Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI ANAN

Hena Ne Yesu Kristo?

Hena Ne Yesu Kristo?
  • Dwuma titiriw bɛn na Yesu di?

  • Ɛhe na ofi bae?

  • Ná ɔyɛ onipa bɛn?

1, 2. (a) Dɛn nti na nim a wunim obi a wagye din ho nsɛm kɛkɛ no nkyerɛ sɛ wunim no yiye ankasa? (b) Yesu ho nsɛm bɛn na nnipa pii ntumi nhu no yiye?

NNIPA pii na wɔagye din wɔ wiase. Wonim ebinom yiye wɔ wɔn mpɔtam, wɔn kurom, anaa wɔn man mu. Wonim afoforo nso wɔ wiase nyinaa. Nanso, obi a wagye din yiye din kɛkɛ a wubehu no nkyerɛ sɛ wunim no yiye ankasa. Ɛnkyerɛ sɛ wunim ne ho nsɛm nyinaa ne sɛnea ɔte ankasa.

2 Ɛwom sɛ bɛyɛ mfirihyia 2,000 ni na Yesu Kristo baa asase so de, nanso nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ate ne ho asɛm bi. Nnipa pii da so ara ntumi nhu nipa kõ a Yesu yɛ ankasa. Ebinom ka sɛ na ɔyɛ onipa pa kɛkɛ. Afoforo kyerɛ sɛ na ɔyɛ odiyifo bi ara kwa. Na afoforo nso gye di sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn, na ɛsɛ sɛ yɛsom no. So ɛsɛ sɛ yɛsom no ampa?

3. Dɛn nti na ɛho hia sɛ wuhu nokwasɛm a ɛfa Yesu ho?

3 Ɛho hia sɛ wuhu nokwasɛm a ɛfa Yesu ho yiye. Dɛn ntia? Efisɛ Bible ka sɛ: “Eyi na ɛkyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.” (Yohane 17:3) Yiw, Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho nokwasɛm a wubehu no betumi ama woanya daa nkwa wɔ paradise asase so. (Yohane 14:6) Afei nso, Yesu yɛɛ sɛnea yɛbɛbɔ yɛn bra, ne sɛnea yɛne afoforo bɛtra ho nhwɛso a eye sen biara maa yɛn. (Yohane 13:34, 35) Wɔ nhoma yi ti a edi kan no mu no, yesusuw Onyankopɔn ho nokwasɛm ho. Afei ma yensusuw nea Bible kyerɛkyerɛ fa Yesu Kristo ho ankasa no ho.

MESIA A WƆHYƐƐ NE HO BƆ NO

4. Abodin “Mesia” ne “Kristo” no kyerɛ dɛn?

4 Bere tenten ansa na wɔrewo Yesu no, Bible hyɛɛ nea Onyankopɔn bɛsoma no sɛ Mesia, anaa Kristo no ho nkɔm. Abodin “Mesia” (a efi Hebri asɛmfua bi mu) ne “Kristo” (a efi Hela asɛmfua bi mu) no nyinaa kyerɛ “Nea Wɔasra No.” Ná wɔbɛsra Onii a wɔhyɛɛ ne ho bɔ yi, kyerɛ sɛ, na Onyankopɔn bɛma no dibea titiriw bi. Yebesua nneɛma pii afa dibea titiriw a Mesia no benya wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no mmamu ho wɔ nhoma yi ti ahorow bi mu akyiri yi. Yebesua nhyira ahorow a Yesu betumi ama yɛanya nnɛ mpo nso ho ade. Nanso, ansa na wɔrewo Yesu no, ɛda adi sɛ na nnipa pii susuw ho sɛ, ‘Hena na ɔbɛyɛ Mesia no?’

5. Dɛn na na Yesu asuafo no gye di paa fa Yesu ho?

5 Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, na Yesu a ofi Nasaret no asuafo gye di paa sɛ ɔne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no. (Yohane 1:41) Asuafo no mu biako a ne din de Simon Petro ka kyerɛɛ Yesu pefee sɛ: “Wone Kristo no.” (Mateo 16:16) Nanso, ɔkwan bɛn so na na saa asuafo no, ne yɛn nso, betumi agye adi sɛ Yesu ne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no ampa?

