Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 9

“Munguan Aguamammɔ!”

“Munguan Aguamammɔ!”

“Munkum mo nipadua akwaa a ɛwɔ asase so no wɔ aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ, nkate bɔne, ne anibere a ɛyɛ abosonsom ho.”—KOLOSEFO 3:5.

1, 2. Pɔw bɛn na Balaam bɔe sɛ ɔbɛsɛe Yehowa nkurɔfo?

ƆBARIMA bi kɔɔ baabi a ɔtaa yi mpataa. Na ɔwɔ apataa pɔtee bi wɔ n’adwenem a ɔpɛ sɛ oyi. Ɔde nam hyɛɛ darewa no ano na ɔtow too nsu no mu. Ankyɛ koraa na hama a ɛsã darewa no so no mu yɛɛ den na abaa no mu koae, na ɔtwee apataa a wayi no. Afei ɔserewee efisɛ ohui sɛ wapaw nam a ɛfata ahyɛ darewa no ano.

2 Afe 1473 A.Y.B. mu no, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Balaam pɛɛ kwan bi a ɔbɛfa so asum nnipa bi afiri. Wɔn a na wɔwɔ n’adwenem sɛ obeyi wɔn ne Onyankopɔn nkurɔfo a wɔabɛsoɛ Moab Tataw so wɔ Bɔhyɛ Asase no hye so no. Balaam yɛɛ ne ho sɛ Yehowa diyifo, nanso na ɔyɛ odifudepɛfo a wɔabɔ no paa sɛ ɔmmɛdome Israel. Yehowa de ne ho gyee mu, na nea Balaam tumi yɛe ara ne sɛ ohyiraa Israel mmom. Nanso na Balaam asi ne bo sɛ ne nsa bɛka n’akatua, enti osusuwii sɛ, sɛ otumi daadaa Israelfo ma wɔde wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe mu a, Onyankopɔn bɛdome n’ankasa ne nkurɔfo. Esiane sɛ na saa botae no wɔ Balaam adwenem nti, osum n’afiri no; ɔde Moab mmabaa a wɔn bra asɛe no na ɛyɛɛ saa.—Numeri 22:1-7; 31:15, 16; Adiyisɛm 2:14.

3. Pɔw a Balaam bɔe no dii dwuma koduu he?

3 So afiri a osumii no yɛɛ adwuma? Yiw, ɛyɛɛ adwuma. Israelfo mmarima mpempem na wɔtɔɔ saa afiri no mu ne “Moab mmabaa bɔɔ aguaman.” Wofii ase mpo som Moab abosom a Baal-Peor a ɔyɛ awo anaa ɔbea ne ɔbarima nna nyame no ka ho. Ná eyi yɛ abofonode. Nea efii mu bae ne sɛ Israelfo 24,000 wuwui bere a na aka kakraa bi ma wɔadu Bɔhyɛ Asase no so no. Awerɛhosɛm kɛse bɛn ara ni!—Numeri 25:1-9.

4. Dɛn na ɛmaa Israelfo mpempem pii de wɔn ho hyɛɛ ɔbrasɛe mu?

4 Dɛn so na ɛnam maa saa ɔhaw kɛse yi bae? Ná wɔn mu pii anya koma bɔne, efisɛ na wɔatwe wɔn ho afi Yehowa, Onyankopɔn a oyii wɔn fii Egypt maa wɔn aduan wɔ sare so na ɔbɔɔ wɔn ho ban kɔɔ bɔhyɛ asase so no ho. (Hebrifo 3:12) Bere a eyi wɔ ɔsomafo Paulo adwenem no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mommma yɛmmfa yɛn ho nnhyɛ aguamammɔ mu sɛnea wɔn mu binom bɔɔ aguaman na wɔn mu mpem aduonu abiɛsa totɔe da koro no.” *1 Korintofo 10:8.

5, 6. Dɛn nti na kyerɛwtohɔ a ɛfa bɔne a Israelfo yɛe wɔ Moab Tataw so no ho hia yɛn nnɛ?

