Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 16

Siw Ɔbonsam ne Ne Nnɛɛdɛe Kwan

Siw Ɔbonsam ne Ne Nnɛɛdɛe Kwan

“Munsiw Ɔbonsam kwan na obeguan.”—YAKOBO 4:7.

1, 2. Sɛ edu asubɔ bere a, ɛhefo na wɔn ani gye?

SƐ WODE mfe pii asom Yehowa a, ɛnde ɛbɛyɛ sɛ woatie asubɔ kasa pii wɔ nhyiam akɛse ne nketewa ase. Nanso ɛmfa ho mpɛn dodow a woakɔ nhyiam ahorow a ɛte saa ase no, bere biara a wubehu sɛ wɔn a wɔtete anim hɔ nkogua no so asɔre agyina hɔ de wɔn ho rema sɛ wɔmmɔ wɔn asu no, ɛka wo koma. Edu saa bere no a, awɔsẽ tumi gu wɔn a wɔwɔ nhyiam no ase nyinaa na afei wɔde anigye bɔ wɔn nsam. Ebia nusu mpo gu wo bere a wuhu nnipa foforo a wɔabegyina Yehowa afã no. Hwɛ sɛnea yɛn ani gye saa bere no!

2 Yɛn fam no, asubɔ kakraa bi a ɛkɔ so wɔ yɛn mpɔtam nkutoo na yehu afe biara, nanso abɔfo deɛ, wonya hokwan hu pii. Hwɛ sɛnea “anigye pii bɛba ɔsoro” bere a wohu sɛ nnipa mpempem pii bɛka Yehowa ahyehyɛde no fã a aniwa hu no ho nnawɔtwe biara wɔ wiase nyinaa no! (Luka 15:7, 10) Ɛnyɛ nwonwa sɛ, sɛ abɔfo no hu nkɔso a ɛte saa a, wɔn ani gye kɛse!—Hagai 2:7.

“ƆBONSAM NENAM SƐ GYATA A ƆBOBOM”

3. Dɛn nti na Satan “nenam sɛ gyata a ɔbobom,” na dɛn na ɔpɛ sɛ ɔyɛ?

3 Nanso honhom abɔde bi deɛ, sɛ wohu sɛ nnipa rebɔ asu a, ɛhyɛ wɔn abufuw. Ɛyɛ Satan ne n’adaemone ahi sɛ wobehu sɛ nnipa mpempem pii atwe wɔn ho afi wiase bɔne yi ho. Eyi nyɛ nwonwa, efisɛ Satan hoahoaa ne ho kae sɛ onipa biara nni hɔ a obefi ne pɛ mu asom Yehowa, na obiara nso nni hɔ a ɔbɛkɔ so adi no nokware bere a wahyia ɔtaa a emu yɛ den no. (Kenkan Hiob 2:4, 5.) Enti bere biara a obi besi gyinae sɛ obehyira ne ho so ama Yehowa no, ɛma Satan yɛ ɔtorofo. Ɛte sɛ nea wɔbɔ Satan sotɔre mpempem nnawɔtwe biara wɔ afe no mu. Eyi nyinaa nti “Ɔbonsam nenam sɛ gyata a ɔbobom apɛ obi amene no”! (1 Petro 5:8) “Gyata” yi ani abere sɛ ɔbɛmene yɛn wɔ honhom mu na wama yɛayɛ biribi a ɛbɛsɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ.—Dwom 7:1, 2; 2 Timoteo 3:12.

Bere biara a obi behyira ne ho so ama Yehowa agye asubɔ no, ɔma Satan yɛ ɔtorofo

4, 5. (a) Nneɛma mmienu bɛn na Yehowa de akyerɛ sɛ Satan rentumi nyɛ nea ɔpɛ biara? (b) Awerɛhyem bɛn na nokware Kristoni betumi anya?

