Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI ASIA

Ɛhe na Awufo Wɔ?

Ɛhe na Awufo Wɔ?
  • Sɛ yewu a, ɛhe na yɛkɔ?

  • Dɛn nti na yewu?

  • So ɛbɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu nokwasɛm a ɛfa owu ho?

1-3. Owu ho nsɛm bɛn na nkurɔfo bisa, na mmuae bɛn na ɔsom ahorow de ma?

EYINOM yɛ nsɛmmisa a nkurɔfo asusuw ho mfirihyia mpempem pii. Ɛyɛ nsɛmmisa a ɛho hia. Ɛmfa ho nnipa kõ a yɛyɛ anaa faako a yɛte no, ɛho mmuae no fa yɛn mu biara ho.

2 Yesusuw sɛnea Yesu Kristo agyede afɔre no buee daa nkwa ho kwan no ho wɔ ti a edi eyi anim no mu. Yehui nso sɛ Bible ahyɛ bere a “owu nni hɔ bio” ho nkɔm. (Adiyisɛm 21:4) Nanso, saa bere yi de yɛn mu biara betumi awu. Ɔhene Salomo onyansafo no kae sɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu.” (Ɔsɛnkafo 9:5) Yɛbɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛtra ase akyɛ. Nanso, ɛyɛ a yedwen baabi a yewu a yɛbɛkɔ ho.

3 Sɛ yɛn adɔfo wuwu a, yedi awerɛhow. Na ebia yebebisa sɛ: ‘Ɛhe na wɔkɔ? Wɔrehu amane anaa? So wɔreboa yɛn? Yebetumi aboa wɔn? Na yebehu wɔn bio da bi?’ Nsɛmmisa yi ho mmuae a ɔsom ahorow a ɛwɔ wiase de ma no gu ahorow. Ebinom kyerɛkyerɛ sɛ sɛ woyɛ papa a, wobɛkɔ soro, nanso sɛ woyɛ bɔne a, wɔbɛhyew wo wɔ baabi a wɔyɛ nkurɔfo ayayade. Ɔsom afoforo kyerɛkyerɛ sɛ sɛ nnipa wu a, wɔkɔ ahonhom atrae ne wɔn nananom a wɔawuwu kɔtra. Ɛnna ɔsom afoforo nso kyerɛkyerɛ sɛ awufo kɔ asaman ma wokobu wɔn atɛn, na afei wɔasan awo wɔn bio sɛ nnipa foforo.

4. Adwene titiriw bɛn na ɔsom ahorow pii kura wɔ owu ho?

4 Nyamesom nkyerɛkyerɛ a ɛtete saa no kura adwene titiriw biako a ɛne sɛ biribi hyɛ yɛn mu a ɛno de enwu da. Ɛkame ayɛ sɛ ɔsom ahorow a na ɛwɔ hɔ tete ne ɛnnɛ nyinaa kyerɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ ade a yewu koraa, na mmom bere a yɛawu no yetumi kɔ so hu ade, te asɛm, na yedwen. Nanso, ɛbɛyɛ dɛn na atumi ayɛ yiye saa? Yɛn amemene na ɛma yenya atenka, na yetumi susuw nneɛma ho. Sɛ yewu a yɛn amemene no nkɔ so nyɛ adwuma anwonwakwan bi so bio. Amemene no wu.

SƐ YEWU A TEBEA BƐN MU NA YƐKƆ ANKASA?

5, 6. Dɛn na Bible ka fa tebea a awufo wom ho?

5 Yehowa, nea ɔbɔɔ amemene no, nim tebea a sɛ yewu a yɛkɔ mu. Onim nokware no, na wakyerɛkyerɛ tebea a awufo wom no mu wɔ N’asɛm Bible mu. Nea Bible nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ fann ka ni: Sɛ onipa wu a, onni baabiara bio. Owu yɛ nkwa abirabɔ. Awufo nhu ade, wɔnte asɛm, ɛnna wonnwen nso. Yɛn nipadua fã biara gyae adwuma yɛ bere a yɛawu no. Ɔkra anaa honhom bi a enwu da nhyɛ yɛn mu. *

Ɛhe na ogyaframa no kɔe?

6 Bere a Salomo kae sɛ ateasefo nim sɛ wobewuwu wiei no, ɔkyerɛwee sɛ: ‘Na awufo de, wonnim biribiara.’ Afei ɔtrɛw nokwasɛm titiriw yi mu kɔɔ so kae sɛ awufo ntumi nna ɔdɔ adi, na saa ara nso na wontumi ntan obi, efisɛ “adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman [ɔdamoa mu] a worekɔ hɔ no.” (Ɔsɛnkafo 9:5, 6, 10) Saa ara na Dwom 146:4 ka sɛ, sɛ onipa wu a, “ne tirim a ɔbobɔe yera.” Yɛyɛ abɔde a yetumi wu, na biribiara nni yɛn nipaduam a ɛkɔ so tra ase wɔ owu akyi. Yɛn nkwa te sɛ kyɛnerɛ gyaframa. Sɛ wodum gya no a, ogyaframa no nkɔ baabiara. Ɛyera koraa.