6. Fa mfatoho kyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa aboa anokwafo ma wɔahu Mesia no yiye mu.

6 Onyankopɔn adiyifo a wɔtraa ase ansa na Yesu reba no nam nkɔmhyɛ so kaa nsɛm pii faa Mesia no ho. Saa nsɛm yi bɛboa afoforo ma wɔahu no. Yebetumi akyerɛkyerɛ mu wɔ saa kwan yi so: Fa no sɛ wɔaka akyerɛ wo sɛ kɔ bɔs, keteke, anaa wimhyɛn gyinabea a nnipa dɔɔso wɔ hɔ kɔfa obi a wunhyiaa no da bra. Sɛ obi ka onipa no ho asɛm kakra kyerɛ wo a, anka ɛremmoa wo? Saa ara na Yehowa nam adiyifo a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu so de nea Mesia no bɛyɛ ne nsɛm a ɛbɛto no ho nkyerɛkyerɛmu mae. Na nkɔmhyɛ pii yi mmamu bɛboa anokwafo ma wɔahu no yiye.

7. Nkɔmhyɛ abien a ɛfa Yesu ho bɛn na enyaa mmamu?

7 Susuw nhwɛso abien pɛ ho hwɛ. Nea edi kan no, odiyifo Mika dii kan hyɛɛ nkɔm bɛyɛ mfirihyia 700 sɛ wɔbɛwo Nea wɔahyɛ ne ho bɔ no wɔ Betlehem, Yuda kurow ketewa bi mu. (Mika 5:2) Ɛhe ankasa na wɔwoo Yesu? Wɔwoo no saa kurow no ara mu! (Mateo 2:1, 3-9) Nea ɛto so abien no, nkɔm a wodii kan hyɛe mfirihyia ɔhaha pii a ɛwɔ Daniel 9:25 no twee adwene sii afe a na Mesia no bɛda ne ho adi so—afe 29 Y.B. * Saa nkɔmhyɛ yi ne afoforo a enyaa mmamu no daa no adi sɛ Yesu ne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no.

Yesu bɛyɛɛ Mesia, anaa Kristo wɔ bere a wɔbɔɔ no asu no

8, 9. Adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Mesia no bɛn na ɛbɛdaa adi wɔ n’asubɔ mu?

8 Adanse foforo a ɛkyerɛe sɛ Yesu ne Mesia no bɛdaa adi wɔ afe 29 Y.B. awiei no mu. Ɛno ne afe a Yesu kɔɔ Yohane Osuboni no nkyɛn ma ɔbɔɔ no asu wɔ Yordan Asubɔnten mu no. Ná Yehowa ahyɛ Yohane bɔ sɛ ɔbɛma no sɛnkyerɛnne bi a ɛbɛma wahu Mesia no. Yohane huu saa sɛnkyerɛnne no wɔ Yesu asubɔ no mu. Bible ka sɛ eyi na esii: “Ɔbɔɔ Yesu asu wiei no ara na ofii nsu no mu puei, na hwɛ! ɔsoro buei, na ohuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresian ba no so te sɛ aborɔnoma. Afei hwɛ! Nne bi fi soro kae sɛ: ‘Oyi ne me Ba a medɔ no na magye no atom.’” (Mateo 3:16, 17) Bere a Yohane huu nea esii na ɔtee no, ohui pefee sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa Yesu. (Yohane 1:32-34) Bere a wohwiee Onyankopɔn honhom, anaa tumi a ɔde yɛ adwuma guu Yesu so saa da no, Yesu bɛyɛɛ Mesia, anaa Kristo, nea wɔapaw no sɛ ɔmmɛyɛ Ɔkannifo ne Ɔhene no.—Yesaia 55:4.

9 Bible nkɔmhyɛ a ɛbaa mu ne adanse a Yehowa Nyankopɔn ankasa dii no daa no adi pefee sɛ na Yesu ne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Bible bua nsɛmmisa foforo abien a ɛho hia a ɛfa Yesu Kristo ho nso: Ɛhe na ofi bae, na na ɔyɛ onipa bɛn?

ƐHE NA YESU FI BAE?

10. Dɛn na Bible kyerɛkyerɛ fa asetra a na Yesu wom ansa na ɔreba asase so no ho?

10 Bible kyerɛkyerɛ sɛ Yesu traa soro ansa na ɔreba asase so. Mika hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛwo Mesia no wɔ Betlehem, na ɔkae nso sɛ Ne mfiase “fi tete nteredee.” (Mika 5:2) Mpɛn pii na Yesu ankasa kae sɛ na watra ase wɔ soro ansa na wɔrewo no sɛ onipa. (Yohane 3:13; 6:38, 62; 17:4, 5) Sɛ́ honhom abɔde a na ɔte soro no, Yesu ne Yehowa nyaa abusuabɔ titiriw bi.

