Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI AWOTWE

Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?

Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?
  • Onyankopɔn Ahenni ho nsɛm bɛn na Bible ka kyerɛ yɛn?

  • Dɛn na Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ?

  • Bere bɛn na Ahenni no bɛma Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so?

1. Mpaebɔ a wonim no yiye bɛn na yɛrebɛhwehwɛ mu?

NNIPA ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa nim mpaebɔ bi a nnipa pii frɛ no Yɛn Agya a Ɔwɔ Soro, anaa Awurade Mpaebɔ no. Edin abien no nyinaa kyerɛ mpaebɔ bi a wonim no yiye a Yesu Kristo ankasa de mae sɛ nhwɛso no. Ɛyɛ mpaebɔ a ɛho hia yiye, na adesrɛde abiɛsa a edi kan no ho a yebesusuw no bɛboa wo ma woahu nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa ho nsɛm pii.

2. Nneɛma abiɛsa bɛn na Yesu kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ ho mpae?

2 Wɔ mpaebɔ nhwɛso yi mfiase no, Yesu ka kyerɛɛ n’atiefo sɛ: “Enti mommɔ mpae sɛ: ‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro.’” (Mateo 6:9-13) Adesrɛde abiɛsa yi kyerɛ dɛn?

3. Onyankopɔn Ahenni no ho ade bɛn na ɛsɛ sɛ yehu?

3 Yɛasua Onyankopɔn din, Yehowa, ho ade pii dedaw. Na yɛasusuw Onyankopɔn apɛde nso ho kakra—nea wayɛ ama nnipa ne nea ɔrebɛyɛ. Nanso, dɛn na na Yesu reka ho asɛm bere a ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra” no? Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni? Ɔkwan bɛn so na ba a ɛreba no bɛtew Onyankopɔn din ho, anaasɛ ɛbɛyɛ no kronkron? Na ɔkwan bɛn so na Ahenni no a ɛreba no fa Onyankopɔn apɛde a ɛbɛyɛ hɔ ho?

DƐN NE ONYANKOPƆN AHENNI?

4. Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni, na hena na ɔyɛ so Hene?

4 Onyankopɔn Ahenni yɛ nniso a Yehowa Nyankopɔn ahyehyɛ a Onyankopɔn na wapaw ɛso Hene. Hena ne Onyankopɔn Ahenni no so Hene? Ɔne Yesu Kristo. Ɔhene Yesu yɛ kɛse sen nnipa sodifo nyinaa, na wɔfrɛ no ‘ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade.’ (1 Timoteo 6:15) Ɔwɔ tumi a ɔde bɛyɛ adepa asen nnipa sodifo biara.

5. Ɛhe na Onyankopɔn Ahenni befi adi tumi, na ebedi dɛn so?

5 Ɛhe na Onyankopɔn Ahenni befi adi tumi? Ma yɛnhwɛ ɛ, ɛhe na Yesu wɔ? Wobɛkae sɛ yɛasua sɛ wokum no wɔ asɛndua so, na afei wonyan no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔforo kɔɔ soro. (Asomafo Nnwuma 2:33) Enti, ɔsoro na Onyankopɔn Ahenni no wɔ. Ɛno nti na Bible frɛ no ‘ɔsoro ahenni’ no. (2 Timoteo 4:18) Ɛwom sɛ Onyankopɔn Ahenni wɔ soro de, nanso ebedi asase so.—Adiyisɛm 11:15.

6, 7. Dɛn na ɛma Yesu yɛ Ɔhene a ɔda nsow?

6 Dɛn na ɛma Yesu yɛ Ɔhene a ɔda nsow? Ade biako ne sɛ, ɔrenwu da. Bere a Bible de nnipa a wɔyɛ ahemfo retoto Yesu ho no, ɛfrɛ Yesu “nea ne nkutoo wɔ nkwa a owu nnim, na ɔte hann a wontumi mmɛn ho mu.” (1 Timoteo 6:16) Eyi kyerɛ sɛ nneɛma pa a Yesu yɛ nyinaa bɛtra hɔ daa. Na ɔbɛyɛ nneɛma akɛseakɛse a ɛyɛ papa.

