Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 11

“Momma Aware Ho Mmra Nyam”

“Momma Aware Ho Mmra Nyam”

“Wo ne wo mmeranteberem yere ani nnye.”—MMEBUSƐM 5:18.

1, 2. Asɛm bɛn na yebesusuw ho, na dɛn ntia?

WOAWARE anaa? Sɛ saa a, so anigye wɔ w’aware mu, anaa aware no ayɛ basaa? So obiara nam ne kwan? Wote aware no ho kɛkɛ a anigye nnim? Sɛ saa a, ɛnde ebia ɛhaw wo yiye sɛ aware a kan no na anigye wom no agyigya saa. Sɛ́ Kristoni no, wobɛpɛ sɛ w’aware hyɛ Yehowa, Onyankopɔn a wodɔ no no, anuonyam. Eyi nti ebia tebea a w’aware aba mu no agyaw wo dadwen ne ahoyeraw. Sɛ saa mpo a, mpere wo ho nka sɛ anidaso biara nni hɔ.

2 Kristofo awarefo bi wɔ hɔ a kan no na wɔte hɔ sɛ awarefo kɛkɛ a wonni anigye biara, nanso ɛnnɛ wɔn ani gye wɔn ho. Wɔfaa kwan bi so siesiee wɔn aware no. Enti wo nso wubetumi anya abotɔyam wɔ w’aware mu. Ɔkwan bɛn so?

BƐN ONYANKOPƆN NA BƐN WO HOKAFO

3, 4. Adɛn nti na sɛ awarefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɛn Onyankopɔn a, ɛbɛboa wɔn ma wɔabɛn wɔn ho wɔn ho? Ma mfatoho.

3 Sɛ wo ne wo hokafo bɔ mmɔden sɛ mobɛbɛn Onyankopɔn a, ɛbɛma mo mmienu abɛn mo ho mo ho. Adɛn ntia? Susuw mfatoho bi ho: Hwɛ bepɔw bi a ase trɛw a n’atifi yɛ feaa. Ɔbarima bi gyina bepɔw no ase wɔ benkum so nohoa, ɛnna ɔbea bi nso gyina nifa so nohoa. Afei wɔn mmienu fi ase sɛ wɔreforo bepɔw no. Bere a wɔwɔ bepɔw no ase no, na ɔkwan a ɛda wɔn ntam no sõ. Nanso bere a wɔreforo kɔ soro no, na ɔkwan a ɛda wɔn ntam no reyɛ ketewa. Woahu awerɛkyekyesɛm a yesua fi mfatoho yi mu no?

4 Yebetumi de mmɔden a wobɔ sɛ wobɛsom Yehowa no atoto mmɔden a obi bɔ sɛ ɔbɛforo bepɔw no ho. Esiane sɛ wodɔ Yehowa nti, yebetumi aka sɛ worebɔ mmɔden sɛ wobɛforo bepɔw no. Na sɛ wo ne wo hokafo ntam ayɛ basaa a, yebetumi aka sɛ baako gyina bepɔw no fã nohoa, ɛnna ɔfoforo no nso gyina ɔfã nohoa na moreforo. Sɛ mo mmienu kɔ so foro bepɔw no a, dɛn na ɛbɛba? Ɛyɛ nokware sɛ mfiase no deɛ, ɔkwan a ɛda mo ntam no bɛyɛ kɛse. Nanso bere a worebɔ mmɔden sɛ wobɛbɛn Onyankopɔn—te sɛ nea woreforo bepɔw no akɔ soro no—na worebɛn wo hokafo no nso. Nokwarem no, sɛ wubetumi abɛn wo hokafo yiye a, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛbɛn Onyankopɔn. Ɛnde, wobɛyɛ dɛn ayɛ saa?

Sɛ wode Bible mu nimdeɛ di dwuma a, ɛbɛma w’aware mu ayɛ den

5. (a) Dɛn ne ɔkwan baako a obi bɛfa so abɛn Yehowa ne ne hokafo? (b) Yehowa bu aware sɛn?