11. Ɔkwan bɛn so na Bible ma yehu sɛ Yesu ne Yehowa Ba a ɔsom bo sen biara?

11 Ntease wom sɛ wɔka sɛ Yesu ne Yehowa Ba a ɔsom bo sen biara. Wɔfrɛ no “abɔde nyinaa mu abakan,” efisɛ ɔno ne Onyankopɔn abɔde a odi kan. * (Kolosefo 1:15) Biribi foforo wɔ hɔ a ɛma Ɔba yi yɛ soronko. Ɔne ‘Ɔba a ɔwoo no koro’ no. (Yohane 3:16) Eyi kyerɛ sɛ Yesu ne obi a Onyankopɔn bɔɔ no tẽẽ. Yesu nkutoo nso ne obi a Onyankopɔn nam Ne so bɔɔ nneɛma foforo a aka nyinaa. (Kolosefo 1:16) Afei nso, wɔfrɛ Yesu “Asɛm no.” (Yohane 1:14) Eyi ma yehu sɛ ɔkasa maa Onyankopɔn, na ɛda adi sɛ Onyankopɔn maa ɔde nkra nsɛm ne akwankyerɛ ahorow kɔmaa Agya no mma a aka a wɔyɛ ahonhom ne nnipa no nyinaa.

12. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Abakan no ne Onyankopɔn nyɛ pɛ?

12 So Abakan no ne Onyankopɔn yɛ pɛ, sɛnea ebinom gye di no? Ɛnyɛ saa na Bible kyerɛkyerɛ. Sɛnea yehui wɔ nkyekyɛm a edi eyi anim mu no, wɔbɔɔ Ɔba no. Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ ɔwɔ mfiase, bere a Yehowa Nyankopɔn nni mfiase anaa awiei. (Dwom 90:2) Ɔba a ɔwoo no koro no ansusuw ho da sɛ ɔbɛyɛ ne ho sɛ ɔne N’agya yɛ pɛ. Bible kyerɛkyerɛ pefee sɛ Agya no yɛ kɛse sen Ɔba no. (Yohane 14:28; 1 Korintofo 11:3) Yehowa nkutoo ne “Tweaduampɔn,” anaa Ade Nyinaa So Tumfoɔ. (Genesis 17:1) Enti, obiara ne no nyɛ pɛ. *

13. Dɛn na Bible kyerɛ bere a ɛfrɛ Ɔba no sɛ “Onyankopɔn a wonhu no no suban” no?

13 Yehowa ne N’abakan no nyaa abusuabɔ a emu yɛ den mfirihyia ɔpepepem pii—bere tenteenten ansa na wɔrebɔ ewim ne nsoromma a ɛwɔ hɔ ne asase. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ na wɔdɔ wɔn ho! (Yohane 3:35; 14:31) Ná Ɔba a wɔdɔ no yi te sɛ N’agya pɛpɛɛpɛ. Ɛno nti na Bible frɛ Ɔba no “Onyankopɔn a wonhu no no suban” no. (Kolosefo 1:15) Yiw, sɛnea ɔba bi betumi asɛ n’agya yiye wɔ akwan pii so no, Ɔba a ofi soro yi daa N’agya suban ahorow ne ne nipasu adi.

14. Ɔkwan bɛn so na wɔwoo Yehowa Ba a ɔwoo no koro no sɛ onipa?

14 Yehowa Ba a ɔwoo no koro no fii ne pɛ mu fii soro baa asase so bɛtraa ase sɛ onipa. Nanso, ebia wubebisa sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na wotumi woo honhom abɔde sɛ onipa?’ Nea ɛbɛyɛ na eyi ayɛ yiye no, Yehowa yɛɛ anwonwade bi. Oyii N’abakan no nkwa fii soro bɛhyɛɛ Yudani bea bi a ɔyɛ ɔbaabun a ne din de Maria awotwaa mu. Ná onipa agya biara ho nnim. Enti Maria woo ɔbabarima a ɔyɛ pɛ, na wɔtoo no din Yesu.—Luka 1:30-35.

