Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 12

Monka Kasa a “Eye Ma Nkɔso”

Monka Kasa a “Eye Ma Nkɔso”

“Mommma asɛm a aporɔw mmpue mmfi mo anom, na mmom asɛm biara a eye ma nkɔso.”—EFESOFO 4:29.

1-3. (a) Akyɛde baako bɛn na Yehowa de ama yɛn, na ɔkwan bɛn so na ebetumi apira afoforo? (b) Sɛ yebetumi atena Onyankopɔn dɔ mu a, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛde kasa di dwuma?

SƐ WODE akyɛde bi ma wo dɔfo, na ɔhyɛ da sɛe no a, wobɛte nka dɛn? Fa no sɛ wokyɛɛ no kar, na akyiri yi wubehui sɛ na ɔka kar no basabasa ma nnipa pira mpo. So ɛrenhaw wo anaa?

2 Tumi a yɛde kasa ma ntease ba mu yɛ akyɛde a efi Yehowa a ɔde “akyɛde pa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ biara” ma no hɔ. (Yakobo 1:17) Ɔde saa akyɛde yi ama nnipa; mmoa nni bi. Na ɛboa yɛn ma yɛda yɛn nsusuwii ne yɛn nkate adi kyerɛ afoforo. Nanso te sɛ kar no, yebetumi de akyɛde a ɛne kasa yi adi dwuma ma apira afoforo. Sɛ yɛde kasa di dwuma ɔkwammɔne so a, hwɛ sɛnea ebetumi ama Yehowa werɛ ahow na ama afoforo nso adi yaw wɔn komam!

3 Enti sɛ yebetumi atena Onyankopɔn dɔ mu a, ɛsɛ sɛ yɛde kasa di dwuma sɛnea onii a ɔde mae no hwehwɛ. Yehowa ma yehu sɛnea ɔpɛ sɛ yɛkasa no pefee. N’Asɛm ka sɛ: “Mommma asɛm a aporɔw mmpue mmfi mo anom, na mmom asɛm biara a eye ma nkɔso a ehia, na ɛde nsɛm a mfaso wɔ so ama atiefo.” (Efesofo 4:29) Momma yɛnhwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ yɛn kasa ho, kasa a ɛsɛ sɛ yɛkwati, ne sɛnea yɛbɛka nsɛm a “eye ma nkɔso.”

NEA ENTI A ƐSƐ SƐ YƐHWƐ YƐN KASA YIYE

4, 5. Dɛn na Bible mu mmebusɛm ka de kyerɛ tumi a ɛwɔ kasa mu?

4 Ade titiriw baako a enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn kasa yiye ne sɛ kasa wɔ tumi. Mmebusɛm 15:4 ka sɛ: “Odwo tɛkrɛma yɛ nkwa dua, na sɛ ɛkyea a, ebubu honhom.” * Enti sɛnea nsu ma dua a akyen san nya ahoɔden no, saa ara na kasa a ɛyɛ dɛ tumi dwudwo ɔkra. Nanso nsɛm a ɛwowɔ betumi abubu afoforo. Nokwarem no, nsɛm a yɛka no wɔ tumi a ebetumi apira afoforo anaa ebedwudwo wɔn koma.—Mmebusɛm 18:21.

5 Abebusɛm foforo rekyerɛ tumi a ɛwɔ kasa mu no, ɛkae sɛ: “Ɛwɔ nea otu nsɛm bumbum sɛ nkrante a ɛwowɔ.” (Mmebusɛm 12:18) Sɛ obi tu nsɛm bumbum a onsusuw ho a, ebetumi apira afoforo na asɛe nnipa ntam. So obi aka asɛm bi ma ahye wo te sɛ nea wɔde sekan awɔ wo komam pɛn? Nanso abebusɛm koro no ara ka sɛ: “Anyansafo tɛkrɛma de, ɛsa yare.” Kasa pa a efi onyansafo anom no betumi asa koma a abubu yare na asiesie nnipa ntam. Wubetumi akae bere bi a obi anom asɛm dwudwoo wo koma? (Kenkan Mmebusɛm 16:24.) Esiane sɛ asɛm a yɛka wɔ tumi nti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma yɛn nsɛm adwudwo afoforo sen sɛ ebepira wɔn.