5 Sɛ yɛbɛka a, ɔkwan titiriw baako a wobɛfa so aforo bepɔw no ne sɛ wo ne wo hokafo bɛyɛ aso ama aware ho afotusɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. (Dwom 25:4; Yesaia 48:17, 18) Enti susuw asɛm baako a ɔsomafo Paulo kae yi ho. Ɔkae sɛ: “Mo nyinaa, momma aware ho mmra nyam.” (Hebrifo 13:4) Dɛn na eyi kyerɛ? Sɛ wɔka sɛ biribi ho aba “nyam” a, ɛkyerɛ sɛ ɛsom bo. Na saa na Yehowa bu aware—ɛsom bo wɔ n’ani so.

MA ƆDƆ A WOWƆ MA YEHOWA NO NKA WO KOMA

6. Nsɛm a Paulo kae ansa na ɔreka aware ho asɛm ne nea ɔkae wɔ ɛno akyi no kyerɛ sɛn, na dɛn nti na ɛho hia sɛ woma eyi tena w’adwenem?

6 Sɛ́ Onyankopɔn asomfo no, wo ne wo hokafo nim dedaw sɛ aware yɛ biribi a ɛsom bo na ɛyɛ kronkron. Yehowa ankasa na ɔhyehyɛɛ aware. (Kenkan Mateo 19:4-6.) Nanso sɛ worehyia ɔhaw wɔ w’aware mu a, nim a wunim sɛ aware ho wɔ nyam kɛkɛ no nkyerɛ sɛ wo ne wo hokafo no benya ɔdɔ ne obu ama mo ho mo ho. Ɛnde, dɛn na ɛbɛma woanya ɔdɔ ne obu ama wo hokafo? Bere a Paulo rekyerɛ nidi a yɛbɛma aba aware mu no, hyɛ nea ɔkae no nsow. Wanka sɛ “aware ho nyam”; na mmom, ɔkae sɛ, “momma aware ho mmra nyam.” Ɛnyɛ aware ho biribi a na Paulo ahu na ɔreka; mmom na ɔrema afotu de akyerɛ nea ɛsɛ sɛ ɛba aware mu. * Sɛ woma saa asɛm no tena w’adwenem a, ɛbɛboa wo ma woahu nea enti a ɛsɛ sɛ wode nidi ma wo hokafo. Adɛn ntia?

7. (a) Kyerɛwnsɛm mu ahyɛde bɛn na yedi so, na dɛn ntia? (b) Sɛ yetie ahyɛde yi a, mfaso bɛn na efi mu ba?

7 Gye bere susuw Kyerɛwnsɛm mu ahyɛde a ɛne sɛ yɛnyɛ asɛnka adwuma na yenhyiam nsom no ho. Woyɛ w’ade sɛn wɔ ho? (Mateo 28:19; Hebrifo 10:24, 25) Nokwarem no, ɛtɔ da bi a, ɛyɛ den sɛ wubedi saa ahyɛde yi so. Ebia asɛnka mu no, nnipa a woka asɛm no kyerɛ wɔn no ntew wɔn anim mma wo. Ɛtɔ da bi nso a, wubefi adwuma aba no na woabrɛ, enti Kristofo nhyiam a wobɛkɔ betumi ayɛ den ama wo. Nanso wokɔ so ka Ahenni ho asɛmpa no, na woda so ara kɔ Kristofo nhyiam horow. Obiara ntumi nsiw wo kwan—Satan mpo ntumi nsiw wo kwan! Adɛn ntia? Efisɛ ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no ka wo ma wudi n’ahyɛde so. (1 Yohane 5:3) Na mfaso bɛn na efi mu ba? Asɛnka ne nhyiam ahorow a wobɛkɔ no ma wunya asomdwoe ne akomatɔyam, efisɛ wunim sɛ woreyɛ Onyankopɔn apɛde. Saa atenka no ma wunya ahoɔden foforo. (Nehemia 8:10) Dɛn na yesua fi eyi mu?

8, 9. (a) Dɛn na ɛbɛka yɛn ma yɛadi ahyɛde a ese yɛmma yɛn aware ho mmra nyam no so, na dɛn ntia? (b) Nsɛm mmienu bɛn na yebesusuw ho?

