Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUNSON

Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu

Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
  • Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae?

  • Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama Onyankopɔn atie yɛn mpaebɔ?

  • Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bua yɛn mpaebɔ?

“Ɔsoro ne asase Yɛfo no” pɛ sɛ otie yɛn mpaebɔ

1, 2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yebu mpaebɔ sɛ ɛyɛ hokwan kɛse, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yehu nea Bible kyerɛkyerɛ fa ho?

SƐ WƆDE asase toto amansan kɛse no ho a, asase yɛ ketewa koraa. Nokwarem no, wɔ Yehowa, “ɔsoro ne asase yɛfo no” ani so no, amanaman te sɛ bokiti ho nsukoko a ɛresosɔ. (Dwom 115:15; Yesaia 40:15) Nanso, Bible ka sɛ: “[Yehowa, NW] bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa. Ɔyɛ nea n’afɛrefo pɛ ma wɔn, na otie wɔn sufrɛ.” (Dwom 145:18, 19) Wode susuw nea ɛno kyerɛ no ho hwɛ! Nneɛma nyinaa Bɔfo no bɛn yɛn, na sɛ ‘yesu frɛ no nokware mu’ a, obetie yɛn. Ɛyɛ hokwan kɛse a yɛanya sɛ yebetumi abɔ Onyankopɔn mpae!

2 Nanso, sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa tie yɛn mpaebɔ a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. Sɛ yebetumi ayɛ eyi a, gye sɛ yɛte nea Bible kyerɛkyerɛ fa mpaebɔ ho no ase. Ɛho hia sɛ yehu nea Kyerɛwnsɛm no ka fa asɛm yi ho, efisɛ mpaebɔ boa yɛn ma yɛbɛn Yehowa.

DƐN NTI NA ƐSƐ SƐ WOBƆ YEHOWA MPAE?

3. Dɛn ne ade titiriw biako nti a ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa mpae?

3 Ade titiriw biako nti a ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa mpae ne sɛ ɔno na ɔka sɛ yɛmmɔ no mpae. N’asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Monnnwennwene biribiara nnhaw mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Nyankopɔn anim ade nyinaa mu; na Nyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ne mo adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.” (Filipifo 4:6, 7) Akyinnye biara nni ho sɛ yɛrempɛ sɛ yebebu yɛn ani agu nhyehyɛe a ɛte saa a amansan Hene Pumpuni no fi ayamye mu ayɛ ama yɛn no so!

4. Ɔkwan bɛn so na mpae a yɛbɔ Yehowa daa no hyɛ yɛne ne ntam abusuabɔ mu den?

4 Ade foforo nti a ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ne sɛ Yehowa a yɛbɛbɔ no mpae daa no yɛ ɔkwan biako a yɛnam so hyɛ yɛne ne ntam abusuabɔ mu den. Ɛnyɛ bere a nnamfo pa hia biribi nkutoo na wodi nkitaho. Mmom no, nnamfo pa ani gye wɔn ho wɔn ho ho, na wɔn adamfofa no mu bɛyɛ den kɛse bere a wɔbɔ wɔn nsusuwii, nneɛma a ɛhaw wɔn, ne wɔn nkate ho nkɔmmɔ no. Wɔ akwan bi so no, tebea no te saa ara wɔ yɛne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ mu. Ɛdenam nhoma yi mmoa so no, woasua nneɛma pii afa nea Bible kyerɛkyerɛ fa Yehowa, ne nipasu, ne n’atirimpɔw ahorow ho. Woabehu no sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa. Mpaebɔ ma wunya hokwan ka wo nsusuwii ne wo komam asɛm kyerɛ wo soro Agya no. Bere a woyɛ saa no, ɛma wobɛn Yehowa kɛse.—Yakobo 4:8.

AHWEHWƐDE AHOROW BƐN NA ƐSƐ SƐ YEDU HO?

5. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ mpaebɔ nyinaa na Yehowa tie?

5 So Yehowa tie mpaebɔ nyinaa? Susuw asɛm a ɔka kyerɛɛ Israelfo atuatewfo no wɔ odiyifo Yesaia bere so no ho hwɛ: “Sɛ moma mpaebɔ dɔɔso a, me de, merentie: mogya ayɛ mo nsa mama.” (Yesaia 1:15) Enti yɛn nneyɛe bi betumi ama Onyankopɔn rentie yɛn mpaebɔ. Enti sɛ Onyankopɔn betie yɛn mpaebɔ a, nneɛma atitiriw bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ.