Ɔkasa bɔkɔɔ ma akomatɔyam

6. Adɛn nti na ɛyɛ den sɛ yebedi yɛn tɛkrɛma so?

6 Yɛbɔ mmɔden sɛ den ara a, yɛrentumi nni yɛn tɛkrɛma so korakora. Eyi de yɛn ba ade a ɛto so mmienu a enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn kasa yiye so: Esiane bɔne ne sintɔ nti ɛnyɛ den sɛ yɛde yɛn tɛkrɛma bedi dwuma wɔ ɔkwammɔne so. Nsɛm fi ase wɔ yɛn komam, na “onipa komam nsusuwii yɛ bɔne.” (Genesis 8:21; Luka 6:45) Enti egye animia paa ansa na yɛato yɛn tɛkrɛma nnareka. (Kenkan Yakobo 3:2-4.) Ɛwom sɛ yɛrentumi nni yɛn tɛkrɛma so koraa de, nanso yɛbɛbɔ mmɔden daa sɛ yɛbɛyɛ ho biribi. Sɛnea egye mmɔdenbɔ na nea ɔreguare nsu atumi aguare ahyia asorɔkye no, saa ara na egye mmɔdenbɔ na yɛatumi ako atia sintɔ a ɛma yɛde yɛn tɛkrɛma ka nsɛm a ɛmfata no.

7, 8. Ɛdefa yɛn kasa ho no, ɔkwan bɛn so na yebebu akontaa akyerɛ Yehowa?

7 Ade a ɛto so mmiɛnsa a enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn kasa yiye ne sɛ yebebu ho akontaa akyerɛ Yehowa. Ɛnyɛ yɛn mfɛfo nnipa nko na yɛn anom asɛm ka wɔn, na mmom ɛka yɛn gyinabea wɔ Yehowa anim nso. Yakobo 1:26 ka sɛ: “Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ onyamesomfo nanso ɔnto ne tɛkrɛma nnareka, na mmom ɔkɔ so daadaa ne koma a, onipa a ɔte saa no som yɛ ɔkwa.” * Sɛnea yehui wɔ Ti 11 no, yɛn kasa ka yɛn som ho. Sɛ yɛantumi anto yɛn tɛkrɛma nnareka anaa yɛanhwɛ no yiye na epuw nsɛm a ɛyɛ yaw anaa nsɛm a epira a, brɛ a yɛbrɛ sɛ Kristofo no nyinaa bɛyɛ kwa wɔ Onyankopɔn ani so. Wunnye ntom sɛ ɛsɛ sɛ eyi ka biribi kyerɛ yɛn?—Yakobo 3:8-10.

8 Yetumi hu sɛ ntease pa bi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa yɛn kasa ampira afoforo efisɛ ɛyɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ. Ansa na yebesusuw kasa pa a ɛhyɛ nkuran ho no, momma yɛnhwɛ nsɛm a ɛnsɛ sɛ epue fi Kristoni anom.

KASA A ƐBRƐ NNIPA ASE

9, 10. (a) Nsɛm bɛn na abu so wɔ nkurɔfo kasa mu nnɛ? (b) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛka kasafĩ? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

9 Kasafĩ. Ɛnnɛ, nsɛm a ɛho ntew, nsɛm a ɛyɛ abofono, anaa kasafĩ abu so wɔ wiase baabiara. Nnipa pii na sɛ wɔn ani bere anaa asɛm bi mee wɔn na wonhu nea wɔnka a, wɔworo kasafĩ. Wɔn a woyi nsɛnkwaa wɔ kɔnsɛt mu no taa ka aguamansɛm na ama nnipa aserew. Nanso kasafĩ nyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛde di agorɔ. Bɛyɛ mfe 2,000 ni, honhom kaa ɔsomafo Paulo ma otuu Kolosefo asafo no fo sɛ wonyi “kasafĩ” ngu. (Kolosefo 3:8) Paulo ka kyerɛɛ Efeso asafo no sɛ “nsɛnkwaa a kasafĩ wom” yɛ ade a ɛnsɛ sɛ ‘wɔbɔ so mpo’ wɔ nokware Kristofo mu.—Efesofo 5:3, 4.

