Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUNWƆTWE

Asubɔ ne Wo ne Onyankopɔn Ntam Abusuabɔ

Asubɔ ne Wo ne Onyankopɔn Ntam Abusuabɔ
  • Ɔkwan bɛn na Kristofo fa so bɔ asu?

  • Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woafata ama asubɔ?

  • Dɛn na obi yɛ de hyira ne ho so ma Onyankopɔn?

  • Dɛn titiriw nti na ɛsɛ sɛ wobɔ asu?

1. Dɛn nti na Etiopiani piani no kae sɛ wɔmmɔ no asu?

“HWƐ! Nsu na ɛda hɔ yi; dɛn na esiw me asubɔ kwan?” Eyi ne asɛm a Etiopiani piani bi bisae wɔ afeha a edi kan no mu. Ná Kristoni bi a wɔfrɛ no Filipo ama wahu sɛ Yesu ne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no. Nea Etiopiani no sua fii Kyerɛwnsɛm mu no kaa ne koma yiye ma enti ɔyɛɛ ho biribi. Ɔkae sɛ ɔpɛ sɛ wɔbɔ no asu!—Asomafo Nnwuma 8:26-36.

2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wususuw asubɔ ho anibere so?

2 Sɛ wo ne Yehowa Dansefo bi asua nhoma yi ti ahorow a edi kan no yiye a, ebia ɛyɛ wo nso sɛ bisa sɛ, ‘Dɛn na esiw me asubɔ kwan?’ Ɛde besi saa bere yi woasua bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu a ɛfa daa nkwa wɔ Paradise ho no ho ade. (Luka 23:43; Adiyisɛm 21:3, 4) Woasua tebea a awufo wom ankasa ne owusɔre ho anidaso ho ade nso. (Ɔsɛnkafo 9:5; Yohane 5:28, 29) Ebi mpo a woafi ase kɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam ahorow, na w’ankasa woahu sɛnea wɔde nokware som bɔ wɔn bra. (Yohane 13:35) Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛda adi sɛ wo ne Yehowa Nyankopɔn renya abusuabɔ pa.

3. (a) Ahyɛde bɛn na Yesu de maa n’akyidifo? (b) Ɔkwan bɛn na wɔfa so bɔ obi asu wɔ nsu mu?

3 Wobɛyɛ dɛn atumi akyerɛ sɛ wopɛ sɛ wosom Onyankopɔn? Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu.” (Mateo 28:19) Yesu ankasa bɔɔ asu wɔ nsu mu de yɛɛ ho nhwɛso. Wɔamfa nsu ampetepete no so, na saa ara na wɔanhwie nsu kakraa bi angu ne ti so kɛkɛ. (Mateo 3:16) Asɛmfua “asubɔ” fi Hela asɛm a ɛkyerɛ “fa hyɛ mu” no mu. Enti Kristofo asubɔ hwehwɛ sɛ wɔde obi nipadua nyinaa hyɛ nsu mu.

4. Dɛn na nsu mu asubɔ kyerɛ?

4 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ obiara a ɔpɛ sɛ ɔne Yehowa Nyankopɔn nya abusuabɔ no asu wɔ nsu mu. Asu a wobɛbɔ wɔ baguam no yɛ adeyɛ a ɛkyerɛ sɛ wopɛ sɛ wosom Onyankopɔn. Ɛkyerɛ sɛ w’ani gye ho sɛ wobɛyɛ Yehowa apɛde. (Dwom 40:7, 8) Nanso, ansa na wobɛfata ama asubɔ no, ɛsɛ sɛ wutu anammɔn ahorow bi.

NIMDEƐ NE GYIDI HO HIA

5. (a) Dɛn ne ade a edi kan a ɛsɛ sɛ obi yɛ na ama wafata ama asubɔ? (b) Dɛn nti na Kristofo nhyiam ahorow ho hia?

