Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DU

Honhom Abɔde—Sɛnea Wɔn Nneyɛe Ka Yɛn

Honhom Abɔde—Sɛnea Wɔn Nneyɛe Ka Yɛn
  • So abɔfo boa nnipa?

  • Ɔkwan bɛn so na ahonhommɔne anya nnipa so nkɛntɛnso?

  • So ɛsɛ sɛ yesuro ahonhommɔne?

1. Dɛn nti na yɛpɛ sɛ yesua abɔfo ho ade?

MPƐN pii no, sɛ wopɛ sɛ wofa obi adamfo a, ebehia sɛ wuhu biribi fa n’abusua ho. Saa ara na sɛ Yehowa Nyankopɔn bɛyɛ obi a wunim no a, ebehia sɛ wuhu biribi fa n’abusua a ɛwɔ soro a emufo yɛ abɔfo no ho. Bible frɛ abɔfo “Onyankopɔn mma.” (Hiob 38:7) Enti, dɛn na wɔyɛ wɔ Onyankopɔn dwumadi mu? So wɔadi dwuma bi wɔ nnipa asetram wɔ bere a atwam no mu pɛn? So abɔfo nneyɛe ka w’asetra? Sɛ ɛte saa a, ɔkwan bɛn so?

2. Hena na ɔbɔɔ abɔfo, na wɔn dodow yɛ ahe?

2 Bible ka abɔfo ho asɛm mpɛn ɔhaha pii. Ma yensusuw wɔn ho nsɛm a wɔaka no kakraa bi ho nhwɛ. Hena na ɔbɔɔ abɔfo? Kolosefo 1:16 ka sɛ: “Wɔnam [Yesu Kristo] so na ɛbɔɔ nneɛma a aka nyinaa wɔ soro ne asase so.” Enti, Yehowa Nyankopɔn nam N’abakan no so na ɔbɔɔ honhom abɔde a wɔfrɛ wɔn abɔfo no nyinaa. Abɔfo dodow ahe na wɔwɔ hɔ? Bible kyerɛ sɛ wɔbɔɔ abɔfo ɔpepehaha pii, na wɔn nyinaa wɔ tumi.—Dwom 103:20. *

3. Abɔfo ho nsɛm bɛn na Hiob 38:4-7 ka kyerɛ yɛn?

3 Onyankopɔn Asɛm Bible, ka kyerɛ yɛn sɛ bere a wɔbɔɔ asase no, “Onyankopɔn mma nyinaa bɔɔ ose.” (Hiob 38:4-7) Enti, abɔfo traa ase bere tenteenten ansa na wɔrebɔ nnipa anaa asase mpo. Bible mu asɛm yi nso kyerɛ sɛ abɔfo wɔ nkate, efisɛ ɛka sɛ ‘wɔboom too ahurusi dwom.’ Hyɛ no nsow sɛ ‘Onyankopɔn mma nyinaa’ boom dii ahurusi. Saa bere no, na abɔfo no nyinaa ka abusua a biakoyɛ wom a wɔresom Yehowa Nyankopɔn no ho.

ABƆFO MMOA NE AHOBAMMƆ

4. Ɔkwan bɛn so na Bible ma yehu sɛ abɔfo anokwafo kyerɛ nea nnipa yɛ ho anigye?

4 Efi bere a honhom abɔde anokwafo no hui sɛ wɔabɔ nnipa a wodi kan no, wɔakɔ so akyerɛ nnipa a wɔredɔɔso ne Onyankopɔn atirimpɔw mmamu ho anigye. (Mmebusɛm 8:30, 31; 1 Petro 1:11, 12) Nanso, bere kɔɔ so no, abɔfo no hui sɛ nnipa dodow no ara na wɔatwe wɔn ho afi wɔn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no som ho. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi hyɛɛ abɔfo anokwafo no awerɛhow. Nanso, bere biara a onipa biako bɛdan aba Yehowa nkyɛn bio no, ‘anigye ba abɔfo mu.’ (Luka 15:10) Esiane sɛ wɔn a wɔsom Onyankopɔn yiyedi ho hia abɔfo kɛse saa nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa nam abɔfo so ahyɛ n’asomfo anokwafo den abɔ wɔn ho ban wɔ asase so mpɛn pii. (Hebrifo 1:7, 14) Susuw nhwɛso ahorow bi ho hwɛ.