10 Kasafĩ yɛ ade a ɛyɛ tan wɔ Yehowa ani so, na ɛyɛ tan wɔ wɔn a wɔdɔ no no nso ani so. Nokwarem no, yɛpo kasafĩ efisɛ yɛdɔ Yehowa. Bere a Paulo rebobɔ “ɔhonam nnwuma” no, ɔkaa “afide” a nea ebetumi akyerɛ nso ne kasa a ɛho ntew. (Galatifo 5:19-21) Eyi yɛ aniberesɛm, efisɛ sɛ obi taa ka nsɛm a ɛyɛ asefem anaa nsɛm pɔtɔɔ na wantie afotu biara a wɔde bɛma no a, wobetumi atu no afi asafo no mu. *

11, 12. (a) Dɛn ne nseku, na ɔkwan bɛn so na ebetumi abɛyɛ adebɔne? (b) Dɛn nti na ehia sɛ Yehowa asomfo kwati ntwiri?

11 Nseku bɔne, ntwiri. Nseku yɛ nkurɔfo ho nsɛm a afoforo ka. So nkurɔfo ho nsɛnkeka nyinaa yɛ bɔne? Sɛ ɛnyɛ adwene ne sɛ yɛbɛsɛe afoforo din na mmom ɛyɛ afoforo ho nsɛmpa te sɛ nea ɛfa obi a wagye asubɔ foforo anaa obi a ohia nkuranhyɛ ho a, ɛnde na ɛnyɛ bɔne. Ná afeha a edi kan Kristofo no dwen afoforo ho; afei nso na wɔka nsɛm a ɛho hia fa wɔn nuanom ho. (Efesofo 6:21, 22; Kolosefo 4:8, 9) Nanso, sɛ obi kyinkyim nsɛm anaa ɔka afoforo kokoam nsɛm a, ɛnde ebetumi ayɛ nseku bɔne. Nea ɛyɛ aniberesɛm koraa no, ebetumi adan ntwiri; na ntwiri biara nso nye. Ntwiri yɛ ‘atosɛm a wɔka de sɛe afoforo din.’ Sɛ nhwɛso no, na Farisifo no pɛ sɛ wɔsɛe Yesu din, enti wɔkekaa ne ho nsɛmmɔne; na eyi yɛ ntwiri. (Mateo 9:32-34; 12:22-24) Dinsɛe taa de ntɔkwaw ba.—Mmebusɛm 26:20.

12 Sɛ yɛde kasa a Yehowa de akyɛ yɛn no sɛe afoforo din anaa yɛde ma mpaapaemu ba a, obu no aniberesɛm. Okyi wɔn a ‘wɔtoto anuanom ntam.’ (Mmebusɛm 6:16-19) Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “otwirifo” no ne di·aʹbo·los, na wɔsan de di dwuma sɛ Satan abodin. Ɔno ne “Ɔbonsam,” ɔbɔnefo a otwiri Onyankopɔn no. (Adiyisɛm 12:9, 10) Nokwarem no, yɛbɛpɛ sɛ yɛkwati kasa a ɛbɛma yɛabɛyɛ sɛ Ɔbonsam. Ntwiri a ɛde honam mu nnwuma te sɛ “mansotwe” ne “mpaapaemu” ba no nni afã biara wɔ asafo no mu. (Galatifo 5:19-21) Enti, sɛ wote obi ho asɛm a, ansa na wo nso wobɛka akyerɛ obi foforo no, bisa wo ho sɛ: ‘So asɛm no yɛ nokware? So ɛbɛkyerɛ ɔdɔ sɛ me nso metĩ asɛm yi mu aka? So ɛho hia anaa nyansa wom sɛ mɛka ho asɛm akyerɛ afoforo?’—Kenkan 1 Tesalonikafo 4:11.

13, 14. (a) Kasatia ka afoforo sɛn? (b) Dɛn ne nsopa, na dɛn nti na nea ɔsopa afoforo no de ne ho to asiane mu?

