Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUMIƐNSA

Onyankopɔn Adwene a Yebenya Wɔ Nkwa Ho

Onyankopɔn Adwene a Yebenya Wɔ Nkwa Ho
  • Onyankopɔn bu nkwa dɛn?

  • Onyankopɔn bu nyinsɛn a wotu gu dɛn?

  • Ɔkwan bɛn so na yɛkyerɛ sɛ yebu nkwa?

1. Hena na ɔbɔɔ nneɛma a nkwa wom nyinaa?

ODIYIFO Yeremia kae sɛ: “[Yehowa, NW] ne nokware Nyankopɔn no, ɔne Onyankopɔn teasefo.” (Yeremia 10:10) Afei nso, Yehowa Nyankopɔn ne nneɛma a nkwa wom nyinaa Bɔfo. Abɔde a wɔwɔ soro ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛwowɔ hɔ na wɔbɔe.” (Adiyisɛm 4:11) Wɔ ayeyi dwom bi a Ɔhene Dawid to maa Onyankopɔn mu no, ɔkae sɛ: “Wo nkyɛn na nkwa nsuti wɔ.” (Dwom 36:9) Enti, nkwa yɛ akyɛde a Onyankopɔn de ma.

2. Dɛn na Onyankopɔn yɛ de hwɛ yɛn nkwa so?

2 Yehowa na ɔhwɛ yɛn nkwa so nso. (Asomafo Nnwuma 17:28) Ɔno na ɔma yɛn aduan a yedi, nsu a yɛnom, mframa a yɛhome, ne asase a yɛte so no. (Asomafo Nnwuma 14:15-17) Yehowa ayɛ saa nneɛma yi wɔ ɔkwan bi a ɛma asetra yɛ anigye so. Nanso sɛ yebenya asetram anigye akosi ase a, ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn mmara na yedi so.—Yesaia 48:17, 18.

OBU A YEBENYA AMA NKWA

3. Onyankopɔn buu kum a wokum Habel no dɛn?

3 Onyankopɔn pɛ sɛ yenya obu ma yɛn ankasa nkwa ne afoforo de nso. Sɛ nhwɛso no, wɔ Adam ne Hawa bere so no, wɔn ba Kain bo fuw ne nua kumaa Habel denneennen. Yehowa bɔɔ Kain kɔkɔ sɛ n’abufuw no betumi ama wayɛ bɔne a anibere wom. Kain buu n’ani guu saa kɔkɔbɔ no so. ‘Ɔtow hyɛɛ ne nua Habel so kum no.’ (Genesis 4:3-8) Yehowa twee Kain aso wɔ ne nua no a okum no no ho.—Genesis 4:9-11.

4. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn sii hia a ehia sɛ yenya nkwa ho adwene a ɛfata so dua wɔ Mose Mmara no mu?

4 Wɔ asɛm yi akyi mfirihyia mpempem pii no, Yehowa maa Israel man no mmara a ɛbɛboa wɔn ma wɔasom Yehowa wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. Esiane sɛ odiyifo Mose na wɔnam no so de mmara ahorow yi mae nti, ɛtɔ mmere bi a wɔfrɛ no Mose Mmara. Mose Mmara no fã bi kae sɛ: “Nni awu.” (Deuteronomium 5:17) Eyi maa Israelfo no hui sɛ Onyankopɔn bu nnipa nkwa, enti ɛsɛ sɛ nnipa nso bu afoforo nkwa.

5. Ɛsɛ sɛ yebu nyinsɛn a wotu gu dɛn?

5 Na abofra a ɔhyɛ yafunum nkwa nso ɛ? Sɛnea Mose Mmara no kyerɛ no, ná ɛyɛ bɔne sɛ wobekum abofra a ɔhyɛ ne na yam. Yiw, nkwa a ɛte saa mpo som bo wɔ Yehowa anim. (Exodus 21:22, 23; Dwom 127:3) Eyi kyerɛ sɛ ɛyɛ bɔne sɛ wobetu nyinsɛn agu.

6. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛtan yɛn yɔnko nnipa?