7 Susuw Bible nkɔmhyɛ a ɛfa Yesu ho yi ho hwɛ: “[Yehowa, NW] honhom besi no so, nyansa ne nhumu honhom, afotu ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne [Yehowa, NW] suro honhom. Na [Yehowa, NW] suro bɛyɛ no huam. Na ɛnyɛ nea n’ani hu so na obebu atɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na obedi asɛm, na trenee na ɔde bebu atɛn ama mmɔboroni, na ɔde asɛntrenee adi ama asase so amanehunufo.” (Yesaia 11:2-4) Saa nsɛm no kyerɛ sɛ Yesu bɛyɛ Ɔhene a ɔde trenee ne mmɔborohunu bedi asase sofo so. So w’ani begye ho sɛ wubenya sodifo a ɔte saa?

8. Henanom na wɔne Yesu bedi ade?

8 Onyankopɔn Ahenni no ho nokwasɛm foforo ni: Ɛnyɛ Yesu nkutoo na obedi hene. Obenya ahokafo a ɔne wɔn bedi hene. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Sɛ yɛkɔ so ara nya boasetɔ a, yɛne no bedi hene nso.” (2 Timoteo 2:12) Yiw, Paulo, Timoteo, ne anokwafo foforo a Onyankopɔn apaw wɔn ne Yesu bɛbom adi ade wɔ ɔsoro Ahenni no mu. Nnipa dodow ahe na wobenya saa hokwan no?

9. Nnipa baahe na wɔne Yesu bedi ade, na efi bere bɛn na Onyankopɔn fii ase paw wɔn?

9 Sɛnea wɔdaa no adi wɔ nhoma yi Ti 7 no, ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu bi a emu no ohui sɛ “Oguammaa no [Yesu Kristo] gyina Sion Bepɔw so [n’ahenni gyinabea a ɛwɔ soro], na mpem ɔha aduanan anan a wɔakyerɛw ne din ne N’agya din wɔ wɔn moma so no ka ne ho.” Henanom ne saa 144,000 yi? Yohane ankasa ka kyerɛ yɛn: “Eyinom na wodi Oguammaa no akyi baabiara a ɔbɛkɔ. Eyinom na wɔtɔɔ wɔn fii adesamma mu sɛ aba a edi kan maa Nyankopɔn ne Oguammaa no.” (Adiyisɛm 14:1, 4) Yiw, wɔyɛ Yesu Kristo akyidifo anokwafo a wɔahyɛ da apaw wɔn sɛ wɔne no nkodi ade wɔ soro. Sɛ wonyan wɔn fi awufo mu ma wɔkɔ soro a, wɔne Yesu ‘bedi asase so ahene.’ (Adiyisɛm 5:10) Onyankopɔn fi asomafo no bere so na wapaw Kristofo anokwafo yi kosi sɛ wɔn dodow bedu 144,000.

10. Dɛn nti na nhyehyɛe a wɔayɛ ma Yesu ne nnipa 144,000 rekodi nnipa so no yɛ nhyehyɛe a ɔdɔ wom?

10 Nhyehyɛe a wɔayɛ ma Yesu ne nnipa 144,000 rekodi adesamma so no yɛ nhyehyɛe a ɔdɔ wom paa. Ade biako ne sɛ, Yesu atra ase sɛ onipa pɛn na onim sɛnea amanehunu nso te. Paulo kae sɛ Yesu “nyɛ obi a ontumi nte yɛn mmerɛwyɛ ase, na mmom ɔyɛ obi a wɔasɔ no ahwɛ wɔ biribiara mu te sɛ yɛn ara, nanso bɔne nni ne ho.” (Hebrifo 4:15; 5:8) N’ahokafo a ɔne wɔn bedi ade no nso ahu amane agyina ɔhaw ahorow a nnipa hyia ano pɛn. Afei nso, wɔagyina sintɔ ahorow ano na wɔayare yare ahorow nyinaa bi pɛn. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔbɛte nsɛnnennen a nnipa hyia no ase!

DƐN NA ONYANKOPƆN AHENNI BƐYƐ?

