Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKEKAHO

Onyankopɔn Din—Sɛnea Wɔde Di Dwuma ne Nea Ɛkyerɛ

Onyankopɔn Din—Sɛnea Wɔde Di Dwuma ne Nea Ɛkyerɛ

WƆAKYERƐ Dwom 83:18 ase dɛn wɔ wo Bible mu? New World Translation of the Holy Scriptures kyerɛ nkyekyɛm yi ase sɛ: “Na nnipa nhu sɛ, wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni asase nyinaa so.” Bible nkyerɛase afoforo bi kyerɛ ase sei ara. Nanso, nkyerɛase pii mfa edin Yehowa no nni dwuma wɔ ha, na wɔde abodin ahorow te sɛ “Awurade” anaa “Nea Ɔte Hɔ Daa” na esi ananmu. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma wɔ nkyekyɛm yi mu? Abodin anaa edin Yehowa?

Onyankopɔn din a ɛwɔ Hebri nkyerɛwee mu

Nkyekyɛm yi ka edin ho asɛm. Wɔ mfitiase Hebri kasa a wɔde kyerɛw Bible no fã kɛse no ara mu no, wɔde edin bi a ɛda nsow na edii dwuma wɔ Dwom 83:18. Wɔkyerɛw no יהוה (YHWH) wɔ Hebri nkyerɛwee mu. Wɔ Twi mu no, wɔtaa kyerɛw edin no “Yehowa.” So Bible nkyekyɛm biako pɛ mu na saa din no pue? Dabi. Epue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ mfitiase Hebri Kyerɛwnsɛm no mu!

So Onyankopɔn din no ho hia? Susuw mpaebɔ nhwɛso a Yesu Kristo de mae no ho hwɛ. Efi ase wɔ saa kwan yi so sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” (Mateo 6:9) Akyiri yi, Yesu bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Agya, hyɛ wo din anuonyam.” Onyankopɔn fi soro buae sɛ: “Mahyɛ no anuonyam na mɛsan ahyɛ no anuonyam bio.” (Yohane 12:28) Ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn din ne ade a ɛho hia sen biara. Ɛnde, dɛn nti na nsɛm asekyerɛfo bi ayi edin yi afi wɔn Bible nkyerɛase ahorow mu na wɔde abodin ahorow na asisi ananmu?

Ɛbɛyɛ sɛ nneɛma atitiriw abien bi ntia. Nea edi kan no, nnipa pii ka sɛ nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛde edin no di dwuma ne sɛ obiara nni hɔ nnɛ a onim sɛnea na wɔbɔ edin no ankasa. Ná wɔmfa nkyerɛwde a ɛne a, e, ɛ, i, o, ɔ, ne u nhyehyɛ Hebri nkyerɛwee mu. Enti, obiara nni hɔ nnɛ a obetumi akyerɛ sɛnea nnipa a wɔtraa ase wɔ Bible mmere mu no bɔɔ saa nkyerɛwde YHWH no ankasa. Nanso, so ɛsɛ sɛ eyi ma yegyae Onyankopɔn din bɔ? Wɔ Bible mmere mu no, ebetumi aba sɛ na wɔbɔ edin Yesu no Yesua anaa Yehosua—obiara ntumi nkyerɛ sɛnea na wɔbɔ no pɔtee. Nanso, nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa de Yesu din di dwuma, na wɔbɔ no sɛnea wɔbɛte ase wɔ wɔn kasa mu. Wɔnnyɛ wɔn adwene sɛ wɔremmɔ edin no esiane sɛ wonnim sɛnea na wɔbɔ no wɔ afeha a edi kan no mu nti. Saa ara na sɛ wutu kwan kɔ ɔman foforo bi so a, wubehu sɛ wɔbɔ w’ankasa wo din wɔ ɔkwan soronko so koraa. Enti, nim a yennim sɛnea na tetefo no bɔ Onyankopɔn din ankasa no nyɛ ade a ɛsɛ sɛ yegyina so ka sɛ ɛno nti yɛremfa edin no nni dwuma.

Ade a ɛto so abien a ɛma wɔtaa yi Onyankopɔn din fi Bible mu no gyina Yudafo atetesɛm bi so. Wɔn mu pii susuw sɛ ɛnsɛ sɛ wɔbɔ Onyankopɔn din koraa. Ɛda adi sɛ saa gyidi yi gyina Bible mu mmara bi a wokyinkyim no so. Mmara no ka sɛ: “Mmɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn din kwa, na [Yehowa, NW] remma nea ɔbɔ ne din kwa no ho nyɛ tɔtorɔtɔtɔɔ.”—Exodus 20:7.

