Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 1

“Eyi Ne Nea Onyankopɔn Dɔ Kyerɛ”

“Eyi Ne Nea Onyankopɔn Dɔ Kyerɛ”

“Eyi ne nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so; na n’ahyɛde nyɛ den.”—1 YOHANE 5:3.

1, 2. Dɛn na ɛka wo ma wodɔ Yehowa Nyankopɔn?

WODƆ Onyankopɔn? Sɛ woahyira wo ho so ama Yehowa Nyankopɔn dedaw a, ɛnde wubetumi asi wo bo aka sɛ yiw, na ɛyɛ ne kwan so! Etwa sɛ yɛdɔ Yehowa. Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn a, ɛnyɛ biribiara sɛ ɔdɔ a ɔdɔ yɛn ntia. Bible ka ho asɛm sɛ: “Yɛwɔ ɔdɔ, efisɛ ɔno [Yehowa] na odii kan dɔɔ yɛn.”—1 Yohane 4:19.

2 Yehowa na odii kan dɔɔ yɛn. Wama yɛn asase fɛfɛ sɛ yɛntena so. Ɔma yɛn nsa ka nea yehia wɔ asetena mu. (Mateo 5:43-48) Nea ɛkyɛn saa no, ɔma yɛn nea ɛbɛma yɛatumi asom no. Wama yɛn n’Asɛm Bible. Afei nso, wama yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yɛbɔ mpae a, obetie yɛn, na ɔde ne honhom kronkron bɛma yɛn de aboa yɛn. (Dwom 65:2; Luka 11:13) Nea ɛsen ne nyinaa no, ɔsomaa ne Dɔba no bae sɛ Ogyefo a obegye yɛn afi bɔne ne owu mu. Yehowa akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn ampa!—Kenkan Yohane 3:16; Romafo 5:8.

3. (a) Sɛ yɛbɛkɔ so atena Onyankopɔn dɔ mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (b) Asɛmmisa a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho, na ɛhe na ɛho mmuae wɔ?

3 Yehowa pɛ sɛ yenya ne dɔ so mfaso afebɔɔ. Nanso sɛ ɛno bɛyɛ yiye a, egyina yɛn so. Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ: “Momfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, bere a motwɛn . . . daa nkwa” no. (Yuda 21) Sɛ wɔka sɛ “momfa mo ho nsie” a, ɛkyerɛ sɛ, sɛ yɛbɛkɔ so atena Onyankopɔn dɔ mu a, ɛsɛ sɛ yetu ho anammɔn. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ ɔdɔ a ɔdɔ yɛn no. Enti asɛm a ɛho hia sɛ yebisa yɛn ho ne sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ medɔ Onyankopɔn?’ Ɛho mmuae wɔ ɔsomafo Yohane asɛm a Onyankopɔn ma ɔkyerɛwee yi mu sɛ: “Eyi ne nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so; na n’ahyɛde nyɛ den.” (1 Yohane 5:3) Ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase hwehwɛ nsɛm yi mu, efisɛ yɛpɛ sɛ yɛma Onyankopɔn hu sɛ yɛdɔ no ampa.

“EYI NE NEA ONYANKOPƆN DƆ KYERƐ”

4, 5. (a) Sɛ yɛka “Onyankopɔn dɔ” a, ɛkyerɛ sɛn? (b) Kyerɛ nea ɛyɛe a wunyaa Yehowa ho dɔ wɔ wo koma mu.

4 “Onyankopɔn dɔ”—dɛn na na ɔsomafo Yohane rekyerɛ bere a ɔkyerɛw saa asɛm no? Ɛnkyerɛ ɔdɔ a Onyankopɔn dɔ yɛn, na mmom ɛkyerɛ ɔdɔ a yɛdɔ no. Wokae bere a wubenyaa Yehowa ho dɔ wɔ wo koma mu no?

