Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 14

Di Nokware Wɔ Biribiara Mu

Di Nokware Wɔ Biribiara Mu

“Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.”—HEBRIFO 13:18.

1, 2. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi nokware a, dɛn nti na Yehowa ani gye? Ma mfatoho.

ƐNA bi ne ne ba abarimaa apue afi sotɔɔ bi mu rekɔ fie. Afei ohu sɛ abarimaa no agyina prɛko pɛ, na n’anim asesa. Abarimaa no ani aba ne ho so sɛ okura agode bi a ɔfae wɔ sotɔɔ no mu. Ne werɛ fii sɛ ɔbɛsan de agode no ato hɔ anaa ɔbɛma ne maame atɔ ama no. Ɛhaw no ma ɔteɛm frɛ ne maame. Maame no twa ne ba no koma to ne yam na ɔsan de no kɔ sotɔɔ no mu de agode no kɔto hɔ na ɔpa sotɔɔ wura no kyɛw. Bere a abarimaa no yɛ saa no, anigye hyɛ maame no koma mã. Adɛn ntia?

2 Sɛ mmofra hu hia a nokwaredi ho hia a, wɔn awofo ani gye sen biribiara. Saa ara na yɛn soro Agya a ɔyɛ “nokware Nyankopɔn” no nso ani gye. (Dwom 31:5) Bere a ohu sɛ yɛrenyin wɔ ne som mu no, n’ani gye sɛ yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ anokwafo. Esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ n’ani na yɛtena ne dɔ mu nti, yɛne ɔsomafo Paulo yɛ adwene wɔ asɛm a ɔkae yi ho sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.” (Hebrifo 13:18) Momma yɛmfa yɛn adwene nsi asetenam tebea nnan bi a ebetumi ayɛ den sɛ yebedi nokware wɔ mu no so. Afei yebesusuw nhyira a efi mu ba no bi ho.

SƐNEA YEBEDI YƐN ANKASA HO NOKWARE

3-5. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm bɔ yɛn kɔkɔ wɔ asiane a ɛwom sɛ yɛbɛdaadaa yɛn ho no mu? (b) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea yɛte ankasa?

3 Asɛnnennen a edi kan ne sɛ yebesua sɛ yebedi yɛn ankasa ho nokware. Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛdaadaa yɛn ho. Sɛ nhwɛso no, Yesu ka kyerɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Laodikea no sɛ wɔdaadaa wɔn ho sɛ wɔyɛ adefo, nanso na wɔyɛ ‘ahiafo ne anifuraefo a wɔda adagyaw’ wɔ honhom mu. Ná wɔn tebea no yɛ awerɛhow paa. (Adiyisɛm 3:17) Bere a wɔkɔ so daadaa wɔn ho no, na wɔn tebea no resɛe koraa.

4 Wobɛkae nso sɛ osuani Yakobo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ onyamesomfo nanso ɔnto ne tɛkrɛma nnareka, na mmom ɔkɔ so daadaa ne koma a, onipa a ɔte saa no som yɛ ɔkwa.” (Yakobo 1:26) Sɛ yesusuw sɛ yebetumi de yɛn tɛkrɛma adi dwuma kwammɔne so na yɛn som asɔ Yehowa ani a, na yɛredaadaa yɛn koma. Ɔsom a yɛde ma Yehowa no bɛyɛ kwa; mfaso biara remma so. Ɛnde, dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛamfa kwan a ɛyɛ hu saa so?