6 Nneɛma a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ obu ma nkwa no bi ne adwene a ɛfata a yebenya wɔ yɛn yɔnko nnipa ho. Bible ka sɛ: “Obiara a ɔtan ne nua no yɛ wudifo, na munim sɛ owudifo biara nni hɔ a daa nkwa te ne mu.” (1 Yohane 3:15) Sɛ yɛpɛ sɛ yenya daa nkwa a, ɛsɛ sɛ yeyi yɛn yɔnko nnipa ho tan biara a ɛwɔ yɛn komam fi hɔ koraa, efisɛ ɔtan na ɛde basabasayɛ dodow no ara ba. (1 Yohane 3:11, 12) Ehia sɛ yesua sɛ yɛbɛdodɔ yɛn ho yɛn ho.

7. Nneɛma a yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yemmmu nkwa no bi ne dɛn?

7 Na obu a yebenya ama yɛn ankasa nkwa nso ɛ? Nnipa mpɛ sɛ wowu, nanso ebinom de anigye sesa wɔn nkwa. Sɛ nhwɛso no, nnipa pii nom tawa anaa sigaret, wii, anaa nnubɔne afoforo de gye wɔn ani. Nnubɔne a ɛtete saa sɛe nipadua no, na ɛtaa kunkum wɔn a wɔnom no. Onipa a ɔkɔ so nom saa nnubɔne yi mmu nkwa sɛ ɛyɛ ade kronkron. Saa nneyɛe yi ho ntew wɔ Onyankopɔn anim. (Romafo 6:19; 12:1; 2 Korintofo 7:1) Sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so a, ɛsɛ sɛ yegyae nneyɛe a ɛtete saa. Ɛwom sɛ ne gyae betumi ayɛ den yiye de, nanso Yehowa betumi ama yɛn ahoɔden a yehia no. Na Yehowa ani sɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yebebu yɛn nkwa sɛ akyɛde a ɛsom bo a ɔde ama yɛn no.

8. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ ahwɛyiye bere nyinaa?

8 Sɛ yebu nkwa a, yebehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye bere nyinaa. Yɛbɛyɛ ahwɛyiye, na yɛremfa yɛn nkwa nto asiane mu esiane anigye nti. Yɛrenka kar basabasa, na yɛremfa yɛn ho nhyɛ agodie a basabasayɛ wom anaa ɛyɛ hu mu. (Dwom 11:5) Onyankopɔn mmara a ɔde maa tete Israelfo no kae sɛ: “Sɛ wusi dan foforo [a atifi yɛ tratraa] a, gye wo dan no atifi ban [anaa, to ɔfasu tiatiaa wɔ so], na obi amfi hɔ anhwe ase, na woamfa mogya ho asodi amma wo dan no so.” (Deuteronomium 22:8) Nea ɛne nnyinasosɛm a ɛwɔ saa mmara no mu hyia no, kɔ so hwɛ nneɛma te sɛ atrapoe a ɛwɔ wo fie yiye, sɛnea ɛbɛyɛ a obi renwatiriw wɔ so nhwe ase mpira kɛse. Sɛ wowɔ kar a, hwɛ hu sɛ ɛyɛ nea asɛm biara nni ho. Mma wo fie anaa wo kar mfa w’ankasa anaa afoforo nkwa nto asiane mu.

9. Sɛ yebu nkwa a, dɛn na yɛremfa nyɛ mmoa?

9 Na aboa nkwa nso ɛ? Ɛno nso yɛ kronkron ma Ɔbɔadeɛ no. Onyankopɔn ma kwan ma yekum mmoa de yɛ aduan ne ntade, anaasɛ yekum wɔn de bɔ nnipa ho ban. (Genesis 3:21; 9:3; Exodus 21:28) Nanso, ɛyɛ bɔne sɛ yɛbɛyɛ mmoa ayayade anaasɛ yebekum wɔn de agyigye yɛn ani. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yemmmu nkwa sɛ ade kronkron koraa.—Mmebusɛm 12:10.