4 Ɛwom sɛ ɔtamfo a ne ho yɛ hu ne yɛn redi asi deɛ, nanso ɛnsɛ sɛ yɛbɔ hu. Adɛn ntia? Efisɛ Yehowa akyerɛ yɛn nneɛma mmienu a enti “gyata a ɔbobom” no rentumi nyɛ nea ɔpɛ. Ɛno ne dɛn? Nea edi kan, Yehowa aka asie sɛ nokware Kristofo ‘kuw kɛse bi’ benya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu. (Adiyisɛm 7:9, 14) Onyankopɔn nkɔmhyɛ nso deɛ, enni huammɔ. Enti Satan ankasa mpo nim sɛ ɔrentumi nnaadaa Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa.

5 Ade a ɛto so mmienu a ɛkyerɛ sɛ Ɔbonsam ntumi nyɛ nea ɔpɛ ne asɛm bi a Onyankopɔn diyifo nokwafo Asaria ka kyerɛɛ Ɔhene Asa. Ɔkae sɛ: “Yehowa de, sɛ mo ne no tena a, ɔno nso ne mo bɛtena.” (2 Beresosɛm 15:2; kenkan 1 Korintofo 10:13.) Kyerɛwtohɔ ahorow pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ tete mmere mu nyinaa Satan antumi ammene Onyankopɔn asomfo a wɔkaa wɔn ho fam Onyankopɔn ho no mu biara. (Hebrifo 11:4-40) Ɛnnɛ, Kristoni biara a ɔbɛn Onyankopɔn no betumi asiw Ɔbonsam kwan na mpo wadi ne so nkonim. Nokwarem no, Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ ‘yesiw Ɔbonsam kwan a, obeguan afi yɛn ho.’—Yakobo 4:7.

‘YƐNE AHONHOMMƆNE DƆM NA ƐREDI ASI’

6. Ɔkwan bɛn so na Satan ko tia Kristofo sɛ ankorankoro?

6 Honhom mu ko no, Satan rentumi nni nkonim, nanso sɛ yɛamma yɛn ani anna hɔ a, obetumi amene yɛn sɛ ankorankoro. Satan nim sɛ, sɛ otumi sɛe yɛne Yehowa ntam a, obetumi amene yɛn. Ɔkwan bɛn so na Satan yɛ saa? Ɔnam ɔtaa a emu yɛ den so; ɔde n’ani si yɛn so mmaako mmaako; afei ɔde anifere di dwuma. Momma yɛnhwɛ akwan titiriw a Satan fa so no.

7. Dɛn nti na Satan taa Yehowa nkurɔfo denneennen saa?

7 Ɔtaa a emu yɛ den. Ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” (1 Yohane 5:19) Saa asɛm yi yɛ kɔkɔbɔ ma nokware Kristofo nyinaa. Esiane sɛ Satan amene adesamma wiase bɔne no nyinaa dedaw nti, afei ɔde n’ani asi wɔn a ne nsa nnya nkaa wɔn no so denneennen; eyinom ne Yehowa nkurɔfo. (Mika 4:1; Yohane 15:19; Adiyisɛm 12:12, 17) Ne bo afuw denneennen efisɛ onim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa. Enti wamia ɔtaa a ɔde ba yɛn so no mu. Ɛnnɛ, ɔnam ɔkwan biara so pɛ sɛ ɔsɛe yɛne Onyankopɔn ntam koraa.

