Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 8

Onyankopɔn Dɔ Nnipa a Wɔn Ho Tew

Onyankopɔn Dɔ Nnipa a Wɔn Ho Tew

“Nea ɔma ne ho tew na wobɛtew wo ho ama no.”—DWOM 18:26.

1-3. (a) Dɛn nti na ɔbea bi bɛhwɛ ama ne ba ho atew kama? (b) Dɛn nti na Yehowa pɛ sɛ n’asomfo ho tew, na dɛn na ɛka yɛn ma yedi yɛn ho ni?

ƆBEA bi siesie ne ba ketewa a ɔrepue ho. Ɔhwɛ hu sɛ abofra no aguare na ɔhyɛ atade a ani tew kama. Onim sɛ, sɛ ne ba no ho tew a, obenya apɔwmuden. Afei nso onim sɛ ne ba no ahosiesie bɛma nkurɔfo abɔ abofra no awofo din pa anaa dimmɔne.

2 Yɛn soro Agya Yehowa pɛ sɛ n’asomfo ho tew. N’Asɛm ka sɛ: “Nea ɔma ne ho tew na wobɛtew wo ho ama no.” * (Dwom 18:26) Yehowa dɔ yɛn; onim sɛ, sɛ yɛma yɛn ho tew a, ɛbɛboa yɛn ankasa. Yehowa pɛ sɛ n’Adansefo yɛ ade a ɛbɛma wɔabɔ no din pa. Nokwarem no, sɛ yɛn ho tew na yɛbɔ ɔbra pa a, ɛbɛhyɛ Yehowa ne ne din kronkron no anuonyam, na ɛrengu ho fĩ.—Hesekiel 36:22; kenkan 1 Petro 2:12.

3 Yenim sɛ Onyankopɔn dɔ wɔn a wɔn ho tew, enti ɛka yɛn ma yedi yɛn ho ni. Yɛdɔ no, enti yɛpɛ sɛ yɛn abrabɔ hyɛ no anuonyam. Afei nso, yɛpɛ sɛ yɛde yɛn ho sie ne dɔ mu. Ma yɛnhwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho tew, nea ɛkyerɛ sɛ yɛn ho tew, ne nea yɛbɛyɛ ama yɛn ho atew. Eyi a yɛbɛyɛ no bɛboa yɛn ma yɛahu nea ebia ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho adwuma.

DƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YƐMA YƐN HO TEW?

4, 5. (a) Dɛn titiriw nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho tew? (b) Dɛn na ɛwɔ Yehowa abɔde mu a ɛma yehu sɛ ne ho tew?

4 Ɔkwan baako a Yehowa fa so kyerɛ yɛn nea yɛnyɛ ne sɛ, ɔyɛ nhwɛso ma yɛn. N’asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yensuasua Onyankopɔn.’ (Efesofo 5:1) Ɛno ma yehu ade titiriw a enti ɛsɛ sɛ yɛn ho tew: Yehowa, Onyankopɔn a yɛsom no no di ne ho ni, ne ho tew, na ɔyɛ kronkron wɔ biribiara mu.—Kenkan Leviticus 11:44, 45.

5 Sɛnea Yehowa abɔde ma yehu ne su ne n’akwan pii no, saa ara na ɛma yehu nso sɛ ne ho tew. (Romafo 1:20) Ɔbɔɔ asase sɛ ɛnyɛ baabi a ɛhɔ tew a nnipa bɛtena. Yehowa abɔ nneɛma bi wɔ asase so a ɛma mframa ne nsu mu tew daa. Mmoawammoawa bi yɛ adwuma te sɛ ɔyɛ-ade-yiye, na wosiesie nneɛma funu ma ɛdan nneɛma pa. Mmoawammoawa yi bi didi pii, enti nyansahufo ma wɔnom fango a ehwie gu, na wodi nneɛma foforo a pɛsɛmenkominyafo ne adifudepɛfo de sɛe ade no. Eyi kyerɛ sɛ ahotew ho hia ‘Nea ɔyɛɛ asase no.’ (Yeremia 10:12) Yɛn nso, ɛsɛ sɛ ehia yɛn.

