Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUBIAKO

Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?

Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?
  • So Onyankopɔn na ɔde amanehunu aba wiase?

  • Asɛm bɛn na ɛsɔree wɔ Eden turom?

  • Onyankopɔn bɛyɛ dɛn asiesie nea afi nnipa amanehunu mu aba no?

1, 2. Amanehunu bɛn na nkurɔfo hyia nnɛ, na nsɛm bɛn na ɛma nnipa pii bisa?

BERE a ɔko bi a ɛyɛ hu baa awiei wɔ ɔman bi a akodi asɛe hɔ mu no, wosiee ɔmanfo a wɔyɛ mmea ne mmofra mpempem pii a na wɔakunkum wɔn no wɔ amoa kɛse biako mu, na wɔde mmeamudua sisii ho hyiae. Ná wɔakyerɛw mmeamudua no biara so sɛ: “Adɛn?” Ɛtɔ mmere bi a ɛno ne asɛm a ɛyɛ yaw sen biara a yebisa. Nkurɔfo de awerɛhow bisa saa asɛm yi, bere a ɔko, atoyerɛnkyɛm, yare, anaa nsɛmmɔnedi bi akunkum wɔn adɔfo a wɔn ho nni asɛm, asɛe wɔn afie, anaasɛ ɛde amanehunu a enni kabea aba wɔn so no. Ɛyɛ a na wɔpɛ sɛ wohu nea enti a awerɛhosɛm a ɛtete saa ato wɔn.

2 Dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan? Sɛ Yehowa Nyankopɔn ne tumi nyinaa wura, ɔne dɔ, onim nyansa, na obu atɛntrenee a, dɛn nti na nitan ne ntɛnkyea ahyɛ wiase mu ma saa? So w’ankasa woasusuw saa nsɛm yi ho pɛn?

3, 4. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ mfomso sɛ wubebisa nea enti a Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan? (b) Yehowa te nka dɛn wɔ abɔnefosɛm ne amanehunu ho?

3 So ɛyɛ mfomso sɛ wubebisa nea enti a Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan? Ɛhaw ebinom sɛ wobebisa asɛm a ɛte saa, efisɛ wosusuw sɛ ɛbɛkyerɛ sɛ wɔn gyidi nyɛ den anaasɛ wɔrebu Onyankopɔn animtiaa. Nanso, sɛ wokenkan Bible a, wubehu sɛ nnipa anokwafo a na wosuro Onyankopɔn bisaa nsɛm a ɛtete saa. Sɛ nhwɛso no, odiyifo Habakuk bisaa Yehowa sɛ: “Ɛdɛn nti na woma mihu abusude, na wohwɛ ɔhaw yi? Ɔsɛe ne nhyɛso da m’anim, na ɔham ba, na akameakame sɔre.”—Habakuk 1:3.

Yehowa bɛma amanehunu nyinaa aba awiei

4 So Yehowa kaa odiyifo Habakuk nokwafo no anim sɛ obisaa nsɛm a ɛtete saa? Dabi. Mmom no, Onyankopɔn maa wɔkyerɛw Habakuk nsɛm a efi komam no wɔ Bible mu. Onyankopɔn boaa no nso ma ɔtee nneɛma ase yiye, na onyaa gyidi a emu yɛ den. Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ saa ara ma wo. Kae sɛ, Bible ka sɛ ‘odwen wo ho.’ (1 Petro 5:7) Onyankopɔn kyi abɔnefosɛm ne amanehunu a ɛde ba no koraa sen onipa biara. (Yesaia 55:8, 9) Ɛnde, dɛn nti na amanehunu pii wɔ wiase saa?

DƐN NTI NA AMANEHUNU ABU SO SAA?

5. Nkyerɛkyerɛmu bɛn na ɛtɔ mmere bi a wɔde ma wɔ nnipa amanehunu ho, nanso dɛn na Bible ka fa ho?

5 Nnipa a wɔwɔ ɔsom ahorow mu akɔ wɔn som mu mpanyimfo ne akyerɛkyerɛfo nkyɛn akobisa nea enti a amanehunu pii wɔ hɔ saa no. Mpɛn pii no, nea wɔka kyerɛ wɔn ne sɛ amanehunu yɛ Onyankopɔn apɛde, na ofi teteete na ahyehyɛ biribiara a ɛbɛba no ato hɔ, a awerɛhosɛm a esisi no nso ka ho. Wɔka kyerɛ nnipa pii sɛ Onyankopɔn akwan yɛ nea wontumi nte ase, anaasɛ Onyankopɔn na ɔma nnipa a mmofra ka ho wuwu, sɛnea ɛbɛyɛ a obenya wɔn ne wɔn atra soro. Nanso, sɛnea woahu no, Yehowa Nyankopɔn nni asɛmmɔne da. Bible ka sɛ: “Ɛmpare Onyankopɔn sɛ obedi asɛmmɔne, na Otumfoɔ bedi amumɔyɛsɛm.”—Hiob 34:10.

