Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NKEKAHO

Di Boasipem So Nkonim

Di Boasipem So Nkonim

Boasipem (masturbation) yɛ su a ɛho ntew wɔ Onyankopɔn ani so. Ɛma obi de n’ani si n’akɔnnɔ a obedwudwo so, na ɛsɛe n’adwene. * Obi a ɔde ne ho hyɛ boasipem mu no, sɛ ohu ɔbarima anaa ɔbea a, obu no sɛ biribi a yɛde dwudwo nna ho akɔnnɔ. N’ani so no, ɔbarima ne ɔbea nna nyɛ ade a nnipa de kyerɛ ɔdɔ, na mmom biribi a nkurɔfo de dwudwo nna ho akɔnnɔ anaa wɔde sɛpɛw wɔn ho kɛkɛ. Nanso sɛ ahosɛpɛw bi wom mpo a, ɛnkyɛ. Boasipem mma yenkum yɛn akwaa wɔ “aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ [bɔne]” ho; mmom ɛkanyan no.—Kolosefo 3:5.

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Adɔfo, momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa ho, na yɛn ahotew adi mũ Onyankopɔn suro mu.” (2 Korintofo 7:1) Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubedi saa afotusɛm yi so a, mpa abaw. Yehowa ayɛ krado daa sɛ ‘ɔde befiri’ wo na waboa wo. (Dwom 86:5; Luka 11:9-13) Nokwarem no, sɛ wo koma bu wo fɔ na worebɔ mmɔden sɛ wubegyae saa su yi a, ɛkyerɛ sɛ wowɔ adwempa—ɛwom mpo sɛ ebia dakoro bi nneɛma renkɔ yiye deɛ. Kae nso sɛ “Onyankopɔn sõ sen yɛn koma na onim nneɛma nyinaa.” (1 Yohane 3:20) Onyankopɔn hu nneɛma pii sen yɛn bɔne; ohu nipa mũ no nyinaa. Esiane nea onim fa yɛn ho nti, ofi mmɔborɔhunu mu tie yɛn mpaebɔ. Enti mmrɛ sɛ wubefi ahobrɛase mu abɔ Onyankopɔn mpae sɛnea abofra a biribi haw no kɔ n’agya nkyɛn no. Yehowa bɛma woanya ahonim pa. (Dwom 51:1-12, 17; Yesaia 1:18) Nanso ɛsɛ sɛ woyɛ ade ma ɛne wo mpaebɔ hyia. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden kwati ponografi ho biribiara ne fekubɔne. *

Sɛ eyi nyinaa akyi no, ɛda so ara yɛ den ma wo sɛ wubedi boasipem so a, ka ho asɛm kyerɛ ɔwofo Kristoni anaa adamfo bi a ne ho akokwaw a ɔpɛ w’asɛm wɔ asafo no mu. *Mmebusɛm 1:8, 9; 1 Tesalonika 5:14; Tito 2:3-5.

^ nky. 1 Boasipem yɛ ɔbarima dua ho anaa ɔbea ananmu a ɔgoro ma ne ho ba.

^ nky. 2 Nea ɛbɛyɛ na mmusua bi nhwɛ nneɛma a ɛmfata wɔ kɔmputa so no, wɔn mu bebree de wɔn de si petee mu wɔ wɔn fie. Ebinom nso tɔ kɔmputa ho ade bi a etumi yi nneɛma a ɛmfata fi so. Nanso yɛrentumi mfa yɛn ho nto ade a ɛte saa nkutoo so.

^ nky. 1 Sɛ wopɛ sɛ wuhu akwan horow pɔtee a wobɛfa so adi boasipem so a, hwɛ asɛm, “Young People Ask . . . How Can I Conquer This Habit?” (Mmofra Bisa Sɛ . . . Mɛyɛ Dɛn Adi Saa Su Yi So?) a ɛwɔ November 2006 Awake! kratafa 18-20, ne Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no, Po 1, kratafa 178-182 no.