NEA YESU KA FAA OWU HO

7. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛnea owu te no mu?

7 Yesu Kristo kaa tebea a awufo wom ho asɛm. Ɔkaa tebea a Lasaro, ɔbarima a na onim no yiye a na wawu no kɔɔ mu ho asɛm. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Yɛn adamfo Lasaro ada.” Asuafo no nyaa adwene sɛ na Yesu reka sɛ Lasaro yare a wada. Nanso, na ɛnte saa. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Lasaro awu.” (Yohane 11:11-14) Hyɛ no nsow sɛ Yesu de owu totoo nna ho. Ná Lasaro nni soro anaa hellgya bi mu. Na wankohyia abɔfo anaa ne nananom a wɔawuwu. Saa ara nso na wɔanwo Lasaro sɛ onipa foforo. Ná wawu te sɛ obi a wada nnahɔɔ a ɔnso dae no. Kyerɛw nsɛm foforo nso de owu toto nna ho. Sɛ nhwɛso no, bere a wosiw osuani Stefano abo kum no no, Bible ka sɛ “ɔdae.” (Asomafo Nnwuma 7:60, Akuapem Twi Bible) Saa ara na ɔsomafo Paulo kyerɛw ne bere sofo no bi a na ‘wɔadeda’ wɔ owu mu ho asɛm.—1 Korintofo 15:6, Akuapem Twi Bible.

Yehowa bɔɔ nnipa sɛ wɔntra asase so daa

8. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na ɛnyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa bewu?

8 Mfitiase no, so na ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa bewu? Dabida! Yehowa bɔɔ nnipa sɛ wɔntra ase daa. Sɛnea yɛadi kan asua ho ade wɔ nhoma yi mu dedaw no, Onyankopɔn de nnipa baanu a wodi kan no kɔtraa paradise bi a emu yɛ anigye mu. Ɔmaa wɔn apɔwmuden a ɛfata. Adepa nkutoo na na Yehowa pɛ sɛ wonya. So ɔwofo bi a ɔwɔ ɔdɔ wɔ hɔ a ɔpɛ sɛ ne mma hu nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ mu amane na wowu? Dabida! Ná Yehowa dɔ ne mma no, na na ɔpɛ sɛ wonya anigye a enni awiei wɔ asase so. Bible ka wɔ nnipa ho sɛ: “[Yehowa de] bere a enni awiei ahyɛ wɔn komam.” (Ɔsɛnkafo 3:11, NW) Onyankopɔn de ɔpɛ a ɛne sɛ yɛbɛkɔ so atra ase daa hyɛɛ yɛn mu bere a ɔbɔɔ yɛn no. Na wayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma yɛakɔ so atra ase daa.

NEA ENTI A NNIPA WU

9. Anohyeto bɛn na Yehowa de maa Adam, na dɛn nti na na saa ahyɛde yi so a wobedi no nyɛ den?

9 Ɛnde, dɛn nti na nnipa wu? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, ɛsɛ sɛ yesusuw asɛm bi a esii bere a na ɔbarima biako ne ɔbea biako pɛ na wɔwɔ asase so no ho. Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “[Yehowa, NW] Nyankopɔn maa nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na eye sɛ wodi fifii asase no so.” (Genesis 2:9) Nanso, na anohyeto biako wɔ hɔ. Yehowa ka kyerɛɛ Adam sɛ: “Turom ha nnua nyinaa, di bi. Na papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no deɛ, nni, ɛfiri sɛ da a wobɛdi bie no, wuo na wobɛwuo.” (Genesis 2:16, 17, Asante Twi Bible) Ná saa ahyɛde yi so di nyɛ den. Na nnua foforo pii wɔ hɔ a na Adam ne Hawa betumi adi n’aba no bi. Nanso, afei na wɔanya hokwan soronko a wɔde bɛda anisɔ a wɔwɔ ma Onii a na wama wɔn biribiara a wohia a nkwa a ɛyɛ pɛ ka ho no adi. Osetie a na wɔbɛyɛ no nso bɛkyerɛ sɛ wobu wɔn soro Agya no tumidi, na wɔpɛ n’akwankyerɛ a ɔdɔ wom no.

10, 11. (a) Ɛyɛɛ dɛn na nnipa baanu a wodi kan no yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden? (b) Dɛn nti na na Adam ne Hawa asoɔden no yɛ nea anibere wom?