6. Dɛn na ɛho hia paa sɛ yenya na ama Onyankopɔn atie yɛn mpaebɔ, na yɛbɛyɛ dɛn atumi adu ho?

6 Ade a ɛho hia titiriw paa ne gyidi a yebenya. (Marko 11:24) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Gyidi nni hɔ a, obi ntumi nsɔ Onyankopɔn ani, efisɛ ɛsɛ sɛ nea ɔba ne nkyɛn no gye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani bere hwehwɛ no no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Ɛnyɛ nea gyidi a edi mũ a yebenya kyerɛ ara ne sɛ yebehu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, otie yɛn mpaebɔ, na ɔma ho mmuae. Yɛde yɛn nneyɛe na ɛda yɛn gyidi adi. Ɛsɛ sɛ yɛfa sɛnea yɛbɔ yɛn bra da biara da so da no adi pefee sɛ yɛwɔ gyidi.—Yakobo 2:26.

7. (a) Sɛ yɛne Yehowa rekasa wɔ mpaebɔ mu a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda obu adi? (b) Sɛ yɛrebɔ Onyankopɔn mpae a, yɛbɛyɛ dɛn atumi afi komam ada ahobrɛase adi?

7 Yehowa hwehwɛ nso sɛ wɔn a wɔba n’anim wɔ mpaebɔ mu no yɛ saa wɔ ahobrɛase ne nokwaredi mu. So yenni nea enti a ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase bere a yɛne Yehowa rekasa no? Sɛ nkurɔfo nya hokwan sɛ wɔne ɔhene anaa ɔmampanyin bi bɛkasa a, wɔtaa yɛ saa wɔ obu mu de kyerɛ sɛ wogye sodifo no dibea a ɛkorɔn no tom. Ɛnde sɛ yɛrekɔ Yehowa anim a, mpɛn ahe ara na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa wɔ obu mu! (Dwom 138:6) Nokwarem no, ɔno ne ‘Onyankopɔn Tweaduampɔn’ anaa Ade Nyinaa So Tumfoɔ no. (Genesis 17:1) Sɛ yɛrebɔ Onyankopɔn mpae a, ɛsɛ sɛ ɔkwan a yɛfa so kasa no da no adi sɛ yefi ahobrɛase mu gye tom sɛ yɛba fam. Ahobrɛase a ɛte saa nso bɛkanyan yɛn ma yɛafi komam abɔ mpae, na ama yɛagyae mpae a yetĩ nsɛm koro mu ka bere nyinaa no bɔ.—Mateo 6:7, 8.

8. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ yɛn ade ma ɛne nea yɛbɔ ho mpae no ahyia?

8 Ade foforo a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama Onyankopɔn atie yɛn ne sɛ yɛbɛma yɛn abrabɔ ne yɛn mpaebɔ ahyia. Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara de ayɛ nea yɛbɔ ho mpae no ho adwuma. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛbɔ mpae sɛ, “Ma yɛn nnɛ aduan wɔ da yi mu” a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma biara a ɛfata a yɛn nsa bɛka a yebetumi ayɛ no. (Mateo 6:11; 2 Tesalonikafo 3:10) Sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ mmoa a ɛbɛma yɛadi yɛn honam fam mmerɛwyɛ bi so a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ tebea horow bi a ebetumi ama yɛakɔ sɔhwɛ mu ho. (Kolosefo 3:5) Ahwehwɛde atitiriw yi akyi no, mpaebɔ ho nsɛmmisa bi wɔ hɔ a ehia sɛ yenya ho mmuae.

MPAEBƆ HO NSƐMMISA BI HO MMUAE A YEBENYA

9. Hena na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae, na hena na ɛsɛ sɛ yɛde fa no so?

9 Hena na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae? Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ‘yɛn Agya a ɔwɔ soro’ no mpae. (Mateo 6:9) Enti, ɛsɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn nkutoo na yɛbɔ no mpae. Nanso, Yehowa hwehwɛ sɛ yegye ne Ba a ɔwoo no koro, Yesu Kristo, dibea tom. Sɛnea yesuaa ho ade wɔ Ti 5 no, wɔsomaa Yesu baa asase so sɛ ommegye yɛn mfi bɔne ne owu mu. (Yohane 3:16; Romafo 5:12) Ɔne Ɔsɔfo Panyin ne Ɔtemmufo a wɔapaw no. (Yohane 5:22; Hebrifo 6:20) Enti, Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn mpaebɔ mfa Yesu so. Ɔno ankasa kae sɛ: “Mene kwan no ne nokware no ne nkwa. Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.” (Yohane 14:6) Sɛ wobetie yɛn mpaebɔ a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa nkutoo mpae denam ne Ba no so.

