Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI ANUM

Agyede No—Onyankopɔn Akyɛde a Ɛsen Biara

Agyede No—Onyankopɔn Akyɛde a Ɛsen Biara
  • Dɛn ne agyede no?

  • Ɔkwan bɛn na wɔfaa so de mae?

  • Dɛn na ebetumi ama woanya?

  • Dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ?

1, 2. (a) Bere bɛn na akyɛde bi yɛ nea ɛsom bo kɛse ma wo? (b) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ agyede no ne akyɛde a ɛsom bo sen biara a wubetumi anya?

DƐN ne akyɛde a ɛsom bo sen biara a wo nsa aka pɛn? Ɛnsɛ sɛ akyɛde yɛ nea ne bo yɛ den ansa na ayɛ nea ɛho hia. Nokwarem no, ɛnyɛ sika dodow a wɔde tɔ akyɛde bi na ɛma wohu sɛnea ɛsom bo fa. Mmom no, sɛ akyɛde bi ma w’ani gye anaa edi w’ahiade bi ho dwuma a, ɛyɛ nea ɛsom bo yiye ma wo.

2 Wɔ akyɛde pii a w’ani begye ho sɛ wo nsa bɛka nyinaa mu no, biako bi wɔ hɔ a ɛsen ne nyinaa. Ɛyɛ akyɛde a Onyankopɔn de ma adesamma. Yehowa ama yɛn nneɛma pii, nanso n’akyɛde a ɛsen biara a ɔde ama yɛn ne ne Ba Yesu Kristo agyede afɔre no. (Mateo 20:28) Sɛnea yebehu wɔ saa ti yi mu no, agyede no ne akyɛde a ɛsom bo sen biara a wubetumi anya, efisɛ ebetumi ama woanya anigye a ɛso bi nni, na ebetumi adi w’ahiade a ɛho hia sen biara ho dwuma. Nokwarem no, agyede no ne Yehowa dɔ a ɛsen biara a wayi no adi akyerɛ wo.

DƐN NE AGYEDE NO?

3. Dɛn ne agyede no, na ntease bɛn na ɛsɛ sɛ yenya na ama yɛatumi akyerɛ akyɛde a ɛsom bo yi ho anisɔ?

3 Ne tiaatwa mu no, agyede no ne Yehowa kwan a ɔnam so begye nnipa afi bɔne ne owu mu. (Efesofo 1:7) Nea ɛbɛyɛ na yɛate Bible nkyerɛkyerɛ yi ase no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene kɔ nea esii wɔ Eden turom no so. Sɛ yɛte nea Adam hweree bere a ɔyɛɛ bɔne no ase a, ɛnna yebetumi ahu nea enti a agyede no a wɔde ama yɛn no yɛ akyɛde a ɛsom bo ankasa.

4. Dɛn na na onipa nkwa a ɛyɛ pɛ no bɛma Adam anya?

4 Bere a Yehowa bɔɔ Adam no, ɔmaa no biribi a ɛsom bo paa—onipa nkwa a ɛyɛ pɛ. Susuw nea na ɛno bɛma Adam anya no ho hwɛ. Bere a wɔbɔɔ no a na ɔwɔ nipadua ne adwene a ɛyɛ pɛ no, na ɔbɛtra ase a ɔrenyare, ɔremmɔ akwakoraa, anaasɛ ɔrenwu da. Sɛ́ onipa a ɔyɛ pɛ no, ɔne Yehowa nyaa abusuabɔ titiriw bi. Bible ka sɛ na Adam yɛ “Onyankopɔn ba.” (Luka 3:38) Enti Adam ne Yehowa Nyankopɔn nyaa abusuabɔ a emu yɛ den te sɛ ɔba a ɔwɔ agya a ɔdɔ no ntam abusuabɔ. Yehowa ne ne ba a ɔwɔ asase so no dii nkitaho, na ɔmaa Adam adwuma a abotɔyam wom, na ɔma ohuu nea na ɔhwehwɛ fi ne hɔ.—Genesis 1:28-30; 2:16, 17.

