Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUNAN

Sɛnea Wobɛma W’abusua Asetra Ayɛ Anigye

Sɛnea Wobɛma W’abusua Asetra Ayɛ Anigye
  • Dɛn na ehia na ama obi ayɛ okunu pa?

  • Ɛbɛyɛ dɛn na ɔbea bi atumi ayɛ ɔyere pa?

  • Egye dɛn na ama obi ayɛ ɔwofo pa?

  • Ɛbɛyɛ dɛn na mmofra betumi aboa ma abusua asetra ayɛ anigye?

1. Dɛn na ɛde abusua mu anigye ba?

YEHOWA NYANKOPƆN pɛ sɛ w’abusua asetra yɛ anigye. N’asɛm Bible ma abusua muni biara akwankyerɛ, na ɛkyerɛkyerɛ adwuma a Onyankopɔn pɛ sɛ wɔn mu biara yɛ mu. Sɛ abusua no mufo yɛ wɔn nnwuma ma ɛne Onyankopɔn afotu hyia a, nea efi mu ba no yɛ anigye yiye. Yesu kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wotie Nyankopɔn asɛm na wodi so!”—Luka 11:28.

2. Dɛn na sɛ yegye tom a ɛbɛma abusua no anya anigye?

2 Abusua mu anigye gyina gye a yebegye atom sɛ Yehowa, nea Yesu frɛɛ no “Yɛn Agya” no ne nea ɔhyehyɛɛ abusua no so titiriw. (Mateo 6:9) Abusua biara a ɛwɔ asase so fi yɛn soro Agya no, na akyinnye biara nni ho sɛ onim nea ɛma mmusua ani gye. (Efesofo 3:14, 15) Ɛnde, dɛn na Bible kyerɛkyerɛ fa adwuma a ɛsɛ sɛ abusua muni biara yɛ ho?

ONYANKOPƆN NA ƆHYEHYƐƐ ABUSUA

3. Bible kyerɛkyerɛ sɛnea abusua fii ase no mu dɛn, na dɛn na ɛma yegye di sɛ nea ɛka no yɛ nokware?

3 Yehowa bɔɔ nnipa a wodi kan, Adam ne Hawa, na ɔkaa wɔn boom sɛ okunu ne ɔyere. Ɔde wɔn traa asase so paradise fie fɛfɛ bi a na wɔfrɛ hɔ Eden turo mu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnwo. Yehowa kae sɛ: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma.” (Genesis 1:26-28; 2:18, 21-24) Eyi nyɛ anansesɛm anaa atosɛm bi, efisɛ Yesu kae sɛ nea Genesis ka fa sɛnea abusua asetra fii ase ho no yɛ nokware. (Mateo 19:4, 5) Ɛwom sɛ yehyia ɔhaw ahorow pii, na mprempren asetra nte sɛ nea Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɛnyɛ no de, nanso ma yɛnhwɛ nea enti a yebetumi anya abusua mu anigye.

4. (a) Abusua muni biara bɛyɛ dɛn na watumi aboa ma anigye aba abusua no mu? (b) Dɛn nti na Yesu asetra ho ade a yebesua ho hia paa na ama yɛanya anigye wɔ abusua mu?

4 Abusua muni biara nam Onyankopɔn dɔ a obesua so betumi aboa ma abusua no asetra ayɛ anigye. (Efesofo 5:1, 2) Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Onyankopɔn, bere a yentumi nhu no no? Esiane sɛ Yehowa somaa N’abakan no fi soro baa asase so nti, yebetumi asuasua sɛnea Yehowa yɛ n’ade. (Yohane 1:14, 18) Bere a na Ɔba yi, Yesu Kristo, wɔ asase so no, ɔdaa ne soro Agya no suban adi yiye araa ma sɛ na obi hu Yesu na otie ne kasa a na ɛte sɛ nea wahu Yehowa na ɔretie Ne kasa ara pɛ. (Yohane 14:9) Enti, sɛ yesua ɔdɔ a Yesu daa no adi na yedi ne nhwɛso akyi a, yɛn mu biara betumi aboa ma yɛn abusua asetra ayɛ anigye pii.