10 Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa baanu a wodi kan no yɛɛ Yehowa so asoɔden. Bere a na Satan nam ɔwɔ bi so rekasa no, obisaa Hawa sɛ: “Ampa na Onyankopɔn aka sɛ: Munnni turom ha nnua nyinaa bi?” Hawa buae sɛ: “Turom ha nnua aba no, yedi bi, nanso dua a esi turo no mfinimfini no aba de, Onyankopɔn aka sɛ: Munnni bi, nso mommfa mo nsa nnka, na moanwu.”—Genesis 3:1-3.

11 Satan kae sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu: na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” (Genesis 3:4, 5) Na Satan pɛ sɛ Hawa gye di sɛ sɛ odi aduaba a wɔabara no bi a, ɛso bɛba no mfaso. Sɛnea Satan kae no, na Hawa ankasa betumi asisi nea ɛyɛ papa ne bɔne ho gyinae; na obetumi ayɛ nea ɔpɛ. Satan san kae nso sɛ Yehowa dii atoro wɔ nea ɔkae sɛ, sɛ wodi aduaba no bi a ɛbɛba wɔn so no ho. Hawa gyee Satan dii. Enti ɔtew aduaba no bi dii. Ɔde bi maa ne kunu, na ɔno nso dii. Na ɛnyɛ sɛ wonnim nea wɔreyɛ. Na wonim ankasa sɛ wɔreyɛ nea Onyankopɔn aka akyerɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ no. Wɔnam aduaba no a wodii no so hyɛɛ da buu ahyɛde a ɛso di nyɛ den na ntease wom no so. Wobuu wɔn soro Agya no ne ne tumidi animtiaa. Na wonni anoyi biara wɔ animtiaa a ɛte saa a wobuu wɔn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no ho!

12. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛahu sɛnea Yehowa tee nka bere a Adam ne Hawa sɔre tiaa no no?

12 Mfatoho bi ni: Sɛ wotete ɔbabarima anaa ɔbabea bi hwɛ no, na ɔyɛ wo so asoɔden wɔ ɔkwan bi so a ɛkyerɛ sɛ ommmu wo anaa ɔnnɔ wo koraa a, wobɛte nka dɛn? Ɛbɛyɛ wo yaw yiye. Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ Yehowa yaw bere a Adam ne Hawa nyinaa sɔre tiaa no no.

Adam fi dɔte mu na ɛbae, na ɔsan kɔɔ dɔte mu

13. Dɛn na Yehowa kae sɛ ɛbɛba Adam so wɔ bere a wawu no, na eyi kyerɛ dɛn?

13 Ná biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ Yehowa gyina so ma asoɔdenfo Adam ne Hawa tra ase daa. Wowuwui sɛnea na Yehowa aka sɛ ɛbɛba wɔn so no ara pɛ. Adam ne Hawa ankɔ so antra ase bio. Wɔankɔ ahonhom atrae biara. Yɛnam asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Adam bere a obisaa no n’asoɔden no ho asɛm no so na yehu sɛ wɔankɔ honhom atrae biara. Onyankopɔn kae sɛ: “Wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 3:19) Fam dɔte na Onyankopɔn de bɔɔ Adam. (Genesis 2:7) Ansa na wɔrebɔ Adam no, na Adam nni baabiara. Enti, bere a Yehowa kae sɛ Adam bɛsan akɔ dɔte mu no na Yehowa kyerɛ sɛ Adam rentra nkwa mu bio. Ná Adam bɛsan ayɛ sɛ dɔte a nkwa nnim a wɔde bɔɔ no no.

14. Dɛn nti na yewu?

14 Ná anka Adam ne Hawa betumi atra ase abesi nnɛ, nanso wowuwui esiane sɛ wɔantie Onyankopɔn asɛm na wɔyɛɛ bɔne nti. Nea enti a yewu ne sɛ Adam de bɔne woo n’asefo, na owu trɛw kaa wɔn nyinaa. (Romafo 5:12) Saa bɔne no te sɛ yare bɔne a wonya fi awo mu a obiara ntumi nkwati. Nea efi emu ba a ɛne owu no yɛ nnome. Owu yɛ ɔtamfo, ɔnyɛ adamfo. (1 Korintofo 15:26) Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛde aseda ma sɛ Yehowa de agyede ama a wɔnam so begye yɛn afi ɔtamfo a ne ho yɛ hu yi nsam!