5 Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Numeri nhoma no mu no wɔ asuade a ɛho hia pii ma Onyankopɔn nkurɔfo a ɛrenkyɛ wɔbɛhyɛn bɔhyɛ asase kɛse bi so no. (1 Korintofo 10:11) Sɛ nhwɛso no, ɛnnɛ ɔbea ne ɔbarima nna ho akɔnnɔ agye wiase no ti asen tete Moabfo no koraa. Afei nso, ɔbrasɛe a eyii Israelfo no yi Kristofo mpempem pii afe biara. (2 Korintofo 2:11) Ɛnnɛ, ebinom a wɔde wɔn ho abɛbɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho no suasua Simri a osii ne bo de Moabni bea faa Israelfo ani so kɔhyɛɛ ne ntamadan mu no. Saafo yi de wɔn brasɛe no nya ebinom so nkɛntɛnso bɔne wɔ Kristofo asafo no mu.—Numeri 25:6, 14; Yuda 4.

6 So wuhu wo ho te sɛ nea wowɔ Moab Tataw so nnɛ? So wuhu w’akatua no—wiase foforo a wode bere tenten atwɛn no—sɛ ɛreba? Sɛ saa a, yɛ nea wubetumi biara sɛ wobɛtena Onyankopɔn dɔ mu, na di n’ahyɛde yi so: ‘Guan aguamammɔ.’—1 Korintofo 6:18.

Sɛnea Moab Tataw te

DƐN NE AGUAMAMMƆ?

7, 8. Dɛn ne “aguamammɔ,” na ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔde wɔn ho hyem no twa so aba?

7 Sɛ Bible ka “aguamammɔ” (Hela, por·neiʹa) a, nea ɛkyerɛ ne nna mu ɔbrasɛe a ɛkɔ so wɔ nnipa a wɔnwaree wɔ Kyerɛwnsɛm kwan so no ntam. Eyinom bi ne awaresɛe, tuutuusi, ne nna mu nkitahodi a ɛkɔ so wɔ ɔbarima ne ɔbea a wɔnyɛ awarefo ntam, ɔbarima dua ho anaa ɔbea ase a wɔn a wɔnyɛ awarefo taforo anaa wɔgoro, ne obi to a wɔfa. Nea ɛka ho nso ne mmarima a wɔne mmarima anaa mmea a wɔne mmea yɛ saa nna mu adapaade yi ne nnipa a wɔne mmoa da. *

8 Kyerɛwnsɛm no mu da hɔ pefee: Wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ aguamammɔ anaa nna mu ɔbrasɛe mu no rentumi ntena Kristofo asafo no mu, na wɔrennya daa nkwa. (1 Korintofo 6:9; Adiyisɛm 22:15) Nea ɛka ho no, ɛnnɛ mpo wɔde ɔhaw kɛse ba wɔn ho so; emu bi ne ahotoso ne obu a wɔhwere ne aware mu nsɛnnennen, ahonim a ɛhaw wɔn, nyinsɛn a wɔnhwɛ kwan, nyarewa, ne owu. (Kenkan Galatifo 6:7, 8.) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode wo ho hyɛ biribi a ebewie amanehunu mu? Awerɛhosɛm ne sɛ nnipa pii ntumi nhu sɛ adebɔne bi na ɛkɔfa eyinom nyinaa ba. Mpɛn pii no nea ɛkɔprɛw ɔhaw no ne aguamansɛm anaa ponografi.

