Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKEKAHO

Agya, Ɔba, ne Honhom Kronkron Ho Nokwasɛm

Agya, Ɔba, ne Honhom Kronkron Ho Nokwasɛm

NNIPA a wogye Baasakoro nkyerɛkyerɛ no di ka sɛ baasa na wɔbom yɛ Onyankopɔn—Agya, Ɔba, ne Honhom Kronkron. Wɔkyerɛ sɛ baasa yi mu biara ne afoforo a aka no tumi yɛ pɛ, na wɔn mu biara nni mfiase. Enti, sɛnea Baasakoro nkyerɛkyerɛ kyerɛ no, Agya no yɛ Onyankopɔn, Ɔba no yɛ Onyankopɔn, na Honhom Kronkron no nso yɛ Onyankopɔn, nanso Onyankopɔn biako pɛ na ɔwɔ hɔ.

Nnipa pii a wogye Baasakoro di no gye tom sɛ wontumi nkyerɛkyerɛ saa nkyerɛkyerɛ yi mu. Nanso, wosusuw sɛ ɛyɛ Bible nkyerɛkyerɛ. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, asɛmfua “Baasakoro” no mpue wɔ Bible mu baabiara. Na so Baasakoro ho adwene bi wɔ Bible mu? Nea ɛbɛyɛ na yɛabua saa asɛm yi no, ma yensusuw kyerɛwsɛm bi a wɔn a wogye Baasakoro nkyerɛkyerɛ tom no taa twe adwene si so de gyina nkyerɛkyerɛ a ɛte saa akyi no ho nhwɛ.

“NA ASƐM NO YƐ ONYANKOPƆN”

Yohane 1:1 ka sɛ: “Mfiase no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Nyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no yɛ Onyankopɔn.” (Twi Bible, Akuapem) Akyiri yi, wɔ saa ti no ara mu no, ɔsomafo Yohane daa no adi pefee sɛ “Asɛm no” ne Yesu. (Yohane 1:14) Nanso, esiane sɛ wɔfrɛ Asɛm no Onyankopɔn nti, ebinom ka sɛ, ɛsɛ sɛ Ɔba no ne Agya no nyinaa yɛ Onyankopɔn koro.

Kae sɛ wodii kan kyerɛw Bible no fã yi wɔ Hela kasa mu. Akyiri yi na nsɛm asekyerɛfo kyerɛɛ ase fii Hela kasa mu kɔɔ kasa afoforo mu. Nanso, Bible asekyerɛfo dodow bi anka sɛ “na Asɛm no yɛ Onyankopɔn.” Dɛn ntia? Saa asekyerɛfo no nam Hela a wɔde kyerɛw Bible no ho nimdeɛ a na wɔwɔ so begye toom sɛ ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛ asɛm a wɔakyerɛ ase “na Asɛm no yɛ Onyankopɔn” no ase wɔ saa kwan no so. Na anka ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ase dɛn? Nhwɛso kakra ni: “Ná Logos [Asɛm] no yɛ ɔsoroni.” (A New Translation of the Bible) “Ná Asɛm no yɛ onyame bi.” (The New Testament in an Improved Version) “Ná Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na na ɔyɛ Onyankopɔn sɛso.” (The Translator’s New Testament) Sɛnea saa nkyerɛase yi kyerɛ no, Asɛm no nyɛ Onyankopɔn ankasa. * Mmom no, esiane dibea a ɛkorɔn a Asɛm no wɔ wɔ Yehowa abɔde mu nti wɔfrɛ no “onyame.” Ɛha no asɛm “onyame” no kyerɛ “otumfoɔ.”

YƐ NHWEHWƐMU KƆ AKYIRI

Nnipa dodow no ara na wonnim Hela kasa a wɔde kyerɛw Bible no. Enti wobɛyɛ dɛn atumi ahu nea na ɔsomafo Yohane kyerɛ ankasa? Susuw nhwɛso yi ho hwɛ: Fa no sɛ sukuu kyerɛkyerɛfo bi kyerɛkyerɛ sɛnea wobu akontaa bi mu kyerɛ ne sukuufo. Ɛno akyi no, sukuufo no adwene nhyia wɔ nkyerɛkyerɛmu a ɔkyerɛkyerɛfo no de ma no ho. Sukuufo no bɛyɛ dɛn ate ade a wɔresua no ase yiye? Wobetumi abisa ɔkyerɛkyerɛfo no ma wakyerɛkyerɛ mu akɔ akyiri. Akyinnye biara nni ho sɛ, nkyerɛkyerɛmu foforo a wobenya aka ho no bɛboa wɔn ma wɔate ade a wɔresua no ase yiye. Saa ara na sɛ wopɛ sɛ wote Yohane 1:1 ase a, wubetumi ahwehwɛ Yesu dibea ho nsɛm pii wɔ Yohane Asɛmpa no mu. Asɛm yi ho ade pii a wubesua no bɛboa wo ma woahu emu nokwasɛm.

