Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 13

Afahyɛ Ahorow a Onyankopɔn Kyi

Afahyɛ Ahorow a Onyankopɔn Kyi

“Monkɔ so nhwehwɛ mu nhu nea ɛsɔ Awurade ani.”—EFESOFO 5:10.

1. Nnipa bɛn na Yehowa twe wɔn ba ne nkyɛn, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da hɔ na wɔyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani?

YESU kae sɛ: “Nokware asomfo bɛsom Agya no honhom ne nokware mu, na nnipa saa nso na Agya no hwehwɛ ma wɔasom no.” (Yohane 4:23) Sɛ Yehowa hu saafo no, sɛnea wahu wo yi a, ɔtwe wɔn ba ɔne ne Ba no nkyɛn. (Yohane 6:44) Hwɛ nidi ara a eyi yɛ! Nanso ɛsɛ sɛ wɔn a wɔdɔ Bible mu nokware no ‘kɔ so hwehwɛ mu hu nea ɛsɔ Awurade ani,’ efisɛ Satan yɛ ɔdaadaafo kɛse.—Efesofo 5:10; Adiyisɛm 12:9.

2. Kyerɛ sɛnea Yehowa bu wɔn a wɔde nokware som ne atoro som frafra no.

2 Susuw nea esii Bepɔw Sinai ho bere a Israelfo ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɔnyɛ onyame mma wɔn no ho hwɛ. Aaron penee so yɛɛ sika nantwi ba ma ɛbɛyɛɛ sɛ ade a egyina hɔ ma Yehowa. Ɔkae sɛ: “Ɔkyena yɛ Yehowa afahyɛ.” So Yehowa buu n’ani guu nokware som ne atoro som a wɔde frafrae yi so? Dabida. Ɔma wokunkum abosonsomfo bɛyɛ 3,000. (Exodus 32:1-6, 10, 28) Dɛn na yesua fi eyi mu? Sɛ yɛpɛ sɛ yɛde yɛn ho sie Onyankopɔn dɔ mu a, ɛnde ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ‘nsa ka biribiara a ɛho ntew.’ Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de bɔ nokware no ho ban na nkekae biara amma ho.—Yesaia 52:11; Hesekiel 44:23; Galatifo 5:9.

3, 4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi Bible nnyinasosɛm so pɛpɛɛpɛ bere a yɛresusuw amanne ne afahyɛ ahorow ho no?

3 Awerɛhosɛm ne sɛ bere a asomafo a wosiw ɔwae kwan no wuwui akyi no, atoro Kristofo a wonni nokware no ho dɔ fii ase gyee abosonsom amanne ahorow, afahyɛ, ne nnapɔnna “kronkron” a wɔkyerɛe sɛ ɛyɛ Kristofo afahyɛ toom. (2 Tesalonikafo 2:7, 10) Bere a woresusuw afahyɛ ahorow yi bi ho no, wubehu sɛ emfi Onyankopɔn na mmom efi wiase. Sɛ yɛbɛka a, wiase afahyɛ nyinaa kura adwene baako: Ɛtwetwe honam akɔnnɔ, na ɛhyɛ gyidihunu ne ahonhonsɛm ho nkuran; eyi na ɛhyɛ “Babilon Kɛse” no agyirae. * (Adiyisɛm 18:2-4, 23) Hyɛ no nsow sɛ Yehowa nim sɛ nnɛyi amanne pii a agye din no fii ase fii abosonsom nneyɛe a ɛyɛ abofono mu. Ɛno nti na afahyɛ a ɛtete saa hyɛ no abufuw nnɛ sɛnea ɛhyɛɛ no abufuw tete no. So ɛnyɛ nea ɔka na ɛho hia yɛn kɛse?—2 Yohane 6, 7.