5 Yakobo asɛm a ɔkae no ara mu no, ɔde Onyankopɔn asɛm mu nokwasɛm toto ahwehwɛ ho. Na otu yɛn fo sɛ yɛnhwehwɛ Onyankopɔn mmara a ɛyɛ pɛ no mu na yɛnyɛ nsakrae biara a ɛfata. (Kenkan Yakobo 1:23-25.) Bible betumi aboa yɛn ma yɛahu sɛnea yɛte ankasa ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ de siesie yɛn tebea. (Kwadwom 3:40; Hagai 1:5) Bio nso, yebetumi abɔ Yehowa mpae asrɛ no sɛ ɔnhwehwɛ yɛn mu, na ɔmmoa yɛn mma yenni yɛn mmerɛwyɛ biara ho dwuma. (Dwom 139:23, 24) Nkontompo yɛ mmerɛwyɛ a etumi didi nnipa mu, enti ɛsɛ sɛ yebu no sɛnea yɛn soro Agya no bu no no. Mmebusɛm 3:32 ka sɛ: “Yehowa kyi okontomponi, na teefo na Ɔne wɔn di atirimsɛm.” Yehowa betumi aboa yɛn ma yɛate nka sɛnea ɔte nka na yɛahu yɛn ho sɛnea ohu yɛn. Kae nea Paulo kae no: “Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra.” Yɛnyɛ pɛ seesei, nanso yefi yɛn koma nyinaa mu pɛ sɛ yedi nokware wɔ biribiara mu.

NOKWAREDI WƆ ABUSUA MU

Sɛ yedi nokware a, ɛboa yɛn ma yɛnyɛ nneɛma wɔ sum ase

6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awarefo di wɔn ho wɔn ho nokware, na asiane bɛn na ɛno bɛma wɔakwati?

6 Ɛsɛ sɛ Kristofo ma nokwaredi yɛ wɔn abusua no ahyɛnsode. Enti ebehia sɛ okunu ne ɔyere bɔ nkɔmmɔ a obiara mfa biribiara nsie ne yɔnko. Ɛnsɛ sɛ Kristoni warefo bi de ne ho twitwiw obi a ɔnyɛ ne hokafo na onya ne ho akɔnnɔ, efisɛ eyi yɛ afide a ebetumi apira ne hokafo no. Enti ɛmfata sɛ ɔbɛhyɛ sum ase ne obi adi nkitaho a ɛnsɛ wɔ Intanɛt so anaa ɔde aguamansɛm begyigye n’ani. Kristofo awarefo binom de wɔn ho ahyɛ ɔbra bɔne a ɛte saa mu wɔ sum ase bere a wɔn hokafo nnim. Eyi nkyerɛ nokwaredi. Hyɛ asɛm a ɔhene nokwafo Dawid kae yi nsow: “Me ne nkontompofo antena; na nyaatwomfo nso, me ne wɔn ammɔ.” (Dwom 26:4) Sɛ woaware a, nhyɛ sum ase nyɛ biribi a ebetumi ama wode wo suban ankasa asie wo hokafo!

7, 8. Bible mu nhwɛso bɛn na ebetumi aboa mmofra ma wɔahu mfaso a ɛwɔ nokwaredi so?

7 Sɛ awofo rekyerɛ wɔn mma mfaso a ɛwɔ nokwaredi so a, nyansa wom sɛ wɔde Bible mu nhwɛso ahorow bedi dwuma. Ebinom anni nokware, na eyi ho nhwɛso ne Akan, Gehasi, ne Yuda. Akan wiaa ade na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkata so; Gehasi dii atoro de pɛɛ honam fam mfaso; na Yuda nso wiaa ade na odii atoro de yii Yesu mae.—Yosua 6:17-19; 7:11-25; 2 Ahene 5:14-16, 20-27; Mateo 26:14, 15; Yohane 12:6.

8 Ebinom nso dii nokware, na wɔn mu baako ne Yakob. Ɔmaa ne mma de sika a wohui wɔ wɔn kotoku mu no san kɔe efisɛ na osusuw sɛ anipaso na ɛma wɔde hyɛɛ mu. Nokwaredifo afoforo nso ne Yefta ne ne babea no. Ababaa no dii bɔ a ne papa hyɛe no so, na ɛma ɔde ne ho bɔɔ afɔre. Yesu nso de akokoduru kaa nipa ko a ɔyɛ kyerɛe wɔ basabasayɛfo bi anim, na eyi maa nkɔmhyɛ bi baa mu. Afei nso ɔyɛɛ saa de bɔɔ ne nnamfo ho ban. (Genesis 43:12; Atemmufo 11:30-40; Yohane 18:3-11) Nhwɛso kakra yi betumi ama awofo ahu nneɛma pa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ɛbɛboa wɔn ma wɔakyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔasua nokwaredi na wɔahu so mfaso.