5 Woatu anammɔn a edi kan no dedaw. Ɔkwan bɛn so? Ebia wonam Bible a wusuaa no nkakrankakra so anya Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho nimdeɛ. (Yohane 17:3) Nanso pii wɔ hɔ a wobɛkɔ so asua. Kristofo pɛ sɛ ‘Onyankopɔn pɛ ho nokware nimdeɛ yɛ wɔn ma.’ (Kolosefo 1:9) Yehowa Adansefo asafo nhyiam a wobɛkɔ no bɛboa wo kɛse. Ɛho hia sɛ wokɔ asafo nhyiam ahorow a ɛte saa. (Hebrifo 10:24, 25) Sɛ wokɔ asafo nhyiam ahorow daa a ɛbɛboa wo ma woanya Onyankopɔn ho nimdeɛ pii.

Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ a wubenya ho hia yiye na ama woafata ama asubɔ

6. Ɛsɛ sɛ wunya Bible mu nimdeɛ kodu he ansa na woafata ama asubɔ?

6 Nokwarem no, enhia sɛ wobɛte biribiara a ɛwɔ Bible mu ase ansa na woafata ama asubɔ. Ná Etiopiani piani no wɔ nimdeɛ kakra, nanso na ohia mmoa na ama wate Kyerɛwnsɛm no afã bi ase. (Asomafo Nnwuma 8:30, 31) Saa ara na pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wo nso wusua. Nokwarem no, worensua Onyankopɔn ho ade nwie da. (Ɔsɛnkafo 3:11) Nanso, ansa na wubetumi abɔ asu no, ɛsɛ sɛ wuhu Bible mfitiase nkyerɛkyerɛ bi na wugye tom. (Hebrifo 5:12) Saa nkyerɛkyerɛ no bi ne nokwasɛm a ɛfa tebea a awufo wom ne sɛnea Onyankopɔn din ne N’ahenni ho hia ho.

7. Ɛsɛ sɛ Bible a wusua no ka wo dɛn?

7 Nanso, nimdeɛ nkutoo nnɔɔso, efisɛ ‘sɛ obi nni gyidi a, ontumi nsɔ Onyankopɔn ani.’ (Hebrifo 11:6) Bible ka kyerɛ yɛn sɛ bere a nnipa bi a wɔwɔ tete kurow Korinto mu tee asɛmpa a Kristofo reka no, ‘wogye dii ma wɔbɔɔ wɔn asu.’ (Asomafo Nnwuma 18:8) Saa ara na ɛsɛ sɛ Bible a wusua no ma wunya gyidi sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm. Ɛsɛ sɛ Bible a wusua no ma wunya Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow ne Yesu afɔrebɔ no mu tumi a egye nkwa no mu gyidi.—Yosua 23:14; Asomafo Nnwuma 4:12; 2 Timoteo 3:16, 17.

BIBLE MU NOKWARE A WOBƐKA AKYERƐ AFOFORO

8. Dɛn na ɛbɛkanyan wo ma woaka nea woasua no ho asɛm akyerɛ afoforo?

8 Bere a wo gyidi reyɛ den no, ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wobɛka w’ano atom a worenka nea woasua no ho asɛm nkyerɛ afoforo. (Yeremia 20:9) Ɛbɛkanyan wo kɛse ma woaka Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho asɛm akyerɛ afoforo.—2 Korintofo 4:13.

Ɛsɛ sɛ gyidi kanyan wo ma woka nea wugye di ho asɛm kyerɛ afoforo

9, 10. (a) Henanom na wubetumi afi ase aka Bible mu nokware no ho asɛm akyerɛ wɔn? (b) Sɛ wopɛ sɛ wo ne Yehowa Adansefo bom yɛ asɛnka adwuma no bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

9 Wubetumi afa anifere kwan so aka Bible mu nokware no ho asɛm akyerɛ w’abusuafo, wo nnamfonom, w’afipamfo, ne wɔn a wo ne wɔn yɛ adwuma. Bere rekɔ so no, ebia wobɛpɛ sɛ wo ne Yehowa Adansefo bɛbom ayɛ asɛnka adwuma no. Sɛ ɛba saa a, nsuro sɛ wo ne Ɔdansefo a ɔrekyerɛkyerɛ wo Bible no bɛka ho asɛm. Sɛ ɛbɛda adi sɛ wofata sɛ wokɔ asɛnka a, wɔbɛyɛ nhyehyɛe ama wo ma asafo mu mpanyimfo baanu abehyia wo ne wo kyerɛkyerɛfo no.

