Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 3

Dɔ Wɔn a Onyankopɔn Dɔ Wɔn

Dɔ Wɔn a Onyankopɔn Dɔ Wɔn

“Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo.”—MMEBUSƐM 13:20.

1-3. (a) Asɛm bɛn na Bible ka a ɛyɛ nokware turodoo? (b) Yɛbɛyɛ dɛn anya nnamfo a yebetumi asuasua wɔn ayɛ adepa?

ƆKWAN bi so no, nnipa te sɛ sapɔw. Sɛnea sapɔw nonom nsu no, saa ara na nnipa suasua wɔn nnamfonom suban, wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛe bere a wɔn ani nna wɔn ho so.

2 Asɛm a Bible ka yi yɛ nokware turodoo sɛ: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no, ebewie no bɔne.” (Mmebusɛm 13:20) Ɛnyɛ obi a yɛne no di nkyia kɛkɛ ho asɛm na abebusɛm yi reka. Sɛnea wɔkaa “nantew” no ma yehu sɛ ɛnyɛ da koro pɛ fekubɔ. * Bible ho nhoma bi kyerɛkyerɛ asɛm yi mu sɛ: “Sɛ wo ne obi nantew a, ɛkyerɛ sɛ wodɔ no na wode wo ho abɔ no.” Wunhu sɛ yɛtaa suasua wɔn a yɛdɔ wɔn no? Nokwarem no, yɛpɛ wɔn a yɛdɔ wɔn no asɛm, enti yebetumi afa wɔn suban pa anaa wɔn subammɔne no bi.

3 Sɛ yɛbɛtena Onyankopɔn dɔ mu a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nnamfo a yebetumi asuasua wɔn ayɛ adepa. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛbɛdɔ wɔn a Onyankopɔn dɔ wɔn, na yɛde ne nnamfo ayɛ yɛn nnamfo. Wo deɛ, susuw ho hwɛ. Wɔn a wɔn suban nti Yehowa fa wɔn nnamfo no, ɛnyɛ wɔn na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛfa wɔn nnamfo anaa? Ɛnde ma yɛnhwɛ nnipa a Onyankopɔn dɔ wɔn. Sɛ yehu Yehowa adwene yiye a, ɛbɛboa yɛn ama yɛafa nnamfo pa.

WƆN A ONYANKOPƆN DƆ WƆN

4. Dɛn nti na ɛfata sɛ Yehowa hwehwɛ mu yiye ansa na wafa adamfo, na dɛn na ɛmaa Yehowa frɛɛ Abraham sɛ “m’adamfo”?

4 Sɛ Yehowa refa nnamfo a, ɔhwehwɛ mu yiye. So onni hokwan sɛ ɔyɛ saa? Anyɛ hwee koraa no, ɔne Awurade Tumfoɔ, enti obi rennya sɛ Onyankopɔn bɛfa no adamfo. Nnipa bɛn saa na ɔfa wɔn nnamfo? Yehowa bɛn wɔn a wɔwɔ ne mu awerɛhyem na wogye no di koraa no. Yɛmfa tete agya Abraham nyɛ nhwɛso. Ná ɔyɛ obi a ne gyidi sõ. Sɛ wɔka kyerɛ obi sɛ ɔmfa ne ba mmɔ afɔre a, ebegye gyidi ankasa na watumi ayɛ saa. * Nanso Abraham de “Isak bɔɔ afɔre wiei koraa ne sa.” Ná ogye di paa sɛ “Onyankopɔn betumi anyan no afi awufo mu mpo.” (Hebrifo 11:17-19) Abraham gyidi ne ne setie nti, Yehowa frɛɛ no “m’adamfo” de kyerɛe sɛ ɔdɔ no.—Yesaia 41:8; Yakobo 2:21-23.