6, 7. Ɔkwan bɛn so na Mose Mmara no sii so dua sɛ ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo nyinaa ho tew?

6 Ade foforo a enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho tew ne sɛ Yehowa, yɛn Tumfoɔ Pumpuni no hwehwɛ sɛ n’asomfo ho tew. Mmara a Yehowa de maa Israelfo no kyerɛe sɛ, sɛ obi ho ntew a ɔrentumi nsom Onyankopɔn. Mmara no kyerɛe sɛ Mpata Da no, ɛsɛ sɛ ɔsɔfopanyin no guare mprenu. (Leviticus 16:4, 23, 24) Ansa na asɔfo no bɛbɔ afɔre ama Yehowa no, na ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho. (Exodus 30:17-21; 2 Beresosɛm 4:6) Mmara no bobɔɔ nneɛma bɛyɛ 70 a sɛ obi yɛ a, ɛma ne nipadua ne ne som ho gu fĩ. Sɛ Israelni ho ntew a, na ɔrentumi nnya ɔsom mu kyɛfa biara. Ɛtɔ mmere bi a, sɛ obu mmara yi so a wotumi kum no mpo. (Leviticus 15:31) Sɛ obi amma wɔannwira ne ho sɛnea mmara no kyerɛ, na wanguare anhoro ne ntade a, na ɛsɛ sɛ ‘wotwa no fi asafo no mu.’—Numeri 19:17-20.

7 Ɛwom sɛ yenni Mose Mmara no ase deɛ, nanso ɛma yehu Onyankopɔn adwene wɔ nneɛma bi ho. Yehu pefee sɛ Mmara no sii so dua sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo ho tew. Yehowa nsesae. (Malaki 3:6) Sɛ yɛn som bɛsɔ n’ani a, gye sɛ “ɛho tew na efĩ biara nni ho.” (Yakobo 1:27) Enti ɛsɛ sɛ yehu nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ wɔ ahotew ho.

NEA ƐMA OBI HO TEW WƆ ONYANKOPƆN ANI SO

8. Nneɛma bɛn mu na Yehowa pɛ sɛ yɛn ho tew?

8 Sɛ Bible ka ahotew ho asɛm a, ɛnkyerɛ honam fam ahotew nkutoo. Sɛ yɛn ho bɛtew wɔ Onyankopɔn ani so a, ɛsɛ sɛ yɛn ho tew wɔ biribiara mu. Yehowa pɛ sɛ yɛn ho tew wɔ nneɛma titiriw nnan bi mu—honhom mu, abrabɔ mu, adwene mu, ne honam mu. Ma yɛnhwɛ nea emu biara kyerɛ.

9, 10. Yɛn ho a yɛbɛma atew wɔ honhom mu no kyerɛ sɛn, na dɛn na nokware Kristofo renyɛ?

9 Honhom mu ahotew. Nea yɛn ho a yɛbɛma atew wɔ honhom mu kyerɛ ara ne sɛ yɛremfa atoro som mfrafra nokware som. Bere a Israelfo fi Babilon resan akɔ Yerusalem no, na ɛsɛ sɛ wotie Onyankopɔn afotu yi: “Mumfi hɔ nkɔ, mommfa mo nsa nnka biribiara a ɛho ntew; . . . montew mo ho.” (Yesaia 52:11) Ade titiriw nti a na Israelfo resan akɔ wɔn man mu ne sɛ na wɔrekɔsom Yehowa bio. Ná ɛsɛ sɛ wɔn som no ho tew. Ná ɛnsɛ sɛ wɔde Babilon som mu nkyerɛkyerɛ, emu nneyɛe ne amanne a egu Onyankopɔn ho fĩ no frafra wɔn som mu.