PONOGRAFI—NEA ƐKƆPRƐW ƆHAW NO

9. So ɔhaw biara nni ponografi mu sɛnea ebinom kyerɛ no? Kyerɛkyerɛ mu.

9 Aman pii so no, ponografi da adi wɔ atesɛm nkrataa ne nnwom mu, ne television so, na abu so wɔ Intanɛt so. * So ɔhaw biara nni mu sɛnea ebinom kyerɛ no? Ɛnte saa koraa! Sɛ obi kɔ so hwɛ ponografi a, obetumi de ne ho ahyɛ boasipem (masturbation) mu ma aka ne hɔ, na ɛbɛma “nna ho akɔnnɔ a ɛyɛ aniwu” adɛw wɔ ne mu. Eyinom nyinaa betumi ama ɔbarima ne ɔbea nna abɔ no dam, na ɛde akɔnnɔ bɔne, aware mu ntɔkwaw, ne awaregyae mpo aba. * (Romafo 1:24-27; Efesofo 4:19) Nhwehwɛmufo bi de ɔbarima ne ɔbea nna a ɛbɔ obi dam no toto kokoram ho. Ɔka sɛ: “Ɛkɔ so nyin na ɛtrɛw, na n’ankasa ntumi nnyae, na ne sa nso yɛ den.”

Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛde Intanɛt besi petee mu wɔ yɛn fie

10. Akwan bɛn so na yebetumi de nnyinasosɛm a ɛwɔ Yakobo 1:14, 15 no adi dwuma? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Ɔkwan Bi a Mefaa So Tumi Kuraa Abrabɔ Pa Mu” no nso.)

10 Susuw asɛm a wɔakyerɛw wɔ Yakobo 1:14, 15 no ho. Ɛkenkan sɛ: “Nea ɛsɔ obi hwɛ ne n’ankasa akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no brada. Afei sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne; na bɔne no nso nyin a, ɛwo owu.” Enti sɛ akɔnnɔ bɔne ba w’adwenem a, yɛ nea wubetumi biara yi fi w’adwenem ntɛm ara! Sɛ nhwɛso no, sɛ w’ani kɔbɔ mfonini bi a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ so wɔ Intanɛt anaasɛ TV so a, dum no anaa sesa baabi a ɛda no. Yɛ nea ɛho hia biara fa kwati akɔnnɔ bɔne ansa na agye nsam koraa!—Kenkan Mateo 5:29, 30.

11. Sɛ yɛreko atia akɔnnɔ bɔne a, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso?

11 Ntease pa bi nti na nea onim yɛn yiye sen sɛnea yenim yɛn ho no tu yɛn fo sɛ: “Munkum mo nipadua akwaa a ɛwɔ asase so no wɔ aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ, nkate bɔne, ne anibere a ɛyɛ abosonsom ho.” (Kolosefo 3:5) Nokwarem no, saa a wobɛyɛ no nna fam. Nanso kae sɛ yɛwɔ ɔsoro Agya bi a ɔwɔ ɔdɔ ne boasetɔ a yebetumi akɔ ne nkyɛn. (Dwom 68:19) Enti sɛ nsusuwii bɔne bi ba w’adwenem a, dan kɔ ne nkyɛn ntɛm ara. Bɔ mpae fa hwehwɛ “tumi a ɛboro onipa de so,” na hyɛ wo ho fa w’adwene si nneɛma afoforo so.—2 Korintofo 4:7; 1 Korintofo 9:27; hwɛ adaka a n’asɛmti ne, “ Mɛyɛ Dɛn Atumi Adi Nneyɛe Bɔne Bi So?

12. Yɛn “koma” gyina hɔ ma dɛn, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho ban?

12 Onyansafo Solomon kyerɛwee sɛ: “Bɔ wo koma ho ban sen nea wode sie nyinaa, efisɛ emu na nkwa nsuti wɔ.” (Mmebusɛm 4:23) Yɛn “koma” yɛ yɛn nipasu, na ɛkyerɛ sɛnea yɛte ankasa wɔ Onyankopɔn ani so. Bio nso, sɛnea Onyankopɔn hu yɛn “koma” na ɛbɛkyerɛ sɛ yebenya daa nkwa anaasɛ yɛrenya—ɛnyɛ sɛnea afoforo hu yɛn. Asɛm no ara ni, nanso ɛyɛ aniberesɛm. Ɔnokwafo Hiob ne n’aniwa yɛɛ apam, na wanhwɛ ɔbea wɔ ɔkwammɔne so. (Hiob 31:1) Nhwɛso fɛfɛ bɛn ara ni! Ná odwontofo no wɔ adwenkoro no ara, na ɔbɔɔ mpae sɛ: “Mma m’aniwa nnhwɛ ahuhude.”—Dwom 119:37.