8. Bere a ɔsomafo Paulo kae sɛ yɛne ahonhommɔne ‘redi asi’ no, na ɛkyerɛ sɛn?

8 Ɔde n’ani si yɛn so mmaako mmaako. Ɔsomafo Paulo bɔɔ ne mfɛfo Kristofo kɔkɔ sɛ: ‘Yɛne ahonhommɔne dɔm a wɔwɔ soro hɔnom na ɛredi asi.’ (Efesofo 6:12) Dɛn nti na Paulo de asɛm ‘di asi’ dii dwuma? Efisɛ ɛte sɛ nnipa a wɔrebɔ atwɛre pupopupo anaa wɔredi atentam. Enti, Paulo de saa asɛm no dii dwuma de kyerɛe sɛ yɛn mu biara ne ahonhommɔne reko. Enti ɔman a yɛwom no, sɛ nnipa gye di sɛ ahonhommɔne wɔ hɔ oo, wonnye nni oo, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, sɛ yenya hyira yɛn ho so ma Yehowa pɛ a, na ɛte sɛ nea wɔatwa kanko bi a yɛne ahonhommɔne rebɛko wɔ mu. Sɛ Kristoni biara hyira ne ho so a, na wafi ɔko no ase. Eyi nti na Paulo bɔɔ Kristofo a na wɔwɔ Efeso no kɔkɔ mprɛnsa sɛ ‘wonnyina pintinn’ no!—Efesofo 6:11, 13, 14.

9. (a) Adɛn nti na Satan ne adaemone de “nnɛɛdɛe” di dwuma? (b) Adɛn nti na Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe yɛn nsusuwii, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ne no adi asi? (Hwɛ adaka “ Hwɛ Yiye Wɔ Satan Nnɛɛdɛe Ho!”) (d) Ɔkwan foforo bɛn na Satan fa so daadaa nnipa a yɛrebesusuw ho?

9 Ɔde anifere di dwuma. Paulo tu Kristofo fo sɛ wonnyina pintinn nko ntia Satan “nnɛɛdɛe.” (Efesofo 6:11) Hyɛ nea Paulo kae no nsow sɛ Satan fa akwan horow pii so daadaa nnipa. Ahonhommɔne mfa ɔkwan baako so na mmom wɔfa anifere akwan pii so daadaa nnipa, na wɔwɔ atirimpɔw bi nti a wɔyɛ saa. Ɛtɔ bere bi a, gyidifo bi a wɔatumi agyina sɔhwɛ baako ano no tumi gyae wɔn ho mu bere a wɔahyia sɔhwɛ foforo no. Enti Ɔbonsam ne adaemone no hwɛ yɛn su hu faako a yɛyɛ mmerɛw; na sɛ wohu no saa a, wɔbɔ hɔ de sɛe yɛne Onyankopɔn ntam ayɔnkofa. Nanso anigyesɛm ne sɛ yenim Ɔbonsam akwan pii, efisɛ wɔada no adi wɔ Bible mu. (2 Korintofo 2:11) Yɛadi kan asusuw akwan horow a ɔfa so daadaa yɛn no bi ho dedaw wɔ nhoma yi mu; ebi ne honam fam nneɛma akyidi, fekubɔne, ne ɔbrasɛe. Afei momma yɛnhwɛ ɔkwan foforo a Satan fa so daadaa nnipa; ɛno ne ahonhonsɛm.

AHONHONSƐM—ƐYƐ ƆWAE

10. (a) Dɛn ne ahonhonsɛm? (b) Yehowa bu ahonhonsɛm sɛn, na wo nso wubu no sɛn?

10 Sɛ obi de ne ho hyɛ ahonhonsɛm mu a, na ɔne ahonhommɔne redi nkitaho tee. Nneyɛe te sɛ adebisa, asumansɛm, kaberɛkyere, ne funu a wobisa nyinaa yɛ ahonhonsɛm. Sɛnea yenim no, Yehowa bu ahonhonsɛm sɛ “akyide.” (Deuteronomium 18:10-12; Adiyisɛm 21:8) Esiane sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nso ‘yekyi bɔne’ nti, ɛnsɛ sɛ ɛba yɛn adwenem da sɛ yɛne ahonhommɔne benya twaka biara. (Romafo 12:9) Sɛ yɛyɛ biribi a ɛte saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛapo yɛn soro Agya Yehowa, na hwɛ abusude ara a eyi bɛyɛ!