5. Yehowa bu wɔn a wodi no nokware na wotie no no sɛn?

5 Nokwaredi ne osetie ho hia Yehowa yiye. Wɔn a nokware a wobedi ama Yehowa no ho hia wɔn sen biribiara no na ɔdɔ wɔn. (Kenkan 2 Samuel 22:26.) Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti a edi kan mu no, nnipa a Yehowa ani gye wɔn ho paa ne wɔn a ɔdɔ nti wofi wɔn pɛ mu tie no no. Mmebusɛm 3:32 ka sɛ: “Teefo na ɔne wɔn di atirimsɛm.” Wɔn a wɔde nokwaredi di Onyankopɔn mmara so no, ɔde anigye to nsa frɛ wɔn sɛ wɔmmɛsoɛ ne “ntamadan” mu. Wapene so sɛ wɔmmɛsom no, na wobetumi abɔ no mpae bere biara a wɔpɛ.—Dwom 15:1-5.

6. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛdɔ Yesu, na Yehowa te nka sɛn wɔ wɔn a wɔdɔ ne Ba no ho?

6 Yesu yɛ Yehowa Ba a ɔwoo no koro, na Yehowa dɔ wɔn a wɔdɔ Yesu nso. Yesu kae sɛ: “Sɛ obi dɔ me a, obedi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn de hɔ abɛyɛ yɛn tenabea.” (Yohane 14:23) Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛdɔ Yesu? Ɛne sɛ yebedi n’ahyɛde so. Emu baako ne sɛ yɛbɛka asɛmpa no na yɛayɛ asuafo. (Mateo 28:19, 20; Yohane 14:15, 21) Ade foforo a yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ Yesu ne sɛ yebedi “n’anammɔn akyi pɛɛ” na yɛasuasua no wɔ kasa ne nneyɛe mu sɛnea yebetumi biara, ɛmfa ho sɛ bɔne wɔ yɛn ho no. (1 Petro 2:21) Sɛ Yehowa hu sɛ ne Ba no ho dɔ nti ebinom ayere wɔn ho redi Kristo anammɔn akyi a, ɛma onya akomatɔyam.

7. Dɛn nti na nyansa wom sɛ wɔn a wɔyɛ Yehowa nnamfo no na yɛfa wɔn nnamfo?

7 Wɔn a wɔwɔ gyidi, wodi nokware, wɔyɛ osetie, wɔdɔ Yesu na wɔfa n’akwan so—nnipa a wɔn suban te saa na Yehowa fa wɔn nnamfo. Enti ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘Saa na me nnamfo a me ne wɔn bɔ no suban ne wɔn akwan te? Wɔn a wɔyɛ Yehowa nnamfo na mefa wɔn nnamfo?’ Nyansa wom sɛ yɛyɛ saa. Ebinom wɔ suban pa na wɔde nnamyɛ nso ka Ahenni ho asɛmpa no. Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani, enti sɛ yɛne nnipa a wɔte saa bɔ a, ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa.—Hwɛ adaka a n’asɛmti ne, “ Hena Ne Adamfo Pa?

ADAMFO PA HO NHWƐSO WƆ BIBLE MU

8. Dɛn na w’ani gye ho kɛse wɔ (a) Naomi ne Rut adamfofa no ho? (b) Hebrifo mmerantewa mmiɛnsa no adamfofa no ho? (d) Paulo ne Timoteo adamfofa no ho?

8 Nhwɛso pii wɔ Kyerɛwnsɛm no mu a ɛma yehu sɛ nnamfo pa a ebinom fae nti, esii wɔn yiye. Nea wubetumi akenkan ho asɛm no bi ne Naomi ne n’asebea Rut ayɔnkofa, Hebrifo mmerantewa mmiɛnsa a na wɔyɛ nnamfo wɔ Babilon, ne Paulo ne Timoteo ayɔnkofa no. (Rut 1:16; Daniel 3:17, 18; 1 Korintofo 4:17; Filipifo 2:20-22) Nanso ma yɛnka nnamfo pa ho nhwɛso foforo ho asɛm: Dawid ne Yonatan adamfofa no.

9, 10. Dɛn na ɛmaa Dawid ne Yonatan faa adamfo?

