Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKEKAHO

Yesu Kristo—Mesia a Wɔhyɛɛ Ne Ho Bɔ No

Yesu Kristo—Mesia a Wɔhyɛɛ Ne Ho Bɔ No

NEA ɛbɛboa yɛn ma yɛahu Mesia no, Yehowa Nyankopɔn maa Bible mu adiyifo pii de Ogyefo a wɔhyɛɛ ne ho bɔ yi awo, ne som adwuma, ne ne wu ho nkyerɛkyerɛmu mae. Bible mu nkɔmhyɛ ahorow yi nyinaa nyaa mmamu wɔ Yesu Kristo so. Ɛbaa mu pɛpɛɛpɛ ma ɛyɛɛ nwonwa. Ma yensusuw nkɔmhyɛ ahorow a ɛkaa Mesia no awo ne ne mmofraase ho nsɛm siei no kakra ho mfa nkyerɛkyerɛ eyi mu.

Odiyifo Yesaia ka siei sɛ Mesia no befi Ɔhene Dawid abusua mu. (Yesaia 9:7) Wɔwoo Yesu wɔ Dawid abusua mu ampa.—Mateo 1:1, 6-17.

Onyankopɔn diyifo foforo, Mika, nso ka siei sɛ abofra yi bɛyɛ sodifo, na wɔbɛwo no wɔ “Bet-Lehem a ɛwɔ Efrata.” (Mika 5:2) Bere a wɔwoo Yesu no, na nkurow abien na ɛwɔ Israel a wɔfrɛ hɔ Betlehem. Ná biako bɛn Nasaret a ɛwɔ ɔman no atifi fam no, ɛnna nea na ɛka ho no nso bɛn Yerusalem a ɛwɔ Yuda no. Bere bi ná anka wɔfrɛ Betlehem a ɛbɛn Yerusalem no Efrata. Sɛnea nkɔmhyɛ no ka siei pɛpɛɛpɛ no, saa kurow no ara mu na wɔwoo Yesu!—Mateo 2:1.

Bible nkɔmhyɛ foforo ka siei sɛ wɔbɛfrɛ Onyankopɔn Ba no ‘afi Misraim.’ Bere a na Yesu yɛ abofra no, wɔde no kɔɔ Misraim. Bere a Herode wui no, wɔde Yesu fii Misraim, na ɛmaa nkɔmhyɛ no baa mu.—Hosea 11:1; Mateo 2:15.

Mesia no ho nsɛm wɔ kyerɛw nsɛm a ɛwɔ asɛmti a ɛne “Nkɔmhyɛ” no ase wɔ  nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 200 no mu. Fa saa kyerɛw nsɛm yi toto kyerɛw nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ asɛmti a ɛne “Ne Mmamu” no ho hwɛ. Saa a wobɛyɛ no bɛhyɛ gyidi a wowɔ sɛ Onyankopɔn Asɛm yɛ nokware no mu den.

Bere a worehwehwɛ kyerɛw nsɛm yi mu no, kae sɛ wɔkyerɛw nea ɛyɛ nkɔmhyɛ no mfirihyia ɔhaha pii ansa na wɔrewo Yesu. Yesu kae sɛ: “Etwa sɛ nea wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mose mmara ne Adiyifo no ne Nnwom no mu nyinaa ba mu.” (Luka 24:44) Sɛnea w’ankasa wubetumi ahu wɔ wo Bible mu no, ne nyinaa baa mu pɛpɛɛpɛ!