4 Sɛ́ nokware Kristofo no, yenim sɛ afahyɛ ahorow bi nsɔ Yehowa ani. Nanso ehia sɛ yɛn ankasa si pi sɛ yɛremfa yɛn ho nhyɛ afahyɛ a ɛtete saa mu koraa. Sɛ yesusuw nea enti a afahyɛ a ɛtete saa nsɔ Yehowa ani no ho a, ɛbɛhyɛ yɛn den na yɛasi yɛn bo sɛ yɛremma biribiara ntwe yɛn mfi Onyankopɔn dɔ mu.

BURONYA—EDIN FOFORO A WƆDE AMA OWIA SOM

5. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ wɔanwo Yesu December 25?

5 Nnipa pii susuw sɛ Buronya yɛ Yesu awoda, nanso Bible nka Yesu awodadi biara ho asɛm. Nokwarem no, yennim da pɔtee a wɔwoo Yesu. Nanso yenim sɛ wɔanwo no December 25, efisɛ saa bere no yɛ awɔwbere wɔ saa beae hɔ. * Ade baako nso a yenim ne sɛ Luka yɛɛ kyerɛwtohɔ sɛ bere a wɔwoo Yesu no, na ‘nguanhwɛfo bi wɔ wuram’ a wɔrehwɛ wɔn nguan. (Luka 2:8-11) Sɛ na wɔtaa ‘tena wuram’ afe mũ no nyinaa a, anka ɛho renhia sɛ wɔka ho asɛm biara. Nanso esiane sɛ na osu ne sukyerɛmma tɔ ma awɔw ba Betlehem nti, sɛ edu awɔw bere saa a, wɔde nguan no gu dan mu, na na ɛnyɛ bere a nguanhwɛfo ‘bɛtena wuram.’ Afei nso, Yosef ne Maria kɔɔ Betlehem efisɛ na Kaesare Augusto ahyɛ mmara sɛ wɔnkyerɛw obiara din. (Luka 2:1-7) Na ɛbɛyɛ den sɛ Kaesare de ahyɛde bɛma sɛ nkurɔfo nkɔ wɔn nkurow mu awɔwbere a ɛte saa mu bere a wɔn ani nnye Roma nniso ho.

6, 7. (a) Ɛhe na Buronya mu amanne pii no fi? (b) Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ Buronya adekyɛ ne Kristofo adekyɛ mu?

6 Buronya fi tete abosonsom afahyɛ te sɛ Roma Saturnalia a ɛyɛ afahyɛ a wɔde hyɛ kuayɛ nyame Saturn anuonyam mu; emfi Kyerɛwnsɛm mu. Bio nso, sɛnea New Catholic Encyclopedia ka no, wɔn a wɔsom Mithra nyame no dii “owia a biribiara ntumi no no awoda” wɔ December 25. “Buronya fii ase bere a na owiasom adu ne pɔmpɔn so wɔ Roma” no, Kristo wu akyi mfe ahasa.

Ɔdɔ na ɛka nokware Kristofo ma wɔkyɛ ade

7 Sɛ abosonsomfo no redi wɔn afahyɛ no a, na wɔkyekyɛ wɔn ho wɔn ho ade yeyɛ nnuan akɛse di, na eyi yɛ ade a wɔda so yɛ wɔ Buronya mu. Sɛnea ɛte nnɛ nso no, na Buronya adekyɛ a ɛte saa ne asɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 9:7 no nhyia; ɛkenkan sɛ: “Obiara nyɛ no sɛnea wasusuw wɔ ne komam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so, efisɛ Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma.” Nokware Kristofo fi ɔdɔ mu kyɛ ade, na wɔn akyɛde no nnyina bere titiriw bi so. Afei wɔnhwɛ kwan sɛ afoforo nso bɛkyɛ wɔn bi atua ka. (Luka 14:12-14; kenkan Asomafo Nnwuma 20:35.) Bio nso, wɔn ani sɔ sɛ wɔade wɔn ho afi Buronya bere mu hooyɛ ne ka akɛse a amanfo pii bɔ saa bere no wɔ afe no mu no ho.—Mateo 11:28-30; Yohane 8:32.