Sɛ nhwɛso no, susuw nea Yohane san kyerɛwee wɔ ti 1, nkyekyɛm 18 [Twi Bible, Akuapem] no ho hwɛ: “Obi nhuu [Ade Nyinaa So Tumfoɔ] Nyankopɔn pɛn.” Nanso, nnipa ahu Yesu, Ɔba no pɛn, efisɛ Yohane ka sɛ: “Asɛm no [Yesu] bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtraa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam.” (Yohane 1:14, Twi Bible, Akuapem) Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na Ɔba no betumi ayɛ Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn no fã bi? Yohane ka nso sɛ, ná Asɛm no “ne Nyankopɔn na ɛwɔ hɔ.” Ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na yebetumi aka sɛ obi ne obi wɔ hɔ na bere koro no ara yɛasan aka sɛ ɔyɛ onipa koro no ara? Afei nso, sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yohane 17:3 no, Yesu maa emu daa hɔ pefee sɛ ɛsono ɔno ɛnna ɛsono ne soro Agya no. Ɔfrɛɛ N’agya “nokware Nyankopɔn koro pɛ no.” Na ɛrekɔ Yohane Asɛmpa no awiei no, Yohane bɔɔ asɛm no mua sɛ: “Wɔakyerɛw eyinom ato hɔ na moagye adi sɛ Yesu ne Kristo, Onyankopɔn Ba no.” (Yohane 20:31) Hyɛ no nsow sɛ wɔfrɛɛ Yesu, Onyankopɔn Ba, na ɛnyɛ Onyankopɔn. Saa nsɛm foforo yi a ɛwɔ Yohane Asɛmpa no mu yi ma yehu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛte Yohane 1:1 no ase. Yesu, Asɛm no, yɛ “onyame” a ɛkyerɛ sɛ, ɔwɔ dibea a ɛkorɔn, nanso ne dibea nnu Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn no de.

HWEHWƐ NKYERƐKYERƐMU A ƐFOA DEDAW NO SO

Susuw sukuu kyerɛkyerɛfo no ne sukuufo no asɛm no ho bio hwɛ. Fa no sɛ sukuufo no bi adwenem da so yɛ wɔn nãã bere mpo a ɔkyerɛkyerɛfo no de nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri ama wɔn no. Dɛn na sukuufo no betumi ayɛ? Wobetumi akɔ ɔkyerɛkyerɛfo foforo nkyɛn akogye ade koro no ara ho nkyerɛkyerɛmu foforo. Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔto so abien no foa nea odi kan no nkyerɛkyerɛmu no so a, ebia sukuufo a wɔntee ase no mu dodow no ara adwenem a ayɛ wɔn nãã no befi hɔ. Saa ara na sɛ w’adwene nsi wo pi wɔ nea na Bible kyerɛwfo Yohane reka afa abusuabɔ ankasa a ɛda Yesu ne Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn ntam ho a, wubetumi adan akɔ Bible kyerɛwfo foforo nkyɛn akɔhwehwɛ nkyerɛkyerɛmu foforo. Sɛ nhwɛso no, susuw nea Mateo kyerɛwee no ho hwɛ. Ɔkyerɛwee sɛ, Yesu ka faa wiase yi awiei ho sɛ: “Ɛdefa saa da no ne dɔn no ho de obiara nnim, abɔfo a wɔwɔ soro ne Ɔba no mpo nnim, gye Agya no nko.” (Mateo 24:36) Ɔkwan bɛn so na saa asɛm no foa so sɛ Yesu nyɛ Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn?

Yesu kae sɛ Agya no nim nneɛma pii sen Ɔba no. Nanso, sɛ Yesu yɛ Ade Nyinaa So Tumfoɔ no fã bi a anka ɔne N’agya nimdeɛ bɛyɛ pɛ. Enti, eyi kyerɛ sɛ Ɔba no ne Agya no ntumi nyɛ pɛ. Nanso, ebinom bɛka sɛ: ‘Ná Yesu wɔ nipasu abien. Ɛha yi na ɔrekasa sɛ onipa.’ Nanso, sɛ ɛte saa mpo a, honhom kronkron no nso ɛ? Sɛ ɛyɛ Onyankopɔn koro no ara fã te sɛ Agya no a, adɛn nti na Yesu anka sɛ honhom kronkron no nim nea Agya no nim?

Bere a wugu so resua Bible no, wubehu Bible mu nsɛm pii a ɛfa saa asɛm yi ho. Ɛma wuhu nokwasɛm a ɛfa Agya, Ɔba, ne honhom kronkron no ho yiye.—Dwom 90:2; Asomafo Nnwuma 7:55; Kolosefo 1:15.

^ nky. 3 Sɛ wopɛ Yohane 1:1 ho nsɛm foforo a, hwɛ November 1, 2008, Borɔfo Ɔwɛn-Aban a Yehowa Adansefo atintim no kratafa 24-25.