. So saa na Onyankopɔn te ankasa? Dɛn na Bible kyerɛkyerɛ ankasa? Yakobo 1:13 bua sɛ: “Sɛ sɔhwɛ to obi a, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ: ‘Onyankopɔn na ɔresɔ me ahwɛ.’ Efisɛ wontumi mfa nnebɔne nsɔ Nyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” Enti, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde abɔnefosɛm a wuhu wɔ wiase a wote mu no ba da. (Hiob 34:10-12) Ɛyɛ nokware sɛ ɔma kwan ma nneɛma bɔne kɔ so de, nanso ɛsono biribi a obi ma kwan ma ɛba ne nea ɔno ankasa ma esi koraa.

8, 9. (a) Mfatoho bɛn na wubetumi de akyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ abɔnefosɛm ho kwan a wɔma ne abɔnefosɛm a wɔde ba mu? (b) Dɛn nti na ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛka sɛ ɛyɛ mfomso sɛ Onyankopɔn ma kwan ma adesamma fa ɔkwammɔne so?

8 Sɛ nhwɛso no, susuw agya bi a onim nyansa na ɔwɔ ɔdɔ a ɔwɔ ɔbabarima a wanyin a ɔda so ne n’awofo te ho hwɛ. Sɛ ne ba no bɛyɛ otuatewfo na ɔyɛ n’adwene sɛ obefi fie a, agya no nsiw no kwan. Na sɛ ne ba no kɔfa ɔkwammɔne so na asɛm to no a, so agya no na ɔmaa ɔhaw no baa ne ba no so? Dabi. (Luka 15:11-13) Saa pɛpɛɛpɛ na sɛ nnipa yɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛfa ɔkwammɔne so a, Onyankopɔn nsiw wɔn kwan, nanso ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma ɔhaw ahorow a efi ɔkwammɔne a wɔfa so mu ba no ba wɔn so. Enti, ɛda adi sɛ ɛnyɛ papa sɛ yɛde adesamma haw ahorow no ho asodi bɛto Onyankopɔn so.

9 Onyankopɔn nim nea enti a wama kwan ma adesamma afa ɔkwammɔne so. Sɛ́ Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ tumi ne nyansa no, ɛnyɛ ɔhyɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ nea enti a wayɛ saa no mu kyerɛ yɛn. Nanso, Onyankopɔn fi ɔdɔ mu yɛ eyi. Wubesua nea enti a ɔyɛ saa no ho ade pii wɔ Ti 11. Nanso, nya awerɛhyem sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde ɔhaw ahorow a yehyia no ba. Mmom no, ɔno na ɔma yenya ano aduru koro pɛ a ɛwɔ hɔ no ho anidaso!—Yesaia 33:2.

10. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn besiesie nneɛma a abɔnefo asɛe no no nyinaa?

10 Afei nso, Onyankopɔn yɛ kronkron. (Yesaia 6:3) Eyi kyerɛ sɛ ne ho tew. Bɔne biara nni ne mu. Enti yebetumi anya ne mu ahotoso koraa. Yɛrentumi nka biribi a ɛte saa mfa nnipa a ɛtɔ mmere bi a wɔsɛe wɔn abrabɔ no ho. Mpɛn pii no, onipa sodifo a ɔwɔ adwene pa koraa mpo nni tumi a ɔde besiesie nneɛma a abɔnefo sɛe no no. Nanso, Onyankopɔn yɛ tumi nyinaa wura. Obetumi asiesie biribiara a abɔnefosɛm de aba adesamma so no, na ɔbɛyɛ nso. Sɛ Onyankopɔn keka ne ho a, obeyi bɔne afi hɔ akosi daa!—Dwom 37:9-11.

ONYANKOPƆN TE NKA DƐN WƆ NNEƐMA BƆNE A ƐREKƆ SO NO HO?

11. (a) Onyankopɔn te nka dɛn wɔ nneɛma bɔne ho? (b) Onyankopɔn te nka dɛn wɔ amane a worehu no ho?

