Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKEKAHO

Sɛnea Ɛsɛ sɛ Yɛne Obi a Wɔatu no Di

Sɛnea Ɛsɛ sɛ Yɛne Obi a Wɔatu no Di

Sɛ yɛn busuani anaa yɛn adamfo bi yɛ bɔne na wankyerɛ ahonu ma enti wotu no fi asafo no mu a, etumi haw yɛn paa. Na sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ Bible akwankyerɛ ho wɔ asɛm yi ho no bɛkyerɛ baabi a ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne nokware a yedi wɔ ne nhyehyɛe ho no kodu. * Susuw nsɛmmisa bi a ebetumi asɔre wɔ asɛm yi mu ho hwɛ.

Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛne obi a wɔatu no di? Bible ka sɛ: “Mo ne obi a wɔfrɛ no onua a ɔyɛ oguamammɔfo anaa odifudepɛfo anaa ɔbosonsonni anaa obi a ɔsopa afoforo anaa ɔsabofo anaa ɔpoobɔfo mmmɔ, na mo ne saa nipa no nnnidi mpo.” (1 Korintofo 5:11) Ɛdefa obiara a “ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ mu” ho no, yɛkenkan sɛ: “Munnnye no nnkɔ mo fie na munnkyia no nso. Na obiara a obekyia no no yɛ ne bɔne no fafafo.” (2 Yohane 9-11) Enti yɛne wɔn a wɔatu wɔn no mmɔ nkɔmmɔ a ɛfa honhom fam nneɛma ho na yɛne wɔn mmɔ fekuw biara. September 15, 1981, Borɔfo Ɔwɛn-Aban kratafa 25, kae sɛ: “Nkyia kɛkɛ a wubekyia obi no betumi akowie nkɔmmɔbɔ mu na adan adamfofa. So yɛbɛpɛ sɛ yekyia obi a wɔatu no de fi adamfofa a ɛte saa ase?”

So ehia sɛ yɛtwe yɛn ho fi obi a wɔatu no ho koraa? Tebea ahorow bi nti, ehia sɛ yɛyɛ saa. Nea edi kan no, ɛbɛkyerɛ sɛ yedi Onyankopɔn ne n’Asɛm nokware. Ɛnyɛ bere a ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn nko na yetie Yehowa na mmom bere a ɛyɛ den nso. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no ka yɛn ma yedi ne mmara nyinaa so, na yehu sɛ ɔdɔ yɛn na ne mmara so wɔ mfaso ma yɛn. (Yesaia 48:17; 1 Yohane 5:3) Nea ɛto so mmienu, yɛn ho a yɛbɛtwe afi abɔnefo a wonnu wɔn ho ho no bɔ yɛne asafo no mufo a aka no ho ban fi honhom fam ne abrabɔ fam nkekae ho na ɛma asafo no din ho tew. (1 Korintofo 5:6, 7) Nea ɛto so mmiɛnsa, sɛ yedi Bible nnyinasosɛm akyi pɛpɛɛpɛ a, ebetumi aboa nea wɔatu no no mpo. Sɛ yegye asɛnni boayikuw no gyinaesi tom a, ebetumi aka ɔbɔnefo a wannye mpanyimfo no mmoa antom no koma. Sɛ ohu sɛ ontumi ne n’adɔfo mmɔ fekuw bio a, ebia ɛbɛboa no ma ‘n’ani aba ne ho so’ na wahu aniberesɛm a ɛwɔ ne bɔne no mu na wayɛ nsakrae a ɛfata asan aba Yehowa nkyɛn.—Luka 15:17.

Na sɛ wotu yɛn busuani bi nso ɛ? Sɛ ɛba saa a, ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn busuani no bɛsɔ yɛn nokwaredi ahwɛ. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛne obusuani a wɔatu no di? Yɛrentumi nka nea ebetumi asɔre biara ho asɛm, nanso momma yensusuw nsɛm mmienu bi ho.

Ɛtɔ da bi a na obusuani a wɔatu no no ne abusuafo a aka no te fie baako mu. Tu a wɔatu no no ntwa wɔn abusuabɔ no mu, enti ebia wɔbɛkɔ so ne no ayɛ nneɛma bi sɛ abusuafo. Nanso ɔkwan a onii no afa so no kyerɛ sɛ ɔno ankasa asɛe honhom mu abusuabɔ a ɛda ɔne n’abusuafo a wɔyɛ gyidifo no ntam no. Enti abusuafo a wodi Yehowa nokware rentumi nkɔ so ne nea wɔatu no no mmɔ sɛ Kristoni bio. Nhwɛso bi ni: Sɛ abusua no hyia sɛ wɔreyɛ abusua som na nea wɔatu no no wɔ hɔ a, ɔrennya adesua no mu kyɛfa. Nanso sɛ nea wɔatu no no yɛ abofra a, ɛnde ɛyɛ awofo no asɛde sɛ wɔkyerɛkyerɛ no na wɔteɛ no so. Enti awofo no fi ɔdɔ mu bɛyɛ nhyehyɛe ne abofra no ayɛ Bible adesua. *Mmebusɛm 6:20-22; 29:17.

Ɛtɔ da bi nso a na nea wɔatu no no ne abusua no nte faako. Ɛwom sɛ ebia ɛho behia sɛ da koro da koro bi wohyia susuw abusuasɛm bi ho deɛ, nanso sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ wotwa no tiaa. Kristofo abusua a wodi nokware mfa nsɛm nyiyi wɔn ho ano ne nea wɔatu no a ɔte baabi foforo no nni nkitaho. Mmom, esiane sɛ wodi Yehowa ne n’ahyehyɛde no nokware nti, wɔde wɔn nneyɛe bɛkyerɛ sɛ wogye nea Kyerɛwnsɛm no ka fa wɔn a wɔatu wɔn ho no tom. Nokware a wobedi wɔ saa kwan no so no bɛboa ɔbɔnefo no ma wanya nteɛso a wɔde ama no no so mfaso. *Hebrifo 12:11.

^ nky. 1 Bible nnyinasosɛm koro yi ara na ɛwɔ hɔ ma obi a n’ankasa atwe ne ho afi asafo no ho.

^ nky. 2 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nsɛm pii fa mmofra a wɔatu wɔn a yɛne wɔn te fie ho a, hwɛ Ɔwɛn-Aban October 1, 2001, kratafa 16-17, ne Ɔwɛn-Aban June 15, 1989, kratafa 20.

^ nky. 3 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nsɛm pii fa sɛnea wo ne obusuani a wɔatu no bedi ho a, hwɛ Kyerɛwnsɛm mu afotu a wɔaka ho asɛm wɔ Ɔwɛn-Aban June 1, 1988, kratafa 27-31, ne Ɔwɛn-Aban January 1, 1982, kratafa 3-7 no.