Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKEKAHO

Awurade Anwummeduan—Afahyɛ a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam

Awurade Anwummeduan—Afahyɛ a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam

WƆAKA akyerɛ Kristofo sɛ wɔnhyɛ Kristo wu Nkaedi no ho fã. Wɔsan frɛ afahyɛ yi “Awurade anwummeduan.” (1 Korintofo 11:20) Dɛn na ɛma afahyɛ yi yɛ nea ɛho hia yiye? Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wodi?

Yesu Kristo de afahyɛ yi sii hɔ anadwo a wodii Yudafo Twam afahyɛ no wɔ afe 33 Y.B. mu. Ná wodi Twam afahyɛ no pɛnkoro pɛ afe biara wɔ Yudafo ɔsram Nisan da a ɛto so 14 no. Ná Yudafo no fi ase bu saa da no fi osutɔbere mu da a adekyee ne adesae tenten yɛ pɛ no so. Saa da yi yɛ da a adekyee tenten bɛyɛ nnɔnhwerew 12, na adesae nso tenten bɛyɛ nnɔnhwerew 12. Ɔsram a edi kan pue wɔ osutɔbere mu bere a adekyee ne adesae tenten yɛ pɛ no na ɛyɛ Nisan ɔsram no ahyɛase. Ɛno akyi nnafua 14, bere a owia akɔtɔ no, na na wodi Twam no.

Yesu ne n’asomafo no boom dii Twam afahyɛ no, na bere a ɔmaa Yuda Iskariot fii adi kɔe akyi no, ɔde Awurade Anwummeduan afahyɛ no sii hɔ. Saa adidi yi besii Yudafo Twam afahyɛ no ananmu, enti ɛsɛ sɛ wodi no pɛnkoro pɛ afe biara.

Mateo Asɛmpa no bɔ amanneɛ sɛ: “Yesu faa paanoo, na ohyiraa so wiei no obubuu mu de maa asuafo no kae sɛ: ‘Munnye nni. Eyi gyina hɔ ma me nipadua.’ Afei ɔfaa kuruwa, na ɔdaa ase no ɔde maa wɔn kae sɛ: ‘Mo nyinaa monnom mu; na eyi gyina hɔ ma me “mogya a wɔde yɛ apam no,” a wobehwie agu ama nnipa bebree bɔne fafiri.’”—Mateo 26:26-28.

Ebinom gye di sɛ Yesu dan paanoo no ne honam ankasa, na ɔdan bobesa no nso ne mogya ankasa. Nanso, bere a Yesu de paanoo yi maa n’asuafo no, na ne honam baabiara ntwae. So na Yesu asomafo no rewe ne nam ankasa, na so na wɔrenom ne mogya ankasa nso? Dabi, efisɛ anka ɛno bɛkyerɛ sɛ wɔwe nnipa nam, na wobu Onyankopɔn mmara so. (Genesis 9:3, 4; Leviticus 17:10) Sɛnea Luka 22:20 kyerɛ no, Yesu kae sɛ: “Kuruwa yi gyina hɔ ma apam foforo a egyina me mogya a wobehwie agu ama mo no so.” So kuruwa no bɛyɛɛ “apam foforo” no ankasa? Ná entumi nyɛ yiye saa, efisɛ apam yɛ nhyehyɛe, na ɛnyɛ ade bi a wotumi hu.

Enti paanoo no ne bobesa no nyinaa gyina hɔ ma biribi. Paanoo no gyina hɔ ma Kristo nipadua a ɛyɛ pɛ no. Paanoo a wɔde dii Twam no nkae bi na Yesu fa de dii dwuma. Na mmɔkaw biara nni paanoo no mu. (Exodus 12:8) Bible taa de mmɔkaw gyina hɔ ma bɔne anaa ɔporɔw. Enti, paanoo no gyina hɔ ma Yesu nipadua a ɛyɛ pɛ a ɔde bɔɔ afɔre no. Na bɔne biara nni ne nipadua no mu.—Mateo 16:11, 12; 1 Korintofo 5:6, 7; 1 Petro 2:22; 1 Yohane 2:1, 2.

Bobesa kɔkɔɔ no gyina hɔ ma Yesu mogya. Saa mogya no na ɛma apam foforo no di mũ. Yesu kae sɛ wohwiee ne mogya gu ‘maa bɔne fafiri.’ Ɛno na na ɛbɛma nnipa ho atumi atew wɔ Onyankopɔn anim, na wɔnam so atumi ne Yehowa ayɛ apam foforo. (Hebrifo 9:14; 10:16, 17) Saa apam anaa nhyehyɛe yi na ɛbɛma Kristofo anokwafo 144,000 no atumi akɔ soro. Wɔbɛyɛ ahene ne asɔfo wɔ hɔ ma ɛde nhyira abrɛ adesamma nyinaa.—Genesis 22:18; Yeremia 31:31-33; 1 Petro 2:9; Adiyisɛm 5:9, 10; 14:1-3.

Henanom na ɛsɛ sɛ wodi aduan no bi wɔ Nkaedi no ase? Ntease wom sɛ wɔn a wɔwɔ apam foforo no mu nkutoo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro no na ɛsɛ sɛ wodi paanoo no bi na wɔnom bobesa no nso bi. Onyankopɔn honhom kronkron ma saafo no hu sɛ wɔapaw wɔn sɛ wɔnkɔyɛ ahene wɔ soro. (Romafo 8:16) Yesu nso ne wɔn ayɛ Ahenni apam.—Luka 22:29.

Na wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra Paradise asase so daa no nso ɛ? Wodi Yesu ahyɛde no so, na wɔkɔ Awurade Anwummeduan no ase. Wɔkɔ ase sɛ bɛhwɛadefo a wɔkyerɛ anisɔ, nanso wonni bi. Afe biara, Yehowa Adansefo hyia pɛnkoro wɔ Nisan 14, bere a owia akɔtɔ hyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã. Ɛwom sɛ nnipa mpem kakraa bi pɛ na wɔwɔ wiase nyinaa a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro de, nanso saa afahyɛ yi som bo ma Kristofo nyinaa. Ɛyɛ bere a obiara betumi asusuw ɔdɔ kɛse a Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ada no adi no ho.—Yohane 3:16.