5. Sɛ Bible ka sɛ wɔbɔɔ Adam wɔ “Onyankopɔn suban so” a, na ɛkyerɛ dɛn?

5 Wɔbɔɔ Adam wɔ “Onyankopɔn suban so.” (Genesis 1:27) Ná ɛno nkyerɛ sɛ Adam ne Onyankopɔn sɛ wɔ nipaduam. Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 1 no, Yehowa yɛ honhom a aniwa nhu no. (Yohane 4:24) Enti Yehowa nni nipadua a ɛyɛ honam ne mogya. Onyankopɔn suban so a wɔbɔɔ Adam no kyerɛ sɛ wɔde suban ahorow a ɛte sɛ Onyankopɔn de, a ebi ne ɔdɔ, nyansa, atɛntrenee, ne tumi bɔɔ no. Ná Adam te sɛ N’agya wɔ ɔkwan foforo a ɛho hia so, a ɛne sɛ na otumi fi ne pɛ mu yɛ ade. Enti na Adam nte sɛ afiri a nea wɔahyehyɛ sɛ ɛnyɛ nkutoo na etumi yɛ no. Mmom no, na otumi sisi n’ankasa gyinae; na na otumi paw papa anaa bɔne. Sɛ otiee Onyankopɔn asɛm a, anka ɔbɛtra ase daa wɔ Paradise asase so.

6. Bere a Adam yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no, dɛn na ɔhweree, na ɛkaa n’asefo dɛn?

6 Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ bere a Adam yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden na wobuu no kumfɔ no, ɔhweree ade kɛse. Ne bɔne no ma ɔhweree ne nkwa a ɛyɛ pɛ ne nhyira a ɛka ho nyinaa. (Genesis 3:17-19) Awerɛhosɛm ne sɛ ɛnyɛ Adam nko na ɔhweree nkwa a ɛsom bo yi na mmom ne mma a ɔwoo wɔn nso. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: ‘Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, na ɛno na ɛmaa owu trɛw kaa nnipa nyinaa efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.’ (Romafo 5:12) Yiw, yɛn nyinaa anya bɔne afi Adam mu. Enti, Bible ka sɛ ‘ɔtɔn’ ɔne n’asefo kɔɔ bɔne ne owu nkoayɛ mu. (Romafo 7:14) Ná anidaso biara nni hɔ ma Adam anaa Hawa efisɛ wɔhyɛɛ da na wɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. Na wɔn asefo a yɛn nso yɛka ho no nso ɛ?

7, 8. Nneɛma atitiriw abien bɛn na agyede kyerɛ?

7 Yehowa nam agyede no so begyee nnipa. Dɛn ne agyede? Agyede kyerɛ nneɛma atitiriw abien. Nea edi kan no, agyede kyerɛ sika anaa biribi a ɛsom bo a wotua de gye obi anaa biribi. Yebetumi de atoto sika anaa biribi a ɛsom bo a wotua de gye obi a wɔafa no sɛ akoa wɔ ɔko mu ho. Nea ɛto so abien no, agyede kyerɛ sika anaa biribi a ɛsom bo a wɔde ma de tua biribi ho ka. Ɛte sɛ sika a wotua ma obi a wɔasɛe ne biribi de pata no no. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi ma asiane bi si a, ɛsɛ sɛ otua sika a ɛsom bo te sɛ nneɛma a wasɛe no no.

8 Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi atua ade kɛse a Adam ama yɛn nyinaa ahwere no ho ka, na ama wɔatumi agye yɛn afi bɔne ne owu nkoayɛ mu? Ma yensusuw agyede a Yehowa de mae ne nea ebetumi ama woanya no ho nhwɛ.

SƐNEA YEHOWA DE AGYEDE NO MAE

9. Agyede bɛn na na wɔhwehwɛ?

9 Esiane sɛ nnipa nkwa a ɛyɛ pɛ na wɔhweree nti, nnipa a wɔnyɛ pɛ mu biara nni hɔ a obetumi asan agye nkwa a wɔhweree no. (Dwom 49:7, 8) Nea na wohia ne agyede a ɛne nea wɔhweree no bo yɛ pɛ. Eyi ne atɛntrenee ho nnyinasosɛm a ɛyɛ pɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no hyia, nea ɛka sɛ: “Ɔkra nsi ɔkra ananmu” no. (Deuteronomium 19:21) Enti, dɛn na na ebetumi atua onipa kra, anaa nkwa a ɛyɛ pɛ a Adam hweree no ho ka? Onipa nkwa a ɛyɛ pɛ foforo na na wɔhwehwɛ sɛ “agyede a ɛfata.”—1 Timoteo 2:6.

10. Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so de agyede no mae?

10 Ɔkwan bɛn so na Yehowa de agyede no mae? Ɔsomaa ne honhom mu mma a wɔyɛ pɛ no mu biako baa asase so. Nanso, ɛnyɛ honhom abɔde biara kɛkɛ na Yehowa somaa no. Ɔsomaa nea ɔsom bo ma no sen biara, ne Ba a ɔwoo no koro no. (1 Yohane 4:9, 10) Ɔba yi fii ne pɛ mu gyaw ne soro fie hɔ baa asase so. (Filipifo 2:7) Sɛnea yehui wɔ nhoma yi ti anan mu no, Yehowa nam anwonwakwan so yii Ɔba yi nkwa bɛhyɛɛ Maria awotwaa mu. Ɛdenam Onyankopɔn honhom kronkron so no, wɔwoo Yesu sɛ onipa a ɔyɛ pɛ a na onni bɔne afobu biara ase.—Luka 1:35.

Yehowa de ne Ba a ɔwoo no koro no mae sɛ agyede maa yɛn

11. Ɛyɛɛ dɛn na onipa biako tumi yɛɛ agyede maa nnipa ɔpepem pii?

11 Ɛyɛɛ dɛn na onipa biako tumi yɛɛ agyede maa nnipa ɔpepem pii? Ɛnde, ma yemmisa sɛ, ɛyɛɛ dɛn na nnipa ɔpepem pii bɛyɛɛ abɔnefo? Kae sɛ Adam nam bɔne a ɔyɛe no so hweree agyapade a ɛsom bo a ɛne nnipa nkwa a ɛyɛ pɛ no. Enti na wantumi amma n’asefo annya nkwa a ɛyɛ pɛ no. Mmom no, bɔne ne owu nkutoo na otumi de maa wɔn. Ná Yesu a Bible frɛ no “Adam a odi akyiri no” wɔ onipa nkwa a ɛyɛ pɛ, na wanyɛ bɔne da. (1 Korintofo 15:45) Wɔ ɔkwan bi so no, Yesu besii Adam ananmu sɛnea ɛbɛyɛ a obegye yɛn nkwa. Yesu nam ne nkwa a ɛyɛ pɛ a ofi osetie a edi mũ mu de bɔɔ afɔre maa Onyankopɔn no so tuaa Adam bɔne no ho ka. Yesu nam saayɛ so maa Adam asefo nyaa anidaso.—Romafo 5:19; 1 Korintofo 15:21, 22.

12. Dɛn na Yesu amanehunu no ma ɛdaa adi?

12 Bible kyerɛkyerɛ amane a Yesu hui ansa na ɔrewu no mu kɔ akyiri. Wɔhwee no yayaayaw, bɔɔ no asɛnduam atirimɔden so, na owuu owuyaw wɔ asɛndua no so. (Yohane 19:1, 16-18, 30; Hwɛ Nkekaho a ɛwɔ kratafa 204-6) Dɛn nti na na ɛho hia sɛ Yesu hu amane pii saa? Yebehu wɔ nhoma yi ti bi mu akyiri yi sɛ na Satan aka sɛ onnye nni sɛ Yehowa wɔ asomfo bi a wɔyɛ nnipa a wɔbɛkɔ so adi Yehowa nokware wɔ sɔhwɛ mu. Yesu nam ne mudi mu a okuraa pintinn ɛmfa ho amanehunu a emu yɛ den a ohyiae no so maa Satan nyaa asɛm a ɔkae no ho mmuae a eye sen biara. Yesu ma ɛdaa adi sɛ onipa a ɔyɛ pɛ na otumi fi ne pɛ mu yɛ ade betumi akura ne mudi mu koraa ama Onyankopɔn a nea Ɔbonsam yɛ biara mfa ho. Ɛbɛyɛ sɛ Yehowa ani gyee yiye wɔ nokware a ne Dɔba no dii no ho!—Mmebusɛm 27:11.

13. Ɔkwan bɛn so na wotuaa agyede no?