8. So nsoromma mu ahwɛfo no kɔmaa Yesu awoda akyɛde? Kyerɛkyerɛ mu.

8 Nanso, ebia ebinom bebisa sɛ, bere a wɔwoo Yesu no, so nsoromma mu ahwɛfo ankɔma no awoda akyɛde? Dabi. Ná wɔn akyɛde no yɛ ɔkwan a wɔfa so kyerɛ obu ma onipa titiriw bi, na eyi yɛ amanne a na wɔtaa yɛ wɔ Bible mmere mu. (1 Ahene 10:1, 2, 10, 13; Mateo 2:2, 11) Nokwasɛm ne sɛ ɛnyɛ anadwo a wɔwoo Yesu no mpo na nsoromma mu ahwɛfo no kɔɔ hɔ. Bere a wɔkɔɔ hɔ no, na Yesu nyɛ akokoaa a ɔda mmoa adididaka mu, na mmom na ɔwɔ fie a wadi asram bi.

NEA BIBLE KA WƆ AWODADI HO

9. Dɛn na esii wɔ awodadi a Bible aka ho asɛm no ase?

9 Ɛwom sɛ wɔwo abofra a, anigye ba fie deɛ, nanso Bible nka wɔ baabiara sɛ Onyankopɔn somfo bi dii n’awoda. (Dwom 127:3) So ɛyɛ anipaso anaa? Dabi, efisɛ Bible ka awodadi mmienu ho asɛm—Farao a ofi Egypt ne Herode Antipa awoda. (Kenkan Genesis 40:20-22; Marko 6:21-29.) Nanso ɛnka awodadi mmienu yi ho asɛmpa, titiriw nea ɛfa Herode Antipa de ho no, efisɛ wotwaa Yohane Suboni ti saa da no.

10, 11. Tete Kristofo buu awodadi dɛn, na dɛn nti na wobuu no saa?

10 Nhoma bi kae sɛ: “Tete Kristofo no buu obi awodadi sɛ abosonsomfo amanne.” (The World Book Encyclopedia) Sɛ nhwɛso no, na tete Helafo no gye di sɛ onipa biara wɔ honhom a ɛbɔ ne ho ban wɔ n’awo bere mu, na ɛno akyi no, ɛkɔ so hwɛ ne so. Awodadi ho nhoma bi kae sɛ na honhom yi “ne onyame a n’awoda na wɔwoo saa nipa no di nkitaho wɔ honhom mu.” (The Lore of Birthdays) Saa ara nso na efi bere tenten ni nnipa de awodadi abata nsoromma mu hwɛ ho.

11 Ɛwom sɛ abosonsom ne ahonhonsɛm a ɛwɔ awodadi mu nti Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete no anni wɔn awoda deɛ, nanso yebetumi aka sɛ nneɛma foforo nso nti na wɔanni wɔn awoda. Dɛn nti na yɛka saa? Na eyinom yɛ mmarima ne mmea ahobrɛasefo a wɔammu wɔn awo sɛ ade titiriw a ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ho fã. * (Mika 6:8; Luka 9:48) Mmom no, wɔkamfoo Yehowa na wɔdaa no ase sɛ wama wɔn akyɛde a ɛsom bo a ɛne nkwa. *Dwom 8:3, 4; 36:9; Adiyisɛm 4:11.

12. Ɔkwan bɛn so na yɛn wuda betumi ayɛ papa asen yɛn awoda?

12 Sɛ obi kura ne mudi mu kosi owu mu a, Onyankopɔn kae no, enti obenya nkwa daakye. (Hiob 14:14, 15) Ɔsɛnkafo 7:1 ka sɛ: “Din pa ye sen ngo pa, na owuda ye sen awoda.” Yɛn “din pa” yɛ gyinabea pa a yɛanya wɔ Onyankopɔn anim esiane ɔsom kronn nti. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ afahyɛ a wɔahyɛ Kristofo sɛ wonni no mfa awo ho, na mmom owu ho—Yesu wu. Adesamma nkwa gyina Yesu “din” a ɛkyɛn so no so.—Hebrifo 1:3, 4; Luka 22:17-20.