9 Bible ka sɛ bere a Dawid kum Goliat no, “Yonatan kra fam Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ n’ankasa ne kra.” (1 Samuel 18:1) Saa na ɛyɛe a wɔn ayɔnkofa a emu yɛ den no fii ase. Ɛwom sɛ na baako anyin sen ne yɔnko bebree deɛ, nanso wɔyɛɛ nnamfo kosii sɛ Yonatan wui wɔ akono. * (2 Samuel 1:26) Dɛn na ɛmaa nnipa mmienu yi adamfofa mu yɛɛ den saa?

10 Nea ɛkaa Dawid ne Yonatan boom ne sɛ na wɔdɔ Onyankopɔn na na nokware a wobedi ama no no hia wɔn yiye. Onyankopɔn som na ɛkaa nnipa mmienu no boom. Ná obiara suban yɛ ne yɔnko fɛ. Aberantewa no de akokoduru ko maa Yehowa din ho tewee. Ɛda adi sɛ n’akokoduru ne n’ahokeka no yɛɛ Yonatan fɛ. Yonatan de nokwaredi gyinaa Yehowa nhyehyɛe akyi, na ɔmaa Dawid asɛm hiaa no sen n’ankasa de. Eyi nti, akyinnye biara nni ho sɛ na Dawid bu ɔbarima a wanyin sen ɔno Dawid no. Wo deɛ, dwen ho hwɛ. Bere bi, Yonatan papa otirimɔdenfo, Ɔhene Saul abufuw nti, na Dawid aguan akɔtena sare so sɛ ɔkobɔfo, na na wabotow. Yonatan kyerɛe sɛ ɔyɛ nokwafo paa, efisɛ ɔkɔɔ “Dawid nkyɛn . . . kɔhyɛɛ ne nsam den Onyankopɔn din mu.” (1 Samuel 23:16) Bere a Dawid hui sɛ ne yɔnko berɛbo no aba ne nkyɛn rebɛkyekye ne werɛ na wahyɛ no den no, hwɛ sɛnea Dawid bɛte nka! *

11. Dɛn na wusua fi Yonatan ne Dawid adamfofa no mu?

11 Dɛn na yesua fi Yonatan ne Dawid adamfofa no mu? Nea yesua paa ne sɛ, ade a ehia kɛse wɔ adamfofa mu ne sɛ mobɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo a yɛne wɔn bra hyia a yɛn nyinaa pɛ sɛ yedi Onyankopɔn nokware no bɔ a, obiara betumi akyerɛ n’adwene, aka sɛnea ɔte nka ne ne suahu de ahyɛ ne yɔnko nkuran. (Kenkan Romafo 1:11, 12.) Yebetumi anya nnamfo a wɔntoto wɔn som ase saa wɔ yɛn nuanom Kristofo mu. So eyi kyerɛ sɛ obiara a ɔba nhyiam wɔ Ahenni Asa so no yɛ adamfo pa? Dabi, ɛnte saa ankasa.

SƐNEA YEBENYA NNAMFO PA

12, 13. (a) Kristofo asafo no mu mpo no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn adamfofa yiye? (b) Asomafo no bere so no, ɔhaw bɛn na na ɛwɔ asafo no mu, na kɔkɔbɔ a emu yɛ den bɛn na Paulo de mae?

12 Asafo no mu mpo no, sɛ yɛpɛ sɛ yenya nkɔso wɔ yɛn som mu a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn adamfofa yiye. Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa koraa. Sɛnea nnuaba bi mmere ntɛm wɔ dua so no, saa ara na ebinom nnya nkɔso ntɛm wɔ Kristofo asafo no mu. Enti asafo biara mu no, ɛsono baabi a Kristoni biara anya nkɔso akodu wɔ ɔsom no mu. (Hebrifo 5:12–6:3) Ne nyinaa mu no, yenya wɔn a wɔyɛ foforo ne wɔn a wɔyɛ mmerɛw no ho abotare efisɛ yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn ma wonya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu.—Romafo 14:1; 15:1.