11. Sɛ Satan tumi daadaa yɛn ma yɛde yɛn ho kɔhyɛ ahonhonsɛm mu a, dɛn nti na ɛbɛyɛ nkonimdi kɛse ama no? Ma mfatoho.

11 Nanso esiane sɛ ahonhonsɛm a yɛde yɛn ho bɛhyem no bɛkyerɛ sɛ yenni Yehowa nokware nti, Satan asi ne bo sɛ ɔbɛfa ɔkwan biara so anya yɛn mu binom ma wɔde wɔn ho ahyem. Na bere biara a Satan bɛdaadaa Kristoni bi ma ɔde ne ho ahyɛ ahonhonsɛm mu no, ɛyɛ nkonimdi kɛse ma no. Adɛn ntia? Susuw mfatoho yi ho: Sɛ obi tumi daadaa ɔsraani bi ma ofi ne kuw mu kɔ atamfo afã a, ɔsahene a ɔwɔ atamfo no afã no ani begye. Ebia ɔde ɔsraani a ɔte saa bɛkyerɛ na wahoahoa ne ho sɛ wadi nkonim; ɔbɛyɛ eyi de ayi ɔsraani no sahene dedaw no ahi. Saa ara na sɛ Kristoni bi de ne ho kɔhyɛ ahonhonsɛm mu a, ɛbɛkyerɛ sɛ ofi ne pɛ mu apo Yehowa na ɔde ne ho akɔhyɛ Satan ase pɛɛ. Hwɛ sɛnea ɛbɛma Satan ani agye na ɔde saa nipa no ahoahoa ne ho de akyerɛ sɛ wadi nkonim wɔ ɔko no mu! So yɛn mu bi bɛpɛ sɛ ɔma Ɔbonsam di nkonim saa? Dabida! Yɛnyɛ awaefo.

NSƐMMISA A ƐMA OBI ADWENEM YƐ NO NÃÃ

12. Ɔkwan bɛn na Satan fa so de sɛe adwene a yɛwɔ wɔ ahonhonsɛm ho?

12 Sɛ yekyi ahonhonsɛm a, Satan rentumi mfa saa kwan no so nnya yɛn. Enti wahu sɛ nea obetumi ayɛ ne sɛ ɔbɛsesa yɛn adwene. Ɔkwan bɛn so? Ɔhwehwɛ akwan a ɔbɛfa so ama Kristofo adwene atu afra na ama ebinom asusuw sɛ “papa yɛ bɔne na bɔne yɛ papa.” (Yesaia 5:20) Sɛ Satan pɛ sɛ ɔyɛ eyi a, ɔfa kwan bi a ɔde adi dwuma fi tete so—ɔnam nsɛmmisa so ma nnipa adwenem yɛ wɔn nãã.

13. Ɔkwan bɛn so na Satan de nsɛmmisa dii dwuma maa ebinom adwenem yɛɛ wɔn nãã?

13 Hwɛ sɛnea Satan faa saa kwan yi so dii dwuma wɔ tete mmere mu. Obisaa Hawa wɔ Eden sɛ: “Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn kae sɛ munnni turo yi mu dua biara so aba?” Afei Hiob bere so, bere a abɔfo ahyiam wɔ soro no, Satan bisae sɛ: “Wugye di sɛ Hiob suro Onyankopɔn kwa”? Na bere a Yesu fii ne som adwuma ase wɔ asase so no, Satan ka kyerɛɛ Kristo sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, kasa kyerɛ abo yi ma ɛnnan paanoo.” Susuw ho hwɛ—ɛdefa Yesu ho no, na Yehowa ankasa aka sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no na magye no atom.” Nanso nnawɔtwe nsia akyi no, Satan ansuro sɛ ɔde asɛm a Yehowa kae yi bɛdan fɛwdi!—Genesis 3:1; Hiob 1:9; Mateo 3:17; 4:3.

14. (a) Ɔkwan bɛn so na Satan ma ebinom adwenem yɛ wɔn nãã wɔ ahonhonsɛm ho? (b) Dɛn na yebesusuw ho afei?