EASTER—ABAWO SOM A WƆADURA HO

13, 14. Ɛhe na Easter amanne horow a agye din no pii fi?

13 Wɔka Easter ho asɛm sɛ ɛyɛ Kristo wusɔre ho afahyɛ, nanso efi atoro som mu ankasa. Ebinom kyerɛ sɛ Easter ne tete Englandfo hann ne fefɛw bere nyamewa Eostre, anaa Ostara yɛ adekoro. Ɛnde, ɛyɛɛ dɛn na wɔde nkosua ne adanko nso bɛhyɛɛ Easter mu? Nhoma bi kae sɛ: “Bere tenten ni a wɔde nkesua adi dwuma sɛ asetena foforo ne owusɔre ho sɛnkyerɛnne titiriw.” (Encyclopædia Britannica) Na wɔde adanko nso adi dwuma sɛ abawo ho sɛnkyerɛnne. Enti Easter yɛ abawo ho amanne a wɔadura ho sɛ Kristo wusɔre ho afahyɛ ara kwa. *

14 So Yehowa begye abawo afahyɛ a ɛyɛ abofono atom sɛ wɔmfa nhyɛ ne Ba no wusɔre ho fã? Dabida! (2 Korintofo 6:17, 18) Nokwasɛm ne sɛ Kyerɛwnsɛm no nhyɛɛ obiara sɛ ɔnhyɛ Yesu wusɔre ho fã. Enti sɛ wodi afahyɛ a ɛte saa na wɔfrɛ no Easter a, na ɛyɛ animtiaabu kɛse.

“HALLOWEEN” NYƐ AFAHYƐ KRONKRON

15. Ɛhe na “Halloween” fi bae, na dɛn na yebetumi aka afa da a wodi saa afahyɛ yi ho?

15 “Halloween” yɛ afahyɛ a wodi da a ade bɛkye ma wɔadi Ahotefo Nyinaa Da no. Afahyɛ bere no mu no, wosiesie wɔn ho huhuuhu te sɛ kaakaamotobi, na ebinom nso yɛ wɔn ho sɛ adaemone, na eyi fii ase wɔ Celtfo a wofi Britain ne Ireland no mu. Sɛ ɔsram twa puruw wɔ November 1 ntam hɔ a, wodi Samhain, anaa “Ahohuru Bere Awiei” afahyɛ no. Wogye di sɛ edu Samhain a, ade a etwa nnipa ne nsamanfo ntam no mu tew, na ahonhom pa ne ahonhommɔne nyinaa di akɔneaba wɔ asase so. Wosusuw sɛ awufo akra san kɔ wɔn afie mu, na abusuafo de nnuan ne nsã sisi hɔ ma wɔn nsamanfo a wɔaba fie yi de pata wɔn. Enti sɛ mmofra siesie wɔn ho huhuuhu te sɛ kaakaamotobi anaa nsamanfo, na wɔkɔ afie afie mu kohunahuna nkurɔfo sɛ, sɛ wɔankyɛ wɔn ade a wɔbɛhaw wɔn a, na Samhain afahyɛ no ho amanne no ara na wɔreyɛ a wonnim.

MA W’AYEFOROHYIA HO MMRA NYAM

16, 17. (a) Dɛn nti na Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔware no ma Bible nnyinasosɛm tena wɔn adwenem bere a wɔresusuw ayeforohyia ho amanne ahorow ho no? (b) Ayeforohyia ho amanne baako ne sɛ wɔtow ɛmo anaa nneɛma a ɛtete saa pete, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo ma ɛtena wɔn adwenem wɔ eyi ho?

16 Ɛrenkyɛ “wɔrente ayeforokunu ne ayeforo biara nne wɔ [Babilon Kɛse] mu bio.” (Adiyisɛm 18:23) Dɛn ntia? Ɔkwan bi so no, Babilon Kɛse ahonhonsɛm betumi agu aware ho fĩ afi ayeforohyia da no pɛɛ.—Marko 10:6-9.