DINA ANYƐ N’ADE NYANSAM

13. Ná hena ne Dina, na dɛn nti na wampaw nnamfo nyansam?

13 Sɛnea yehui wɔ Ti 3 no, yɛn nnamfo betumi anya nkɛntɛnso pa anaa nkɛntɛnso bɔne wɔ yɛn so. (Mmebusɛm 13:20; kenkan 1 Korintofo 15:33.) Susuw agya panyin Yakob babea Dina nhwɛso no ho hwɛ. Ntetee pa a wɔde maa Dina nyinaa akyi no, ɔfaa Kanaanfo mmea nnamfo; na eyi yɛ ade a nyansa nni mu. Ná Kanaanfo bra asɛe pɔtɔɔ te sɛ Moabfo. (Leviticus 18:6-25) Enti na Sekem—a ɔwɔ “anuonyam sen obiara” wɔ ne papa fie—ne Kanaan mmarima a aka no bu Dina sɛ ɔbea a wobetumi anya no.—Genesis 34:18, 19.

14. Awerɛhosɛm bɛn na nnamfo a Dina pawee no de bae?

14 Ebetumi aba sɛ na Dina nni ɔbea ne ɔbarima nna ho adwene biara bere a ohuu Sekem no. Nanso Sekem yɛɛ nea anka Kanaanni aberante biara bɛyɛ bere a wanya ɔbea bi ho akɔnnɔ no. Mmɔden biara a ebia Dina bɔe sɛ obegye ne ho no yɛɛ kwa, efisɛ ‘ɔfaa no guu ne ho fĩ.’ Ɛbɛyɛ sɛ akyiri yi Sekem ‘dɔɔ’ Dina, nanso na wayɛ no nea ɔbɛyɛ no awie. (Kenkan Genesis 34:1-4.) Ɛnyɛ Dina nkutoo na ohuu amane wɔ asɛm yi mu. Nnamfo a ɔpawee no de animguase ne ahohorabɔ baa n’abusuafo nyinaa so.—Genesis 34:7, 25-31; Galatifo 6:7, 8.

15, 16. Yɛbɛyɛ dɛn anya nokware nyansa? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Kyerɛwnsɛm a Ehia sɛ Yesusuw Ho” no nso.)

15 Sɛ Dina suaa biribi titiriw bi fii mu mpo a, anyɛ mmerɛw amma no. Ɛho nhia sɛ wɔn a wɔdɔ Yehowa na wɔyɛ osetie ma no no nya asetena mu osuahu a ɛyɛ awerɛhow saa. Esiane sɛ wotie Onyankopɔn nti, wɔne ‘anyansafo na ɛnantew.’ (Mmebusɛm 13:20a) Wɔbɛte “papayɛ akwan nyinaa” ase na wɔakwati ɔhaw ahorow ne yaw a ɛho nhia.—Mmebusɛm 2:6-9; Dwom 1:1-3.

16 Wɔn a wɔhwehwɛ Onyankopɔn nyansa no betumi anya nyansa yi bere a wokura mpaebɔ mu na wosua Onyankopɔn Asɛm ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma no nhoma ahorow daa no. (Mateo 24:45; Yakobo 1:5) Nea ɛho hia bio nso ne ahobrɛase. Eyi da adi bere a yeyi yɛn yam de Kyerɛwnsɛm mu afotu di dwuma no. (2 Ahene 22:18, 19) Sɛ nhwɛso no, Kristoni begye atom sɛ ne koma yɛ okontomponi a ne ho yɛ ahometew. (Yeremia 17:9) Nanso sɛ asɛm bi sɔre a, ɔbɛbrɛ ne ho ase agye afotu ne mmoa a wofi ɔdɔ mu de rema no no atom anaa?