11 Mprempren, Onyankopɔn te nka dɛn wɔ nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase ne w’asetram no ho? Nea edi kan koraa no, Bible kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn “dɔ atɛntrenee.” (Dwom 37:28, NW) Enti odwen nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho yiye. Okyi nneɛma bɔne biara. Bible ka sɛ tete no, bere a bɔne dɔɔso wɔ wiase no, “ɛyɛɛ” Onyankopɔn “yaw ne komam.” (Genesis 6:5, 6) Onyankopɔn nsakrae. (Malaki 3:6) N’ani da so ara nnye amanehunu a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa no ho. Na Onyankopɔn ani nnye ho sɛ obehu sɛ nnipa rehu amane. Bible ka sɛ: “Odwen mo ho.”—1 Petro 5:7.

Bible kyerɛkyerɛ sɛ Yehowa ne amansan Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no

12, 13. (a) Dɛn nti na yɛwɔ suban pa te sɛ ɔdɔ, na ɔdɔ ka wiase no ho adwene a yekura no dɛn? (b) Dɛn nti na wubetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛyɛ wiase haw ahorow no ho biribi ankasa?

12 Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi agye atom sɛ Onyankopɔn ani nnye amanehunu ho? Adanse foforo ni. Bible kyerɛkyerɛ sɛ wɔbɔɔ onipa wɔ Onyankopɔn suban so. (Genesis 1:26) Enti, suban pa a yɛwɔ no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ suban pa. Sɛ nhwɛso no, sɛ wuhu sɛ nnipa a wɔnyɛɛ bɔne biara rehu amane a, so ɛhaw wo? Sɛ nneɛma bɔne a ɛte saa ho asɛm haw wo a, ɛnde nya awerɛhyem sɛ ɛho asɛm haw Onyankopɔn sen wo koraa.

13 Nnipa ho ade a eye sen biara no mu biako ne ɔdɔ a yetumi da no adi no. Ɛno nso kyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ. Bible kyerɛkyerɛ sɛ “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Esiane sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ nti na yɛn nso yɛwɔ ɔdɔ no. So ɔdɔ bɛka wo ma woayi amanehunu ne nneɛma bɔne a wuhu wɔ wiase no afi hɔ? Sɛ wowɔ tumi a wode bɛyɛ saa a, anka wobɛyɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ anka wobɛyɛ! Wubetumi anya awerɛhyem koraa sɛ Onyankopɔn beyi amanehunu ne nneɛma bɔne nyinaa afi hɔ. Bɔhyɛ ahorow a wɔkaa ho asɛm wɔ nhoma yi nnianim asɛm no mu no nyɛ adaeso anaa anidaso hunu. Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bɛbam ɔkwan biara so! Nanso, nea ɛbɛyɛ na woanya bɔhyɛ ahorow a ɛtete saa mu gyidi no, ɛsɛ sɛ wuhu Onyankopɔn a ɔhyehyɛɛ saa bɔ ahorow no ho nsɛm pii.

ONYANKOPƆN PƐ SƐ WUHU NO

Sɛ wopɛ sɛ obi hu wo a, so wommɔ wo din nkyerɛ no? Onyankopɔn bɔ ne din kyerɛ yɛn wɔ Bible mu

14. Onyankopɔn din de dɛn, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma?

14 Sɛ wopɛ sɛ obi hu wo a, dɛn na wubetumi ayɛ? So woremmɔ wo din nkyerɛ onipa no? So Onyankopɔn wɔ din? Ɔsom ahorow pii bua sɛ ne din de “Onyankopɔn” anaa “Awurade,” nanso eyinom nyɛ ne din ankasa. Ɛyɛ n’abodin, sɛnea “ɔhene” ne “ɔmampanyin” yɛ abodin no. Bible kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ abodin ahorow pii. “Onyankopɔn” ne “Awurade” yɛ abodin no bi. Na Bible kyerɛkyerɛ nso sɛ Onyankopɔn wɔ din ankasa: Ɛne Yehowa. Dwom 83:18 ka sɛ: “Wo a wo din de Yahwe [Yehowa, NW] no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” Sɛ edin no nni wo Bible mu a, ebia w’ani begye ho sɛ wobɛhwɛ Nkekaho a ɛwɔ nhoma yi kratafa 195-7 no na woahu nea enti a ɛte saa. Nokwasɛm ne sɛ Onyankopɔn din pue mpɛn mpempem pii wɔ tete Bible nsaano nkyerɛwee no mu. Enti, Yehowa pɛ sɛ wuhu ne din na wode di dwuma. Yebetumi aka sɛ ɔnam Bible so reda ne ho adi akyerɛ wo.