17 Ɛsono ɔman biara amanne. Ayeforohyia ho amanne horow bi wɔ hɔ a ɛte sɛ nea asɛm biara nni ho nanso ebia na efi Babilon nneyɛe mu. Ebinom susuw sɛ amanne a ɛtete saa de ‘akraye,’ anaa nneɛma pa brɛ okunu ne ɔyere no anaa wɔn a wɔba ayeforohyia no ase no. (Yesaia 65:11) Amanne yi mu baako ne ɛmo anaa nneɛma a ɛtete saa a wɔtow pete no. Ebia gyidi a ɛma wɔyɛ saa ne sɛ wotumi de aduan pata ahonhommɔne na wɔanhaw ayeforo anaa ayeforokunu no. Bio nso, efi tete nyinaa nnipa bi gye di sɛ ɛmo boa abawo na ɛma anigye ne nkwatenten. Enti wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtena Onyankopɔn dɔ mu nyinaa po amanne a ɛho ntew yi.—Kenkan 2 Korintofo 6:14-18.

18. Sɛ nnipa bi pɛ sɛ wohyia ayeforo a, Bible mu nnyinasosɛm bɛn na ɛsɛ sɛ ɛboa wɔne wɔn a wɔbɛto nsa afrɛ wɔn no?

18 Afei nso Yehowa nkoa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛpo wiase nneyɛe biara a ebetumi asɛe nidi a ɛfata a ɛwɔ Kristofo ayeforohyia ne ɛho apontow mu anaa biribiara a ebetumi ahaw ebinom ahonim no. Sɛ nhwɛso no, wɔkwati nsɛm a ebetumi ahaw afoforo anaa nna ho nsɛm a ɛmfata ne nsɛnkwaa a ebetumi ahyɛ awarefo no aniwu. (Mmebusɛm 26:18, 19; Luka 6:31; 10:27) Bio nso, wɔhwɛ sɛ apontow no renyɛ kokuroo na ammɛyɛ sɛ wɔde ‘asetena mu nneɛma rehoahoa wɔn ho.’ (1 Yohane 2:16) Sɛ wopɛ sɛ wuhyia ayeforo a, mma wo werɛ mfi sɛ Yehowa pɛ sɛ wokae da titiriw yi anigye mu, ɛnyɛ awerɛhow mu. *

“TOASTING”—ƐYƐ BƆNE?

19, 20. Dɛn na nhoma bi ka fa nsã kuruwa a wɔde kyerɛ soro (anaa “toasting”) ho, na dɛn nti na Kristofo nyɛ saa amanne yi bi?

19 Ade baako a agye din wɔ ayeforohyia ne apontow ahorow ase ne nea wɔfrɛ no “toasting” anaa nsã kuruwa a obi de bɔ ne yɔnko de mu ma so kɔ soro no. Nhoma bi a wɔyɛe wɔ 1995 mu kae sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ ‘toasting’ yɛ . . . nnɛ bere mu ade a efi tete amanne a wɔnam so gu nsã ma anyame . . . de hwehwɛ biribi fi wɔn nkyɛn mu. Ná eyi yɛ apae tiawa a woyi ka nsɛm te sɛ ‘nkwatenten!’ anaa ‘mo nkwa so!’”—International Handbook on Alcohol and Culture.