6. Dɛn nti na nnipa pii di mfomso de wiase mu amanehunu ho sobo bɔ Onyankopɔn?

6 So wunim nea enti a nnipa di mfomso de amanehunu a ɛwɔ wiase nyinaa ho sobo bɔ Onyankopɔn no? Mpɛn pii no, wɔbɔ Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn sobo, efisɛ wosusuw sɛ ɔno ne wiase yi sodifo ankasa. Wonnim nokwasɛm tiawa bi a ɛho hia a Bible kyerɛkyerɛ no. Nanso, wode, wusuaa saa nokwasɛm no ho ade wɔ nhoma yi Ti 3. Wiase yi sodifo ankasa ne Satan Ɔbonsam.

7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na wiase no da ne sodifo no suban adi? (b) Ɔkwan bɛn so na nnipa sintɔ ne “ɛbere ne asiane” ama nnipa ahu amane?

7 Bible ka pefee sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” (1 Yohane 5:19) Sɛ wususuw ho a, so ntease nnim? Saa wiase yi da abɔde a ɔyɛ honhom a aniwa nhu no a “ɔredaadaa asase sofo nyinaa no” suban adi. (Adiyisɛm 12:9) Satan yɛ ɔtamfo, ɔdaadaafo, ne otirimɔdenfo. Enti, nitan, nnaadaa, ne atirimɔden ahyɛ wiase a odi so no mu ma. Ɛno ne ade biako nti a amanehunu pii wɔ hɔ no.

8 Sɛnea yesusuw ho wɔ Ti 3 no, ade a ɛto so abien nti a amanehunu pii wɔ hɔ no ne sɛ, efi bere a atuatew bae wɔ Eden turom hɔ no, adesamma atɔ sin na wɔayɛ abɔnefo. Nnipa abɔnefo taa pere hwehwɛ tumidi, na eyi de akodi, nhyɛso, ne amanehunu ba. (Ɔsɛnkafo 4:1; 8:9) Ade a ɛto so abiɛsa a ɛde amanehunu ba ne “ɛbere ne asiane.” (Ɔsɛnkafo 9:11NW) Wɔ wiase a ɛnyɛ Yehowa na ɔyɛ Sodifo a ɔbɔ nkurɔfo ho ban mu no, nnipa betumi ahu amane efisɛ wotumi hyia akwanhyia bere biara.

9. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa wɔ biribi titiriw nti a wama kwan ma amanehunu kɔ so?

9 Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde amanehunu ba. Ɛnyɛ ɔno na ɔma akodi, nsɛmmɔnedi, nhyɛso, anaa atoyerɛnkyɛm a ɛma nnipa hu amane no mpo ba. Nanso, ɛsɛ sɛ yenya saa asɛmmisa yi ho mmuae, Dɛn nti na Yehowa ma amanehunu yi nyinaa ho kwan? Sɛ ɔne Ade Nyinaa So Tumfoɔ no a, ɛnde na ɔwɔ tumi a ɔde besiw ano. Sɛ ɛte saa a, ɛnde dɛn nti na onsiw ano? Ɛbɛyɛ sɛ ɔdɔ Nyankopɔn a yenim no no wɔ biribi titiriw nti a ɔnyɛɛ saa.—1 Yohane 4:8.

ASƐM BI A ƐHO HIA SƆREE

10. Dɛn na Satan maa asɛm baa ho, na ɔkwan bɛn so na ɔyɛɛ saa?

10 Sɛ yebehu nea enti a Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan a, ɛsɛ sɛ yɛsan yɛn akyi kosusuw bere a amanehunu fii ase no ho. Bere a Satan maa Adam ne Hawa yɛɛ Yehowa so asoɔden no, asɛm bi a ɛho hia sɔree. Satan anka sɛ Yehowa nni tumi. Satan nim ankasa sɛ Yehowa tumi nni ano. Mmom no, Satan maa asɛm sɔree wɔ hokwan a Yehowa wɔ sɛ odi tumi no ho. Satan nam frɛ a ɔfrɛɛ Onyankopɔn ɔtorofo a ɔde nneɛma pa kame ne nkoa no so kyerɛe sɛ Yehowa yɛ sodifo bɔne. (Genesis 3:2-5) Nea na Satan repɛ akyerɛ ne sɛ sɛ Onyankopɔn nni nnipa so a, anka wɔn ho bɛtɔ wɔn yiye. Eyi yɛ kasa a ɔkasa tiaa Yehowa tumidi, hokwan a ɔwɔ sɛ odi tumi no.