14 Ɛnnɛ nso Ɔbonsam de ɔkwan a ɛte saa di dwuma de ma ebinom adwenem yɛ wɔn nãã na wɔanhu sɛ ahonhonsɛm yɛ bɔne. Awerɛhosɛm ne sɛ watumi anya gyidifo bi ma wɔn adwenem ayɛ wɔn nãã. Nnipa a wɔte saa no nte nka sɛ ahonhonsɛm nyinaa yɛ bɔne. (2 Korintofo 11:3) Yɛbɛyɛ dɛn aboa saa nnipa yi ma wɔayɛ wɔn adwene yiye? Yɛbɛyɛ dɛn ahwɛ yɛn ho yiye na Satan amfa ne nnɛɛdɛe no annya yɛn? Sɛ yebetumi abua nsɛmmisa yi a, momma yɛnhwɛ nneɛma mmienu bi a Satan nam anifere kwan so de ahonhonsɛm afrafra mu. Ɛno ne anigyede ne ayaresa.

ƆDE YƐN AKƆNNƆDE NE YƐN AHIADE SUM AFIRI

15. (a) Nnipa pii a wɔwɔ aman a wodi yiye mu no bu ahonhonsɛm sɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na adwene a wiase no kura wɔ ahonhonsɛm ho no aka Kristofo binom?

15 Aman a wodi yiye titiriw mu no, wommu asumansɛm, abayisɛm, ne ahonhonsɛm ahorow bi sɛ ɛyɛ aniberesɛm. Ahonhonsɛm abu so wɔ sini, nhoma, TV so dwumadi ne kɔmputa so agorɔ mu, na wobu no sɛ anigyede a ɔhaw biara nni ho. Nnipa pii ani abegye ahonhonsɛm a ɛwɔ sini ne nhoma mu ho ama ebinom mpo atetew akuw a wɔde hyɛ ho nkuran. Ɛda adi sɛ adaemone atumi ama ebinom abegye adi sɛ asiane biara nni ahonhonsɛm ho. So Kristofo bi nso susuw sɛ asiane biara nni ahonhonsɛm ho? Saa na ebinom susuw. Ɔkwan bɛn so? Nhwɛso bi ni: Bere a Kristoni bi hwɛɛ sini bi a ɛfa ahonhonsɛm ho wiei no, ɔkae sɛ, “Mehwɛɛ sini no deɛ, nanso mamfa me ho anhyɛ ahonhonsɛm mu.” Dɛn nti na adwene a ɛte saa yɛ hu?

16. Dɛn nti na asiane wom sɛ yɛbɛpaw anigyede a ahonhonsɛm wom?

16 Ɛwom sɛ ɛsono sɛ obi di ahonhonsɛm, ɛnna ɛsono sɛ ɔhwɛ ho mfonini deɛ, nanso ɛno nso nkyerɛ sɛ, sɛ obi hwɛ ahonhonsɛm a, asiane biara nni ho. Adɛn ntia? Susuw eyi ho hwɛ: Onyankopɔn Asɛm kyerɛ sɛ Satan anaa n’adaemone no ntumi nhu nea ɛwɔ yɛn tirim. * Enti sɛnea yɛadi kan ahu no, sɛ ahonhommɔne betumi ahu nea yɛresusuw ho ne honhom mu mmerɛwyɛ bi a ɛwɔ yɛn ho a, gye sɛ wɔhwɛ yɛn nneyɛe—na eyi mu bi ne nea yɛde gye yɛn ani. Sɛ Kristoni bi nneyɛe kyerɛ sɛ n’ani gye sini anaa nhoma a ɛfa adebisa, ntafoayi, akɔm, anaa ahonhonsɛm foforo biara ho a, na ɔreto adaemone nkra. Ɔkwan bi so no, na ɔrekyerɛ wɔn faako a ne mmerɛwyɛ wɔ! Sɛ adaemone hu no saa a, wɔbɛyere wɔn ho ne Kristoni no adi asi na wɔabɔ baabi a wakyerɛ sɛ ne mmerɛwyɛ wɔ no kosi sɛ wɔde n’akyi bɛka fam. Nokwarem no, ebinom wɔ hɔ a kan no na wɔhwɛ ahonhonsɛm de gyigye wɔn ani kɛkɛ, nanso afei de wɔde wɔn ho ahyɛ ahonhonsɛm mu ankasa.—Kenkan Galatifo 6:7.