Sɛ obi pɛ sɛ ɔdɔ Yehowa na ɔyɛ osetie ma no a, ahosohyira ne asubɔ na ɔde fi ase

5 Kaakae bere a wufii ase suaa Yehowa ne n’atirimpɔw ho ade, na wunyaa ne mu gyidi no. Wubehui sɛ, ɛwom sɛ wɔwoo wo bɔne mu na wo ne Onyankopɔn ntam atetew deɛ, nanso Yehowa nam Kristo so ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma woayɛ pɛ sɛnea bere bi na Adam te no na ama woanya daa nkwa. (Mateo 20:28; Romafo 5:12, 18) Wubehui sɛ bere a Yehowa somaa ne Dɔba no ma obewu maa wo no, na ɛyɛ afɔrebɔ kɛse. Ɛkaa wo koma, na ɛma wodɔɔ Onyankopɔn a oyii ɔdɔ kɛse a ɛte saa adi kyerɛɛ wo no.—Kenkan 1 Yohane 4:9, 10.

6. Dɛn na obi yɛ de kyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ kann, na anammɔn bɛn na Onyankopɔn ho dɔ kaa wo ma wutui?

6 Nanso atenka a wunyae no yɛ ɔdɔ kann a obi nya ma Yehowa no mfiase kɛkɛ. Ɔdɔ nyɛ ade a yɛte nka wɔ yɛn mu anaa biribi a yɛde yɛn ano ka kɛkɛ. Sɛ obi dɔ Onyankopɔn ampa a, ɛnyɛ n’ano kɛkɛ na ɔde bɛka sɛ, “Medɔ Yehowa.” Ɔdɔ kann te sɛ gyidi. Nea obi yɛ na ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ. (Yakobo 2:26) Enti sɛ wodɔ obi a, wobɛyɛ nneɛma bi ama onii no ani agye. Ne saa nti bere a wunyaa Yehowa ho dɔ wɔ wo koma mu no, ɛkaa wo, na wopɛe sɛ woyɛ wo soro Agya no apɛde. Woyɛ Ɔdansefo a woabɔ asu? Sɛ saa a, ade a ɛma wutuu anammɔn a ɛho hia yi ne ɔdɔ kɛse a wunya maa Yehowa ne ɔpɛ a wunyae sɛ wobɛsom no no. Wuhyiraa wo ho so maa Yehowa sɛ wobɛyɛ n’apɛde, na wobɔɔ asu de yɛɛ ho sɛnkyerɛnne. (Kenkan Romafo 14:7, 8.) Ɔsomafo Yohane nsɛm a edi hɔ a ɔkae no ma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ de di bɔhyɛ a efi koma mu yi so.

“YEBEDI N’AHYƐDE SO”

7. Onyankopɔn ahyɛde no bi ne sɛn, na dɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ de di so?

7 Yohane ma yehu nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ. Ɛne sɛ “yebedi n’ahyɛde so.” Dɛn ne Onyankopɔn ahyɛde? Yehowa ama yɛn ahyɛde pɔtee wɔ n’Asɛm Bible mu. Ebi ne sɛ, ɔbara asabow, aguamammɔ anaa nna mu ɔbrasɛe, abosonsom, korɔnbɔ, atorodi, ne nea ɛtete saa. (1 Korintofo 5:11; 6:18; 10:14; Efesofo 4:28; Kolosefo 3:9) Sɛ obi bedi Onyankopɔn ahyɛde so a, ɛsɛ sɛ ɔde abrabɔ ho mmara pɔtee a ɛwɔ Bible mu no bɔ ne bra.

8, 9. Sɛ Bible nhyɛɛ mmara pɔtee wɔ nsɛm bi ho mpo a, yɛbɛyɛ dɛn ahu nea ɛsɔ Yehowa ani? Ma ho nhwɛso.