NHWƐSO MA OKUNUNOM

5, 6. (a) Ɔkwan bɛn so na sɛnea Yesu ne asafo no dii nsɛm no yɛ nhwɛso ma okununom? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere yɛ na ama wɔanya bɔne fafiri?

5 Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ okununom ne wɔn yerenom di nsɛm sɛnea Yesu ne n’asuafo no dii nsɛm no ara pɛ. Susuw Bible akwankyerɛ yi ho hwɛ: “Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo no na ɔde ne ho too hɔ mae no . . . Saa ara na ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ ne yere no dɔ ne ho, na onipa biara ntan n’ankasa honam da; mmom no ɔhwɛ so ma n’ani kũ ho sɛnea Kristo nso yɛ asafo no.”Efesofo 5:23, 25-29.

6 Ɔdɔ a Yesu wɔ ma n’asafo no mufo a wɔyɛ n’asuafo no yɛ nhwɛso a ɛfata sɛ okununom suasua. Yesu “dɔɔ wɔn kosii awiei.” Ɛwom sɛ na asuafo no nyɛ pɛ de, nanso ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre maa wɔn. (Yohane 13:1; 15:13) Saa ara na wɔhyɛ okununom nkuran sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo yerenom na mommma mo bo mmfuw wɔn denneennen.” (Kolosefo 3:19) Ɛtɔ mmere bi na ɛkɔba sɛ ɔyere mfa nhumu nni dwuma a, dɛn na ɛbɛboa okunu ma ɔde afotu a ɛte saa ayɛ adwuma? Ɛsɛ sɛ ɔkae ɔno ankasa mfomso ahorow a ɔyɛ ne nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ na ama wanya Onyankopɔn hɔ fafiri no. Ɛyɛ dɛn? Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔde wɔn a wɔyɛ bɔne tia no, a ne yere ka ho, mfomso firi wɔn. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ɔyere nso de afoforo mfomso firi wɔn saa ara. (Mateo 6:12, 14, 15) Woahu nea enti a ebinom aka sɛ aware a ɛsɔ ne nnipa baanu a wotumi de bɔne firi wɔn ho wɔn ho no aware?

7. Dɛn na Yesu susuw ho, na nhwɛso bɛn na ɔyɛ maa okununom?

7 Ɛyɛ papa nso sɛ okununom bɛhyɛ no nsow sɛ na Yesu susuw n’asuafo no ho bere nyinaa. Osusuw wɔn sintɔ ne wɔn honam fam ahiade ho. Sɛ nhwɛso no, bere a na wɔabrɛ no, Yesu kae sɛ: “Mommra mmɛsen nkɔhyɛ baabi nhome kakra.” (Marko 6:30-32) Ɛfata sɛ wosusuw ɔyerenom nso ho wɔ ɔkwan a ɛte saa so. Bible ka wɔn ho asɛm sɛ “anwenne a ɛyɛ mmerɛw,” na wɔaka akyerɛ okununom sɛ ‘wonni wɔn ni.’ Dɛn ntia? Efisɛ okununom ne ɔyerenom nyinaa ‘yɛ nkwa a wɔde adom yɛn no adedifo.’ (1 Petro 3:7) Ɛsɛ sɛ okununom kae sɛ ɛyɛ nokwaredi na ɛma obi som bo wɔ Onyankopɔn anim, na ɛnyɛ sɛ ɔyɛ ɔbarima nti.—Dwom 101:6.

8. (a) Dɛn nti na okunu a “ɔdɔ ne yere no dɔ ne ho”? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ “ɔhonam biako” a okunu ne ɔyere yɛ no ma wohu?