“Me Nyankopɔn asoma ne bɔfo ma wabemuamua agyata no ano.”—Daniel 6:22

5. Mmoa a abɔfo de ma ho nhwɛso horow bɛn na yehu wɔ Bible mu?

5 Abɔfo baanu boaa ɔtreneeni Lot ne ne mmabea ma wonyaa nkwa wɔ Sodom ne Gomora nkurow bɔne no sɛe mu denam wɔn anim a wodii ma wofii saa beae hɔ no so. (Genesis 19:15, 16) Mfehaha pii akyi no, wɔtow odiyifo Daniel too agyata amoa mu, nanso hwee anyɛ no na ɔkae sɛ: “Me Nyankopɔn asoma ne bɔfo ma wabemuamua agyata no ano.” (Daniel 6:22) Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, ɔbɔfo bi koyii ɔsomafo Petro fii afiase. (Asomafo Nnwuma 12:6-11) Afei nso, abɔfo boaa Yesu wɔ n’asase so som adwuma no mfiase. (Marko 1:13) Na aka bere tiaa bi ama Yesu awu no, ɔbɔfo bi baa ne nkyɛn ‘bɛhyɛɛ no den.’ (Luka 22:43) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛno yɛɛ awerɛkyekye maa Yesu wɔ n’asetra mmere a na ɛho hia paa no mu!

6. (a) Ɔkwan bɛn so na abɔfo bɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho ban nnɛ? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho mprempren?

6 Ɛnnɛ, abɔfo nyi wɔn ho adi nkyerɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ asase so bio. Ɛwom sɛ nnipa nhu Onyankopɔn abɔfo a wɔwɔ tumi no de, nanso wɔkɔ so bɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho ban, ne titiriw no, wɔ biribiara a ɛbɛsɛe ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn no ho. Bible ka sɛ: “[Yehowa, NW] bɔfo bɔ wɔn a wosuro no ho nsra hyia, na ogye wɔn.” (Dwom 34:7) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ saa asɛm yi yɛ awerɛkyekye kɛse ma yɛn? Efisɛ ahonhommɔne a wɔn ho yɛ hu a wɔpɛ sɛ wɔsɛe yɛn wɔ hɔ! Wɔne henanom? Ɛyɛɛ dɛn na abɔfo bi bɛyɛɛ abɔfo bɔne? Ɔkwan bɛn na wɔpɛ sɛ wɔfa so yɛ yɛn bɔne? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, ma yensusuw biribi a esii wɔ nnipa asetra mfiase ho kakra nhwɛ.

HONHOM ABƆDE A WƆYƐ YƐN ATAMFO

7. Satan tumi twee nnipa fii Onyankopɔn ho koduu he?

7 Sɛnea yesuaa ho ade wɔ nhoma yi Ti 3 no, abɔfo no mu biako nyaa akɔnnɔ sɛ obedi afoforo so, ma enti ɔsɔre tiaa Onyankopɔn. Akyiri yi wɔbɛfrɛɛ saa ɔbɔfo yi Satan Ɔbonsam. (Adiyisɛm 12:9) Satan daadaa Hawa no akyi mfirihyia 1,600 no, ɛkame ayɛ sɛ otumi twee nnipa dodow no ara fii Onyankopɔn ho gyé anokwafo kakraa bi te sɛ Habel, Henok, ne Noa.—Hebrifo 11:4, 5, 7.

8. (a) Ɛyɛɛ dɛn na abɔfo bi bɛyɛɛ adaemone? (b) Nea ɛbɛyɛ na adaemone no anya wɔn ti adidi mu wɔ Noa bere so Nsuyiri no mu no, dɛn na wɔyɛe?

8 Abɔfo foforo tew atua tiaa Yehowa wɔ Noa bere so. Wogyaw wɔn trabea wɔ Onyankopɔn abusua a ɛwɔ soro no fi hɔ baa asase so bɛfaa honam nipadua. Dɛn ntia? Yɛkenkan Genesis 6:2 sɛ: “Onyankopɔn mma huu nnipa mmabea sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.” Nanso Yehowa Nyankopɔn anhwɛ amma saa abɔfo yi nneyɛe bɔne ne ɔbrasɛe a ɛkɔɔ so wɔ adesamma mu no ankɔ so daa. Ɔde nsuyiri baa wiase nyinaa bɛpopaa nnipa abɔnefo nyinaa, na ɔkoraa n’asomfo anokwafo nkutoo so. (Genesis 7:17, 23) Enti, abɔfo anaa adaemone atuatewfo no gyaw wɔn honam nipadua no guu hɔ san kɔɔ soro sɛ honhom abɔde. Wokogyinaa Ɔbonsam a ɔbɛyɛɛ “adaemone panyin” no afã.—Mateo 9:34.