10 Ɛnnɛ nso, ɛsɛ sɛ nokware Kristofo hwɛ yiye na wɔamfa atoro som angu wɔn ho fĩ. (Kenkan 1 Korintofo 10:21.) Nea enti a ahwɛyiye ho hia wɔ eyi mu ne sɛ atoro som wɔ baabiara. Aman pii so no, wɔde atoro som nkyerɛkyerɛ ahyehyɛ wɔn amammerɛ, wɔn amanne ne wɔn nneyɛe mu. Emu bi ne sɛ wogye di sɛ biribi hyɛ yɛn mu a enwu da. (Ɔsɛnkafo 9:5, 6, 10) Nokware Kristofo mfa wɔn ho nhyɛ amanne a efi atoro nkyerɛkyerɛ mu no mu. * Bible kyerɛ yɛn nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛn som ho atew, na yɛremma afoforo nhyɛ yɛn mma yɛnyɛ biribi foforo biara.—Asomafo Nnwuma 5:29.

11. Yɛn ho a yɛbɛma atew wɔ abrabɔ mu no kyerɛ sɛn, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn abrabɔ ho tew?

11 Abrabɔ mu ahotew. Sɛ yɛbɛma yɛn ho atew abrabɔ mu a, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe biara mu. (Kenkan Efesofo 5:5.) Ehia sɛ yɛbɔ bra pa. Sɛnea ti a edi hɔ no bɛma yɛahu no, sɛ yebetumi atena Onyankopɔn dɔ mu a, ɛsɛ sɛ ‘yeguan aguamammɔ.’ Aguamammɔfo anaa wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe mu na wonnu wɔn ho no “rennya Onyankopɔn ahenni no.” (1 Korintofo 6:9, 10, 18) Onyankopɔn ani so no, wɔn a wɔte saa no yɛ “wɔn a wɔn ho ntew a wɔyɛ atantanne.” Sɛ wɔanhwɛ amma wɔn ho antew a, nea ‘wobenya ne owuprenu no.’—Adiyisɛm 21:8.

12, 13. Nea obi dwen ho no ka nea ɔyɛ dɛn, na yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn adwenem atew?

12 Adwenem ahotew. Nea ɛwɔ obi adwene mu na ɔyɛ ho adwuma. Sɛ yɛma nneɛma bɔne ase tim wɔ yɛn adwene ne yɛn komam a, ɛwom ara a, yɛbɛyɛ nneɛma a ɛho ntew. (Mateo 5:28; 15:18-20) Nanso sɛ yɛde nneɛma pa a ɛho tew hyɛ yɛn adwenem a, ɛbɛma yɛn abrabɔ ho atew. (Kenkan Filipifo 4:8.) Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn adwenem atew? Ade baako a ehia sɛ yɛyɛ ne sɛ yɛbɛkwati anigyede biara a ebetumi asɛe yɛn adwene. * Bio nso, sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm daa a, ɛbɛma yɛde adwempa ahyɛ yɛn tirim.—Dwom 19:8, 9.

13 Sɛ yɛbɛtena Onyankopɔn dɔ mu a, ehia sɛ yɛma yɛn ho tew wɔ honhom mu, abrabɔ mu, ne adwene mu. Wɔakyerɛkyerɛ ahotew a ɛte saa mu kɔ akyiri wɔ nhoma yi afã foforo. Afei ma yɛnhwɛ nea ɛto so nnan no—honam mu ahotew.

YƐBƐYƐ DƐN AMA YƐN HO ATEW ƆHONAM MU?