8 Bible ka sɛ okunu a “ɔdɔ ne yere no dɔ ne ho.” Sɛnea Yesu kae no, eyi te saa efisɛ ɔbarima ne ne yere ‘nna so nyɛ nnipa baanu bio, na mmom ɔhonam biako.’ (Mateo 19:6) Enti ɛsɛ sɛ wohu sɛ wɔn baanu nkutoo na ɛfata sɛ wonya nna mu kyɛfa. (Mmebusɛm 5:15-21; Hebrifo 13:4) Sɛ wɔda ayamye adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho a wobetumi ayɛ eyi. (1 Korintofo 7:3-5) Ade a ɛfata sɛ yɛkae ni: “Onipa biara ntan n’ankasa honam da; mmom no ɔhwɛ so ma n’ani kũ ho.” Ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛnea wɔn ankasa dɔ wɔn ho no. Ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ wobebu akontaa akyerɛ wɔn ankasa ti, Yesu Kristo.—Efesofo 5:29; 1 Korintofo 11:3.

9. Yesu suban bɛn na wɔka ho asɛm wɔ Filipifo 1:8, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ okununom da saa su yi adi kyerɛ wɔn yerenom?

9 Ɔsomafo Paulo kaa ‘ayamhyehye a Kristo Yesu wɔ’ ho asɛm. (Filipifo 1:8) Ná Yesu ayamhyehye no yɛ su a ɛma abotɔyam, su a mmea a wɔbɛyɛɛ n’asuafo no ani gyee ho. (Yohane 20:1, 11-13, 16) Na ɔyerenom pɛ sɛ wɔn kununom dɔ wɔn na wɔyɛ wɔn brɛbrɛ.

NHWƐSO MA ƆYERENOM

10. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ nhwɛso ma ɔyerenom?

10 Abusua yɛ ahyehyɛde, na sɛ ebetumi ayɛ adwuma yiye a, ɛsɛ sɛ enya ti anaa ɔkannifo. Yesu mpo wɔ obi a ɔyɛ ne Ti. Sɛnea ‘Kristo ti ne Onyankopɔn’ no, saa ara na ‘ɔbea ti ne ɔbarima.’ (1 Korintofo 11:3) Yesu ho ase a ɔbrɛ hyɛ Onyankopɔn tiyɛ ase no yɛ nhwɛso pa ma yɛn, efisɛ yɛn nyinaa wɔ ti bi a ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ no ase.

11. Suban bɛn na ɛsɛ sɛ ɔyere da no adi kyerɛ ne kunu, na dɛn na ebetumi afi ɔyere no nneyɛe mu aba?

11 Mmarima nyɛ pɛ nti wodi mfomso, na wɔtaa tɔ sin koraa wɔ mmusua ti a wɔfata a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ no ho. Enti, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyere yɛ? Ɛnsɛ sɛ obu ne kunu abomfiaa anaasɛ ogye ne tiyɛ no fi ne nsam. Ɛyɛ papa sɛ ɔyere kae sɛ honhom a edwo na ɛyɛ komm som bo kɛse wɔ Onyankopɔn anim. (1 Petro 3:4) Sɛ ɔyere da su a ɛte saa adi a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ ɔbɛda ahobrɛase a ɛsɔ Onyankopɔn ani adi wɔ tebea horow a emu yɛ den mpo mu. Afei nso, Bible ka sɛ: “Ɔyere de, onnya obu kɛse mma ne kunu.” (Efesofo 5:33) Na sɛ okunu no nnye Kristo ntom sɛ ne Ti nso ɛ? Bible hyɛ ɔyerenom nkuran sɛ: “Mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom anyɛ aso amma asɛm no a, ɔyerenom nam wɔn abrabɔ so anya wɔn a wɔnkasa, efisɛ wɔn ankasa bedi mo abrabɔ kronn ne obu a emu dɔ no ho adanse.”—1 Petro 3:1, 2.

12. Dɛn nti na ɛnyɛ mfomso sɛ ɔyere bi bɛkyerɛ n’adwene wɔ obu mu?

12 Sɛ́ ɔyere bi kunu yɛ gyidini anaasɛ ɔnyɛ gyidini no, sɛ ɔfa anifere kwan so da n’adwenkyerɛ a ɛne ne kunu de nhyia adi a, ɛnkyerɛ sɛ ommu ne kunu. N’adwenkyerɛ no betumi ayɛ papa, na sɛ okunu no tie a, abusua mũ no nyinaa betumi anya so mfaso. Ɛwom sɛ Abraham ne ne yere Sara anyɛ adwene bere a ɔkamfoo abusua mu asɛnnennen bi ano aduru kyerɛe no de, nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Tie” Sara. (Genesis 21:9-12) Nokwarem no, sɛ okunu si gyinae a etwa to a entia Onyankopɔn mmara a, ɛfata sɛ ne yere brɛ ne ho ase na ogye tom.—Asomafo Nnwuma 5:29; Efesofo 5:24.

