Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKEKAHO

1914​—Afe Titiriw Wɔ Bible Nkɔmhyɛ Mu

1914​—Afe Titiriw Wɔ Bible Nkɔmhyɛ Mu

AKA bɛyɛ mfirihyia 40 ma afe 1914 adu no, Bible asuafo no kae sɛ nsɛm atitiriw besisi wɔ saa afe no mu. Na ɛyɛ nsɛm bɛn, na adanse bɛn na na ɛkyerɛ sɛ afe 1914 bɛyɛ afe titiriw?

Sɛnea Luka 21:24 kyerɛ no, Yesu kae sɛ: “Amanaman no betiatia Yerusalem so, kosi sɛ amanaman mmere a wɔahyɛ no bewie du.” Ná Yerusalem na ɛyɛ Yuda man no ahenkurow—ɛhɔ na na ahemfo a wofi Ɔhene Dawid abusua mu no te. (Dwom 48:1, 2) Nanso, na saa ahemfo yi yɛ soronko wɔ amanaman no akannifo nyinaa ho. Ná wɔte ‘Yehowa agua so’ sɛ Onyankopɔn ankasa ananmusifo. (1 Beresosɛm 29:23) Enti na Yerusalem gyina hɔ ma Yehowa tumidi.

Nanso, ɔkwan bɛn so na ‘amanaman no tiatiaa’ Onyankopɔn tumidi so, na bere bɛn na wɔyɛɛ saa? Eyi sii wɔ afe 607 A.Y.B. mu bere a Babilonfo kõ dii Yerusalem so nkonim no. ‘Yehowa agua’ no bɛdaa hɔ a na obiara nte so, kyerɛ sɛ, biribi twitwaree ahemfo a wofi Dawid ahene abusua mu nniso no ananmu. (2 Ahene 25:1-26) So na ‘ntiatiaso’ yi bɛkɔ so daa? Dabi, efisɛ Hesekiel nkɔmhyɛ no ka faa Sedekia, Yerusalem hene a otwa to no ho sɛ: “Wɔayi abotiten no na wɔapɔn ahemmotiri no; . . . na eyi nso rentra hɔ, de bɛkɔ akosi sɛ nea atemmu wɔ no no bɛba, na mede mama no.” (Hesekiel 21:26, 27) Yesu Kristo ne onii a “atemmu wɔ no” a ɔbɛhyɛ Dawid ahemmotiri no. (Luka 1:32, 33) Enti na ‘ntiatiaso’ no bɛba awiei bere a Yesu abedi Hene no.

Bere bɛn na na saa asɛntitiriw no besi? Yesu kyerɛe sɛ Amanaman mufo no bedi tumi wɔ mmere pɔtee bi mu. Asɛm a ɛwɔ Daniel ti 4 no ma yehu bere tenten a na saa mmere no bedi. Ɛfa dae bi a ɛyɛ nkɔmhyɛ a Babilon hene Nebukadnesar soe ho. Ohuu dua kɛse bi a wotwa too fam. Wɔde dade ne kɔbere kyekyeree dua no dunsin no sɛnea ɛbɛyɛ a entumi mfefɛw. Ɔbɔfo bi kae sɛ: ‘Mmere nson ntwa ne tiri so.’—Daniel 4:10-16.

Wɔ Bible mu no, wɔtaa de nnua gyina hɔ ma tumidi. (Hesekiel 17:22-24; 31:2-5) Enti sɛnkyerɛnne kwan so dua no a wotwa too fam no kyerɛ sɛ na Onyankopɔn tumi a ɔnam Yerusalem ahemfo so di wɔ asase so no mu betwa kakra. Nanso, wɔkae wɔ anisoadehu no mu sɛ ‘wobetiatia Yerusalem so’ bere tiaa bi—na ɛbɛyɛ “mmere nson.” Saa bere yi tenten yɛ ahe?

Adiyisɛm 12:6, 14 kyerɛ yɛn sɛ mmere abiɛsa ne fã tenten yɛ “nna apem ahanu aduosia.” Enti “mmere nson” bɛyɛ ɛno mmɔho abien, anaa nnafua 2,520. Nanso, Amanaman no annyae Onyankopɔn tumidi so ‘atiatia’ wɔ Yerusalem sɛe no akyi nnafua 2,520 mu. Enti, ɛda adi pefee sɛ saa nna yi ware koraa sen nnafua 2,520. Sɛ yegyina Numeri 14:34 ne Hesekiel 4:6 a ɛka sɛ “da koro da koro nyɛ afe afe” no so a, na “mmere nson” no tenten bɛyɛ mfirihyia 2,520.

Mfirihyia 2,520 no fii ase wɔ October 607 A.Y.B. mu, bere a Babilonfo kõ faa Yerusalem, na wotuu ɔhene a ofi Dawid abusua mu no fii n’agua so no. Saa bere no baa awiei wɔ October 1914 mu. Saa bere no na “amanaman mmere a wɔahyɛ no” baa awiei, na Onyankopɔn de Yesu Kristo sii agua so wɔ soro sɛ Ɔhene. *Dwom 2:1-6; Daniel 7:13, 14.

Sɛnea Yesu hyɛɛ nkɔm no, nsɛm a ɛyɛ hu te sɛ akodi, ɔkɔm, asasewosow, ne ɔyaredɔm a asisi wɔ wiase ahyɛ ne “mmae” sɛ ɔsoro Hene no agyirae pɛpɛɛpɛ. (Mateo 24:3-8; Luka 21:11) Nsɛm a ɛtete saa no yɛ adanse a emu yɛ den a ɛkyerɛ sɛ wɔde Onyankopɔn soro Ahenni no sii hɔ wɔ afe 1914 mu ampa, na saa bere no na wiase bɔne yi “nna a edi akyiri” no fii ase.—2 Timoteo 3:1-5.

^ nky. 4 Efi October 607 A.Y.B. besi October 1 A.Y.B. mu no tenten yɛ mfirihyia 606. Esiane sɛ wommu mfirihyia ho akontaa mfi ohunu [0] nti, efi October 1 A.Y.B. besi October 1914 Y.B. tenten yɛ mfirihyia 1,914. Sɛ yɛka mfirihyia 606 ne 1,914 bom a, yenya mfirihyia 2,520. Sɛ wopɛ Yerusalem a wɔsɛee no wɔ afe 607 A.Y.B. mu no ho nsɛm pii a, hwɛ asɛmti “Chronology” (Mmerebu) wɔ Insight on the Scriptures, a Yehowa Adansefo atintim no mu.