13 Kasatia. Sɛnea yɛahu dedaw no, kasa tumi pira afoforo. Nokwarem no, esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, ɛtɔ mmere bi a, yɛka nsɛm ma akyiri yi yenu yɛn ho. Nanso Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛntwe yɛn ho mfi nsɛm bi a ɛmfata wɔ Kristofo afie ne asafo no mu ho. Paulo tu Kristofo fo sɛ: “Momma wonyi menasepɔw nyinaa ne abufuw ne bobɔne ne nkekawmu ne kasatia mfi mo mu.” (Efesofo 4:31) Nkyerɛase afoforo kyerɛ “kasatia” ase sɛ “abususɛm,” “kasa a epira afoforo” ne “atɛnnidi.” Kasatia anaa adapaatwa anaa animtwiw a ano yɛ den betumi ama obi ahwere nidi a ɔwɔ na wate nka sɛ ɔnsɛ hwee. Esiane sɛ mmofra koma nyɛ den na wɔde wɔn ho to afoforo so nti, wɔn na kasatia tumi pira wɔn paa.—Kolosefo 3:21.

14 Bible no kasa tia nsopa anaa dinsɛe, atɛnnidi, ne animguase denneennen. Sɛ obi ma eyi bɛyɛ ne su na ɔkɔ so sopa afoforo a, na ɔde ne ho reto asiane mu, efisɛ sɛ wannye afotu antom anyɛ nsakrae a, wobetumi atu no afi asafo no mu. Sɛ wansakra n’akwan a, ɔrennya nhyehyɛe foforo no mu ntena. (1 Korintofo 5:11-13; 6:9, 10) Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ, sɛ yɛkɔ so ka nsɛm a ɛho ntew, nsɛm a ɛnyɛ nokware anaa ɛnkyerɛ ɔdɔ a, yɛrentumi ntena Onyankopɔn dɔ mu. Nsɛm a ɛtete saa brɛ afoforo ase.

NSƐM A “EYE MA NKƆSO”

15. Nsɛm bɛn na “eye ma nkɔso”?

15 Ɔkwan bɛn so na yebetumi de kasa adi dwuma sɛnea onii a ɔde kyɛɛ yɛn no hwehwɛ? Kae sɛ Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnka “asɛm biara a eye ma nkɔso.” (Efesofo 4:29) Sɛ yɛka nsɛm a ɛma nkɔso, na ɛhyɛ nkuran anaa ɛhyɛ afoforo den a, Yehowa ani gye. Egye nhumu na obi atumi aka nsɛm a ɛtete saa. Bible mfaa ɛho mmara pɔtee bi mmae; na ɛnhyehyɛɛ nsɛm a ‘ɛho tew’ bi a ɛsɛ sɛ yɛka no daa. (Tito 2:8) Sɛ yɛbɛka nsɛm a “eye ma nkɔso” a, ɛsɛ sɛ yɛkae nneɛma mmiɛnsa a ɛho hia yi: Ɛsɛ sɛ ɛho tew, ɛyɛ nokware, na ɛkyerɛ ɔdɔ. Bere a eyi wɔ yɛn adwenem no, momma yensusuw nsɛm a ɛma nkɔso kakra ho nhwɛ.—Hwɛ adaka a n’asɛmti ne, “ So Me Kasa Hyɛ Nkuran?

16, 17. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkamfo afoforo? (b) Bere bɛn na yebetumi akamfo afoforo wɔ asafo no mu ne abusua no mu?

16 Nkamfo a efi koma mu. Yehowa ne Yesu nyinaa nim hia a ɛho hia sɛ yɛkamfo afoforo na yɛka nsɛm a ɛkyerɛ sɛ yegye wɔn tom. (Mateo 3:17; 25:19-23; Yohane 1:47) Sɛ́ Kristofo no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛbɔ mmɔden sɛ yebefi komam akamfo afoforo. Adɛn ntia? Mmebusɛm 15:23 ka sɛ: “Asɛm a wɔka wɔ bere a ɛsɛ mu de, O hwɛ sɛnea eye!” Bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ obi fi ne komam kamfo me a, mete nka dɛn? So ɛmma m’ani nnye, na ɛnhyɛ me nkuran?’ Nokwarem no, sɛ obi fi ne komam kamfo wo a, wuhu sɛ n’ani wɔ wo so, odwen wo ho, na nea woyɛ no sɔ ani. Nkuranhyɛsɛm a ɛte saa bɛma woanya ahotoso, na ɛbɛkanyan wo ma woayere wo ho ayɛ pii daakye. Esiane sɛ obi kamfo wo a w’ani gye nti, so ɛnsɛ sɛ wo nso woyɛ nea wubetumi nyinaa de kamfo afoforo?—Kenkan Mateo 7:12.