Nhwɛso pa bɛn na Sara yɛ maa ɔyerenom?

13. (a) Dɛn na Tito 2:4, 5 hyɛ mmea awarefo nkuran sɛ wɔnyɛ? (b) Dɛn na Bible ka fa ntetewmu ne awaregyae ho?

13 Ɔyere betumi ayɛ pii de aboa n’abusua bere a ɔredi n’asɛyɛde ho dwuma no. Sɛ nhwɛso no, Bible da no adi sɛ ɛsɛ sɛ mmea awarefo ‘dɔ wɔn kununom ne wɔn mma, na wɔma wɔn adwenem da hɔ, wɔyɛ kronn, na wɔyɛ wɔn fie nnwuma, wɔyɛ papa, brɛ wɔn ho ase ma wɔn ankasa wɔn kununom.’ (Tito 2:4, 5) Ɔyere a ɔyɛ ɛna a ɔyɛ n’ade saa kwan yi so no abusua bɛdɔ no na wɔakyerɛ obu ama no bere nyinaa. (Mmebusɛm 31:10, 28) Nanso, esiane sɛ aware yɛ nnipa baanu a wɔnyɛ pɛ a wɔbom tra nti, nsɛm bi a emu yɛ den paa betumi asɔre a ebetumi de ntetewmu anaa awaregyae aba. Bible ma ntetewmu ho kwan wɔ nsɛm bi mu. Nanso, ɛsɛ sɛ wobu ntetewmu aniberesɛm, efisɛ Bible tu yɛn fo sɛ: “Ɛnsɛ sɛ ɔyere ne ne kunu tetew mu; . . . na ɛnsɛ sɛ okunu nso fi ne yere ho.” (1 Korintofo 7:10, 11) Ade a ebetumi ama wɔagyina Kyerɛwnsɛm so agyae aware nkutoo ne aguaman a awarefo no mu biako bɛbɔ.—Mateo 19:9.

NHWƐSO A ƐYƐ PƐ MA AWOFO

14. Yesu yɛɛ n’ade dɛn wɔ mmofra ho, na dɛn na mmofra hia fi wɔn awofo hɔ?

14 Yesu nam sɛnea ɔyɛɛ n’ade wɔ mmofra ho no so yɛɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ maa awofo. Bere a afoforo yɛe sɛ wɔremma mmofra no nkɔ Yesu nkyɛn no, Yesu kae sɛ: “Momma mmofra nkumaa no mmra me nkyɛn; na munnsiw wɔn kwan.” Bible ka sɛ afei “ɔbam mmofra no, na ɔde ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.” (Marko 10:13-16) Esiane sɛ Yesu nyaa bere maa mmofra nti, so ɛnsɛ sɛ mo nso munya bere ma mo mmabarima ne mo mmabea? Wohia mo bere pii na ɛnyɛ kakraa bi. Ɛsɛ sɛ munya bere kyerɛkyerɛ wɔn, efisɛ saa na Yehowa aka sɛ ɛsɛ sɛ awofo yɛ.—Deuteronomium 6:4-9.

15. Dɛn na awofo betumi ayɛ de abɔ wɔn mma ho ban?

15 Bere a abɔnefosɛm redɔɔso wɔ wiase yi mu no, mmofra hia awofo a wɔbɛbɔ wɔn ho ban afi nnipa te sɛ mmonnaatofo a wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔn bɔne no ho. Susuw sɛnea Yesu bɔɔ n’asuafo a ofi ɔdɔ mu frɛɛ wɔn “mma nkumaa” no ho ban no ho hwɛ. Bere a wɔkyeree Yesu a na ɛrenkyɛ na wɔakum no no, ɔyɛɛ nhyehyɛe maa n’asuafo no guanee. (Yohane 13:33; 18:7-9) Sɛ́ ɔwofo no, ɛsɛ sɛ woma w’ani da hɔ wɔ mmɔden a Ɔbonsam bɔ sɛ ɔbɛsɛe wo mma nkumaa no ho. Ehia sɛ wudi kan bɔ wɔn kɔkɔ. * (1 Petro 5:8) Wɔn honam fam, honhom fam, ne abrabɔ fam ahobammɔ ho asiane mu nyɛɛ den kɛse sɛ saa bere yi da.