11. Dɛn nti na Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ n’asuafo bɔ Onyankopɔn apɛde a ɛbɛyɛ hɔ ho mpae?

11 Bere a Yesu kae sɛ n’asuafo no mmɔ mpae mma Onyankopɔn Ahenni mmra no, ɔkae nso sɛ wɔmmɔ mpae mma Onyankopɔn apɛde nyɛ hɔ wɔ “asase so” sɛnea ɛte wɔ soro no. Onyankopɔn wɔ soro, na n’abɔfo anokwafo no ayɛ n’apɛde wɔ hɔ bere nyinaa. Nanso, yehui wɔ nhoma yi Ti 3 sɛ ɔbɔfo bɔne bi gyaee Onyankopɔn apɛde a ɔyɛ no, na ɔmaa Adam ne Hawa yɛɛ bɔne. Yebesua nea Bible ka fa saa ɔbɔfo bɔne a yenim sɛ wɔfrɛ no Satan Ɔbonsam no ho ade pii wɔ nhoma yi Ti 10. Wɔmaa Satan ne ahonhom abɔde a wɔyɛ abɔfo a wɔfrɛ wɔn adaemone a wɔakodi Satan akyi no traa ɔsoro hɔ kakra kosii bere bi. Enti saa bere no, na ɛnyɛ ɔsorofo nyinaa na na wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde. Ná nsakrae bɛba bere a Onyankopɔn Ahenni befi ase adi tumi no. Ná Yesu Kristo, Ɔhene a wɔde no asi agua so no ne Satan bɛko.—Adiyisɛm 12:7-9.

12. Nneɛma abien a ɛho hia bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 12:10?

12 Nkɔmhyɛ a edi so yi kyerɛkyerɛ asɛm a na ebesi no mu: “Metee nne kɛse bi wɔ soro sɛ: ‘Afei na yɛn Nyankopɔn nkwagye ne n’ahoɔden ne n’ahenni ne ne Kristo no tumi aba, efisɛ wɔatow nea ɔtoto yɛn nuanom ano no [Satan] akyene, nea ɔtoto wɔn ano awia ne anadwo wɔ yɛn Nyankopɔn anim no!’” (Adiyisɛm 12:10) So wohyɛɛ nneɛma abien a ɛho hia a wɔkaa ho asɛm wɔ saa Bible mu asɛm yi mu no nsow? Nea edi kan no, Onyankopɔn Ahenni a Yesu Kristo di so no fi ase di tumi. Nea ɛto so abien, wɔtow Satan fi soro kyene asase so.

13. Dɛn na afi Satan a wɔatow no fi soro akyene no mu aba?

13 Dɛn na afi nneɛma abien a asisi no mu aba? Yɛkenkan nea ɛkɔɔ so wɔ soro no ho asɛm sɛ: “Eyi nti mo ɔsoro ne mo a motete mu, momma mo ani nnye!” (Adiyisɛm 12:12) Yiw, abɔfo anokwafo a wɔwɔ soro no ani agye efisɛ Satan ne n’adaemone no nni hɔ bio, na obiara a ɔwɔ soro no di Yehowa Nyankopɔn nokware. Asomdwoe ne biakoyɛ a enni ano na ɛwɔ hɔ. Wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ soro.

Satan ne n’adaemone a wɔtow wɔn fii soro guu asase so no de amanehunu aba asase so. Amanehunu a ɛtete saa no bɛba awiei nnansa yi ara

14. Dɛn na Satan a wɔatow no akyene asase so no de aba?

14 Na asase so nso ɛ? Bible ka sɛ: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn a ne bo afuw denneennen, efisɛ onim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:12) Tow a wɔatow Satan afi soro akyene, ne ne bere a aka a ɛyɛ tiaa no ama ne bo afuw. N’abufuw no ama ɔde amanehunu, anaa ‘due,’ aba asase so. Yebesua saa ‘due’ anaa amanehunu no ho ade pii wɔ ti a edi hɔ no mu. Nanso, bere a ɛno wɔ yɛn adwenem no, yebetumi abisa sɛ, Ɛbɛyɛ dɛn na Ahenni no atumi ama Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so?

15. Dɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ ɛyɛ hɔ wɔ asase so?

15 Kae nea Onyankopɔn pɛ sɛ ɛyɛ hɔ wɔ asase so no. Wusuaa ho ade wɔ Ti 3. Wɔ Eden no, Onyankopɔn daa no adi sɛ nea ɔpɛ sɛ ɛyɛ hɔ wɔ asase yi so ne sɛ nnipa trenee a wonwu bɛhyɛ so ma ma ayɛ paradise. Satan maa Adam ne Hawa yɛɛ bɔne, na ɛno maa nea Onyankopɔn pɛ sɛ ɛyɛ hɔ wɔ asase so no amma bere a ɔpɛe sɛ ɛba no, nanso wansakra n’apɛde no. Ɛda so ara yɛ Yehowa atirimpɔw sɛ “treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) Na Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ saa. Ɔkwan bɛn so?

16, 17. Onyankopɔn Ahenni ho nsɛm bɛn na Daniel 2:44 ka kyerɛ yɛn?

16 Susuw nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 2:44 no ho hwɛ. Yɛkenkan sɛ: “Ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” Onyankopɔn Ahenni ho nsɛm bɛn na eyi ka kyerɛ yɛn?

17 Nea edi kan no, ɛka kyerɛ yɛn sɛ na wɔde Onyankopɔn Ahenni no besi hɔ wɔ “ahene no nna mu,” anaa bere a ahenni afoforo da so wɔ hɔ. Nea ɛto so abien no, ɛka kyerɛ yɛn sɛ Ahenni no rensɛe da. Wɔrentu ngu mma nniso foforo bi mmesi ananmu. Nea ɛto so abiɛsa no, yehu sɛ Onyankopɔn Ahenni ne wiase yi mu ahenni ahorow no bɛko. Onyankopɔn Ahenni bedi nkonim. Awiei koraa no, ɛno ne nniso biako pɛ a ebedi nnipa so. Afei, nnipa benya nniso pa a ɛsen biara.

18. Wɔfrɛ ɔko a etwa to a Onyankopɔn Ahenni ne wiase yi mu nniso ahorow bɛko no dɛn?

18 Bible ka ɔko a etwa to a ɛbɛkɔ so wɔ Onyankopɔn Ahenni ne wiase yi mu nniso ahorow ntam no ho nsɛm pii. Sɛ nhwɛso no, ɛkyerɛkyerɛ sɛ bere a wiase no awiei rebɛn no, ahonhommɔne bɛma atosɛm atrɛw na wɔnam so adaadaa “asase nyinaa so ahemfo.” Dɛn ntia? ‘Wɔkɔboaboa ahemfo no ano ma ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko no.’ Wɔbɛboaboa asase so ahemfo ano akɔ “baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri mu sɛ Harmagedon.” (Adiyisɛm 16:14, 16) Esiane nsɛm a wɔaka wɔ saa nkyekyɛm abien no mu nti, wɔfrɛ ɔko a etwa to a nnipa nniso ne Onyankopɔn Ahenni bɛko no Harmagedon ko.

19, 20. Dɛn na ɛmmaa Onyankopɔn apɛde a ɛbɛyɛ hɔ wɔ asase so no mmaa mu nnɛ?

19 Dɛn na Onyankopɔn Ahenni nam Harmagedon so de bɛba? Susuw nea Onyankopɔn pɛ sɛ ɛyɛ hɔ wɔ asase yi so no ho bio hwɛ. Ná Yehowa Nyankopɔn pɛ ne sɛ nnipa trenee a wɔyɛ pɛ bɛhyɛ asase so na wɔasom no wɔ Paradise. Dɛn na ɛmma ennyaa mmamu nnɛ? Nea edi kan, yɛyɛ abɔnefo, yɛyare na yewuwu. Nanso, yesuae wɔ Ti 5 sɛ, Yesu wu maa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi atra ase daa. Ɛda adi sɛ wokae Yohane Asɛmpa no mu nsɛm no: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro mae, na obiara a ogye no di no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.”—Yohane 3:16.