8 Komam dɔ a wowɔ ma Onyankopɔn nti, wudi n’ahyɛde so kɔ asɛnka ne nhyiam, ɛmfa ho akwanside biara a wuhyia. Saa ara na ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no betumi aka wo ma woadi Kyerɛwnsɛm mu afotu a ese ‘ma w’aware ho mmra nyam’ no so, mpo sɛ saa a wobɛyɛ no bɛyɛ den ama wo a. (Hebrifo 13:4; Dwom 18:29; Ɔsɛnkafo 5:4) Bio nso, sɛnea mmɔden a wobɔ sɛ wobɛka asɛm no na woakɔ nhyiam no de Onyankopɔn nhyira ahorow ba no, saa ara na Yehowa behu mmɔden a wobɔ sɛ wubedi w’aware ni no na wahyira wo.—1 Tesalonikafo 1:3; Hebrifo 6:10.

9 Ɛnde, ɔkwan bɛn na wobɛfa so ama w’aware ho aba nyam? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wokwati su a ebetumi asɛe aware nhyehyɛe no. Afei nso, ɛsɛ sɛ woyɛ nea wubetumi biara de hyɛ w’aware mu den.

KWATI NSƐM NE NNEYƐE A EGU AWARE HO FĨ

10, 11. (a) Su bɛn na egu aware ho fĩ? (b) Asɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛne yɛn hokafo susuw ho?

10 Bere bi, Kristoni ɔbea warefo bi kae sɛ: “Mebɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me mma mintumi nnyina mu.” Onnyina dɛn mu? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Me kunu de n’ano hwe me te sɛ abaa. Ɛwom sɛ worenhu sɛ me ho abeabea de, nanso nsɛm a ɔka te sɛ ‘Woyɛ adesoa ma me!’ ‘Mfaso biara nni wo so!’ no wowɔ me koma.” Ɔbea yi abɔ aniberesɛm bi so—aware mu kasatia.

11 Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛhow sɛ Kristofo awarefo bɛtotow nsɛm a ɛyɛ yaw ama wɔn ho wɔn ho; eyi tumi dan koma mu kuru a ɛyɛ den sɛ wɔbɛsa! Ɛda adi pefee sɛ aware a kasatia ahyɛ mu ma no nni anuonyam. W’aware te sɛn wɔ eyi ho? Ɔkwan baako a wobɛfa so ahu ne sɛ wubefi ahobrɛase mu abisa wo hokafo sɛ, “M’anom asɛm ka wo sɛn?” Sɛ wo hokafo te nka sɛ wo nsɛm taa wowɔ a, ɛnde ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae a ɛfata.—Galatifo 5:15; kenkan Efesofo 4:31.

12. Ɔkwan bɛn so na obi som betumi abɛyɛ adehunu wɔ Onyankopɔn ani so?

12 Ma ɛntena w’adwenem sɛ sɛnea wode wo tɛkrɛma di dwuma wɔ w’aware mu no betumi aka wo ne Yehowa ntam abusuabɔ. Bible ka sɛ: “Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ onyamesomfo nanso ɔnto ne tɛkrɛma nnareka, na mmom ɔkɔ so daadaa ne koma a, onipa a ɔte saa no som yɛ ɔkwa.” (Yakobo 1:26) W’anom asɛm ka wo som. Ebinom ka sɛ, sɛ obi som Onyankopɔn a, nea ebesi wɔ fie biara mfa ho. Nanso Bible mfoa asɛm yi so. Hwɛ na woannaadaa wo ho, efisɛ asɛm yi yɛ aniberesɛm. (Kenkan 1 Petro 3:7.) Ebia wobɔ mmɔden wɔ nneɛma bi mu na woyɛ nsi wɔ wo som mu, nanso sɛ wohyɛ da keka nsɛm bi de pira wo hokafo a, na woregu aware no ho fĩ, na Onyankopɔn bebu wo som sɛ adehunu bi.

13. Ɔkwan bɛn so na ɔwarefo betumi ama ne hokafo adi yaw wɔ ne komam?