15. Edin Yehowa no kyerɛ dɛn?

15 Onyankopɔn maa ne ho din a ɛkyerɛ nneɛma pii. Onyankopɔn din Yehowa no kyerɛ sɛ obetumi ama ne bɔhyɛ biara abam, na obetumi ayɛ biribiara a wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no. * Onyankopɔn din da nsow koraa. Ɔno nkutoo na okura saa din no. Yehowa da nsow wɔ akwan pii so. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa?

16, 17. Yehowa ho ade bɛn na yebetumi asua afi abodin a edidi so yi mu? (a) “Ade nyinaa so Tumfoɔ” (b) “Mmeresanten Hene” (d) “Ɔbɔadeɛ.”

16 Yehui sɛ Dwom 83:18 ka faa Yehowa ho sɛ: ‘Wo nko ara ne Ɔsorosoroni.’ Saa ara na Yehowa nkutoo na wɔfrɛ no “Ade Nyinaa So Tumfoɔ.” Adiyisɛm 15:3 ka sɛ: “Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa. Mmeresanten Hene, w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware.” Abodin, “ade nyinaa so Tumfoɔ” no kyerɛ yɛn sɛ Yehowa ne otumfoɔ a ɔsen biara. Ne tumi yɛ kɛse; tumi biara ne no nsɛ. Na abodin a ɛne “Mmeresanten Hene” no kae yɛn sɛ Yehowa da nsow wɔ ɔkwan foforo so. Ɔno nkutoo na watra ase bere nyinaa. Dwom 90:2 ka sɛ: “Wufi tete akyirikyiri kosi daakye akyirikyiri [anaa, daa] yɛ Onyankopɔn.” Saa asɛm yi yɛ nwonwa, ɛnte saa?

17 Afei nso Yehowa nkutoo ne Ɔbɔadeɛ. Adiyisɛm 4:11 kenkan sɛ: “Wofata, Yehowa, yɛn Nyankopɔn, sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛwowɔ hɔ na wɔbɔe.” Esiane sɛ Yehowa yɛ Ɔbɔadeɛ nti na biribiara a wubetumi akae wɔ hɔ—efi abɔde a wɔyɛ ahonhom a aniwa nhu wɔn, nsoromma a egu wim anadwo, nnua so aba kosi ɛpo ne nsubɔnten mu mpataa so!

SO WUBETUMI ABƐN YEHOWA?

18. Dɛn nti na nnipa binom te nka sɛ wontumi mmɛn Onyankopɔn da, nanso dɛn na Bible kyerɛkyerɛ?

18 Sɛ nnipa binom kenkan Yehowa suban a ɛyɛ nwonwa no ho asɛm a ɛma wɔbɔ hu. Wosuro sɛ Onyankopɔn korɔn dodo ma enti wontumi mmɛn no da, anaasɛ wɔnyɛ nnipa a wɔn ho betumi ahia Onyankopɔn a ɔkorɔn saa no da. Nanso, so saa adwene yi fata? Ɛnyɛ saa na Bible kyerɛkyerɛ koraa. Ɛka Yehowa ho asɛm sɛ: “Ɔne yɛn mu biara ntam nware.” (Asomafo Nnwuma 17:27) Bible hyɛ yɛn nkuran mpo sɛ: ‘Yɛmmɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn yɛn.’—Yakobo 4:8.

19. (a) Yɛbɛyɛ dɛn atumi abɛn Onyankopɔn, na mfaso bɛn na yebenya? (b) Onyankopɔn suban ahorow bɛn na w’ani gye ho sen biara?