9. (a) Bere a adaemone no kɔɔ soro no, dɛn na ɛtoo wɔn? (b) Adaemone no ho ade bɛn na yebesusuw?

9 Bere a abɔfo asoɔdenfo no san kɔɔ soro no, wɔannye wɔne wɔn sodifo, Satan, antom sɛ Onyankopɔn abɔfo anokwafo bio. (2 Petro 2:4) Ɛwom sɛ seesei wontumi mfa honam nipadua bio de, nanso wɔda so ara nya nnipa so nkɛntɛnso bɔne pii. Nokwarem no, Satan nam saa adaemone yi mmoa so ‘redaadaa asase sofo nyinaa.’ (Adiyisɛm 12:9; 1 Yohane 5:19) Ɔkwan bɛn so? Adaemone no nam nnaadaa kwan so titiriw na ɛyɛ saa. (2 Korintofo 2:11) Ma yensusuw akwan no bi ho nhwɛ.

SƐNEA ADAEMONE DAADAA NNIPA

10. Dɛn ne ahonhonsɛmdi?

10 Adaemone no nam ahonhonsɛmdi so daadaa nnipa. Ahonhonsɛmdi yɛ adaemone a obi ne wɔn di nkitaho tẽẽ anaasɛ ɔfa ɔdebisafo bi so yɛ saa. Bible kasa tia ahonhonsɛmdi, na ɛbɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛntwe yɛn ho mfi biribiara a ahonhonsɛmdi wom ho. (Galatifo 5:19-21) Adaemone no de ahonhonsɛm di dwuma sɛnea mpataayifo de nam hyɛ darewa ano yi mpataa no ara. Mpataayifo de nam ahorow na ɛhyehyɛ darewa ano de kyere mpataa ahorow. Saa ara nso na ahonhommɔne nam ahonhonsɛmdi ahorow so nya nnipa ahorow nyinaa bi so nkɛntɛnso.

11. Dɛn ne adebisa, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho?

11 Nnaadaa kwan biako a adaemone nam so nya nnipa ne adebisa. Dɛn ne adebisa? Ɛyɛ mmɔden a obi bɔ sɛ obehu nea ɛbɛba daakye anaasɛ obehu biribi a onnim. Adebisa no bi ne nsoromma mu hwɛ, nkratasin a mfonini ahorow a ɛyɛ hu wɔ so a wɔde kyerɛ nea obi daakye bɛyɛ, ahwehwɛ bɔɔl mu hwɛ, nsamhwɛ, ne dae asekyerɛ. Ɛwom sɛ nnipa pii susuw sɛ adebisa yɛ ade a ɔhaw biara nni ho de, nanso Bible da no adi sɛ akɔmfo anaa adebisafo ne ahonhommɔne na ɛyɛ adwuma. Sɛ nhwɛso no, Asomafo Nnwuma 16:16-18 ka “abosonkɔm honhom” a na ɛma abeawa bi tumi ‘ka daakye nsɛm’ ho asɛm. Nanso, bere a wotuu adaemone no fii no mu no, tumi a ɔde yɛ anwonwade yi nso fii ne mu.