Mmara yi bara Onyankopɔn din a wɔbɔ no kwa anaa basabasa no. Nanso, so ɛbara edin no a wɔbɛbɔ no nidi mu? Dabida. Ná Hebri Bible (“Apam Dedaw”) akyerɛwfo no nyinaa yɛ mmarima anokwafo a wɔde Onyankopɔn Mmara a wɔde maa tete Israelfo no bɔɔ wɔn bra. Nanso, wɔde Onyankopɔn din no dii dwuma mpɛn pii. Sɛ nhwɛso no, wɔde hyehyɛɛ nnwom pii a na asomfo a wɔdɔɔso bom to no denneennen mu. Yehowa Nyankopɔn mpo ka kyerɛɛ n’asomfo sɛ wɔmmɔ ne din, na anokwafo no bɔe. (Yoel 2:32; Asomafo Nnwuma 2:21) Enti, Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ ntwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobefi obu mu abɔ Onyankopɔn din sɛnea akyinnye biara nni ho sɛ Yesu yɛe no.—Yohane 17:26.

Bible asekyerɛfo di mfomso a anibere wom sɛ wɔde abodin ahorow sisi Onyankopɔn din ananmu. Wɔma Onyankopɔn bɛyɛ sɛ obi a ɔwɔ akyirikyiri na yentumi mmɛn no, bere mpo a Bible ka kyerɛ nnipa sɛ wɔne ‘Yehowa nka atirimsɛm’ no. (Dwom 25:14) Susuw w’adamfo paa bi ho hwɛ. Sɛ wunnim w’adamfo no din a, wobɛyɛ dɛn atumi aka sɛ wobɛn no paa? Saa ara na sɛ wɔamma nkurɔfo anhu Onyankopɔn din Yehowa no a, wɔbɛyɛ dɛn atumi abɛn Onyankopɔn yiye? Afei nso, sɛ nkurɔfo mmɔ Onyankopɔn din a, ɛnde ná wonnim edin no nkyerɛase a ɛyɛ anigye no nso. Onyankopɔn din no ase ne dɛn?

Onyankopɔn ankasa kyerɛkyerɛɛ nea ne din no kyerɛ mu kyerɛɛ ne somfo nokwafo Mose. Bere a Mose bisaa Onyankopɔn din ho asɛm no, Yehowa buae sɛ: “Mɛyɛ me ho nea mɛyɛ.” (Exodus 3:14, NW) Rotherham nkyerɛase no kyerɛ saa asɛm no ase sɛ: “Mɛyɛ me ho nea mepɛ biara.” Enti Yehowa betumi ayɛ ne ho sɛnea ehia biara na wama n’atirimpɔw ahorow abam.

Fa no sɛ wubetumi ayɛ wo ho nea wopɛ biara. Dɛn na anka wobɛyɛ ama wo nnamfonom? Sɛ yare bi a emu yɛ den bɔ wɔn mu biako a, anka wobɛyɛ wo ho oduruyɛfo a onim adwuma na woasa no yare. Sɛ ɔfoforo bɔ ka buruburoo a, anka wobɛyɛ wo ho ɔdefo yamyefo na woatua ɛka a wabɔ no ama no. Nanso, nokwasɛm ne sɛ ɛnyɛ biribiara na wubetumi ayɛ. Saa ara na ɛte wɔ yɛn nyinaa fam. Bere a woresua Bible no, ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛnea Yehowa tumi yɛ nea ehia biara na ama ne bɔhyɛ ahorow abam. Na n’ani gye ho sɛ ɔde ne tumi anaa ne denyɛ bedi dwuma ama wɔn a wɔdɔ no no. (2 Beresosɛm 16:9) Wɔn a wonnim Yehowa din ntumi nhu ne nipasu a ɛma nnipa ani gye no.

Ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde edin Yehowa no hyehyɛ Bible mu. Nea edin no kyerɛ a yebehu ne dwuma a yɛde bedi wɔ yɛn som mu no bɛboa yɛn kɛse atwe yɛn abɛn yɛn soro Agya Yehowa. *

^ nky. 3 Sɛ wopɛ Onyankopɔn din, nea ɛkyerɛ, ne nea enti a ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma wɔ ɔsom mu ho nsɛm pii a, hwɛ The Divine Name That Will Endure Forever, (Onyankopɔn Din a Ɛbɛtra Hɔ Daa) nhomawa a Yehowa Adansefo atintim no mu.