NÁ YESU YƐ ONIPA BƐN?

15. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesu so na yɛnam behu Yehowa yiye?

15 Nea Yesu kae na ɔyɛe bere a na ɔwɔ asase so no boa yɛn ma yehu no yiye. Nea ɛsen saa no, yɛnam Yesu so hu Yehowa yiye. Dɛn nti na eyi te saa? Kae sɛ Ɔba yi kura N’agya suban pɛpɛɛpɛ. Ɛno nti na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no mu biako sɛ: “Nea wahu me no ahu Agya no nso.” (Yohane 14:9) Bible mu nhoma anan a wɔfrɛ no Nsɛmpa no a ɛne Mateo, Marko, Luka, ne Yohane no ma yehu Yesu Kristo asetra, n’adwuma, ne ne suban ahorow ho nsɛm pii.

16. Asɛntitiriw bɛn na na Yesu ka, na onyaa ne nkyerɛkyerɛ no fii hena hɔ?

16 Na wonim Yesu yiye sɛ “Ɔkyerɛkyerɛfo.” (Yohane 1:38; 13:13) Dɛn na ɔkyerɛkyerɛe? Ne titiriw no, na n’asɛm no fa “ahenni no ho asɛmpa no” ho. Ɛno ne Onyankopɔn Ahenni, ɔsoro nniso a ebedi asase nyinaa so na ɛde nhyira a ɛso nni bɛbrɛ nnipa a wɔyɛ osetie nyinaa no. (Mateo 4:23) Na eyi yɛ hena asɛm? Yesu ankasa kae sɛ: “Nea mekyerɛkyerɛ no nyɛ me dea, na mmom nea ɔsomaa me no dea.” (Yohane 7:16) Na Yesu nim sɛ N’agya pɛ sɛ nnipa te Ahenni no ho asɛmpa no. Yebesua Onyankopɔn Ahenni ne nea ɛbɛyɛ no ho ade pii wɔ Ti 8.

17. Ɛhe na Yesu yɛɛ ne nkyerɛkyerɛ adwuma no, na dɛn nti na ɔbɔɔ mmɔden biara sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo?

17 Ɛhe na Yesu yɛɛ ne nkyerɛkyerɛ adwuma no? Baabiara a ohuu nnipa—wɔ nkuraase, nkurow akɛse mu, gua so, ne wɔn afie mu. Yesu anhwɛ kwan sɛ nkurɔfo bɛba ne nkyɛn. Ɔno mmom na ɔkɔɔ wɔn nkyɛn. (Marko 6:56; Luka 19:5, 6) Dɛn nti na Yesu yɛɛ nea obetumi biara de ne bere pii yɛɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no? Efisɛ na ɛyɛ Onyankopɔn apɛde sɛ ɔyɛ saa. Yesu yɛɛ N’agya apɛde bere nyinaa. (Yohane 8:28, 29) Nanso, na ade foforo bi nso wɔ hɔ nti a ɔkaa asɛm no. Nnipa akuwakuw a wɔbaa ne nkyɛn no yɛɛ no mmɔbɔ. (Mateo 9:35, 36) Ná nyamesom akannifo a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ho nokwasɛm no abu wɔn ani agu wɔn so. Na Yesu nim hia a ehia sɛ nkurɔfo no te Ahenni nkrasɛm no yiye.

18. Yesu suban ahorow bɛn na w’ani gye ho sen biara?

18 Na Yesu yɛ ɔbarima a ɔwɔ dɔ na odwen afoforo ho. Enti afoforo hui sɛ ɔyɛ obi a wotumi bɛn no na ne yam ye. Mmofra mpo de anigye kɔɔ ne nkyɛn. (Marko 10:13-16) Na Yesu nhwɛ nnipa anim. Ná okyi kɛtɛasehyɛ ne asisisɛm. (Mateo 21:12, 13) Bere a na wommu mmea na wɔde hokwan pii kame wɔn no, odii wɔn ni. (Yohane 4:9, 27) Ná Yesu brɛ ne ho ase ankasa. Bere bi ɔyɛɛ adwuma a akoa a ɔba fam koraa na ɔtaa yɛ. Ɔhohoroo n’asomafo no nan ho.

Yesu kaa asɛm no wɔ baabiara a ohuu nnipa

19. Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yesu dwen afoforo ahiade ho?