13 Ɛtɔ mmere bi a, ebia biribi bɛkɔ so wɔ asafo no mu a ebehia sɛ yɛhwɛ wɔn a yɛne wɔn bɔ no yiye. Ebetumi aba sɛ ebinom bɛbɔ bra a ɛmfata. Ebia ebinom nso benwiinwii na biribiara renyɛ wɔn fɛ. Saa ara na na ɛte wɔ asafo a na ɛwowɔ hɔ wɔ asomafo no bere so no mu. Ná asafo no mufo dodow no ara di nokware, nanso ebinom ammɔ bra pa. Esiane sɛ na Korintofo asafo no mufo binom mfa Kristofo nkyerɛkyerɛ bi nyɛ adwuma nti, ɔsomafo Paulo bɔɔ asafo no kɔkɔ sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo. Fekubɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:12, 33) Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ne nuanom Kristofo binom betumi abu bra a enye. Enti ɔbɔɔ Timoteo kɔkɔ sɛ ɔntwe ne ho mfi saa nnipa no ho, na ɔne wɔn mmmɔ.—Kenkan 2 Timoteo 2:20-22.

14. Yɛbɛyɛ dɛn de nnyinasosɛm a ɛwɔ Paulo kɔkɔbɔ no mu no ayɛ adwuma wɔ yɛn adamfofa mu?

14 Yɛbɛyɛ dɛn de nnyinasosɛm a ɛwɔ Paulo kɔkɔbɔ no mu ayɛ adwuma? Ɛne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛne obiara a obetumi asɛe yɛn bra no bɔ—wɔn a wɔwɔ asafo no mu ne wɔn a wonni asafo no mu nyinaa. (2 Tesalonikafo 3:6, 7, 14) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛne Yehowa adamfofa ho ban. Kae sɛ yɛte sɛ sapɔw, enti yɛfa yɛn nnamfo suban ne wɔn akwan. Sɛ yɛde sapɔw bɔ nsu fĩ mu a, ɛrentumi nnonnom nsu pa da. Saa ara na sɛ yɛne wɔn a wɔn bra asɛe bɔ a, yɛrentumi nnya suban pa.—1 Korintofo 5:6.

Wubetumi anya nnamfo pa wɔ wo nuanom Kristofo mu

15. Wobɛyɛ dɛn anya nnamfo a wɔntoto wɔn som ase wɔ asafo no mu?

15 Anigyesɛm ne sɛ, yebetumi anya nnamfo pa pii wɔ Kristofo asafo no mu. (Dwom 133:1) Wobɛyɛ dɛn anya nnamfo a wɔntoto wɔn som ase wɔ asafo no mu? Sɛ wunya suban pa na wobɔ wo bra sɛnea ɛsɛ a, nnipa a wɔbɔ bra pa saa ara na wɔbɛbɛn wo. Bio nso ɛho behia sɛ wutu anammɔn de hwehwɛ nnamfo foforo. (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne, “ Nea Ɛma Yenyaa Nnamfo Pa.”) Wɔn a wopɛ sɛ woyɛ sɛ wɔn no na ɛsɛ sɛ wofa wɔn nnamfo. Bible tu yɛn fo sɛ ‘yɛntrɛw yɛn komam.’ Enti fa wo nuanom Kristofo nnamfo ɛmfa ho sɛnea wɔn honam ani hwɛbea te, wɔn abusua, ne ɔman a wofi mu. (2 Korintofo 6:13; kenkan 1 Petro 2:17.) Ɛnyɛ w’atipɛnfo nko na ɛsɛ sɛ wofa wɔn nnamfo. Kae sɛ na Yonatan anyin sen Dawid koraa. Sɛ yɛfa wɔn a wɔanyin sen yɛn nnamfo a, wɔde wɔn suahu ne wɔn nyansa bɛboa yɛn.

SƐNEA YEBEDI NSƐMNSƐM HO DWUMA

16, 17. Sɛ yɛn nua Kristoni bi yɛ ade ma ɛyɛ yɛn yaw a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yegyae asafo no?