17. Ka tebea bi a ebetumi asɔre wɔ abusua bi mu, na kyerɛ ɔkwan a agya bi betumi afa so ne ne babea asusuw ho.

17 Susuw tebea yi ho hwɛ. Agya bi mpɛ sɛ ɔbɛma ne babea ne Kristoni aberante bi nkutoo apue a obiara nka wɔn ho. Ababaa no ka sɛ: “Papa, adɛn, wunnye me nni? Yɛrenyɛ bɔne biara!” Ebia ababaa no dɔ Yehowa na ɔwɔ adwempa, nanso yebetumi aka sɛ ‘ɔnam nyansam’ anaa? So ‘ɔreguan aguamammɔ’? Anaa ‘ɔde ne ho reto n’ankasa koma so’ mmom? (Mmebusɛm 28:26) Ebia wubetumi ahu nnyinasosɛm foforo a ɛbɛboa agya no ne ne babea no bere a wɔresusuw asɛm yi ho no.—Hwɛ Mmebusɛm 22:3; Mateo 6:13; 26:41.

YOSEF GUANEE AGUAMAMMƆ

18, 19. Sɔhwɛ bɛn na Yosef hyiae wɔ n’asetenam, na odii ho dwuma sɛn?

18 Aberante bi a na ɔdɔ Onyankopɔn a oguanee aguamammɔ ne Dina papa ba Yosef. (Genesis 30:20-24) Bere a Yosef yɛ abofra no, n’ankasa de n’ani huu nea ɛbae bere a ne nuabea no anyɛ n’ade nyansam no. Akyinnye biara nni ho sɛ Yosef kaee saa nsɛm yi, na eyi ne ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔbɛtena Onyankopɔn dɔ mu no bɔɔ ne ho ban mfe bi akyi wɔ Egypt bere a ne wura yere bɔɔ mmɔden “da biara” sɛ anka obenya no ne no ada no. Nanso esiane sɛ na Yosef yɛ akoa nti na ɔrentumi nnyae adwuma no kɛkɛ mfi hɔ nkɔ! Na ɛsɛ sɛ ɔde nyansa ne akokoduru di tebea no ho dwuma. Enti ɔpoo Potifar yere no, na awiei koraa no oguan fii ne nkyɛn.—Kenkan Genesis 39:7-12.

19 Susuw ho hwɛ: Sɛ Yosef nyaa ɔbea no ho akɔnnɔ anaa na ɔtaa dwinnwen ɔbea ne ɔbarima nna ho a, so anka obetumi agyina ne mudi mu? Ebia anka ɔrentumi nnyina mu. Sɛ́ anka Yosef besusuw nneɛma bɔne ho daa no, obuu ɔne Yehowa ntam abusuabɔ no sɛ ade a ɛsom bo, na ɛdaa adi wɔ nsɛm a ɔka kyerɛɛ Potifar yere no mu. Ɔkae sɛ: ‘Me wura mfa biribiara nkame me gye wo, efisɛ woyɛ ne yere. Enti ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumɔyɛsɛm a ɛte sɛɛ na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?’—Genesis 39:8, 9.

20. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de no ho gyee Yosef asɛm no mu?

20 Hwɛ sɛnea Yehowa ani begye bere a ohu sɛ aberante Yosef kɔ so kura ne mudi mu da biara da, ɛmfa ho mpo sɛ ɔmmɛn n’abusuafo no. (Mmebusɛm 27:11) Akyiri yi, Yehowa de ne ho gyee nsɛm mu ma woyii Yosef fii afiase san yɛɛ no Egypt soafo panyin ne aduan sohwɛfo! (Genesis 41:39-49) Hwɛ sɛnea asɛm a ɛwɔ Dwom 97:10 yi yɛ nokware: “Mo a modɔ Yehowa nyinaa, munkyi bɔne. Ɔwɛn n’anokwafo kra; ogye wɔn fi nnebɔneyɛfo nsam”!