9. Sɛ awofo pɛ sɛ wɔn mma sua nokwaredi a, nhwɛso bɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na dɛn nti na eyi ho hia?

9 Nkyerɛkyerɛ a ɛte saa de asɛyɛde kɛse to awofo so. Ɔsomafo Paulo bisae sɛ: “So wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho? Wo a woka sɛ ‘Mmɔ korɔn’ no, so wobɔ korɔn?” (Romafo 2:21) Awofo bi ma wɔn mma adwene tu fra, efisɛ bere a wɔkyerɛ wɔn mma sɛ wonni nokware no, wɔn ankasa nni nokware. Ebia wobewia nneɛma nketenkete na wɔadi atoro aka sɛ, “Adɛn, adwumawura no mpo nim sɛ yɛbɛfa bi,” anaa “Eyi yɛ atoro ketewaa bi, ɛnsɛe hwee.” Nanso nokwasɛm ne sɛ korɔn biara yɛ korɔn ɛmfa ho ade a wuwiae no; saa ara nso na atoro biara yɛ atoro, ɛmfa ho asɛm ko a wokae no. * (Kenkan Luka 16:10.) Mmofra tumi hu nyaatwomyɛ ntɛm na ebetumi asɛe wɔn. (Efesofo 6:4) Nanso sɛ awofo di nokware na wɔn mma sua a, wobenyin abɛhyɛ Yehowa anuonyam wɔ wiase a nokwaredi nnim yi mu.—Mmebusɛm 22:6.

NOKWAREDI WƆ ASAFO NO MU

10. Sɛ yɛne yɛn mfɛfo gyidifo rebɔ nokwasɛm bi ho nkɔmmɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho?

10 Yɛn mfɛfo Kristofo a yɛne wɔn bɛbɔ no bɛma yɛanya hokwan pii de asua nokwaredi. Sɛnea yehui wɔ Ti 12 no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye bere a yɛde akyɛde a ɛyɛ kasa no redi dwuma no, titiriw wɔ yɛn nuanom Kristofo mu. Nkɔmmɔbɔ kɛkɛ betumi adan nseku bɔne anaa ntwiri mpo. Sɛ yɛte asɛm bi na yɛanhu mu yiye na yɛkeka kyerɛ afoforo a, ebia na yɛreboa ama atosɛm bi mu atrɛw, enti ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛka yɛn ano atom. (Mmebusɛm 10:19) Sɛ yenim sɛ asɛm bi yɛ nokware mpo a, ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛkeka kyerɛ afoforo. Ebia na asɛm no mfa yɛn ho, anaasɛ ka a yɛbɛka ho asɛm no renkyerɛ ayamye. (1 Tesalonikafo 4:11) Ebinom kasa bumbum susuw sɛ ɛnyɛ hwee efisɛ nea wɔreka no yɛ nokware, nanso ɛsɛ sɛ yɛn kasa ho ba nyam daa na ɛhyɛ nkuran.—Kenkan Kolosefo 4:6.

11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔayɛ bɔne a anibere wom betumi asɛe asɛm no koraa? (b) Atosɛm bɛn na Satan betumi ahyɛ ho nkuran bere a obi ayɛ bɔne a anibere wom no, na yɛbɛyɛ dɛn ako atia? (d) Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yedi Yehowa ahyehyɛde no nokware?