14. Dɛn nti na honam mu ahotew nyɛ ankorankoro asɛm kɛkɛ?

14 Honam mu ahotew kyerɛ sɛ yɛbɛma yɛn nipadua ne baabi a yɛte atew. Esiane sɛ honam mu ahotew yɛ ankorankoro asɛm nti, ɛmfa obiara ho anaa? Yehowa asomfo fam deɛ, ɛnte saa koraa. Yɛaka dedaw sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛn ho tew honam mu, efisɛ ɛboa yɛn, na ɛma wɔbɔ no din pa nso. Dwinnwen mfatoho a ɛwɔ nkyekyɛm a edi kan no ho. Sɛ wuhu sɛ abofra bi ho yɛ fĩ bere nyinaa a, so ɛremma wunnya n’awofo ho adwene bi? Yɛmpɛ sɛ yɛn ahosiesie anaa yɛn abrabɔ ma wɔbɔ yɛn soro Agya no dimmɔne anaa ɛsɛe asɛm a yɛka no. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Yɛnto hintidua biribiara mu, na wɔannya yɛn som adwuma no ho asɛm biara; na mmom ade nyinaa mu yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn asomfo.” (2 Korintofo 6:3, 4) Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn ho atew wɔ ɔhonam mu?

15, 16. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de kyerɛ sɛ yedi yɛn ho ni, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ yɛn ntade ho?

15 Momma yenni yɛn ho ni na yɛn ntade ani ntew. Ɛwom, ɛsono ɔman biara ne emu nsɛm, nanso samina ne nsu a yɛde beguare daa ama yɛne yɛn mma ho atew deɛ, ɛho ntaa nyɛ na. Sɛ yedi yɛn ho ni a, yɛde samina ne nsu bɛhohoro yɛn nsa ansa na yɛadidi anaa yɛaso aduan mu, na sɛ yɛkɔ agyanan so anaasɛ abofra sɛe ne ho na yɛhohoro ne ho anaa yɛsesa ne ho wie a, ɛsɛ sɛ yɛhohoro yɛn nsa. Samina ne nsu a yɛde bɛhohoro yɛn nsa no betumi abɔ yɛn ho ban afi nyarewa ho, na ebetumi agye yɛn nkwa mpo. Ebetumi abɔ nkurɔfo ho ban afi ɔyare mmoawa ho, na ɛbɛboa wɔn na wɔannya ayamtu. Aman bi mu no, afie pii nni nnorobɛn a nsufĩ fa mu kɔ. Baabi a ɛte saa no, wobetumi atutu fam na sɛ wogya wɔn anan wie a, wɔakata so sɛnea na tete Israelfo yɛ no.—Deuteronomium 23:12, 13.

16 Yɛn ntade nso, ɛsɛ sɛ yɛhoro daa ma ani tew. Ɛnyɛ atade a ne bo yɛ den anaa aba so a Kristoni bi bɛhyɛ ne asɛm no, na mmom ɛsɛ sɛ ɔma ani tew kama, na ɛyɛ nea ɛfata. (Kenkan 1 Timoteo 2:9, 10.) Ɛmfa ho baabi a yɛte biara no, ɛsɛ sɛ yɛn ahosiesie ma ‘yɛn Agyenkwa Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ ho ba nyam.’—Tito 2:10.

17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn fie ne ɛho nyinaa tew kama?

17 Yɛn fie ne ɛhɔ nneɛma. Ebia yɛn fie nkyɛn so, nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara ma ɛhɔ tew. Sɛ yɛwɔ kar a yɛde kɔ nhyiam ne asɛnka nso a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ ma emu ne ɛho nyinaa tew. Yɛnkae sɛ, sɛ yɛn fie mu ne ɛho tew a, ɛno mpo tumi di adanse. Yɛtaa ka kyerɛ nkurɔfo sɛ Yehowa yɛ ahotew Nyankopɔn ma enti ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no,’ na ɛrenkyɛ koraa n’Ahenni no bɛma asase nyinaa adan paradise. (Adiyisɛm 11:18; Luka 23:43) Ɔkwan biara so no, ɛsɛ sɛ yɛn fie ne yɛn nneɛma ma afoforo hu sɛ ɛnnɛ mpo yɛresua sɛ yɛde ahotew bɛbɔ yɛn bra sɛnea ɛbɛkɔ so wɔ wiase foforo a ɛreba no mu no.

Sɛ yɛbɛma yɛn ho atew ɔhonam mu a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn nipdua ne yɛn nneɛma nso ho tew

18. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛwɔ obu ma yɛn Ahenni Asa?