OBU A YEBENYA AMA MOGYA

10. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ada no adi sɛ nkwa ne mogya wɔ abusuabɔ?

10 Bere a Kain kum ne nua Habel no, Yehowa ka kyerɛɛ Kain sɛ: “Wo nua mogya nne teɛm frɛ me fi asase so.” (Genesis 4:10) Bere a Onyankopɔn kaa Habel mogya ho asɛm no, na ɛyɛ Habel nkwa ho asɛm na na ɔreka. Ná Kain akum Habel, na na ɛho abehia sɛ wɔtwe Kain aso. Ná ɛte sɛ nea Habel mogya, anaa ne nkwa, reteɛm frɛ Yehowa sɛ ommu atɛn. Wɔdaa abusuabɔ a nkwa ne mogya wɔ adi bio wɔ Noa bere so Nsuyiri no akyi. Ansa na Nsuyiri no reba no, na nnuaba, nhabamma, ne nnuan te sɛ aburow, ne nkate nkutoo na na nnipa di. Wɔ Nsuyiri no akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Noa ne ne mma no sɛ: “Nea ɛkeka ne ho a ɛwɔ nkwa nyinaa, ɛ́nyɛ mo aduan; mede ne nyinaa mama mo, sɛnea mede nhaban momono memaa mo no.” Nanso, Onyankopɔn de anohyeto yi maa wɔn sɛ: “Nam a ɛwɔ ne kra [anaasɛ, ne nkwa], ɛne sɛ ne mogya mu nko na munnni.” (Genesis 1:29; 9:3, 4) Ɛda adi pefee sɛ, Yehowa bu abɔde bi mogya sɛ ɛne ne nkwa wɔ abusuabɔ a emu yɛ den paa.

11. Dwuma a wɔde mogya di bɛn na Onyankopɔn abara fi Noa bere so?

11 Yɛnam di a yenni mogya so da no adi sɛ yɛwɔ obu ma mogya. Yehowa hyɛe wɔ Mmara a ɔde maa Israelfo no mu sɛ: “Obiara . . . a ɔyɛ ha kum aboa anaa anomaa a wodi no, onhwie ne mogya ngu na ɔmfa dɔte nkata so. . . . Mise Israelfo sɛ: Munnni nam biara mogya.” (Leviticus 17:13, 14) Ná Onyankopɔn ahyɛde a ɛka sɛ ɛnsɛ sɛ yedi mogya a na wɔadi kan de ama Noa bɛyɛ mfirihyia 800 a atwam no da so ara yɛ adwuma. Ná Yehowa asɛm no mu da hɔ fann: Ná n’asomfo betumi adi mmoa nam nanso na ɛnsɛ sɛ wodi wɔn mogya. Ná ɛsɛ sɛ wohwie mogya no gu fam a ɛkyerɛ sɛ, wɔresan de aboa no nkwa ama Onyankopɔn.

12. Ahyɛde a ɛfa mogya ho a wɔnam honhom kronkron so de mae wɔ afeha a edi kan no mu bɛn na ɛda so ara yɛ adwuma nnɛ?

12 Kristofo wɔ ahyɛde a ɛte saa ara a ɛsɛ sɛ wodi so. Asomafo no ne mmarima foforo a na wodi anim wɔ Yesu akyidifo no mu wɔ afeha a edi kan no mu hyiae sɛ wobesi ahyɛde ahorow a na ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no mufo nyinaa di so ho gyinae. Gyinae a wosii ni: “Honhom kronkron no ne yɛn ankasa nso mpɛ sɛ yɛde adesoa foforo biara bɛto mo so, gye eyinom a ehia yi, sɛ montwe mo ho mfi nneɛma a wɔde abɔ afɔre ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔakum wɔn a wɔanhwie wɔn mogya angu ne aguamammɔ ho.” (Asomafo Nnwuma 15:28, 29; 21:25) Enti ɛsɛ sɛ ‘yɛtwe yɛn ho fi mogya ho.’ Wɔ Onyankopɔn ani so no, saa a yɛbɛyɛ no ho hia te sɛ yɛn ho a yɛbɛtwe afi abosonsom ne nna mu ɔbrasɛe ho ara pɛ.