8 Nanso sɛ yɛbɛyɛ nea Yehowa pɛ a, ɛnyɛ mmara pɔtee bi a wahyɛ nko na ɛsɛ sɛ yedi so. Yehowa nhyɛ mmara wɔ biribiara a yɛyɛ ho mma yɛn ho nkyere yɛn. Enti nneɛma pii bɛba yɛn akwan mu da biara a Bible nhyɛɛ ho mmara biara. Ɛba saa a, yɛbɛyɛ dɛn ahu nea yɛyɛ a ɛbɛsɔ Yehowa ani? Bible mu nsɛm bi ma yehu Onyankopɔn adwene wɔ nneɛma ho yiye. Sɛ yesua Bible a, ɛma yehu nea Yehowa pɛ ne nea okyi. (Kenkan Dwom 97:10; Mmebusɛm 6:16-19) Yetumi hu suban ne nneyɛe a n’ani gye ho. Ɛsɛ sɛ yesua Yehowa nipasu ne n’akwan ho nneɛma pii. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn gyinaesi ne yɛn nneyɛe begyina n’adwene so kɛse. Sɛ ɛba saa a, nsɛm a Bible nhyɛɛ ho mmara pɔtee mpo mu no, yebetumi ahu “Yehowa apɛde.”—Efesofo 5:17.

9 Ɛho nhwɛso ne sɛ, Bible nhyɛɛ mmara biara a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ awudisɛm anaa aguamansɛm wɔ sini mu anaa TV so. So yehia mmara pɔtee bi ansa na yɛahu sɛ ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ nneɛma a ɛtete saa? Yenim sɛnea Yehowa bu saa nneɛma yi. N’Asɛm ka kyerɛ yɛn pefee sɛ: “Obiara a n’ani gye awudisɛm ho no, [Yehowa] kra kyi no koraa.” (Dwom 11:5) Bible san ka sɛ: “Onyankopɔn bebu aguamammɔfo ne awaresɛefo atɛn.” (Hebrifo 13:4) Sɛ yedwinnwen Onyankopɔn nsɛm yi ho a, ɛma yehu Yehowa apɛde fann. Enti yɛmpɛ sɛ yɛbɛhwɛ nneɛma a Onyankopɔn kyi ho mfonini de agyigye yɛn ani. Wiase no de abofonode daadaa nkurɔfo ma wogye tom sɛ wɔyɛ de gyigye wɔn ani kɛkɛ. * Yɛn deɛ, yenim sɛ, sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho a, ɛma Yehowa ani gye.

10, 11. Dɛn nti na yefi yɛn pɛ mu tie Yehowa, na ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so tie no?

10 Dɛn titiriw nti na yedi Onyankopɔn ahyɛde so? Dɛn nti na sɛ yehu Onyankopɔn adwene wɔ biribi ho a, yɛbɔ yɛn bra da biara ma ɛne no hyia? Sɛ obi bu n’ani gu Onyankopɔn apɛde so a, onya asotwe na ohyia ɔhaw, nanso ɛnyɛ ɛno nti na yɛyɛ osetie. (Galatifo 6:7) Mmom no, yebu osetie a yɛyɛ ma Yehowa no sɛ hokwan kɛse a yɛde kyerɛ sɛ yɛdɔ no. Abofra biara pɛ sɛ ne papa pɛ n’asɛm. Yɛn nso yɛpɛ sɛ Yehowa pɛ yɛn asɛm. (Dwom 5:12) Ɔyɛ yɛn Agya, na yɛdɔ no. Biribiara nni hɔ a ɛma yɛn ani gye na ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam sɛ yebehu sɛ ɔbra a yɛrebɔ no ma yenya “Yehowa anim dom.”—Mmebusɛm 12:2.

11 Ɛno nti ɛnyɛ amemenemfe na yɛde tie no, na ɛnyɛ bere a yɛpɛ anaa bere a wayɛ biribi ama yɛn na yetie no. * Ɛnyɛ bere a eye ma yɛn anaa yɛn ho nkyere yɛn na yɛyɛ osetie. Mmom no, ‘yefi koma mu na ɛyɛ osetie.’ (Romafo 6:17) Yɛne odwontofo no yɛ adwene sɛ: “Merenni wo mmara nsɛm ho agoru, efisɛ mewɔ ho anigye kɛse.” (Dwom 119:47) Nokwarem no, ɔdɔ a yɛdɔ Yehowa nti na yetie no. Yenim sɛ Yehowa pɛ sɛ bere nyinaa yetie no wɔ biribiara mu, na ɔfata sɛ yetie no nso. (Deuteronomium 12:32) Yehowa Asɛm kaa biribi faa Noa ho, na yɛpɛ sɛ Yehowa ka yɛn ho asɛm saa ara. Tete agya nokwafo no tiee Onyankopɔn mfe pii de kyerɛe sɛ ɔdɔ no, na Bible ka ne ho asɛm sɛ: “Noa yɛɛ nea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa. Saa pɛpɛɛpɛ na ɔyɛe.”—Genesis 6:22.