13 Ɔkwan bɛn so na wotuaa agyede no? Wɔ Yudafo ɔsram Nisan 14, 33 Y.B. mu no, Onyankopɔn maa kwan ma wokum ne Ba a ɔyɛ pɛ na bɔne nni ne ho no. Saa kwan yi so na Yesu de ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no bɔɔ afɔre “prɛko.” (Hebrifo 10:10) Yesu wui akyi nnansa no, Yehowa nyanee no baa nkwa mu sɛ honhom abɔde. Yesu de ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ a ɔde bɔɔ afɔre no bo a ɛsom no kɔmaa Onyankopɔn wɔ soro sɛ agyede maa Adam asefo. (Hebrifo 9:24) Yehowa gyee Yesu afɔre no bo a ɛsom no toom sɛ agyede a ɛfata a wɔde begye nnipa afi bɔne ne owu nkoayɛ mu.—Romafo 3:23, 24.

NEA AGYEDE NO BETUMI AMA WOANYA

14, 15. Sɛ yebenya “bɔne fafiri” a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

14 Ɛmfa ho sɛ yɛyɛ abɔnefo no, agyede no nti yebetumi anya nhyira a ɛso bi nni. Ma yensusuw mfaso horow a Onyankopɔn akyɛde a ɛsen biara yi betumi ama yɛanya nnɛ ne daakye no bi ho nhwɛ.

15 Bɔne fafiri. Esiane sɛ wɔde sintɔ awo yɛn nti, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ankasa ansa na yɛatumi ayɛ nea ɛfata. Yɛn nyinaa yɛ bɔne wɔ kasa anaa nneyɛe mu. Nanso, ɛdenam Yesu agyede afɔre no so no, yebetumi anya “bɔne fafiri.” (Kolosefo 1:13, 14) Sɛ yebenya saa fafiri no a, gye sɛ yenu yɛn ho nokwarem ansa. Ɛsɛ sɛ yefi ahobrɛase mu nso gyina Yehowa Ba no agyede afɔre no mu gyidi a yɛwɔ so srɛ Yehowa hɔ bɔne fafiri.—1 Yohane 1:8, 9.

16. Dɛn na ɛma yetumi de ahonim pa som Onyankopɔn, na mfaso bɛn na ɛwɔ ahonim a ɛte saa so?

16 Ahonim pa a yebenya wɔ Onyankopɔn anim. Sɛ yɛn ahonim bu yɛn fɔ a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛn abam betumi abu na yɛate nka sɛ mfaso nni yɛn so. Nanso, ɛdenam fafiri a yɛnam agyede no so anya nti, Yehowa da ayamye adi ma yetumi fi ahonim pa mu som no ɛmfa ho sɛ yɛtɔ sin no. (Hebrifo 9:13, 14) Eyi ma yetumi ne Yehowa kasa wɔ ahotoso mu. Enti yetumi de ahotoso kɔ n’anim wɔ mpaebɔ mu. (Hebrifo 4:14-16) Sɛ yekura ahonim pa mu a, yenya asomdwoe, yenya obu ma yɛn ho, na ɛma yɛn ani gye.

17. Nhyira ahorow bɛn na esiane wu a Yesu wu maa yɛn nti yebetumi anya?

17 Daa nkwa wɔ paradise asase so ho anidaso. Romafo 6:23 ka sɛ: “Bɔne akatua ne owu.” Nkyekyɛm koro no ara de ka ho sɛ: “Na akyɛde a Nyankopɔn de ma ne daa nkwa a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu so.” Yesusuw Paradise asase a ɛreba no mu nhyira ahorow ho wɔ nhoma yi Ti 3. (Adiyisɛm 21:3, 4) Esiane wu a Yesu wu maa yɛn nti na yebetumi anya saa nhyira yi nyinaa ne daa nkwa a yare nnim daakye no. Nanso, sɛ yebenya saa nhyira yi a, ɛsɛ sɛ yɛda no adi sɛ yɛn ani sɔ akyɛde a ɛne agyede no.

WOBƐYƐ DƐN ATUMI AKYERƐ ANISƆ?

18. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase wɔ agyede no a ɔde ama no ho?