11 Ɛho hia titiriw sɛ yɛka nokware kyerɛ wɔn a wodi asafo no anim no. Sɛ obi yɛ bɔne a anibere wom na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkata so anaa odi atoro bere a asafo mu mpanyimfo abisa no ho asɛm a, na ɔresɛe asɛm no. Saafo no betumi anya su mmienu; wɔbɛyɛ wɔn ho sɛ wɔresom Yehowa nanso na wɔreyɛ bɔne a anibere wom wɔ sum ase. Ɔkwan bi so no, su a ɛte saa no ma obi bɛyɛ okontomponi wɔ n’asetena nyinaa mu. (Dwom 12:2) Afoforo deɛ, wɔka asɛm no mu fã kakra kyerɛ mpanyimfo no, nanso wɔkata nea ehia no so. (Asomafo Nnwuma 5:1-11) Mpɛn pii no, Satan atosɛm a yebegye adi no na ɛbɛma yɛatwa nkontompo a ɛte saa.—Hwɛ adaka a n’asɛmti ne, “ Satan Nnaadaasɛm a Ɛfa Bɔne a Anibere Wom Ho.”

12 Sɛ yɛrehyehyɛ krataa bi nso a, ɛsɛ sɛ yebu no aniberesɛm na yedi Yehowa ahyehyɛde no nokware. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛrehyehyɛ yɛn asɛnka akontaabu a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛankyerɛw nea ennim. Saa ara na sɛ yɛrehyehyɛ krataa bi de apɛ ɔsom hokwan bi a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛw sɛnea yɛn akwahosan ne nsɛm foforo te ankasa.—Kenkan Mmebusɛm 6:16-19.

13. Sɛ yɛne yɛn mfɛfo gyidifo reyɛ adwuma a, ɔkwan bɛn so na yɛbɛkyerɛ sɛ yedi nokware?

13 Bio nso nokwaredi ho hia bere a yɛne yɛn mfɛfo gyidifo reyɛ adwuma. Ɛtɔ mmere bi a, anuanom Kristofo mmea ne mmarima ka wɔn ho bom yɛ adwuma bi. Ɛsɛ sɛ wohu sɛ ɛsono nnwuma a ɛtete saa na ɛsono asafo no dwumadi wɔ Ahenni Asa so anaa ɔsom adwuma no mu; ɛnsɛ sɛ wɔde frafra. Ebetumi aba sɛ adwumawura bi na wafa afoforo ne wɔn yɛ adwuma. Sɛ yɛfa anuanom ne wɔn yɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ yedi wɔn nokware tua wɔn ka bere ano na yɛde sika a yɛne wɔn ayɛ ho nhyehyɛe ne nneɛma afoforo a mmara hwehwɛ sɛ yɛde ma wɔn no nso ma wɔn. (1 Timoteo 5:18; Yakobo 5:1-4) Saa ara nso na sɛ onua bi fa yɛn wɔ n’adwuma mu a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma no pɛpɛɛpɛ, efisɛ yegye ho akatua. (2 Tesalonikafo 3:10) Ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ adwumawura no yɛ yɛn nua nti ɔkwan biara so ɛsɛ sɛ ɔma yɛn bere pii kogye yɛn ahome, ɔma yɛn akatua kɛse, anaa ɔma yɛn nneɛma foforo sen wɔn a wɔnyɛ anuanom no.—Efesofo 6:5-8.