21. Ɔkwan bɛn so na onua aberante bi a ofi Afrika man bi so daa akokoduru adi wɔ abrabɔ pa ho?

21 Ɛnnɛ nso, Onyankopɔn asomfo pii da wɔn ho adi sɛ ‘wɔtan bɔne na wɔdɔ papa.’ (Amos 5:15) Onua aberante bi a ɔwɔ Afrika man bi so kae sɛ ne sukuuni bea bi sii ne bo ka kyerɛɛ no sɛ, sɛ ɔboa no wɔ akontaa ho sɔhwɛ bi mu a, ɔde ne ho bɛma no. Ɔkae sɛ: “Mepoo no ntɛm ara. Me mudi mu a mikurae no ama makɔ so anya nidi ne obu, na eyi som bo sen sika ne dwetɛ koraa.” Nokwarem no, yebetumi anya “bɔne mu anigye bere tiaa bi” deɛ, nanso anigye a etwam ntɛmntɛm yi taa de yaw kɛse na ɛba. (Hebrifo 11:25) Bio nso, sɛ wode toto daa anigye a yenya fi osetie a yɛyɛ ma Yehowa no ho a, ɛnsɛ hwee koraa.—Mmebusɛm 10:22.

NYA MMOA FI MMƆBORƆHUNU NYANKOPƆN NO HƆ

22, 23. (a) Sɛ Kristoni bi yɛ bɔne a anibere wom a, dɛn nti na ne tebea no nsɛee koraa? (b) Mmoa bɛn na ɛwɔ hɔ ma nea wayɛ bɔne no?

22 Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, egye mmɔdenbɔ na yɛatumi adi honam akɔnnɔ so na yɛayɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. (Romafo 7:21-25) Yehowa nim eyi na “ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” (Dwom 103:14) Nanso, ɛtɔ da bi a Kristoni bi betumi ayɛ bɔne a anibere wom. So anidaso biara nni hɔ mma no? Ɛnte saa koraa! Nokwarem no, nea wayɛ bɔne no betwa so aba a ɛyɛ yaw, sɛnea ɛtoo Ɔhene Dawid no. Nanso bere biara, Onyankopɔn wɔ ‘ɔpɛ sɛ ɔde bɔne befiri’ wɔn a wonu wɔn ho na ‘wɔka wɔn bɔne kyerɛ pefee no.’—Dwom 86:5; Yakobo 5:16; kenkan Mmebusɛm 28:13.

23 Bio nso, Onyankopɔn fi ayamye mu de ‘nnipa mu akyɛde’ ama Kristofo asafo no. Eyinom ne ahwɛfo a wɔn ho akokwaw a wɔfata na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔde mmoa bɛma. (Efesofo 4:8, 12; Yakobo 5:14, 15) Wɔn botae ne sɛ wɔbɛboa nea wayɛ bɔne no ma wasan ne Onyankopɔn anya abusuabɔ, na sɛnea onyansafo no kae no, ‘wanya adwempa’ na wanyɛ bɔne no bio.—Mmebusɛm 15:32.

“NYA ADWEMPA”

24, 25. (a) Ɔkwan bɛn so na aberante a wɔaka ne ho asɛm wɔ Mmebusɛm 7:6-23 no kyerɛe sɛ “onni ti”? (b) Yɛbɛyɛ dɛn ‘anya adwempa’?