20 Ɔhaw foforo ne sɛ nnipa pii yɛ nneɛma bɔne. Wodi atoro, sisi afoforo, na wɔde wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe mu. Wɔmpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde. Wɔbɛsɛe nnipa a wɔyɛ nneɛma bɔne no wɔ Onyankopɔn ko Harmagedon mu. (Dwom 37:10) Ade foforo nti nso a Onyankopɔn apɛde nyɛɛ hɔ wɔ asase so ne sɛ nniso ahorow nnhyɛ nkurɔfo nkuran mma wɔnnyɛ Onyankopɔn apɛde. Nniso pii nyɛ wɔn adwuma yiye, wodi atirimɔdensɛm, anaasɛ wɔaporɔw. Bible ka no pefee sɛ: ‘Onipa adi onipa so tumi ma adan no bɔne.’—Ɔsɛnkafo 8:9.

21. Ɔkwan bɛn so na Ahenni no bɛma Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so?

21 Harmagedon akyi no, nniso biako pɛ, a ɛne Onyankopɔn Ahenni, na ebedi nnipa so. Saa Ahenni no bɛyɛ Onyankopɔn apɛde na ɛde nhyira pii aba. Sɛ nhwɛso no, ebeyi Satan ne n’adaemone no afi hɔ. (Adiyisɛm 20:1-3) Wɔde tumi a ɛwɔ Yesu afɔrebɔ no mu bɛyɛ adwuma ma enti nnipa anokwafo renyare, na wɔrenwu bio. Mmom no, wobetumi atra ase daa wɔ Ahenni nniso no ase. (Adiyisɛm 22:1-3) Wɔbɛdan asase paradise. Enti, Ahenni no bɛma Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so, na ɛbɛtew Onyankopɔn din ho. Eyi kyerɛ dɛn? Ɛkyerɛ sɛ awiei koraa no, wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no, obiara a ɔte ase bɛhyɛ Yehowa din anuonyam.

BERE BƐN NA ONYANKOPƆN AHENNI BƐYƐ ADWUMA?

22. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn Ahenni amma wɔ bere a na Yesu wɔ asase so no anaa bere a wonyan no no akyi ara pɛ?

22 Bere a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ, “W’ahenni mmra” no, ɛda adi pefee sɛ na Ahenni no mmae saa bere no. So bere a Yesu foro kɔɔ soro no ara na ɛbae? Dabi, efisɛ Petro ne Paulo nyinaa kae sɛ, bere a wonyan Yesu no akyi na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 110:1 no nyaa mmamu wɔ Yesu so: “[Yehowa, NW] asɛm a osee me wura ni: Tra me nifa kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso.” (Asomafo Nnwuma 2:32-35; Hebrifo 10:12, 13) Ɔtwɛn kosii bere bi.

Wɔ Ahenni nniso ase no, Onyankopɔn apɛde bɛyɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛyɛ ɔsoro no

23. (a) Bere bɛn na Onyankopɔn Ahenni fii ase dii tumi? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu?

23 Ná ɔbɛtwɛn akosi bere bɛn? Wɔ afeha a ɛto so 19 ne 20 mu no, Bible asuafo anokwafo buu akontaa hui sɛ bere a ɔde retwɛn no bɛba awiei wɔ afe 1914 mu. (Ɛdefa saa bere yi ho no, hwɛ Nkekaho a ɛwɔ kratafa 215-18 no.) Nsɛm a efii ase sisii wɔ wiase fi afe 1914 reba no si so dua sɛ ntease a na Bible asuafo anokwafo no wɔ no yɛ nokware. Bible nkɔmhyɛ a anya mmamu da no adi sɛ Kristo bɛyɛɛ Ɔhene wɔ afe 1914 mu na Onyankopɔn Ahenni fii ase dii tumi. Enti, yɛte Satan ‘bere a aka a ɛyɛ tiaa’ no mu. (Adiyisɛm 12:12; Dwom 110:2) Yebetumi aka no pen nso sɛ Onyankopɔn Ahenni befi ase ayɛ adwuma nnansa yi ara ama Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so. So asɛm yi yɛ wo anigye? Wugye di sɛ ɛyɛ nokware? Ti a edi hɔ no bɛboa wo ma woahu sɛ Bible kyerɛkyerɛ saa nneɛma yi ankasa.