10 Eyi bɛma woanya hokwan ahu Kristofo mpanyimfo a wɔhwɛ Onyankopɔn nguankuw so no yiye. (Asomafo Nnwuma 20:28; 1 Petro 5:2, 3) Sɛ saa mpanyimfo yi hu sɛ wote Bible mfitiase nkyerɛkyerɛ ase na wugye di, wode Onyankopɔn nnyinasosɛm rebɔ wo bra, na wopɛ sɛ woyɛ Yehowa Dansefo paa a, wɔbɛma woahu sɛ wofata sɛ wufi asɛnka ase sɛ asɛmpa no ho dawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu.

11. Nsakrae bɛn na ebia ebehia sɛ ebinom yɛ ansa na wɔafata sɛ wɔyɛ asɛnka adwuma no bi?

11 Ebia ɛho behia sɛ woyɛ nsakrae bi wɔ wo suban ne w’abrabɔ mu ansa na woafata sɛ woyɛ asɛnka adwuma no bi. Eyi betumi ayɛ nneɛma bi a woyɛ wɔ kokoam. Enti, ansa na wobɛka sɛ wopɛ sɛ woyɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu no, na ɛsɛ sɛ woagyae bɔne a anibere wom te sɛ aguamammɔ, asabow, ne nnubɔnenom yɛ dedaw.—1 Korintofo 6:9, 10; Galatifo 5:19-21.

ADWENSAKRA NE WO HO A WOBƐDAN

12. Dɛn nti na adwensakra ho hia?

12 Nneɛma foforo bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woyɛ ansa na woafata ama asubɔ. Ɔsomafo Petro kae sɛ: “Monsakra mo adwene, na monnan mo ho mma wɔmpopa mo bɔne.” (Asomafo Nnwuma 3:19) Nea adwensakra anaa ahonu kyerɛ ne sɛ wubedi yaw ankasa wɔ ade bi a woayɛ ho. Titiriw sɛ obi abu bra bɔne pɛn a, ɛfata sɛ ɔsakra n’adwene. Mpo sɛ obi mmuu bra bɔne da a, ɛsɛ sɛ ɔsakra n’adwene. Dɛn ntia? Efisɛ nnipa nyinaa yɛ abɔnefo na ehia sɛ Onyankopɔn de yɛn bɔne kyɛ yɛn. (Romafo 3:23; 5:12) Ansa na woresua Bible no na wunnim Onyankopɔn apɛde, enti na ɛbɛyɛ dɛn na woatumi abɔ wo bra ma ɛne Onyankopɔn apɛde ahyia? Ɛno nti, adwensakra anaa ahonu ho hia.

13. Dɛn na wo ho a wobɛdan no kyerɛ?

13 Ɛsɛ sɛ wo ho a wobɛdan di adwensakra akyi. Ɛsɛ sɛ woyɛ pii sen ɛyaw kɛkɛ a wubedi. Ɛsɛ sɛ wugyae wo kan abrabɔ na wusi wo bo denneennen sɛ efi saa bere yi rekɔ wobɛyɛ nea ɛteɛ. Ɛsɛ sɛ wosakra w’adwene na wodan wo ho ansa na woabɔ asu.

WO HO SO A WUBEHYIRA

14. Ade a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ ansa na woabɔ asu?

14 Ade foforo bi a ɛho hia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woyɛ ansa na woabɔ asu. Ɛsɛ sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa Nyankopɔn.

So woahyira wo ho so ama Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu?

15, 16. Dɛn na wo ho so a wubehyira ama Onyankopɔn no kyerɛ, na dɛn na ɛma obi yɛ eyi?