14. Sɛ Kristofo bi ka wɔn ti pam ho yɛ adwuma a, nhyehyɛe bɛn na ɛsɛ sɛ wofi nyansam yɛ, na dɛn ntia?

14 Na sɛ yɛne afoforo na aka yɛn ti apam ho anaa yɛakogye bosea reyɛ adwuma kɛse bi nso ɛ? Bible de nnyinasosɛm a ɛho hia na mfaso wɔ so ma: Monkyerɛw biribiara wɔ krataa so! Sɛ nhwɛso no, bere a Yeremia tɔɔ asase bi no, ɔma wɔyɛɛ ɛho nkrataa mmienu a adansefo wɔ ho, na daakye asɛm nti ɔde siei. (Yeremia 32:9-12; hwɛ Genesis 23:16-20 nso.) Sɛ yɛne yɛn mfɛfo gyidifo reyɛ adwuma abom na yɛkyerɛw ho nsɛm nyinaa wɔ krataa so de yɛn nsa hyɛ ase na yennya ɛho adansefo a, ɛnkyerɛ sɛ yennye yɛn nuanom nni. Mmom no, ɛboa ma yɛkwati akasakasa, huammɔdi ne wontwiwontwi. Sɛ Kristofo bi aka wɔn ho abom reyɛ adwuma bi a, ɛsɛ sɛ ɛtena wɔn adwenem sɛ adwuma biara nni hɔ a ɛsom bo araa ma enti ɛsɛ sɛ ɛsɛe baakoyɛ ne asomdwoe a ɛwɔ asafo no mu no. *1 Korintofo 6:1-8.

NOKWAREDI WƆ WIASE NO MU

15. Yehowa bu aguadi mu nsisi sɛn, na Kristofo yɛ wɔn ade sɛn wɔ nsisi ho?

15 Ɛnyɛ asafo no mu nko na ɛsɛ sɛ Kristoni di nokware. Paulo kae sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.” (Hebrifo 13:18) Sɛ yɛne nnipa a wɔwɔ wiase no reyɛ adwuma a, yɛn Bɔfo no pɛ sɛ yedi nokware. Mmebusɛm nhoma no nkutoo ka atoro nsenia pii ho asɛm. (Mmebusɛm 11:1; 20:10, 23) Tete mmere mu no, na wɔtaa de nsenia ne susude yɛ adwuma de susuw nneɛma a wɔtɔn, ne sika a wɔde tɔ ade. Ná aguadifo asisifo taa de nsenia ahorow mmienu anaa nsenia a ɛnyɛ papa di dwuma de daadaa wɔn a wɔne wɔn di gua na wɔanya kwan asisi wɔn. * Yehowa kyi nneyɛe a ɛtete saa! Sɛ yɛpɛ sɛ yɛtena ne dɔ mu a, ɛsɛ sɛ yɛpo aguadi mu nsisi ahorow nyinaa.

16, 17. Nneɛma bɛn na nnipa nni mu nokware wɔ nnɛ wiase yi mu, na dɛn na nokware Kristofo asi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ?

16 Esiane sɛ Satan ne wiase yi sodifo nti, ɛnyɛ yɛn nwonwa sɛ nsisi atwa yɛn ho ahyia saa. Da biara yehyia tebea a ɛsɔ yɛn nokwaredi hwɛ. Sɛ nnipa bi pɛ adwuma na wɔrekyerɛw wɔn ho nsɛm a, wɔtaa di atoro kyerɛw sɛ wɔwɔ nimdeɛ anaa osuahu bi bere a ɛnte saa. Sɛ nkurɔfo rehyehyɛ akwantu, tow, ne nsiakyibaa (insurance) ho nkrataa anaa nneɛma a ɛtete saa a, wɔtaa kyerɛw nsɛm a ennim sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka nea wɔrehwehwɛ. Adesuafo bebree wia sɔhwɛ mu, na sɛ wɔka sɛ wɔnkyerɛw sukuu mu dwumadi bi a, ebinom kɔ Intanɛt so kotu obi asɛm a wakyerɛw ma ɛbɛyɛ sɛ wɔn ankasa asɛm. Na sɛ nkurɔfo pɛ sɛ wɔn nsa ka biribi a, mpɛn pii no wotua adanmude ma aban mpanyimfo de nya nea wɔpɛ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ yebehu nneyɛe a ɛte sɛɛ wɔ wiase, efisɛ yenim sɛ “nnipa bɛyɛ ahopɛ, sikanibere, . . . wɔn a wɔmpɛ papa.”—2 Timoteo 3:1-5.