16 Esiane sɛ ɛsono sɛnea yɛn mu biara te ne baabi a wɔtetee yɛn nti, ɛwom wom a, nsɛmnsɛm betumi aba asafo no mu. Ebia yɛn nua Kristoni bi bɛka asɛm anaa ɔbɛyɛ biribi ma ahaw yɛn. (Mmebusɛm 12:18) Ɛsono sɛnea obiara yɛ n’ade, enti sɛ asɛm bi ba na yɛannya yɛn ho ntease anaa yɛne afoforo adwene anhyia a, ebetumi de ɔhaw aba. So yɛbɛma asɛm no ahaw yɛn na yɛagyae asafo no? Sɛ yɛdɔ Yehowa ne wɔn a ɔdɔ wɔn no paa a, yɛrenyɛ saa da.

17 Yehowa na ɔbɔɔ yɛn, na ɔno na ɔma yɛn nkwa, enti ɔfata sɛ yɛdɔ no na yefi yɛn koma nyinaa mu som no. (Adiyisɛm 4:11) Afei nso, ɛsɛ sɛ yedi asafo no nokware efisɛ n’ani gye ho sɛ ɔde reyɛ adwuma. (Hebrifo 13:17) Enti sɛ yɛn nua bi di yɛn huammɔ anaasɛ ɔyɛ yɛn ade ma ɛyɛ yɛn yaw a, yɛrenka sɛ ɛno nti yɛregyae asafo no. Ɛnsɛ sɛ ɛba saa da! Ɛnyɛ Yehowa na wayɛ yɛn bɔne. Yehowa ho dɔ nti, yɛrentumi mpo ɔne ne nkurɔfo da!—Kenkan Dwom 119:165.

18. (a) Dɛn na yebetumi ayɛ ama asomdwoe aba asafo no mu? (b) Sɛ ɛfata sɛ yɛde bɔne firi na yɛyɛ saa a, nhyira bɛn na ɛde ba?

18 Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom Kristofo nti, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara ama asomdwoe atena asafo no mu. Yehowa nim sɛ bɔne wɔ wɔn a ɔdɔ wɔn no ho, na saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yehu wɔn. Ɔdɔ ma yebu yɛn ani gu mfomso nketenkete so efisɛ yenim sɛ bɔne wɔ yɛn nyinaa ho, na yedi mfomso. (Mmebusɛm 17:9; 1 Petro 4:8) Ɔdɔ boa yɛn ma yɛde ‘bɔne firifiri yɛn ho korakora.’ (Kolosefo 3:13) Ɛtɔ da bi a ɛyɛ den sɛ yɛde afotu yi bɛyɛ adwuma. Sɛ yɛma abufuw hyɛ yɛn so a, anhwɛ a yebenya obi ho menasepɔw, na yɛasusuw sɛ yɛreyɛ saa de atwe nea wafom yɛn no aso. Nanso sɛ yɛanyi abufuw no amfi yɛn mu a, na yɛrepira yɛn ankasa ho. Sɛ ɛfata sɛ yɛde bɔne firi na sɛ yɛyɛ saa a, ɛde nhyira pii ba. (Luka 17:3, 4) Ɛma yenya asomdwoe ne akomatɔyam, ɛma asafo no mu dwo, na nea ɛsen ne nyinaa no, ɛbɔ yɛne Yehowa adamfofa ho ban.—Mateo 6:14, 15; Romafo 14:19.

BERE A ƐNSƐ SƐ YƐNE OBI BƆ

19. Dɛn na ebetumi asi ama ɛho abehia sɛ yɛne obi twa ayɔnkofa mu?

19 Ɛtɔ mmere bi a, wɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛne obi a ɔwɔ asafo no mu mmmɔ fekuw bio. Nea enti a ɛba saa ne sɛ, sɛ obi bu Onyankopɔn mmara so na wannu ne ho a, yetu no fi asafo no mu. Sɛ obi po Kristofo gyidi na ɔkyerɛkyerɛ atosɛm anaa ɔtwe ne ho fi asafo no ho a, ɔno nso yetu no. Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn pen sɛ yɛne nnipa a wɔte saa no “mmmɔ.” * (Kenkan 1 Korintofo 5:11-13; 2 Yohane 9-11) Ebetumi ayɛ den yiye ama yɛn sɛ yɛne yɛn adamfo anaa yɛn busuani bi betwa ayɔnkofa mu. So yebemia yɛn ani ayɛ saa de akyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa ne ne mmara a ɛteɛ no sen biribiara? Kae sɛ nokwaredi ne osetie ho hia Yehowa paa.