Sɛ wo duruyɛfo ka kyerɛ wo sɛ gyae nsa nom a, so wobɛma wɔde afa wo ntini mu ama wo?

13. Fa mfatoho kyerɛkyerɛ nea enti a mogya a wɔde fa ntini mu ma no ka ahyɛde a ɛka sɛ yɛntwe yɛn ho mfi mogya ho no ho.

13 So mogya a wɔde fa ntini mu ma ka ahyɛde a ɛka sɛ yɛntwe yɛn ho mfi mogya ho no ho? Yiw. Mfatoho bi ni: Fa no sɛ oduruyɛfo bi aka akyerɛ wo sɛ gyae nsa nom. So nea ɛno bɛkyerɛ ara ne sɛ ɛnsɛ sɛ wonom nsa fa w’anom na mmom wobetumi de afa wo ntini mu ama wo? Dabida! Saa ara na yɛn ho a yɛbɛtwe afi mogya ho no kyerɛ sɛ yɛremfa ɔkwan biara so mfa mogya ngu yɛn nipaduam koraa. Enti ahyɛde a ɛka sɛ yɛntwe yɛn ho mfi mogya ho no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma obiara kwan ma ɔde mogya fa yɛn ntini mu ma yɛn.

14, 15. Sɛ nnuruyɛfo ka sɛ ɛsɛ sɛ wɔma Kristoni bi mogya a, ɔbɛyɛ n’ade dɛn, na dɛn ntia?

14 Na sɛ Kristoni bi apira paa anaasɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ no oprehyɛn kɛse bi nso ɛ? Fa no sɛ nnuruyɛfo ka sɛ ɛsɛ sɛ wɔma no mogya anyɛ saa a obewu. Nokwarem no, Kristoni mpɛ sɛ owu. Ɔbɛpene ayaresa foforo biara a wɔmfa mogya nni dwuma ɔkwammɔne so wom so de akora Onyankopɔn akyɛde a ɛsom bo a ɛne nkwa no so. Enti, sɛ hokwan wɔ hɔ a, ɔbɛhwehwɛ ayaresa a ɛte saa, na ɔbɛpene nnuru ahorow a wɔde besi mogya ananmu no so.

15 So Kristoni bebu Onyankopɔn mmara so sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtra ase akyɛ kakra wɔ saa wiase yi mu? Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔpɛ sɛ ogye ne kra nkwa no bɛhwere; nanso obiara a me nti ɔbɛhwere ne kra [anaa nkwa] no nsa bɛka.” (Mateo 16:25) Yɛmpɛ sɛ yewu. Nanso sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkora nkwa a yɛwɔ mprempren yi so denam Onyankopɔn mmara a yebebu so so a, yebetumi ahwere daa nkwa. Ɛnde, nyansa wom sɛ yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn mmara a ɛteɛ no so, na yɛanya ahotoso koraa sɛ, sɛ biribi nti yewu a, yɛn Nkwamafo no bɛkae yɛn wɔ owusɔre mu, na wasan de yɛn nkwa a ɛyɛ akyɛde a ɛsom bo no ama yɛn bio.—Yohane 5:28, 29; Hebrifo 11:6.

16. Gyinae pintinn bɛn na Onyankopɔn asomfo asi afa mogya ho?

16 Ɛnnɛ, Onyankopɔn asomfo anokwafo asi gyinae pintinn sɛ wobedi n’akwankyerɛ a ɛfa mogya ho no so. Wɔrenni mogya biara. Saa ara nso na wɔrennye mogya wɔ wɔn ayaresa mu. * Wogye di paa sɛ mogya Yɛfo no nim nea eye ma wɔn sen obiara. So wugye di sɛ ɛte saa?

ADE KORO PƐ A NA ƐFATA SƐ WƆDE MOGYA YƐ

17. Wɔ tete Israel no, na dɛn ne ade koro pɛ a na wɔde mogya yɛ ma ɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani?