15 Sɛ wufi wo komam nam mpaebɔ so hyira wo ho so ma Yehowa Nyankopɔn a, wohyɛ no bɔ sɛ wobɛsom ɔno nkutoo akosi daa. (Deuteronomium 6:15) Dɛn nti na obi bɛpɛ sɛ ɔyɛ saa? Fa no sɛ ɔbarima bi ahu ɔbea bi a ɔpɛ sɛ ɔware no. Dodow a ɔbɛn ɔbea no na ohu sɛ ɔwɔ suban pa no, dodow no ara na ɔdɔ a ɔwɔ ma ɔbea no mu yɛ den. Bere bi akyi no, ɔbɛka akyerɛ ɔbea no sɛ ɔpɛ sɛ ɔware no. Ɛwom sɛ aware no bɛma ɔbarima no anya asɛyɛde foforo pii de, nanso ɔdɔ a ɔwɔ ma ɔbea no bɛka no ma waware no.

16 Sɛ wuhu Yehowa na wunya ne ho dɔ a, ɛbɛka wo ma woafi wo kra nyinaa mu asom no a wontwentwɛn wo nan ase. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ odi Onyankopɔn Ba Yesu Kristo akyi no ‘pa ne ho akyi.’ (Marko 8:34) Yɛpa yɛn ho akyi bere a yɛmma yɛn ankasa nneɛma a yɛpɛ ne botae ahorow nsiw yɛn kwan sɛ yɛbɛyɛ osetie koraa ama Onyankopɔn. Enti ansa na wobɛbɔ asu no, ɛsɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn apɛde a wobɛyɛ yɛ w’asetram ade titiriw.—1 Petro 4:2.

AHOSOHYIRA HO SURO A WUBEDI SO

17. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na ebinom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wobehyira wɔn ho so ama Onyankopɔn?

17 Ebinom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wobehyira wɔn ho so ama Yehowa efisɛ wosuro sɛ wɔbɛyɛ ade titiriw a ɛte saa. Ebia wosuro sɛ asodi bɛba abɛda wɔn so anaasɛ wobebu akontaa akyerɛ Onyankopɔn sɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so. Esiane sɛ wosuro sɛ anhwɛ a wobedi Yehowa huammɔ nti, wɔte nka sɛ ɛyɛ papa sɛ wɔrenhyira wɔn nkwa so koraa mma no.

18. Dɛn na ebetumi akanyan wo ma woahyira wo ho so ama Yehowa?

18 Sɛ wunya Yehowa ho dɔ a, ɛbɛkanyan wo ma woahyira wo ho so ama no na woayɛ nea wubetumi biara de abɔ wo bra ma ɛne no ahyia. (Ɔsɛnkafo 5:4) Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ wuhyira wo ho so wie a, wobɛpɛ sɛ ‘wonantew sɛnea ɛsɛ Yehowa na ɛsɔ n’ani koraa.’ (Kolosefo 1:10) Esiane sɛ wodɔ Onyankopɔn nti, worente nka sɛ ɛyɛ den dodoodo sɛ wobɛyɛ n’apɛde. Akyinnye biara nni ho sɛ wo ne ɔsomafo Yohane a ɔkyerɛw nea edi so yi bɛyɛ adwene: “Eyi ne nea Nyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so; nanso n’ahyɛde nyɛ den.”—1 Yohane 5:3.

19. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wusuro sɛ wubehyira wo ho so ama Onyankopɔn?

19 Wɔnhwɛ kwan sɛ wobɛyɛ pɛ ansa na woahyira wo ho so ama Onyankopɔn. Yehowa nim nea wubetumi ayɛ na ɔrenhwɛ kwan da sɛ wobɛyɛ nea wuntumi nyɛ. (Dwom 103:14) Ɔpɛ sɛ wutumi som no, na obegyina w’akyi na waboa wo. (Yesaia 41:10) Wubetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ wode wo koma bata Yehowa ho a, “ɔbɛteɛ w’akwan.”—Mmebusɛm 3:5, 6.