18 Baabi a yehyiam som. Yehowa ho dɔ ka yɛn ma yenya obu ma yɛn Ahenni Asa, baabi titiriw a nokware som kɔ so wɔ mpɔtam hɔ no. Sɛ nnipa foforo ba Ahenni Asa so a, ɛsɛ sɛ wohu sɛ baabi a yehyiam no tew. Nea ɛbɛyɛ na asa no ayɛ fɛ bere nyinaa no, ehia sɛ daa yesiesie hɔ na yɛyɛ nneɛma a ɛho atɔ kyima nso yiye. Sɛ yɛyɛ yɛn fam de ma yɛn Ahenni Asa yɛ kama a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛwɔ obu ma asa no. Ɛyɛ hokwan sɛ yebetu yɛn ho ama ‘asiesie’ yɛn Ahenni Asa so. (2 Beresosɛm 34:10) Saa ara na ɛsɛ sɛ yetu yɛn ho ma siesie Nhyiam Asa so anaa baabi foforo biara a yɛyɛ amansin ne amantam nhyiam no.

YƐNTWE YƐN HO MFI SUBAN NE NNEYƐE A ƐHO NTEW HO

19. Sɛ yɛbɛma yɛn ho atew ɔhonam mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati, na dɛn na ɛwɔ Bible mu a ɛboa yɛn wɔ asɛm yi mu?

19 Sɛ yɛbɛma yɛn ho atew ɔhonam mu a, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi suban ne nneyɛe a ɛho ntew ho; ebi ne sigaretnom, asabow, ne nnubɔne a wɔde di dwuma. Bible mmobɔ suban a ɛho ntew a abu so nnɛ no nyinaa din mmaako mmaako, nanso nnyinasosɛm a ɛwom no ma yehu sɛnea Yehowa te nka wɔ saa nneɛma no ho. Esiane sɛ yenim Yehowa adwene wɔ nneɛma ho nti, ɔdɔ a yɛwɔ ma no no ka yɛn ma yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani. Ma yɛnhwɛ Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm nnum bi.

20, 21. Nneyɛe bɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho, na ade titiriw bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa?

20 “Adɔfo, esiane sɛ yɛwɔ bɔhyɛ ahorow yi nti, momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa ho, na yɛn ahotew adi mũ Onyankopɔn suro mu.” (2 Korintofo 7:1) Yehowa pɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi nneyɛe a ebetumi agu yɛn nipadua ne yɛn honhom anaa yɛn adwene ho fĩ ho. Enti ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribi a ebetumi aka yɛn hɔ a ebetumi nso asɛe yɛn nipadua ne yɛn adwene.

21 Bible kyerɛ yɛn ade titiriw a enti ɛsɛ sɛ ‘yɛhohoro yɛn ho fi ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa ho.’ Hyɛ no nsow sɛ 2 Korintofo 7:1 fi ase sɛ: “Esiane sɛ yɛwɔ bɔhyɛ ahorow yi nti.” Bɔhyɛ bɛn? Ná Yehowa adi kan ahyɛ bɔ sɛ: “Megye mo. Na mɛyɛ mo agya.” (2 Korintofo 6:17, 18) Wo deɛ, dwinnwen ho hwɛ: Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ wo ho ban na wadɔ wo sɛnea agya yɛ ne ba no. Nanso sɛ Yehowa bedi ne bɔhyɛ yi so a, gye sɛ wotwe wo ho fi “ɔhonam ne honhom” mu fĩ ho. Enti hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ nkwaseasɛm sɛ suban anaa nneyɛe a ɛyɛ tan bi nti, wo ne Yehowa ntam ayɔnkofa pa a emu yɛ den saa yi bɛbɔ wo!

22-25. Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm bɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛakwati suban ne nneyɛe bi a ɛho ntew?