Dɛn na awofo betumi asua afi sɛnea Yesu yɛɛ n’ade wɔ mmofra ho no mu?

16. Dɛn na awofo betumi asua afi sɛnea Yesu dii n’asuafo no sintɔ ahorow ho dwuma no mu?

16 Anadwo ansa na Yesu rewu no, n’asuafo no gyee nea ɔyɛ wɔn mu kɛse ho kyim. Sɛ́ anka Yesu bo befuw wɔn no, ofi ɔdɔ mu kɔɔ so kasa kyerɛɛ wɔn yɛɛ nhwɛso maa wɔn tuu wɔn fo. (Luka 22:24-27; Yohane 13:3-8) Sɛ woyɛ ɔwofo a, so wuhu sɛnea wubetumi adi Yesu nhwɛso akyi de nteɛso ama wo mma? Nokwarem no, mmofra hia nteɛso, nanso ɛsɛ sɛ wɔde ma wɔn wɔ “atɛntrenee so,” na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ no abufuw so da. Ɛnsɛ sɛ woworo kasa sɛ “nkrante nwowɔe.” (Yeremia 30:11; Mmebusɛm 12:18) Ɛsɛ sɛ wode nteɛso ma wɔ ɔkwan bi so a akyiri yi wo ba no behu sɛ na ɛfata.—Efesofo 6:4; Hebrifo 12:9-11.

NHWƐSO MA MMOFRA

17. Akwan bɛn so na Yesu yɛɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ maa mmofra?

17 So mmofra betumi asuasua Yesu? Yiw, wobetumi! Yesu nam ɔno ankasa nhwɛso so kyerɛɛ sɛnea mmofra betumi ayɛ osetie ama wɔn awofo. Ɔkae sɛ: “Sɛnea Agya no kyerɛɛ me no, ɛno ara na meka.” Ɔde kaa ho sɛ: “Meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa.” (Yohane 8:28, 29) Yesu yɛɛ osetie maa ne soro Agya, na Bible ka kyerɛ mmofra sɛ wontie wɔn awofo asɛm. (Efesofo 6:1-3) Ɛwom sɛ na Yesu yɛ abofra a ɔyɛ pɛ de, nanso ɔyɛɛ osetie maa n’awofo a wɔyɛ nnipa, Yosef ne Maria, a wɔnyɛ pɛ no. Akyinnye biara nni ho sɛ osetie a Yesu yɛe no boa maa abusua no muni biara ani gyei!—Luka 2:4, 5, 51, 52.

18. Dɛn nti na Yesu yɛɛ osetie maa ne soro Agya bere nyinaa, na sɛ mmofra yɛ osetie ma wɔn awofo nnɛ a, henanom na wɔn ani gye?

18 So mmofra betumi afa akwan bi so a ɛbɛma wɔayɛ sɛ Yesu na wɔama wɔn awofo ani agye? Ɛyɛ nokware sɛ ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ den ma mmofra sɛ wobetie wɔn awofo asɛm de, nanso Onyankopɔn pɛ sɛ mmofra tie wɔn awofo asɛm. (Mmebusɛm 1:8; 6:20) Yesu yɛɛ osetie maa ne soro Agya bere nyinaa, wɔ tebea ahorow a na emu yɛ den mpo mu. Bere bi a na Onyankopɔn pɛ sɛ Yesu yɛ ade bi a ne yɛ yɛ den yiye no, Yesu kae sɛ: “Yi kuruwa yi [ahwehwɛde bi] fi me so.” Nanso, Yesu yɛɛ nea Onyankopɔn kae sɛ ɔnyɛ no, efisɛ ohui sɛ N’agya na onim nea eye sen biara. (Luka 22:42) Sɛ mmofra sua osetieyɛ a, wɔbɛma wɔn awofo ne wɔn soro Agya ani agye yiye. *Mmebusɛm 23:22-25.