Hwehwɛ Yehowa mmoa bere a woyare no

17. Anifere kwan bɛn na Satan betumi afa so anya wɔn a wɔyare?

17 Ɛnyɛ anigyede nko na Satan nam so daadaa yɛn na mmom ɔfa ayaresa nso so. Ɔkwan bɛn so? Sɛ Kristoni bi yare na wayɛ nea obetumi biara nanso onnya ano aduru a, ebia n’abam bebu. (Marko 5:25, 26) Satan ne adaemone no hu eyi a, wobebu no sɛ hokwan a ɛfata a wɔde bɛdaadaa no. Ebia adaemone bɛdaadaa no ma ɔde ahometew adan akɔ “asumansɛm” anaa ahonhonsɛm mu ade foforo bi so de ahwehwɛ ayaresa. (Yesaia 1:13) Sɛ adaemone de anifere nya ɔyarefo bi ma ɔyɛ saa a, ebetumi asɛe ɔne Onyankopɔn ntam. Ɔkwan bɛn so?

18. Ayaresa ho nneyɛe bɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni po, na dɛn ntia?

18 Yehowa bɔɔ Israelfo a na wɔpɛ “asumansɛm” no kɔkɔ sɛ: “Sɛ motrɛw mo nsam a, miyi m’ani hintaw mo. Mo mpae dodow no nyinaa mintie.” (Yesaia 1:15) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛkwati biribiara a ebetumi asiw yɛn mpaebɔ anaa mmoa a yenya fi Yehowa hɔ no kwan, na yɛkae sɛ bere a yɛyare no mpo na yehia ne mmoa kɛse. (Dwom 41:3) Enti, sɛ nokware Kristoni bi yare na ohu sɛ ɛho nhwehwɛmu ne sɛnea wɔsa yare no fa ahonhonsɛm ho a, ɛsɛ sɛ ɔpo. * (Mateo 6:13) Sɛ ɔyɛ saa a, Yehowa behyira no.—Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ So Ɛyɛ Ahonhonsɛm Ankasa?

BERE A ADAEMONE HO NSƐM ABU SO

19. (a) Dɛn na Ɔbonsam adaadaa nnipa pii ma wɔabegye adi wɔ ne tumi ho? (b) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ nokware Kristofo kwati?

19 Bere a nnipa pii a wɔwɔ aman a wodi yiye mu no bu Satan tumi adewa no, wiase mmeae bi nso wɔ hɔ a nnipa gugu tumi a Satan wɔ no mu dodo. Mmeae a ɛtete saa no, Ɔbonsam adaadaa nnipa pii ama wɔabegye adi sɛ ɔwɔ tumi boro so, nanso ɛnte saa. Ebinom ama ahonhommɔne ho hu akɛntɛn wɔn asetenam biribiara so—wɔn adidi mu, wɔn adwumayɛ mu, ne wɔn nnae mu. Nnipa keka nsɛm a asisi de kyerɛ nneɛma a ɛyɛ hu a adaemone tumi yɛ. Wɔtaa de anigye ka nsɛm a ɛte saa ma nkurɔfo ho dwiriw wɔn. So ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛkeka saa nsɛm no bi? Dabi. Nneɛma titiriw mmienu bi nti, nokware Nyankopɔn asomfo kwati nsɛnkeka saa.

20. Ɔkwan bɛn so na bere a obi ani nna ne ho so no, obetumi atrɛw Satan nnaadaasɛm mu?