20 Ɛyɛ nokware sɛ nnipa pii nnim sɛ “toasting” fi gyidihunu bi mu. Nanso yebetumi aka sɛ nsã kuruwa a wɔma so kɔ soro no yɛ srɛ a obi srɛ “ɔsoro”—anaa honhom bi—nhyira, na eyi ne Kyerɛwnsɛm nhyia.—Yohane 14:6; 16:23. *

“MO A MODƆ YEHOWA NYINAA, MUNKYI BƆNE”

21. Amanne bɛn na sɛ agye din na ennyina gyidihunu so mpo a, ɛsɛ sɛ Kristofo po, na dɛn ntia?

21 Aman bi mu no, wɔwɔ afahyɛ bi a wɔfrɛ no Mardi Gras, na wɔyɛ nneɛma tra so wɔ mu. Saa afahyɛ yi mu no, wɔde asaw a ɛyɛ aniwu a ebi mpo hyɛ ɔbarima ne ɔbarima nna ne ɔbea ne ɔbea nna ho nkuran de fa kurom. Eyi da nnɛ wiase no abrabɔ a asɛe kɛse a Babilon Kɛse hyɛ akyi no adi. So ɛfata sɛ wɔn a wɔdɔ Yehowa no bɛkɔ afahyɛ a ɛte saa ase anaa ɔbɛhwɛ mpo? So saa a wɔbɛyɛ no bɛda no adi sɛ wokyi bɔne ampa? (Dwom 1:1, 2; 97:10) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ papa sɛ yebesuasua su a odwontofo no daa no adi no. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “Mma m’aniwa nnhwɛ ahuhude”!—Dwom 119:37.

22. Bere bɛn na Kristoni bi de n’ahonim besi gyinae sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ amanne bi mu anaa ɔremfa ne ho nhyɛ mu?

22 Sɛ wiase no redi n’afahyɛ horow a, ɛsɛ sɛ Kristoni hwɛ yiye na wanyɛ biribiara a ɛbɛma afoforo anya adwene sɛ ɔno nso redi afahyɛ no bi. Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ moredidi oo, morenom oo, moreyɛ biribi foforo biara oo, monyɛ ne nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.” (1 Korintofo 10:31; hwɛ adaka a n’asɛmti ne, “ Si Gyinae a Nyansa Wom,”) Nanso sɛ amanne anaa afahyɛ bi nnyina atoro nkyerɛkyerɛ anaa ammamuisɛm anaa ɔmampɛ honhom so, na entia Bible nnyinasosɛm biara a, ɛsɛ sɛ Kristoni biara si n’ankasa gyinae sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ mu anaa ɔremfa ne ho nhyɛ mu. Bere koro no ara mu no, obesusuw afoforo nkate ho na wanto obiara hintidua.

FA NSƐM NE NNEYƐE HYƐ ONYANKOPƆN ANUONYAM

23, 24. Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so adi Yehowa trenee gyinapɛn ho adanse pa?

23 Nnipa pii bu afahyɛ ahorow sɛ ɛyɛ hokwan a wɔne wɔn mmusua ne wɔn nnamfo bɛbom ahyiam. Enti ebinom bɛka sɛ yɛtwe Kyerɛwnsɛm no mu kɔ akyiri dodo na yɛmpɛ nnipa. Sɛ afoforo te nka saa a, yebetumi akyerɛkyerɛ mu akyerɛ wɔn sɛ Yehowa Adansefo ne wɔn mmusua ne wɔn nnamfonom hyiam bere a ɛfata biara. (Mmebusɛm 11:25; Ɔsɛnkafo 3:12, 13; 2 Korintofo 9:7) Yɛne yɛn adɔfo hyiam afe no nyinaa mu gye yɛn ani, nanso esiane sɛ yɛdɔ Onyankopɔn trenee gyinapɛn ahorow nti, yɛmpɛ sɛ yɛde amanne ahorow a ɛhyɛ no abufuw bɛsɛe anigye bere a ɛte saa.—Hwɛ adaka a n’asɛmti ne, “ Nokware Som De Anigye Kɛse Ba,”

24 Adansefo bi ne wɔn a wobisa wɔn nsɛm no bi asusuw nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? * nhoma no ti 16 ho ma mfaso afi mu aba. Kae sɛ yɛn botae ne sɛ yɛbɛma nokware no aka wɔn koma, na ɛnyɛ sɛ yɛbɛbɔ wɔn nsɛm agu kɛkɛ. Enti wo ne wɔn nkasa obu ne odwo mu, na ma wo “kasa ho mmra nyam bere nyinaa na nkyene mmra mu.”—Kolosefo 4:6.