12. Dɛn na sɛ yɛyɛ a ɛma Yehowa koma tɔ ne yam?

12 Sɛ yefi yɛn pɛ mu tie Yehowa a, ɔte nka dɛn? N’Asɛm ka sɛ, sɛ yɛyɛ saa a, ne ‘koma tɔ ne yam.’ (Mmebusɛm 27:11) So osetie a yɛyɛ ma Awurade Tumfoɔ no ma ne koma tɔ ne yam ampa? Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte, na ntease nso wom. Sɛnea Yehowa bɔɔ yɛn no, yetumi paw nea yɛpɛ. Enti yetumi yɛ nea yɛpɛ biara; yɛpɛ a yebetie Onyankopɔn, yɛpɛ nso a yɛrentie no. (Deuteronomium 30:15, 16, 19, 20) Sɛ Onyankopɔn ho dɔ yɛ yɛn koma mã, na sɛ ɛka yɛn ma yefi yɛn pɛ mu tie Yehowa a, ɛma yɛn soro Agya no ani gye kɛse na ne koma tɔ ne yam. (Mmebusɛm 11:20) Na yɛn nso, ebesi yɛn yiye.

“N’AHYƐDE NYƐ DEN”

13, 14. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Onyankopɔn ‘ahyɛde nyɛ den,’ na mfatoho bɛn na yebetumi de akyerɛkyerɛ mu?

13 Ɔsomafo Yohane ka nea Yehowa hwehwɛ sɛ yɛyɛ no ho asɛm bi kyerɛ yɛn sɛ, “n’ahyɛde nyɛ den,” na eyi ma yenya akomatɔyam kɛse. Hela asɛm a wɔkyerɛɛ ase “n’ahyɛde nyɛ den” wɔ 1 Yohane 5:3 no, nea “den” no kyerɛ ankasa ne “emu yɛ duru.” * Bible foforo kyerɛ ase sɛ: “N’ahyɛde nhyɛ yɛn so.” (New English Translation) Nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ no mmoro yɛn so na ɛnhyɛ yɛn so. Bɔne wɔ nnipa ho deɛ, nanso ne mmara mmoro yɛn so.

14 Yebetumi de mfatoho bi akyerɛ asɛm yi mu. Fa no sɛ w’adamfo bi retu akɔ baabi foforo, ɛnna ose bɛboa no. Nnaka a ɔde rekɔ no dɔɔso. Ebi wɔ hɔ a onipa baako pɛ betumi asoa, na ebi nso mu yɛ duru, enti gye sɛ nnipa mmienu pagyaw. W’adamfo no akyerɛ nnaka a ɔpɛ sɛ wode kɔ. So ɔbɛma woasoa nnaka a ɛboro w’ahoɔden so? Ɔrenyɛ saa. Ɔremma wo nkutoo nsoa na wo kɔn mu ammu. Saa ara na yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ ne ayamye no remma yɛn ahyɛde a ɛyɛ den dodo. (Deuteronomium 30:11-14) Ɔremma yɛnsoa nneɛma a emu yɛ duru saa da. Yehowa nim nea yɛn ahoɔden betumi, efisɛ “onim yɛn nipaban; ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.”—Dwom 103:14.

15. Dɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa pɛ sɛ esi yɛn yiye nti na wama yɛn n’ahyɛde?

15 Yehowa ahyɛde nyɛ adesoa koraa; mfaso kɛse wɔ so. (Kenkan Yesaia 48:17.) Ɛno nti na Mose ka kyerɛɛ tete Israelfo no sɛ: “Yehowa de mmara yi nyinaa mae sɛ yenni so na yensuro Yehowa yɛn Nyankopɔn na asi yɛn yiye daa na yɛatena nkwa mu sɛnea ɛte nnɛ yi.” (Deuteronomium 6:24) Yɛn nso yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa mmara a ɔde ama yɛn no bɛma asi yɛn yiye, ɛnnɛ ne daa. Ɛnyɛ nwonwa koraa, efisɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ne nyansa nni ano. (Romafo 11:33) Enti ɔno na onim nea eye ma yɛn. Afei nso Yehowa ne dɔ. (1 Yohane 4:8) Ɔdɔ yɛ su a ɛda adi kɛse wɔ Yehowa ho, na nea ɔka ne nea ɔyɛ nyinaa gyina ɔdɔ so. Ahyɛde a ɔde ama ne nkoa nyinaa gyina ɔdɔ so.

16. Ɛwom sɛ wiase a aporɔw yi ne yɛn reko, na yɛn sintɔ redi tia yɛn deɛ, nanso dɛn nti na yebetumi ayɛ osetie?

16 Eyi nkyerɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ yebetie Onyankopɔn. Wiase a aporɔw yi a ɛda “ɔbɔnefo no tumi mu” no ne yɛn reko. (1 Yohane 5:19) Yɛn sintɔ nso redi tia yɛn, na ɛtwetwe yɛn kɔ nea Onyankopɔn mpɛ ho. (Romafo 7:21-25) Nanso ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn nti, yebetumi adi nkonim. Wɔn a wɔdɔ Yehowa ma enti wotie no nyinaa, ohyira wɔn. Ɔde ne honhom kronkron ma “wɔn a wotie no.” (Asomafo Nnwuma 5:32) Ne honhom no ma yɛsow aba pa, kyerɛ sɛ, su pa a ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ osetie.—Galatifo 5:22, 23.

17, 18. (a) Dɛn na yebesua wɔ nhoma yi mu, na bere a yɛresua no, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛtena yɛn adwenem? (b) Ti a edi hɔ no bɛka dɛn ho asɛm?

17 Yebesua Yehowa nnyinasosɛm ne abrabɔ ho mmara ne nneɛma foforo pii a ɛma yehu n’apɛde wɔ nhoma yi mu. Bere a yɛresua no, momma yɛmma nneɛma a ɛho hia bi ntena yɛn adwenem. Momma yɛnkae sɛ Yehowa nhyɛ yɛn sɛ yenni ne mmara ne ne nnyinasosɛm so; ɔpɛ sɛ yefi yɛn koma mu tie no. Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra ma esi yɛn yiye, ɛnnɛ ne daa. Momma yemmu osetie a yefi koma mu yɛ ma Yehowa no sɛ hokwan kɛse a yɛde kyerɛ sɛ yɛdɔ no paa.

18 Yehowa dɔ yɛn, enti wama yɛn ahonim a ɛboa yɛn ma yehu papa ne bɔne. Nanso gye sɛ yɛtete yɛn ahonim na atumi akyerɛ yɛn kwan yiye. Ti a edi hɔ no bɛka eyi ho asɛm.

^ nky. 9 Wɔakyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi apaw anigyede a ɛfata mu wɔ nhoma yi Ti 6.

^ nky. 11 Ahonhommɔne mpo betumi de amemenemfe ayɛ osetie. Bere a Yesu hyɛɛ ahonhommɔne sɛ womfi nnipa bi mu no, ne tumi nti wɔantumi ne no anni asi, na wɔde amemenemfe tiee no.—Marko 1:27; 5:7-13.

^ nky. 13 Wɔkyerɛɛ asɛm yi ase wɔ Mateo 23:4 sɛ, “nnesoa a emu yɛ duru,” kyerɛ sɛ, mmara ne nnipa atetesɛm pii a na akyerɛwfo ne Farisifo no de ato mpapahwekwa so no. Wɔkyerɛɛ asɛm yi ara ase sɛ, “nhyɛsofo,” wɔ Asomafo Nnwuma 20:29, 30 ase hɔ asɛm no mu. Awaefo atirimɔdenfo a ‘wɔbɛkasa akyinkyim nsɛm’ adaadaa nkurɔfo na na ɛfa wɔn ho.