17 Nokware Kristofo asi wɔn bo sɛ wɔremfa wɔn ho nhyɛ saa nneyɛe yi biara mu. Nea enti a nokwaredi tumi yɛ den ne sɛ ɛtɔ mmere bi a wɔn a wonni nokware no di yiye na wonya wɔn ho wɔ nnɛ wiase yi mu. (Dwom 73:1-8) Nanso esiane sɛ Kristofo pɛ sɛ wodi nokware “wɔ biribiara mu” nti, ebia wɔn ho bɛkyere wɔn wɔ sika fam. So ɛho hia sɛ wodi nokware bere a ebetumi ama wɔn ho akyere wɔn no? Yiw, ɛho hia paa! Adɛn ntia? Sɛ obi di nokware a, nhyira bɛn na onya?

NOKWAREDI SO WƆ NHYIRA

18. Adɛn nti na nokwaredi som bo saa?

18 Asetena mu nneɛma a ɛsom bo paa no mu baako ne sɛ afoforo bebu wo sɛ nokwaredifo na wɔatumi de wɔn ho ato wo so. (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne, “ Midi Nokware Kodu He?”) Susuw ho hwɛ—obiara betumi anya su a ɛte saa! Eyi nnyina wo nimdeɛ, wo sika, w’ahoɔfɛ, beae a wufi, anaa nneɛma foforo bi a wunni so tumi biara so. Nanso ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wobenya su a ɛsom bo yi bi. Ɛyɛ su a ɛho yɛ nã paa. (Mika 7:2) Ebinom bedi wo ho fɛw sɛ wudi nokware, nanso afoforo ani begye wo ho, wɔde wɔn ho bɛto wo so, na wɔabu wo. Yehowa Adansefo pii ahu sɛ ɛtɔ da bi a, wɔn nokwaredi no ma wonya mfaso wɔ sika fam mpo. Sɛ wɔpam wɔn a wonni nokware fi adwumam a, wɔn deɛ, wɔkɔ so tena adwuma no mu. Afei nso, sɛ wɔrehwehwɛ nnipa a wodi nokware afa wɔn wɔ adwuma bi mu a, ɛnyɛ den sɛ wɔbɛfa wɔn.

19. Ɔkwan bɛn so na nokwaredi a yɛde bɛbɔ yɛn bra no bɛka yɛn ahonim ne abusuabɔ a ɛda yɛne Yehowa ntam no?

19 Sɛ nea yɛaka yi bi to wo anaasɛ amma saa mpo a, wubehu sɛ nokwaredi so wɔ mfaso pii. Wubenya ahonim pa, na eyi yɛ nhyira kɛse. Paulo kyerɛwee sɛ: “Yegye di sɛ yɛwɔ ahonim pa.” (Hebrifo 13:18) Nea ɛsen saa no, yɛn soro Agya no behu wo nokwaredi efisɛ ɔdɔ nnipa a wodi nokware. (Kenkan Dwom 15:1, 2; Mmebusɛm 22:1.) Yiw, wo nokwaredi bɛma woatena Onyankopɔn dɔ mu, na akatua biara nni hɔ a ɛsen eyi. Afei momma yensusuw asɛm a ɛne eyi wɔ abusuabɔ ho: Sɛnea Yehowa bu adwuma.

^ nky. 9 Asafo no mu no, sɛ atorodi bɛyɛ obi su na ɔhyɛ da di atoro de sɛe afoforo a, ɛho behia sɛ mpanyimfo paw asɛnni boayikuw ma wodi n’asɛm.

^ nky. 14 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea anuanom bɛyɛ bere a adwuma nhyehyɛe bi ankɔ yiye no a, hwɛ Nkekaho “Adwuma Ho Nsɛm a Wobesiesie.”

^ nky. 15 Ná wɔwɔ nsenia a wɔde tɔ ade ne foforo a wɔde tɔn nneɛma, na emu biara mu no, wɔhwɛ sɛ wobenya mfaso. Afei na nsenia no bi wɔ hɔ a ne nsa baako ware anaa emu yɛ duru sen baako a aka no, na wɔde eyi sisi afoforo.