19 Wobɛyɛ dɛn atumi abɛn Onyankopɔn? Nea edi kan no, kɔ so sua Onyankopɔn ho ade a woresua mprempren no. Yesu kae sɛ: “Eyi na ɛkyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.” (Yohane 17:3) Yiw, Bible kyerɛkyerɛ sɛ Yehowa ne Yesu ho ade a obi besua no de no bɛkɔ “daa nkwa” mu! Sɛnea yɛahu dedaw no, “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:16) Yehowa wɔ suban foforo pii a ɛyɛ fɛ na ɛma nnipa ani gye ne ho. Sɛ nhwɛso no, Bible ka sɛ Yehowa yɛ “Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii.” (Exodus 34:6) Yehowa ‘ye, na ɔde firi.’ (Dwom 86:5) Onyankopɔn wɔ abotare. (2 Petro 3:9) Ɔyɛ ɔnokwafo. (Adiyisɛm 15:4) Sɛ wokenkan Bible kɔ akyiri a, wubehu sɛnea Yehowa ada no adi sɛ ɔwɔ saa suban ahorow yi ne afoforo pii a ɛyɛ anigye.

20-22. (a) So hu a yentumi mfa yɛn ani nhu Onyankopɔn no mma yentumi mmɛn no? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Dɛn na ebia nnipa bi a wokura adwempa bɛka sɛ yɛ, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

20 Nokwarem no, wuntumi mfa w’ani nhu Onyankopɔn efisɛ ɔyɛ honhom. (Yohane 1:18; 4:24; 1 Timoteo 1:17) Nanso, sɛ wusua ne ho ade wɔ Bible mu a, wubetumi ahu no yiye. Sɛnea odwontofo no kae no, wubetumi ‘ahwɛ Yehowa animtew.’ (Dwom 27:4; Romafo 1:20) Dodow a wusua Yehowa ho ade no, dodow no ara na wubehu no yiye, na ɛno bɛma woadɔ no kɛse na woate nka sɛ wobɛn no.

Ɔdɔ a agya pa wɔ ma ne mma no da ɔdɔ a emu yɛ den a yɛn soro Agya wɔ ma yɛn no adi

21 Wobɛba abɛte nea enti a Bible kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛmfa Yehowa sɛ yɛn Agya no ase. (Mateo 6:9) Ɛnyɛ yɛn nkwa nko na efi ne nkyɛn, na mmom ɔpɛ sɛ yenya asetra a eye sen biara nso, sɛnea agya biara a ɔwɔ ɔdɔ bɛpɛ sɛ ne mma nya asetra pa no. (Dwom 36:9) Bible kyerɛkyerɛ nso sɛ nnipa betumi abɛyɛ Yehowa nnamfo. (Yakobo 2:23) Susuw ho hwɛ—wubetumi abɛyɛ amansan Bɔfo no adamfo!

22 Bere a wusua Bible kɔ akyiri no, ebia wubehu sɛ nnipa bi a wokura adwempa bɛka akyerɛ wo sɛ gyae adesua a ɛte saa no. Ebia na ɛhaw wɔn sɛ wubegyae ɔsom a wowom no. Nanso, mma obiara nsiw adamfofa a ɛsen biara a wubetumi ne Onyankopɔn anya no kwan.

23, 24. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wokɔ so bisabisa nea woresua no ho nsɛm? (b) Asɛm bɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu?

23 Nokwarem no, nneɛma bi wɔ hɔ a worente ase mfiase no. Ebegye ahobrɛase kakra ansa woatumi ahwehwɛ mmoa, nanso ntwentwɛn wo nan ase esiane fɛre nti. Yesu kae sɛ eye sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase sɛ abofra. (Mateo 18:2-4) Na sɛnea yenim no, mmofra bisa nsɛm pii. Onyankopɔn pɛ sɛ wunya wo nsɛmmisa ho mmuae. Bible kamfo ebinom a na wɔwɔ anigye sɛ wobesua Onyankopɔn ho ade no. Wɔhwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye hwɛe sɛ nea na wɔresua no ne nokware no anaa.—Asomafo Nnwuma 17:11.

24 Ɔkwan a eye sen biara a wobɛfa so asua Yehowa ho ade ne sɛ wobɛyɛ Bible no mu nhwehwɛmu. Ɛyɛ nhoma a ɛda nsow wɔ nhoma foforo biara ho. Ɛda nsow wɔ ɔkwan bɛn so? Yebesusuw saa asɛm no ho wɔ ti a edi hɔ no mu.

^ nky. 15 Nea Onyankopɔn din no kyerɛ ne sɛnea wɔbɔ no no ho nsɛm pii wɔ Nkekaho a ɛwɔ kratafa 195-7 no.