Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKEKAHO

Nea Enti a Nokware Kristofo Mfa Mmeamudua Nni Dwuma Wɔ Ɔsom Mu

Nea Enti a Nokware Kristofo Mfa Mmeamudua Nni Dwuma Wɔ Ɔsom Mu

NNIPA ɔpepem pii ani gye mmeamudua ho na wodi no ni. The Encyclopædia Britannica frɛ mmeamudua “Kristosom agyiraehyɛde titiriw.” Nanso, nokware Kristofo mfa mmeamudua nni dwuma wɔ wɔn som mu. Dɛn ntia?

Ade titiriw nti a wɔmmfa nni dwuma ne sɛ Yesu Kristo anwu wɔ mmeamudua so. Hela asɛmfua a wɔtaa kyerɛ ase “mmeamudua” no ne stau·rosʹ. Nea ɛkyerɛ ankasa ne “mpuran anaa dua a wɔde asi hɔ.” The Companion Bible ka sɛ: “[Stau·rosʹ] nkyerɛ nnua abien a wɔde abea mu wɔ ɔkwan biara so . . . Biribiara nni Hela kasa a wɔde kyerɛw [Apam Foforo] no mu a ɛkyerɛ sɛ [Stau·rosʹ] yɛ nnua abien.”

Wɔ kyerɛw nsɛm pii mu no, Bible akyerɛwfo no de asɛmfua foforo na egyinaa hɔ maa ade a Yesu wui wɔ so no. Ɛyɛ Hela asɛmfua xyʹlon. (Asomafo Nnwuma 5:30; 10:39; 13:29; Galatifo 3:13; 1 Petro 2:24) Nea saa asɛmfua yi kyerɛ ara ne “dua” anaa “abaa anaa aporibaa.”

Bere a nhoma a wɔkyerɛ ase Mmeamudua ne Mmeamudua Mu Bɔ a Hermann Fulda kyerɛwee no rekyerɛkyerɛ nea enti a na wɔtaa sɛn nnipa wɔ dua biako so mu no, ɛka sɛ: “Ná nnua nni mmeae a wɔsɛn nkurɔfo wɔ baguam no. Enti dua biako na na wotutu fam de si hɔ. Ná wɔtaa kyekyere abɔnefo no nsa a wɔama so ne wɔn anan fam dua yi ho, anaasɛ wɔde nnadewa bobom fam dua no ho.”—Das Kreuz und die Kreuzigung.

Nanso, adanse a edi mũ sen biara no fi Onyankopɔn Asɛm mu. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Kristo atɔ yɛn afi mmara nnome mu, na wɔde no yɛɛ abusude maa yɛn, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Wɔadome obiara a ɔsɛn dua so.” (Galatifo 3:13, Twi Bible, Akuapem) Paulo faa asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 21:22, 23 no na ɛkaa asɛm wɔ ha. Saa nkyekyɛm no ka dua biako ho asɛm pefee, na ɛnyɛ mmeamudua. Esiane sɛ saa kwan a na wɔfa so kum onipa yi ma ɔbɛyɛɛ ‘nea wɔadome no’ nti, ɛrenyɛ papa sɛ Kristofo de Kristo a wɔabɔ no asɛnduam mfonini besiesie wɔn fie.

Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ mfirihyia 300 a edi kan wɔ Kristo wu akyi no, wɔn a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no de mmeamudua dii dwuma. Nanso, wɔ afeha a ɛto so anan no mu no, Ɔhempɔn Constantine ɔbosonsonni no bɛyɛɛ atoro Kristosom muni, na ɔde mmeamudua yɛɛ wɔn agyiraehyɛde. Ɛmfa ho adwene biara a Constantine de yɛɛ saa no, mmeamudua ne Yesu Kristo nni hwee yɛ. Nokwarem no, mmeamudua fi abosonsom mu. New Catholic Encyclopedia ka sɛ: “Ná wɔde mmeamudua di dwuma ansa na Kristosom reba, na wɔn a wɔnyɛ Kristofo nso de di dwuma.” Nhoma ahorow pii ka mmeamudua ho asɛm sɛ na wɔn a wɔsom abɔde de di dwuma, ɛnna abosonsomfo nso de di dwuma wɔ bɔbeasu ho amanne te sɛ bragoru ho afahyɛ mu.

Ɛnde, dɛn nti na wɔde abosonsomfo agyiraehyɛde yi bɛhyɛɛ Kristosom mu? Ɛda adi sɛ, wɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a na ɛrenyɛ den mma abosonsomfo sɛ wobegye nea wosusuw sɛ ɛyɛ Kristosom no atom. Nanso, ɛda adi pefee sɛ Bible kasa tia ɔsom a wɔde ma abosonsomfo agyiraehyɛde biara. (2 Korintofo 6:14-18) Kyerɛwnsɛm no bara ahonisom anaa abosonsom biara nso. (Exodus 20:4, 5; 1 Korintofo 10:14) Enti, nokware Kristofo wɔ nnyinaso pa bi nti a wɔmmfa mmeamudua nni dwuma wɔ wɔn som mu. *

^ nky. 5 Sɛ wopɛ mmeamudua ho nsɛm pii a, hwɛ Reasoning From the Scriptures, nhoma a Yehowa Adansefo atintim no kratafa 89-93.