11. Dɛn nti na Yehowa ansɛe atuatewfo no amonom hɔ ara wɔ Eden?

11 Adam ne Hawa tew atua tiaa Yehowa. Nea na wɔkyerɛ ankasa ni: ‘Yenhia Yehowa sɛ yɛn Sodifo. Yɛn ankasa betumi asisi papa ne bɔne ho gyinae.’ Ná Yehowa bɛyɛ dɛn asiesie saa asɛm yi? Ná ɔbɛyɛ dɛn ama abɔde a wonim nyansa nyinaa ahu sɛ atuatewfo no adi mfomso, na nea ɔno Yehowa ka no mmom na ɛyɛ nokware ankasa? Obi betumi aka sɛ na anka ɛsɛ sɛ Onyankopɔn sɛe atuatewfo no na ɔsan bɔ nnipa foforo. Nanso, na Yehowa aka sɛ ɔde Adam ne Hawa asefo mmom na ɛbɛhyɛ asase so ma, na na ɔpɛ sɛ wɔtra asase so paradise mu. (Genesis 1:28) Yehowa ma biribiara a ɔka bam bere nyinaa. (Yesaia 55:10, 11) Afei nso, na atuatewfo no a obekum wɔn afi Eden no remma wonnya hokwan a Yehowa wɔ sɛ odi tumi ho asɛm a asɔre no ho mmuae.

12, 13. Fa mfatoho kyerɛkyerɛ nea enti a Yehowa ama Satan abɛyɛ wiase yi sodifo ne nea enti a Onyankopɔn ama kwan ma nnipa di wɔn ho so no mu.

12 Ma yensusuw mfatoho bi ho nhwɛ. Fa no sɛ ɔkyerɛkyerɛfo bi rekyerɛkyerɛ sɛnea wobu akontaa dennen bi mu akyerɛ sukuufo a ɔkyerɛ wɔn ade. Sukuuni bi a onim ade nanso ɔyɛ otuatewfo ka sɛ ɔkwan a ɔkyerɛkyerɛfo no nam so rekyerɛ ade no nyɛ papa. Nea ɛbɛyɛ na otuatewfo yi ama sukuufo nkae no ahu sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no nnim ade no, ɔkɔ so ka sɛ onim ɔkwan a ɛyɛ papa koraa a wɔfa so bu saa akontaa no. Sukuufo no bi adwene yɛ wɔn sɛ nea otuatewfo no reka no yɛ nokware, na wɔn nso tew atua. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no yɛ? Sɛ ɔpam otuatewfo no fi sukuudan no mu a, adwene bɛn na sukuufo a aka no benya? So wɔrennya adwene sɛ nea wɔn yɔnko sukuuni no ne wɔn a wɔde wɔn ho abɔ no no reka no yɛ nokware? Ebetumi aba sɛ sukuufo a aka no nyinaa rennya obu mma ɔkyerɛkyerɛfo no, na wobenya adwene sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no suro sɛ wɔbɛma ne nkontompo ada adi. Nanso, fa no sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no ma otuatewfo no kwan ma ɔkyerɛ sukuufo no sɛnea ɔno otuatewfo no bebu akontaa no.

So sukuuni no nim ade sen ɔkyerɛkyerɛfo no?

13 Yehowa ayɛ biribi a ɛte sɛ nea ɔkyerɛkyerɛfo no yɛe no. Kae sɛ ɛnyɛ atuatewfo a na wɔwɔ Eden no nko na na asɛm no fa wɔn ho. Ná abɔfo ɔpepem pii rehwɛ. (Hiob 38:7; Daniel 7:10) Sɛnea na Yehowa bedi atuatew no ho dwuma no bɛka saa abɔfo no nyinaa kɛse, na awiei koraa no aka abɔde a wonim nyansa nyinaa. Enti, dɛn na Yehowa ayɛ? Wama kwan ma Satan akyerɛ ɔkwan a ɔno Satan bɛfa so adi adesamma so. Onyankopɔn ama nnipa nso kwan ma wɔadi wɔn ho so wɔ Satan akwankyerɛ ase.