20 Nea edi kan no, sɛ obi keka nneɛma a adaemone atumi ayɛ a, na ɔreboa Satan. Ɔkwan bɛn so? Onyankopɔn Asɛm ka sɛ Satan betumi ayɛ ahoɔdenne, nanso ɛsan bɔ kɔkɔ sɛ ɔde “atoro nsɛnkyerɛnne” ne “nnaadaa” di dwuma. (2 Tesalonikafo 2:9, 10) Esiane sɛ Satan yɛ ɔdaadaafo kɛse nti, onim sɛnea ɔbɛdaadaa wɔn a wɔpɛ ahonhonsɛm na wama wɔagye nneɛma a ɛnyɛ nokware adi. Nnipa a wɔte saa no betumi agye adi paa sɛ wohuu biribi anaa wɔtee biribi, na wɔbɛkeka akyerɛ afoforo sɛ ɛyɛ asɛm a esii ankasa. Na bere a wɔrekeka kyerɛ afoforo no, na wɔregugu mu. Sɛ Kristoni bi trɛw nsɛm a ɛte saa mu a, na wama Ɔbonsam a ɔyɛ “atoro agya” no kwan ma ɔde no reyɛ adwuma. Ɔreyɛ saa nyinaa no, na Satan nnaadaasɛm mu na ɔretrɛw.—Yohane 8:44; 2 Timoteo 2:16.

21. Sɛ yɛrebɔ nkɔmmɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛka ho asɛm?

21 Nea ɛto so mmienu no, sɛ mpo Kristoni bi ne ahonhommɔne dii nkitaho bere bi a atwam a, ɛnsɛ sɛ ɔkeka ho nsɛm de gyigye ne mfɛfo gyidifo ani. Adɛn ntia? Bible tu yɛn fo sɛ: “Yennyen yɛn ani nhwɛ Ɔsafohene ne yɛn gyidi Wiefo Yesu.” (Hebrifo 12:2) Yiw, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si Kristo so na ɛnyɛ Satan so. Momma yɛnhyɛ no nsow sɛ bere a Yesu wɔ asase so no wankeka ahonhommɔne ho nsɛm amfa annyigye n’asuafo ani, ɛwom sɛ anka obetumi aka Satan ho nsɛm pii. Mmom no, Yesu de n’adwene sii Ahenni no ho nsɛm so. Enti sɛ yɛrebɔ nkɔmmɔ a, ɛsɛ sɛ yesuasua Yesu ne asomafo no na yɛka “Onyankopɔn nneɛma akɛse” ho asɛm.—Asomafo Nnwuma 2:11; Luka 8:1; Romafo 1:11, 12.

22. Yɛbɛyɛ dɛn aboa ama ‘anigye aba soro’?

22 Ɛyɛ nokware sɛ Satan nam anifere kwan te sɛ ahonhonsɛm so sɛe yɛne Yehowa ntam abusuabɔ. Nanso, sɛ yekyi bɔne na yɛdɔ papa na yesi yɛn bo sɛ yɛbɛpo ahonhonsɛm biara a, Ɔbonsam rennya kwan mmrɛ yɛn gyidi ase. (Kenkan Efesofo 4:27.) Sɛ yɛkɔ so ‘gyina pintinn ko tia Ɔbonsam nnɛɛdɛe’ kosi sɛ wobeyi no afi hɔ a, hwɛ ‘anigye ara a ɛbɛba soro’!—Luka 15:7; Efesofo 6:11.

^ nky. 16 Satan abodin ahorow (Ɔsɔretiafo, Otwirifo, Ɔdaadaafo, Ɔsɔhwɛfo, Ɔtorofo) yi biara nkyerɛ sɛ obetumi ahu nea ɛwɔ yɛn koma ne yɛn tirim. Nanso Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ nea “ɔhwehwɛ koma mu,” na ɛka Yesu nso ho asɛm sɛ nea ‘ɔhwehwɛ asaabo ne koma mu.’—Mmebusɛm 17:3; Adiyisɛm 2:23.

^ nky. 18 Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm, “Akwahosan ho Nhwehwɛmu a Eye ma Wo?” a ɛwɔ December 15, 1994, Ɔwɛn-Aban, kratafa 19-22, ne asɛm, “Bible No Adwene: Aduruyɛ a Wopaw—So Ebetumi Ayɛ Nea Asɛm Wɔ Ho?” a ɛwɔ January 8, 2001, Nyan! mu no.