10. Sɛ yɛrebɔ mpae a, dɛn nti na gyinabea pɔtee biara ho nhia?

10 Sɛ yɛrebɔ mpae a, so ɛsɛ sɛ yenya gyinabea soronko bi? Dabi. Yehowa nhwehwɛ sɛ yɛde yɛn nsa begu baabi anaasɛ yenya gyinabea soronko bi. Bible kyerɛkyerɛ sɛ yebetumi abɔ mpae wɔ gyinabea ahorow pii mu ma asɔ Onyankopɔn ani. Yebetumi atra hɔ, yebetumi abɔ yɛn mu ase, yebetumi abu nkotodwe, anaasɛ yɛagyina hɔ abɔ mpae. (1 Beresosɛm 17:16; Nehemia 8:6; Daniel 6:10; Marko 11:25) Ɛnyɛ nea ɛho hia ankasa ne gyinabea soronko bi a afoforo betumi ahu, na mmom koma a ɛfata. Nokwarem no, yebetumi abɔ mpae komm wɔ baabiara a yɛwɔ wɔ yɛn da biara da adeyɛ mu anaasɛ bere a yɛakɔ ahokyere bi mu. Ɛwom sɛ ebetumi aba sɛ nnipa a yɛne wɔn wɔ hɔ no renhu koraa sɛ yɛrebɔ mpae de, nanso Yehowa te mpaebɔ a ɛte saa no.—Nehemia 2:1-6.

11. Nneɛma a ɛho hia yɛn ankasa a ɛfata sɛ yɛbɔ ho mpae no bi ne dɛn?

11 Dɛn na yebetumi abɔ ho mpae? Bible kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Biribiara a yebisa sɛnea Yehowa apɛde te no, otie yɛn.’ (1 Yohane 5:14) Enti yebetumi abɔ biribiara a ɛne Onyankopɔn apɛde hyia ho mpae. So ɛyɛ ne pɛ sɛ yɛbɔ nneɛma a ɛhaw yɛn ho mpae? Yiw, ɛyɛ ne pɛ! Mpae a yɛbɔ Yehowa no te sɛ nea yɛne yɛn adamfo paa bi rekasa. Yebetumi ‘ayi yɛn yam’ ne Onyankopɔn akasa. (Dwom 62:8) Ɛyɛ papa sɛ yebebisa sɛ ɔmma yɛn honhom kronkron, efisɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ nea ɛteɛ. (Luka 11:13) Yebetumi nso abisa akwankyerɛ a yɛde besisi gyinae a ɛfata ne ahoɔden a yɛde begyina nsɛnnennen ano. (Yakobo 1:5) Sɛ yɛyɛ bɔne a, ɛsɛ sɛ yegyina Kristo afɔrebɔ no so bisa bɔne fafiri. (Efesofo 1:3, 7) Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ nneɛma a ɛho hia yɛn ankasa nkutoo ho mpae. Ɛsɛ sɛ yɛtrɛw yɛn mpaebɔ mu ma ɛka nnipa foforo te sɛ yɛn abusuafo ne yɛn mfɛfo asomfo.—Asomafo Nnwuma 12:5; Kolosefo 4:12.

12. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de nneɛma a ɛfa yɛn soro Agya no ho adi kan wɔ yɛn mpaebɔ mu?

12 Ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma a ɛfa Yehowa Nyankopɔn ho di kan wɔ yɛn mpaebɔ mu. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yefi komam yi no ayɛ na yɛda no ase wɔ nneɛma pa a wayɛ ama yɛn no ho. (1 Beresosɛm 29:10-13) Bere a Yesu de mpaebɔ nhwɛso a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo 6:9-13 no rema no, ɔkyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn din ho ntew, kyerɛ sɛ, yemmu ne din no sɛ ɛyɛ kronkron. Afei nea edi hɔ ne sɛ, yɛnsrɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra na ɛmmɛyɛ n’apɛde wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro no. Ɛyɛ bere a Yesu kaa nneɛma a ɛho hia a ɛfa Yehowa ho yi ho asɛm wiei ansa na ɔreka ankorankoro ahiade ho asɛm. Sɛ yɛn nso yɛde nneɛma a ɛho hia a ɛfa Onyankopɔn ho di kan koraa wɔ yɛn mpaebɔ mu a, yɛda no adi sɛ ɛnyɛ yɛn ankasa yiyedi nko na ɛho hia yɛn.

13. Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka fa mpaebɔ a ɛsɔ ani tenten ho?

13 Ɛsɛ sɛ yɛn mpaebɔ yɛ tenten kodu he? Bible nkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛn kokoam anaa yɛn baguam mpaebɔ tenten yɛ. Ebetumi ayɛ mpae tiawa a yɛbɔ ansa na yɛadidi, anaa yɛn kokoam mpaebɔ tenten a emu na yehwie anaa yɛka yɛn komam asɛm kyerɛ Yehowa. (1 Samuel 1:12, 15) Nanso, Yesu kasa tiaa nnipa bi a wɔyɛɛ wɔn ho treneefo a wɔbɔɔ mpae atenten de hoahoaa wɔn ho kyerɛɛ afoforo no. (Luka 20:46, 47) Yehowa ani nsɔ mpaebɔ a ɛtete saa. Nea ɛho hia ne sɛ yebefi yɛn komam abɔ mpae. Enti, mpaebɔ a ɛsɔ ani tenten betumi agu ahorow a egyina ahiade ne nsɛm tebea horow so.

Wobetumi atie wo mpaebɔ bere biara

14. Dɛn na Bible kyerɛ bere a ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnkɔ so mmɔ mpae’ no, na awerɛkyekye bɛn na ɛwɔ eyi mu?

14 Mpɛn ahe na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae? Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ, ‘yɛnkɔ so mmɔ mpae,’ ‘yenkura mpaebɔ mu denneennen,’ na ‘yennnyae mpaebɔ da.’ (Mateo 26:41; Romafo 12:12; 1 Tesalonikafo 5:17) Nokwarem no, saa nsɛm yi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa mpae bere nyinaa wɔ da mũ no nyinaa. Mmom no, Bible rehyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmɔ mpae daa, yɛnkɔ so nna Yehowa ase wɔ nneɛma pa a wayɛ ama yɛn ho, na yɛnhwehwɛ akwankyerɛ, awerɛkyekye, ne ahoɔden mfi ne nkyɛn. So ɛnyɛ awerɛkyekye sɛ Yehowa nkyerɛ bere tenten anaa mpɛn dodow a yebetumi ne no akasa wɔ mpaebɔ mu no? Sɛ yɛn ani sɔ hokwan a yɛwɔ sɛ yɛbɔ mpae ankasa a, yebenya nneɛma pii a yebegyina so abɔ yɛn soro Agya no mpae.

15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka “Amen” wɔ kokoam ne baguam mpaebɔ awiei?

15 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka “Amen” wɔ mpaebɔ awiei? Asɛmfua “amen” no kyerɛ “ɛmmra mu,” anaa “ɛnyɛ hɔ.” Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow kyerɛ sɛ ɛfata sɛ yɛka “Amen” wɔ yɛn ankasa kokoam mpaebɔ ne baguam de nyinaa awiei. (1 Beresosɛm 16:36; Dwom 41:13) Sɛ yɛka “Amen” wɔ yɛn mpaebɔ awiei a, yesi so dua sɛ yefi komam na ɛkaa yɛn nsɛm no. Sɛ yɛka “Amen” wɔ yɛn tirim anaa yɛka no kɛse wɔ mpae a obi bɔ wɔ baguam awiei a, yɛkyerɛ sɛ yɛne no yɛ adwene wɔ nsɛm a waka no ho.—1 Korintofo 14:16.

SƐNEA ONYANKOPƆN BUA YƐN MPAEBƆ

16. Ahotoso bɛn na yebetumi anya wɔ mpaebɔ ho?

16 So Yehowa bua mpaebɔ ankasa? Yiw, obua! Yɛwɔ biribi a edi mũ a yebetumi agyina so anya ahotoso sɛ ‘mpaebɔ Tiefo’ no bua mpae a nnipa ɔpepem pii fi komam bɔ no. (Dwom 65:2) Yehowa betumi afa akwan horow pii so abua yɛn mpaebɔ.

17. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Onyankopɔn nam n’abɔfo ne n’asase so asomfo so bua yɛn mpaebɔ?

17 Yehowa nam n’abɔfo ne n’asase so asomfo so bua mpaebɔ. (Hebrifo 1:13, 14) Nhwɛso pii na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ nnipa bi bɔɔ Onyankopɔn mpae hwehwɛɛ mmoa a ɛbɛma wɔate Bible ase, na ɛno akyi bere tiaa bi no, Yehowa somfo bi kɔɔ wɔn nkyɛn. Nhwɛso a ɛtete saa yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ abɔfo kyerɛ Ahenni asɛnka adwuma no kwan. (Adiyisɛm 14:6) Yehowa betumi akanyan Kristoni bi koma ma wabɛboa yɛn wɔ bere a yɛbɔ mpae wɔ ahokyere bere bi mu no.—Mmebusɛm 12:25; Yakobo 2:16.

Yehowa betumi akanyan Kristoni bi ma wabɛboa yɛn de abua yɛn mpaebɔ

18. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam ne honhom kronkron ne N’asɛm so bua n’asomfo mpaebɔ?

18 Yehowa Nyankopɔn nam ne honhom kronkron ne N’asɛm Bible so nso bua n’asomfo mpaebɔ. Ebia ɔnam ne honhom kronkron so bɛma yɛn akwankyerɛ ne ahoɔden de abua mpae a yɛbɔ hwehwɛ mmoa a yɛde begyina sɔhwɛ ahorow ano no. (2 Korintofo 4:7) Mpɛn pii na yenya mpae a yɛbɔ hwehwɛ akwankyerɛ ho mmuae fi Bible a Yehowa de boa yɛn ma yesisi gyinae ahorow a nyansa wom no mu. Yebetumi anya kyerɛw nsɛm bi a ɛbɛboa yɛn wɔ yɛn kokoam Bible adesua mu ne bere a yɛkenkan Kristofo nhoma ahorow te sɛ nhoma yi no. Yebetumi anya Kyerɛwnsɛm mu nsɛm bi a ehia sɛ yesusuw ho wɔ nsɛm a wɔka wɔ Kristofo nhyiam bi ase anaa nsɛm bi a asafo no mu panyin bi a odwen yɛn ho ka no mu.—Galatifo 6:1.

19. Sɛ ɛtɔ mmere bi na ɛyɛ te sɛ nea yennya yɛn mpaebɔ ho mmuae a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

19 Sɛ ɛyɛ te sɛ nea Yehowa rekyɛ wɔ yɛn mpaebɔ ho mmuae a ɔbɛma ho a, ɛnkyerɛ da sɛ ɔrentumi mmua. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa bua mpaebɔ sɛnea ne pɛ te, na ɔyɛ saa wɔ n’ankasa bere mu. Onim nea yehia ne sɛnea obedi ho dwuma wɔ ɔkwampa so koraa sen yɛn ankasa. Mpɛn pii no, ɔma ‘yɛkɔ so bisa, yɛkɔ so hwehwɛ, na yɛkɔ so bom.’ (Luka 11:5-10) Animia a ɛte saa da no adi sɛ nea yɛrehwehwɛ no ho hia yɛn paa, na yɛn gyidi nso yɛ papa. Afei nso, Yehowa betumi abua yɛn mpaebɔ wɔ ɔkwan bi so a yɛrenhu. Sɛ nhwɛso no, ebia obebua yɛn mpaebɔ a ɛfa sɔhwɛ pɔtee bi ho denam ahoɔden a ɔbɛma yɛanya de agyina ano so, na ɛnyɛ sɛ obeyi ɔhaw no afi hɔ.—Filipifo 4:13.

20. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde hokwan a ɛsom bo a yɛwɔ sɛ yɛbɔ mpae no di dwuma kosi ase?

20 Hwɛ aseda a yebetumi de ama sɛ amansan kɛse yi Bɔfo no bɛn wɔn a wɔfrɛ no ɔkwampa so wɔ mpaebɔ mu no nyinaa! (Dwom 145:18) Ɛmmra sɛ yɛde hokwan a ɛsom bo a yɛwɔ sɛ yɛbɔ mpae no bedi dwuma akosi ase. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya anidaso a ɛne sɛ yɛbɛbɛn Yehowa, mpaebɔ Tiefo no, bere nyinaa.