13 Ɛsɛ sɛ awarefo hwɛ yiye na wɔamma wɔn ahokafo anni yaw wɔ nneɛma foforo mu. Susuw nhwɛso mmienu yi ho hwɛ: Ɔwofo bi a onni kunu taa ne Kristoni barima warefo bi kasa bere tenten wɔ telefon so de gye afotu; Kristoni barima bi a ɔnwaree ne onuawa warefo bi taa bom kɔ asɛnka nnawɔtwe biara. Ebia na awarefo a yɛaka wɔn ho asɛm yi kura adwempa; nanso ɔkwan bɛn so na wɔn mu biara nneyɛe bɛka ne hokafo? Ɔbea bi a ɔte tebea a ɛte saa ho kae sɛ: “Sɛ mihu sɛ me kunu nya bere pii ma ɔbea foforo wɔ asafo no mu a, ɛhaw me. Ɛma mete nka sɛ mensɛ hwee wɔ n’ani so.”

14. (a) Aware mu asɛyɛde bɛn na wɔasi so dua wɔ Genesis 2:24? (b) Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

14 Sɛ ɔbea yi ne afoforo a wohyia tebea koro no ara bi wɔ aware mu no di yaw a, ntease wom. Wɔn ahokafo no bu wɔn ani gu aware ho akwankyerɛ a Onyankopɔn de ama yi so: “Ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔfam ne yere ho.” (Genesis 2:24) Ɛwom sɛ wɔn a wɔaware no kɔ so da obu adi kyerɛ wɔn awofo de; nanso Onyankopɔn nhyehyɛe ne sɛ ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ahokafo ahiade di kan. Afei nso, Kristofo dɔ wɔn mfɛfo gyidifo, nanso wodi kan ma wɔn ani kũ wɔn ahokafo ho. Enti sɛ Kristofo awarefo ne wɔn mfɛfo gyidifo a wɔnyɛ wɔn ahokafo, titiriw wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu, de bere pii bom yɛ nneɛma a, wɔde nsɛnnennen ba aware no mu. Ebetumi aba sɛ eyi ka ho bi na ɔhaw aba w’aware mu no anaa? Bisa wo ho sɛ: ‘So mede me bere ne me koma ma me hokafo sɛnea ɛsɛ?’

15. Sɛnea Mateo 5:28 kyerɛ no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo awarefo kwati sɛ wɔne wɔn a wɔnyɛ wɔn ahokafo bɛbɔ akɔ akyiri?

15 Bio nso, Kristofo awarefo a wɔne wɔn a wɔnyɛ wɔn ahokafo bɔ kɔ akyiri no nam baabi a ɛhɔ yɛ toro. Nea ɛyɛ awerɛhow no, Kristofo awarefo ne ebinom bɔ kɔ akyiri dodo ma wonya wɔn ho anigye a ɛmfata. (Mateo 5:28) Ayɔnkofa pampee a ɛte saa ma ebinom de wɔn ho hyɛ nneyɛe bi mu ma egu aware ho fĩ. Susuw nea ɔsomafo Paulo ka faa asɛm yi ho no ho hwɛ.

“MUNNGU AWARE MPA HO FĨ”

16. Ahyɛde bɛn na Paulo de mae wɔ aware ho?

16 Bere a Paulo de afotu mae sɛ ‘wɔmma aware ho mmra nyam’ no ara pɛ na ɔde kɔkɔbɔ yi kaa ho sɛ: “Munngu aware mpa ho fĩ, efisɛ Onyankopɔn bebu aguamammɔfo ne awaresɛefo atɛn.” (Hebrifo 13:4) Bere a Paulo kaa “aware mpa” ho asɛm no, na ɔrekyerɛ ɔbea ne ɔbarima nna. Sɛ nkitahodi a ɛte saa kɔ so wɔ awarefo ntam a, ɛnde na “fĩ” biara nni ho; ɛho tew. Enti Kristofo tie asɛm a efi honhom mu yi: “Wo ne wo mmeranteberem yere ani nnye.”—Mmebusɛm 5:18.

17. (a) Dɛn nti na adwene a wiase no wɔ wɔ awaresɛe ho no nsesa Kristofo adwene wɔ ho? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Hiob nhwɛso no?