25, 26. Awofo bɛyɛ dɛn aboa wɔn mma ma gyidi a wɔwɔ wɔ Yehowa mu ne ɔdɔ a wɔwɔ ma no no anyin?

25 Sɛ́ Yehowa asomfo no, wɔatete yɛn ma yɛn adwene mu abue. Ɛno nti, yenim nea enti a yegye biribi di, nea enti a yɛyɛ nneɛma bi ne nea enti a yɛtwe yɛn ho fi nneɛma bi nso ho. (Hebrifo 5:14) Enti awofo, monkyerɛkyerɛ mo mma ma wɔmfa wɔn adwene nsusuw Bible nnyinasosɛm ho. Saa a mobɛyɛ no bɛma wɔn gyidi mu ayɛ den na aboa wɔn ma wɔafi Kyerɛwnsɛm mu abua wɔn a wobisa wɔn gyidi ho nsɛm no, na wɔahu sɛ Yehowa dɔ wɔn.—Yesaia 48:17, 18; 1 Petro 3:15.

26 Ɛnyɛ afahyɛ ahorow a ennyina Kyerɛwnsɛm so nko na wɔn a wɔsom Onyankopɔn wɔ “honhom ne nokware mu” no kwati, na mmom wɔbɔ mmɔden nso sɛ wobedi nokware wɔ wɔn asetena nyinaa mu. (Yohane 4:23) Ɛnnɛ, nnipa pii susuw sɛ nokwaredi ho nhia. Nanso sɛnea yebehu wɔ ti a edi hɔ no mu no, Onyankopɔn akwan yɛ papa bere nyinaa.

^ nky. 3 Hwɛ adaka a n’asɛmti ne, “ So Ɛsɛ sɛ Midi Afahyɛ no Bi?” Wɔaka nnapɔnna “kronkron” ne afahyɛ ahorow bi ho asɛm wɔ Watch Tower Publications Index, a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

^ nky. 5 Sɛnea Bible akontaabu ne abakɔsɛm kyerɛ no, ɛbɛyɛ sɛ wɔwoo Yesu wɔ afe 2 A.Y.B. wɔ Yudafo ɔsram Etanim mu, anaa September/October wɔ nnɛyi kalenda so.—Hwɛ Insight on the Scriptures, a Yehowa Adansefo tintimii no, Po 2, kratafa 56-57.

^ nky. 11 Hwɛ adaka a n’asɛmti ne, “ Satansom mu Nnapɔnna ‘Kronkron,’.”

^ nky. 11 Ná Mmara apam no hwehwɛ sɛ, sɛ ɔbea wo a, ɔbɔ bɔne afɔre ma Onyankopɔn. (Leviticus 12:1-8) Na eyi bɛkae wɔn sɛ wɔawo wɔn mma wɔ bɔne mu. Enti mmara no boaa Israelfo no ma wonyaa adwene a ɛkari pɛ wɔ awo ho, na yebetumi aka sɛ eyi ma wɔpoo awodadi a na ɛyɛ abosonsomfo amanne no.—Dwom 51:5.

^ nky. 13 Ná Eostre (anaa Eastre) yɛ abawo nyamewa. Nhoma bi ka ne ho asɛm sɛ: “Na ɔwɔ adanko wɔ ɔsram so, na na adanko no pɛ kosua. Sɛ wɔyɛ ne mfonini a, ɛtɔ da bi a wɔyɛ ne ti te sɛ adanko.”—The Dictionary of Mythology.

^ nky. 18 Hwɛ nsɛm mmiɛnsa a ɛfa ayeforohyia ne apontow ho wɔ October 15, 2006, Ɔwɛn-Aban no mu wɔ kratafa 18-31.

^ nky. 24 Yehowa Adansefo na wotintimii.