17 Sua sɛ wobɛhwehwɛ nea eye wɔ afoforo ho na kamfo wɔn. Asafo no mu no, ebia wobɛte ɔkasa bi a wɔasiesie no yiye, wubehu abofra bi a ɔrebɔ mmɔden adu botae bi ho, anaa obi a ne mfe akɔ anim a ɔba adesua daa ɛmfa ho sɛ onyin ama wayɛ mmerɛw no. Nkamfo a efi komam betumi aka saafo no na ahyɛ wɔn den ma wɔayere wɔn ho wɔ wɔn som mu. Abusua no mu no, ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere no mu biara fi komam kamfo ne hokafo ma ɔte wɔ n’asom na ɔkyerɛ nea ɔyɛ ho anisɔ. (Mmebusɛm 31:10, 28) Titiriw no, sɛ mmofra hu sɛ afoforo pɛ wɔn asɛm na wɔkyerɛ wɔn ho anisɔ a, wɔn ani gye. Sɛnea nsu ne owia ma afifide yɛ frɔmm no, saa ara na nkamfo ne anisɔ ma mmofra nya ahomeka. Awofo, monhwehwɛ hokwan a mubenya biara mfa nkamfo mo mma wɔ su pa a wɔda no adi ne wɔn mmɔdenbɔ ho. Nkamfo a ɛte saa bɛboa mo mma no ma wɔanya akokoduru ne ahotoso na ahyɛ wɔn nkuran ma wɔayere wɔn ho ayɛ nea ɛteɛ.

18, 19. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden biara hyɛ yɛn mfɛfo gyidifo nkuran na yɛkyekyɛ wɔn werɛ, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi?

18 Nkuranhyɛ ne awerɛkyekye. Yehowa dwen “abrɛfo” ne “wɔn a wɔabubu wɔn” no ho. (Yesaia 57:15) N’Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnkɔ so nkyekye yɛn ho yɛn ho’ ne ‘akra a wɔahaw’ werɛ. (1 Tesalonikafo 5:11, 14) Yɛn mfɛfo gyidifo a awerɛhow ahyɛ wɔn koma mã no, sɛ yɛbɔ mmɔden hyɛ wɔn nkuran na yɛkyekye wɔn werɛ a, Onyankopɔn hu na n’ani sɔ.

Yehowa ani gye bere a yɛka nsɛm a ɛhyɛ afoforo den no

19 Nanso, dɛn na wubetumi aka de ahyɛ wo yɔnko Kristoni a wabotow anaa wahaw no nkuran? Nsusuw sɛ ɔkwan biara so no ɛsɛ sɛ wutumi siesie ɔhaw no. Mpɛn pii no, asɛm tiawa a wobɛka no betumi aboa. Ma nea wahaw no awerɛhyem sɛ wudwen ne ho. Wubetumi ne no abɔ mpae; srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa onii no ma onhu sɛ afoforo dɔ no, na Onyankopɔn nso dɔ no. (Yakobo 5:14, 15) Ma no awerɛhyem sɛ ne ho hia asafo no. (1 Korintofo 12:12-26) Kenkan asɛm bi fi Bible mu fa kyerɛ no sɛ Yehowa dwen ne ho na n’ani wɔ no so. (Dwom 34:18; Mateo 10:29-31) Bere a wubegye na woafi wo komam aka “asɛmpa” akyerɛ nea n’abam abu no bɛboa no ma wate nka sɛ afoforo dɔ no na wɔn ani sɔ nea otumi yɛ biara.—Kenkan Mmebusɛm 12:25.

20, 21. Nneɛma bɛn na ɛma afotu tu mpɔn?