17 Obiara a obefi ne hokafo akyi ne obi foforo akɔda no nni obu mma Onyankopɔn mmara koraa. Nokwarem no, ɛnnɛ nnipa pii bu awaresɛe sɛ biribi a asɛm biara nni ho. Nanso, ɛnsɛ sɛ adwene biara a nnipa wɔ wɔ awaresɛe ho no sesa sɛnea Kristofo bu awaresɛe. Kristofo nim sɛ awiei koraa no, ‘Onyankopɔn na obebu aguamammɔfo ne awaresɛefo atɛn,’ na ɛnyɛ nnipa na wobebu atɛn. (Hebrifo 10:31; 12:29) Enti nokware Kristofo kɔ so kura Yehowa adwene mu wɔ saa asɛm yi ho. (Kenkan Romafo 12:9.) Kae sɛ tete agya Hiob kae sɛ: “Apam na me ne m’aniwa ayɛ.” (Hiob 31:1) Enti nea ɛbɛyɛ na nokware Kristofo antu anammɔn baako mpo wɔ awaresɛe kwan so no, wɔyɛ ahwɛyiye na wɔamfa akɔnnɔ aniwa anhwɛ obiara a ɔnyɛ wɔn hokafo.—Hwɛ Nkekaho “Nea Bible Ka Wɔ Awaregyae ne Ntetewmu Ho.”

18. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa bu awaresɛe aniberesɛm? (b) Nsɛdi bɛn na ɛwɔ awaresɛe ne abosonsom mu?

18 Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa bu awaresɛe aniberesɛm? Mose Mmara no boa yɛn ma yehu Yehowa adwene wɔ asɛm no ho. Ná awaresɛe ne abosonsom ka bɔne a sɛ obi yɛ a wobu no kumfɔ wɔ Israel no ho. (Leviticus 20:2, 10) So wuhu nsɛdi bi wɔ awaresɛe ne abosonsom mu? Susuw asɛm yi ho: Sɛ Israelni bi som ɔbosom a, na wabu ɔne Yehowa ntam apam no so. Saa ara nso na sɛ Israelni bi sɛe aware a, na wabu ɔne ne hokafo ntam apam no so. Ɔwaresɛefo no ne ɔbosonsonni no nyinaa anni nokware. (Exodus 19:5, 6; Deuteronomium 5:9; kenkan Malaki 2:14.) Enti na wɔn nyinaa wɔ asodi wɔ Yehowa a ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo no anim.—Dwom 33:4.

19. Dɛn na ɛbɛboa obi ma wanya ahoɔden a ɔde bɛpo awaresɛe, na dɛn ntia?

19 Ɛyɛ nokware sɛ Kristofo nni Mose Mmara no ase. Nanso sɛ Kristofo kae sɛ tete Israel no na wobu awaresɛe sɛ bɔne a anibere wom a, ɛbɛhyɛ wɔn den na wɔasi wɔn bo sɛ wɔrenyɛ bɔne a ɛte saa. Adɛn ntia? Susuw mfatoho yi ho: So wobɛkɔ asɔredan bi mu akɔkotow ohoni bi anim abɔ mpae? Ebia wobɛka sɛ, ‘Merenkɔ hɔ da!’ Na sɛ obi ka sɛ kɔ hɔ na ɔmma wo sika kɛse nso ɛ? Ebia wobɛka sɛ, ‘Ɛmpare me!’ Nokwarem no, nokware Kristoni te nka sɛ ɛyɛ abusude sɛ obesusuw ho mpo sɛ obefi Yehowa akyi akɔsom ohoni. Saa ara na ɛsɛ sɛ ɛyɛ Kristofo abofono sɛ wobesusuw ho sɛ wobefi wɔn Nyankopɔn, Yehowa, ne wɔn hokafo akyi akɔsɛe aware—ɛmfa ho biribiara a ebepiapia wɔn sɛ wɔnyɛ saa bɔne no. (Dwom 51:1, 4; Kolosefo 3:5) Yɛrempɛ sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛbɛma Satan ani agye na ɛde ahohorabɔ aba Yehowa ne aware nhyehyɛe a ɛyɛ kronkron no so da.