24 Bible ka nnipa a ‘wonni ti’ ne wɔn a ‘wɔwɔ adwempa’ ho asɛm. (Mmebusɛm 7:7) Sɛ obi ‘nni ti’ na onnyinii wɔ honhom mu na onni Onyankopɔn som mu osuahu a, ɛma ntease ne adwempa bɔ no. Te sɛ aberante a wɔaka ne ho asɛm wɔ Mmebusɛm 7:6-23 no, ɛrenyɛ den koraa sɛ onipa a ɔte saa bɛyɛ bɔne a anibere wom. Nanso, ‘nea ɔwɔ adwempa’ no sua Onyankopɔn Asɛm daa, na ɔnam eyi ne mpaebɔ so siesie ne nipasu. Ɛwom sɛ ɔnyɛ pɛ de, nanso ɔbɛyɛ nea obetumi biara ama n’adwene, n’akɔnnɔ, ne nkate, ne n’asetenam botae ahorow ne nea Onyankopɔn pɛ ahyia. Eyi bɛkyerɛ sɛ ‘ɔdɔ ne kra,’ anaa ɔde nhyira ba ne ho so, na ‘obehu papa.’—Mmebusɛm 19:8.

25 Bisa wo ho sɛ: ‘So migye tom paa sɛ Onyankopɔn gyinapɛn ahorow teɛ? Migye di ampa sɛ, sɛ mede di dwuma a, menya anigye?’ (Dwom 19:7-10; Yesaia 48:17, 18) Sɛ w’adwenem yɛ wo nãã kakraa bi mpo a, yɛ ho biribi. Susuw nea ebetumi aba bere a woabu w’ani agu Onyankopɔn mmara so no ho hwɛ. Bio nso, fa nokware no bɔ wo bra na fa nneɛma pa—nea ɛyɛ nokware, ɛteɛ, ɛho tew, ɛyɛ fɛ, ɔbra pa—hyɛ w’adwenem. Yɛ saa fa ‘ka hwɛ na hu sɛ Yehowa ye.’ (Dwom 34:8; Filipifo 4:8, 9) Nya awerɛhyem sɛ bere a wokɔ so yɛ saa no, ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn no mu bɛyɛ den na woadɔ nea ɔdɔ, na woakyi nea okyi. Ná Yosef nyɛ pɛ, nanso otumi ‘guanee aguamammɔ’ efisɛ ɔmaa Yehowa kwan ma ɔtetee no mfe pii na wanya koma a edi mũ. Ɛmmra sɛ wo nso wobɛyɛ saa ara.—Yesaia 64:8.

26. Asɛnhia a edi hɔ bɛn na yebesusuw ho?

26 Yɛn Bɔfo no anyɛ ɔbarima dua ne ɔbea ase sɛ yɛmfa nni agorɔ kɛkɛ, na mmom ɔyɛe sɛ yɛmfa nwo na yennya aware mu anigye nso. (Mmebusɛm 5:18) Yebesusuw Onyankopɔn adwene wɔ aware ho wɔ ti mmienu a edi hɔ no mu.

^ nky. 4 Ɛda adi sɛ na “ɔman no mu atitiriw” a atemmufo no kunkum wɔn, a wɔn dodow bɛyɛ mmarima 1,000 no, ne wɔn a Yehowa ankasa kunkum wɔn no ka nnipa dodow a wɔbɔɔ wɔn din wɔ Numeri nhoma no mu no ho.—Numeri 25:4, 5.

^ nky. 7 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea afideyɛ ne ahohwibra kyerɛ a, hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ July 15, 2006 Ɔwɛn-Aban a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

^ nky. 9 Sɛ yɛka “ponografi” wɔ ha a, nea ɛkyerɛ ne nneɛma bi a wɔde kanyan nna ho akɔnnɔ; ebi ne mfonini ne nhoma ne nsɛm a wɔkeka fa ɔbea ne ɔbarima nna ho. Nneɛma a yehu wɔ ponografi mu bi ne obi a wabɔ adagyaw ho mfonini anaa nna ho mfonini a ɛyɛ abofono a ɛkɔ so wɔ nnipa mmienu anaa nea ɛboro saa ntam.

^ nky. 9 Wɔaka boasipem ho nsɛm pii wɔ Nkekaho a n’asɛmti ne “Di Boasipem So Nkonim” no mu.