22 “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Mateo 22:37) Yesu hyɛɛ da kaa ahyɛde yi ho asɛm sɛ ɛyɛ kɛse sen ne nyinaa. (Mateo 22:38) Ɛfata sɛ yɛdɔ Yehowa saa. Sɛ yɛde yɛn koma nyinaa, yɛn kra nyinaa, ne yɛn adwene nyinaa bɛdɔ no a, ɛsɛ sɛ yɛkwati nneyɛe bi a ebetumi atwa yɛn nkwa so anaa ebetumi asɛe adwene a Onyankopɔn de ama yɛn no.

23 [Yehowa] na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome ne nneɛma nyinaa.” (Asomafo Nnwuma 17:24, 25) Nkwa yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. Yɛdɔ Nkwamafo no, enti yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ saa akyɛde no ho anisɔ. Yɛkwati suban anaa nneyɛe biara a ɛbɛsɛe yɛn apɔwmuden, efisɛ yenim sɛ nneyɛe a ɛtete saa no kyerɛ sɛ yemmu nkwa a ɔde akyɛ yɛn no koraa.—Dwom 36:9.

24 “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Mateo 22:39) Sɛ obi kura suban bi anaa ɔyɛ nneɛma bi a ɛho ntew a, ɛnyɛ ne nkutoo na ɛka no; ɛka wɔn a wɔbɛn no nso. Enti sɛ obi renom sigaret a, ne wusiw no betumi apira obi a ogyina nkyɛn mpo. Sɛ obi pira nnipa a wɔbɛn no a, ɛbɛkyerɛ sɛ wamfa Onyankopɔn mmara a ese yɛnnɔ yɛn yɔnko no anyɛ adwuma. Ɛbɛkyerɛ nso sɛ ɔnnɔ Onyankopɔn.—1 Yohane 4:20, 21.

25 [Mommrɛ mo] ho ase nyɛ osetie mma nniso ne tumi horow.” (Tito 3:1) Aman pii so no, mmara mma kwan sɛ wobehu nnuru bi wɔ obi ho anaasɛ ɔde bedi dwuma. Yɛyɛ nokware Kristofo, enti sɛ wɔbara nnuru bi a, yɛrenkɔpɛ bi anaa yɛremfa nni dwuma.—Romafo 13:1.

26. (a) Sɛ yɛbɛtena Onyankopɔn dɔ mu a, dɛn na ehia sɛ yɛyɛ? (b) Adɛn nti na mfaso wɔ so paa sɛ yɛma yɛn ho tew wɔ Onyankopɔn anim?

26 Sɛ yɛbɛtena Onyankopɔn dɔ mu a, ɛnyɛ ade baako anaa mmienu pɛ na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho tew wɔ mu. Ɛsɛ sɛ yɛn ho tew wɔ biribiara mu. Ɛrenyɛ mmerɛw sɛ yebegyae suban ne nneyɛe a ɛho ntew anaa yɛbɛkwati, nanso ɛmmoro yɛn ahoɔden so. * Nokwarem no, ɛno ne abrabɔ a mfaso wɔ so paa, efisɛ Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn daa sɛnea ɛbɛyɛ a ebesi yɛn yiye. (Kenkan Yesaia 48:17.) Nea ehia sen ne nyinaa no, sɛ yɛma yɛn ho tew a, yenya abotɔyam efisɛ ɛma nkurɔfo bɔ yɛn Nyankopɔn a yɛdɔ no no din pa, na ɛma yɛtena ne dɔ mu.

^ nky. 2 Kasa a wodii kan de kyerɛw Bible no, asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘ahotew’ no tumi kyerɛ honam fam ahotew, nanso mpɛn pii no, ɛkyerɛ abrabɔ ne honhom mu ahotew.

^ nky. 26 Hwɛ adaka a n’asɛmti ne, “ So Mebɔ Mmɔden sɛ Mɛyɛ Nea Ɛteɛ?” ne adaka a n’asɛmti ne, “ Onyankopɔn Fam De, Ade Nyinaa Betumi Ayɛ Yiye” no.

^ nky. 67 Ɛnyɛ ne din ankasa.