SƐNEA WOBƐMA W’AWARE ASƆ

20. Dɛn na ɛrekɔ so wɔ aware binom mu? Ma mfatoho.

20 Nneyɛe a egu aware ho fĩ a wobɛkwati akyi no, dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ obu kɛse ama wo hokafo? Nea ɛbɛboa wo ma woatumi abua asɛm no, fa aware toto ɔdan a wɔasi ho. Afei fa nsɛm a ɛyɛ dɛ, nneyɛe pa, ne nneɛma foforo a awarefo yɛ de kyerɛ nidi ma wɔn ho wɔn ho no toto nneɛma a wɔde siesie fie hɔ ma ɛhɔ yɛ fɛ no ho. Sɛ mododɔ mo ho a, mo aware no bɛyɛ sɛ fie bi a wɔde nneɛma asiesie mu ma ɛhɔ ayɛ fɛ na ayɛ ahomeka. Sɛ wo dɔ ano dwo a, nkakrankakra, nneɛma a wode asiesie w’aware ma ayɛ fɛ no befi ase ayera, na aware no bɛyɛ te sɛ fie bi a afɛfɛde biara nni hɔ. Esiane sɛ wopɛ sɛ wudi Onyankopɔn ahyɛde a ese “momma aware ho mmra nyam” no so nti, ɛbɛka wo ma woayɛ tebea no ho biribi. Sɛnea yenim no, biribi a ɛsom bo anaa ɛho wɔ nyam no fata sɛ yesiesie anaa yɛyɛ no yiye. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Nyansa na wɔde kyekye ofie, na nhumu na ɛma egyina. Nimdeɛ so na wɔnam de aboɔdenne ne afɛfɛde a ɛsom bo nyinaa bi hyɛ mpia mã.” (Mmebusɛm 24:3, 4) Hwɛ sɛnea yebetumi de asɛm yi atoto aware ho.

21. Dɛn na yebetumi de nkakrankakra ayɛ ama yɛn aware asɔ? (Hwɛ adaka “ Mɛyɛ Dɛn Ama M’aware Asɔ?”)

21 Sɛ anigye bɛba fie bi mu a, nneɛma a ɛsom bo a ɛsɛ sɛ ɛhyɛ hɔ mã no bi ne nokware dɔ, Onyankopɔn suro, ne gyidi a emu yɛ den. (Mmebusɛm 15:16, 17; 1 Petro 1:7) Ɛma aware sɔ. Nanso so wohyɛɛ ɔkwan a wɔde nneɛma a ɛsom bo ahyɛ adan a wɔaka ho asɛm wɔ abebusɛm no mu no nsow? ‘Denam nimdeɛ so.’ Yiw, sɛ wɔde Bible mu nimdeɛ di dwuma a, ɛsakra wɔn nsusuwii, na ɛka wɔn ma wɔkanyan ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ho no. (Romafo 12:2; Filipifo 1:9) Enti bere biara a wo ne wo hokafo bɛtena ase de odwo asusuw Bible asɛm bi te sɛ daa asɛm, anaa Bible mu asɛm bi a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! mu a ɛfa aware ho ho no, ɛbɛyɛ te sɛ nea worehwɛ afɛfɛde bi a wubetumi de asiesie wo fie ma ayɛ fɛ. Sɛ ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa ka wo ma wode afotusɛm a yɛasusuw ho yi di dwuma wɔ w’aware mu a, na ɛte sɛ nea wode afɛfɛde reba wo mpia mu. Sɛ woyɛ saa a, ɔdɔ ne anigye a kan no na ɛwɔ w’aware mu no bɛsan aba.

22. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ yɛn fam deɛ sɛnea ɛbɛma yɛn aware asɔ a, abotɔyam bɛn na yebenya?

22 Nokwarem no, ebegye bere ne mmɔdenbɔ ansa na woatumi asan de afɛfɛde yi ahyehyɛ baabi a ebiara hyɛ. Ne nyinaa mu no, sɛ wobɔ mmɔden yɛ wo fam deɛ a, wubenya anigye kɛse, efisɛ wunim sɛ woredi Bible ahyɛde yi so: “Munni kan mfa nidi mma mo ho mo ho.” (Romafo 12:10; Dwom 147:11) Nea ɛsen ne nyinaa no, mmɔden a wufi komam nyinaa bɔ sɛ wubedi w’aware ni no bɛma woatena Onyankopɔn dɔ mu.

^ nky. 6 Nsɛm a Paulo kae ansa na ɔreka aware ho asɛm ne nea ɔkae wɔ ɛno akyi no kyerɛ sɛ na ɔde afotu rema akyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ.—Hebrifo 13:1-5.