NOKWASƐM A ƐFA OWU HO A WUBEHU NO BƐBOA WO

15. Dɛn nti na ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu nokwasɛm a ɛfa owu ho?

15 Awerɛkyekye wɔ tebea a awufo wom ho nkyerɛkyerɛmu a Bible de ma no mu. Sɛnea yɛahu no, awufo nhu amane anaasɛ wɔnte yaw. Biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ yesuro wɔn, efisɛ wontumi nyɛ yɛn bɔne. Wonhia yɛn mmoa, na wontumi mmoa yɛn. Yentumi ne wɔn nkasa, na wɔn nso ntumi ne yɛn nkasa. Ɔsom pii mu akannifo di atoro ka sɛ wobetumi aboa wɔn a wɔawuwu no, na nnipa a wogye akannifo a wɔte saa di no ma wɔn sika. Nanso, nokwasɛm a ɛfa owu ho a yɛahu no mma wɔn a wɔkyerɛkyerɛ atoro a ɛte saa no ntumi nnaadaa yɛn.

16. Hena na ɔhyɛ ɔsom ahorow pii nkyerɛkyerɛ akyi, na ɔkwan bɛn so na ɔyɛ saa?

16 So ɔsom dodow no ara gye awufo ho nsɛm a Bible kyerɛkyerɛ no tom? Pii nnye ntom. Dɛn ntia? Efisɛ Satan na ɔhyɛ wɔn nkyerɛkyerɛ akyi. Satan nam atoro som so nya nkurɔfo ma wogye di sɛ sɛ wowu a wɔkɔ so tra ase wɔ ahonhom wiase. Eyi yɛ atoro a Satan de ka atosɛm afoforo ho fa so twe nkurɔfo fi Yehowa Nyankopɔn nkyɛn. Ɔkwan bɛn so?

17. Dɛn nti na daa ayayade nkyerɛkyerɛ no nhyɛ Yehowa anuonyam?

17 Sɛnea yɛadi kan ahu no, ɔsom ahorow bi kyerɛkyerɛ sɛ sɛ onipa bi bɔ bra bɔne na sɛ owu a, ɔbɛkɔ akɔda ogya mu ma wɔayɛ no ayayade daa. Saa nkyerɛkyerɛ yi nhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ dɔ, na ɔremma nnipa nhu amane wɔ saa kwan yi so da. (1 Yohane 4:8) Wobɛte nka dɛn wɔ ɔbarima bi a ɔde ne ba a ɔyɛ ɔsoɔdenfo nsa hyɛ ogya mu de twe n’aso ho? So wubebu ɔbarima a ɔte saa no? Nokwarem no, so w’ani begye ho sɛ wobɛfa no adamfo? Dabida! Ɛda adi sɛ wubebu no sɛ obi a ne tirim yɛ den yiye. Nanso, Satan pɛ sɛ yegye di sɛ Yehowa yɛ nkurɔfo ayayade wɔ ogya mu daa anaa afebɔɔ!

18. Awufo a wɔsom wɔn no gyina ɔsom mu atosɛm bɛn so?

18 Satan nam ɔsom ahorow bi so nso kyerɛkyerɛ sɛ sɛ nnipa wu a wɔdan ahonhom a ɛsɛ sɛ ateasefo de obu ne nidi ma wɔn. Sɛnea saa nkyerɛkyerɛ yi kyerɛ no, nnipa a wɔawuwu ahonhom betumi abɛyɛ nnamfo a wɔwɔ tumi anaa atamfo a wɔn ho yɛ hu. Nnipa pii gye saa atosɛm yi di. Enti wosuro awufo, na wodi wɔn ni som wɔn. Nanso, Bible kyerɛkyerɛ sɛ awufo adeda, na nokware Nyankopɔn koro, Yehowa, yɛn Bɔfo ne Ɔdemafo no nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛsom no.—Adiyisɛm 4:11.

19. Bible nkyerɛkyerɛ foforo bɛn na nokwasɛm a ɛfa owu ho a yebehu no boa yɛn ma yɛte ase?

19 Nokwasɛm a ɛfa awufo ho a wubehu no bɛbɔ wo ho ban afi ɔsom mu nnaadaa ho. Ɛboa wo nso ma wote Bible nkyerɛkyerɛ foforo ase. Sɛ nhwɛso no, sɛ wuhu sɛ sɛ nnipa wu a wɔnkɔ ahonhom atrae biara a, ɛma wote daa nkwa a wubenya wɔ paradise asase so no ase yiye.

20. Asɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu?

20 Tete no, ɔtreneeni Hiob bisaa saa asɛm yi sɛ: “Sɛ onipa wu a, so ɔbɛtra ase bio?” (Hiob 14:14) So wobetumi de onipa a wawu aba nkwa mu bio? Nea Bible ka fa eyi ho no yɛ awerɛkyekye yiye, sɛnea yebehu wɔ ti a edi hɔ mu no.

^ nky. 5 Sɛ wopɛ nsɛmfua “ɔkra” ne “honhom” ho nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ Nkekaho a ɛwɔ kratafa 208-11 no.