14. Mfaso bɛn na ebefi gyinae a Yehowa asi ama nnipa adi wɔn ho so no mu aba?

14 Ɔkyerɛkyerɛfo a yɛaka ne ho asɛm wɔ mfatoho yi mu no nim sɛ otuatewfo no ne sukuufo a wɔakɔka ne ho no adi mfomso. Na onim nso sɛ, sɛ ɔma kwan ma wɔkyerɛkyerɛ wɔn asɛm mu a, ɛso bɛba sukuufo a aka no nyinaa mfaso. Sɛ otuatewfo no antumi ankyerɛkyerɛ nneɛma mu yiye a, sukuufo a wɔbrɛ wɔn ho ase no nyinaa behu sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no nkutoo ne obi a ɔfata sɛ ɔkyerɛ adesuakuw no ade. Wɔbɛte nea enti a ɛno akyi no ɔkyerɛkyerɛfo no pam atuatewfo biara fi adesuakuw no mu no ase. Saa ara na Yehowa nim sɛ nnipa ne abɔfo anokwafo nyinaa benya mfaso bere a wobehu sɛ Satan ne ne mfɛfo atuatewfo no adi nkogu, na nnipa ntumi nni wɔn ho so no. Te sɛ Yeremia a ɔtraa ase tete no, wobehu nokwasɛm a ɛho hia yi: “[Yehowa, NW], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”—Yeremia 10:23.

DƐN NTI NA AKYƐ SAA?

15, 16. (a) Dɛn nti na Yehowa ama kwan ma amanehunu akɔ so akyɛ saa? (b) Dɛn nti na Yehowa nsiw nneɛma bi te sɛ nsɛmmɔnedi a ɛyɛ hu kwan?

15 Nanso, dɛn nti na Yehowa ama kwan ma amanehunu akɔ so akyɛ saa? Na dɛn nti na onsiw nneɛma bɔne a ɛba no ano? Wode, susuw nneɛma abien a ɔkyerɛkyerɛfo a yɛaka ne ho asɛm wɔ mfatoho no mu renyɛ ho hwɛ. Nea edi kan, ɔrensiw otuatewfo no kwan bere a ɔrekyerɛkyerɛ sɛnea wobu akontaa no mu no. Nea ɛto so abien, ɔkyerɛkyerɛfo no renkyerɛ otuatewfo no sɛnea wobu akontaa no. Afei, susuw nneɛma abien bi a Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔrenyɛ ho hwɛ. Nea edi kan, onsiw Satan ne wɔn a wɔakɔka ne ho no kwan wɔ mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛda no adi sɛ wɔn asɛm yɛ nokware no ho. Enti ɛho abehia sɛ ɔma bere bi twam. Adesamma atumi asɔ nnipa nniso, anaa aban biara ahwɛ wɔ mfirihyia mpempem pii mu wɔ nnipa abakɔsɛm mu. Adesamma anya nkɔso bi wɔ nyansahu ne nneɛma foforo mu, nanso ntɛnkyea, ohia, nsɛmmɔnedi, ne ɔko abu so koraa. Ɛnnɛ, ada adi pefee sɛ nnipa nniso adi adesamma huammɔ.

16 Nea ɛto so abien, Yehowa mmoaa Satan mma onnii wiase yi so. Sɛ nhwɛso no, sɛ Onyankopɔn siw kwan sɛ ɔremma biribi te sɛ nsɛmmɔnedi a ɛyɛ hu nsisi a, so ɛno renyɛ te sɛ nea ɔreboa atuatewfo no ma wɔn asɛm no ayɛ nokware? Sɛ Onyankopɔn yɛ saa a, so ɛremma nkurɔfo nnya adwene sɛ gyama nnipa betumi adi wɔn ho so a ɔhaw biara remma? Sɛ Yehowa yɛ n’ade wɔ saa kwan yi so a, ɛbɛma wabɛyɛ ɔtorofo. Nanso, “Onyankopɔn ntumi nni atoro.”—Hebrifo 6:18.

17, 18. Dɛn na Yehowa bɛyɛ wɔ nneɛma bɔne a nnipa nniso ne Satan nkɛntɛnso de aba no nyinaa ho?