19 Na Yesu dwen afoforo ahiade ho yiye. Eyi daa adi yiye bere a ɔde Onyankopɔn honhom saa yare anwonwakwan so no. (Mateo 14:14) Sɛ nhwɛso no, ɔbarima bi a na ɔyare kwata baa Yesu nkyɛn bɛkae sɛ: “Sɛ wopɛ nkoaa a, minim sɛ wubetumi ama me ho afi.” Yesu faa ne ho sɛ ɔne ɔbarima a na ɔrehu amane no. Ɔbarima no yɛɛ Yesu mmɔbɔ ma ɔteɛɛ ne nsa kaa no kae sɛ: “Mepɛ. Wo ho mfi.” Na ɔbarima no yare no kɔe! (Marko 1:40-42) So wubetumi de w’adwene abu sɛnea ɛbɛyɛ sɛ asɛm no kaa saa ɔbarima no?

ODII NOKWARE KOSII AWIEI

20, 21. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ osetie mu a wofi di nokware ho nhwɛso?

20 Yesu yɛɛ osetie mu a wofi di nokware ma Onyankopɔn no ho nhwɛso pa. Ɔkɔɔ so dii nokware maa ne soro Agya no wɔ tebea ahorow nyinaa mu, ɛmfa ho ɔsɔretia ne amane pii a ohui no. Yesu de akokoduru gyinaa Satan sɔhwɛ ahorow ano pintinn. (Mateo 4:1-11) Bere bi, Yesu ankasa abusuafo bi ankyerɛ ne mu gyidi, na wɔkae mpo sɛ “n’adwene asɛe.” (Marko 3:21) Nanso, Yesu amma wɔammu n’abam; ɔkɔɔ so yɛɛ Onyankopɔn adwuma no. Ɛmfa ho sɛ wɔyaw Yesu no, ɔkɔɔ so dii ne ho so, na wanyɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ wɔn a wɔsɔre tiaa no no bɔne da.—1 Petro 2:21-23.

21 Yesu dii nokware kosii owu mu, wɔ kum a n’atamfo kum no yayaayaw no mu. (Filipifo 2:8) Susuw amane a ohui wɔ n’asetram sɛ onipa wɔ ne da a etwa to wɔ asase so no ho hwɛ. Wɔkyeree no, adansekurumfo bɔɔ no sobo, atemmufo atorofo buu no atɛn, basabasayɛfo dii ne ho fɛw, na asraafo yɛɛ no ayayade. Bere a wɔbɔɔ no asɛnduam no, oguu ahome a etwa to, na ɔteɛɛm sɛ: “Asa!” (Yohane 19:30) Nanso, bere a Yesu wui akyi nnansa no, ne soro Agya nyanee no baa nkwa mu sɛ honhom abɔde. (1 Petro 3:18) Adapɛn kakra akyi no, ɔsan kɔɔ soro. Ɛhɔ no, “ɔkɔtraa Onyankopɔn nsa nifa” twɛnee sɛ wɔde n’ahenni tumi bɛma no.—Hebrifo 10:12, 13.

22. Dɛn na Yesu nam nokware a odi kosii owu mu no so yɛe?

22 Dɛn na Yesu nam nokware a odi kosii owu mu no so yɛe? Nokwarem no, Yesu wu no na abue daa nkwa a yebenya wɔ paradise asase so ho kwan ama yɛn. Ɛno na na ɛyɛ Yehowa nhyehyɛe fi mfitiase no. Yebesusuw nea ɛyɛe a Yesu wu no tumi buee kwan maa yɛn no ho wɔ ti a edi hɔ no mu.

^ nky. 7 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea Daniel nkɔmhyɛ no nyaa ne mmamu wɔ Yesu so ho nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ Nkekaho a ɛwɔ kratafa 197-9 no.

^ nky. 11 Wɔfrɛ Yehowa sɛ Agya efisɛ ɔne Ɔbɔadeɛ no. (Yesaia 64:8) Esiane sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ Yesu nti wɔfrɛ Yesu Onyankopɔn Ba. Saa ara nso nti na wɔfrɛ honhom abɔde afoforo ne Adam a ɔyɛ onipa no mpo Onyankopɔn mma no.—Hiob 1:6; Luka 3:38.

^ nky. 12 Sɛ wopɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ Abakan no ne Onyankopɔn nyɛ pɛ a, hwɛ Nkekaho a ɛwɔ kratafa 201-4 no.