ASUBƆ A WODE BƐYƐ W’AHOSOHYIRA HO SƐNKYERƐNNE

20. Dɛn nti na yɛn ho so a yehyira ma Yehowa no ntumi nkɔ so nyɛ kokoam adeyɛ?

20 Ebia nea yɛasusuw ho seesei ara no ho a wubedwennwen no bɛboa wo ma woahyira wo ho so ama Yehowa wɔ mpaebɔ mu. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔdɔ Onyankopɔn ampa ara no san “pae mu ka kɔ nkwagye mu.” (Romafo 10:10) Wobɛyɛ eyi dɛn?

Asubɔ kyerɛ sɛ yɛawu ama yɛn kan abrabɔ anaasɛ yɛagyae, na afei yɛaba nkwa mu sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde

21, 22. Wobɛyɛ dɛn atumi ‘apae mu aka wo’ gyidi akyerɛ?

21 Ka kyerɛ w’asafo mu mpanyimfo ntam nkitahodifo no sɛ wopɛ sɛ wobɔ asu. Ɔbɛyɛ nhyehyɛe ma asafo mu mpanyimfo bi ne wo asusuw Bible mu mfitiase nkyerɛkyerɛ ho nsɛmmisa bi ho. Sɛ saa mpanyimfo no gye tom sɛ wofata a, wɔbɛma woahu sɛ wubetumi abɔ asu wɔ nhyiam a edi hɔ ase. * Wɔma ɔkasa a ɛkyerɛkyerɛ nea asubɔ kyerɛ mu wɔ nhyiam a ɛtete saa ase. Afei ɔkasafo no ma wɔn a wɔrebɛbɔ asu no nyinaa bua nsɛmmisa abien bi a asete nyɛ den na wɔnam so “pae mu ka” wɔn gyidi kyerɛ.

22 Ɛyɛ asubɔ na ɛma wohu wo sɛ obi a woahyira wo ho so ama Onyankopɔn, na woyɛ Yehowa Dansefo. Wɔde wɔn a wɔrebɔ asu no nipadua nyinaa hyɛ nsu mu koraa de kyerɛ sɛ wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa.

NEA W’ASUBƆ KYERƐ

23. Dɛn na asu a wɔbɛbɔ wo wɔ “Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu” no kyerɛ?

23 Yesu kae sɛ wɔbɛbɔ n’akyidifo asu wɔ “Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu.” (Mateo 28:19) Eyi kyerɛ sɛ nea ɔrebɛbɔ asu no gye Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo tumi tom. (Dwom 83:18; Mateo 28:18) Na ogye dwuma a Onyankopɔn honhom kronkron anaa tumi a ɔde yɛ adwuma no di nso tom.—Galatifo 5:22, 23; 2 Petro 1:21.

24, 25. (a) Dɛn na asubɔ gyina hɔ ma? (b) Asɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yenya ho mmuae?

24 Nanso, asubɔ nyɛ aguare kɛkɛ. Egyina hɔ ma biribi a ɛho hia paa. Nsu mu a wɔde wo hyɛ no kyerɛ sɛ woawu ama wo kan abrabɔ, anaasɛ woagyae. Sɛ woyi wo fi nsu no mu a, ɛkyerɛ sɛ sɛnkyerɛnne kwan so no afei de woaba nkwa mu sɛ worebɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Kae nso sɛ, ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn ankasa na woahyira wo ho so ama no na ɛnyɛ adwuma, nnipa, anaa ahyehyɛde bi. W’ahosohyira ne w’asubɔ no yɛ adamfofa a emu yɛ den a wo ne Onyankopɔn benya no mfiase.—Dwom 25:14.

25 Nanso asubɔ nkyerɛ sɛ wubenya nkwa ɔkwan biara so. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Monkɔ so mfa osuro ne ahopopo nyɛ mo ankasa nkwagye ho adwuma.” (Filipifo 2:12) Asubɔ yɛ mfiase ara kwa. Asɛm no ne sɛ, Wobɛyɛ dɛn de wo ho asie Onyankopɔn dɔ mu? Yebenya ɛho mmuae wɔ ti a etwa to no mu.

^ nky. 21 Wɔbɔ asu wɔ Yehowa Adansefo nhyiam nketewa ne akɛse nyinaa ase.