Adaemone no fa akwan pii so daadaa nnipa

12. Dɛn nti na ɛyɛ hu sɛ wobɛyɛ w’adwene sɛ wo ne awufo bedi nkitaho?

12 Ɔkwan foforo a adaemone fa so daadaa nkurɔfo ne sɛ wɔbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔakobisa afunu. Mpɛn pii na nnipa a wɔawuwu ho adwene a ɛnteɛ a nkurɔfo wɔ no daadaa wɔn a wɔredi wɔn dɔfo bi wu ho awerɛhow no. Ɔdebisafo bi betumi aka nsɛntitiriw bi anaasɛ ɔde nne bi a ɛte sɛ onipa a wawu no de akasa. Ne saa nti, nnipa pii begye di sɛ awufo te ase ankasa, ma enti sɛ wɔne wɔn di nkitaho a ebetumi aboa ateasefo no ma wɔagyina wɔn awerɛhow ano. Nanso “awerɛkyekye” biara a ɛte saa nyɛ papa na ɛyɛ hu ankasa. Dɛn ntia? Efisɛ adaemone betumi asuasua onipa a wawu no nne na wɔaka onipa a wawu no ho nsɛm akyerɛ ɔdebisafo bi. (1 Samuel 28:3-19) Afei nso, sɛnea yesuaa ho ade wɔ Ti 6 no, awufo nni baabiara. (Dwom 115:17) Enti, ahonhommɔne adaadaa ‘obiara a obisa afunu’ no, na ɔreyɛ ade a Onyankopɔn mpɛ. (Deuteronomium 18:10, 11; Yesaia 8:19) Enti, hwɛ yiye na twe wo ho fi saa nnaadaa kwan a ɛyɛ hu a adaemone fa so daadaa nkurɔfo yi ho.

13. Dɛn na nnipa pii a bere bi na wosuro adaemone no atumi ayɛ?

13 Ɛnyɛ nnaadaa nko na ahonhommɔne daadaa nkurɔfo na mmom wohunahuna wɔn nso. Ɛnnɛ, Satan ne n’adaemone no nim sɛ ‘aka bere tiaa’ bi ma wɔde wɔn agu afiase, na enti wɔn ani abere kɛse saa bere yi sen bere biara. (Adiyisɛm 12:12, 17) Ɛno mpo no, nnipa mpempem pii a bere bi na ahonhommɔne ho suro ahyɛ wɔn so no atumi ade wɔn ho afi osuro a ɛte saa ho. Wɔyɛɛ dɛn na wotumi yɛɛ eyi? Sɛ obi de ne ho ahyɛ ahonhonsɛmdi mu dedaw mpo a, dɛn na obetumi ayɛ?

SƐNEA WƆKO TIA AHONHOMMƆNE

14. Te sɛ afeha a edi kan no mu Kristofo a na wɔwɔ Efeso no, yɛbɛyɛ dɛn atumi atwe yɛn ho afi ahonhommɔne ho?

14 Bible ka sɛnea wɔko tia ahonhommɔne ne sɛnea wɔtwe wɔn ho fi wɔn ho ho asɛm kyerɛ yɛn. Susuw afeha a edi kan no mu Kristofo a na wɔwɔ Efeso kurow no mu nhwɛso no ho hwɛ. Wɔn mu binom de wɔn ho hyɛɛ ahonhonsɛmdi mu ansa na wɔrebɛyɛ Kristofo. Bere a wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi ahonhonsɛmdi ho no, dɛn na wɔyɛe? Bible ka sɛ: “Wɔn a wɔyɛ asumanne no mu pii de wɔn nhoma ba bɛhyew no ma obiara hui.” (Asomafo Nnwuma 19:19) Saa Kristofo foforo yi nam wɔn asumanne nhoma a wɔhyewee no so yɛɛ nhwɛso maa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔko tia ahonhommɔne nnɛ no. Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa no hyew ahonhonsɛm ho biribiara a wɔwɔ. Ebi ne nhoma, nsɛmma nhoma, sini ahorow, dawurubɔ ho nkratasin, ne nnwom a ɛhyɛ ahonhonsɛmdi ho nkuran ma ɛyɛ sɛ anigyede no. Nea ɛka ho bio nso ne nsɛbɛ anaa nneɛma foforo a nkurɔfo hyɛ de bɔ wɔn ho ban fi mmusu ho.—1 Korintofo 10:21.

15. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi ako atia ahonhommɔne dɔm no?

15 Bere a Kristofo a na wɔwɔ Efeso no hyew wɔn nhoma a wɔde di asumansɛm akyi mfe bi no, ɔsomafo Paulo kyerɛw wɔn sɛ: ‘Yɛne ahonhommɔne dɔm redi asi.’ (Efesofo 6:12) Ná adaemone no da so haw wɔn. Ná adaemone no gu so ara rebɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn so. Enti, afei dɛn bio na na ɛsɛ sɛ saa Kristofo no yɛ? Paulo kae sɛ: “Nea ɛsen ne nyinaa no, momfa gyidi kyɛm kɛse no a mubetumi de adum ɔbɔnefo no [Satan] mmɛmma a ɛredɛw no nyinaa.” (Efesofo 6:16) Dodow a yɛn gyidi a ɛte sɛ kyɛm no mu yɛ den no, dodow no ara na yetumi ko tia ahonhommɔne dɔm no kɛse.—Mateo 17:20.

16. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn gyidi ayɛ den?

16 Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi ahyɛ yɛn gyidi den? Denam Bible a yebesua so. Ɔfasu bi denyɛ gyina ne fapem so kɛse. Saa ara na sɛ yɛn gyidi bɛyɛ den a, egyina ne nnyinaso a ɛne Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu nokware nimdeɛ a yebenya so kɛse. Sɛ yɛkenkan Bible na yesua da biara a, yɛn gyidi bɛyɛ den. Te sɛ ɔfasu a ɛyɛ den no, gyidi a ɛte saa bɛbɔ yɛn ho ban afi ahonhommɔne nkɛntɛnso ho.—1 Yohane 5:5.

17. Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so na ama yɛatumi ako atia ahonhommɔne no?

17 Ɔkwan foforo bɛn na na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ Efeso no fa so? Ná wohia ahobammɔ foforo efisɛ na wɔte kurow a adaemonesɛm ahyɛ mu ma mu. Enti Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae bere biara wɔ honhom mu.” (Efesofo 6:18) Esiane sɛ yɛn nso yɛte wiase bi a adaemonesɛm ahyɛ mu ma mu nti, Yehowa a yebefi komam abɔ no mpae de ahwehwɛ ahobammɔ no ho hia na ama yɛatumi ako atia ahonhommɔne. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa din wɔ yɛn mpaebɔ mu. (Mmebusɛm 18:10, NW) Enti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ mpae sɛ Onyankopɔn ‘nnye yɛn mfi ɔbɔnefo’ Satan Ɔbonsam “nsam.” (Mateo 6:13) Yehowa betie mpae a ɛte saa a yefi komam bɔ no.—Dwom 145:19.

18, 19. (a) Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ yebedi nkonim wɔ ko a yɛreko atia ahonhommɔne no mu? (b) Asɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ ti a edi hɔ no mu?

18 Ahonhommɔne ho yɛ hu, nanso sɛ yɛko tia Ɔbonsam na yɛbɛn Onyankopɔn denam Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ so a, ɛnsɛ sɛ yesuro wɔn. (Yakobo 4:7, 8) Ahonhommɔne no tumi wɔ baabi a ekosi. Wɔtwee wɔn aso wɔ Noa bere so, na wɔrebebu wɔn atɛn a etwa to koraa. (Yuda 6) Kae nso sɛ, Yehowa abɔfo a wɔwɔ tumi no bɔ yɛn ho ban. (2 Ahene 6:15-17) Saa abɔfo no ani gye ho paa sɛ wobehu sɛ yɛredi nkonim wɔ ko a yɛreko atia ahonhommɔne no mu. Sɛnea yɛbɛka no no, abɔfo pa no rehyɛ yɛn nkuran. Enti momma yɛne Yehowa ne n’abusua a abɔde a wɔyɛ ahonhom anokwafo wom no mmɔ denneennen. Ɛmmra sɛ yɛn nso yɛbɛtwe yɛn ho afi ahonhonsɛmdi biara ho, na yɛde Onyankopɔn Asɛm mu afotu adi dwuma bere nyinaa. (1 Petro 5:6, 7; 2 Petro 2:9) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛnde yebetumi anya ahotoso sɛ yebedi nkonim wɔ ko a yɛreko atia ahonhommɔne no mu.

19 Nanso, dɛn nti na Onyankopɔn ama ahonhommɔne ne abɔnefosɛm a ama nnipa ahu amane pii no ho kwan? Yebenya saa asɛmmisa no ho mmuae wɔ ti a edi hɔ no mu.

^ nky. 2 Adiyisɛm 5:11 ka abɔfo pa ho asɛm sɛ: “Wɔn dodow yɛ ɔpedudu ne mpempem huhaa,” anaa “ɔpepem huhaa.” Enti Bible kyerɛ sɛ wɔbɔɔ abɔfo ɔpepehaha pii.