17 Mose Mmara no sii ade koro pɛ a ɛfata a wobetumi de mogya ayɛ so dua. Ɛdefa ɔsom a na ɛsɛ sɛ tete Israelfo de ma ho no, Yehowa hyɛe sɛ: “Ɔhonam kra [anaa, nkwa] wɔ mogya no mu, na mede mama mo, afɔremuka no so sɛ wɔmfa mpata mma mo kra; na mogya na wɔde pata ma ɔkra.” (Leviticus 17:11) Sɛ na Israelfo yɛ bɔne a, na wobetumi ahwehwɛ bɔne fafiri denam aboa bi a wɔde bɛbɔ afɔre na wɔde ne mogya no bi apetepete afɔremuka no so wɔ ntamadan no mu, ne akyiri yi, wɔ Onyankopɔn asɔrefie hɔ so. Ade koro pɛ a na ɛfata sɛ wɔde mogya yɛ ne afɔrebɔ a ɛtete saa.

18. Mfaso ne nhyira bɛn na yebetumi anya afi Yesu mogya a ohwie gui no so?

18 Nokware Kristofo nhyɛ Mose Mmara no ase enti wɔmfa mmoa mmɔ afɔre, na wɔmfa mmoa mogya mpetepete afɔremuka bi so. (Hebrifo 10:1) Nanso, mogya a na wɔde petepete afɔremuka so wɔ tete Israel no twee adwene sii afɔrebɔ a ɛsom bo, Onyankopɔn Ba Yesu Kristo de no so. Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 5 no, Yesu de ne desani nkwa bɔɔ afɔre maa yɛn denam ne mogya a ɔma wohwie gui sɛ afɔrebɔde no so. Afei, ɔforo kɔɔ soro, na ɔde ne mogya a wohwie gui no bo a ɛsom no kɔmaa Onyankopɔn prɛko. (Hebrifo 9:11, 12) Ɛno na na wobegyina so de yɛn bɔne afiri yɛn, na ebuee kwan a ɛbɛma yɛanya daa nkwa nso. (Mateo 20:28; Yohane 3:16) Hwɛ sɛnea dwuma a wɔde saa mogya no dii no so aba yɛn mfaso kɛse! (1 Petro 1:18, 19) Ɛyɛ Yesu mogya a ɛfata a ohwie gui no mu gyidi a yebenya so nkutoo na yɛnam betumi anya nkwagye.

Wobɛyɛ dɛn atumi akyerɛ obu ama nkwa ne mogya?

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛn “ho afi nnipa nyinaa mogya ho”?

19 Yebetumi ada Yehowa Nyankopɔn ase pii wɔ nkwa a ofi ɔdɔ mu de ama yɛn no ho! Na so ɛnsɛ sɛ ɛno kanyan yɛn ma yɛka hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ yebetumi afa Yesu afɔrebɔ no mu gyidi so anya daa nkwa no ho asɛm kyerɛ afoforo? Sɛ yedwen yɛn yɔnko nnipa nkwa ho sɛnea Onyankopɔn dwen nnipa nkwa ho no a, ɛbɛka yɛn ma yɛde anigye ne nsi ayɛ eyi. (Hesekiel 3:17-21) Sɛ yɛde nnamyɛ di asɛyɛde yi ho dwuma a, yebetumi aka asɛm a ɔsomafo Paulo kae no bi sɛ: “Me ho afi nnipa nyinaa mogya ho, efisɛ mamfa Onyankopɔn agyinatu biara ankame mo.” (Asomafo Nnwuma 20:26, 27) Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho asɛm a yɛka kyerɛ afoforo no yɛ ɔkwan pa a yɛfa so kyerɛ sɛ yɛwɔ obu a ɛsen biara ma nkwa ne mogya.

^ nky. 16 Sɛ wopɛ nnuru a wɔde si mogya ananmu ho nsɛm a, hwɛ How Can Blood Save Your Life? (Ɛbɛyɛ Dɛn na Mogya Betumi Agye Wo Nkwa?) nhomawa a Yehowa Adansefo atintim no kratafa 13-17.