18 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde aseda kɛse ma Yehowa wɔ agyede no ho? Ne titiriw no, sɛ obi gye bere, bɔ mmɔden, anaasɛ ɔbɔ ka bɛkyɛ wo ade a, ɛnna ɛma akyɛde no yɛ nea ɛsom bo. Sɛ yehu sɛ obi fi ɔdɔ pa mu na abɛkyɛ yɛn ade a, ɛka yɛn koma yiye. Agyede no ne akyɛde a ɛsom bo sen biara wɔ akyɛde nyinaa mu, efisɛ Onyankopɔn bɔɔ afɔre a ɛsen biara na ɔde mae. Yohane 3:16 ka sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro mae.” Agyede no ne ɔdɔ a Yehowa dɔ yɛn no ho adanse a ɛsen biara. Ɛyɛ Yesu nso dɔ ho adanse, efisɛ ofi ne pɛ mu de ne nkwa too hɔ maa yɛn. (Yohane 15:13) Enti ɛsɛ sɛ akyɛde a ɛne agyede no ma yetumi hu sɛ Yehowa ne ne Ba no dɔ yɛn sɛ ankorankoro.—Galatifo 2:20.

Yehowa ho ade pii a wusua no yɛ ɔkwan biako a wonam so kyerɛ sɛ w’ani sɔ n’akyɛde a ɛne agyede no

19, 20. Nneɛma bɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ Onyankopɔn akyɛde a ɛne agyede no?

19 Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wubetumi akyerɛ sɛ w’ani sɔ Onyankopɔn akyɛde a ɛne agyede no? Nea edi kan no, bɔ mmɔden sua Yehowa, Ɔdemafo Kɛse no ho ade pii. (Yohane 17:3) Nhoma yi a wode besua Bible no bɛboa wo ma woayɛ saa. Bere a worenya Yehowa ho nimdeɛ pii no, ɔdɔ a wowɔ ma no no mu bɛyɛ den. Na saa ɔdɔ a woanya no nso bɛma w’ani agye ho sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ n’ani.—1 Yohane 5:3.

20 Nya Yesu agyede afɔre no mu gyidi. Wɔkaa Yesu ho asɛm sɛ: “Nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa.” (Yohane 3:36) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Yesu mu gyidi? Ɛnyɛ yɛn ano nko na yɛde ka sɛ yɛwɔ gyidi a ɛte saa. Yakobo 2:26 ka sɛ: “Gyidi a nnwuma nnim awu.” Yiw, yɛde “nnwuma,” a ɛne yɛn nneyɛe, na ɛkyerɛ nokware gyidi. Ɔkwan biako a yɛfa so kyerɛ sɛ yɛwɔ Yesu mu gyidi ne sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara de asuasua no wɔ nea yɛka ne nea yɛyɛ nyinaa mu nso.—Yohane 13:15.

21, 22. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ Awurade Anwummeduan afahyɛ no ase afe biara? (b) Dɛn na wɔbɛkyerɛkyerɛ mu wɔ Ti 6 ne 7?

21 Kɔ Awurade Anwummeduan nkaedi no ase afe biara. Wɔ Nisan 14, 33 Y.B. mu anwummere no, Yesu de afahyɛ titiriw bi a Bible frɛ no “Awurade anwummeduan” no sii hɔ. (1 Korintofo 11:20; Mateo 26:26-28) Wɔsan frɛ afahyɛ yi Kristo wu Nkaedi. Yesu de sii hɔ na aboa n’asomafo no ne nokware Kristofo a wɔbɛba wɔ wɔn akyi nyinaa ma wɔakae sɛ ɛnam ne wu a owui sɛ onipa a ɔyɛ pɛ no so na ɔde ne kra anaa ne nkwa mae sɛ agyede. Yesu kae wɔ saa afahyɛ yi ho sɛ: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.” (Luka 22:19) Nkaedi no ase a yɛkɔ no ma yɛkae ɔdɔ kɛse a Yehowa ne Yesu nyinaa yii no adi wɔ agyede no a wɔde mae no ho. Yebetumi akyerɛ anisɔ a yɛwɔ ma agyede no denam Yesu wu Nkaedi afahyɛ no ase a yɛbɛkɔ afe biara no so. *

22 Nokwarem no, Yehowa nsiesiei a ɛne agyede no yɛ akyɛde a ɛsom bo. (2 Korintofo 9:14, 15) Nnipa a wɔawuwu mpo betumi anya akyɛde a ɛso bi nni yi so mfaso. Eti 6 ne 7 bɛkyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa no mu.

^ nky. 21 Sɛ wopɛ nea Awurade Anwummeduan no kyerɛ ho nsɛm pii a, hwɛ Nkekaho a ɛwɔ kratafa 206-8 no.