17 Na nneɛma bɔne a wɔayɛ wɔ bere tenteenten a wɔde atew atua atia Onyankopɔn no nso ɛ? Eye sɛ yɛbɛkae sɛ Yehowa ne ade nyinaa so tumfoɔ. Enti, obetumi asiesie nea afi adesamma amanehunu mu aba no nyinaa, na ɔbɛyɛ nso. Sɛnea yɛasua ho ade dedaw no, wobesiesie yɛn asase yi a wɔasɛe no no denam dan a wɔbɛdan asase ma ayɛ Paradise no so. Wɔnam Yesu agyede afɔre no mu gyidi so beyi nea bɔne de aba no afi hɔ, na wɔnam owusɔre so beyi nea owu de aba nso afi hɔ. Saa na Onyankopɔn nam Yesu so ‘bɛsɛe Ɔbonsam nnwuma.’ (1 Yohane 3:8) Yehowa bɛyɛ eyinom nyinaa wɔ bere a ɛfata mu ankasa. Yɛn ani betumi agye sɛ ɔnyɛɛ n’ade ntɛm so, efisɛ ntoboase a wanya no ama yɛanya hokwan asua nokware no resom no. (2 Petro 3:9, 10) Saa bere yi Onyankopɔn gu so rehwehwɛ asomfo a wɔyɛ anokwafo, na ɔreboa wɔn ma wɔagyina amanehunu biara a ebetumi aba wɔn so wɔ wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi ano.—Yohane 4:23; 1 Korintofo 10:13.

18 Ebinom betumi abisa sɛ, Sɛ anka Onyankopɔn bɔɔ Adam ne Hawa wɔ ɔkwan bi a ɛremma wontumi ntew atua so a, so anka yɛrentumi nkwati amanehunu yi nyinaa? Ansa na yɛbɛma saa asɛmmisa yi ho mmuae no, ɛsɛ sɛ wokae akyɛde bi a ɛsom bo a Yehowa de ama wo no.

WODE ONYANKOPƆN AKYƐDE NO BEDI DWUMA DƐN?

Onyankopɔn bɛboa wo ma woagyina amanehunu ano

19. Akyɛde a ɛsom bo bɛn na Yehowa de ama yɛn, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ?

19 Sɛnea yehui wɔ Ti 5 no, wɔbɔɔ nnipa wɔ ɔkwan bi so a ɛma wotumi fi wɔn pɛ mu yɛ ade. So wuhu sɛnea saa akyɛde no som bo fa? Onyankopɔn abɔ mmoa pii, na wofi nkate mu na ɛyɛ ade. Nnipa ayɛ robɔt anaa mfiri bi a wotumi ma wɔyɛ biribiara a wɔpɛ sɛ wɔyɛ no. Sɛ Onyankopɔn yɛɛ yɛn saa a, so anka yɛpɛ? Dabi, ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛwɔ ahofadi a yetumi fi yɛn pɛ mu paw onipa ko a yɛpɛ sɛ yɛyɛ, ɔbra ko a yɛpɛ sɛ yɛbɔ, nnamfo ko a yɛpɛ sɛ yɛfa, ne nea ɛkeka ho. Yɛn ani gye ho sɛ yɛwɔ ahofadi kakra, na saa na Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ.

20, 21. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de akyɛde a ɛne yɛn pɛ mu a yetumi fi yɛ ade no adi dwuma a eye sen biara, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ saa?

20 Yehowa ani nnye ho sɛ wɔbɛhyɛ yɛn ma yɛasom no. (2 Korintofo 9:7) Mfatoho bi ni: Eyi mu nea ɛwɔ he na ɔwofo bi ani begye ho kɛse—sɛ́ abofra bi befi ne komam aka sɛ “Meda wo ase,” anaasɛ wɔbɛka akyerɛ no sɛ ɔnka saa? Enti asɛm no ne sɛ, Wode wo pɛ mu a wutumi fi paw biribi a Yehowa de ama wo no bedi dwuma dɛn? Satan, Adam, ne Hawa amfa wɔn pɛ mu a wotumi fi paw biribi no anni dwuma ɔkwan pa so koraa. Wɔpoo Yehowa Nyankopɔn. Dɛn na wode saa hokwan no bɛyɛ?

21 Wowɔ hokwan sɛ wode akyɛde nwonwaso a ɛne wo pɛ mu a wutumi fi yɛ ade no bɛyɛ nea eye sen biara. Wubetumi de wo ho abɔ nnipa ɔpepem pii a wogyina Yehowa afã no. Wɔma Onyankopɔn ani gye efisɛ wɔrebɔ mmɔden ama ada adi sɛ Satan yɛ ɔtorofo ne sodifo a wadi nkogu koraa. (Mmebusɛm 27:11) Wo nso wubetumi ayɛ saa ara denam ɔbra pa a wobɛbɔ so. Wɔbɛkyerɛkyerɛ eyi mu wɔ ti a edi hɔ no mu.