20, 21. (a) Dɛn nti na abɔnefo a yetu wɔn fi asafo no mu no kyerɛ ɔdɔ? (b) Adɛn nti na ehia sɛ yɛhwehwɛ mu yiye ansa na yɛafa nnamfo?

20 Abɔnefo a yetu wɔn fi asafo no mu no yɛ Yehowa nhyehyɛe a ɔdɔ wom. Dɛn ntia? Sɛ obi yɛ bɔne na wannu ne ho na sɛ yetu no a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa na yebu ne din kronkron no ne ne mmara. (1 Petro 1:15, 16) Sɛ yetu obi a, ɛbɔ asafo no ho ban. Ɛbɔ anokwafo ho ban fi wɔn a wɔboapa yɛ bɔne no subammɔne ho. Afei nso ɛmfa ho sɛ yɛte wiase bɔne yi mu no, ɛma yetumi de asomdwoe som wɔ asafo no mu. (1 Korintofo 5:7; Hebrifo 12:15, 16) Saa asotwe a emu yɛ den no kyerɛ nso sɛ yɛdɔ ɔbɔnefo no. Ɛtɔ da bi a, ɛno na ɛbɛma onii no ani aba ne ho so na wasan aba Yehowa nkyɛn.—Hebrifo 12:11.

21 Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ yɛne obi bɔ a, ɛnyɛ den koraa sɛ yebesuasua ne suban. Ɛno nti ehia sɛ yɛhwehwɛ mu yiye ansa na yɛafa nnamfo. Sɛ yɛpɛ nnamfo papa a, wɔn a wɔyɛ Yehowa nnamfo na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn bɔ, na wɔn a Onyankopɔn dɔ wɔn na ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔn. Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani, na nea yebesua afi yɛn nnamfo hɔ no betumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa.

^ nky. 2 Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase nea ɔne nkwasea “bɔ” no nso tumi kyerɛ nea “ɔka [obi] ho,” anaa obi “yɔnko.”—Atemmufo 14:20; Mmebusɛm 22:24.

^ nky. 4 Nea Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnyɛ no yɛ afɔre a na Yehowa de ne Ba a ɔwoo no koro no bɛbɔ ho sɛnkyerɛnne. (Yohane 3:16) Abraham fam no, Yehowa maa no odwennini de sii Isak ananmu.—Genesis 22:1, 2, 9-13.

^ nky. 9 Bere a Dawid kum Goliat no, na Dawid sua, na ɔyɛ “aberantewa” koraa. Yonatan wui no, na Dawid adi bɛyɛ mfe 30. (1 Samuel 17:33; 31:2; 2 Samuel 5:4) Bere a Yonatan wui no, na wadi bɛyɛ mfe 60, enti na ɔbɛkyɛn Dawid bɛyɛ mfe 30.

^ nky. 10 Sɛnea 1 Samuel 23:17 kyerɛ no, Yonatan kaa nneɛma nnum de hyɛɛ Dawid den: (1) Ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ onnsuro. (2) Ɔmaa Dawid awerɛhyem sɛ Saul nsa renka no. (3) Ɔkaee Dawid sɛ sɛnea Onyankopɔn aka no, Dawid bedi hene. (4) Ɔhyɛɛ Dawid bɔ sɛ ɔtaa n’akyi. (5) Ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ Saul mpo nim sɛ ɔno Yonatan taa Dawid akyi.

^ nky. 19 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea yɛne wɔn a wɔatu wɔn ne wɔn a wɔatwe wɔn ho afi asafo no ho di a, hwɛ Nkekaho a n’asɛmti ne “Sɛnea Ɛsɛ sɛ Yɛne Obi a Wɔatu no Di.”