20 Afotu a etu mpɔn. Sɛ́ nnipa a yɛnyɛ pɛ no, yɛn nyinaa hia afotu bere ne bere mu. Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Tie afotu na gye nteɛso, na woahu nyansa daakye.” (Mmebusɛm 19:20) Ɛnyɛ mpanyimfo nkutoo na wotu fo. Awofo tu wɔn mma fo. (Efesofo 6:4) Ɛtɔ da bi a, ɛho behia sɛ Kristofo mmea mpanyimfo tu mmabaa fo. (Tito 2:3-5) Ɔdɔ a yɛwɔ ma afoforo nti, sɛ yetu wɔn fo a, ɛsɛ sɛ wotumi gye afotu no tom a wɔnte nka sɛ yɛabrɛ wɔn ase. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛde afotu a ɛte saa ama? Hwɛ nneɛma mmiɛnsa a ɛbɛma afotu atu mpɔn: su ne adwene a ɔfotufo no kura, nea afotu no gyina so, ne ɔkwan a ɔfa so de ma no.

21 Sɛ afotu betu mpɔn a, nea edi kan no, egyina ɔfotufo no so. Sɛ woretu obi fo a, bisa wo ho sɛ, ‘Bere bɛn na ɛyɛ mmerɛw ma me sɛ megye afotu atom?’ Sɛ wuhu sɛ nea ɔretu wo fo no dwen wo ho, na ɛnyɛ biribi na ɛhaw no anaa adwemmɔne bi na wanya wɔ wo ho a, ɛyɛ mmerɛw sɛ wubegye afotu no atom. Enti sɛ wo nso woretu afoforo fo a, so ɛnyɛ su koro no ara na ɛsɛ sɛ woda no adi? Afei nso sɛ afotu betu mpɔn a, ɛsɛ sɛ wɔde gyina Onyankopɔn Asɛm so. (2 Timoteo 3:16) Sɛ yɛretu obi fo na yɛankan Bible mu asɛm bi tee mpo a, ɛsɛ sɛ afotu biara a yɛde ma no gyina Kyerɛwnsɛm no so. Enti mpanyimfo yɛ ahwɛyiye na wɔamfa wɔn ankasa nsusuwii anhyɛ afoforo so; na ɛnsɛ sɛ wɔkyea Kyerɛwnsɛm no ma ɛyɛ sɛ Bible no ne wɔn nsusuwii hyia. Bio nso, sɛ afotu betu mpɔn a, ɛsɛ sɛ wɔde ma wɔ ɔkwan a ɛfata so. Sɛ yɛde ayamye tu fo a, ɛbɛyɛ nea nkyene wom, na ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ nea yɛretu no fo no begye atom a ne nidi remmɔ no.—Kolosefo 4:6.

22. Woasi wo bo sɛ wode wo kasa a ɛyɛ akyɛde no bedi dwuma dɛn?

22 Ampa, kasa yɛ akyɛde a ɛsom bo a Onyankopɔn de ama yɛn. Enti ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ka yɛn ma yɛde akyɛde yi di dwuma pa na yɛampira afoforo. Momma yɛnkae sɛ nsɛm a yɛka no wɔ tumi—tumi a ɛma nkɔso anaa ɛbrɛ afoforo ase. Ɛnde, momma yɛmmɔ mmɔden mfa saa akyɛde yi nni dwuma sɛnea Ɔbɔadeɛ no hyehyɛe—yɛnka nsɛm a “eye ma nkɔso.” Saa kwan no so no, yɛn kasa bɛhyɛ afoforo nkuran na ama wɔanya akomatɔyam na aboa yɛn ma yɛakɔ so atena Onyankopɔn dɔ mu.

^ nky. 4 Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase ‘akyea’ wɔ Mmebusɛm 15:4 no betumi nso akyerɛ “nkontomposɛm.”

^ nky. 7 Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase “ɔkwa” wɔ ha no, wɔasan akyerɛ ase sɛ ‘nea ɛso nni mfaso.’—1 Korintofo 15:17.

^ nky. 10 Kyerɛwnsɛm no mu no, “afide” betumi akyerɛ bɔne ahorow pii. Ɛwom sɛ ɛnyɛ afide nyinaa na wɔpaw asɛnni boayikuw ma wodi deɛ, nanso sɛ obi sen ne kɔn de ne ho hyɛ afideyɛ a ɛkɔ akyiri mu na wankyerɛ ahonu biara a, wobetumi atu no afi asafo no mu.—2 Korintofo 12:21; Efesofo 4:19; hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” wɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbaa July 15, 2006 no mu.