Sɛ wɔsɔ mmofra hwɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ wosusuw ho?

19. (a) Ɔkwan bɛn na Satan fa so sɔ mmofra hwɛ? (b) Sɛ mmofra de wɔn ho kɔhyɛ ɔbrasɛe mu a ebetumi aka awofo dɛn?

19 Ɔbonsam sɔɔ Yesu hwɛe, na yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɔbɛsɔ mmofra nso ahwɛ sɛ wɔnyɛ bɔne. (Mateo 4:1-10) Satan Ɔbonsam de atipɛnfo nhyɛso a ɛyɛ den sɛ mmofra bɛko atia no yɛ adwuma. Ɛnde, hwɛ sɛnea ehia sɛ mmofra ne nnebɔneyɛfo remmɔ fekuw! (1 Korintofo 15:33) Yakob babea Dina ne wɔn a wɔnsom Yehowa bɔɔ fekuw, na eyi kɔfaa ɔhaw pii baa no so. (Genesis 34:1, 2) Sɛ abusua muni bi de ne ho kɔhyɛ nna mu ɔbrasɛe mu a, hwɛ sɛnea ebetumi ahaw abusua mũ no nyinaa!—Mmebusɛm 17:21, 25.

ADE TITIRIW A ƐDE ABUSUA MU ANIGYE BA

20. Dɛn na ɛsɛ sɛ abusua muni biara yɛ na ama abusua no anya asetra a anigye wom?

20 Sɛ wɔde Bible mu afotu di dwuma a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ wobegyina abusua mu nsɛnnennen ano. Nokwarem no, afotu a ɛte saa a wɔde di dwuma no ne ade titiriw a ɛde abusua mu anigye ba. Enti okununom, monnɔ mo yerenom, na monyɛ wɔn sɛnea Yesu yɛ n’asafo no. Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase nhyɛ mo kununom tiyɛ ase, na munni ɔyere pa a wɔkaa ne ho asɛm wɔ Mmebusɛm 31:10-31 no nhwɛso akyi. Awofo, montete mo mma. (Mmebusɛm 22:6) Agyanom, ‘munni mo ankasa afie so yiye.’ (1 Timoteo 3:4, 5; 5:8) Mmofra, muntie mo awofo asɛm. (Kolosefo 3:20) Abusua no muni biara nni hɔ a ɔyɛ pɛ, obiara di mfomso. Enti mommrɛ mo ho ase na momfa nkyekyɛ mo ho mo ho.

21. Akwanhwɛ a ɛyɛ anigye bɛn na ɛda yɛn anim, na yɛbɛyɛ dɛn atumi anya abusua asetra a anigye wom nnɛ?

21 Nokwarem no, afotu pa ne abusua asetra ho akwankyerɛ a mfaso wɔ so wɔ Bible mu. Afei nso, ɛka Onyankopɔn wiase foforo no ne paradise asase a nnipa a wɔwɔ anigye a wɔsom Yehowa ahyɛ so ma ho asɛm kyerɛ yɛn. (Adiyisɛm 21:3, 4) Akwanhwɛ a ɛyɛ anigye a ɛda yɛn anim bɛn ara ni! Ɛnnɛ mpo yɛnam Onyankopɔn akwankyerɛ ahorow a ɛwɔ N’asɛm Bible mu a yɛde bedi dwuma no so betumi anya abusua asetra a anigye wom.

^ nky. 15 Mmoa a wɔde bɔ mmofra ho ban wɔ Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No, nhoma a Yehowa Adansefo atintim no ti 32.

^ nky. 18 Sɛ ɔwofo bi ka sɛ ɛsɛ sɛ abofra bi yɛ biribi a ɛbɛma watõ Onyankopɔn mmara nkutoo a ɛnna ɛbɛfata sɛ abofra no rentie n’awofo asɛm.—Asomafo Nnwuma 5:29.